Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 17

Ma Yehowa Mmoa Wo Na Ko Tia Ahonhommɔne

Ma Yehowa Mmoa Wo Na Ko Tia Ahonhommɔne

‘Yɛne ahonhommɔne dɔm a wɔwɔ soro hɔnom na anya.’—EFE. 6:12.

DWOM 55 Munnsuro Wɔn!

NEA YƐREBESUA *

1. Sɛnea Efesofo 6:10-13 ka no, dɛn ne ade baako a ɛka koma pa ara a Yehowa yɛ a ɛma yehu sɛ odwen yɛn ho? Kyerɛkyerɛ mu.

ADE baako a ɛka koma pa ara a Yehowa yɛ a ɛma yehu sɛ odwen n’asomfo ho ne sɛ ɔboa yɛn ma yɛko tia yɛn atamfo. Satan ne adaemone no na wɔyɛ yɛn atamfo pa ara. Yehowa bɔ yɛn kɔkɔ wɔ saa atamfo yi ho, na ɔma yɛn nea yebetumi de ako atia wɔn. (Kenkan Efesofo 6:10-13.) Sɛ yɛma Yehowa boa yɛn na yɛde yɛn ho to no so koraa a, yebetumi ako atia Ɔbonsam. Yebetumi anya ahotoso a na ɔsomafo Paulo wɔ no bi. Ɔkaa sɛ: “Sɛ Onyankopɔn wɔ yɛn afa a, hena na obetumi ne yɛn adi asi?”​—Rom. 8:31.

2. Dɛn na yebehu wɔ adesua yi mu?

2 Esiane sɛ yɛyɛ nokware Kristofo nti, yɛmma Satan ne adaemone no ho nsɛm nnye yɛn adwene. Yehowa ho ade a yebesua ne ɔsom a yɛde bɛma no no na yɛde yɛn adwene si so pa ara. (Dw. 25:5) Nanso, ehia sɛ yehu nneɛma a Satan yɛ. Adɛn ntia? Sɛnea ɛbɛyɛ a Satan rennya yɛn. (2 Kor. 2:11) Satan ne adaemone no pɛ sɛ wɔdaadaa nkurɔfo. Adesua yi mu no, yebehu ɔkwan titiriw a wɔfa so yɛ saa. Afei nso, yebehu sɛnea yebetumi ako atia wɔn.

SƐNEA AHONHOMMƆNE DAADAA NKURƆFO

3-4. (a) Dɛn ne ahonhonsɛm? (b) Gyidi a nkurɔfo wɔ wɔ ahonhonsɛm mu atrɛw akodu he?

3 Satan ne adaemone no pɛ sɛ wɔdaadaa nkurɔfo. Ahonhonsɛm yɛ ɔkwan titiriw a wɔfa so yɛ saa. Wɔn a wodi ahonhonsɛm kyerɛ sɛ wonim nneɛma a nnipa nnim anaa wotumi yɛ nneɛma bi a nnipa ntumi nyɛ. Nhwɛso bi ni. Ebinom kyerɛ sɛ wɔnam abosonkɔm anaa nsoromma mu hwɛ so tumi hu nea ebesi daakye. Afoforo nso tumi yɛ wɔn ho sɛ wɔne awufo na ɛrekasa. Ebinom di abayisɛm anaa woyi nkonyaa, na wotumi yɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛto obi aduru. *

4 Gyidi a nkurɔfo wɔ wɔ ahonhonsɛm mu no, atrɛw akodu he? Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ aman 18 bi a ɛwɔ Latin Amerika ne Caribbean no ma wohui sɛ, nnipa a wobisabisaa wɔn nsɛm no, mmiɛnsa biara mu baako gye nkonyaayi, abayisɛm, anaa asumansɛm di. Nnipa a wɔn dodow reyɛ adu saa nso gye di sɛ wobetumi ne ahonhom adi nkitaho. Wɔyɛɛ nhwehwemu foforo wɔ aman 18 so wɔ Afrika. Nkurɔfo a wobisabisaa wɔn nsɛm wɔ hɔ dodow no ara kaa sɛ wogye abayisɛm di. Nanso, baabiara a yɛte biara no, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn ho yiye wɔ ahonhonsɛm ho. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, Satan pɛ sɛ ɔdaadaa “asase sofo nyinaa.”​—Adi. 12:9.

