Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adesua Asɛm 16

Kɔ So Kyerɛ Agyede No Ho Anisɔ

Kɔ So Kyerɛ Agyede No Ho Anisɔ

‘Onipa Ba no bae sɛ ɔde ne kra rebɛyɛ agyede de agye nnipa bebree.’MAR. 10:45.

DWOM 18 Agyede no Som Bo Ma Yɛn

NEA YƐREBESUA *

1-2. Dɛn ne agyede no? Adɛn nti na yehia agyede no?

NÁ Adam yɛ pɛ, na na ɔwɔ hokwan sɛ ɔbɛtena ase daa. Nanso bere a ɔyɛɛ bɔne no, saa hokwan no bɔɔ no. Ɛnyɛ ɔno nko ara. Ne mma a na ɔbɛwo wɔn daakye nso, saa hokwan no bɔɔ wɔn. Bɔne a Adam yɛe no, na ɛyɛ anidaho bɔne. Ɔboapa na ɔyɛe. Ne mma nso ɛ? Bɔne a Adam yɛe no, na ne mma nsa nnim na na wonnim ho hwee. (Rom. 5:12, 14) Adam de, na ɔfata paa sɛ wobu no kumfɔ. Na ne mma nso ɛ? Biribi wɔ hɔ a na Yehowa betumi ayɛ de agye wɔn afi owu mu anaa? Yiw! Bere a Adam yɛɛ bɔne no, ankyɛ koraa na Yehowa kyerɛɛ ɔkwan a ɔbɛfa so agye Adam asefo afi bɔne ne owu mu. Ɔkwan a Yehowa bɛfa so agye wɔn no, ɔdaa no adi nkakrankakra. (Gen. 3:15) Sɛ bere a Yehowa ahyɛ no so a, na ɔbɛsoma ne Ba afi soro ama ɔde ‘ne kra abɛyɛ agyede de agye nnipa bebree.’—Mar. 10:45; Yoh. 6:51.

2 Dɛn ne agyede no? Kristofo Greek Kyerɛwnsɛm no mu no, wɔka agyede a, ɛyɛ nea Yesu tuae a ɔsan de tɔɔ hokwan a Adam ma efii ne nsa no. (1 Kor. 15:22) Adɛn nti na yehia agyede no? Yehia agyede no efisɛ Yehowa kyerɛe wɔ Mose Mmara no mu sɛ, N’atɛntrenee hwehwɛ sɛ nkwa si nkwa ananmu. (Ex. 21:23, 24) Adam maa ne nkwa a ewie pɛyɛ no fii ne nsa. Ɛno nti, na Onyankopɔn atɛntrenee hwehwɛ sɛ Yesu de ne nkwa a ewie pɛyɛ no bɔ afɔre de si anan. (Rom. 5:17) Enti Yesu bɛyɛɛ “Daa Agya” maa wɔn a wonya gyidi wɔ n’agyede no mu nyinaa.—Yes. 9:6; Rom. 3:23, 24.

3. Sɛnea Yohane 14:31 ne 15:13 kyerɛ no, adɛn nti na na Yesu pɛ sɛ ɔde ne nkwa a ewie pɛyɛ no bɔ afɔre?

3 Nea enti a na Yesu pɛ sɛ ɔde ne nkwa bɔ afɔre ne sɛ, ɔdɔ n’Agya a ɔwɔ soro no paa, na nnipa nso, ɔdɔ yɛn paa. (Kenkan Yohane 14:31; 15:13.) Ɔdɔ kɛse a Yesu wɔ ma Yehowa ne nnipa nti, osii ne bo sɛ ɔbɛkɔ so adi nokware ne nkwa nna nyinaa, na wayɛ n’Agya apɛde awie. Nea Yesu yɛe nti, botae a Yehowa de bɔɔ nnipa ne asaase no bɛbam. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nea enti a Onyankopɔn maa kwan maa Yesu huu amane pii ansa na ɔrewu. Afei nso, yɛbɛhwɛ obi a ɔkyerɛw Bible no bi a ɔkyerɛɛ agyede no ho anisɔ paa, na yɛasusuw nea ɔyɛe no ho kakra. Ne korakora no, yɛbɛhwɛ nea yebetumi ayɛ de akyerɛ agyede no ho anisɔ, ne nea yebetumi ayɛ na ama yɛanya anisɔ kɛse ama afɔre a Yehowa ne Yesu abɔ ama yɛn no.

