Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Som Yehowa, Onyankopɔn a Ɔma Ahofadi No

Som Yehowa, Onyankopɔn a Ɔma Ahofadi No

“Faako a Yehowa honhom wɔ no, ahofadi wɔ hɔ.”​—2 KOR. 3:17.

NNWOM: 49, 73

1, 2. (a) Nnipa a wɔtenaa ase ɔsomafo Paulo bere so no, adɛn nti na na nkoasom ne ahofadi ho nsɛm hia wɔn? (b) Hena na Paulo kaa sɛ obetumi ama nkurɔfo anya ahofadi ankasa?

ROMA ahemman no mu na na tete Kristofo no te. Ná Romafo no hoahoa wɔn ho sɛ wodi mmara so, wɔhwɛ ma atɛntrenee yɛ adwuma, na wɔnhyɛ obiara so. Nanso, nneɛma a ɛmaa Roma Ahemman no nyaa tumi ne anuonyam no, ɛfa kɛse no ara, nkoa na wɔde wɔn yɛe. Eduu bere bi no, nnipa a na wɔwɔ ahemman no mu nyinaa no, wuyi 100 biara a, na emu 30 yɛ nkoa. Akyinnye biara nni ho sɛ, na nkoasom ne ahofadi ho nsɛm ho hia ɔmanfo no ne Kristofo nyinaa.

2 Ɔsomafo Paulo kaa ahofadi ho nsɛm pii wɔ nkrataa a ɔkyerɛwee no mu. Ɛwom, saa bere no, na nkurɔfo pɛ sɛ wɔde nsakrae ba amanyɔsɛm ne ɔmanfo no asetena mu. Nanso ɛnyɛ wei nti na na Paulo reyɛ ne som adwuma. Paulo ne ne mfɛfo Kristofo no anhwɛ kwan sɛ otumfoɔ anaa nnipa ahyehyɛde bi betumi de ahofadi aba. Mmom, wɔyeree wɔn ho kaa Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm kyerɛɛ nkurɔfo, na wɔboaa wɔn ma wohuu sɛnea Kristo Yesu agyede afɔre no som bo. Paulo kyerɛɛ ne mfɛfo Kristofo sɛ wɔnhwehwɛ ahofadi mfi nea ɔma ahofadi ankasa no hɔ. Ɛho nhwɛso bi ni. Krataa a ɛto so mmienu a Paulo kyerɛw Kristofo a wɔwɔ Korinto no, ɔkaa no pefee sɛ: “Yehowa yɛ Honhom; na faako a Yehowa honhom wɔ no, ahofadi wɔ hɔ.”—2 Kor. 3:17.

3, 4. (a) Dɛn na ɛmaa Paulo kaa asɛm a ɛwɔ 2 Korintofo 3:17 no? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛanya ahofadi a Yehowa de ma no?

3 Krataa a ɛto so mmienu a Paulo de kɔmaa Korintofo no mfiase no, ɔkaa anuonyam a Mose nyae bere a ɔkɔɔ Yehowa bɔfo bi anim na ofi Bepɔw Sinai so sianee no ho asɛm. Bere a Israelfo no huu Mose no, ehu kaa wɔn, enti Mose de ade kataa n’anim. (Ex. 34:29, 30, 33; 2 Kor. 3:7, 13) Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Sɛ wɔdan ba Yehowa nkyɛn a, woyi nkataanim no.” (2 Kor. 3:16) Asɛm a Paulo kae yi kyerɛ sɛn?

