Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adesua Asɛm 14

“Munni N’anammɔn Akyi Pɛɛ”

“Munni N’anammɔn Akyi Pɛɛ”

‘Kristo huu amane maa mo, na ogyaw mo nhwɛso sɛ munni n’anammɔn akyi pɛɛ.’1 PET. 2:21.

DWOM 13 Kristo Yɛ Yɛn Nhwɛsofo

NEA YƐREBESUA *

Yesu atutu anammɔn bi a yɛn nso yebetumi adi akyi pɛɛ (Hwɛ nkyekyɛm 1-2)

1-2. Ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi atiatia Yesu anammɔn mu? Ma mfatoho.

FA NO sɛ na wo ne ebinom rekɔ baabi, na baabi a monam no, ɛhɔ yɛ hu paa. Nanso nea ɔrekyerɛ mo kwan no nim hɔ. Bere a ɔrekɔ nyinaa wuhu baabi a watiatia no anaa wuhu n’anammɔn mu. Eduu baabi no, na n’atikɔ adɔ mu; ná wunhu no bio! Nanso woammɔ hu. Mmom, wo ne wɔn a ɛka wo ho no dii nea ɔrekyerɛ mo kwan no anammɔn akyi pɛɛ!

2 Yɛn nokware Kristofo nso, ɔkwan bi so no, yɛnam baabi a ɛhɔ yɛ hu; ɛno ne wiase bɔne a yɛte mu yi. Nanso, anigyesɛm ne sɛ Yehowa ama yɛn obi a ɔyɛ pɛ a obetumi akyerɛ yɛn kwan yiye; ɛyɛ ne Ba Yesu Kristo, na yebetumi adi n’anammɔn akyi pɛɛ. (1 Pet. 2:21) Nhoma bi ka sɛ, ɛha yi, Petro de Yesu retoto obi a ɔrekyerɛ nkurɔfo kwan ho. Sɛnea obi rekyerɛ nkurɔfo kwan a yehu baabi a watiatia anaa n’anammɔn mu no, Yesu nso atutu anammɔn bi a yɛn nso yebetumi atiatia mu. Momma yɛnhwɛ nsɛmmisa mmiɛnsa a edidi so yi na ama yɛahu sɛnea yebetiatia Yesu anammɔn mu. Bible ka sɛ yenni Yesu anammɔn akyi a, ɛkyerɛ sɛn? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yedi Yesu anammɔn akyi, na yɛbɛyɛ dɛn ayɛ saa?

BIBLE KA SƐ YENNI YESU ANAMMƆN AKYI A, ƐKYERƐ SƐN?

3. Sɛ yɛka sɛ yedi obi anammɔn akyi a, ɛkyerɛ sɛn?

3 Sɛ yɛka sɛ yedi obi anammɔn akyi a, ɛkyerɛ sɛn? Sɛ Bible ka obi “nantew” anaa “n’anammɔn” a, ɛtɔ da a ɛkyerɛ sɛnea saa nipa no bɔ ne bra. (Gen. 6:9; Mmeb. 4:26) Sɛnea yɛbɔ yɛn bra no, ɛte sɛ obi rekɔ baabi, na yetumi hu baabi a watiatia anaa n’anammɔn mu. Enti sɛ yɛka sɛ yedi obi anammɔn akyi a, ɛkyerɛ sɛ yɛbɛhwɛ nea ɔreyɛ na yɛasuasua no, kyerɛ sɛ otu a, na yɛatia mu.

4. Bible ka sɛ yenni Yesu anammɔn akyi a, ɛkyerɛ sɛn?

4 Ɛnde, sɛ Bible ka sɛ yenni Yesu anammɔn akyi a, ɛkyerɛ sɛn? Yebetwa no tiawa a, ɛkyerɛ sɛ yebesuasua Yesu. Animia a Yesu de gyinaa amanehunu mu de yɛɛ nhwɛso pa maa yɛn no, ɛno ne ade pɔtee a na ɔsomafo Petro reka ho asɛm wɔ kyerɛwsɛm a adesua yi gyina so no mu. Nanso yebetumi asuasua Yesu wɔ nneɛma foforo pii mu nso. (1 Pet. 2:18-25) Nea ɛte ne sɛ, Yesu abrabɔ nyinaa, kyerɛ sɛ, nea ɔkae ne nea ɔyɛe nyinaa yɛ biribi a ɛsɛ sɛ yesuasua.

