Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Suasua Yehowa—Ɔyɛ Onyankopɔn a Ɔhyɛ Nkuran

Suasua Yehowa—Ɔyɛ Onyankopɔn a Ɔhyɛ Nkuran

“Nhyira nka . . . Nyankopɔn a . . . ɔkyekye yɛn werɛ [anaa ɔhyɛ yɛn nkuran] yɛn ahohia nyinaa mu.”​—2 KOR. 1:3, 4.

NNWOM: 7, 3

1. Bere a Adam ne Hawa tew atua wɔ Eden no, nkuranhyɛ bɛn na Yehowa maa adesamma nyae?

EFI bere a nnipa yɛɛ bɔne na wɔtɔɔ sin no, Yehowa akyerɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn a ɔhyɛ nkuran. Bere a Adam ne Hawa tew atua wɔ Eden akyi pɛɛ no, Yehowa maa Adam asefo a wɔbɛba akyiri yi huu nea enti a na ɛnsɛ sɛ wɔma wɔn abam bu. Ɛwom sɛ na adesamma abusua no akyea de, nanso na emmui. Sɛ na adesamma te nkɔmhyɛ a ɛwɔ Genesis 3:15 no ase a, na ɛbɛma wɔanya anidaso sɛ ɔkwan biara so wɔbɛsɛe “ɔwɔ dedaw no,” Satan Ɔbonsam, ne ne nnwuma bɔne nyinaa.—Adi. 12:9; 1 Yoh. 3:8.

YEHOWA HYƐƐ N’ASOMFO A WƆTENAA ASE TETE NO NKURAN

2. Sɛn na Yehowa hyɛɛ Noa nkuran?

2 Ná Yehowa somfo Noa te wiase bɔne bi mu; ná ɔne n’abusua nko ara na wɔsom Yehowa. Wohwɛ sɛnea na basabasayɛ ne ɔbrasɛe atwa Noa ho ahyia no a, anka n’abam betumi abu. (Gen. 6:4, 5, 11; Yuda 6) Nanso Yehowa kaa asɛm bi kyerɛɛ no ma ɛhyɛɛ no den. Ná wei bɛboa no ma wakɔ so ne ‘Onyankopɔn anantew.’ (Gen. 6:9) Yehowa ka kyerɛɛ Noa sɛ ɔrebɛsɛe saa wiase bɔne no, na ɔkyerɛɛ no nea ɔnyɛ na ama ɔne n’abusua anya nkwa. (Gen. 6:13-18) Yehowa maa Noa hui sɛ ɔyɛ Onyankopɔn a ɔhyɛ nkuran.

3. Nkuranhyɛ bɛn na Yehowa de maa Yosua? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

3 Akyiri yi, Yehowa de adwumasono bi hyɛɛ Yosua nsa; ná obedi Onyankopɔn nkurɔfo anim akɔ Bɔhyɛ Asase no so. Ná ɛsɛ sɛ Yosua ko di aman a ɛwɔ mpɔtam hɔ a wɔn asraafo ho yɛ den pa ara no so. Sɛ Yosua bɔɔ hu a, na edi sa. Esiane sɛ na Yehowa nim wei nti, ɔmaa Mose hyɛɛ no den. Yehowa kaa sɛ: “Fa Yosua yɛ ɔman no kannifo na hyɛ no nkuran na hyɛ no den, efisɛ ɔno na obedi ɔman yi anim atwa Yordan, na ɔde asase a wubehu no bɛma wɔn.” (Deut. 3:28) Ansa na Yosua refi n’adwuma ase no, Yehowa hyɛɛ no nkuran sɛ: “Adɛn, menhyɛɛ wo sɛ ma wo bo nyɛ duru na wo ho nyɛ den? Nsuro na mmɔ hu, efisɛ baabi a wobɛkɔ biara no, Yehowa wo Nyankopɔn ka wo ho.” (Yos. 1:1, 9) Wei yɛ nkuranhyɛsɛm a na ɛbɛma Yosua koma atɔ ne yam pa ara!

4, 5. (a) Yehowa nkurɔfo a wɔtenaa ase tete no, nkuranhyɛ bɛn na ɔde maa wɔn? (b) Dɛn na Yehowa yɛe de hyɛɛ ne Ba no nkuran?

