Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Aka bere tiaa bi ama Yesu awu no, adɛn nti na ɔkaa Dawid asɛm a ɛwɔ Dwom 22:1 no?

Aka bere tiaa bi ama Yesu awu no, nsɛm a etwa to a ɔkae no, ebi wɔ Mateo 27:46. Ɛhɔ ka sɛ: “Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, dɛn nti na woapa me?” Bere a Yesu kaa saa asɛm no, ɔmaa asɛm a odwontofo Dawid kae a ɛwɔ Dwom 22:1 no baa mu. (Mar. 15:34) Sɛ yɛka sɛ na Yesu aba mu abu anaa na ne gyidi ayɛ mmerɛw nti na ɔkaa saa asɛm yi a, ɛnde na yɛadi mfomso. Nea enti a na ɛsɛ sɛ Yesu wu no, na onim paa, na na wayɛ krado sɛ obewu. (Mat. 16:21; 20:28) Afei nso, na onim sɛ ne wu du so a, sɛnea na daa Yehowa ‘bɔ ne ho ban’ no, ɔremmɔ ne ho ban saa bio. (Hiob 1:10) Ná Yesu bɛfa nneɛma a ɛyɛ yaw bebree mu ansa na wawu, nanso na Yehowa remmɔ ne ho ban saa bere no. Yehowa yii ne nsa na ama Yesu akyerɛ sɛ obedi nokware akosi awiei.—Mar. 14:35, 36.

Ɛnde, adɛn nti na Yesu kaa asɛm a ɛwɔ Dwom 22:1 no? Ɛwom sɛ yennim nea enti a Yesu kaa saa de, nanso nea enti a ɛbɛyɛ sɛ ɔkaa saa no, ma yɛnhwɛ bi. *

Asɛm a Yesu kae no, enti na ɔrepɛ akyerɛ sɛ Yehowa rennye no mfi owu a na ɔrebewu no mu anaa? Ná ɛsɛ sɛ Yesu tua agyede no, na na Yehowa renyɛ biribiara mmoa no. Ná ɔyɛ nipa, enti na ehia sɛ owu na ama watumi ‘aka owu ahwɛ ama obiara.’—Heb. 2:9.

Bere a Yesu kaa asɛm a ɛwɔ Dwom 22:1 no, Dwom 22 no nyinaa ho asɛm na na ɔreka anaa? Saa bere no, na Yudafo no taa kyere nnwom no bebree mu nsɛm gu wɔn tirim. Enti sɛ wɔte dwom bi mu asɛm kakra a, na ɛbɛma wɔakae dwom no mu nsɛm nyinaa. Sɛ wei na na ɛwɔ Yesu adwenem a, ɛnde na ɔboaa n’akyidifo a na wɔyɛ Yudafo no ma wɔkaee nkɔmhyɛ bebree a ɛwɔ dwom yi mu no, nkɔmhyɛ a ɛfa ne wu ho no. (Dw. 22:7, 8, 15, 16, 18, 24) Afei nso, dwom no rekɔ n’awiei no, ɛkamfoo Yehowa, na ɛkaa ne ho asɛm sɛ odi Hene wɔ asase nyinaa so.—Dw. 22:27-31.

Bere a Yesu kaa Dawid asɛm no, na ɔrepɛ akyerɛ sɛ ɔnyɛɛ bɔne biara anaa? Ansa na Yesu rebewu no, Sanhedrin no dii n’asɛm bere a na ɔnyɛɛ bɔne biara, na wobuu no fɔ sɛ waka abususɛm. (Mat. 26:65, 66) Wɔde ahopere dii n’asɛm anadwo dasum, na wɔamfa mmara a na ɛwɔ hɔ no anyɛ adwuma koraa. (Mat. 26:59; Mar. 14:56-59) Enti bere a Yesu kaa saa asɛm no, ɛbɛyɛ sɛ na ɔretwe adwene asi so sɛ ɔnyɛɛ bɔne biara a enti ɛsɛ sɛ wokum no.