5. Yesu yɛ pɛ, enti wugye di sɛ nnipa a bɔne wɔ yɛn ho yi, yebetumi asuasua no ama ayɛ yiye? Kyerɛkyerɛ mu.

5 Nnipa a bɔne wɔ yɛn ho yi, wugye di sɛ yebetumi asuasua Yesu ama ayɛ yiye? Yiw, yebetumi. Kae sɛ, nea Petro kae ne sɛ, ‘munni Yesu anammɔn akyi pɛɛ,’ na wanka sɛ yenni n’anammɔn akyi pɛpɛɛpɛ. Sɛ yɛyɛ ahwɛyiye di Yesu anammɔn akyi, kyerɛ sɛ, yɛn bɔne nyinaa akyi no, sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara suasua no a, ɛkyerɛ sɛ yɛde asɛm a ɔsomafo Yohane kae no reyɛ adwuma. Ɔkaa sɛ: ‘Monkɔ so nnantew sɛnea Yesu nantewee no.’—1 Yoh. 2:6.

ADƐN NTI NA ƐSƐ SƐ YEDI YESU ANAMMƆN AKYI?

6-7. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ, sɛ yedi Yesu anammɔn akyi a, ɛbɛma yɛne Yehowa ayɔnkofa mu ayɛ den?

6 Sɛ yedi Yesu anammɔn akyi a, ɛbɛma yɛne Yehowa ayɔnkofa mu ayɛ den. Adɛn nti na yɛreka saa? Nea edi kan no, na Yesu abrabɔ di mu, na ama yɛahu sɛnea yɛn nso yɛbɛbɔ yɛn bra ama asɔ Onyankopɔn ani. (Yoh. 8:29) Enti yedi Yesu anammɔn akyi a, yɛbɛsɔ Yehowa ani. Yebetumi anya awerɛhyem sɛ obiara a ɔbɛyere ne ho sɛ ɔbɛfa yɛn Agya a ɔwɔ soro no adamfo no, ɔno nso bɛfa no adamfo.—Yak. 4:8.

7 Nea ɛto so mmienu no, Yesu suasuaa n’Agya pɛpɛɛpɛ. Ɛno nti Yesu tumi kaa sɛ: “Nea wahu me no ahu Agya no nso.” (Yoh. 14:9) Yebetumi asuasua Yesu suban ne sɛnea na odwen nnipa ho no. Ɛho nhwɛso ne sɛ, ohuu kwatani bi mmɔbɔ, onyaa tema maa ɔbea bi a na yare a emu yɛ den bi abɔ no, na onyaa ayamhyehye maa wɔn a wɔn adɔfo awuwu. Sɛ yesuasua Yesu a, na yɛresuasua Yehowa ara ne sa. (Mar. 1:40, 41; 5:25-34; Yoh. 11:33-35) Bere a yɛresuasua Yehowa nyinaa na yɛne n’ayɔnkofa mu reyɛ den.