ADƐN NTI NA NA ƐSƐ SƐ YESU HU AMANE SAA?

Hwɛ sɛnea Yesu huu amane ansa na yɛrenya agyede no! (Hwɛ nkyekyɛm 4)

4. Kyerɛ ɔkwan a Yesu faa so wui.

4 Fa no sɛ ade rebɛkye ama wɔakum Yesu no, na wowɔ hɔ bi. Ɛwom sɛ anka Yesu betumi afrɛ abɔfo mpempem pii ama wɔabɛbɔ ne ho ban, nanso ɔmaa kwan maa Roma asraafo kyeree no, na wobirim no paa. (Mat. 26:52-54; Yoh. 18:3; 19:1) Ade a wɔde hwee no no, sɛ wɔde bɔ no a, na atetew ne honam. Ná n’akyi repram mogya, nanso akyiri yi, wɔde dua kɛse bi too n’akyi sɛ ɔnsoa. Yesu yɛe sɛ ɔretwe dua no ase akɔ baabi a wɔrekokum no no. Nanso ankyɛ na Roma asraafo no ka kyerɛɛ ɔbarima bi a ogyina hɔ sɛ ommegye dua no nsoa. (Mat. 27:32) Bere a Yesu duu baabi a wɔrekokum no no, asraafo no de nnadewa bobɔɔ ne nsa ne ne nan fam dua no ho. Bere a Yesu sɛn dua no so no, na baabi a nnadewa no bobɔ no retew fa mu. Ná Yesu nnamfo redi awerɛhow, na na ne maame resu. Nanso Yudafo mpanyimfo no de, na wɔreserew no. (Luka 23:32-38; Yoh. 19:25) Yesu huu amane nnɔnhwerew pii. Sɛnea wɔbɔɔ no asɛndua mu nti, na ne koma ne n’aharawa ntumi nyɛ adwuma yiye. Enti ɔhome a, na ensi so. Ná Yesu nim sɛ wadi nokware, enti ansa na ɔrewu no, ɔtwee mframa kɔɔ ne mu, na ɔbɔɔ ne mpae a etwa to. Afei osii ne ti ase, na owui. (Mar. 15:37; Luka 23:46; Yoh. 10:17, 18; 19:30) Yesu rewu no, ɔbrɛe paa! Ná ne wu no yɛ owuyaayaw ne animguase wu ankasa!

5. Biribi wɔ hɔ a ɛyɛɛ Yesu yaw koraa sen ɔkwan a wɔfaa so kum no no. Ɛyɛ dɛn?

5 Yesu de, ɛnyɛ ɔkwan a wɔfaa so kum no no na ɛyɛɛ no yaw paa. Mmom nea na etwa ne nsono mu ne nea wogyinaa so kum no no. Wotwaa atoro too no so sɛ waka abususɛm, kyerɛ sɛ, ommu Onyankopɔn, na ɔmfa Onyankopɔn din nyɛ hwee. (Mat. 26:64-66) Sɛ ebesi Yesu tirim kɛkɛ mpo sɛ nkurɔfo atwa asɛm a ɛte saa ato no so a, na biribi reyɛ no! Onyae mpo a, anka ne Papa ayi saa animguase no afi no so. (Mat. 26:38, 39, 42) Adɛn nti na Yehowa maa kwan maa ne Ba a ɔdɔ no no huu amane na owui? Momma yɛnhwɛ nneɛma mmiɛnsa a enti Yehowa yɛɛ saa.