5. Yehowa bu ahonhonsɛm sɛn?

5 Yehowa yɛ “nokware Nyankopɔn.” (Dw. 31:5) Enti sɛn na obu ahonhonsɛm? Okyi! Yehowa ka kyerɛɛ Israelfo sɛ: “Ɛnsɛ sɛ obi a ɔyɛ abusude yi bi tena mo mu: obi a ɔma ne babarima anaa ne babea fa ogya mu, nea ɔhyɛ abosonkɔm anaa oyi nkonyaa, nea ɔhwehwɛ hyɛbea ho sɛnkyerɛnne anaa odi asumansɛm, nea ɔkyekyere afoforo anaa ɔkɔ abisa, ɔkɔmfo anaa samanfrɛfo. Yehowa kyi obi a ɔyɛ eyinom.” (Deut. 18:10-12) Kristofo nhyɛ Mmara a Yehowa de maa Israelfo no ase. Nanso yenim sɛ, sɛnea Yehowa bu ahonhonsɛm no nsakrae.—Mal. 3:6.

6. (a) Sɛn na Satan de ahonhonsɛm pira nkurɔfo? (b) Sɛnea Ɔsɛnkafo 9:5 ka no, tebea bɛn pa ara na awufo wom?

6 Yehowa bɔ yɛn kɔkɔ wɔ ahonhonsɛm ho, efisɛ onim sɛ Satan fa so pira nkurɔfo. Satan fa ahonhonsɛm so trɛw atosɛm mu. Atosɛm no bi ne sɛ, awufo te ase wɔ baabi. (Kenkan Ɔsɛnkafo 9:5.) Satan san fa ahonhonsɛm so ma ehu ka nkurɔfo, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛtwe wɔn ho afi Yehowa ho. Ne botae ne sɛ ɔbɛma nkurɔfo a wodi ahonhonsɛm de wɔn ho ato ahonhommɔne so sen sɛ wɔde wɔn ho bɛto Yehowa so.

SƐNEA YƐKO TIA AHONHOMMƆNE

7. Dɛn na Yehowa ka kyerɛ yɛn?

7 Sɛnea yɛadi kan ahu no, Yehowa ka nea ɛsɛ sɛ yehu na Satan ne adaemone no annya yɛn no kyerɛ yɛn. Momma yɛnhwɛ nneɛma bi a yebetumi ayɛ na ama yɛako atia Satan ne adaemone no.

8. (a) Dɛn ne ade titiriw a yɛyɛ de ko tia ahonhommɔne? (b) Sɛn na Dwom 146:4 ma yehu atosɛm a Satan ka fa awufo ho?

8 Kenkan Onyankopɔn Asɛm na dwinnwen ho. Wei ne ade titiriw a yɛyɛ de ko tia atosɛm a ahonhommɔne trɛw mu no. Onyankopɔn Asɛm te sɛ nkrante a ano yɛ nam a etumi paapae atosɛm a Satan trɛw mu no mu anaasɛ ɛma yehu. (Efe. 6:17) Emu baako ne sɛ, Onyankopɔn Asɛm ma yehu sɛ ɛnyɛ nokware sɛ ateasefo tumi ne awufo di nkitaho. (Kenkan Dwom 146:4.) Ɛma yehu nso sɛ Yehowa nkutoo na otumi ka nea ebesi daakye ma ɛbam pɛpɛɛpɛ. (Yes. 45:21; 46:10) Sɛ yɛkenkan Onyankopɔn Asɛm dwinnwen ho daa a, ɛbɛboa yɛn ama yɛako atia na yɛakyi atosɛm a ahonhommɔne pɛ sɛ yegye di no.

9. Nneyɛe a ɛne ahonhonsɛm wɔ biribi yɛ bɛn na yɛtwe yɛn ho fi ho?

9 Biribiara a ɛne ahonhonsɛm wɔ biribi yɛ no, twe wo ho fi ho. Esiane sɛ yɛyɛ nokware Kristofo nti, yɛmfa yɛn ho nhyɛ ahonhonsɛm biara mu. Ebi ne sɛ, yɛnkɔ abisa anaa yɛmmɔ mmɔden sɛ yɛne awufo bɛkasa wɔ ɔkwan biara so. Sɛnea yɛadi kan ahu wɔ adesua a edi wei anim mu no, ayiyɛ ho amanne a ɛkyerɛ sɛ awufo da so te ase wɔ baabi no, yɛtwe yɛn ho fi ho. Afei nso, yɛmfa nsoromma mu hwɛ anaa adebisa so nhwehwɛ nea ɛbɛba daakye. (Yes. 8:19) Yenim sɛ nneyɛe a ɛte saa nyinaa yɛ hu pa ara, na ebetumi ama yɛne Satan ne adaemone adi nkitaho.