8. Sɛ yedi Yesu anammɔn akyi a, ɛbɛma yɛadi wiase so “nkonim.” Adɛn ntia?

8 Sɛ yedi Yesu anammɔn akyi a, ɛbɛboa yɛn na wiase bɔne yi amma yɛanyi yɛn adwene amfi Yehowa som so. Anadwo a ade rebɛkye ama Yesu awu no, otumi kaa sɛ: “Madi wiase so nkonim.” (Yoh. 16:33) Nea na ɔrekyerɛ ne sɛ, wamma kwan amma nnipa a wɔwɔ wiase no adwene, nea wɔde asisi wɔn ani so, ne wɔn nneyɛe anyi n’adwene amfi Yehowa som so. Yesu amma ne werɛ amfi nea enti a n’Agya somaa no baa asase so no. Ɔbae sɛ ɔrebɛtew Yehowa din ho. Na yɛn nso ɛ? Nneɛma bebree wɔ wiase yi mu a ebetumi ayi yɛn adwene afi Yehowa som so. Nanso sɛ yɛde yɛn adwene si so sɛ yɛbɛyɛ nea Yehowa pɛ sɛnea Yesu yɛe no a, yɛn nso yebedi wiase so “nkonim.”—1 Yoh. 5:5.

9. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛakɔ so afa ɔkwan a ɛkɔ daa nkwa mu no so?

9 Sɛ yedi Yesu anammɔn akyi a, ɛbɛma yɛanya daa nkwa. Bere a aberante sikani bi bisaa Yesu sɛ ɔnyɛ dɛn na wanya daa nkwa no, Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Bra bedi m’akyi.” (Mat. 19:16-21) Ná Yudafo no bi nnye nni sɛ Yesu ne Kristo no, enti Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Me nguan di m’akyi, na mɛma wɔn daa nkwa.’ (Yoh. 10:24-29) Ná Nikodemo yɛ Sanhedrin no muni, na na ɔpɛ sɛ ohu Yesu nkyerɛkyerɛ pii. Enti Yesu kaa sɛ ‘obiara a ɔkyerɛ no mu gyidi no benya daa nkwa.’ (Yoh. 3:16) Sɛ yɛde nea Yesu kyerɛkyerɛe no yɛ adwuma na yesuasua nea ɔyɛe a, ɛkyerɛ sɛ yegye no di. Yɛyɛ saa a, na ɛkyerɛ sɛ yɛnam ɔkwan a ɛkɔ daa nkwa mu no so.—Mat. 7:14.

YƐBƐYƐ DƐN ADI YESU ANAMMƆN AKYI PƐƐ?

10. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama ‘yɛahu’ Yesu yiye? (Yohane 17:3)

10 Sɛ yebetumi adi Yesu anammɔn akyi pɛɛ a, ɛsɛ sɛ yehu no yiye. (Kenkan Yohane 17:3.) Yesu a ‘yebehu no yiye’ no yɛ biribi a ɛsɛ sɛ yɛyɛ no daa; ɛsɛ sɛ da biara yehu no bi ka ho. Nea ɛkyerɛ ne sɛ yebesua ne ho ade ahu ne suban, n’adwene, nea ɔpɛ ne nea ɔmpɛ. Sɛ yɛbaa nokware no mu akyɛ oo, sɛ ɛnkyɛe oo, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so yere yɛn ho sɛ ‘yebehu’ Yehowa ne ne Ba no ‘yiye.’

11. Dɛn na ɛwɔ Nsɛmpa nnan no mu?

11 Nea ɛbɛboa yɛn ama yɛahu Yehowa Ba no yiye no, Yehowa adom yɛn de Nsɛmpa nnan no aba Bible no mu. Yesu asetena ne ɔsom adwuma a ɔbɛyɛe no, ɛho asɛm na ɛwɔ Nsɛmpa no mu. Nsɛmpa no ma yehu nsɛm a Yesu kae, nea ɔyɛe, ne sɛnea na ɔte nka. Nsɛmpa nnan no boa yɛn ma ‘yesusuw’ nea Yesu yɛe no ho ‘yiye.’ (Heb. 12:3) Sɛ yɛbɛka a, anammɔn a Yesu tutui no, yehu wɔ Nsɛmpa no mu. Enti sɛ yesua Nsɛmpa no a, ebetumi ama yɛahu Yesu yiye paa, na ɛno bɛma yɛatumi adi n’anammɔn akyi pɛɛ.

