Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Momma Yɛnhyehyɛ Yɛn Ho Nkuran “Titiriw” Ɛnnɛ

Momma Yɛnhyehyɛ Yɛn Ho Nkuran “Titiriw” Ɛnnɛ

“Momma yensusuw yɛn ho yɛn ho ho, . . .  yɛnhyehyɛ yɛn ho nkuran, titiriw bere a muhu sɛ ɛda no rebɛn no.”​—HEB. 10:24, 25.

NNWOM: 90, 87

1. Adɛn nti na ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ tete Hebrifo Kristofo no sɛ saa bere no “titiriw” na ɛsɛ sɛ wɔhyehyɛ wɔn ho nkuran?

ADƐN nti na ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho pa ara hyehyɛ yɛn ho nkuran? Krataa a ɔsomafo Paulo kyerɛw kɔmaa Hebrifo Kristofo mu no, ɔma yehu nea enti a ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma yensusuw yɛn ho yɛn ho ho, nkanyan yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu, na mommma yɛnnkwati sɛ yɛne yɛn ho behyiam sɛnea ayɛ ebinom su no, na mmom yɛnhyehyɛ yɛn ho nkuran, titiriw bere a muhu sɛ ɛda no rebɛn no.” (Heb. 10:24, 25) Saa bere no, na aka bɛyɛ mfe nnum ama Yudafo Kristofo a wɔwɔ Yerusalem no ahu sɛ “Yehowa da” no reba. Ná wobehu sɛnkyerɛnne a Yesu kaa sɛ, sɛ wohu a wonguan mfi kurow no mu no. (Aso. 2:19, 20; Luka 21:20-22) Yehowa da no baa afe 70 Y.B. Saa bere no, Yehowa nam Romafo no so de atemmu baa Yerusalem so.

2. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma ɛho hia yɛn kɛse sɛ yɛbɛhyehyɛ yɛn ho nkuran nnɛ?

2 Ɛnnɛ, biribiara kyerɛ sɛ Yehowa da ‘kɛse a ɛyɛ hu’ no abɛn. (Yoel 2:11) Odiyifo Sefania kaa sɛ: “Yehowa da kɛse no abɛn. Abɛn na ɛrepere pɛ ntɛm.” (Sef. 1:14) Saa nkɔmhyɛ no fa yɛn bere yi nso ho. Esiane sɛ Yehowa da no abɛn pɛɛ nti, Paulo ka kyerɛ yɛn sɛ “yensusuw yɛn ho yɛn ho ho, nkanyan yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu.” (Heb. 10:24) Enti, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn nuanom ho hia yɛn kɛse sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi ahyɛ wɔn nkuran bere biara a ehia sɛ yɛyɛ saa.

HENANOM NA WOHIA NKURANHYƐ?

3. Dɛn na ɔsomafo Paulo ka faa nkuranhyɛ ho? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

3 Bible ka sɛ: “Onipa koma mu awerɛhow botow no, na asɛmpa ma edi ahurusi.” (Mmeb. 12:25) Wei tumi to yɛn mu biara. Ɛtɔ da a, yɛn nyinaa hia nkuranhyɛ. Paulo ma yehui sɛ obi a ɛyɛ n’asɛde sɛ ɔhyɛ afoforo nkuran mpo, ɛyɛ a ɔno nso hia nkuranhyɛ. Paulo kyerɛw Kristofo a na wɔwɔ Roma no sɛ: “Me ho pere me sɛ mehu mo, na mama mo honhom mu akyɛde bi sɛnea ɛbɛyɛ a mo ase betim; anaa me ne mo nyinaa, obiara benya nkuranhyɛ afi ne yɔnko hɔ denam ne yɔnko gyidi so, me ne mo nyinaa de.” (Rom. 1:11, 12) Nokwasɛm ne sɛ, Paulo a na otumi hyɛ afoforo nkuran pa ara no, ɛtɔ da a na ɔno nso hia nkuranhyɛ.—Kenkan Romafo 15:30-32.