Suasua tete Kristofo no; biribiara a ɛne asumansɛm wɔ biribi yɛ a ebia wowɔ no, tow gu, na twe wo ho fi anigyede biara a ahonhonsɛm wom ho (Hwɛ nkyekyɛm 10-12)

10-11. (a) Bere a ebinom huu nokware no wɔ asomafo no bere so no, dɛn na wɔyɛe? (b) Sɛnea 1 Korintofo 10:21 ka no, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yesuasua tete Kristofo no, na yɛbɛyɛ dɛn ayɛ saa?

10 Asumansɛm ho biribiara a wowɔ no, tow gu. Ná nkurɔfo a wɔte Efeso wɔ asomafo no bere so no bi di ahonhonsɛm. Bere a wohuu nokware no, wosii gyinae a emu yɛ den pa ara. Bible ka sɛ: “Wɔn a wodi asumansɛm no mu pii de wɔn nhoma ba bɛhyew ma obiara hui.” (Aso. 19:19) Saa nkurɔfo no yɛɛ nea wobetumi biara ko tiaa ahonhommɔne. Nkonyaayi ho nhoma a na wɔwɔ no, na ne bo yɛ den pa ara. Nanso wɔamfa ankyɛ anaa wɔantɔn, na mmom wɔsɛee ne nyinaa. Ɛnyɛ nhoma no bo na na ehia wɔn, na mmom nea na ehia wɔn pa ara ne sɛ wɔbɛyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani.

11 Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Kristofo a wɔtenaa ase wɔ asomafo no bere so no? Ɛbɛyɛ papa sɛ, biribiara a yɛwɔ a ɛne asumansɛm wɔ biribi yɛ no, yɛtow gu. Ebi ne suman, sɛbɛ anaa bansere, ne biribi foforo biara a nkurɔfo hyɛ anaa wɔwɔ a wɔkyerɛ sɛ wɔde bɔ wɔn ho ban fi ahonhommɔne ho.​—Kenkan 1 Korintofo 10:21.

12. Nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho wɔ nneɛma a yɛde gyigye yɛn ani ho?

12 Nneɛma a wode gyigye w’ani no, hwehwɛ mu yiye. Bisa wo ho sɛ: ‘Nhoma ne nsɛmma nhoma, anaa nsɛm a mekenkan wɔ Intanɛt so no fa asumansɛm ho anaa? Nnwom a mitie, sini ne TV so dwumadi a mehwɛ anaa video so agorɔ a midi nso ɛ? Nneɛma a mede gyigye m’ani no, ahonhonsɛm wɔ ebi mu anaa? Abayifo a nkurɔfo kyerɛ sɛ wɔtwe afoforo mogya anaa wohunahuna afoforo, ne sum mu atumfoɔ ho nsɛm wɔ nneɛma a mede gyigye m’ani mu anaa? Nneɛma a mede gyigye m’ani no, ɛma ɛyɛ sɛ nea mfomso biara nni nkonyaayi, aduto, anaa duabɔ ho anaa?’ Nokwarem no, ɛnyɛ anigyede biara a emu nsɛm yɛ bɔsrɛmka anaa anansesɛm na ɛne ahonhonsɛm wɔ biribi yɛ. Sɛ worehwehwɛ nneɛma a wode begyigye w’ani a, si wo bo sɛ wobɛpaw nea ɛbɛboa wo ama woatwe wo ho koraa afi biribiara a Yehowa kyi ho. Yɛpɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara sɛ ‘yɛrenyɛ bɔne biara ntia’ Onyankopɔn, anaa yebenya ahonim pa wɔ yɛn Nyankopɔn anim.​—Aso. 24:16. *

13. Dɛn na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ?

13 Nka adaemone ho nsɛm. Ɛsɛ sɛ yesuasua nea Yesu yɛe wɔ wei ho. (1 Pet. 2:21) Ansa na Yesu reba asase so no, na ɔte soro, na na onim Satan ne adaemone no ho nsɛm pii. Nanso, wanka nea saa ahonhommɔne no ayɛ ho asɛm. Ná Yesu pɛ sɛ odi Yehowa ho adanse, na ɛnyɛ sɛ ɔbɛbɔ Satan ho nsɛm dawuru. Yebetumi asuasua Yesu; yɛremmɔ adaemone ho dawuru. Mmom, yɛnam yɛn kasa so da no adi sɛ ‘asɛmpa ahyɛ yɛn koma ma abu so’; ɛno ne nokware no.​—Dw. 45:1.