4 Yehui wɔ adesua a edi wei anim mu sɛ, Yehowa a ɔyɛ ade nyinaa Bɔfo no nko ara na ɔde ne ho korakora; ɔnhyɛ obiara ase, na n’ahofadi nni ano. Enti ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ, “faako a Yehowa honhom wɔ” no, ahofadi wɔ hɔ. Nanso, sɛ yebenya saa ahofadi no na yɛanya so mfaso a, ɛsɛ sɛ ‘yɛdan kɔ Yehowa nkyɛn,’ kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yɛma yɛne ne ntam yɛ kama. Bere a na Israelfo wɔ sare no so no, wɔamfa Yehowa adwene ansusuw nneɛma ho, na mmom wɔde nnipa adwene na ɛyɛɛ saa. Ɛyɛe sɛ nea wɔde biribi akata wɔn koma ne wɔn adwene so, na na wɔapirim wɔn adwene ne wɔn koma. Ahofadi a wonya fii Egyptfo nsam no, na wɔpɛ sɛ wɔde yɛ nea wɔn ankasa pɛ.—Heb. 3:8-10.

5. (a) Ahofadi bɛn na Yehowa honhom ma yenya? (b) Yɛyɛ dɛn hu sɛ, sɛ obi yɛ akoa anaa ɔda afiase mpo a, obetumi anya ahofadi a Yehowa de ma no? (d) Nsɛmmisa bɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ho mmuae?

5 Nanso, ahofadi a Yehowa honhom ma yenya no kyɛn sɛ yɛade yɛn ho afi nkoasom mu koraa. Ahofadi a saa honhom no ma yenya no, nnipa ntumi mma yennya bi da. Yehowa honhom no tumi ma yɛde yɛn ho fi bɔne ne owu a ɛde yɛn ayɛ nkoa no nsam, na ɛma yetumi de yɛn ho fi atoro som ne ne nneyɛe nso ho. (Rom. 6:23; 8:2) Ahofadi papa bɛn ara ni! Sɛ obi da afiase anaa ɔyɛ akoa mpo a, obetumi anya saa ahofadi yi. (Gen. 39:20-23) Saa na ɛbae wɔ Onuawa Nancy Yuen ne Onua Harold King fam. Wɔn gyidi nti, wɔde wɔn guu afiase mfe pii. Wokɔ JW Broadcasting a, wubetumi ahu wɔn na woatie wɔn suahu ahorow. (Hwɛ NKƆMMƆ-TWETWE NE EBINOM ASETENAM NSƐM > SƐNEA YEGYINA SƆHWƐ ANO.) Afei momma yɛmma nsɛmmisa mmienu yi ho mmuae. Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ ahofadi a yɛwɔ no som bo ma yɛn? Yɛbɛyɛ dɛn de yɛn ahofadi no adi dwuma yiye?

MOMMA YƐN ANI NSƆ AHOFADI A ONYANKOPƆN DE AMA YƐN

6. Dɛn na Israelfo no yɛe a ɛkyerɛ sɛ na wɔn ani nsɔ ahofadi a Yehowa de ama wɔn no?

6 Sɛ yehu sɛnea akyɛde bi a ne bo yɛ den som bo ankasa a, ɛma yɛyɛ biribi ma nea ɔkyɛɛ yɛn ade no hu sɛ yɛn ani asɔ. Bere a Yehowa gyee Israelfo no fii nkoasom mu wɔ Egypt no, wɔankyerɛ ahofadi a Yehowa ma wonyae no ho anisɔ. Yehowa gyee wɔn akyi abosome kakraa bi no, wɔn kɔn fii ase dɔɔ nnuan ne anonne a na wonya wɔ Egypt no. Wei nti wonwiinwii wɔ aduan a na Yehowa de ma wɔn no ho, na wɔyɛɛ wɔn adwene mpo sɛ wɔbɛsan akɔ Egypt. Wo de hwɛ, wɔmaa ‘nsunam, ɛfere, anamuna, nnuadewa, gyeene, ne galik’ ho hiaa wɔn sen ahofadi a na wɔanya sɛ wɔbɛsom Yehowa a ɔne nokware Nyankopɔn no. Ɛnyɛ nwonwa sɛ Yehowa bo fuw ne nkurɔfo denneennen. (Num. 11:5, 6, 10; 14:3, 4) Wei yɛ asuade pa ara ma yɛn!

