Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 14

Woreyɛ Wo Som Adwuma No Pɛpɛɛpɛ?

Woreyɛ Wo Som Adwuma No Pɛpɛɛpɛ?

“Yɛ ɔsɛmpakafo adwuma, yɛ wo som adwuma no pɛpɛɛpɛ.”​—2 TIM. 4:5.

DWOM 57 Yɛka Asɛmpa no Kyerɛ Nnipa Nyinaa

NEA YƐREBESUA *

Yesu wusɔre akyi no, ɔne n’asuafo no hyiae, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ ‘monkɔ nkɔyɛ asuafo’ (Hwɛ nkyekyɛm 1)

1. Dɛn na Onyankopɔn asomfo nyinaa pɛ sɛ wɔyɛ, na adɛn ntia? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi anim no.)

KRISTO YESU maa n’akyidifo ahyɛde sɛ, “Monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo.” (Mat. 28:19) Ɔsom adwuma a wɔde ahyɛ Onyankopɔn asomfo anokwafo nsa no, wɔn nyinaa pɛ sɛ wosua sɛnea ‘wɔbɛyɛ no pɛpɛɛpɛ.’ (2 Tim. 4:5) Nea enti a yɛreka saa ne sɛ, adwuma wei ne adwuma a ɛho hia na mfaso wɔ so pa ara, na ɛyɛ adwuma a ehia sɛ yɛyɛ no ntɛm pa ara sen adwuma foforo biara. Nanso, sɛnea anka yɛpɛ sɛ yɛde bere pii yɛ ɔsom adwuma no, ebia nneɛma bi nti yɛrentumi nnya no saa.

2. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ yɛn som adwuma pɛpɛɛpɛ a, nsɛnnennen bɛn na yehyia?

2 Nneɛma foforo a ɛho hia nso wɔ hɔ a egye yɛn bere ne yɛn ahoɔden. Ebia da biara da ɛsɛ sɛ yɛyɛ adwuma nnɔnhwerew pii na ama yɛatumi ahwɛ yɛn ho ne yɛn abusua. Ebi nso a abusua mu asɛyɛde foforo gu yɛn so, yare reteetee yɛn, yɛanya adwenemhaw, anaa onyin ama yɛn ho tutu yɛn. Yɛbɛyɛ dɛn ayɛ yɛn som adwuma no pɛpɛɛpɛ bere a yɛrehyia nsɛnnennen a ɛte saa?

3. Yɛhwɛ asɛm a Yesu kaa wɔ Mateo 13:23 no a, dɛn na yebetumi asua afi mu?

3 Nneɛma bi nti, sɛ yentumi nnya bere pii nyɛ Yehowa som adwuma a, ɛnsɛ sɛ yɛn abam bu. Ahenni aba no, na Yesu nim sɛ obiara ne nea n’ahoɔden betumi ama wasow. (Kenkan Mateo 13:23.) Biribiara a yɛyɛ wɔ Yehowa som mu no, sɛ ɛyɛ nea yebetumi nyinaa na yɛyɛ a, Yehowa ani sɔ pa ara. (Heb. 6:10-12) Ɛtɔ da nso a, sɛ yɛhwɛ yɛn asetenam a, ebia yebehu sɛ yebetumi ayɛ pii asen nea yɛreyɛ. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ sɛnea yebetumi de ɔsom adwuma no adi kan wɔ yɛn asetenam, nea yɛbɛyɛ na yɛamfa nneɛma pii ankyekyere yɛn ho, ne sɛnea yɛbɛma yɛn asɛnka ne yɛn nkyerɛkyerɛ atu mpɔn. Nanso, momma yenni kan nsusuw asɛm a edi hɔ yi ho. Sɛ Bible ka sɛ yɛnyɛ yɛn som adwuma no pɛpɛɛpɛ a, ɛkyerɛ sɛn?

