Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 16

Mfa Wo Ho Nhyɛ Owu Ho Amanne a Ɛne Bible Nhyia Mu

Mfa Wo Ho Nhyɛ Owu Ho Amanne a Ɛne Bible Nhyia Mu

“Yehu honhom mu nsɛm a ɛyɛ nokware ne honhom mu nsɛm a ɛyɛ nnaadaa.”​—1 YOH. 4:6.

DWOM 73 Ma Yɛn Akokoduru

NEA YƐREBESUA *

Sɛ́ anka wode wo ho bɛhyɛ amanne a ɛnsɔ Onyankopɔn ani mu no, kyekye w’abusuafo a wɔn dɔfo awu no werɛ (Hwɛ nkyekyɛm 1-2) *

1-2. (a) Dɛn na Satan de adaadaa nkurɔfo? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

SATAN yɛ “atoro agya”; wadaadaa nkurɔfo fi Adam ne Hawa bere so. (Yoh. 8:44) Satan atosɛm no bi ne atoro nkyerɛkyerɛ a ɛfa owu ne owu akyi asetena ho. Satan atoro nkyerɛkyerɛ a ɛfa owu ho no, ɛno so na amanne ne gyidi hunu pii gyina. Wei ama yɛn nuanom binom ‘ako denneennen apere gyidi’ no bere a wɔn busuani anaa obi a wɔne no te mpɔtam awu.​—Yuda 3.

2 Sɛ wuhyia sɔhwɛ a ɛte saa a, esiane sɛ wunim nea Bible ka fa owu ho nti, dɛn na ɛbɛboa wo ama woagyina pintinn? (Efe. 6:11) Sɛ ebia wɔrehyɛ wo yɔnko Kristoni bi sɛ ɔmfa ne ho nhyɛ amanne a Onyankopɔn ani nnye ho mu a, wobɛyɛ dɛn ahyɛ no den na woakyekye ne werɛ? Adesua yi bɛma yɛahu akwankyerɛ a Yehowa de ama yɛn. Nanso, momma yenni kan nhwɛ nea Bible aka afa owu ho.

NOKWASƐM A ƐFA TEBEA A AWUFO WOM HO

3. Dɛn na atoro a edi kan no kɔfa bae?

3 Onyankopɔn ammɔ nnipa sɛ wonwu. Yehowa maa Adam ne Hawa ahyɛde bi a emu da hɔ. Ná ɛsɛ sɛ wodi ahyɛde no so na ama wɔatena ase daa. Ahyɛde no ni: “Papa ne bɔne ho nimdeɛ dua no de, nni bi, efisɛ da a wubedi bi no, owu na wubewu.” (Gen. 2:16, 17) Ɛno akyi no, Satan kɔɔ hɔ kɔhaw adwene. Satan nam ɔwɔ bi so ka kyerɛɛ Hawa sɛ: “Ɛnyɛ owu na mubewu.” Awerɛhosɛm ne sɛ, Hawa gyee atosɛm no dii, na odii aduaba no. Akyiri yi, ne kunu nso dii aduaba no. (Gen. 3:4, 6) Wei na ɛde bɔne ne owu baa nnipa so.​—Rom. 5:12.

4-5. Sɛn na Satan akɔ so adaadaa nnipa?

4 Sɛnea Onyankopɔn aka no, Adam ne Hawa wui. Nanso, Satan kɔɔ so kaa atosɛm faa owu ho. Akyiri yi, ɔkekaa atosɛm foforo kaa nea na wadi kan aka no ho. Atosɛm no baako ne nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ nipadua no wu, nanso biribi wɔ onipa no mu a ɛno de enwu, na mmom wɔkyerɛ sɛ ɛkɔtena ahonhom atenae. Saa atosɛm no, ɛsono sɛnea nkurɔfo pii kyerɛkyerɛ mu, na adaadaa nnipa bebree fi tete abesi nnɛ.​—1 Tim. 4:1.

5 Adɛn nti na nnipa bebree gye Satan atosɛm no di? Satan nim sɛnea nnipa te nka wɔ owu ho, na ɔfa sɛnea wɔte nka no so daadaa wɔn. Esiane sɛ Yehowa bɔɔ yɛn sɛ yɛntena ase daa nti, yɛmpɛ sɛ yewu. (Ɔsɛnk. 3:11) Yebu owu sɛ yɛn tamfo.​—1 Kor. 15:26.