4, 5. Henanom na yebetumi ahyɛ wɔn nkuran nnɛ, na adɛn ntia?

4 Wɔn a wɔde wɔn bere nyinaa resom Yehowa no fata nkamfo. Ebi ne akwampaefo a wɔde nokwaredi reyɛ ɔsom adwuma no. Anuanom bebree de nneɛma pii abɔ afɔre sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ayɛ akwampae adwuma. Wɔn a wɔayɛ saa nso ne asɛmpatrɛwfo, Betelfo, amansin so ahwɛfo ne wɔn yerenom, ne wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ baabi a wɔkyerɛ yɛn nhoma ase kɔ kasa ahorow mu. Weinom nyinaa de nneɛma abɔ afɔre wɔ wɔn asetenam sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya bere pii ayɛ ɔsom adwuma no. Enti, ɛfata sɛ yɛhyɛ wɔn nkuran. Wɔn a bere bi na wɔyɛ bere nyinaa som adwuma no nanso biribi nti wɔagyae a wɔn koma da so ara wom no nso, yɛhyɛ wɔn nkuran a, wɔn ani sɔ.

5 Anuanom mmarima ne mmea a wɔpɛ sɛ wotie afotu a ɛka sɛ yɛnware “Awurade mu nkutoo” nti, wɔnwaree no, wɔn nso fata nkamfo. (1 Kor. 7:39) Saa ara na mmea awarefo a wɔyɛ adwumaden no, sɛ wɔn kununom ka nsɛm a ɛhyɛ nkuran kyerɛ wɔn a, wɔn ani gye. (Mmeb. 31:28, 31) Kristofo a wɔrehyia ɔtaa anaa yare reteetee wɔn, nanso wɔkɔ so di nokware no, ehia sɛ yɛhyɛ wɔn nso nkuran. (2 Tes. 1:3-5) Yehowa ne Kristo kyekye saa asomfo anokwafo yi nyinaa werɛ.—Kenkan 2 Tesalonikafo 2:16, 17.

ASAFO MU MPANYIMFO BƆ MMƆDEN HYƐ YƐN NKURAN

6. Mpanyimfo a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ Yesaia 32:1, 2 no, wɔn adwuma ne sɛn?

6 Kenkan Yesaia 32:1, 2. Yɛte mmere a emu yɛ den mu, na ɛnyɛ den koraa sɛ yɛn werɛ betumi ahow na yɛn abam abu. Ɛno nti, Yesu Kristo nam ne nuanom a wɔasra wɔn ne nguan foforo no mu “abirɛmpɔn” anokwafo so hyɛ yɛn nkuran, na ɔma yɛn akwankyerɛ. Saa na ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo yɛ, efisɛ wɔnyɛ “atumfoɔ” wɔ afoforo gyidi so, na mmom wɔyɛ wɔn “mfɛfo adwumayɛfo” a wɔboa wɔn ma wɔn ani gye.—2 Kor. 1:24.

7, 8. Nsɛm a asafo mu mpanyimfo ka de hyɛ afoforo nkuran akyi no, dɛn na wobetumi ayɛ de ahyɛ afoforo den?

7 Ɔsomafo Paulo yɛɛ nhwɛso bi a asafo mu mpanyimfo betumi asuasua. Ɔkyerɛw Kristofo a na wɔrehyia ɔtaa wɔ Tesalonika no sɛ: “Esiane sɛ yɛwɔ ayamhyehye ma mo nti, ɛnyɛ Onyankopɔn asɛmpa no nko na yɛn ani gyee ho yiye sɛ yɛde bɛma mo, na mmom yɛn ankasa kra nso, efisɛ mobɛyɛɛ yɛn adɔfo.”—1 Tes. 2:8.

