Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 15

Suasua Yesu Na Nya Asomdwoe

Suasua Yesu Na Nya Asomdwoe

‘Onyankopɔn asomdwoe a ɛboro adwene nyinaa so no bɛbɔ mo koma ho ban.’​—FILIP. 4:7.

DWOM 113 Yɛwɔ Asomdwoe

NEA YƐREBESUA *

1-2. Adɛn nti na na Yesu ho yeraw no?

ƐDA a etwa to a Yesu de tenaa asase so sɛ onipa no, ne ho yeraw no. Ná ɛrenkyɛ na wɔde no ahyɛ mmaratofo nsa ama wɔakum no yayaayaw. Nanso, na ɛnyɛ owu a Yesu rebewu no nko ara na na ɛhaw no. Mmom, na Yesu dɔ n’Agya pa ara, na na ɔpɛ sɛ ɔyɛ nea ɛsɔ n’ani. Ná Yesu nim sɛ, sɛ odi nokware wɔ sɔhwɛ a emu yɛ den a ɔrebehyia no mu a, ɔbɛboa nso ama nkurɔfo ahu sɛ atosɛm a wɔaka afa Yehowa ho no nyinaa nyɛ nokware, na ɛfata sɛ yedi Yehowa ni. Afei nso, na Yesu dɔ nnipa, na na onim sɛ, sɛ odi nokware ma Yehowa kosi owu mu a, ɛno ansa na yebenya anidaso sɛ yɛbɛtena ase daa.

2 Ɛwom sɛ na Yesu ho yeraw no pa ara, nanso na ɔwɔ asomdwoe. Ná waka akyerɛ n’asomafo no dedaw sɛ “mede m’asomdwoe ma mo.” (Yoh. 14:27) Ná Yesu wɔ “Onyankopɔn asomdwoe”; ɛyɛ akomatɔyam a abusuabɔ pa a obi ne Onyankopɔn wɔ ma onya. Saa asomdwoe no maa Yesu koma tɔɔ ne yam.​—Filip. 4:6, 7.

3. Dɛn na yebehu wɔ adesua yi mu?

3 Ahokyere a Yesu faa mu no, yɛn mu biara nni hɔ a ɔbɛfa biribi a ɛte saa mu da, nanso obiara a odi Yesu akyi behyia sɔhwɛ. (Mat. 16:24, 25; Yoh. 15:20) Afei nso, sɛnea Yesu ho yeraw no no, yɛn nso ɛtɔ da a, yɛn ho bɛyeraw yɛn. Dɛn na yɛbɛyɛ na adwinnwen anhyɛ yɛn so, na ansɛe yɛn asomdwoe? Momma yɛnhwɛ nneɛma mmiɛnsa a Yesu yɛe bere a na ɔreyɛ ne som adwuma wɔ asase so, na yɛnhwɛ sɛnea yebetumi asuasua no bere a yɛrehyia sɔhwɛ.

YESU KƆƆ SO BƆƆ MPAE

Yɛbɔ mpae a, yebetumi anya asomdwoe (Hwɛ nkyekyɛm 4-7)

4. Bere a 1 Tesalonikafo 5:17 wɔ yɛn tirim no, dɛn na ɛkyerɛ sɛ ɛda a etwa to a Yesu tenaa asase so no, ɔbɔɔ mpae mpɛn pii?

4 Kenkan 1 Tesalonikafo 5:17. Ɛda a etwa to a Yesu de tenaa asase so no, ɔbɔɔ mpae mpɛn pii. Bere a ɔkyerɛɛ n’asuafo no sɛnea wɔbɛhyɛ ne wu ho fã no, ɔbɔɔ paanoo ne bobesa no so mpae. (1 Kor. 11:23-25) Ansa na Yesu ne n’asuafo no refi baabi a wodii Twam no, ɔne wɔn bɔɔ mpae. (Yoh. 17:1-26) Saa anadwo no, bere a Yesu ne n’asuafo no koduu Ngo Bepɔw no so no, ɔbɔɔ mpae mpɛn pii. (Mat. 26:36-39, 42, 44) Asɛm a etwa to a Yesu kae ansa na ɔrewu no, na ɛyɛ mpaebɔ. (Luka 23:46) Saa da no, ɔbɔɔ Yehowa mpae ansa na ɔresi gyinae titiriw biara.