4 Ɛnyɛ nnipa mmaako mmaako bi nko ara na Yehowa hyɛɛ wɔn nkuran, na mmom ɔhyɛɛ ɔman mũ nso nkuran. Bere a Yudafo no wɔ nkoasom mu wɔ Babilon no, Yehowa hyɛɛ nkɔm bi a na ɛbɛhyɛ wɔn den. Ɔkaa sɛ: “Nsuro efisɛ meka wo ho. Mma w’ani nnyɛ wo totɔtotɔ, na mene wo Nyankopɔn. Mɛhyɛ wo den. Mɛboa wo. Mede me trenee nsa nifa beso wo mu denneennen.” (Yes. 41:10) Tete Kristofo no nso, Onyankopɔn hyɛɛ wɔn nkuran saa ara, na ɛnnɛ nso saa ara na ɔyɛ ma ne nkurɔfo.—Kenkan 2 Korintofo 1:3, 4.

5 Yesu nso nyaa nkuranhyɛ fii n’Agya hɔ. Bere a Yohane bɔɔ Yesu asu wiei no, Yesu tee ɛnne bi fi soro sɛ: “Oyi ne me Ba, nea medɔ no na magye no atom.” (Mat. 3:17) Wunhu sɛ saa asɛm yi bɛhyɛ Yesu den pa ara bere a na ɔreyɛ ne som adwuma wɔ asase so no?

YESU HYƐƐ AFOFORO NKURAN

6. Dwetikɛse ho mfatoho no, sɛn na ɛhyɛ yɛn nkuran?

6 Yesu suasuaa sɛnea n’Agya hyɛ nkuran no. Ɔmaa dwetikɛse ho mfatoho de hyɛɛ n’atiefo nkuran sɛ wonni nokware. Bere a ɔhyɛɛ wiase nhyehyɛe awiei ho nkɔm no, ɛnna ɔmaa saa mfatoho no. Owura no dii n’akoa biara a odii nokware no ni, na ɔkaa sɛ: “Mo, akoa pa nokwafo! Wudii nneɛma kakraa bi mu nokware. Mɛma woahwɛ nneɛma pii so. Nya wo wura anigye no bi.” (Mat. 25:21-23) Ná saa asɛm no bɛhyɛ n’asuafo nkuran pa ara ma wɔakɔ so asom Yehowa nokware mu!

7. Nkuranhyɛ bɛn na Yesu de maa n’asomafo no nyinaa? Na nkuranhyɛ bɛn na ɔde maa Petro nko ara nso?

7 Ná Yesu asomafo no taa gye nea ɔyɛ wɔn mu kɛse ho akyinnye, nanso Yesu nyaa wɔn ho abotare hyɛɛ wɔn nkuran. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmmrɛ wɔn ho ase na wɔnsom afoforo, na ɛnyɛ sɛ wobedi afoforo so tumi. (Luka 22:24-26) Petro pa ara na odii Yesu huammɔ mpɛn pii. (Mat. 16:21-23; 26:31-35, 75) Yesu ampo Petro. Mmom, ɔhyɛɛ no nkuran, na mpo ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnhyɛ ne nuanom den.—Yoh. 21:16.

TETE MMERE MU, WONYAA NKURANHYƐ

8. Dɛn na Hesekia yɛe de hyɛɛ asahene no ne Yuda man no nkuran?

8 Ansa na Yehowa Ba no reba asase so abɛyɛ nhwɛso a edi mũ ama yɛahu sɛnea yɛbɛhyɛ afoforo nkuran no, na Yehowa asomfo anokwafo nim sɛ ehia sɛ wɔhyɛ afoforo nkuran. Bere a Asiriafo kohunahunaa Yuda man no, Hesekia boaboaa asahene no ne Yuda man no ano hyɛɛ wɔn nkuran. “Enti ɔman no de wɔn werɛ hyɛɛ Yuda hene Hesekia nsɛm no mu.”—Kenkan 2 Beresosɛm 32:6-8.

