Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 18

‘Tu Mmirika No Wie’

‘Tu Mmirika No Wie’

“Matu mmirika no awie.”—2 TIM. 4:7.

DWOM 129 Yebegyina Mu Pintinn

NEA YƐREBESUA *

1. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa yɛ?

SƐ WOYARE anaa woabrɛ a, w’ani begye ho sɛ wubetu mmirika bi a ne tu yɛ den anaa? Ebia w’ani rennye ho sɛ wobɛyɛ saa. Nanso, ɔsomafo Paul kaa sɛ nokware Kristofo nyinaa retu mmirika bi. (Heb. 12:1) Yɛyɛ mmofra oo, mpanyin oo, yɛwɔ ahoɔden oo, yɛabrɛ oo, sɛ yɛpɛ sɛ yɛn nsa ka nea Yehowa de ahyɛ yɛn bɔ no a, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa gyina mu kosi awiei.—Mat. 24:13.

2. Adɛn nti na Paul tumi de ahotoso kaa asɛm a ɛwɔ 2 Timoteo 4:7, 8 no?

2 Paul tumi de ahotoso kasae efisɛ na ‘watu mmirika no awie.’ (Kenkan 2 Timoteo 4:7, 8.) Nanso, mmirika bɛn na na Paul reka ho asɛm?

ƐYƐ MMIRIKA BƐN?

3. Mmirika bɛn na na Paul reka ho asɛm?

3 Agodie a na ɛkɔ so wɔ Greece tete no, ɛtɔ da a na Paul fa nneɛma a wɔyɛ wɔ saa agodie no mu de kyerɛkyerɛ asuade titiriw bi. (1 Kor. 9:25-27; 2 Tim. 2:5) Paul de Kristofo asetena totoo mmirikatu ho mpɛn pii. (1 Kor. 9:24; Gal. 2:2; Filip. 2:16) Sɛ obi hyira ne ho so ma Yehowa na ɔbɔ asu a, na wafi ase retu “mmirika” yi bi. (1 Pet. 3:21) Sɛ Yehowa de nkonimbo anaa abasobɔde a ɛne daa nkwa no ma no a, ɛno na ɛkyerɛ sɛ watu mmirika no awie.—Mat. 25:31-34, 46; 2 Tim. 4:8.

4. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

4 Mmirika a wotu twa kwan tenten ne sɛnea yɛbɔ yɛn bra sɛ Kristofo no, nneɛma bi di nsɛ wom. Ebi ne nea ɛwɔ he? Nneɛma pii wom a edi nsɛ. Momma yensusuw emu mmiɛnsa ho. Nea edi kan, ɛsɛ sɛ yɛfa ɔkwan a wɔakyerɛ sɛ yɛmfa so no so; nea ɛto so mmienu, ɛsɛ sɛ yɛde si yɛn ani so sɛ yebetu mmirika no awie; nea ɛto so mmiɛnsa, sɛ yehyia ɔhaw wɔ kwan mu mpo a, ɛsɛ sɛ yemia yɛn ani tu mmirika no.

FA ƆKWAN A WƆAKYERƐ SƐ YƐMFA SO NO SO

Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa fa ɔkwan a Kristofo nam so no so (Hwɛ nkyekyɛm 5-7) *

5. Ɔkwan bɛn na ɛsɛ sɛ yɛfa so, na adɛn ntia?

5 Sɛ mmirikatufo bi resi akan na wɔpɛ sɛ wonya abasobɔde no a, ɛsɛ sɛ wɔfa ɔkwan a wɔn a wɔhyehyɛɛ akansi no akyerɛ sɛ wɔmfa so no so. Saa ara na yɛn nso, sɛ yɛpɛ sɛ yɛn nsa ka abasobɔde a ɛne daa nkwa no a, ɛsɛ sɛ yɛfa ɔkwan a wɔakyerɛ sɛ Kristofo mfa so no so, anaa yɛbɔ yɛn bra sɛ Kristofo. (Aso. 20:24; 1 Pet. 2:21) Nanso, Satan ne wɔn a wodi n’akyi no pɛ sɛ yɛfa ɔkwan foforo so; wɔpɛ sɛ yɛkɔ so ne wɔn ‘tu mmirika.’ (1 Pet. 4:4) Sɛnea yɛbɔ yɛn bra nti, wodi yɛn ho fɛw, na wɔka sɛ ɔkwan a wɔnam so no yɛ koraa sen yɛn de no; wɔkyerɛ sɛ ɛma wonya ahofadi. Nanso nea wɔreka no nyɛ nokware.—2 Pet. 2:19.