6-7. (a) Nokwasɛm a ɛfa owu ho no, Satan atumi akata so anaa? Kyerɛkyerɛ mu. (b) Nokware a ɛwɔ Bible mu boa yɛn, enti awufo ho hu nkyekyere yɛn. Adɛn ntia?

6 Nea Satan ayɛ nyinaa akyi no, nokwasɛm a ɛfa owu ho no, ɛso nkatae. Nokwasɛm ne sɛ, tebea a awufo wom ne anidaso a ɛwɔ hɔ ma awufo ho nsɛm a Bible ka no, ɛnnɛ nnipa pii nim saa asɛm no sen bere biara, na wɔka ho asɛm kyerɛ nkurɔfo. (Ɔsɛnk. 9:5, 10; Aso. 24:15) Saa nokwasɛm yi kyekye yɛn werɛ, na ɛboa yɛn ma yehu tebea a awufo wom, enti ehu nkyekyere yɛn. Ɛho nhwɛso ni. Yehowa asomfo de, yensuro awufo; saa ara nso na yensuro sɛ yɛn adɔfo a wɔawuwu no refa amanehunu bi mu. Yenim sɛ wonni nkwa mu, na wɔrentumi nyɛ obiara bɔne bi. Ɛte sɛ nea wɔada hatee. (Yoh. 11:11-14) Yenim nso sɛ, awufo nnim bere tenten a wɔde ada wɔ owu mu. Enti owusɔre mu no, nkurɔfo a wɔawu mfehaha pii mpo no, ɛbɛyɛ wɔn sɛ wowui no ankyɛ koraa na wɔasɔre.

7 Wunnye ntom sɛ nokwasɛm a ɛfa tebea a awufo wom ho no, ɛtɔ asom, emu da hɔ, na ntease wom? Ɛnte sɛ Satan atosɛm a ɛkyere adwene no koraa! Saa atosɛm no daadaa nkurɔfo, na ɛsan sɛe yɛn Bɔfo no din. Yebesusuw nsɛmmisa a edi hɔ yi ho na aboa yɛn ama yɛahu ɔhaw a Satan de aba no yiye. Nsɛmmisa no ni: Sɛn na Satan atosɛm no asɛe Yehowa din? Sɛn na ama nkurɔfo anya adwene sɛ ɛho nhia sɛ wogye Kristo agyede afɔre no di? Sɛn na atosɛm no ama awerɛhow a adesamma redi ne amane a wɔrehu ayɛ kɛse?

SATAN ATOSƐM DE ƆHAW PII ABA

8. Sɛnea Yeremia 19:5 ka no, atosɛm a Satan aka afa owu ho no, sɛn na ɛsɛe Yehowa din?

8 Atosɛm a Satan aka afa owu ho no sɛe Yehowa din. Saa atosɛm no bi ne atoro nkyerɛkyerɛ a ɛka sɛ wɔyɛ awufo ayayade wɔ ogya mu no. Nkyerɛkyerɛ a ɛte saa sɛe Onyankopɔn din! Adɛn nti na yɛreka saa? Saa nkyerɛkyerɛ no, ɛma nkurɔfo nya adwene sɛ ɔdɔ Nyankopɔn no tirim yɛ den te sɛ Ɔbonsam. (1 Yoh. 4:8) Wei ma wote nka sɛn? Nea ɛho hia pa ara no, ɛma Yehowa nso te nka sɛn? Nokwasɛm ne sɛ, Yehowa kyi atirimɔdensɛm biara.​—Kenkan Yeremia 19:5.

9. Sɛn na Satan atosɛm ama nkurɔfo anya adwene sɛ ɛho nhia sɛ wogye Kristo agyede afɔre a wɔaka ho asɛm wɔ Yohane 3:16 ne 15:13 no di?

