Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adesua Asɛm 17

Woda Yehowa Koma So Paa!

Woda Yehowa Koma So Paa!

“Yehowa ani gye ne man ho.”DW. 149:4.

DWOM 108 Onyankopɔn Dɔ

NEA YƐREBESUA *

Yɛn Agya a ɔwɔ soro no “ani gye” yɛn mu biara ho (Hwɛ nkyekyɛm 1)

1. Dɛn na Yehowa hu wɔ ne nkurɔfo ho?

YEHOWA NYANKOPƆN “ani gye ne man ho.” (Dw. 149:4) Asɛm yi ka koma paa! Suban papa biara a yɛwɔ no, Yehowa hu. Afei ogye yɛn di sɛ yebetumi ayɛ n’apɛde, na ɔtwe yɛn bata ne ho. Sɛ yɛkɔ so di no nokware nko ara de a, ɔno nso bɛka yɛn ho daa!—Yoh. 6:44.

2. Adɛn nti na ɛyɛ den ma ebinom sɛ wobegye adi sɛ Yehowa dɔ wɔn?

2 Ebia ebinom bɛka sɛ, ‘Minim sɛ Yehowa dɔ ne nkurɔfo, na sɛ yeyi me nko ara a, mɛyɛ dɛn agye adi sɛ Yehowa dɔ me?’ Ɛdɛn na ebetumi ama obi abisa saa asɛm no? Oksana * yɛ obi a ɔfaa aninyanne mu wɔ ne mmofraase. Ɔkaa sɛ: “Bere a mebɔɔ asu no, m’ani gyei paa, na mebɛyɛɛ daa kwampaefo. Nanso mfe 15 akyi no, asɛm a ɛyɛ yaw a ɛtoo me wɔ me mmofraase no gyaw me adwinnwen. Mibenyaa adwene sɛ Yehowa ani nnye me ho bio na memfata mpo sɛ ɔdɔ me.” Yua nso yɛ ɔkwampaefo a odii amia wɔ ne mmofraase. Nea ɔkae ne sɛ: “Ná mepɛ sɛ Yehowa ani gye, enti mihyiraa me ho so maa no. Nanso na mete nka sɛ ɔrentumi nnɔ me da.”

3. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

3 Ebia na wo tebea te sɛ yɛn nuanom a yɛaka wɔn ho asɛm wɔ ha yi. Wodɔ Yehowa paa, nanso ebia na wunnye nni sɛ Yehowa dɔ wo. Adɛn nti na ehia sɛ woma w’adwene si wo pi sɛ Yehowa dwen wo ho paa? Sɛ wowɔ adwene sɛ Yehowa nnɔ wo a, ɛdɛn na ebetumi aboa wo ama woayi saa adwene no afi wo tirim? Momma yɛnhwɛ nsɛmmisa yi ho mmuae.

ƐYƐ HU SƐ WUBENYA ADWENE SƐ YEHOWA NNƆ WO

4. Adɛn nti na ɛyɛ hu sɛ yebenya adwene sɛ Yehowa nnɔ yɛn?

4 Ɔdɔ wɔ tumi paa. Enti sɛ yɛwɔ gyidi sɛ Yehowa dɔ yɛn, na ɔtaa yɛn akyi a, ɛbɛka yɛn ama yɛafi yɛn koma nyinaa mu asom no ɛmfa ho ɔhaw biara a yebehyia no. Nanso sɛ yennye nni sɛ Onyankopɔn dwen yɛn ho a, ɛbɛma ‘yɛn ahoɔden so atew.’ (Mmeb. 24:10) Na sɛ yɛn abam bu na yenya adwene sɛ Onyankopɔn nnɔ yɛn a, ɛbɛma Satan adi yɛn so nkonim.—Efe. 6:16.