7. Dɛn na Paulo yɛe de kyerɛe sɛ ɔde n’afotu a ɛwɔ 2 Korintofo 6:1 no bɔɔ ne bra, na yɛn nso yɛbɛyɛ dɛn ayɛ saa ara?

7 Ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ Kristofo nyinaa sɛ ɛnsɛ sɛ yebu ahofadi a Yehowa nam ne Ba Yesu Kristo so de ama yɛn no sɛ ade ketewaa bi. (Kenkan 2 Korintofo 6:1.) Esiane sɛ Paulo hui sɛ wayɛ akoa ama bɔne ne owu nti, odii yaw, na n’ahonim haw no. Nanso ɔde anisɔ kaa sɛ: “Aseda mfa yɛn Awurade Yesu Kristo so nka Onyankopɔn!” Adɛn nti na ɔkaa saa? Ɔkyerɛkyerɛ mu kyerɛɛ ne mfɛfo Kristofo sɛ: “Saa honhom no mmara a ɛma nkwa a ɛwɔ Kristo Yesu mu no ama moade mo ho afi bɔne ne owu mmara ase.” (Rom. 7:24, 25; 8:2) Ɛsɛ sɛ yesuasua Paulo na yehu sɛ Yehowa agye yɛn afi bɔne ne owu a ɛde yɛn ayɛ nkoa no nsam, enti ɛnsɛ sɛ yebu nea Yehowa ayɛ ama yɛn no ade ketewaa bi da. Agyede no nti, yebetumi de ahonim pa asom yɛn Nyankopɔn, na wei bɛma yɛn ani agye ankasa.—Dw. 40:8.

Hokwan a wowɔ sɛ wopaw nea wopɛ no, wode reboa ama Ahenni adwuma no anya nkɔso, anaasɛ wode reyɛ nea w’ankasa wopɛ? (Hwɛ nkyekyɛm 8-10)

8, 9. (a) Ɔsomafo Petro bɔɔ yɛn kɔkɔ wɔ sɛnea yɛde yɛn ahofadi bɛyɛ adwuma ho. Ɔkaa no sɛn? (b) Ɛnnɛ, dɛn na obi yɛ a, ɛbɛkyerɛ sɛ ɔmfa n’ahofadi nyɛ adwuma yiye?

8 Ahofadi a ɛsom bo a yɛanya no, ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ ho anisɔ, na afei nso ɛnsɛ sɛ yɛtoto no ase da. Ɔsomafo Petro bɔɔ kɔkɔ sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛde ahofadi a yɛwɔ no yɛ nkataanim na yekodi honam akɔnnɔ akyi. (Kenkan 1 Petro 2:16.) Saa kɔkɔbɔ yi nkae wo nea ɛtoo Israelfo wɔ sare no so anaa? Ehia sɛ yɛn nso yetie saa kɔkɔbɔ no, na ɛnnɛ koraa mpo na ɛsɛ sɛ yetie no yiye. Satan ne ne wiase no ayɛ afɛfɛde ne akɔnnɔde pii a ɛtwetwe nnipa. Ebi yɛ ntade ne nneɛma a yɛde siesie yɛn ho, nnuan ne anonne, nneɛma a yɛde gye yɛn ahome ne nea yɛde gyigye yɛn ani, ne nneɛma foforo pii. Wɔn a wɔbɔ nneɛma a wɔtɔn ho dawuru ani atew, na mpɛn pii no, wɔde nnipa a wɔn ho yɛ fɛ bata nneɛma a wɔrebɔ ho dawuru no ho de dɛfɛdɛfɛ yɛn sɛnea yɛbɛtɔ nneɛma a ɛho nhyɛ da nhia yɛn. Ɛnyɛ den koraa sɛ saa afiri yi betumi ayi yɛn ama yɛatoto yɛn ahofadi ase!

