Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase” a yɛayɛ no foforo (yenni bi wɔ Twi mu) a woyii no adi afe 2013 no, yɛakyerɛ Dwom 144:12-15 ase ma afa Onyankopɔn nkurɔfo ho. Wiase Foforo Nkyerɛase a na ɛwɔ hɔ ansa na yɛreyɛ foforo yi kyerɛe sɛ ɛfa ananafo abɔnefo a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ Dwom 144:11 no ho. Adɛn nti na yɛayɛ saa nsakrae yi?

Hebri mu no, wobetumi akyerɛ ase wɔ akwan mmienu yi so ama ayɛ yiye. Ne saa nti, ntease a edi hɔ yi na ɛma yɛyɛɛ nsakrae no:

  1. Sɛnea yɛakyerɛ ase seesei no, nsɛmfua a ɛwom no ne kasa mmara nyinaa foa so. Asɛmfua a edi kan wɔ Dwom 144:12 no na ɛbɛma yɛate asɛm a ɛwɔ Dwom 144:12-15 ne nsɛm a odwontofo no dii kan kae ansa na ɔreka wei no ase. Hebri asɛmfua a edi kan wɔ Dwom 144:12 no ne asher. Yebetumi akyerɛ asher ase wɔ akwan pii so. Ɛho nhwɛso ni. Yebetumi ate ase sɛ ɛyɛ edinnsiananmu te sɛ “wɔn.” Asɛm a wɔde dii dwuma wɔ nkyerɛase dedaw no mu ne “wɔn.” Ɛno nti, nneɛma pa a Dwom 144:12-14 ka ho asɛm no, yɛkyerɛɛ ase sɛ ɛfa abɔnefo a na odwontofo no adi kan aka wɔn ho asɛm no ho. Nanso, asher betumi nso akyerɛ nea asɛm bi kowie anaa ɛso nsunsuanso. Wobetumi nso akyerɛ ase “saa” anaa “ɛno na,” “sɛnea ɛbɛyɛ a,” anaa “afei.” Wiase Foforo Nkyerɛase a yɛayɛ no foforo a yeyii no adi afe 2013 no, asɛm a yɛde dii dwuma ne “ɛno na.” Saa ara na wɔakyerɛ ase wɔ Bible afoforo mu nso.

  2. Sɛnea yɛakyerɛ asɛmfua no ase wɔ Dwom 144:12 no ne dwom no mu nsɛm nyinaa hyia. Asɛm “ɛno na” a Dwom 144:12 de adi dwuma seesei no boa yɛn ma yɛte ase sɛ nhyira a wɔaka ho asɛm wɔ nkyekyɛm 12 kosi 14 no fa treneefo ho, wɔn a wɔsrɛ sɛ ‘wonnya wɔn ho ntetew, na wonnye wɔn mfi’ abɔnefo nsam no (nkyekyɛm 11). Saa nsakrae yi ama nkyekyɛm 15 no mu ada hɔ yiye. Ɛhɔ no, asɛmfua “anigye” pue mprenu, na sɛnea yɛakyerɛ ase seesei no, ama nsɛm no nyinaa ahyia kama. Ɛno nti, nsɛm mmienu no nyinaa mu no, anigye a wɔka ho asɛm no fa nnipa koro no ara ho. Saa nkurɔfo no ne wɔn a “wɔn Nyankopɔn ne Yehowa!” Bio nso, kae sɛ, mfitiase Hebri nkyerɛwee no, na kasa mu agyiraehyɛde anaa kasa mu home, te sɛ nkatomde nni mu. Enti, sɛ nkurɔfo rekyerɛ Bible ase a, ɛsɛ sɛ wohu nea Hebri asɛm no kyerɛ ankasa, na wohu sɛ Hebri mu no, wɔde anwensɛm di dwuma pa ara. Afei nso, ɛsɛ sɛ wɔhwɛ nsɛm a ɛfa ho nyinaa ne Bible mu nsɛm foforo a ɛfa nea wɔreka no ho.

  3. Sɛnea yɛakyerɛ Hebri asɛmfua no ase wɔ nkyerɛase foforo no mu no, ɛne Bible mu nsɛm foforo a ɛhyɛ bɔ sɛ Onyankopɔn behyira ne nkurɔfo anokwafo no hyia. Esiane nsakrae a yɛayɛ wɔ sɛnea yɛakyerɛ asɛmfua asher ase mu no nti, seesei Dwom 144 no ma yɛte anidaso a na Dawid wɔ no ase yiye. Ná Dawid wɔ anidaso pa ara sɛ, sɛ Onyankopɔn gye Israel man no fi wɔn atamfo nsam a, ɔbɛma wɔn ani agye na asi wɔn yiye. (Lev. 26:9, 10; Deut. 7:13; Dw. 128:1-6) Ɛho nhwɛso ni. Deuteronomium 28:4 ka sɛ: “Nhyira bɛka wo yafunum aba ne w’asase so aba ne w’afieboa mma ne w’anantwi mma ne wo nguan mma.” Nokwasɛm ne sɛ, bere a Dawid ba Solomon yɛ ɔhene wɔ Israel no, ɔman no nyaa asomdwoe a na ebi mmae da, na esii wɔn yiye nso. Bio nso, nea ɛkɔɔ so bere a Solomon redi hene no, ɛma yehu nea ɛbɛkɔ so wɔ Mesia no ahenni mu.—1 Ahe. 4:20, 21; Dw. 72:1-20.

Nea yɛreka akosi ne sɛ, nsakrae a yɛayɛ wɔ Dwom 144 mu no, ɛnsesa Bible ntease a yɛwɔ. Mmom, anidaso a ɛda Yehowa asomfo koma so fi bere tenten no, Dwom 144 si so dua yiye. Yehowa asomfo wɔ anidaso sɛ Onyankopɔn bɛsɛe abɔnefo, na ɛno akyi wama treneefo anya asomdwoe afebɔɔ na asi wɔn yiye.—Dw. 37:10, 11.