Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nea Ɛbɛma Yɛanya Ahofadi Ankasa

Nea Ɛbɛma Yɛanya Ahofadi Ankasa

“Sɛ Ɔba no ma mode mo ho a, mobɛde mo ho ampa.”​—YOH. 8:36.

NNWOM: 54, 36

1, 2. (a) Dɛn na ɛma yehu sɛ nkurɔfo repere hwehwɛ ahofadi? (b) Dɛn na saa aperepere no akɔfa aba?

ƐNNƐ, nkurɔfo ano gu so repere sɛ atumfoɔ ne obiara bedi no pɛpɛɛpɛ, na wɔama wɔanya ahofadi. Wokɔ wiase no afã pii a, nkurɔfo pɛ sɛ wɔde wɔn ho fi nhyɛso, nnipa mu nyiyim, ne ohia ho. Afoforo nso pɛ sɛ wonya ahofadi de ka wɔn adwene, wɔpaw nea wɔpɛ, na wɔbɔ wɔn bra sɛnea wɔpɛ. Ɛkame ayɛ sɛ nnipa a wɔwɔ baabiara ani gye ho sɛ wɔbɛyɛ nea wɔpɛ anaa wɔbɛbɔ wɔn bra sɛnea wɔpɛ.

2 Nanso, sɛ́ ɛbɛyɛ a nkurɔfo benya nea ɛda wɔn koma so yi yɛ asɛm foforo. Sɛ ɛba asetena ne amanyɔsɛm mu a, nnipa pii tew wɔn ho gu mmɔnten so yɛ ɔyɛkyerɛ, wɔsɔre tia aban, na wotu aban gu mpo. Nanso sɛ wɔkeka wɔn ho saa a, wɔn nsa ka nea wɔrehwehwɛ no anaa? Dabi, mmom, ɛtaa kowie amanehunu mu, na nkurɔfo mpo tumi fa mu wu. Wei nyinaa ma yehu sɛ asɛm a Ɔhene Solomon kae no yɛ nokware turodoo. Ɔkaa sɛ: “Onipa di onipa so ma ewie no bɔne.”—Ɔsɛnk. 8:9.

3. Sɛ yɛpɛ sɛ yenya anigye ne akomatɔyam ankasa a, dɛn na yebetumi ayɛ?

3 Kristo suani Yakobo kyerɛɛ ade a ebetumi ama yɛanya anigye ne akomatɔyam ankasa. Ɔkyerɛwee sɛ: “Nea ɔhwehwɛ ahofadi mmara a ɛyɛ pɛ no mu na ɔtena mu no, n’ani begye sɛ ɔreyɛ saa.” (Yak. 1:25) Yehowa na ɔde saa mmara a ɛyɛ pɛ no mae; ɔno pa ara na onim nea nnipa nya a ɛbɛma wɔanya anigye ne akomatɔyam ankasa. Ɔmaa Adam ne Hawa biribiara a na ɛbɛma wɔn ani agye; ná wɔwɔ ahofadi ankasa nso.

BERE A NA NNIPA WƆ AHOFADI ANKASA

4. Ahofadi bɛn na na Adam ne Hawa wɔ? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

4 Sɛ yɛkenkan Genesis ti 1 ne ti 2 a, yebehu sɛ ahofadi a na Adam ne Hawa wɔ no, ɛnnɛ nnipa nni bi. Ɛne sɛ na hwee nhia wɔn, na biribiara nyi wɔn hu, na na obiara nhyɛ wɔn so. Ná Adam ne Hawa nna nnwen aduan a wobedi, adwuma a wɔbɛyɛ, yare, ne owu ho. (Gen. 1:27-29; 2:8, 9, 15) Wei kyerɛ sɛ ahofadi a na Adam ne Hawa wɔ nti, na wɔde wɔn ho korakora anaa? Momma yɛnhwɛ.

5. Ɛwom sɛ ɛsono adwene a nnipa bebree kura de, nanso dɛn na nnipa hia na ama wɔanya ahofadi?