9 Petro afotu no fa asetena mu nneɛma foforo a ɛho hia pa ara nso ho. Ebi ne baabi a obi pɛ sɛ osua nhoma kodu, ne adwuma a ɔpɛ sɛ ɔyɛ. Ɛho nhwɛso ni. Ɛnnɛ, wɔhyɛ mmabun a wɔkɔ sukuu nkuran sɛ wɔnyere wɔn ho nsua ade sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya kwan akɔtoa wɔn adesua so wɔ sukuupɔn ahorow a agye din mu. Nnipa pii ka kyerɛ wɔn sɛ, sɛ wosua nhoma kɔ akyiri a, ɛbɛma wɔanya adwuma pa ayɛ na wɔagye akatua kɛse. Mpɛn pii no, saa nkurɔfo no keka nsɛm bi kyerɛ mmabun no de kyerɛ sɛ, wɔn a wɔkɔɔ sukuupɔn no gye akatua sen wɔn a wɔkɔɔ ntoaso sukuu no. Sɛ ɛba sɛ, ɛsɛ sɛ mmabun sisi gyinae a ɛfa wɔn asetena ho saa a, wɔn ani betumi agye ho sɛ wobesua nhoma akɔ akyiri. Nanso, dɛn na ɛsɛ sɛ mmabun ne wɔn awofo ma ɛtena wɔn adwenem?

10. Sɛ yɛresisi gyinae a ɛfa yɛn ankasa ho a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛtena yɛn adwenem?

10 Ebia ebinom adwene bɛyɛ wɔn sɛ weinom yɛ biribi a ɛfa wɔn ankasa ho, enti wɔwɔ hokwan sɛ wosisi gyinae a wɔpɛ bere tenten a wɔn ahonim nhaw wɔn. Ebia aduan ho asɛm a Paulo kyerɛw kɔmaa Kristofo a wɔwɔ Korinto no na ɛwɔ wɔn adwenem. Paulo kaa sɛ: “Adɛn nti na ɛsɛ sɛ onipa foforo ahonim bu hokwan a mewɔ atɛn?” (1 Kor. 10:29) Ɛyɛ ampa sɛ yɛwɔ hokwan sɛ yɛn ankasa sisi gyinae wɔ nhomasua ne adwuma ho de, nanso ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ ahofadi a yɛwɔ no wɔ baabi a ekodu, na gyinae biara a yebesi wɔ ne nsunsuanso. Ɛno nti na Paulo kaa asɛm a edi hɔ yi ansa na ɔreka saa asɛm no. Ɔkaa sɛ: “Hokwan wɔ hɔ ma ade nyinaa; nanso ɛnyɛ ne nyinaa na mfaso wɔ so. Hokwan wɔ hɔ ma ade nyinaa; nanso ɛnyɛ ne nyinaa na ɛhyɛ den.” (1 Kor. 10:23) Enti wei boa yɛn ma yehu sɛ, yɛwɔ hokwan sɛ yesisi gyinae a ɛfa yɛn ankasa asetena ho de, nanso nneɛma bi wɔ hɔ a ɛho hia pa ara sɛ yedwen ho sen nea yɛn ankasa ani gye ho.

YƐSOM ONYANKOPƆN A, NA YƐDE YƐN AHOFADI REDI DWUMA YIYE

11. Adɛn nti na Yehowa ama yɛade yɛn ho?

11 Bere a Petro bɔɔ yɛn kɔkɔ sɛ ɛnsɛ sɛ yɛtoto yɛn ahofadi ase no, ɔkyerɛɛ yɛn sɛnea yɛde yɛn ahofadi bedi dwuma yiye nso. Ɔkaa sɛ, yɛmfa yɛn ahofadi nni dwuma “sɛ Onyankopɔn nkoa.” Nea enti pa ara a Yehowa nam Yesu so ama yɛade yɛn ho afi bɔne ne owu mmara ase ne sɛ yɛde yɛn nkwa nna bɛsom no “sɛ Onyankopɔn nkoa.”