5. Adɛn nti na ehu kaa asomafo no?

5 Ade baako nti a Yesu tumi gyinaa sɔhwɛ a ohyiae ano ne sɛ, ɔbɔɔ n’Agya mpae mpɛn pii, na ɔsrɛɛ no sɛ ɔmmoa no. Nanso, asomafo no de, wɔankɔ so ammɔ mpae saa anadwo no. Ɛno nti, bere a wohyiaa sɔhwɛ no, ehu kaa wɔn. (Mat. 26:40, 41, 43, 45, 56) Sɛ yehyia sɔhwɛ na yebetumi adi nokware a, gye sɛ yesuasua Yesu na ‘yɛkɔ so bɔ mpae.’ Dɛn na yebetumi abɔ ho mpae?

6. Sɛn na gyidi betumi aboa yɛn ama yɛanya asomdwoe?

6 Yebetumi abɔ Yehowa mpae sɛ ‘ɔmma yɛn gyidi nyɛ kɛse.’ (Luka 17:5; Yoh. 14:1) Yehia gyidi efisɛ wɔn a wodi Yesu akyi nyinaa, Satan bɛsɔ wɔn ahwɛ. (Luka 22:31) Sɛ yehyia sɔhwɛ toatoa so mpo a, sɛn na gyidi betumi aboa yɛn ama yɛanya asomdwoe? Sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara de gyina ɔhaw bi ano a, gyidi a yɛwɔ sɛ Yehowa bɛboa yɛn no bɛma yɛde asɛm no ahyɛ Yehowa nsa. Esiane sɛ yɛwɔ ahotoso sɛ Yehowa betumi adi ɔhaw no ho dwuma yiye asen yɛn nti, yɛwɔ asomdwoe ne akomatɔyam.​—1 Pet. 5:6, 7.

7. Dɛn na wusua fii Robert asɛm no mu?

7 Ɔhaw biara a yebehyia no, sɛ yɛbɔ mpae a, ɛboa yɛn ma yenya asomdwoe. Yɛnhwɛ Robert. Ɔyɛ asafo mu panyin nokwafo a seesei wadi mfe 80 ne akyi. Ɔka sɛ: “Afotusɛm a ɛwɔ Filipifo 4:6, 7 no aboa me ama magyina sɔhwɛ pii a mahyia ano. Mafa sikasɛm mu ahokyere mu. Ɔsom hokwan a na mewɔ sɛ asafo mu panyin nso fii me nsa bere bi.” Dɛn na aboa Robert ama wanya asomdwoe? Ɔka sɛ: “Bere biara a mehu sɛ nneɛma rehyɛ me so no, ntɛm ara na mabɔ mpae. Mahu sɛ, sɛ mekɔ so bɔ mpae mpɛn pii na mema me mpaebɔ mu yɛ den a, ɛma minya asomdwoe pa ara.”

YESU DE NSI NE AHOKEKA KAA ASƐMPA NO

Yɛka asɛmpa no a, yebetumi anya asomdwoe (Hwɛ nkyekyɛm 8-10)

8. Sɛnea Yohane 8:29 ka no, ade foforo bɛn na ɛmaa Yesu nyaa asomdwoe?

8 Kenkan Yohane 8:29. Bere mpo a na nkurɔfo retaa Yesu no, na ɔwɔ asomdwoe, efisɛ na onim sɛ nea ɔreyɛ no ma n’Agya ani gye. Bere a na ɛyɛ den ma no sɛ ɔbɛyɛ osetie no, ɔkɔɔ so yɛɛ saa. Ná ɔdɔ n’Agya, na n’asetena nyinaa mu no, ɔmaa Yehowa som ho hiaa no sen biribi foforo biara. Ansa na Yesu reba asase so no, na ɔyɛ Onyankopɔn ‘dwumayɛni a ne ho akokwaw.’ (Mmeb. 8:30) Bere a Yesu wɔ asase so no, ɔde nsi ne ahokeka kaa n’Agya ho asɛm kyerɛɛ nkurɔfo. (Mat. 6:9; Yoh. 5:17) Saa adwuma no maa Yesu ani gyei pa ara.​—Yoh. 4:34-36.