5 Ɛnnɛ, nnipa pii adwene yɛ wɔn sɛ, sɛ yɛka sɛ obi wɔ ahofadi ankasa a, nea ɛkyerɛ ne sɛ otumi yɛ nea ɔpɛ biara a nea ɛbɛba biara mfa ne ho. Nhoma bi ka sɛ, “sɛ obi tumi yɛ nea wayɛ n’adwene sɛ ɔbɛyɛ biara” a, ɛnna ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ ahofadi. (The World Book Encyclopedia) Nanso ɛde ka ho sɛ: “Sɛ aban no anhyehyɛ mmara a ɛho nhia, nea ɛmfata, anaa nea ɛntɔ asom antwitware ɔmanfo akwan mu a, ɛnna yɛka sɛ wɔwɔ ahofadi.” Wei koraa mpo kyerɛ sɛ, sɛ ɔmanfo no mu biara benya ahofadi a, ehia sɛ wɔhyehyɛ mmara bi. Ɛnde, yemmisa sɛ: Hena na ɔwɔ hokwan sɛ ɔkyerɛ mmara a ɛfata, nea ɛho hia, ne nea ɛtɔ asom?

6. (a) Yehowa nko ara na ɔde ne ho korakora, ɔnhyɛ obiara ase. Adɛn ntia? (b) Ahofadi bɛn na nnipa betumi anya, na adɛn ntia?

6 Ade a ɛho hia sɛ yɛma ɛtena yɛn adwenem ne sɛ Yehowa Nyankopɔn nko ara na ɔde ne ho korakora; ɔnhyɛ obiara ase, na n’ahofadi nni ano. Adɛn ntia? Efisɛ ɔno na ɔbɔɔ nneɛma nyinaa, na ɔno ne amansan Hene ne ade nyinaa so tumfoɔ. (1 Tim. 1:17; Adi. 4:11) Sɛ yɛhwɛ Bible mu a, yehu nsɛm a ɛyɛ dɛ a Ɔhene Dawid de kyerɛkyerɛɛ dibea a ɛkorɔn a Yehowa nkutoo wɔ no mu. (Kenkan 1 Beresosɛm 29:11, 12.) Enti, ɛwom sɛ abɔde a wɔwɔ ɔsoro ne asase so nyinaa wɔ ahofadi de, nanso wɔnne wɔn ho korakora; wɔn ahofadi no wɔ baabi a ekodu. Ɛsɛ sɛ wohu sɛ Yehowa Nyankopɔn nko ara na ɔwɔ hokwan sɛ ɔkyerɛ mmara a ɛfata, nea ɛho hia, ne nea ɛtɔ asom. Saa pɛpɛɛpɛ na mfiase no, bere a Yehowa Nyankopɔn bɔɔ nnipa no, ɔma wohui.

7. Nneɛma a wɔde bɔɔ yɛn a ɛma yɛn ani gye no, ebi ne sɛn?

7 Ɛwom sɛ mfiase no, na Adam ne Hawa wɔ ahofadi wɔ akwan pii so, nanso ɛnyɛ biribiara na na wobetumi ayɛ. Nneɛma bi wɔ hɔ a, wɔde bɔɔ wɔn, nanso na ɛwɔ baabi a wobetumi ayɛ saa nneɛma no akodu. Ɛho nhwɛso ni. Ná yɛn awofo a wodi kan no nim sɛ, sɛ wɔbɛkɔ so atena nkwa mu a, ɛsɛ sɛ wɔhome, wodidi, wɔda, na wɔyɛ nneɛma foforo. Yemmisa sɛ, sɛ wɔyɛ weinom a, na wɔbɛfa no sɛ wonni ahofadi anaa? Dabi, efisɛ sɛnea Yehowa bɔɔ wɔn no, sɛ wɔyɛ saa nneɛma no a, na ɛbɛma wɔn ani agye na ama wɔn koma atɔ wɔn yam. (Dw. 104:14, 15; Ɔsɛnk. 3:12, 13) Hena na ɔhome mframa pa, odi n’akɔnnɔduan, anaa ɔda yiye a, ɛnyɛ no dɛ? Yɛyɛ saa nneɛma a ehia sɛ yɛyɛ yi nyinaa a, ɛma yɛn ani gye, na yemmu no sɛ adesoa bi anaa biribi a ɛkyekyere yɛn. Yebetumi aka sɛ saa pɛpɛɛpɛ na Adam ne Hawa nso tee nka.