12. Nhwɛso bɛn na Noa ne n’abusua yɛ maa yɛn?

12 Ɔkwan a eye sen biara a yɛbɛfa so de yɛn ahofadi adi dwuma yiye ne sɛ yɛde yɛn bere ne yɛn ahoɔden nyinaa bɛsom Yehowa. Yɛyɛ saa a, yɛremfa wiase nneɛma ne nneɛma a yɛn ankasa pɛ nni kan wɔ yɛn asetena mu. (Gal. 5:16) Yɛnhwɛ agya panyin Noa ne n’abusua sei. Wiase a na wɔte mu no, na awudisɛm ne ɔbrasɛe ahyɛ mu mã. Nanso, wɔanyɛ nneɛma a na nnipa a wɔatwa wɔn ho ahyia yɛ no bi. Ɛyɛɛ dɛn na wotumi twee wɔn ho fii saa nneɛma no ho? Wɔyeree wɔn ho yɛɛ adwuma a na Yehowa de ama wɔn sɛ wɔnyɛ no. Wɔyɛɛ adaka no, wɔde nnuan a wɔn ankasa ne mmoa no bedi guu mu, na wɔbɔɔ nkurɔfo no kɔkɔ. Bible ka sɛ: “Noa yɛɛ nea Onyankopɔn hyɛɛ no nyinaa. Saa pɛpɛɛpɛ na ɔyɛe.” (Gen. 6:22) Ekowiee sɛn? Bere a wɔsɛee saa wiase no, Noa ne n’abusua nyaa wɔn ti didii mu.—Heb. 11:7.

13. Adwuma a Yehowa de maa Yesu bɛn na Yesu nso de maa n’akyidifo?

13 Adwuma bɛn na Yehowa de ama yɛn nnɛ? Yɛyɛ Yesu asuafo, enti yenim adwuma a Onyankopɔn de ama yɛn no yiye. (Kenkan Luka 4:18, 19.) Ɛnnɛ, wiase yi nyame afura nnipa dodow no ara ani, na wonnim sɛ wɔayɛ nkoa ama atoro som, ahonyade, ne amanyɔsɛm. (2 Kor. 4:4) Yɛanya hokwan sɛ yebesuasua Yesu na yɛaboa nkurɔfo ama wɔabehu Yehowa, Onyankopɔn a ɔma ahofadi no, na wɔasom no. (Mat. 28:19, 20) Wei nyɛ adwuma a ɛda fam, na nsɛnnennen pii nso wom. Aman bi so no, nnipa a wɔn ani nnye asɛmpa no ho redɔɔso, ebinom mpo de, wɔsɔre tia. Asɛm a ɛsɛ sɛ yɛn mu biara bisa ne ho ne sɛ: ‘Ahofadi a mewɔ no, metumi de aboa Ahenni adwuma no kɛse anaa?’

14, 15. Dɛn na Yehowa nkurɔfo reyɛ wɔ asɛmpaka adwuma no ho? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

14 Yehowa asomfo pii ahu sɛ wiase awiei abɛn pa ara, enti wɔayɛ wɔn ho awiɛmfoɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛyɛ bere nyinaa som adwuma no. Wei hyɛ nkuran pa ara. (1 Kor. 9:19, 23) Ebinom yɛ asɛmpaka adwuma no wɔ baabi a wɔte; afoforo nso tu kɔ baabi a wohia asɛmpakafo pii. Kyerɛwtohɔ a yɛwɔ kyerɛ sɛ, mfe nnum a atwam no, adawurubɔfo bɛboro 250,000 na wɔbɛyɛɛ daa kwampaefo wɔ wiase nyinaa. Wei ama daa akwampaefo dodow aboro 1,100,000. Anuanom pii de ahofadi a wɔwɔ redi dwuma yiye de asom Yehowa. Wei nyɛ anigyesɛm?—Dw. 110:3.