4. Sɛ Bible ka sɛ yɛnyɛ yɛn som adwuma no pɛpɛɛpɛ a, ɛkyerɛ sɛn?

4 Yebetwa no tiaa a, sɛ Bible ka sɛ yɛnyɛ yɛn som adwuma no pɛpɛɛpɛ a, nea ɛkyerɛ ne sɛ, yɛnyere yɛn ho nyɛ asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no sɛnea yɛn ahoɔden betumi. Nanso, ɛnyɛ bere dodow a yɛde ka asɛmpa no nko ara na ehia. Adwene a yɛde ka asɛmpa no ho hia Yehowa. Esiane sɛ yɛdɔ Yehowa ne yɛn yɔnko nnipa nti, yefi yɛn kra nyinaa mu yɛ Kristofo som adwuma no. * (Mar. 12:30, 31; Kol. 3:23) Yefi yɛn kra nyinaa mu som Onyankopɔn a, nea ɛkyerɛ ne sɛ, yeyi yɛn yam de yɛn ahoɔden yɛ nea yebetumi nyinaa wɔ ne som adwuma no mu. Sɛ yehu sɛ asɛnka adwuma a yɛreyɛ no yɛ hokwan kɛse a yɛanya a, ɛbɛma yɛayɛ nea yebetumi biara aka asɛmpa no akyerɛ nnipa pii.

5-6. Ma nhwɛso fa kyerɛ sɛnea obi a onni bere pii betumi de asɛnka adwuma no adi kan wɔ n’asetena mu.

5 Yɛmfa no sɛ aberante bi ani gye sankubɔ ho. Bere biara a obenya kwan no, ɔbɔ. Ewiee ase no, na ɔkɔbɔ sanku no wɔ adidibea bi a ɛwɔ ne mpɔtam Memeneda ne Kwasida ma wotua no ka. Nanso, na sika a onya no nso no. Enti, ɔkɔyɛɛ adwuma wɔ sotɔɔ bi a wɔtɔn nnuan mu; na ɔyɛ adwuma fi Dwoda kosi Fida. Ɔno na na nkurɔfo tɔ nneɛma a, wotua ho ka ma no. Ɛwom sɛ na ɔde ne bere fã kɛse no ara yɛ adwuma wɔ sotɔɔ hɔ de, nanso sankubɔ no na na ɛda ne koma so. Ná ɔpɛ sɛ ohu sanku no bɔ yiye na ɔde yɛ n’adwuma. Enti, bere tiaa biara a obenya no, na ɔde bɔ ne sanku no.

6 Wo nso, ebia biribi nti, wunnya bere pii mfa nyɛ asɛnka adwuma no sɛnea wopɛ. Nanso, ɛno ne adwuma a ɛda wo koma so. Ɛno nti, woyere wo ho sɛ wobɛka asɛmpa no ama aka nkurɔfo koma. Esiane sɛ nneɛma pii gu wo so nti, ebia woredwinnwen ho sɛ, wobɛyɛ dɛn atumi de asɛnka adwuma no adi kan wɔ w’asetena mu?

WOBƐYƐ DƐN DE ASƐNKA ADWUMA NO ADI KAN WƆ W’ASETENA MU?

7-8. Yɛbɛyɛ dɛn atumi asuasua sɛnea Yesu yɛɛ ɔsom adwuma no?

7 Sɛnea Yesu yɛɛ ɔsom adwuma no, ɛyɛ nhwɛso kɛse ma yɛn. Ade a na ɛho hia Yesu pa ara ne sɛ ɔbɛka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no. (Yoh. 4:34, 35) Ɔnantew twaa akwansin pii kɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ nnipa bebree. Ɔde hokwan biara a onyae kaa asɛmpa no kyerɛɛ nkurɔfo wɔ baguam ne afie afie. Yesu de asɛnka adwuma no dii kan wɔ n’asetenam biribiara mu.