8. Ahyɛde pɔtee bɛn na Onyankopɔn de maa Adam ne Hawa, na dɛn nti na ɔde maa wɔn?

8 Yehowa de ahyɛde pɔtee bi maa Adam ne Hawa. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnwo nhyɛ asase so ma na wɔnhwɛ so. (Gen. 1:28) Saa ahyɛde yi maa ahofadi a wɔwɔ bɔɔ wɔn ɔkwan bi so anaa? Dabida! Ɔbɔadeɛ no de saa ahyɛde no maa wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ama n’atirimpɔw abam. Ɛne sɛ wɔbɛma asase nyinaa ayɛ paradise ama nnipa a wɔyɛ pɛ atena so daa. (Yes. 45:18) Ɛnnɛ, sɛ obi si gyinae sɛ ɔrenware anaasɛ ɔware a ɔrenwo a, ɔnyɛɛ biribiara ntiaa Yehowa. Nanso, ebinom ware wo mma tete wɔn. Ɛwom sɛ ɔhaw wom de, nanso wɔyɛ saa. (1 Kor. 7:36-38) Adɛn ntia? Efisɛ wɔhwɛ kwan sɛ, sɛ wɔyɛ saa a, wɔn ani begye na wɔn koma atɔ wɔn yam. (Dw. 127:3) Sɛ Adam ne Hawa tiee Yehowa a, anka wɔn ani begye wɔ wɔn aware ne wɔn abusua mu afebɔɔ.

NEA ƐYƐE A AHOFADI ANKASA BƆƆ YƐN

9. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ Onyankopɔn ahyɛde a ɛwɔ Genesis 2:17 no fata, ɛho hia, na ɛtɔ asom?

9 Yehowa maa Adam ne Hawa ahyɛde foforo. Ɔma wohui pefee sɛ, sɛ wobu saa ahyɛde no so a, wobenya asotwe. Yehowa kaa sɛ: “Papa ne bɔne ho nimdeɛ dua no de, nni bi, efisɛ da a wubedi bi no, owu na wubewu.” (Gen. 2:17) Saa ahyɛde no, yebetumi aka sɛ na ɛmfata, na ɛho nhia, na na ɛntɔ asom anaa? Ɛmaa ahofadi a Adam ne Hawa wɔ bɔɔ wɔn anaa? Ɛnte saa koraa. Nokwasɛm ne sɛ, Bible ho abenfo bi ka sɛ ahyɛde no, ntease wom, na ɛtɔ asom. Ɔbenfo baako kaa sɛ: “Onyankopɔn ahyɛde a ɛwɔ [Genesis 2:16, 17] no ma yehu sɛ, Onyankopɔn nko ara na onim nea ɛyɛ papa . . . ma nnipa, na Onyankopɔn nko ara nso na onim nea ɛyɛ bɔne . . . ma wɔn. Sɛ nneɛma bɛyɛ ‘papa’ ama nnipa a, gye sɛ wɔde wɔn ho to Onyankopɔn so na wotie no. Sɛ wɔyɛ asoɔden a, ɛbɛkyerɛ sɛ wɔn ankasa na wɔbɛkyerɛ nea eye . . . ne nea enye.” Wei yɛ asɛyɛde a ɛyɛ den sɛ nnipa betumi ayɛ no yiye.

Gyinae a Adam ne Hawa sii no kowiee amanehunu mu! (Hwɛ nkyekyɛm 9-12)

10. Yɛwɔ hokwan sɛ yɛpaw nea yɛpɛ, nanso adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ ɛkyerɛ sɛ yebetumi akyerɛ nea ɛyɛ papa ne bɔne?

10 Ɛnnɛ, sɛ ebinom kenkan ahyɛde a Yehowa de maa Adam no a, ebia wɔbɛka sɛ Yehowa amma Adam ahofadi a ɛbɛma watumi ayɛ nea ɔpɛ. Sɛ wɔka saa a, na wɔpɛ sɛ wɔkyerɛ sɛ hokwan a obi wɔ sɛ ɔpaw nea ɔpɛ no, ɛte sɛ hokwan a obi wɔ sɛ ɔkyerɛ nea ɛyɛ papa ne bɔne, nanso ɛnte saa. Ná Adam ne Hawa wɔ hokwan sɛ wɔkyerɛ sɛ wobetie Onyankopɔn anaa wɔrentie no. Nanso, Onyankopɔn nko ara na ɔwɔ hokwan sɛ ɔkyerɛ nea ɛyɛ papa ne bɔne. “Papa ne bɔne ho nimdeɛ dua” a na ɛwɔ Eden turom no na na ɛyɛ wei ho sɛnkyerɛnne. (Gen. 2:9) Ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ gyinae a yesisi no, ɛnyɛ bere nyinaa na yehu nea ɛbɛkɔ akowie; na saa ara nso na yennim sɛ ɛbɛkɔ yiye ama yɛn bere biara. Ɛno nti na yehu sɛ mpɛn pii no, nkurɔfo de adwempa sisi gyinae, nanso ebewie ase no na akowie amanehunu, asiane, ne awerɛhow mu. (Mmeb. 14:12) Nea enti a ɛte saa ne sɛ, ɛnyɛ biribiara na nnipa betumi ayɛ. Ná Yehowa dɔ Adam ne Hawa, enti ɔnam ahyɛde a ɔde maa wɔn no so ma wohuu sɛnea wɔde ahofadi ankasa a wɔwɔ no bɛyɛ adwuma. Adɛn nti na yɛreka saa, na dɛn na Adam ne Hawa yɛe wɔ ho?

