Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mpanyimfo—Munsuasua Timoteo

Mpanyimfo—Munsuasua Timoteo

AFE a etwaam no, Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa no, wɔpaw mmarima mpempem sɛ asafo mu mpanyimfo ne asomfo. Sɛ woka anuanom mmarima a wɔda yɛn koma so yi ho a, ɛnde akyinnye biara nni ho sɛ, w’ani gye ɔsom hokwan foforo a woanya no ho.

Nanso, wobɔ hu kakra nso a, ɛnyɛ nwonwa. Jason yɛ aberante a ɔsom sɛ ɔpanyin. Ɔkaa sɛ: “Bere a wɔpaw me sɛ ɔpanyin no, mihui sɛ asɛyɛde foforo a manya no boro me so.” Bere a Yehowa de adwuma hyɛɛ Mose ne Yeremia nsa no, mfiase no, na wosusuw sɛ wɔrentumi nyɛ. (Ex. 4:10; Yer. 1:6) Sɛ saa na w’adwene yɛ wo a, wobɛyɛ dɛn ayi afi wo tirim na woapere akɔ w’anim? Ma yɛnhwɛ nea Kristo suani Timoteo yɛe.​—Aso. 16:1-3.

SUASUA TIMOTEO

Bere a ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ Timoteo sɛ ɔne no ntutu akwan no, ɛbɛyɛ sɛ na aka kakra ama Timoteo adi mfe 20 anaa wadi mfe 20 ne kakra. Ná Timoteo yɛ aberante, enti mfiase no ɛbɛyɛ sɛ na onni akokoduru, na ebia ɔtwetwee ne ho sɛ ɔbɛyɛ adwuma foforo a wɔde ahyɛ ne nsa no. (1 Tim. 4:11, 12; 2 Tim. 1:1, 2, 7) Nanso, mfe du akyi no, Paulo ka kyerɛɛ Filipifo asafo no sɛ: “M’ani da so Awurade Yesu mu sɛ mɛsoma Timoteo aba mo nkyɛn ntɛm . . . Na minni obiara a ne suban te sɛ ɔno.”​—Filip. 2:19, 20.

Ná Timoteo yɛ ɔpanyin a ɔbɔ ne ho mmɔden. Dɛn na ɛboaa no? Hwɛ nneɛma nsia bi a wubetumi asua afi ne hɔ.

1. Ná odwen nkurɔfo ho pa ara. Paulo ka kyerɛɛ anuanom a wɔwɔ Filipi no sɛ: ‘Timoteo beyi ne yam adi mo nsɛm ho dwuma.’ (Filip. 2:20) Ná Timoteo dwen ne nuanom ho ampa. Ná ehia no pa ara sɛ ɔbɛboa ne nuanom ama wɔabɛn Yehowa, na oyii ne yam boaa wɔn.

Wo de, hwɛ bɔs drɔbani bi a nea ehia no ara ne sɛ obedu bɔs gyinabea biara a ɔrekɔ no bere ano, nanso nnipa a wɔrebɛforo bɔs no de, wɔn ho asɛm nhia no. Nyɛ w’ade saa. William de bɛboro mfe 20 asom sɛ ɔpanyin, na anuanom bu no. Afotu a ɔde ma anuanom a wɔapaw wɔn sɛ mpanyimfo foforo ni: “Dɔ anuanom. Ma anuanom ahiasɛm nyɛ wo ahiasɛm sen biribiara a wobɛtoto no pɛpɛɛpɛ wɔ asafo no mu.”

2. Ɔde asɛnka adwuma dii kan. Paulo ma ɛdaa adi sɛ Timoteo nte sɛ afoforo. Ɔkaa sɛ: “Wɔn a aka nyinaa hwehwɛ wɔn ankasa de, ɛnyɛ Kristo Yesu de.” (Filip. 2:21) Paulo kyerɛw ne krataa no wɔ Roma. Ohui sɛ anuanom a wɔwɔ hɔ no ama wɔn ankasa nnwuma agye wɔn adwene. Ɔkwan bi so no, na wɔnyere wɔn ho nyɛ asɛnka adwuma no. Nanso, Timoteo de, na ɔnte saa! Bere a hokwan bue maa Timoteo sɛ ɔbɛtrɛw asɛmpa no mu no, ɔyɛɛ n’ade sɛ Yesaia. Yesaia kaa sɛ: “Mini, soma me.”​—Yes. 6:8.

Wobɛyɛ dɛn adi w’ankasa asɛyɛde ho dwuma na bere koro no ara woayere wo ho ayɛ asɛnka adwuma no? Nea edi kan, hu nea ehia pa ara. Paulo kaa sɛ: ‘Pɛɛpɛɛ mu hu nneɛma a ehia koraa no.’ (Filip. 1:10) Nneɛma a ɛho hia Onyankopɔn pa ara no, wo nso ma ɛho nhia wo saa ara. Nea ɛto so mmienu, twitwa nneɛma so. Nneɛma a ɛma wosɛe wo bere ne w’ahoɔden no, yi fi w’akwan mu. Paulo tuu Timoteo fo sɛ: “Guan mmerantebere mu akɔnnɔ, na mmom di trenee, gyidi, ɔdɔ ne asomdwoe akyi.”​—2 Tim. 2:22.