9. Yɛyere yɛn ho yɛ asɛnka adwuma no a, adɛn nti na ɛma yenya asomdwoe?

9 Sɛ yetie Yehowa na ‘yɛyɛ pii wɔ Awurade adwuma no mu daa’ a, yebetumi asuasua Yesu. (1 Kor. 15:58) Yɛde yɛn “bere nyinaa” yɛ asɛnka adwuma no a, yebetumi anya ɔhaw ahorow a yɛrefa mu ho adwempa. (Aso. 18:5) Nhwɛso bi ni. Ɔhaw a nkurɔfo a yehyia wɔn wɔ asɛnka mu refa mu no, mpɛn pii no, emu yɛ den sen yɛn de. Nanso, sɛ wonya Yehowa ho dɔ na wɔde n’afotu bɔ wɔn bra a, ɛma wɔn asetena yɛ yiye na wɔn ani gye pa ara. Bere biara a yebehu saa no, yenya ahotoso pa ara sɛ Yehowa bɛhwɛ yɛn. Saa ahotoso no boa yɛn ma yɛkɔ so nya asomdwoe. Onuawa bi hui sɛ saa asɛm yi yɛ nokware. Wadi awerɛhow fi ne mmofraase, na ɔte nka sɛ ɔnsɛ hwee. Ɔka sɛ: “Meyere me ho yɛ asɛnka adwuma no a, mitumi hyɛ me ho so, na m’ani gye pa ara. Ɛyɛ me sɛ, nea enti a ɛte saa ne sɛ, sɛ mewɔ asɛnka mu a mete nka sɛ mebɛn Yehowa pa ara.”

10. Dɛn na wusua fii Brenda asɛm no mu?

10 Yɛnhwɛ onuawa bi nso a ne din de Brenda. Yare bi a emu yɛ den abɔ ɔne ne babea nyinaa. Ɛno nti, Brenda te mmubuafo akongua mu, na onni ahoɔden papa. Ɛtɔ da a ɔyɛ afie afie asɛnka adwuma, nanso ɔkwan titiriw a ɔfa so di adanse ne sɛ, ɔkyerɛw nkrataa kɔma nkurɔfo. Ɔka sɛ: “Bere a migye toom wɔ me komam sɛ merentumi nsan nsi me dedaw mu wɔ saa wiase yi mu no, mitumi de m’adwene nyinaa sii asɛnka adwuma no so. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ meredi adanse a, ɛma mitumi yi m’adwene fi me dadwen so. Ɛma mede m’adwene si sɛnea metumi aboa nkurɔfo a wɔwɔ m’asafo no asasesin mu a midi wɔn adanse no so. Asɛnka adwuma no ma mekae daakye ho anidaso a mewɔ no bere nyinaa.”

YESU MAA KWAN MAA NE NNAMFO BOAA NO

Yɛne nnamfo pa bɔ a, yebetumi anya asomdwoe (Hwɛ nkyekyɛm 11-15)

11-13. (a) Dɛn na asomafo no ne afoforo yɛe de kyerɛe sɛ wɔn adamfo pa ara ne Yesu? (b) Yesu nnamfo no ma ɔtee nka sɛn?