8 Yebetumi asuasua Kristo na yɛahwehwɛ hokwan biara de aka asɛmpa no bere biara ne baabiara a ɛbɛyɛ yiye. Nneɛma bi a ɛma yɛn ho dwo yɛn mpo, yɛayɛ krado sɛ yɛde begu nkyɛn na ama yɛatumi ayɛ asɛnka adwuma no. (Mar. 6:31-34; 1 Pet. 2:21) Asafo no mufo binom tumi yɛ akwampaefo titiriw, daa akwampaefo, anaa akwampaefo boafo. Ebinom nso asua kasa foforo anaa wɔatu kɔ baabi a wohia asɛmpakafo pii. Nanso, asɛnka adwuma a yɛyɛ no, ɔfã kɛse no ara, Ahenni adawurubɔfo a wontumi nyɛ nea yɛaka yi na wɔyɛ. Sɛ yetumi yɛ asɛnka adwuma no pii oo, yentumi nyɛ pii oo, Yehowa nhwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ nea yentumi nyɛ. Yehowa pɛ sɛ yɛn nyinaa ani gye ne som adwuma no mu bere a yɛreka “anigye Nyankopɔn no anuonyam asɛmpa” no.—1 Tim. 1:11; Deut. 30:11.

9. (a) Bere mpo a ɛho behiae sɛ Paulo yɛ adwuma hwɛ ne ho no, dɛn na ɔyɛe a ɛkyerɛ sɛ ɔde asɛnka adwuma no dii kan wɔ n’asetena mu? (b) Dɛn na Asomafo Nnwuma 28:16, 30, 31 ma yehu fa sɛnea na Paulo yɛ ne som adwuma ho?

9 Sɛnea ɔsomafo Paulo de ɔsom adwuma no dii kan wɔ n’asetenam no, ɛyɛ nhwɛso pa ma yɛn. Bere a ɔwɔ Korinto wɔ n’asɛmpatrɛw akwantu a ɛto so mmienu mu no, na ne sika reyɛ asa, enti ɛho behiae sɛ ɔde bere kakra yɛ ntamadan hwɛ ne ho. Nanso, Paulo amfa ntamadan a na ɔyɛ no anyɛ n’adwuma titiriw. Paulo yɛɛ saa adwuma no de hwɛɛ ne ho bere a ɔreyɛ ɔsom adwuma no sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi aka asɛmpa no akyerɛ Korintofo no “kwa,” anaa ɔrenyɛ adesoa mma wɔn. (2 Kor. 11:7) Ɛwom sɛ ɛho behiae sɛ na Paulo yɛ adwuma de hwɛ ne ho de, nanso ɔkɔɔ so de ɔsom adwuma no dii kan wɔ n’asetenam; Homeda biara na ɔka asɛmpa no. Bere a nneɛma totɔɔ yiye maa Paulo no, otumi de bere pii yɛɛ asɛnka adwuma no. Ɔde “ne bere nyinaa kaa asɛm no, na odii Yudafo adanse kyerɛe sɛ Yesu ne Kristo no.” (Aso. 18:3-5; 2 Kor. 11:9) Akyiri yi, bere a wɔde Paulo too afiase wɔ ne fie mfe mmienu wɔ Rome no, odii ahɔho a wɔbɛsraa no no adanse, na ɔkyerɛw nkrataa nso. (Kenkan Asomafo Nnwuma 28:16, 30, 31.) Ná Paulo asi ne bo sɛ ɔremma biribiara ntwitware ne som adwuma mu. Ɔkaa sɛ: ‘Ne saa nti yɛmpa abaw, esiane ɔsom adwuma a yɛn nsa aka yi nti.’ (2 Kor. 4:1) Sɛnea Paulo yɛe no, sɛ ɛsɛ sɛ yɛde bere pii yɛ adwuma hwɛ yɛn ho mpo a, yebetumi de Ahenni adwuma no adi kan wɔ asetena mu.

Akwan pii wɔ hɔ a yebetumi afa so ayɛ yɛn som adwuma no pɛpɛɛpɛ (Hwɛ nkyekyɛm 10-11)

10-11. Sɛ yare rehaw yɛn mpo a, yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ yɛn som adwuma no pɛpɛɛpɛ?