12. Sɛ yɛpɛ sɛ Nsɛmpa no boa yɛn paa a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

12 Sɛ yɛpɛ sɛ Nsɛmpa no boa yɛn paa a, ɛnde ɛnsɛ sɛ yɛkenkan no saa ara kɛkɛ, mmom ɛsɛ sɛ yegye bere sua no yiye na yedwinnwen ho kɔ akyiri. (Fa toto Yosua 1:8 ho.) Momma yɛnhwɛ akwan mmienu a ɛbɛboa yɛn ama yɛadwinnwen Nsɛmpa no ho na yɛde nea yɛkenkan wɔ mu no ayɛ adwuma.

13. Sɛ worekenkan Nsɛmpa no a, fa no sɛ na wowɔ hɔ bi na asɛm no sii. Wobɛyɛ no sɛn?

13 Nea edi kan, sɛ worekenkan Nsɛmpa no a, fa no sɛ na wowɔ hɔ bi na asɛm no sii. Fa no sɛ wode w’ani huu nea na ɛrekɔ so no, wode w’aso tee, na ɛmaa w’ani gyei anaa wo werɛ howee. Nea ɛbɛma woatumi ayɛ saa no, gye sɛ woyɛ nhwehwɛmu wɔ nhoma ahorow a Yehowa ahyehyɛde no ayɛ mu. Sɛ wokenkan biribi wɔ Nsɛmpa no mu a, hwɛ nea na ɛrekɔ so ansa na saa asɛm no resi na hwɛ nea ɛkɔɔ so wɔ saa asɛm no akyi. Baabi a asɛm no sii ne nnipa a na ɛwɔ hɔ no, hwehwɛ ho nsɛm no bi ka ho. Nea woresua ho ade no, kenkan ɛho nsɛm wɔ Nsɛmpa no mu nhoma foforo mu, na fa toto ho hwɛ. Sɛ worekenkan biribi wɔ Nsɛmpa no mu a, ɛtɔ da a nea obi kyerɛwee no, wubenya ɛho nsɛm kakra aka ho wɔ nea obi foforo nso kyerɛwee mu.

14-15. Yɛbɛyɛ dɛn de nea yesua wɔ Nsɛmpa no mu no abɔ yɛn bra?

14 Nea ɛto so mmienu, fa nea wusua wɔ Nsɛmpa no mu no bɔ wo bra. (Yoh. 13:17) Sɛ wotɔ wo bo ase sua biribi fi Nsɛmpa no mu a, bisa wo ho sɛ: ‘Nea misuae yi, biribi wɔ mu a metumi de abɔ me bra anaa? Nea misuae yi, sɛn na metumi de aboa obi foforo?’ Dwen ho hwɛ obi pɔtee a wubetumi de saa asɛm no aboa no. Afei bere a ɛfata mu no, fa ɔdɔ ne ntoboase ka nea wusuae no ho asɛm kyerɛ no.

15 Momma yɛmfa nhwɛso bi na yɛnhwɛ sɛnea yebetumi de akwan mmienu a yɛaka ho asɛm no ayɛ adwuma. Yɛbɛhwɛ okunafo hiani a Yesu huu no asɔrefie hɔ no asɛm no.

OKUNAFO HIANI A NA ƆWƆ ASƆREFIE HƆ NO

16. Yɛnkenkan Marko 12:41, na ka nea esii.

16 Fa no sɛ na wowɔ hɔ bi na asɛm no sii. (Kenkan Marko 12:41.) Hwɛ nea ɛkɔɔ so. Ná ɛyɛ Nisan 11, afe 33 Y.B. Ná aka nna kakraa bi ama Yesu awu. Saa da no, na Yesu de bere pii akyerɛkyerɛ wɔ asɔrefie hɔ. Nyamesomfo a na wɔne n’ani nhyia no, na wɔateetee no paa. Ná ebinom adi kan abisa no sɛ tumi a ɔde yɛ adwuma no, efi he? Ebinom nso faa nyansakwan so bebisaa no nsɛm bi de sɔɔ no hwɛe sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya no. (Mar. 11:27-33; 12:13-34) Afei Yesu fii baabi a na ɔwɔ no kɔɔ baabi foforo wɔ asɔrefie hɔ. Baabi a wɔfrɛ hɔ Mmea Abangua no, ɛbɛyɛ sɛ ɛhɔ na ɔkɔe, na na ohu sika nnaka a esisi dan ho no. Ɔtenaa ase, na ohuu wɔn a na wɔde sika regu nnaka no mu no. Ohui sɛ asikafo bebree de sika pii regu nnaka no mu. Ebetumi aba sɛ na ɔbɛn hɔ paa, enti sɛ wɔde sika no gu nnaka no mu a, na ɔte dede a sika no yɛ no.