6. Dɛn na wusua fi Brian asɛm no mu?

6 Wɔn a wɔne nkurɔfo a Satan wiase no kyerɛ wɔn kwan tu mmirika no, ɛnkyɛ na wɔahu sɛ ɔkwan a wɔnam so no, ɛmma wɔnne wɔn ho, na mmom ɛma wɔyɛ nkoa. (Rom. 6:16) Momma yɛnhwɛ Brian. N’awofo hyɛɛ no nkuran sɛ ɔmmɔ ne bra sɛ Kristoni. Nanso, bere a onnya nnii mfe 20 no, na n’adwene nsi no pi sɛ ɔbɔ ne bra sɛ Kristoni a n’ani begye. Enti Brian yɛɛ n’adwene sɛ ɔne wɔn a wɔma Satan kyerɛ wɔn kwan no bɛbɔ. Ɔka sɛ: “Ná minnim koraa sɛ sɛɛ ahofadi a na misusuw sɛ menya no, ɛbɛma nneyɛe bɔne de me ayɛ akoa. M’ani baa me ho so no, na menom nnubɔne, mewe nsa, na na mibu brabɔne nso. Mfe kakra a edi hɔ no, mifii ase nom nnubɔne a ano yɛ den sen nea na menom kan no, na emu pii wɔ hɔ a na mintumi nnyae nom. . . . Nea ɛbɛyɛ na manya sika de abɔ me bra no, mifii ase tɔn nnubɔne.” Ewiee ase no, Brian yɛɛ n’adwene sɛ ɔde Yehowa akwankyerɛ bɛbɔ ne bra. Brian sesaa n’akwan, na ɔbɔɔ asu afe 2001. Seesei ɔrebɔ ne bra sɛ Kristoni, na n’ani agye paa. *

7. Sɛnea Mateo 7:13, 14 kyerɛ no, akwan mmienu bɛn na ɛwɔ hɔ?

7 Ɛho hia paa sɛ yehu ɔkwan pa no na yɛfa so! Satan pɛ sɛ yɛn nyinaa gyae ɔkwan hihiaa a “ɛkɔ nkwa mu” no so fa na yɛkɔfa ɔkwan a ɛtrɛw a wiase mu nnipa dodow no ara nam so no so. Nnipa pii nam ɔkwan a ɛtrɛw no so, na ɛso fa nyɛ den. Nanso saa kwan no “kɔ ɔsɛe mu.” (Kenkan Mateo 7:13, 14.) Sɛ yebetumi afa ɔkwan pa no so a yɛremma biribiara ntwetwe yɛn adwene a, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so na yetie no.

HWƐ W’ANIM TẼẼ NA WOANHWE ASE ANAA WOAMMA AFOFORO ANHWE ASE

Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn anim tẽẽ na yɛanhwe ase anaa yɛamma afoforo anhwe ase (Hwɛ nkyekyɛm 8-12) *

8. Sɛ obi retu mmirika na ɔhwe ase a, dɛn na ɔyɛ?

8 Sɛ mmirikatufo retu mmirika atwa kwan tenten a, wɔhwɛ wɔn anim sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenhwe ase. Nanso, ebia obi a ɔretu mmirika no bi betia ne yɔnko nan so ama wahwe ase, anaa ɔno ankasa betia amena mu ahwe ase. Sɛ ɔhwe ase a, ɔsan sɔre gyina ne nan so toa mmirikatu no so. Ɛnyɛ nea ɛma ɔhwee ase no na ɔde n’adwene si so, na mmom ɔde n’ani si mmirika no a obetu awie ne abasobɔde a ɔhwɛ kwan sɛ obenya no so.