5. Anuanom bi a wonyaa adwene sɛ Onyankopɔn nnɔ wɔn no, ɛkaa wɔn sɛn?

5 Kristofo anokwafo bi wɔ hɔ nnɛ a esiane sɛ wonyaa adwene sɛ Yehowa nnɔ wɔn nti, wɔn gyidi yɛɛ mmerɛw. Asafo mu panyin bi a ɔde James kaa sɛ: “Ná mesom wɔ Betel, na asafo a na mewom no nso, na yɛde ɔman foforo so kasa na edi adanse, na na m’ani gye wɔ asɛnka mu. Wei nyinaa akyi no, na m’adwene nsi me pi sɛ Yehowa ani gye afɔre a merebɔ no ho. Eduu baabi no, mibisaa me ho mpo sɛ, ‘Enti Yehowa tie me mpaebɔ ni?’” Eva nso yɛ bere nyinaa somfo, na ɔkaa sɛ: “Mibehui sɛ, sɛ obi nya adwene sɛ Yehowa nnɔ no a, ɛyɛ hu, efisɛ ɛbɛma ne som ayɛ basaa. Ɛba saa a, nneɛma a woyɛ wɔ Onyankopɔn som mu renyɛ wo dɛ bio, na ɛremma womfa anigye nsom Yehowa.” Michael yɛ daa kwampaefo san yɛ asafo mu panyin. Ɔkaa sɛ: “Sɛ wunnye nni sɛ Onyankopɔn dɔ wo a, nkakrankakra wubehu ara na woatwe wo ho afi ne ho.”

6. Sɛ yenya adwene sɛ Onyankopɔn nnɔ yɛn a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

6 Osuahu kakra a yɛasusuw ho yi ama yɛahu sɛ ampa, ɛyɛ hu sɛ obi benya adwene sɛ Yehowa nnɔ no. Na sɛ yefi ase nya adwene sɛ Onyankopɔn nnɔ yɛn a, ɛdɛn na yebetumi ayɛ wɔ ho? Ɛsɛ sɛ yeyi fi yɛn tirim ntɛm! Bɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa wo mma wunyi “dadwen” a ɛte saa mfi wo tirim, na woatumi de ‘Onyankopɔn asomdwoe a ɛbɛbɔ wo koma ne w’adwene nsusuwii ho ban’ no asi anan. (Dw. 139:23; Filip. 4:6, 7) Kae nso sɛ, ɛnyɛ wo nko ara na wowɔ saa haw no. Anuanom anokwafo bi nso wɔ hɔ a, saa adwene no bi tumi ba wɔn tirim, na wɔrebɔ mmɔden sɛ wobedi so. Yehowa asomfo a wɔtenaa ase tete no mpo, wɔn mu binom nyaa saa adwene no. Wo de, ma yɛnhwɛ nea yebetumi asua afi ɔsomafo Paul hɔ.

NEA YESUA FI PAUL HƆ

7. Ɔhaw ahorow bɛn na Paul hyiae?

7 Ɛtɔ da a wote nka sɛ asɛyɛde a egu wo so no dɔɔso ara ma ɛrebu wo kɔn mu anaa? Sɛ saa a, ɛnde wobɛte Paul ase. Ná ɛnyɛ asafo baako pɛ na wɔn ho adwinnwen da no so, na mmom “asafo no nyinaa.” (2 Kor. 11:23-28) Yare koankorɔ bi retenatena w’anigye so anaa? Ná Paul wɔ “ɔhonam mu nsɔe” bi, na ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ yare bi na ɛreteetee no. Ná ɔrepɛ ano aduru denneennen. (2 Kor. 12:7-10) Ɛtɔ da a wo sintɔ nti, w’abam bu anaa? Paul nso, na otumi te nka saa. Ɔkaa mpo sɛ, “M’asɛm yɛ mmɔbɔ!” Nea enti a ɔkaa saa ne sɛ, daa na bɔne a ɛwɔ ne ho ne no di asi.—Rom. 7:21-24.

8. Dɛn na ɛboaa Paul ma otumi dii ne haw ahorow so?

8 Sɔhwɛ ne ɔhaw a Paul hyiae nyinaa akyi no, ɔkɔɔ so som Yehowa. Ɛdɛn na ɛboaa no ma onyaa ahoɔden? Ɛwom, na ɔno ara nim bɔne a ɛwɔ ne ho, nanso na ɔwɔ gyidi kɛse wɔ agyede no mu. Ná onim sɛ Yesu ahyɛ bɔ sɛ, ‘obiara a ɔkyerɛ ɔno Yesu mu gyidi no benya daa nkwa.’ (Yoh. 3:16; Rom. 6:23) Wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔwɔ agyede no mu gyidi no, na Paul ka ho bi. Ná n’adwene si no pi sɛ, sɛ obi yɛ bɔne a emu yɛ duru na onu ne ho a, Yehowa wɔ ɔpɛ sɛ ɔde bɛkyɛ no.—Dw. 86:5.