10 Sɛ onyin anaa yare ama yɛayɛ mmerɛw nti yentumi nyɛ afie afie asɛnka adwuma no pii a, yebetumi afa akwan foforo so aka asɛmpa no. Tete Kristofo no kaa asɛmpa no kyerɛɛ nkurɔfo wɔ baabiara. Hokwan biara a wonyae no, wɔde kaa nokware no ho asɛm kyerɛɛ nkurɔfo wɔ baabiara ‘a wonyaa wɔn.’ Wɔyɛɛ saa wɔ afie afie, baguam, ne bɔnnɔ so. (Aso. 17:17; 20:20) Sɛ yentumi nnantew pii mpo a, ebia yebetumi atena baabi a nkurɔfo pii twam na yɛaka asɛm no akyerɛ wɔn. Anaasɛ ebia yebetumi adi adanse bɔnnɔ so anaa tɛlɛfon so, anaa yɛakyerɛw nkrataa. Adawurubɔfo bebree a yare anaa ɔhaw foforo nti wontumi nyɛ afie afie asɛnka pii no, wotumi fa saa akwan yi so yɛ asɛnka adwuma no ma wɔn ani gye pa ara.

11 Sɛ yare rehaw wo mpo a, wubetumi ayɛ wo som adwuma no pɛpɛɛpɛ. Momma yɛnsan nhwɛ ɔsomafo Paulo asɛm no bio. Ɔkaa sɛ: “Ade nyinaa mu mewɔ ahoɔden, nea ɔhyɛ me den no nti.” (Filip. 4:13) Bere a Paulo yaree wɔ n’asɛmpatrɛw akwantu baako mu no, na ohia saa ahoɔden no. Ɔka kyerɛɛ Galatifo no sɛ: “Ɛnam me honam mu yare so na mekaa asɛmpa no kyerɛɛ mo bere a edi kan no.” (Gal. 4:13) Saa ara na wo nso, sɛ woyare mpo a, hokwan betumi abue ama wo ama woaka asɛmpa no akyerɛ afoforo. Ebi ne dɔkotafo ne afoforo a wɔhwɛ wo yare. Saa nkurɔfo yi, bere a ebia adawurubɔfo bɛkɔ asɛnka no, na wɔwɔ adwuma mu.

DƐN NA WOBƐYƐ NA WOAMFA NNEƐMA PII ANKYEKYERE WO HO?

12. Bible ka sɛ ma w’aniwa ‘nhwɛ tẽẽ’ a, ɛkyerɛ sɛn?

12 Yesu kaa sɛ: “Nipadua kanea ne aniwa. Enti sɛ w’aniwa hwɛ tẽẽ a, wo nipadua nyinaa bɛhyerɛn.” (Mat. 6:22) Dɛn na na Yesu rekyerɛ? Nea na ɔreka ne sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛde nneɛma bebree kyekyere yɛn ho wɔ yɛn asetenam, na mmom ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ani si botae anaa atirimpɔw baako so, na ɛnsɛ sɛ yɛma biribiara twetwe yɛn adwene fi so. Yesu ankasa yɛɛ ɛho nhwɛso maa yɛn; ɔde n’adwene sii asɛnka adwuma no so, na ɔkyerɛkyerɛɛ n’asuafo sɛ wɔmfa wɔn ani nsi Yehowa som ne N’Ahenni no so. Sɛ yɛde asɛnka adwuma no di kan wɔ yɛn asetenam na ‘yɛhwehwɛ ahenni no ne Onyankopɔn trenee kan’ a, na yɛresuasua Yesu.—Mat. 6:33.

13. Dɛn na ebetumi aboa yɛn ama yɛde yɛn ani asi Kristofo som adwuma no so?

13 Ɔkwan baako a yɛbɛfa so de yɛn ani asi yɛn som adwuma so ne sɛ, yɛremfa nneɛma pii nkyekyere yɛn ho sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi de bere pii aboa afoforo ama wɔabehu Yehowa na wɔadɔ no. * Yebetumi ayɛ nsakrae wɔ bere a yɛde yɛ adwuma mu na ama yɛanya bere pii ayɛ asɛnka adwuma wɔ nnawɔtwe no mu anaa? Bere a yɛde yɛ nneɛma bi a yɛyɛ de gyigye yɛn ani a egye bere pii no, yebetumi atew so anaa?