9. Sɛ yedi mfomso anaa obi di mfomso tia yɛn a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

9 Yebetumi ahwe ase mpɛn pii wɔ mmirika a yɛretu no mu, kyerɛ sɛ, yebetumi adi mfomso wɔ yɛn kasa ne yɛn nneyɛe mu. Anaa wɔn a yɛne wɔn retu mmirika no betumi adi mfomso bi ama ahaw yɛn. Ɛba saa a, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa. Yɛn nyinaa tɔ sin, na ɔkwan hihiaa a ɛkɔ nkwa mu no, ɛno ara na yɛn nyinaa retu mmirika wɔ so. Enti ɛnyɛ dɛn ara a yɛbɛpem obi anaa obi bɛpem yɛn. Paul kaa sɛ ɛtɔ da a obi benya ‘asɛm atia ne yɔnko.’ (Kol. 3:13) Nanso sɛ mfomso bi ba a, ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si ɛno so, na mmom ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si abasobɔde a yebenya no so. Sɛ yɛhwe ase anaa mfomso bi ba a, momma yɛnsɔre nnyina yɛn nan so na yɛntoa mmirika no so. Sɛ yɛn bo fuw anaa yɛde nkurɔfo ho abufuw hyɛ yɛn mu na yɛantoa so antu mmirika no a, yɛrentumi ntu mmirika no nwie, na abasobɔde no nso bɛbɔ yɛn. Afei nso, wɔn a yɛne wɔn retu mmirika wɔ ɔkwan hihiaa a ɛkɔ nkwa mu no so no, anhwɛ a nea yɛreyɛ no bɛto wɔn hintidua.

10. Dɛn na yebetumi ayɛ na yɛanto afoforo “hintidua”?

10 Ade foforo a yebetumi ayɛ na yɛanto yɛn nuanom a yɛne wɔn retu mmirika no “hintidua” ne sɛ, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, yebegye wɔn adwenkyerɛ ne wɔn nsusuwii atom, sen sɛ da biara yɛbɛhwɛ kwan sɛ wobegye yɛn adwenkyerɛ atom. (Rom. 14:13, 19-21; 1 Kor. 8:9, 13) Wei ho hia paa efisɛ yɛnte sɛ mmirikatufo a wɔresi akan. Saa mmirikatufo yi ne wɔn ho si akan, na wɔn mu biara pere sɛ ɔno nko ara nsa bɛka abasobɔde no. Saa mmirikatufo no dwen nea wɔn nko ara benya ho. Enti ebia wobepia mmirikatufo a aka no sɛnea ɛbɛyɛ a wobedi wɔn anim. Nanso yɛn de, yɛne yɛn ho yɛn ho nsi akan. (Gal. 5:26; 6:4) Yɛn botae ne sɛ yɛbɛboa anuanom pii sɛnea ɛbɛyɛ a yɛne wɔn betumi atu mmirika no awie na yɛn nsa aka abasobɔde a ɛne daa nkwa no. Ɛno nti, yɛbɔ mmɔden sɛ yɛde afotu a Onyankopɔn maa Paul kyerɛwee yi bɛyɛ adwuma. Ɔkaa sɛ ɛnsɛ sɛ ‘yɛhwɛ nneɛma a ɛfa yɛn nko ara ho, na mmom yɛnhwɛ nea ɛfa afoforo ho nso bi.’—Filip. 2:4.

11. Dɛn na mmirikatufo de wɔn ani si so, na adɛn ntia?

11 Sɛ mmirikatufo retu mmirika a, ɛyɛ a wɔhwɛ wɔn anim tẽẽ, na wɔsan de wɔn ani si baabi a wodu a ɛkyerɛ sɛ wɔawie mmirikatu no so. Sɛ wɔmfa wɔn ani nhu saa beae no mpo a, wɔde wɔn adwene bu sɛ wɔatu mmirika no awie ama wɔn nsa aka abasobɔde no. Nea ɛboa wɔn ma wɔkɔ so tu mmirika no ne sɛ, wɔde wɔn adwene si abasobɔde no so.

12. Dɛn na Yehowa aka sɛ ɔde bɛma yɛn?

12 Mmirika a yɛretu no, Yehowa aka akyerɛ yɛn sɛ, sɛ yetumi tu mmirika no wie a, ɛyɛ dɛn ara a ɔbɛma yɛn abasobɔde. Ɛne sɛ, yɛbɛtena ase daa wɔ soro anaa paradise wɔ asase so. Bible no ma yehu sɛnea saa abasobɔde yi te, na ɛboa yɛn ma yehu sɛnea asetena bɛyɛ anigye saa bere no. Sɛ yɛma saa anidaso no tena yɛn adwene ne yɛn koma mu a, ɛbɛyɛ den sɛ yɛbɛma biribi ato yɛn hintidua ma yɛahwe ase.