Ɛnsɛ sɛ yesuro ahonhommɔne. Yehowa, Yesu, ne abɔfo no wɔ tumi sen wɔn koraa (Hwɛ nkyekyɛm 14-15) *

14-15. (a) Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yesuro ahonhommɔne? (b) Adanse bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Yehowa bɔ ne nkurɔfo ho ban nnɛ?

14 Nsuro ahonhommɔne. Wiase bɔne yi mu no, asiane betumi ato yɛn. Yebetumi anya akwanhyia, yare betumi abɔ yɛn, anaa mpo, yɛawu mpofirim. Nanso, ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ ahonhom na wɔde ɔhaw ahorow yi ba. Bible ka sɛ “asiane” betumi ato obiara bere a ɔnhwɛ kwan. (Ɔsɛnk. 9:11) Yehowa ama yɛahu sɛ ɔwɔ tumi sen adaemone no koraa. Nhwɛso bi ni. Yehowa amma Satan kwan amma wankum Hiob. (Hiob 2:6) Mose bere so no, Yehowa daa no adi sɛ ɔwɔ tumi sen Egypt akɔmfo no koraa. (Ex. 8:18; 9:11) Yehowa hyɛɛ Yesu anuonyam maa no tumi ma odii Satan ne adaemone no so nkonim, na Yesu tow wɔn fii soro guu asase so. Ɛrenkyɛ wɔbɛtow wɔn agu amoa mu. Wɔde wɔn kogu hɔ a, wɔrentumi nhaw obiara.​—Adi. 12:9; 20:2, 3.

15 Yɛwɔ adanse pii a ɛkyerɛ sɛ Yehowa bɔ ne nkurɔfo ho ban nnɛ. Yɛnhwɛ wei: Yɛreka asɛmpa no, na yɛrekyerɛkyerɛ nokware no wɔ wiase baabiara. (Mat. 28:19, 20) Ɛno nti, yɛma nkurɔfo hu Ɔbonsam nnwuma bɔne no. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ Satan nyae a, anka ɔbɛma yɛagyae ɔsom adwuma biara a yɛyɛ, nanso ɔrentumi. Enti, ɛnsɛ sɛ yesuro ahonhommɔne. Yenim sɛ “Yehowa de, n’aniwa kyini asase so baabiara sɛ ɔde n’ahoɔden bedi ama wɔn a wɔn koma di mũ wɔ ne ho.” (2 Be. 16:9) Yedi Yehowa nokware a, adaemone no rentumi nyɛ biribi a ɛbɛhaw yɛn afebɔɔ.

NHYIRA A WƆN A WƆMA YEHOWA BOA WƆN BENYA

16-17. Egye akokoduru na ama yɛatumi ako atia ahonhommɔne. Ma ɛho nhwɛso.

16 Egye akokoduru na ama yɛatumi ako atia ahonhommɔne, titiriw bere a yɛn nnamfo anaa yɛn abusuafo a wɔwɔ yɛn ho adwempa sɔre tia yɛn. Nanso, wɔn a wɔda akokoduru a ɛte saa adi no, Yehowa hyira wɔn. Erica yɛ onuawa a ɔte Ghana; yɛnhwɛ nea ɔyɛe. Bere a Erica ma wɔne no suaa Bible no, na wadi mfe 21. Ná Erica papa yɛ ɔkɔmfo, enti na Erica abusuafo pɛ sɛ ɔde ne ho hyɛ ahonhonsɛm mu. Ná wɔpɛ sɛ Erica we mmoa a wɔakum de ayɛ amanne ama ne papa abosom no nam. Erica anwe, enti n’abusuafo no faa no sɛ wabu ne papa abosom no animtiaa. Ɛbaa saa no, abusuafo no adwene yɛɛ wɔn sɛ abosom no bɛtwe wɔn aso ama wɔabobɔ adam anaa wɔayare.