14. Nsakrae bɛn na awarefo bi yɛe a ɛma wotumi nyaa bere pii yɛɛ asɛnka adwuma no?

14 Nea asafo mu panyin bi a ne din de Elias ne ne yere yɛe ni. Elias kaa sɛ: “Bere a yɛyɛɛ yɛn adwene sɛ yɛbɛyɛ akwampae adwuma no, yɛantumi amfi ase saa bere no ara, nanso na nneɛma bi wɔ hɔ a yebetumi ayɛ na ama yɛanya bere pii ayɛ asɛnka adwuma no. Enti yɛyɛɛ nneɛma nketenkete bi a na ebetumi aboa yɛn ama yɛanya bere pii de aka asɛmpa no. Ebi ne sɛ, yetwitwaa nneɛma so, nneɛma a yɛde gyigye yɛn ani a seesei yebu no sɛ egye bere pii nso, yegyaee bi akyi di, na yɛsrɛɛ yɛn adwumawuranom sɛ wɔnyɛ nsakrae wɔ bere a yɛde yɛ adwuma mu. Ɛno nti, yetumi kɔɔ asɛnka anwummere anwummere, yɛyɛɛ Bible adesua pii, na asɛnka adwuma a yɛyɛ no nnawɔtwe mfinimfini no, bosome biara na yetumi kɔ mprenu. Yɛn ani gyei pa ara!”

WOBƐYƐ DƐN AMA W’ASƐNKA NE WO NKYERƐKYERƐ ATU MPƆN?

Sɛ yɛde nea yesua wɔ asafo nhyiam a yɛyɛ no nnawɔtwe no mu yɛ adwuma a, ɛbɛma yɛakɔ so akyerɛkyerɛ yiye wɔ asɛnka mu (Hwɛ nkyekyɛm 15-16) *

15-16. Sɛnea 1 Timoteo 4:13, 15 kyerɛ no, dɛn na yɛbɛyɛ na yɛakɔ so ayɛ asɛmpakafo a wotu mpɔn? (Hwɛ adaka a n’asɛmti ne “ Botae Ahorow a Ɛbɛboa Me Ama Mayɛ Me Som Adwuma Pɛpɛɛpɛ” no nso.)

15 Ɔkwan foforo a yɛbɛfa so ayɛ yɛn som adwuma pɛpɛɛpɛ ne sɛ yɛbɛma yɛn nkyerɛkyerɛ atu mpɔn wɔ asɛnka mu. Nnwuma bi mu no, wɔhwehwɛ sɛ adwumayɛfo no bɛkɔ so anya ntetee sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya nimdeɛ pii na wɔn ho akokwaw ama wɔatumi ayɛ adwuma no yiye. Wɔn a wɔka Ahenni ho asɛmpa no nso yɛ saa ara. Ehia sɛ yɛkɔ so sua sɛnea yɛbɛyɛ asɛnka adwuma no yiye.​—Mmeb. 1:5; kenkan 1 Timoteo 4:13, 15.

16 Nanso, yɛbɛyɛ dɛn atumi anya nkɔso wɔ asɛnka adwuma no mu bere nyinaa? Ɛne sɛ yɛbɛyɛ aso atie nkyerɛkyerɛ a yenya wɔ Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua a yɛyɛ no nnawɔtwe biara no ase. Yenya ntetee pa wɔ saa nhyiam no ase, na ɛboa yɛn ma yɛkɔ so tu mpɔn wɔ asɛnka adwuma no mu. Ɛho nhwɛso ni. Sɛ oguamtenani no de afotu rema anuanom a wɔyɛɛ asuafo dwumadi no a, yebetumi ahyɛ nneɛma bi a ɛbɛboa yɛn nsow na yɛde ayɛ adwuma wɔ asɛnka mu. Bere foforo a yɛbɛka asɛmpa no akyerɛ obi no, yebetumi de saa nyansahyɛ no ayɛ adwuma. Afei nso, yebetumi ama yɛn asɛnka kuw sohwɛfo aboa yɛn anaa yɛne no anantew wɔ asɛnka mu. Anaasɛ yɛne onua foforo a ne ho akokwaw a ɔyɛ ɔdawurubɔfo, ɔkwampaefo, anaa ɔmansin sohwɛfo akɔ asɛnka. Sɛ yɛkɔ so de Nnwinnade Titiriw a Yɛde Kyerɛkyerɛ no mu biara yɛ adwuma yiye a, ɛbɛma yɛn ani agye asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no ho pa ara.