9. Dɛn na ɛwɔ Hiob nhoma no mu a ɛma yehu sɛnea yɛbɛhyɛ afoforo nkuran?

9 Ɛwom sɛ na Hiob hia awerɛkyekye de, nanso ɔmaa “gyamserefo” mmiɛnsa no huu sɛnea wɔbɛhyɛ afoforo nkuran. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, sɛ ɛyɛ ɔno a, ‘anka ɔde n’anom nsɛm bɛhyɛ wɔn den mmom, na anka n’anom awerɛkyekyesɛm bedwudwo wɔn yaw.’ (Hiob 16:1-5) Ewiee ase no, Elihu ne Yehowa ankasa hyɛɛ Hiob den.—Hiob 33:24, 25; 36:1, 11; 42:7, 10.

10, 11. (a) Adɛn nti na na Yefta babea no hia nkuranhyɛ? (b) Ɛnnɛ nso, henanom na ɛfata sɛ yɛhyɛ wɔn nkuran?

10 Tete no, obi foforo a na ohia nkuranhyɛ ne Yefta babea no. Ansa na Ɔtemmufo Yefta ne Ammonfo no rekɔko no, ɔhyɛɛ Yehowa bɔ. Ɔkaa sɛ, sɛ Yehowa ma no di nkonim na ofi akono ba fie a, onipa a obedi kan abehyia no no, ɔde no bɛma Yehowa na wasom no daa wɔ ntamadan no mu. Nea ɛkɔbae ne sɛ, Yefta babea a odi no bakoro na obehyiaa no ne no dii ne nkonimdi no ho ahurusi. Yefta koma bubui. Nanso odii ne bɔhyɛ so, na ɔde ne babea a ɔyɛ ɔbaabun no kɔɔ Silo ma ɔkɔsomee wɔ ntamadan no mu ne nkwa nna a aka nyinaa.—Atem. 11:30-35.

11 Sɛ na wei yɛ den ma Yefta a, ɛnde na ɛbɛyɛ den ama ne babea no pa ara. Nanso oyii ne yam yɛɛ nea na ne papa ahyɛ ho bɔ no. (Atem. 11:36, 37) Hokwan a na ɔwɔ sɛ ɔware wo mma, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn abusua ase nhyew na wɔn agyapade nso mmɔ wɔn no, ɔde ne nyinaa bɔɔ afɔre. Enti sɛ yɛreka obi a na obehia awerɛkyekye ne nkuranhyɛ a, ɛnde na ɛyɛ Yefta babea no. Bible ka sɛ: “Ɛbɛyɛɛ amanne wɔ Israel sɛ: Afe biara Israel mmabea kɔkamfo Gileadni Yefta babea no nnanan.” (Atem. 11:39, 40) Kristofo a wɔnwaree a wɔde wɔn sigyadi reyɛ pii de aboa “Awurade nneɛma” no, wɔn nso, ɛmfata sɛ yɛkamfo wɔn na yɛhyɛ wɔn nkuran anaa?—1 Kor. 7:32-35.

ASOMAFO NO HYƐƐ WƆN NUANOM NKURAN

12, 13. Sɛn na Petro ‘hyɛɛ ne nuanom den’?

12 Anadwo a ade rebɛkye ma Yesu awu no, ɔka kyerɛɛ ɔsomafo Petro sɛ: “Simon, Simon, hwɛ! Satan pɛ sɛ onya kwan huw mo so sɛ awi. Nanso masrɛ ama mo na mo gyidi ansa; na wo, sɛ wosan ba a, hyɛ wo nuanom den.”—Luka 22:31, 32.

Nkrataa a asomafo no kyerɛwee no hyɛɛ asafo ahorow a na ɛwɔ asomafo no bere so no nkuran pa ara, na ɛnnɛ nso ɛhyɛ yɛn nkuran (Hwɛ nkyekyɛm 12-17)

13 Ná Petro yɛ odum wɔ tete Kristofo asafo no mu, kyerɛ sɛ, na ɔka wɔn a wodi nneɛma anim no ho. (Gal. 2:9) Akokoduru a ɔdaa no adi Pentekoste da no ne ɛno akyi no hyɛɛ ne nuanom nkuran. Petro de mfe pii yɛɛ ne som adwuma, na bere a ɛreba awiei no, ɔkyerɛw ne mfɛfo Kristofo. Bere a ɔreka nea enti a ɔkyerɛw wɔn no, ɔkaa sɛ: ‘Makyerɛw mo nsɛm kakraa bi a mede bɛhyɛ mo nkuran adi mo adanse denneennen sɛ eyi ne Onyankopɔn adom no ankasa; ɛno mu na munnyina pintinn.’ (1 Pet. 5:12) Efi tete, nkrataa a honhom kaa Petro maa ɔkyerɛwee no ahyɛ Kristofo nkuran. Ɛnnɛ nso, ɛda so ara hyɛ yɛn nkuran. Bere a yɛretwɛn sɛ Yehowa bɔhyɛ bɛbam no, yehia saa nkuranhyɛ yi pa ara!—2 Pet. 3:13.