WUHYIA NSƐNNENNEN MPO A, KƆ SO ARA TU MMIRIKA NO

Sɛ yɛrehyia ɔhaw mpo a, yɛpɛ sɛ yɛkɔ so tu nkwa ho mmirika no (Hwɛ nkyekyɛm 13-20) *

13. Dɛn na yɛwɔ a mmirikatufo nni?

13 Ná mmirikatufo a wosi akan wɔ Greece no brɛ na na wɔte yaw, nanso na ɛsɛ sɛ wɔyere wɔn ho. Nea na ebetumi aboa wɔn ne wɔn ankasa ahoɔden ne sɛnea wɔbɛteɛteɛ wɔn apɔw mu yiye. Yɛte sɛ saa mmirikatufo yi, efisɛ yɛn nso wɔretete yɛn ama yɛatumi atu nkwa mmirika no. Nanso yɛwɔ biribi a mmirikatufo nni. Yebetumi anya ahoɔden afi Yehowa hɔ. Yehowa nso de, ne tumi nni ano. Ɔhyɛ yɛn bɔ sɛ, sɛ yɛde yɛn ho to ne so a, ɛnyɛ ntetee nko ara na ɔde bɛma yɛn, na mmom ɔbɛma yɛayɛ den!—1 Pet. 5:10.

14. Sɛ yehyia ɔhaw a, sɛn na asɛm a ɛwɔ 2 Korintofo 12:9, 10 no boa ma yegyina ano?

14 Paul hyiaa ɔhaw pii. Nkurɔfo didii no atɛm na ebi nso tan n’ani. Afei nso, ɛtɔ da a na ɔte nka sɛ wayɛ mmerɛw, na ɔkaa sɛ “ɔhonam mu nsɔe” bi nso reteetee no. (2 Kor. 12:7) Nanso, sɛ́ anka ɔbɛma ɔhaw yi abu n’abam no, ohui sɛ wei bɛma wanya hokwan de ne ho ato Yehowa so. (Kenkan 2 Korintofo 12:9, 10.) Esiane sɛ Paul nyaa saa adwene no nti, Yehowa boaa no ma otumi gyinaa ɔhaw a ohyiae nyinaa ano.

15. Sɛ yesuasua Paul a, dɛn na yebehu?

15 Yɛn nso yɛn gyidi nti, ebia nkurɔfo bedidi yɛn atɛm anaa wɔbɛtan yɛn ani. Ebi nso a, na yare reteetee yɛn anaa yɛabrɛ. Nanso sɛ yesuasua Paul a, ɔhaw biara a yebehyia no, ebetumi ama yɛahu sɛ Yehowa dɔ yɛn na ɔtaa yɛn akyi.

16. Sɛ yare ama woayɛ mmerɛw a, dɛn na wubetumi ayɛ?

16 Woaka mpa mu anaa wote mmubuafo akongua mu? Wo kotodwe mu agugow anaa w’ani nhu ade papa? Sɛ saa a, ɛbɛyɛ dɛn na woatumi ne mmerante ne mmabaa ne wɔn a wɔte apɔw atu mmirika? Nokwasɛm ne sɛ wubetumi ayɛ aboro so! Wɔn a wɔn mfe akɔ anim ne wɔn a yare ama wɔayɛ mmerɛw pii retu mmirika wɔ ɔkwan a ɛkɔ nkwa mu no so. Ɛkaa wɔn nko ara ahoɔden a, anka wɔrentumi ntu saa mmirika yi. Nanso wɔma Yehowa hyɛ wɔn den; wotie Kristofo nhyiam no wɔ telefon so, anaa wɔhwɛ asafo nhyiam no video a wɔatwe agu afiri so. Afei nso, wɔka asɛmpa no kyerɛ adɔkotafo, nɛɛsefo, ne wɔn abusuafo.