Dawid a ɔkyerɛw saa dwom yi huu amane. Enti na Yesu pɛ sɛ ɔkyerɛ sɛ Yehowa maa kwan maa Dawid huu amane nti Yehowa ani ansɔ no anaa? Asɛm a Dawid bisae wɔ Dwom 22:1 no nkyerɛ sɛ na ne gyidi ayɛ mmerɛw. Bere a Dawid bisaa saa asɛm no wiei no, ɔsan kaa nsɛm a ɛkyerɛ sɛ na ogye di sɛ Yehowa betumi agye ne nkurɔfo, na Yehowa kɔɔ so hyiraa no. (Dw. 22:23, 24, 27) Saa ara na Yesu, “Dawid Ba” no nso huu amane wɔ asɛndua so, nanso na wei nkyerɛ sɛ Yehowa ani nsɔ no bio.—Mat. 21:9.

Nea ɛbɛyɛ a Yesu bedi nokware akosi awiei nti, na ɛsɛ sɛ Yehowa yi N’ahobammɔ fi no so. Asɛm yi ho awerɛhow nti na Yesu kaa n’asɛm no anaa? Ná ɛnyɛ Yehowa atirimpɔw ne sɛ ne Ba no behu amane na wawu. Bere a Adam ne Hawa yɛɛ bɔne no na ɛho behiae sɛ Yesu wu. Ná Yesu nyɛɛ bɔne biara, nanso na ɛsɛ sɛ ohu amane na owu, sɛnea ɛbɛyɛ a wobebua nsɛm a na Satan ama asɔre no. Afei nso, nea na nnipa ahwere no, na ɛsɛ sɛ otua agyede no san de gye. (Mar. 8:31; 1 Pet. 2:21-24) Sɛ wei nyinaa bɛyɛ yiye a, ahobammɔ a na Yehowa de ma Yesu no, na ɛsɛ sɛ oyi fi no so kakra ma Yesu wu. Ná ɔnyɛɛ bi saa da.

Nea enti a Yehowa maa kwan ma wɔbɔɔ Yesu asɛndua mu no, ɛno na na Yesu pɛ sɛ n’asuafo no de wɔn adwene kɔ so anaa? * Ná Yesu nim sɛ kum a wobekum no wɔ asɛndua so sɛ ɔdebɔneyɛfo no bɛto nnipa bebree hintidua. (1 Kor. 1:23) Sɛ Yesu asuafo no de wɔn adwene kɔ nea enti a na ɔrebewu no so a, ɛno na na ɛbɛma wɔahu ne wu no so mfaso. (Gal. 3:13, 14) Ná wei bɛma wɔahu sɛ Yesu yɛ Agyenkwa na ɔnyɛ ɔdebɔneyɛfo.

Yennim ade pɔtee a ɛmaa Yesu kaa asɛm a ɛwɔ Dwom 22:1 no. Nanso yenim sɛ, ɔtee ase sɛ wu a na obewu wɔ asɛndua so no, na ɛka Yehowa apɛde a ɔbɛyɛ no ho. Bere a Yesu kaa asɛm a ɛwɔ Dwom 22:1 wiei no, ankyɛ koraa na ɔkaa sɛ: “Asa!” (Yoh. 19:30; Luka 22:37) Yehowa ahobammɔ a oyi fii Yesu so kakra no, ɛmaa kwan maa Yesu tumi wiee adwuma a Yehowa somaa no baa asase so sɛ ɔmmɛyɛ no nyinaa. Afei nso, ɛma otumi yɛɛ nea wɔakyerɛw afa ne ho wɔ “Mose mmara ne Adiyifo no ne Nnwom no mu nyinaa.”—Luka 24:44.

^ nky. 2 Adesua asɛm a wɔato din “Dɛn Na Yebetumi Asua Afi Nsɛm a Etwa To a Yesu Kae No Mu?” a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi mu no, hwɛ nkyekyɛm 9 ne 10 no nso.

^ nky. 4 Bere a Yesu reyɛ ne som adwuma no, ɛtɔ da a na otumi ka asɛm bi anaa obisa asɛm bi. Sɛ obisa nsɛm a ɛte saa anaa ɔka nsɛm a ɛte saa a, na ɛnkyerɛ nea ɛwɔ ne mu paa. Mmom na ɔyɛ saa sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛma n’akyidifo no anya kwan akyerɛ wɔn adwene.—Mar. 7:24-27; Yoh. 6:1-5; hwɛ Ɔwɛn-Aban, October 15, 2010, kr. 4-5.