17. Sɛ woyɛ wo som adwuma pɛpɛɛpɛ a, dɛn na wubenya?

17 Yɛanya hokwan kɛse pa ara sɛ Yehowa ama yɛabɛyɛ ne “mfɛfo adwumayɛfo”! (1 Kor. 3:9) Sɛ ‘wopɛɛpɛɛ mu hu nneɛma a ehia koraa no,’ na wode w’ani si Kristofo som adwuma no so a, wode ‘anigye bɛsom Yehowa.’ (Filip. 1:10; Dw. 100:2) Esiane sɛ woyɛ Onyankopɔn somfo nti, sɛ worehyia nsɛnnennen anaa ɔhaw foforo mpo a, wubetumi anya awerɛhyem sɛ ɔbɛma wo ahoɔden a ɛbɛboa wo ama woayɛ wo som adwuma no pɛpɛɛpɛ. (2 Kor. 4:1, 7; 6:4) Sɛnea w’asetena te no ma wunya bere pii ka asɛm no oo, sɛ nso ɛmma wuntumi nyɛ pii mpo na sɛ wufi wo kra nyinaa mu yɛ ɔsom adwuma no a, wubetumi ‘anya biribi de ahoahoa wo ho,’ anaa woadi ahurusi. (Gal. 6:4) Sɛ woyɛ wo som adwuma pɛpɛɛpɛ a, woda no adi sɛ wodɔ Yehowa ne wo yɔnko nnipa. Bible ka sɛ: “Sɛ woyɛ saa a, wubegye wo ho ne wɔn a wotie wo no nkwa.”​—1 Tim. 4:16.

DWOM 58 Yɛhwehwɛ Asomdwoe Nnipa

^ nky. 5 Yesu ama yɛn ahyɛde sɛ yɛnka Ahenni ho asɛmpa no na yɛnyɛ asuafo. Sɛ yɛrefa ɔhaw mu mpo a, adesua yi bɛma yɛahu sɛnea yebetumi ayɛ yɛn som adwuma no pɛpɛɛpɛ. Afei nso, yebehu sɛnea yebetumi ayɛ asɛnka adwuma no yiye na ama yɛn ani agye pa ara.

^ nky. 4 ASƐM BI MU NKYERƐKYERƐMU: Kristofo som adwuma a yɛyɛ no, ɛwɔ afã pii. Ebi ne asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no, adan a yesisi ne nea yesiesie de yɛ Yehowa som adwuma, ne adwuma a yɛyɛ de boa wɔn a atoyerɛnkyɛm ato wɔn.​—2 Kor. 5:18, 19; 8:4.

^ nky. 13 Hwɛ nneɛma nson a ɛwɔ adaka a n’asɛmti ne “Sɛnea Wobɛyɛ Wo Ho Awiɛmfoɔ” a ɛwɔ July 2016, Ɔwɛn-Aban, kr. 10 no.

^ nky. 62 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onuawa bi wɔ asafo nhyiam a yɛyɛ no nnawɔtwe no mu ase, na ɔrekyerɛ sɛnea yɛyɛ sankɔhwɛ. Ɛno akyi no, bere a oguamtenani no de afotu rema no, onuawa no rekyerɛkyerɛw nsɛm wɔ Ɔkyerɛkyerɛ nhomawa no mu. Akyiri yi, ɔde nea osuae wɔ asafo nhyiam ase no reyɛ adwuma wɔ asɛnka mu Memeneda ne Kwasida.