Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ƆWƐN-ABAN No. 3 2017 | Nnipa Nnan a Wɔtete Apɔnkɔ So—Dwuma a Wɔredi no Ka Wo Sɛn?

WUDWEN HO SƐN?

Sɛ yɛreka nsɛm a nkurɔfo nim paa wɔ Adiyisɛm nhoma no mu a, emu baako ne nnipa nnan a wɔtete apɔnkɔ so no. Ebinom kan ho asɛm a, ehu ka wɔn. Ɛma afoforo nso ho dwiriw wɔn. Yɛnhwɛ nea Bible ka fa nkɔmhyɛ yi ho:

“Anigye ne nea ɔkenkan nkɔmhyɛ yi mu nsɛm no den ne wɔn a wotie.”Adiyisɛm 1:3.

Ɔwɛn-Aban yi bɛma yɛahu sɛnea nnipa nnan a wɔtete apɔnkɔ so no dwumadi betumi ayɛ asɛmpa ama yɛn.

 

ASƐM A ƐDA SO

Nnipa Nnan a Wɔtete Apɔnkɔ So—Woba Mu Sɛn?

Apɔnkɔ nnan—baako yɛ fitaa, baako yɛ kɔkɔɔ, baako yɛ tuntum, ɛnna baako nso yɛ nsonso. Sɛ yɛreka nsɛm a nkurɔfo nim paa wɔ Adiyisɛm nhoma no mu a, emu baako ne nnipa 4 a wɔka apɔnkɔ ahoɔden so no.

ASƐM A ƐDA SO

Nnipa Nnan a Wɔtete Apɔnkɔ So—Wɔyɛ Nnipa Bɛn?

Wohwehwɛ Bible mu a, wubehu nea anisoadehu yi kyerɛ.

Adanse Foforo Bi Ni

Ebia wunnim Tattenai nipaban, nanso wɔatutu fam anya adanse bi a edi mu a ɛkyerɛ sɛ ɔtenaa ase ampa.

BIBLE TUMI SESA NNIPA

Ná Mepɛ Baseball Sen Biribiara!

Ná agokansi adidi Samuel Hamilton ti. Nanso Bible adesua sesaa n’abrabɔ.

SUASUA WƆN GYIDI

“Woyɛ Ɔbea a Wo Ho Yɛ Fɛ”

Woduu Egypt no, Farao ahemfie mpanyimfo no bi huu sɛ Sara ho yɛ fɛ yiye. Nea esii akyiri yi no bɛyɛ wo nwonwa.

Dɛn na Bible Aka?

Onyankopɔn dɔ nnipa bi sen bi? Onyankopɔn ahyira nnipa pɔtee bi, ɛnna wadome ebinom?