9 Atosɛm a Satan aka afa owu ho no ama nkurɔfo anya adwene sɛ ɛho nhia sɛ wogye Kristo agyede afɔre no di. (Mat. 20:28) Atosɛm foforo a Satan aka ne sɛ, nnipa wɔ ɔkra a enwu da. Sɛ saa na asɛm no te a, ɛnde na obiara bɛtena ase daa. Ɛnde, anka ɛho nhia sɛ Kristo de ne nkwa bɔ afɔre sɛ agyede ma yɛn na ama yɛanya daa nkwa. Nanso, hyɛ no nsow sɛ afɔre a Kristo bɔe no, ɛno ne ɔdɔ a ɛsen biara a Yehowa ne Yesu ada no adi akyerɛ adesamma. (Kenkan Yohane 3:16; 15:13.) Nkyerɛkyerɛ a ɛma nkurɔfo nya adwene sɛ mfaso biara nni saa akyɛde a ɛsom bo no so no, wo de, hwɛ sɛnea ɛbɛhaw Yehowa ne Yesu afa!

10. Ɔkwan bɛn so na Satan atosɛm a ɛfa owu ho no ama awerɛhow a adesamma redi ne amane a wɔrehu ayɛ kɛse?

10 Satan atosɛm ama awerɛhow a adesamma redi ne amane a wɔrehu ayɛ kɛse. Ɛba sɛ awofo bi redi wɔn ba a wawu ho awerɛhow a, ɛtɔ da a nkurɔfo tumi ka kyerɛ wɔn sɛ Onyankopɔn abɛfa no rekɔyɛ no ɔbɔfo wɔ soro. Satan atosɛm yi, wohwɛ a ɛkyekye awofo no werɛ anaa ɛma wodi awerɛhow kɛse? Atoro nkyerɛkyerɛ a ɛne Hellgya no ama nkurɔfo anya adwene sɛ mfomso biara nni ho sɛ wɔbɛyɛ afoforo ayayade. Ayayade no bi ne sɛ, sɛ nkurɔfo kasa tia asɔre no nkyerɛkyerɛ a, na wɔde wɔn fam dua ho hyew wɔn. Nhoma bi ka Spainfo Asɔre Asɛnnibea no ho asɛm sɛ, na nkurɔfo a wɔyɛ afoforo ayayade no bi adwene ne sɛ ɛbɛma nkurɔfo a wɔkasa tia asɔre no nkyerɛkyerɛ “adi kan ahu sɛnea sɛ wɔkɔda Hellgya a ennum da no mu a wɔbɛte nka.” Ná wosusuw sɛ wɔyɛ nkurɔfo no ayayade saa a, ɛbɛma wɔasakra ansa na wawu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenkɔ hellgya mu. Aman bi so no, ebinom adwene yɛ wɔn sɛ, ɛsɛ sɛ wɔsom wɔn nananom a wɔawuwu, wodi wɔn ni, anaa wɔhwehwɛ mmoa mpo fi wɔn hɔ. Afoforo nso pɛ sɛ wodwudwo wɔn nananom a wɔawuwu bo na wɔantwe wɔn aso wɔ ɔkwan bi so. Awerɛhosɛm ne sɛ, gyidi a egyina Satan atosɛm so mma nnipa nnya awerɛkyekye ankasa, mmom egyaw wɔn adwinnwen, na ɛma ehu ka wɔn.

NEA YƐBƐYƐ DE AKYERƐ SƐ YEGYE NOKWARE A ƐWƆ BIBLE MU TOM

11. Dɛn na ebia yɛn abusuafo ne yɛn nnamfo a wɔwɔ adwempa bɛyɛ de ahyɛ yɛn sɛ yemmu Onyankopɔn Asɛm so?

11 Sɛ yɛn abusuafo ne yɛn nnamfo a wɔwɔ yɛn ho adwempa mpo hyɛ yɛn sɛ yɛmfa yɛn ho nhyɛ nneyɛe bi a ɛfa awufo ho a ɛne Bible nhyia mu a, ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn ne n’Asɛm no ho anigye a yɛwɔ no bɛhyɛ yɛn den ama yɛatie Yehowa. Ebia wɔbɛyɛ biribi de ahyɛ yɛn aniwu; ebia wɔbɛka sɛ na yɛnnɔ nea wawu no anaa yemmu no. Anaasɛ ebia wɔbɛka sɛ nea yɛreyɛ no bɛma nea wawu no ayɛ wɔn a wɔte ase no bɔne bi. Dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yegye nokware a ɛwɔ Bible mu no tom? Hwɛ sɛnea wubetumi de Bible nnyinasosɛm a edi hɔ yi ayɛ adwuma.