17. Okunafo hiani a ne ho asɛm wɔ Marko 12:42 no, dɛn na ɔyɛe?

17 Kenkan Marko 12:42. Ɛyɛɛ kakra no, Yesu huu ɔbea bi. Ná ɔyɛ “okunafo hiani,” na na odi hia buruburoo. (Luka 21:2) Ná asetenam yɛ den ma no, na nea obedi mpo, na ɛyɛ den. Nanso ɔkɔɔ adaka baako ho, na ɔde nkaprɛ mma mmienu guu mu bɔkɔɔ. Ɛbɛyɛ sɛ bere a ɔde sika no regu mu no, anyɛ dede. Ná Yesu nim sika a ɔde agu mu no; nkaprɛ mma mmienu. Sika a na ɛwɔ hɔ saa bere no, ɛno ne sika a na esua paa wɔ mu. Nnomaa a na nkurɔfo tɔ de yɛ aduan no, akasanoma na na ɛyɛ fow paa. Nanso na saa sika no ntumi ntɔ akasanoma baako mpo.

18. Sɛnea Marko 12:43, 44 kyerɛ no, ɛdɛn na Yesu ka faa ɔbea kunafo no ntoboa no ho?

18 Kenkan Marko 12:43, 44. Nea ɔbea kunafo no yɛe no kaa Yesu koma paa. Enti ɔfrɛɛ n’asuafo no, na ɔde ne nsa kyerɛɛ ɔbea no so ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Nea saa okunafo hiani yi de agu mu no sen wɔn a wɔde bi abegu mu no nyinaa.’ Afei ɔkyerɛɛ mu sɛ: “Wɔn nyinaa [titiriw asikafo no] fi nea wɔanya ama aboro so mu na wɔde abegu mu, na ɔno de ofi ne hia mu de nea ɔwɔ nyinaa, n’asetenade nyinaa, abegu mu.” Bere a ɔbea kunafo a ɔsom Nyankopɔn yi de ne sika a aka nyinaa beguu adaka no mu saa da no, na ɔde ne ho rehyɛ Yehowa nsa sɛ ɔnhwɛ no.—Dw. 26:3.

Sɛnea Yesu yɛe no, wo nso kamfo wɔn a wɔyɛ nea wobetumi nyinaa wɔ Yehowa som mu no (Hwɛ nkyekyɛm 19-20) *

19. Asɛm a Yesu ka faa ɔbea kunafo hiani no ho no, ade a ehia bɛn na yebetumi asua afi mu?

19 Fa nea wusua no bɔ wo bra. Bisa wo ho sɛ, ‘Asɛm a Yesu ka faa ɔbea kunafo hiani no ho no, dɛn na metumi asua afi mu? Dwen saa ɔbea kunafo no ho. Ebetumi aba sɛ, ɔwɔ bi a, anka ɔde bi bɛka ho ama Yehowa. Ne hia nyinaa akyi no, ɔyɛɛ nea obetumi. Ɔde nea ɔwɔ nyinaa maa Yehowa, na na Yesu nim sɛ ɔbea no ntoboa no som bo wɔ n’Agya ani so. Nea ehia sɛ yesua fi mu ni: Sɛ yɛde yɛn koma nyinaa ne yɛn kra nyinaa som Yehowa a, ɛkyerɛ sɛ yɛde nea yɛwɔ nyinaa ama no, na n’ani bɛsɔ. (Mat. 22:37; Kol. 3:23) Sɛ Yehowa hu sɛ yɛreyɛ nea yebetumi nyinaa de asom no a, n’ani gye! Yebetumi de saa nnyinasosɛm anaa ntease no ayɛ adwuma wɔ bere ne ahoɔden a yɛde som Yehowa no mu. Ebi ne bere a yɛde kɔ asɛnka ne asafo nhyiam.