17 Erica abusuafo yɛe sɛ wɔbɛhyɛ no ama wayɛ amanne no, nanso wanyɛ. Wei ma wotuu Erica fii wɔn fie. Adansefo bi gyee no ne no tenae. Enti, yebetumi aka sɛ Yehowa hyiraa Erica ma onyaa abusua foforo; ne nuanom Kristofo faa no sɛ wɔn nuabea. (Mar. 10:29, 30) Ɛwom sɛ Erica abusuafo poo no, na mpo wɔhyew ne nneɛma de, nanso odii Yehowa nokware, ɔbɔɔ asu, na seesei ɔyɛ daa kwampaefo. Erica nsuro adaemone no. Ɔka n’abusuafo ho asɛm sɛ: “Da biara mebɔ mpae sɛ m’abusuafo no behu Yehowa na wɔasom yɛn Nyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ no na ama wɔade wɔn ho.”

18. Yɛde yɛn ho to Yehowa so a, nhyira bɛn na yenya?

18 Ɛnyɛ yɛn nyinaa na wɔbɛsɔ yɛn gyidi ahwɛ wɔ saa kwan yi so. Nanso, ehia sɛ yɛn nyinaa ko tia ahonhommɔne na yɛde yɛn ho to Yehowa so. Yɛyɛ saa a, yebenya nhyira pii na Satan rentumi mfa n’atosɛm nnaadaa yɛn. Afei nso, adaemone ho hu renhyɛ yɛn so. Nea ɛsen ne nyinaa no, yɛbɛhyɛ yɛne Yehowa adamfofa mu den. Osuani Yakobo kaa sɛ: “Mommrɛ mo ho ase nhyɛ Onyankopɔn ase; munsiw Ɔbonsam kwan na obeguan afi mo ho. Mommɛn Onyankopɔn na ɔbɛbɛn mo.”​—Yak. 4:7, 8.

DWOM 150 Hwehwɛ Nyankopɔn na Nya Nkwa

^ nky. 5 Yehowa dɔ yɛn, enti wabɔ yɛn kɔkɔ wɔ ahonhommɔne ne ɔhaw a wobetumi de aba yɛn so ho. Ahonhommɔne pɛ sɛ wɔdaadaa nkurɔfo. Ɔkwan bɛn na wɔfa so yɛ saa? Dɛn na yebetumi ayɛ de ako atia ahonhommɔne? Adesua yi bɛma yɛahu sɛnea Yehowa boa yɛn na ahonhommɔne annaadaa yɛn.

^ nky. 3 NSƐM BI MU NKYERƐKYERƐMU: Ahonhonsɛm yɛ gyidi ne nneyɛe a adaemone hyɛ akyi. Ebi ne gyidi a nkurɔfo wɔ sɛ, sɛ onipa wu a, ne nipadua na ewu na ne honhom kɔ so tena ase, na ne honhom tumi ne ateasefo di nkitaho, ne titiriw no, ɔnam obi (ɔdebisafo bi) so na ɔyɛ saa. Abayisɛm ne abosonkɔm nso yɛ ahonhonsɛm. Adesua yi mu no, yebehu sɛ nkonyaayi ne asumansɛm na ɛnam. Duabɔ, aduto, anaa amanne a wɔyɛ de dan duabɔ ne aduto nso yɛ nkonyaa. Nanso, sɛ obi fa nyansakwan so dannan ne nsa ntɛmntɛm de yɛ biribi de gyigye nkurɔfo ani a, ɛno nyɛ nkonyaayi.

^ nky. 12 Asafo mu mpanyimfo nni ho kwan sɛ wɔhyehyɛ mmara fa anigyede ho. Mmom, sɛ Kristoni biara repɛ nea ɔbɛkenkan, nea ɔbɛhwɛ, anaa agorɔ a obedi a, ɛsɛ sɛ ɔde n’ahonim a ɔde Bible atete no no yɛ adwuma. Mmusua ti a wɔn ani da hɔ ma Bible nnyinasosɛm kyerɛ wɔn kwan bere a wɔrepaw nneɛma a wɔn abusua de begyigye wɔn ani no.—Kɔ jw.org® na hwɛ asɛm a wɔato din “Sini ne Nhoma ne Nnwom Bi Wɔ Hɔ a Mobara Anaa?” wɔ YƐN HO NSƐM > NSƐM A NKURƆFO TAA BISA.

^ nky. 54 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Yesu ne abɔfodɔm bi mfoni; Yesu di abɔfodɔm no anim sɛ ɔsoro Hene a ɔwɔ tumi. Yehowa ahengua wɔ wɔn atifi.