3. Ɔyeree ne ho yɛɛ ɔsom adwuma no. Paulo ka kyerɛɛ Filipifo no sɛ: “Munim [Timoteo] ho adanse a ɔde mae no, na ɔne me somee te sɛ abofra ne ne papa de trɛw asɛmpa no mu.” (Filip. 2:22) Ná Timoteo nyɛ akwadworɔ. Ɔne Paulo yɛɛ adwumaden, na wei maa wɔn adamfofa mu yɛɛ den.

Ɛnnɛ, adwuma abu so wɔ Onyankopɔn ahyehyɛde mu. Sɛ woyɛ adwuma yi bi a, ɛbɛma wo koma atɔ wo yam ankasa, na ebetumi ama woabɛn wo nuanom pa ara. Enti fa yɛ wo botae sɛ wobɛyɛ “pii wɔ Awurade adwuma no mu” daa.​—1 Kor. 15:58.

4. Ɔde nea osuae yɛɛ adwuma. Paulo kyerɛw Timoteo sɛ: “Wo de, nea woadi akyi pɛpɛɛpɛ ne me nkyerɛkyerɛ, m’asetena kwan, m’atirimpɔw, me gyidi, m’abodwokyɛre, me dɔ, me boasetɔ.” (2 Tim. 3:10) Esiane sɛ Timoteo de nea osuae no yɛɛ adwuma nti, ɛma ɔfatae sɛ wɔde asɛyɛde a emu yɛ duru bɛhyɛ ne nsa.​—1 Kor. 4:17.

Wowɔ obi a ne ho akokwaw wɔ asafo no mu a wohwɛ no suasua no? Sɛ wunni bi a, adɛn nti na wompɛ bi? Onua bi a ne din de Tom de mfe pii asom sɛ ɔpanyin. Ɔka sɛ: “Asafo mu panyin bi a ne ho akokwaw maa n’ani kũũ me ho, na ɔtetee me yiye. Ná metaa gye ne hɔ afotu, na na mede yɛ adwuma nso. Wei ma minyaa akokoduru ntɛm.”

5. Ɔkɔɔ so tetee ne ho. Paulo tuu Timoteo fo sɛ: “Fa onyamesom pa si w’ani so fa tete wo ho.” (1 Tim. 4:7) Yɛhwɛ obi a otu mmirika sei a, ebia ɔwɔ nea ɔtete no, nanso ehia sɛ ɔno ankasa nso tete ne ho. Paulo ka kyerɛɛ Timoteo sɛ: “Ma w’ani nku baguam akenkan, afotu, ne ɔkyerɛkyerɛ ho. . . . Dwinnwen eyinom ho; fa wo koma nyinaa si so, na ama wo nkɔso ada adi nnipa nyinaa anim.”​—1 Tim. 4:13-15.

Wo nso, nea wunim no, ɛsɛ sɛ wokɔ so sua bi ka ho. Yere wo ho sua ade; bɔ mmɔden hu akwankyerɛ foforo biara a ahyehyɛde no de aba na fa yɛ adwuma. Afei nso, nnye wo ho nni dodo; ebia wubenya adwene sɛ wowɔ osuahu pii, enti asɛm biara a ɛbɛba no, sɛ woantɔ wo bo ase anyɛ ho nhwehwɛmu mpo a, wubetumi adi ho dwuma. Suasua Timoteo na “ma w’ani mmra wo ho ne wo nkyerɛkyerɛ so bere nyinaa.”​—1 Tim. 4:16.

6. Ɔmaa Yehowa honhom kyerɛɛ no kwan. Bere a na Paulo reka Timoteo som adwuma ho asɛm no, ɔkaee no sɛ: “Adepa a wɔde ahyɛ wo nsa yi na fa honhom kronkron a ɛte yɛn mu no so hwɛ so yiye.” (2 Tim. 1:14) Ná ɛsɛ sɛ Timoteo ma Onyankopɔn honhom kyerɛ no kwan na ama watumi ahwɛ ne som adwuma yiye.

Donald asom sɛ ɔpanyin mfe pii. Ɔkaa sɛ: “Abusuabɔ a mpanyimfo ne Onyankopɔn wɔ no, ɛsɛ sɛ wɔma ɛsom bo ma wɔn. Wɔyɛ saa a, ‘wobefi ahoɔden mu akɔ ahoɔden mu.’ Sɛ wɔsrɛ Onyankopɔn honhom, na wɔda honhom aba no adi a, anuanom benya wɔn so mfaso pii.”​—Dw. 84:7; 1 Pet. 4:11.

MA W’ANI NSƆ HOKWAN A WOANYA

Sɛ yehu anuanom pii a wɔapaw wɔn sɛ mpanyimfo foforo te sɛ wo sɛ wɔrenya nkɔso wɔ Yehowa som mu a, ɛhyɛ nkuran pa ara. Jason a yɛkaa ne ho asɛm mfiase no ka sɛ: “Efi bere a mebɛyɛɛ ɔpanyin no, masua nneɛma pii, na manya akokoduru kɛse nso. Seesei, m’ani gye adwuma a mereyɛ no ho pa ara, na mibu no sɛ ɛyɛ hokwan kɛse a manya!”

Wobɛkɔ so anya nkɔso wɔ Yehowa som mu anaa? Fa yɛ wo botae sɛ wubesuasua Timoteo. Sɛ woyɛ saa a, wo nso, Onyankopɔn nkurɔfo benya wo so mfaso.