12. Awufo ho amanne bɛn na ɛda adi pefee sɛ ɛne Bible nhyia?

12 Gyidi ne amanne a ɛne Bible nhyia no, si wo bo sɛ ‘wobɛtew wo ho’ afi ho. (2 Kor. 6:17) Caribbean man bi so no, nnipa pii gye di sɛ, sɛ obi wu a ne “saman” tumi ba fie bɛtwe nkurɔfo a wɔne no anni no yiye aso. Nhoma bi ka sɛ “saman” no tumi “haw mpɔtam hɔfo” mpo. Afrika aman bi so no, sɛ obi wu a, wɔyɛ amanne bi. Wɔkatakata nhwehwɛ a ɛwɔ nea wawu no fie anim, na wɔdannan mfoni a ɛwɔ hɔ anim kyerɛ afasu. Adɛn nti na wɔyɛ saa? Ebinom kyerɛ sɛ, ɛnsɛ sɛ awufo hu wɔn ankasa mfoni anaa wohu wɔn ho wɔ ahwehwɛ mu! Yɛyɛ Yehowa asomfo, enti yennye gyidihunu biara nni, anaa yɛmfa yɛn ho nhyɛ nneyɛe biara a ɛbɛma Satan atosɛm atrɛw mu!​—1 Kor. 10:21, 22.

Wotɔ wo bo ase yɛ nhwehwɛmu wɔ Bible mu, na wotɔ wo bo ase ne w’abusuafo a wɔnyɛ Adansefo bɔ ho nkɔmmɔ a, ɛbɛboa wo ama woakwati ɔhaw pii (Hwɛ nkyekyɛm 13-14) *

13. Sɛnea Yakobo 1:5 ka no, wonte amanne bi ase a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ?

13 Sɛ wonte amanne anaa nneyɛe bi ase a, bɔ Yehowa mpae sɛ ɔmma wo nyansa na nya gyidi sɛ ɔbɛboa wo. (Kenkan Yakobo 1:5.) Afei yɛ nhwehwɛmu wɔ yɛn nhoma ahorow mu. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, wo ne mpanyimfo a wɔwɔ asafo a wowom no mmɔ ho nkɔmmɔ. Wɔrenkyerɛ wo nea ɛsɛ sɛ woyɛ, na mmom wobetumi atwe w’adwene asi Bible nnyinasosɛm bi te sɛ nea yɛrebesusuw ho yi so. Wutu saa anammɔn yi a, na woretete ‘w’adwene,’ na ɛbɛboa wo ama woatumi ‘ahu papa ne bɔne mu nsonsonoe.’​—Heb. 5:14.

14. Dɛn na yebetumi ayɛ na yɛanto nkurɔfo hintidua?

14 “Monyɛ ne nyinaa mfa nhyɛ Onyankopɔn anuonyam. Monhwɛ na moanto . . . hintidua.” (1 Kor. 10:31, 32) Sɛ yɛresi gyinae sɛ ɛfata sɛ yɛde yɛn ho hyɛ amanne anaa amammerɛ bi mu anaasɛ ɛmfata a, biribi foforo nso wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yesusuw ho. Ɛsɛ sɛ yesusuw ho hwɛ sɛnea gyinae a yebesi no betumi aka afoforo ahonim, titiriw, yɛn nuanom Kristofo. Yɛmpɛ sɛ yɛto obi hintidua ɔkwan biara so! (Mar. 9:42) Afei nso, yɛmpɛ sɛ yebegyina asɛm biara a ɛho nhia so ayɛ biribi ama ahaw wɔn a wɔnyɛ Adansefo. Ɔdɔ bɛma yɛne wɔn akasa obu mu. Ɛno bɛhyɛ Yehowa anuonyam. Yɛne nkurɔfo renham, na saa ara nso na yɛremfa wɔn amammerɛ nni wɔn ho fɛw. Kae sɛ, ɔdɔ wɔ tumi! Sɛ yenya tema ne obu ma afoforo de kyerɛ sɛ yɛdɔ wɔn a, ebetumi mpo ama wɔn a wɔmpɛ yɛn asɛm asesa adwene a wɔwɔ wɔ yɛn ho.

15-16. (a) Adɛn nti na ɛyɛ papa sɛ wobɛma afoforo ahu nea wugye di? Ma ɛho nhwɛso. (b) Asɛm a Paulo kae wɔ Romafo 1:16 no fa yɛn ho sɛn?