11 Bere a Yesu reyɛ asɛnka adwuma no, asomafo anokwafo no kyerɛe sɛ wɔn adamfo pa ara ne no. Sɛnea wɔbɔɔ wɔn bra no ma yehu sɛ ɛbɛ a edi hɔ yi yɛ nokware: ‘Adamfo bi wɔ hɔ a ɔfam ho sen onua.’ (Mmeb. 18:24) Ná nnamfo a wɔte saa no som bo ma Yesu. Bere a ɔreyɛ ne som adwuma no, ne nuanom no mu biara annye no anni. (Yoh. 7:3-5) Eduu bere bi no, Yesu abusuafo adwene yɛɛ wɔn sɛ gyama n’adwene asɛe. (Mar. 3:21) Nanso, Yesu asomafo a wodi nokware no de, anadwo a ade rebɛkye ama wawu no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo na moda so bata me ho wɔ me sɔhwɛ mu.”​—Luka 22:28.

12 Ɛtɔ da a, na asomafo no di Yesu huammɔ. Nanso Yesu amfa n’adwene ansi wɔn mfomso so, na mmom ohui sɛ wɔwɔ ne mu gyidi. (Mat. 26:40; Mar. 10:13, 14; Yoh. 6:66-69) Anadwo a ade rebɛkye ama wɔakum Yesu no, na saa mmarima anokwafo yi wɔ ne nkyɛn. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mafrɛ mo nnamfo, efisɛ nea mate afi m’Agya hɔ nyinaa mama moahu.” (Yoh. 15:15) Akyinnye biara nni ho sɛ, Yesu nnamfo no hyɛɛ no nkuran pa ara. Mmoa a wɔde maa Yesu wɔ ne som adwuma mu no maa anigye hyɛɛ ne koma mã.​—Luka 10:17, 21.

13 Asomafo no akyi no, na Yesu wɔ nnamfo foforo. Saa mmarima ne mmea no boaa no wɔ asɛnka adwuma no mu ne akwan foforo pii so. Ebinom gyee no kɔɔ wɔn fie ma okodidii. (Luka 10:38-42; Yoh. 12:1, 2) Afoforo ne no tutuu akwan, na wɔde wɔn ahode boaa no. (Luka 8:3) Esiane sɛ na Yesu yɛ adamfo pa nti, onyaa nnamfo pa. Ɔyɛɛ nneɛma pa maa wɔn, na wanhwɛ kwan sɛ wɔbɛyɛ nea wontumi nyɛ. Ná Yesu yɛ pɛ, nanso mmoa a ne nnamfo a wɔtɔ sin de maa no no, n’ani sɔe. Yebetumi aka pa ara sɛ, wɔboaa no ma onyaa asomdwoe.

14-15. Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya nnamfo pa, na dɛn na wobetumi ayɛ de aboa yɛn?

14 Nnamfo pa bɛboa yɛn ama yɛakɔ so adi Yehowa nokware. Ɔkwampa a yebetumi afa so anya nnamfo pa ne sɛ yɛn ankasa nso bɛyɛ nnamfo pa. (Mat. 7:12) Ebi ne sɛ, Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmfa yɛn bere ne yɛn ahoɔden mmoa afoforo, ne titiriw, wɔn a “ahia” wɔn. (Efe. 4:28) Wunim obi wɔ w’asafo mu a wubetumi aboa no? Sɛ onyin anaa yare nti ɔdawurubɔfo bi aka dan mu a, wubetumi akodi gua ama no anaa? Wubetumi ayɛ aduan ama abusua bi a sika ho ayɛ den ama wɔn? Sɛ wunim jw.org® wɛbsaet ne JW Library® app mu a, wubetumi aboa afoforo a wɔwɔ w’asafo mu ama wɔn nso ahu mu anaa? Sɛ yɛreboa afoforo pa ara a, ɛbɛma yɛn ani agye.​—Aso. 20:35.