20. Nea yesua fi ɔbea kunafo no asɛm mu no, sɛn na wode bɛyɛ adwuma? Ma ɛho nhwɛso.

20 Nea yesua fi ɔbea kunafo no asɛm mu no, sɛn na wode bɛyɛ adwuma? Bɔ mmɔden dwen ho na hwɛ nnipa pɔtee bi a ebia ebehia sɛ wohyɛ wɔn nkuran ma wohu sɛ nea wotumi yɛ no sɔ Yehowa ani. Wunim onuawa aberewa bi a n’ahoɔden so atew nti ontumi nyɛ asɛnka adwuma no pii sɛ kan no a ɛno nti ebia n’adwene bu no fɔ anaa ɛyɛ no sɛ mfaso biara nni ne so? Anaa wunim onua bi a yare koankorɔ bi reteetee no a ontumi nkɔ asafo nhyiam no nyinaa wɔ Ahenni Asa so, a ɛno nti n’aba mu abu? Ka nsɛm a “eye ma nkɔso” kyerɛ anuanom yi fa boa wɔn. (Efe. 4:29) Ɔbea kunafo no ho asɛm a ɛhyɛ nkuran a yɛasua no, ka nea wusua fii mu kyerɛ wɔn. Sɛ woka nkuranhyɛ nsɛm kyerɛ wɔn a, ɛbɛma wɔanya awerɛhyem sɛ, sɛ yɛyɛ nea yebetumi nyinaa a, Yehowa ani sɔ. (Mmeb. 15:23; 1 Tes. 5:11) Sɛ nea anuanom fi wɔn komam yɛ ma Yehowa no sua mpo na wokamfo wɔn a, na woredi Yesu anammɔn akyi pɛɛ.

21. Dɛn na woasi w’adwene pi sɛ wobɛyɛ?

21 Ɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ Nsɛmpa no ma yehu Yesu abrabɔ ho nsɛm pii, efisɛ ɛma yetumi suasua no na yetumi di n’anammɔn akyi pɛɛ! Adɛn nti na womfa Nsɛmpa no nyɛ w’ankasa w’adesua anaa Abusua Som? Momma yɛnkae sɛ, sɛ adesua a ɛte saa betumi aboa yɛn paa a, ɛsɛ sɛ yɛfa no sɛ, na yɛwɔ hɔ bi na asɛm no sii, na yɛde nea yesua fi mu no bɔ yɛn bra. Ɛsɛ sɛ yesuasua nea Yesu yɛe na yɛde nea ɔkae no nso yɛ adwuma. Adesua a edi hɔ no, nsɛm a etwa to a Yesu kae ansa na ɔrewu no, yɛbɛhwɛ nea yebetumi asua afi mu.

DWOM 15 Kamfo Yehowa Abakan No!

^ nky. 5 Yɛyɛ nokware Kristofo, enti ɛsɛ sɛ yedi Yesu “anammɔn akyi pɛɛ.” “Anammɔn” bɛn na Yesu tutui a ɔpɛ sɛ yetiatia mu? Yebenya asɛmmisa yi ho mmuae wɔ adesua yi mu. Afei nso adesua yi bɛma yɛahu nea enti a ɛsɛ sɛ yedi n’anammɔn akyi pɛɛ, na ɛbɛma yɛahu ɔkwan a yɛbɛfa so ayɛ saa.

^ nky. 60 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU Kratafa 4-5: Asɛm a Yesu ka faa ɔbea kunafo hiani no ho no, onuawa bi adwinnwen ho, enti ɔrekamfo onuawa aberewa bi sɛ ɔde ne kra nyinaa resom Yehowa.