15 Ma nkurɔfo a wɔwɔ baabi a wote nhu sɛ woyɛ Yehowa Dansefo. (Yes. 43:10) Sɛ wo busuani bi wu na woamfa wo ho anhyɛ amanne bi mu a, w’abusuafo ne nkurɔfo a wɔwɔ baabi a wote no bo betumi afuw pa ara. Sɛ woadi kan ama wɔahu sɛ woyɛ Yehowa Nyankopɔn somfo a, ɛbɛma ayɛ mmerɛw sɛ wɔbɛte wo ase. Francisco te Mozambique. Ɔkaa sɛ: “Bere a me ne me yere Carolina huu nokware no, yɛka kyerɛɛ yɛn abusuafo sɛ yɛrensom awufo bio. Bere a Carolina nuabea wui ɛnna yehyiaa gyinae a yesii no ho sɔhwɛ. Nea wɔyɛ wɔ hɔ ne sɛ, ɛsɛ sɛ woguare funu no amammerɛ kwan so. Wowie a, baabi a wohwiee nsu a wɔde guaree funu no gui no, ɛsɛ sɛ nea wawu no busuani a ɔbɛn no pa ara kɔda hɔ nnansa. Wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ saa amammerɛ yi de pata nea wawu no honhom. Ná Carolina abusuafo pɛ sɛ Carolina kɔda baabi a wohwiee nsu no gui no.”

16 Dɛn na Francisco ne ne yere yɛe? Francisco kaa sɛ: “Esiane sɛ yɛdɔ Yehowa na yɛpɛ sɛ yɛyɛ nea ɛsɔ n’ani nti, yɛamfa yɛn ho anhyɛ saa amanne no mu. Carolina abusuafo no bo fuwii yiye. Abusuafo no kasa tiaa yɛn sɛ yenni awufo ni, na wɔkaa sɛ wɔremma yɛn nkyɛn bio na yehia wɔn mmoa nso a, wɔremmua yɛn. Yɛne wɔn ansusuw asɛm no ho bere a na wɔn bo afuw no, efisɛ na yɛadi kan aka nea yegye di akyerɛ wɔn. Abusuafo no bi mpo kaa bi maa yɛn. Wɔkaa sɛ yɛaka nea yegye di akyerɛ wɔn dedaw. Bere bi akyi no, Carolina abusuafo no bo dwoe, na yetumi ne wɔn siesiee yɛn ntam. Nokwasɛm ne sɛ, ebinom mpo aba yɛn fie abegye Bible ho nhoma.” Mommma ɛnnyɛ yɛn aniwu da sɛ yɛbɛma nkurɔfo ahu nea Bible ka fa owu ho.​—Kenkan Romafo 1:16.

KYEKYE WƆN A WƆREDI AWERƐHOW WERƐ NA BOA WƆN

Nnamfo pa kyekye wɔn a wɔn adɔfo awu werɛ, na wɔboa wɔn (Hwɛ nkyekyɛm 17-19) *

17. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛayɛ ɔyɔnko berɛbo anaa adamfo pa ama yɛn nua Kristoni a ɔredi awerɛhow?

17 Sɛ yɛn yɔnko Kristoni bi dɔfo wu a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara sɛ yɛbɛyɛ ‘ɔyɔnko berɛbo, onua a wɔwoo no maa ahohia da.’ (Mmeb. 17:17) Yɛbɛyɛ dɛn ayɛ “ɔyɔnko berɛbo,” anaa adamfo pa ama onua anaa onuawa bi a ɔredi awerɛhow, ne titiriw, bere a nkurɔfo rehyɛ no sɛ ɔmfa ne ho nhyɛ nneyɛe bi a ɛne Bible nhyia mu? Yɛnhwɛ Bible nnyinasosɛm mmienu a ebetumi aboa yɛn ama yɛakyekye nea ne biribi awu no werɛ.