6. Adɛn nti na na ɛsɛ sɛ Yesu wu wɔ asɛndua so?

6 Nea edi kan, na ɛsɛ sɛ Yesu wu wɔ asɛndua so sɛnea ɛbɛyɛ a obeyi Yudafo no afi nnome ase. (Gal. 3:10, 13) Yudafo no penee so sɛ wobedi Onyankopɔn Mmara so, nanso wɔanni so, mmom wɔman fii ho koraa. Ɛno maa nnome baa wɔn so. Esiane sɛ wɔyɛ ɔbɔnefo Adam asefo nti, na wɔfata owu dedaw, ɛnna mmara a wɔanni so no nti, nnome no nso bɛkaa ho. (Rom. 5:12) Mmara a Onyankopɔn de maa Israel man no kaa sɛ, sɛ obi yɛ bɔne a ɛfata owu a, ɛsɛ sɛ wokum no. Wokum no wie a, na wobetumi de ne funu no asɛn dua so. * (Deut. 21:22, 23; 27:26) Enti sɛn a wɔsɛn Yesu wɔ dua so no ma ɛyɛɛ yiye sɛ ɔman a na wɔapo no no benya ne wu no so mfaso.

7. Dɛn ne ade a ɛto so mmienu a enti Onyankopɔn maa kwan maa ne Ba no huu amane?

7 Ade a ɛto so mmienu a enti Onyankopɔn maa kwan maa ne Ba no huu amane ne sɛ, na ɔretete Yesu ama daakye watumi ayɛ n’adwuma sɛ yɛn Sɔfo Panyin. Nea Yesu faa mu no ma ohui sɛ, ɛnyɛ mmerɛw sɛ yebetie Onyankopɔn bere a yɛrehyia sɔhwɛ a emu yɛ den paa. Ne ho yeraw no ara ma ɔde “nteɛm a emu yɛ den ne nusu” bɔɔ mpae hwehwɛɛ mmoa. Amanehunu ne ateetee a Yesu faa mu nti, ɔte yɛn ase, enti sɛ ‘wɔsɔ yɛn hwɛ’ a, “obetumi atwitwa agye” yɛn. Yɛda Yehowa ase paa sɛ wama yɛn Ɔsɔfo Panyin mmɔborɔhunufo a obetumi ‘ate yɛn mmerɛwyɛ ase’!—Heb. 2:17, 18; 4:14-16; 5:7-10.

8. Dɛn ne ade a ɛto so mmiɛnsa a enti Onyankopɔn maa kwan maa Yesu hyiaa sɔhwɛ a emu yɛ den saa?

8 Ade a ɛto so mmiɛnsa a enti Yehowa maa kwan maa Yesu huu amane saa ne sɛ, na ɔde bebua asɛm bi a ehia. Ɛne sɛ: Nnipa betumi akɔ so adi Yehowa nokware bere a wɔrehyia sɔhwɛ a emu yɛ den paa anaa? Satan aka sɛ obiara nni hɔ a obetumi ayɛ saa! Waka sɛ, nea nnipa pɛ sɛ wonya fi Onyankopɔn hɔ nti na wɔsom no. Satan gye di sɛ nnipa nyinaa te sɛ wɔn nana Adam, na wɔnnɔ Yehowa. (Hiob 1:9-11; 2:4, 5) Ná Yehowa gye di paa sɛ ne Ba Yesu bɛkɔ so adi nokware ama no, enti sɔhwɛ a emu yɛ den biara a ebetumi ato nnipa no, ɔmaa kwan maa ebi too Yesu. Ne nyinaa mu no, Yesu kɔɔ so dii nokware, na ɔnam so kyerɛe sɛ Satan yɛ ɔtorofo.