11, 12. Adɛn nti na gyinae a Adam ne Hawa sii no kowiee amanehunu mu? Ma wei ho mfatoho.

11 Nea ɛkɔbae ne sɛ, Adam ne Hawa yɛɛ Yehowa so asoɔden. Satan hyɛɛ Hawa bɔ de sum no afiri. Satan kaa sɛ, “mo ani bebue na moayɛ sɛ Onyankopɔn ahu papa ne bɔne.” Saa afiri no yii Hawa. (Gen. 3:5) Gyinae a Adam ne Hawa sii no, ewiee ase no, ɛma wonyaa ahofadi pii anaa? Awerɛhosɛm ne sɛ, amma saa. Gyinae a wosii no, amma wɔannya nea Satan kae no. Nea ɛwom ne sɛ, ankyɛ koraa na wohui sɛ Yehowa akwankyerɛ a wɔantie na wɔyɛɛ nea wɔn ankasa pɛ no akowie amanehunu mu. (Gen. 3:16-19) Adɛn ntia? Ne tiaatwa mu ne sɛ, Yehowa amfa hokwan amma nnipa sɛ wɔn ankasa nkyerɛ nea ɛyɛ papa ne nea ɛyɛ bɔne.—Kenkan Mmebusɛm 20:24; Yeremia 10:23.

12 Yebetumi de obi a ɔreka wimhyɛn ayɛ wei ho mfatoho. Sɛ obedu baabi a ɔrekɔ no dwoodwoo a, ɛsɛ sɛ ɔfa kwan a wɔakyerɛ sɛ ɔmfa so no so. Nnansa yi, mfiri a wɔde hyehyɛ wimhyɛn mu no boa nea ɔreka wimhyɛn no ma otumi fa kwan a ɛsɛ sɛ ɔfa so no so kodu baabi a ɔrekɔ. Saa ara nso na saa mfiri no boa no ma ɔne wɔn a wɔkyerɛ wimhyɛn kwan no di nkitaho bere a ɔwɔ wim. Nanso, sɛ nea ɔreka wimhyɛn no amfa saa akwankyerɛ no anyɛ adwuma na ɔfa baabiara a ɔpɛ a, ebetumi akowie asiane mu. Yebetumi de Adam ne Hawa atoto nea ɔreka wimhyɛn no ho; na wɔpɛ sɛ wɔyɛ nea wɔpɛ. Wɔantie akwankyerɛ a Onyankopɔn de maa wɔn no. Ekowiee sɛn? Sɛ yɛbɛka a, wonyaa akwanhyia a ɛyɛ hu; ɛno na ɛkɔfaa bɔne ne owu baa wɔne wɔn mma a wɔbaa akyiri yi no so. (Rom. 5:12) Esiane sɛ na Adam ne Hawa pɛ sɛ wɔyɛ nea wɔn ankasa pɛ nti, ahofadi ankasa a Yehowa de maa wɔn no bɔɔ wɔn.

SƐNEA YEBENYA AHOFADI ANKASA

13, 14. Yɛbɛyɛ dɛn anya ahofadi ankasa?

13 Ebia nkurɔfo adwene bɛyɛ wɔn sɛ, sɛ wonya ahofadi pii a, ebesi wɔn yiye. Nanso nokwasɛm ne sɛ, sɛ obi wɔ ahofadi a enni ano a, ɛte sɛ nkrante anofanu. Ɛwom, sɛ yɛwɔ ahofadi a, ɛboa yɛn wɔ akwan pii so, nanso yɛnhwɛ, sɛ anka mmara biara nni hɔ a, sɛn na anka wiase bɛyɛ? Wei nti nhoma bi ka sɛ: “Mmara a nnipakuw biara wɔ no ayɛ biribi a ɛwɔ hɔ; ɛbɔ nkurɔfo no ho ban na bere koro no ara esiw wɔn kwan wɔ nneɛma bi ho.” (The World Book Encyclopedia) Sɛ nhoma no ka sɛ “ayɛ biribi a ɛwɔ hɔ” a, edi sa. Wo deɛ, hwɛ mmara a nnipa ahyehyɛ; buburigyaa. Mmaranimfo ne atemmufo a wɔbɛkyerɛkyerɛ mu na wɔde ayɛ adwuma nso de, wɔdɔɔso pa ara.