14, 15. Efi tete besi nnɛ, sɛn na Bible mu nhoma a honhom kaa ɔsomafo Yohane ma ɔkyerɛwee no ahyɛ Kristofo nkuran?

14 Ná ɔsomafo Yohane nso yɛ odum wɔ tete Kristofo asafo no mu. Asɛmpa a Yohane kyerɛwee a ɛfa Yesu som adwuma ho no ka koma pa ara. Ahyɛ Kristofo nkuran fi tete besi nnɛ, na ɛda so ara hyɛ yɛn nkuran. Asɛmpa a Yohane kyerɛwee no mu nkutoo na yehu asɛm a Yesu kae sɛ ɔdɔ na ɛbɛma obiara ahu wɔn a wɔyɛ n’asuafo ampa no.—Kenkan Yohane 13:34, 35.

15 Nokwasɛm ahorow a ɛsom bo nso wɔ nkrataa mmiɛnsa a Yohane kyerɛwee no mu. Sɛ bɔne bi a yɛayɛ ho dadwen hyɛ yɛn so, na sɛ yɛkan sɛ “Yesu mogya hohoro yɛn ho fi bɔne nyinaa ho” a, ɛnka yɛn koma ntɔ yɛn yam anaa? (1 Yoh. 1:7) Na sɛ yɛn koma kɔ so bu yɛn fɔ, na yɛkenkan sɛ “Onyankopɔn sõ sen yɛn koma” a, ɛnkyekye yɛn werɛ na ɛho anisɔ mma yɛntew nusu anaa? (1 Yoh. 3:20) Yohane nko ara na ɔkyerɛwee sɛ “Onyankopɔn ne dɔ.” (1 Yoh. 4:8, 16) Ne nkrataa a ɛto so mmienu ne mmiɛnsa no kamfo Kristofo a wɔkɔ so “nantew nokware no mu” no.—2 Yoh. 4; 3 Yoh. 3, 4.

16, 17. Nkuranhyɛ bɛn na ɔsomafo Paulo de maa tete Kristofo no?

16 Asomafo no bere so no, sɛ yɛreka obi a ɔhyɛɛ ne nuanom nkuran pa ara a, ɛbɛyɛ ɔsomafo Paulo. Bere a wɔhyehyɛɛ Kristofo asafo no, ɛbɛyɛ sɛ mfiase no asomafo dodow no ara tenaa Yerusalem. Ɛhɔ na na akwankyerɛ kuw no wɔ. (Aso. 8:14; 15:2) Kristofo a na wɔwɔ Yudea no kaa Kristo ho asɛm kyerɛɛ nkurɔfo a na wogye di dedaw sɛ Onyankopɔn yɛ baako no. Nanso ɔsomafo Paulo de, honhom kronkron ma ɔkɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ Helafo, Romafo, ne afoforo a na wɔsom anyame pii.—Gal. 2:7-9; 1 Tim. 2:7.

17 Paulo tutuu akwan kɔɔ mmeae a ɛnnɛ yɛfrɛ hɔ Turkey, Greece, ne Italy. Ɔkaa asɛm no kyerɛɛ wɔn a wɔnyɛ Yudafo, na ɔhyehyɛɛ Kristofo asafo ahorow wɔ hɔ. Wɔn a na wɔabɛyɛ Kristofo yi ‘huu amane wɔ wɔn ankasa manfo nsam,’ enti na wohia nkuranhyɛ. (1 Tes. 2:14) Bɛyɛ afe 50 Y.B. no, Paulo kyerɛw Tesalonikafo asafo a na wɔahyehyɛ no foforo no. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Yɛkae mo nyinaa wɔ yɛn mpaebɔ mu na yɛda Onyankopɔn ase daa, na daa yɛkae adwuma a mode gyidi yɛ, ne adwumaden a mufi ɔdɔ mu yɛ ne boasetɔ a moda no adi no.’ (1 Tes. 1:2, 3) Afei nso, otuu wɔn fo sɛ wɔnhyehyɛ wɔn ho den. Ɔkaa sɛ: “Monkɔ so nkyekye mo ho mo ho werɛ [anaa monhyehyɛ mo ho nkuran] na monhyehyɛ mo ho den.”—1 Tes. 5:11.