17. Kristofo a ɔhaw bi nti wontumi nyɛ nea wɔpɛ sɛ wɔyɛ nyinaa wɔ Yehowa som mu no, Yehowa te nka sɛn wɔ wɔn ho?

17 Sɛ ɔhaw bi a worehyia nti wuntumi nyɛ nea wopɛ sɛ woyɛ nyinaa wɔ Yehowa som mu a, ɛnsɛ sɛ woma w’abam bu na woka sɛ wunni ahoɔden a wode betu mmirika wɔ ɔkwan a ɛkɔ nkwa mu no so. Yehowa dɔ wo efisɛ wowɔ ne mu gyidi na wode animia asom no abesi saa bere yi. Wuhia ne mmoa seesei sen bere biara, na ɔrennyaw wo. (Dw. 9:10) Mmom, ɔbɛbɛn wo paa. Momma yɛnhwɛ onuawa bi a yare reteetee no. Ɔka sɛ: “Esiane sɛ daa yare teetee me nti, mihu sɛ mentaa nnya hokwan nka nokware no ho asɛm nkyerɛ afoforo. Nanso minim sɛ kakra a mitumi yɛ no ma Yehowa ani gye, na ɛma me nso m’ani gye.” Sɛ w’abam bu a, kae sɛ ɛnkaa wo nko ara. Susuw nhwɛso a Paul yɛe no ho, na kae asɛm a ɛhyɛ nkuran a ɔkae no. Ɔkaa sɛ: “Mmerɛwyɛ . . . yɛ anigyesɛm ma me. Efisɛ meyɛ mmerɛw mmom a na minya ahoɔden.”—2 Kor. 12:10.

18. Ɔhaw soronko bɛn na ebinom rehyia?

18 Wɔn a wɔretu mmirika wɔ ɔkwan a ɛkɔ nkwa mu no so no, ebinom hyia ɔhaw foforo. Ɔhaw a wɔrefa mu no, afoforo nhu na wɔnte ase nso. Ebinom anya adwenemhaw, na adwinnwen ahyɛ ebinom nso so. Dɛn na ɛma ɔhaw a Yehowa asomfo a wɔda ne koma so yi refa mu no yɛ soronko? Fa no sɛ obi nsam abu anaa ɔte mmubuafo akongua mu. Obiara betumi ahu ɔhaw a ɔrefa mu na ebetumi aka nkurɔfo koma ama wɔaboa no. Nanso, sɛ obi wɔ adwenemhaw anaa adwinnwen ahyɛ obi so a, ebia ɔrenyɛ biribiara mma afoforo nhu sɛ ɔreteetee. Sɛnea ne ho hiahia no no, ɛte sɛ obi a ne nsam abu pɛpɛɛpɛ, nanso esiane sɛ afoforo nhu sɛ ɔrehu amane nti, ebia wɔrennya ayamhyehye mma no na wɔaboa no.

19. Dɛn na yesua fi Mefiboset asɛm no mu?

19 Sɛ wowɔ ɔhaw bi na wususuw sɛ nkurɔfo nte wo ase a, ebia Mefiboset asɛm no betumi ahyɛ wo nkuran. (2 Sam. 4:4) Ná ɔyɛ obubuafo, na Ɔhene Dawid nso ne no anni no yiye. Ɛnyɛ mfomso bi a Mefiboset dii nti na ɔhaw yi baa ne so. Nanso wamfa nkurɔfo ho abufuw anhyɛ ne mu; ná n’ani sɔ nneɛma pa a wanya wɔ n’asetena mu no. Ná Dawid ada ayamye adi akyerɛ Mefiboset, na n’ani sɔe. (2 Sam. 9:6-10) Enti bere a Dawid ne Mefiboset anni no yiye no, osusuw asɛm no nyinaa ho yiye. Ɛmfa ho sɛ Dawid dii mfomso tiaa no no, Mefiboset amfa ne ho abufuw. Wamfa nea Dawid de yɛɛ no no ho sobo ammɔ Yehowa. Nea na Mefiboset betumi ayɛ de aboa ɔhene a Yehowa apaw no no na ɔde n’adwene sii so. (2 Sam. 16:1-4; 19:24-30) Yehowa ma wɔkyerɛw nhwɛso pa a Mefiboset yɛe no wɔ N’Asɛm no mu, na ama yɛatumi asua biribi afi mu.—Rom. 15:4.