9. Paul nsɛm a ɛwɔ Galatifo 2:20 no, dɛn na yesua fi mu?

9 Ade foforo nso ne sɛ, Paul nyaa gyidi sɛ Onyankopɔn dɔ no paa, efisɛ ɔsomaa Kristo sɛ ommewu mma no. (Kenkan Galatifo 2:20.) Hwɛ asɛmdɛ bi a ɛwɔ kyerɛwsɛm no awiei. Paul kaa sɛ: ‘Onyankopɔn Ba no dɔɔ me na ɔde ne ho too hɔ maa me.’ Paul ante nka sɛ ɔno de, ne bɔne so dodo, enti Onyankopɔn rentumi nnɔ no. Wanka sɛ: ‘Minim sɛ Yehowa dɔ me nuanom, nanso me de, ɛnyɛ ade a ɔbɛdɔ me.’ Paul kaee Romafo no sɛ: “Yɛda so yɛ nnebɔneyɛfo no, Kristo wu maa yɛn.” (Rom. 5:8) Onyankopɔn de, woyɛ hena o, wote sɛn o, obetumi adɔ wo!

10. Dɛn na yesua fi asɛm a ɛwɔ Romafo 8:38, 39 no mu?

10 Kenkan Romafo 8:38, 39. Ná Paul wɔ awerɛhyem kɛse sɛ Onyankopɔn dɔ nni ano. Ɔkyerɛwee sɛ, biribiara “rentumi ntew yɛn mfi Onyankopɔn dɔ” ho. Ná Paul nim sɛ Yehowa nyaa Israel man no ho abotare. Afei nso na onim sɛ Yehowa ahu no mmɔbɔ. Sɛ yɛbɛbɔ Paul asɛm no mua a, na ɔreka sɛ, ‘Sɛ Yehowa somaa ne Ba no ma obewu maa me a, ɛnde adɛn nti na ɛsɛ sɛ minya adwene sɛ ɔnnɔ me?’—Rom. 8:32.

Nea ehia Onyankopɔn ne nea yɛreyɛ seesei ne nea yɛbɛyɛ daakye, na ɛnyɛ bɔne a yɛayɛ atwam (Hwɛ nkyekyɛm 11) *

11. Ná Paul ayɛ bɔne pii te sɛ nea ɔkaa ho asɛm wɔ 1 Timoteo 1:12-15 no, nanso adɛn nti na na ɔwɔ awerɛhyem kɛse sɛ Onyankopɔn dɔ no?

11 Kenkan 1 Timoteo 1:12-15. Ebetumi aba sɛ nneɛma bi a na Paul ayɛ atwam no, ɛtɔ da a na ɛteetee no. Ɔno ara kaa sɛ abɔnefo nyinaa, ɔno na ‘odi kan,’ na ɛnyɛ nwonwa koraa sɛ ɔkaa saa! Ansa na Paul reba nokware no mu no, okyinkyin nkurow pii mu kɔtan Kristofo ani, ɔde wɔn mu bi guu afiase, na ɔde n’ano toom ma wokunkum ebinom nso. (Aso. 26:10, 11) Wo de, hwɛ sɛ Paul akohyia Kristoni aberantewa anaa ababaa bi, na Paul akae sɛ ɔka ho bi na wokum n’awofo. Wohwɛ a ɔbɛte nka sɛn? Mfomso a Paul dii no, onuu ne ho paa, nanso na onim sɛ nea ebesi anya asi awie; ɔrentumi nyɛ ho hwee. Ogye toom sɛ Kristo wu maa no, ɛno nti ɔde ahotoso kaa sɛ: “Onyankopɔn adom nti na mete sɛnea mete yi.” (1 Kor. 15:3, 10) Dɛn na yesua fi mu? Gye tom sɛ Kristo wu maa wo, na wabue kwan ama wo sɛnea ɛbɛyɛ a wo ne Yehowa bɛfa adamfo denneennen. (Aso. 3:19) Nea ehia Onyankopɔn ne nea yɛreyɛ seesei ne nea yɛbɛyɛ daakye. Bɔne a yɛayɛ atwam de, sɛ na yɛyɛ Yehowa Adansefo saa bere no oo, na yɛnyɛ bi oo, ɛnyɛ saa bɔne no na Yehowa hwɛ.—Yes. 1:18.

12. Sɛ yɛte nka sɛ yɛn so nni mfaso na Onyankopɔn rentumi nnɔ yɛn a, ɔkwan bɛn so na asɛm a ɛwɔ 1 Yohane 3:19, 20 no betumi aboa yɛn?