OBI A ƆKYERƐW BIBLE NO BI A ƆKYERƐƐ AGYEDE NO HO ANISƆ PAA

9. Nhwɛso bɛn na ɔsomafo Yohane ayɛ ama yɛn?

9 Agyede no ahyɛ Kristofo pii gyidi den. Nkurɔfo sɔre tia wɔn, nanso wɔkɔ so yɛ asɛnka adwuma no. Afei nso, wɔagyina sɔhwɛ ahorow pii ano akosi wɔn nkwakoraabere ne wɔn mmerewabere mu. Wo de, yɛnhwɛ ɔsomafo Yohane. Ɔkyerɛkyerɛɛ nokwasɛm a ɛfa Kristo ne agyede no ho a wannyae. Ɛbɛyɛ sɛ ɔde bɛboro mfe 60 na ɛyɛɛ saa. Aka kakra ama wadi mfe 100 no, ɛbɛyɛ sɛ na Roma aban no bu no sɛ ɔyɛ obi a ne ho yɛ hu, enti wɔde no kɔtoo afiase wɔ Patmo supɔw so. Bɔne bɛn na na wayɛ? Ne bɔne ara ne sɛ, na ‘ɔreka Onyankopɔn ho asɛm, na na ɔredi Yesu ho adanse.’ (Adi. 1:9) Anokwa, sɛ yɛreka gyidi ne animia a, Yohane ayɛ ho nhwɛso pa paa ama yɛn!

10. Sɛ yɛhwɛ nhoma ahorow a Yohane kyerɛwee no mu a, ɛdɛn na ɛkyerɛ sɛ na n’ani sɔ agyede no?

10 Sɛ yɛhwɛ nhoma ahorow a Yehowa honhom maa Yohane kyerɛwee no mu a, ɔkyerɛw nsɛm bi wom a ɛma yehu sɛ na ɔdɔ Yesu paa, na na n’ani sɔ agyede no. Yohane kaa agyede no ne mfaso a agyede no de ba ho asɛm bɛboro mpɛn 100 wɔ ne nhoma ahorow mu. Sɛ yɛbɛyɛ ho nhwɛso a, Yohane kyerɛwee sɛ: “Sɛ obi yɛ bɔne a, yɛwɔ ɔboafo bi wɔ Agya no nkyɛn. Ɔno ne ɔtreneeni Yesu Kristo.” (1 Yoh. 2:1, 2) Yohane sii so dua wɔ nhoma ahorow no mu nso sɛ “Yesu ho adansedi” ho hia paa. (Adi. 19:10) Biribiara kyerɛ sɛ, na agyede no som bo ma Yohane paa. Ɛdɛn na yɛn nso yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ agyede no? 

ƐDƐN NA WUBETUMI AYƐ DE AKYERƐ SƐ W’ANI SƆ AGYEDE NO?

Sɛ yɛn ani sɔ agyede no paa a, yɛrennyaa yɛn ho mma bɔne (Hwɛ nkyekyɛm 11) *

11. Ɛdɛn na ɛbɛboa yɛn na sɛ yehyia sɔhwɛ a, yɛanyɛ bɔne?

11 Nnyaa wo ho mma bɔne. Sɛ yɛn ani sɔ agyede no paa a, ɛnde yɛrennya adwene sɛ, ‘Sɛ mekɔ sɔhwɛ mu a, metumi agyaagyaa me ho ayɛ bɔne, na meyɛ bɔne no wie a, metumi asrɛ bɔnefakyɛ.’ Ɛnsɛ sɛ yenya saa adwene no. Mmom, sɛ obi anaa biribi resɔ yɛn ahwɛ sɛ yɛnyɛ bɔne a, yɛbɛka sɛ: ‘Daabi! Nea Yehowa ne Yesu ayɛ ama me yi, adɛn nti na ɛsɛ sɛ meyɛ bɔne de tua wɔn ka?’ Ɛno nti, yebetumi asrɛ Yehowa sɛ ɔmma yɛn ahoɔden a yɛde bɛko atia sɔhwɛ no. Yebetumi asrɛ no sɛ: ‘Sɔhwɛ a mahyia yi, mma mennyɛ bɔne.’—Mat. 6:13.  