20. Sɛ adwinnwen hyɛ ebinom so a, ebetumi aka wɔn sɛn, nanso awerɛhyem bɛn na wobetumi anya?

20 Adwinnwen tumi hyɛ anuanom bi so ara ma sɛ wɔkɔ nnipa mu a, wɔn ho ntɔ wɔn, na wɔbɔ hu. Ebetumi ayɛ den ama wɔn sɛ wɔbɛkɔ nnipadɔm mu, nanso wɔkɔ asafo nhyiam, ɔmansin ne ɔmantam nhyiam bere nyinaa. Sɛ wonnim obi a ɛyɛ den sɛ wɔne no bɛkasa, nanso wotumi ne afoforo kasa wɔ asɛnka mu. Sɛ saa na ɛyɛ wo a, nya awerɛhyem sɛ ɛnyɛ wo nko ara na ɛyɛ wo saa. Nnipa pii refa ɔhaw a ɛte saa mu. Kae sɛ nea wufi wo koma nyinaa mu yɛ no, Yehowa ani sɔ. Ɔhaw a worefa mu nyinaa akyi no, w’abam mmui, na ɛno yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Yehowa rehyira wo na ɔma wo ahoɔden a wuhia. * (Filip. 4:6, 7; 1 Pet. 5:7) Sɛ worehyia ɔhaw bi anaa adwinnwen ahyɛ wo so na woda so resom Yehowa a, nya awerɛhyem sɛ Yehowa ani sɔ.

21. Yehowa mmoa so nti, dɛn na yɛn nyinaa betumi ayɛ?

21 Anigyesɛm ne sɛ, nsonsonoe wɔ mmirika a nkurɔfo tu de si akan ne nea Paul kaa ho asɛm no mu. Tete no, mmirika a na wotu no, onipa baako pɛ na na onya abasobɔde no. Nanso, mmirika a Kristofo retu no de, obiara a obegyina mu akosi awiei no benya daa nkwa sɛ abasobɔde. (Yoh. 3:16) Afei nso, mmirika a na wotu de si akan no, sɛ obi nni apɔwmuden a, na ɛbɛyɛ den paa sɛ obetumi atu mmirika no adi nkonim. Nanso yɛn de, yɛn mu pii nte apɔw, nso yegu so retu mmirika no. (2 Kor. 4:16) Yehowa mmoa so nti, yɛn nyinaa betumi atu mmirika no awie!

DWOM 144 Fa W’ani Si Botae no So!

^ nky. 5 Ɛnnɛ, onyin nti, Yehowa asomfo pii reteetee, na yare nso ama wɔn mu binom ayɛ mmerɛw. Ɛtɔ da nso a, yɛn mu biara te nka sɛ wabrɛ. Enti sɛ yɛte mmirikatu ho asɛm a, ɛyɛ yɛn sɛ yɛrentumi ntu bi. Ɔsomafo Paul kaa nkwa mmirikatu ho asɛm, na adesua yi bɛboa yɛn ama yɛahu sɛnea yɛn mu biara betumi amia n’ani atu mmirika no na wadi nkonim.

^ nky. 6 Hwɛ asɛm a wɔato din “Bible Tumi Sesa Nnipa” a ɛbaa January 1, 2013, Ɔwɛn-Aban mu no.

^ nky. 20 Sɛ wopɛ nsɛm foforo a ɛbɛboa wo ama woahu nea wobɛyɛ bere a adwinnwen ahyɛ wo so, ne sɛnea ebinom atumi agyina mu ho nsɛm a, hwɛ May 2019 JW Broadcasting® dwumadi no wɔ jw.org®. Hwɛ NHOMAKORABEA > JW BROADCASTING®.

^ nky. 63 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onua a ne mfe akɔ anim yi ayere ne ho reyɛ asɛnka adwuma no, na wei boa no ma ɔkɔ so fa ɔkwan a Kristofo nam so no so.

^ nky. 65 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Sɛ yɛhyɛ afoforo sɛ wɔnnom nsa pii anaa sɛ yɛn ankasa nom nsa pii a, yebetumi ato afoforo hintidua.

^ nky. 67 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onua bi yare ma waka mpa mu wɔ ayaresabea, nanso ɔda so ara retu Kristofo mmirika no; ɔredi wɔn a wɔhwɛ no no adanse.