15 Dɛn na ɛboaa saa anuanom no ma wɔde ahofadi a wɔwɔ no dii dwuma yiye? Yɛnhwɛ John ne Judith. Mfe 30 a atwam no, wɔayɛ asɛmpaka adwuma no wɔ aman ahorow bi so. Wɔka sɛ bere a wofii Akwampaefo Ɔsom Sukuu ase afe 1977 no, na wɔhyɛ sukuufo no nkuran sɛ wobetumi atu akɔ baabi a wohia asɛmpakafo pii akɔyɛ asɛmpaka adwuma wɔ hɔ. Nea ɛbɛyɛ na John ne Judith atumi adu saa botae no ho no, John ka sɛ ɔsesaa n’adwuma mpɛn pii sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ayɛ wɔn ho awiɛmfoɔ. Awiei koraa no, wɔkɔyɛɛ asɛmpaka adwuma no wɔ ɔman foforo bi so. Wohyiaa nsɛnnennen bi wɔ hɔ. Nsɛnnennen no bi ne kasa foforo ne amammerɛ foforo a na wobesua, ne sɛnea na wɔbɛtena baabi a ɛhɔnom wim tebea ano yɛ den. Wɔbɔɔ Yehowa mpae, na wɔde wɔn ho too ne so. Wohui sɛ wei boaa wɔn ma wodii nsɛnnennen no so. Wɔte nka sɛn wɔ mfe a wɔde somee wɔ mmeae a ɛte saa no ho? John ka sɛ: “Mihui sɛ mereyɛ adwuma a eye sen biara a menyɛɛ bi saa da. Mibehui sɛ Yehowa wɔ hɔ ankasa, na ɔyɛ agya a ɔwɔ ɔdɔ. Seesei mate Yakobo 4:8 ase yiye. Ɛka sɛ: ‘Mommɛn Onyankopɔn na ɔbɛbɛn mo.’ Mihui sɛ me nsa aka nea merehwehwɛ. Ɛno ne adwuma a ɛma me koma tɔ me yam.”

16. Sɛn na anuanom mpempem de ahofadi a wɔwɔ adi dwuma yiye?

16 Ebinom betumi ayɛ bere nyinaa som adwuma no bere tenten te sɛ John ne Judith. Afoforo nso de, wɔn tebea nti, bere tiaa bi na wobetumi ayɛ saa. Nanso, anuanom pii tu wɔn ho ma kɔboa ma wosisi adan a wɔde boa Yehowa som adwuma wɔ wiase nyinaa. Nhwɛso bi ni. Bere a wɔresi wiase nyinaa adwumayɛbea ti wɔ Warwick, New York no, anuanom mmarima ne mmea bɛyɛ 27,000 na wɔkɔboae. Ebinom kɔboae nnawɔtwe mmienu, ebinom nso kodii abosome kakra, ɛnna afoforo nso kodii afe baako anaa nea ɛboro saa. Saa anuanom no bebree gyaee biribiara a na wɔreyɛ na wɔkɔboae. Wɔde ahofadi a Onyankopɔn de ama wɔn no yii Yehowa, Onyankopɔn a ɔma ahofadi no ayɛ, na wɔhyɛɛ no anuonyam. Ɛyɛ nhwɛso a ɛyɛ fɛ yiye!

17. Sɛ yɛde ahofadi a Onyankopɔn de ama yɛn no di dwuma yiye nnɛ a, adepa bɛn na yebenya daakye?

17 Yɛn ani sɔ sɛ yɛabehu Yehowa ne nokware som, na wei ama yɛanya ahofadi. Sɛ yesisi gyinae a, momma yɛmfa nkyerɛ sɛ yɛn ani sɔ saa ahofadi no. Sɛ́ anka yɛbɛtoto yɛn ahofadi ase anaasɛ yɛbɛsɛe no no, momma yɛmfa hokwan biara a ahofadi no ama yɛanya no nsom Yehowa sɛnea yebetumi biara. Sɛ yɛyɛ saa a, yebetumi ahwɛ kwan sɛ yɛn nsa bɛka nhyira a Yehowa ahyɛ ho bɔ bere a nkɔmhyɛ yi aba mu sɛ: “Abɔde no ankasa nso benya ahofadi afi ɔporɔw nkoasom mu akɔ Onyankopɔn mma anuonyam ahofadi mu.”—Rom. 8:21.