15 Sɛ yehyia sɔhwɛ a, yɛn nnamfo begyina yɛn akyi, na wɔaboa yɛn ama yɛanya asomdwoe. Sɛnea Elihu tiee Hiob bere a na ɔreka sɔhwɛ a ɔrefa mu ho asɛm no, yɛn nso sɛ yɛreka yɛn haw ho asɛm akyerɛ yɛn nnamfo a, wɔtɔ wɔn bo ase tie yɛn. (Hiob 32:4) Ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ yɛn nnamfo besisi gyinae ama yɛn, nanso nyansa wom sɛ yebetie Bible mu afotu a wɔde ma yɛn. (Mmeb. 15:22) Afei sɛnea Ɔhene Dawid brɛɛ ne ho ase gyee mmoa a ne nnamfo de maa no toom no, yɛn nso sɛ yehia mmoa a, ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn ho so na yɛka sɛ yenhia yɛn nnamfo mmoa. (2 Sam. 17:27-29) Nokwasɛm ne sɛ, nnamfo pa a wɔte saa yɛ akyɛde a efi Yehowa hɔ.​—Yak. 1:17.

SƐNEA YEBENYA ASOMDWOE

16. Sɛnea Filipifo 4:6, 7 kyerɛ no, dɛn pa ara na ɛbɛma yɛanya asomdwoe? Kyerɛkyerɛ mu.

16 Kenkan Filipifo 4:6, 7. Adɛn nti na Yehowa ka kyerɛ yɛn sɛ, sɛ yebetumi anya asomdwoe a ɔde ma no bi a, gye sɛ yɛfa “Kristo Yesu” so? Efisɛ sɛ yegye di sɛ Yesu na Yehowa nam no so ma n’atirimpɔw bam a, ɛnna yebetumi anya asomdwoe ankasa. Ebi ne sɛ, Yesu agyede afɔre no nti, wobetumi de yɛn bɔne nyinaa akyɛ yɛn. (1 Yoh. 2:12) Saa asɛm yi ma yɛn koma tɔ yɛn yam pa ara! Yesu na ɔyɛ Onyankopɔn Ahenni no so Hene, na amanehunu biara a Satan ne ne wiase no de aba yɛn so no, obeyi afi hɔ. (Yes. 65:17; 1 Yoh. 3:8; Adi. 21:3, 4) Wei ma yenya anidaso a edi mũ! Ɛwom sɛ adwuma a Yesu de ama yɛn no yɛ den de, nanso ɔka yɛn ho, na ɔreboa yɛn wɔ wiase yi nna a edi akyiri yi mu. (Mat. 28:19, 20) Wei ma yenya akokoduru pa ara! Nneɛma a ehia pa ara sɛ yenya na ama yɛanya asomdwoe no, ebi ne akomatɔyam, anidaso, ne akokoduru.

17. (a) Dɛn na Kristoni bɛyɛ na n’asomdwoe ansɛe? (b) Sɛnea Yohane 16:33 ahyɛ bɔ no, dɛn na yebetumi ayɛ?

17 Ɛnde, sɛ wuhyia sɔhwɛ a emu yɛ den a, dɛn na wobɛyɛ na w’asomdwoe ansɛe? Sɛ wusuasua nea Yesu yɛe a, w’asomdwoe rensɛe. Nea edi kan, bɔ mpae, na nea ebesi biara, kɔ so bɔ mpae. Nea ɛto so mmienu, sɛ ɛyɛ den ma wo sɛ wubetie Yehowa mpo a, tie no, na fa nsi ne ahokeka ka asɛmpa no. Nea ɛto so mmiɛnsa, sɛ worefa ɔhaw mu a, ma wo nnamfo mmoa wo. Sɛ woyɛ saa a, Onyankopɔn asomdwoe bɛbɔ w’adwene ne wo koma ho ban. Na sɛnea Yesu yɛe no, wo nso wubetumi adi sɔhwɛ biara so nkonim.​—Kenkan Yohane 16:33.

DWOM 41 Tie Me Mpaebɔ

^ nky. 5 Yɛn nyinaa hyia ɔhaw a ebetumi asɛe yɛn asomdwoe. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nneɛma mmiɛnsa a Yesu yɛe. Yɛn nso yɛyɛ saa nneɛma no a, ɛbɛboa yɛn ama yɛanya asomdwoe bere mpo a yɛrefa sɔhwɛ a emu yɛ den mu na yɛrehu amane no.