12. Asɛm a ɛwɔ 1 Yohane 3:16-18 no, sɛn na yebetumi de ayɛ adwuma?

12 Dɔ wo nuanom Kristofo. Sɛ yɛdɔ yɛn nuanom a, ɛkyerɛ sɛ yɛn ani sɔ agyede no. Adɛn ntia? Efisɛ ɛnyɛ yɛn nko ara na Yesu wu maa yɛn; owu maa yɛn nuanom Kristofo nso. Sɛ Yesu tumi wu maa wɔn de a, ɛnde na wɔsom bo ma no paa. (Kenkan 1 Yohane 3:16-18.) Sɛnea yɛne yɛn nuanom Kristofo tena no na ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ wɔn. (Efe. 4:29, 31–5:2) Sɛ wɔyare anaa wohyia amanehunu te sɛ bere a atoyerɛnkyɛm ato wɔn a, yɛboa wɔn. Na sɛ yɛn nua Kristoni ka asɛm bi anaa ɔyɛ biribi ma ɛyɛ yɛn yaw nso ɛ?

13. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde bɔne kyɛ?

13 Sɛ wo nua Kristoni yɛ biribi ma ɛyɛ wo yaw a, ɛtɔ da a ɛyɛ den ma wo sɛ wode bɛkyɛ no anaa? (Lev. 19:18) Sɛ saa a, ɛnde fa saa afotu yi yɛ adwuma: “Sɛ obi wɔ asɛm tia ne yɔnko a, monkɔ so nnya mo ho abotare na momfa mfirifiri mo ho korakora. Sɛnea Yehowa de afiri mo no, mo nso monyɛ saa ara.” (Kol. 3:13) Bere biara a yɛn nua Kristoni bɛyɛ yɛn bɔne a yɛde bɛkyɛ no no, na yɛreka akyerɛ yɛn Agya a ɔwɔ soro no sɛ yɛn ani sɔ agyede a ɔde ama yɛn no paa. Yɛbɛyɛ dɛn ama anisɔ a yɛwɔ ma akyɛde a Onyankopɔn de ama yɛn yi akɔ so ayɛ kɛse?

DƐN NA WUBETUMI AYƐ AMA AGYEDE NO HO ANISƆ A WOWƆ NO AYƐ KƐSE?

14. Dɛn ne ɔkwan baako a yebetumi afa so ama agyede no ho anisɔ a yɛwɔ no ayɛ kɛse?

14 Da Yehowa ase sɛ wama yɛn agyede no. Onuawa bi te India a wɔfrɛ no Joanna. Wadi mfe 83, na ɔkaa sɛ: “Migye di sɛ da biara sɛ merebɔ mpae a, ehia sɛ meka agyede no ho asɛm, na meda Yehowa ase sɛ wama yɛn agyede no.” Sɛ wo nko ara worebɔ mpae a, dwen ho na hwɛ mfomso pɔtee a woyɛɛ no saa da no, na srɛ Yehowa sɛ ɔmfa nkyɛ wo. Sɛ woayɛ bɔne a emu yɛ duru de a, woka kyerɛ Yehowa wie a, ɛsɛ sɛ wosan ka kyerɛ asafo mu mpanyimfo ma wɔboa wo. Wobetie wo, na wɔbɛma wo afotu pa a efi Onyankopɔn Asɛm mu. Wɔne wo bɛbɔ mpae, na wɔasrɛ Yehowa sɛ ɔnhwɛ Yesu afɔre no ho, na ɔmmoa wo ‘na wo ho nyɛ wo den’ anaa wo ne ne ntam nyɛ papa bio.—Yak. 5:14-16.

15. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yegye bere kenkan agyede no ho ade na yedwinnwen ho?

15 Dwinnwen agyede no ho. Onuawa bi a wadi mfe 73 a wɔfrɛ no Rajamani kaa sɛ: “Bere biara a mɛkenkan amanehunu a Yesu faa mu no, na m’ani atetɛw.” Wo nso, amanehunu kɛse a Onyankopɔn Ba no faa mu no, sɛ wudwinnwen ho a, ebia ɛma wo werɛ how. Nanso sɛ wugye bere pii dwinnwen Yesu afɔre no ho a, ɛbɛma ɔdɔ a wowɔ ma Yesu ne ne Papa no ayɛ kɛse. Sɛ wohyɛ da tena ase na wusua agyede no ho ade a, ɛbɛboa wo ama woadwinnwen ho akɔ akyiri.