8 Paulo ma yehu sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na nsɛm a yɛka de hyɛ afoforo nkuran nko ara tumi boa. Enti ɔka kyerɛɛ asafo mu mpanyimfo a wɔwɔ Efeso no sɛ: “Etwa sɛ moyɛ adwumaden saa de boa wɔn a wɔyɛ mmerɛw no, na ɛsɛ sɛ mokae asɛm a Awurade Yesu ankasa kae no sɛ, ‘Ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.’” (Aso. 20:35) Ná Paulo pɛ sɛ ɔka nsɛm a ɛhyɛ nkuran kyerɛ ne nuanom, na ɔsan nso ‘de ne ho nneɛma ma, na ɔde ne ho ma wɔn korakora.’ (2 Kor. 12:15) Saa ara na ɛnnɛ nso, ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo de wɔn anom nsɛm hyɛ wɔn nuanom nkuran na wɔkyekye wɔn werɛ de hyɛ wɔn den. Wɔyɛ saa a, wɔma wohu sɛ wodwen wɔn ho ankasa.—1 Kor. 14:3.

9. Asafo mu mpanyimfo bɛyɛ dɛn atu afoforo fo ma ahyɛ wɔn nkuran?

9 Sɛ asafo mu mpanyimfo pɛ sɛ wɔhyɛ afoforo den a, ɛtɔ da a, ɛsɛ sɛ wotu fo nso. Bible ma yehu sɛnea yebetu afoforo fo ama ahyɛ wɔn nkuran, na ɛsɛ sɛ mpanyimfo no sua biribi fi mu. Yesu ankasa yɛɛ wei ho nhwɛso a edi mũ bere a owui na ɔsɔre fii awufo mu no. Ɔde afotu a emu yɛ den maa asafo ahorow bi wɔ Asia Kumaa, nanso yɛnhwɛ ɔkwan a ɔfaa so de mae. Ansa na ɔde afotu no rema Efeso, Pergamo, ne Tiatira asafo no, ɔkamfoo wɔn. (Adi. 2:1-5, 12, 13, 18, 19) Ɔka kyerɛɛ Laodikea asafo no sɛ: “Wɔn a mepɛ wɔn asɛm nyinaa miyi wɔn ntɛn teɛ wɔn so. Enti yɛ nnam na sakra.” (Adi. 3:19) Sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo tu afoforo fo a, ɛyɛ papa sɛ wosuasua Kristo.

ƐNYƐ ASAFO MU MPANYIMFO NKO ARA ASƐDE

Awofo, morekyerɛkyerɛ mo mma ama wɔahyɛ afoforo nkuran? (Hwɛ nkyekyɛm 10)

10. Dɛn na yɛn nyinaa betumi ayɛ de ahyehyɛ yɛn ho nkuran?

10 Ɛnyɛ asafo mu mpanyimfo nko ara na ɛyɛ wɔn asɛde sɛ wɔhyɛ afoforo nkuran. Paulo tuu Kristofo nyinaa fo sɛ wɔnka “asɛm biara a eye ma nkɔso a ehia, na ɛde nsɛm a mfaso wɔ so” ama afoforo. (Efe. 4:29) Ɛsɛ sɛ yɛn mu biara de n’ani to fam hwɛ nea afoforo ‘hia.’ Paulo tuu Hebrifo Kristofo no fo sɛ: “Monhyɛ nsa a emu agow ne nkotodwe a ahodwow den, na monkɔ so mma mo anammɔn kwan nyɛ tẽẽ, na nea atɔ apakye no anhuan, na mmom wɔasa no yare.” (Heb. 12:12, 13) Yɛn nyinaa betumi de yɛn anom nsɛm ahyehyɛ yɛn ho nkuran; mmofra nso betumi ayɛ saa.