18. Dɛn na ɛmaa Yesu sui, na dɛn na yebetumi asua afi nea ɔyɛe no mu?

18 “Mo ne wɔn a wosu nsu.” (Rom. 12:15) Ebia ɛbɛyɛ den ama yɛn sɛ yebehu nea yɛbɛka akyerɛ obi a awerɛhow ahyɛ no mã. Ɛtɔ da a, nusu a yɛbɛtew bɛma wahu sɛ yedwen ne ho. Bere a Yesu adamfo Lasaro wui no, Maria, Marta, ne afoforo suu wɔn nuabarima ne wɔn adamfo a wɔdɔ no no. Nnanan akyi a Yesu beduu hɔ no, ɛwom mpo sɛ na Yesu nim sɛ ɔrebenyan Lasaro de, nanso ɔno nso “sui.” (Yoh. 11:17, 33-35) Nusu a Yesu tewee no ma yehu sɛnea na n’Agya te nka. Afei nso, ɛma yehu sɛ na Yesu dɔ abusua no; akyinnye biara nni ho sɛ, wei kyekyee Maria ne Marta werɛ. Saa ara na sɛ yɛn nuanom hu sɛ yɛdɔ wɔn na yedwen wɔn ho a, wohu sɛ ɛnkaa wɔn nko, na mmom wɔwɔ nnamfo a wodwen wɔn ho na wɔboa wɔn.

19. Sɛ yɛrekyekye yɛn nua Kristoni bi a ɔredi awerɛhow werɛ a, sɛn na yebetumi de Ɔsɛnkafo 3:7 ayɛ adwuma?

19 “Kommyɛ wɔ ne bere, na ɔkasa nso wɔ ne bere.” (Ɔsɛnk. 3:7) Ɔkwan foforo a yebetumi afa so akyekye yɛn nua Kristoni bi a ɔredi awerɛhow werɛ ne sɛ yɛbɛyɛ aso atie no. Ɛsɛ sɛ woma wo nua no ka ne komam asɛm, na sɛ ɔkasa “hatuhatu” mpo a, ɛnsɛ sɛ woma ɛhaw wo. (Hiob 6:2, 3) Ebia na n’abusuafo a wɔnyɛ Adansefo rehyɛ no nti, ama ne ho yeraw no pa ara. Enti wo ne no mmɔ mpae. Srɛ “mpaebɔ Tiefo” no sɛ ɔnhyɛ no den, na ɔmmoa no mma ontumi nsusuw nneɛma ho yiye. (Dw. 65:2) Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, wo ne no mmom nkenkan Bible. Anaasɛ kenkan asɛm bi a ɛfata fi yɛn nhoma mu kyerɛ no, te sɛ obi asetenam nsɛm a ɛhyɛ nkuran.

20. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

20 Yɛahu nokwasɛm a ɛfa owu ho ne daakye papa bi a ɛwɔ hɔ ma wɔn a wɔwɔ nkae ada mu no. Hwɛ sɛnea wei yɛ hokwan kɛse a yɛanya! (Yoh. 5:28, 29) Enti, momma yɛmfa yɛn kasa ne yɛn nneyɛe so nnye nokware a ɛwɔ Bible mu no ntom akokoduru so, na yɛnka ho asɛm nkyerɛ afoforo bere biara a hokwan no bebue. Adesua a edi hɔ no, yɛbɛhwɛ ɔkwan foforo a Satan pɛ sɛ ɔfa so kata nokware no so sɛnea ɛbɛyɛ a nkurɔfo renhu; ɛno ne ahonhonsɛm. Yebehu nea enti a ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn ho hyɛ nneyɛe ne anigyede biara a adaemone no de sum yɛn afiri no mu.

DWOM 24 Bra Yehowa Bepɔw So

^ nky. 5 Satan ne n’adaemone de tebea a awufo wom ho atosɛm adaadaa nkurɔfo. Saa atosɛm yi akɔfa amanne pii a ɛne Bible nhyia aba. Adesua yi bɛboa wo ama woakɔ so adi Yehowa nokware bere a afoforo pɛ sɛ wɔhyɛ wo ma wode wo ho hyɛ amanne a ɛte saa mu.

^ nky. 55 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Ɔbea bi busuani a ɔdɔ no awu ama ɔredi awerɛhow; n’abusuafo a wɔyɛ Adansefo rekyekye ne werɛ.

^ nky. 57 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Obusuani bi a ɔyɛ Ɔdansefo ayɛ ayi ho amanne ho nhwehwɛmu, na watɔ ne bo ase reka nea ogye di akyerɛ n’abusuafo.

^ nky. 59 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Ɔdansefo bi dɔfo awu; Kristofo asafo mu mpanyimfo rekyekye ne werɛ, na wɔreboa no.