AKWANKYERƐ KUW NO HYƐ AFOFORO NKURAN

18. Sɛn na akwankyerɛ kuw a na ɛwɔ asomafo no bere so no hyɛɛ Filipo nkuran?

18 Akwankyerɛ kuw a na ɛwɔ asomafo no bere so no hyɛɛ wɔn a na wodi nneɛma anim wɔ asafo no mu ne Kristofo nyinaa nkuran. Bere a ɔsɛmpakafo Filipo kaa Kristo ho asɛmpa kyerɛɛ Samariafo no, akwankyerɛ kuw no mufo taa n’akyi denneennen. Wɔsomaa wɔn mu mmienu, Petro ne Yohane, sɛ wɔnkɔbɔ mpae mma wɔn a na wɔabɛyɛ Kristofo no mma wonnya honhom kronkron. (Aso. 8:5, 14-17) Mmoa a akwankyerɛ kuw no de maa Filipo ne wɔn a na Filipo aboa wɔn ama wɔabɛyɛ Kristofo no, ɛbɛyɛ sɛ ɛhyɛɛ wɔn nkuran pa ara!

19. Krataa a akwankyerɛ kuw no kyerɛw kɔmaa tete Kristofo asafo no, ɛkaa wɔn sɛn?

19 Akyiri yi, asɛm bi bɛtɔɔ akwankyerɛ kuw no anim a na ɛsɛ sɛ wosi ho gyinae. Ná ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ sɛ ehia sɛ Kristofo a wɔnyɛ Yudafo no twa twetia sɛnea na Mose Mmara no hwehwɛ sɛ Yudafo no yɛ anaasɛ na enhia sɛ wɔyɛ saa. (Aso. 15:1, 2) Bere a akwankyerɛ kuw no bɔɔ mpae hwehwɛɛ honhom kronkron akwankyerɛ na wosusuw Kyerɛwnsɛm no ho no, wosii gyinae sɛ wei ho nhia bio. Afei, wɔkyerɛw ɛho krataa kɔmaa asafo ahorow no. Akwankyerɛ kuw no maa nnipa bi sii wɔn ananmu de krataa no kɔmaa asafo ahorow no. Ekowiee sɛn? “Wɔkenkan wiei no, wodii ahurusi wɔ nkuranhyɛsɛm no ho.”—Aso. 15:27-32.

20. (a) Ɛnnɛ, sɛn na Akwankyerɛ Kuw no hyɛ anuanom a wɔwɔ wiase nyinaa nkuran? (b) Asɛmmisa bɛn na yebenya ho mmuae wɔ adesua a edi hɔ no mu?

20 Ɛnnɛ, anuanom a wɔyɛ adwuma wɔ Betel, afoforo a wɔreyɛ bere nyinaa som adwuma titiriw, ne nokware Kristofo a wɔwɔ wiase nyinaa no, Yehowa Adansefo Akwankyerɛ Kuw no hyɛ wɔn nkuran. Sɛnea Kristofo a na wɔwɔ asomafo no bere so dii ahurusi no, yɛn nso sɛ Akwankyerɛ Kuw no hyɛ yɛn nkuran a, yedi ahurusi saa ara! Afei nso, afe 2015 no, Akwankyerɛ Kuw no tintim nhomawa a wɔato din San Bra Yehowa Nkyɛn. Saa nhomawa yi ahyɛ nnipa pii nkuran pa ara wɔ wiase baabiara. Nanso, wɔn a wodi asafo no anim nko ara na ɛsɛ sɛ wosuasua Yehowa na wɔhyɛ afoforo nkuran anaa? Yebenya saa asɛmmisa yi ho mmuae wɔ adesua a edi hɔ no mu.