11. Bere bi a awerɛhow hyɛɛ Marthe so no, dɛn na ɛboaa no?

11 Yɛnhwɛ onuawa bi a yɛfrɛ no Marthe. * Bere bi, awerɛhow hyɛɛ ne so. Ɔkaa sɛ: “Da bi a na merebɔ mpae sɛ menya obi ama wahyɛ me nkuran no, mihyiaa onuawa bi a n’ani afi. Onyaa tema maa me, na ɔma mihui sɛ ɔdɔ me; ɛno na na mihia pa ara saa bere no. Afei nso, ɔkaa ne suahu kyerɛɛ me ma mihui sɛ nea merefa mu no, ɔno nso afa mu pɛn. Wei ma metee ase sɛ ɛnyɛ me nko ara na merebrɛ.” Ebia onuawa a n’ani afi no anhu sɛnea asɛm a ɔkae no boaa Marthe.

12, 13. Yɛbɛyɛ dɛn de afotu a ɛwɔ Filipifo 2:1-4 no ayɛ adwuma yiye?

12 Paulo de afotu maa Filipi asafo no mufo nyinaa. Ɔkaa sɛ: “Enti sɛ Kristo mu nkuranhyɛ bi wɔ hɔ a, sɛ ɔdɔ mu awerɛkyekye bi wɔ hɔ a, sɛ ayamye honhom bi wɔ hɔ a, sɛ ayamhyehye ne mmɔborɔhunu bi wɔ hɔ a, momma m’anigye nyɛ mã sɛ mowɔ adwenkoro na mowɔ ɔdɔ koro, na moayɛ biako wɔ ɔkra mu, na mukura nsusuwii koro wɔ adwene mu; na mommfa mansotwe anaa anuonyamhunupɛ nnyɛ biribiara, na mmom mumfi ahobrɛase mu mmu afoforo sɛ wɔkyɛn mo, na monnhwɛ nneɛma a ɛfa mo nko ara ho, na mmom monhwɛ nea ɛfa afoforo ho nso bi.”—Filip. 2:1-4.

13 Nokwasɛm ne sɛ, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa bɔ mmɔden hwɛ nea ɛfa afoforo ho. Yebetumi akyekye wɔn werɛ ɔdɔ mu, yebetumi ama wɔahu sɛ yedwen wɔn ho, na yɛn yam betumi ahyehye yɛn ama wɔn, na yɛahu wɔn mmɔbɔ; yɛyɛ saa a, na yɛrehyɛ wɔn nkuran.

NNEƐMA A ƐHYƐ NKURAN

14. Dɛn na ebetumi ahyɛ yɛn nkuran?

14 Sɛ yɛte sɛ wɔn a yɛboaa wɔn bere bi a atwam da so de nokwaredi resom a, etumi hyɛ yɛn nkuran pa ara. Saa na ɔsomafo Yohane tee nka. Ɔkyerɛwee sɛ: “Biribiara nni hɔ a ɛma minya anisɔ kɛse sen eyinom, sɛ mɛte sɛ me mma nam nokware no mu.” (3 Yoh. 4) Akwampaefo pii ahu sɛ ɛte saa. Sɛ wɔte sɛ wɔn a wɔaboa wɔn ama wɔabehu nokware no bi da so ara de nokwaredi resom Yehowa, na mpo wɔreyɛ akwampae adwuma a, ɛhyɛ wɔn nkuran pa ara. Sɛ ɔkwampaefo bi abam bu, na sɛ yɛkae no nneɛma pa a wayɛ bere bi a atwam a, ebetumi akyekye ne werɛ pa ara.

15. Ade baako bɛn na yebetumi ayɛ de ahyɛ wɔn a wɔde nokwaredi resom no nkuran?

15 Amansin so ahwɛfo pii aka sɛ, sɛ wɔkɔsom asafo bi wie na anuanom kyerɛw krataa tiawa bɛda wɔn ase a, ɛhyɛ wɔne wɔn yerenom nkuran pa ara. Asafo mu mpanyimfo, asɛmpatrɛwfo, akwampaefo, ne Betelfo a wɔda so resom nso, sɛ yɛkyerɛ nea wɔreyɛ no ho anisɔ a, ɛhyɛ wɔn nkuran.