14 Nanso, Yesu Kristo kyerɛɛ ɔkwantiaa a yebetumi afa so anya ahofadi ankasa. Ɔkaa sɛ: “Sɛ motena m’asɛm mu a, na moyɛ m’asuafo ampa, na mubehu nokware no, na nokware no bɛma moade mo ho.” (Yoh. 8:31, 32) Sɛ yɛpɛ sɛ yenya ahofadi ankasa a Yesu kaa ho asɛm no a, ehia sɛ yɛyɛ nneɛma mmienu bi. Nea edi kan, ɛsɛ sɛ yegye nokware a ɔkyerɛkyerɛe no tom. Nea ɛto so mmienu, ɛsɛ sɛ yɛbɛyɛ n’asuafo. Sɛ yɛyɛ saa a, yebenya ahofadi ankasa. Nanso, dɛn ho ahofadi na yebenya? Yesu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Obiara a ɔyɛ bɔne no yɛ bɔne akoa. . . . Sɛ Ɔba no ma mode mo ho a, mobɛde mo ho ampa.”—Yoh. 8:34, 36.

15. Adɛn nti na ahofadi a Yesu hyɛɛ ho bɔ no betumi ama ‘yɛade yɛn ho ampa’?

15 Yehu pefee sɛ, ahofadi a Yesu hyɛɛ n’asuafo bɔ sɛ wobenya no, ɛyɛ papa koraa sen ahofadi a ɛnnɛ nnipa dodow no ara pɛ sɛ wonya wɔ asetena ne amanyɔsɛm mu no. Bere a Yesu kaa sɛ: “Sɛ Ɔba no ma mode mo ho a, mobɛde mo ho ampa” no, na ɔreka nkoasom ne nhyɛso a enye koraa a nnipa afa mu a yɛbɛde yɛn ho afi ho. Ɛno ne sɛ yɛyɛ ‘bɔne nkoa.’ Bɔne tumi ma yɛyɛ nneɛma a enye, na nneɛma a yenim sɛ ɛyɛ papa anaa nea yenim sɛ yebetumi ayɛ mpo no, ɛmma yentumi nyɛ. Ɛno nti, yɛyɛ bɔne nkoa, na nea ɛde ba yɛn so ne abasamtu, ɛyaw, amanehunu, ne afei owu. (Rom. 6:23) Ɔsomafo Paulo faa saa yaw ne ateetee yi mu bi pa ara. (Kenkan Romafo 7:21-25.) Sɛ woyi bɔne fi hɔ korakora a, ɛnna yebetumi ahwɛ kwan sɛ yebenya ahofadi ankasa a na anka Adam ne Hawa wɔ no.

16. Yɛbɛyɛ dɛn ade yɛn ho ampa?

16 Asɛm a Yesu kaa sɛ, “sɛ motena m’asɛm mu a” no ma yehu sɛ, sɛ yɛpɛ sɛ Yesu ma yɛde yɛn ho a, nneɛma bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ, na ebi nso wɔ hɔ a ɛnsɛ sɛ yɛyɛ. Esiane sɛ yɛyɛ Kristofo a yɛahyira yɛn ho so nti, yɛapa yɛn ho akyi, na yɛakyerɛ sɛ yɛde Kristo nkyerɛkyerɛ bɛbɔ yɛn bra sɛ n’asuafo. (Mat. 16:24) Sɛnea Yesu hyɛɛ bɔ no, sɛ yenya n’agyede afɔre no so mfaso koraa daakye a, ɛnna yɛbɛde yɛn ho ampa.

17. (a) Dɛn na ɛbɛma yɛanya anigye ne akomatɔyam ankasa? (b) Dɛn na yebehu wɔ adesua a edi hɔ no mu?

17 Sɛ yebenya anigye ne akomatɔyam ankasa a, ɛnde ɛsɛ sɛ yɛn a yɛyɛ Yesu asuafo no de ne nkyerɛkyerɛ bɔ yɛn bra. Sɛ yɛyɛ saa a, daakye ɛbɛma yɛade yɛn ho korakora afi bɔne ne owu a ɛde yɛn ayɛ nkoa no ho. (Kenkan Romafo 8:1, 2, 20, 21.) Adesua a edi hɔ no bɛma yɛahu sɛnea yɛde ahofadi a yɛwɔ seesei no bɛyɛ adwuma yiye. Sɛ yɛyɛ saa a, yebetumi ahyɛ Yehowa, Onyankopɔn a ɔma yenya ahofadi ankasa no anuonyam afebɔɔ.