Yesu de paanoo ne bobesa kyerɛɛ n’asuafo no sɛnea wɔbɛkae ne wu no (Hwɛ nkyekyɛm 16)

16. Sɛ yɛne nkurɔfo sua agyede no ho ade a, ebetumi aboa yɛn sɛn? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi anim no.)

16 Wo ne nkurɔfo nsua agyede no ho ade. Bere biara a yɛbɛka agyede no ho asɛm akyerɛ nkurɔfo no, ɛma agyede no ho anisɔ a yɛwɔ no yɛ kɛse. Yɛwɔ nhoma ne video ahorow a yebetumi de akyerɛkyerɛ nkurɔfo ama wɔahu nea enti a na ehia sɛ Yesu bewu ma yɛn. Nhoma no baako ne Asɛmpa a Efi Onyankopɔn Hɔ! no. Yebetumi ne nkurɔfo asua adesua a ɛto so 4 no. Adesua no asɛmti ne “Hena Ne Yesu Kristo?” Yɛpɛ nso a, yebetumi ne wɔn asua Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu? nhoma no ti 5. Saa ti no asɛmti ne “Agyede No—Onyankopɔn Akyɛde a Ɛsen Biara.” Afei nso, afe biara sɛ yɛkɔ Yesu wu Nkaedi no ase na yɛyere yɛn ho to nsa frɛ nkurɔfo ma wɔbɛka yɛn ho a, ɛma agyede no ho anisɔ a yɛwɔ no yɛ kɛse. Hwɛ hokwan kɛse paa a Yehowa de adom yɛn sɛ yɛnka ne Ba no ho asɛm nkyerɛ nkurɔfo!

17. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ, agyede no ne ade a ɛsen biara a Onyankopɔn de akyɛ nnipa?

17 Nea yɛasusuw ho no nyinaa kyerɛ sɛ, ehia sɛ yenya agyede no ho anisɔ na yɛkɔ so ara ma anisɔ no yɛ kɛse. Yɛnyɛ pɛ nanso agyede no nti, yebetumi ayɛ Yehowa nnamfo paa. Agyede no nti, wɔbɛsɛe Ɔbonsam nnwuma nyinaa. (1 Yoh. 3:8) Agyede no nti, nea enti a Yehowa bɔɔ asase no bɛba mu. Asase nyinaa bɛyɛ paradise. Saa bere no, obiara a wubehyia no bɛyɛ obi a ɔdɔ Yehowa na ɔsom no. Ɛno nti, da biara momma yɛnhwɛ nea yebetumi ayɛ de akyerɛ agyede no ho anisɔ, efisɛ ɛno ne ade a ɛsen biara a Onyankopɔn de akyɛ nnipa!

DWOM 20 Wode Wo Dɔba no Maa Yɛn

^ nky. 5 Yesu huu amane na owui yayaayaw. Adɛn ntia? Adesua yi bɛma yɛanya saa asɛmmisa no ho mmuae. Ɛbɛsan aboa yɛn ama anisɔ a yɛwɔ ma agyede no ayɛ kɛse.

^ nky. 6 Ná ɛyɛ Romafo amammerɛ sɛ, sɛ wobu ɔbɔnefo bi kumfɔ a, wɔde dadewa bɔ no fam dua ho anaa wɔkyekyere no fam ho animono. Yehowa maa kwan ma wɔfaa saa kwan no so kum ne Ba no.

^ nky. 55 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU Kratafa 18: Anuanom yi mu biara ahyia sɔhwɛ. Nea odi kan no, ne de yɛ mfoni a ɛmfata; wasi ne bo sɛ ɔrenhwɛ. Nea ɔto so mmienu no, obi rema no sigaret; wasi ne bo sɛ ɔrennom. Nea ɔto so mmiɛnsa no, obi rema no braeb; wasi ne bo sɛ ɔrennye.