SƐNEA YƐN NYINAA BETUMI AHYEHYƐ YƐN HO NKURAN

16. Nneɛma nketenkete bɛn na yebetumi ayɛ de ahyɛ obi nkuran?

16 Sɛ yɛyɛ yɛn adwene sɛ yɛrentumi nhyɛ afoforo nkuran efisɛ yennim nkɔmmɔ bɔ papa a, ɛyɛ mfomso. Ɛnyɛ den sɛ yɛbɛhyɛ afoforo nkuran; ebia nea ehia ara ne sɛ yɛbɛserew bere a yɛrekyia obi. Sɛ onii no anserew ankyerɛ yɛn a, ebetumi aba sɛ ebia na biribi haw no. Enti sɛ yetie no kɛkɛ mpo a, ebetumi akyekye ne werɛ.—Yak. 1:19.

17. Bere a awerɛhow hyɛɛ onua aberantewa bi so no, dɛn na ɛboaa no?

17 Henri yɛ onua aberantewa. Bere a n’abusuafo binom gyaee nokware no, ne werɛ howee pa ara. Ná ne papa a ɔyɛ asafo mu panyin a anuanom bu no pa ara mpo ka ho. Ɔmansin sohwɛfo bi ne Henri pue kɔɔ adidibea bi kɔnom kɔfe; ɔmaa Henri kaa ne komam asɛm kyerɛɛ no. Wei hyɛɛ Henri nkuran. Henri hui sɛ nea obetumi ayɛ pa ara a ɛbɛboa n’abusuafo no ama wɔasan aba nokware no mu ne sɛ ɔbɛkɔ so de nokwaredi asom Yehowa. Ɔkenkan Dwom 46; Sefania 3:17; ne Marko 10:29, 30 ma ɛkyekyee ne werɛ pa ara.

Yɛn nyinaa betumi ahyehyɛ yɛn ho den na yɛahyehyɛ yɛn ho nkuran (Hwɛ nkyekyɛm 18)

18. (a) Dɛn na Ɔhene Solomon kae? (b) Nyansahyɛ bɛn na ɔsomafo Paulo de mae?

18 Marthe ne Henri asɛm no ma yehu sɛ, sɛ onua anaa onuawa bi hia awerɛkyekye a, yebetumi ahyɛ no nkuran. Ɔhene Solomon kyerɛwee sɛ: “Asɛm a wɔka wɔ bere a ɛsɛ mu de, O hwɛ sɛnea eye! Aniwa a ɛhyerɛn ma koma di ahurusi; amanneɛbɔ pa ma nnompe yɛ akɛse.” (Mmeb. 15:23, 30) Afei nso, sɛ yɛkenkan Ɔwɛn-Aban anaa yɛkenkan biribi wɔ yɛn wɛbsaet hɔ kyerɛ obi a wabotow a, ebetumi ahyɛ no den. Paulo ma yehu sɛ, sɛ yɛbom to Ahenni dwom bi a, ebetumi ahyɛ yɛn nkuran. Ɔkaa sɛ: “Monkɔ so mfa nnwom, ayeyi, ne honhom mu nnwom a ɛho wɔ nyam nkyerɛkyerɛ mo ho mfa ntutu mo ho fo [anaa nhyehyɛ mo ho nkuran], na monto nnwom mo koma mu mma Yehowa.”—Kol. 3:16; Aso. 16:25.

19. Adɛn nti na ɛrenkyɛ ɛho behia pa ara sɛ yɛhyehyɛ yɛn ho nkuran, na dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

19 Yehu sɛ Yehowa da no “rebɛn” a, ebehia pa ara sɛ yɛhyehyɛ yɛn ho nkuran. (Heb. 10:25) Ɛsɛ sɛ yetie afotu a Paulo de maa ne mfɛfo Kristofo a na wɔwɔ ne bere so no. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ so nkyekye mo ho mo ho werɛ na monhyehyɛ mo ho den, sɛnea moreyɛ no ara.”—1 Tes. 5:11.

^ nky. 11 Wɔasesa din ahorow no.