12 Asɛm a ɛne sɛ Yesu bewu maa wo sɛnea ɛbɛyɛ a wubenya bɔnefakyɛ no, sɛ wudwen ho a, anhwɛ a wobɛka sɛ, ‘Mete nka sɛ saa hokwan no mfata me.’ Ɛdɛn na ebetumi ama woate nka saa? Yɛyɛ nnipa yi de, anhwɛ a yɛn koma bɛdaadaa yɛn ama yɛate nka sɛ yɛn so nni mfaso na Onyankopɔn rentumi nnɔ yɛn. (Kenkan 1 Yohane 3:19, 20.) Ɛba saa a, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ “Onyankopɔn sõ sen yɛn koma.” Sɛ yɛte nka wɔ yɛn komam sɛ Yehowa nnɔ yɛn, na ɔremfa yɛn bɔne nkyɛ yɛn a, ɛsɛ sɛ yehu sɛ ɔdɔ a yɛn Agya a ɔwɔ soro no wɔ ma yɛn ne ne bɔnefakyɛ de, ebi nni baabiara. Ɛsɛ sɛ yɛka kyerɛ yɛn ho sɛ, sɛnea yehu yɛn ho no, ɛnyɛ saa na Yehowa hu yɛn; ɔdɔ yɛn. Sɛ yebetumi ayɛ saa a, gye sɛ yesua n’Asɛm daa, yɛbɔ no mpae mpɛn pii, na yɛne ne nkurɔfo anokwafo bɔ bere nyinaa. Adɛn nti na ehia paa sɛ yɛyɛ saa nneɛma yi?

SƐNEA BIBLE ADESUA, MPAEBƆ, NE NNAMFO ANOKWAFO BETUMI ABOA

13. Sɛ yesua Onyankopɔn Asɛm a, ɛboa yɛn sɛn? (Afei nso hwɛ adaka a wɔato din, “ Sɛnea Onyankopɔn Asɛm Boa Wɔn.”)

13 Sua Onyankopɔn Asɛm da biara, na wubehu Yehowa su ahorow a ɛyɛ fɛ no yiye. Wubehu sɛ ɔdɔ wo paa. Sɛ da biara wokenkan Onyankopɔn Asɛm no fã bi dwinnwen ho a, ɛbɛboa wo ama woasusuw nneɛma ho yiye, na “ateɛteɛ” w’adwene ne wo koma. (2 Tim. 3:16) Bere bi, na asafo mu panyin bi a wɔfrɛ no Kevin te nka sɛ ɔnsɛ hwee. Asɛm a ɔkae ne sɛ: “Dwom 103 a mekenkan dwinnwen ho no boaa me maa m’ani baa me ho so, na sɛnea Yehowa hu me paa no, mebɛtee ase yiye.” Eva a yɛadi kan aka n’asɛm no kaa sɛ: “Anadwo biara, ansa na mɛda no, metena ase dinn dwinnwen Yehowa nsusuwii ho. Meyɛ saa a, me koma tɔ me yam, na ɛhyɛ me gyidi den.”

14. Mpaebɔ boa yɛn sɛn?

14 Bɔ mpae mpɛn pii. (1 Tes. 5:17) Sɛ wopɛ sɛ wo ne obi fa adamfo denneennen a, ɛsɛ sɛ wotaa ne no kasa na woka wo komam asɛm kyerɛ no. Saa ara na yɛne Yehowa adamfofa nso te. Sɛ yɛbɔ no mpae na yɛka yɛn tirim asɛm kyerɛ no, na yɛma ohu yɛn haw ne sɛnea yɛte nka a, ɛbɛkyerɛ sɛ yegye no di na yenim sɛ ɔdɔ yɛn. (Dw. 94:17-19; 1 Yoh. 5:14, 15) Yua a yɛaka n’asɛm dedaw no kaa sɛ: “Sɛ mebɔ mpae a, ɛnyɛ nneɛma a esisii saa da no nko ara na meka ho asɛm kyerɛ Yehowa. Mibue me komam kyerɛ Yehowa ma ohu sɛnea mete nka ankasa. Nkakrankakra mabehu sɛ Yehowa yɛ Agya a ɔdɔ ne mma paa, na ɛnyɛ sɛ ɔyɛ adwumawura bi a ɔda adwumakuw bi ano.”—Hwɛ adaka a wɔato din “ Woakenkan Anaa?

15. Dɛn na Yehowa yɛ de kyerɛ sɛ odwen yɛn ho?

15 Wo ne nnamfo anokwafo mmɔ; wɔyɛ akyɛde a efi Yehowa hɔ. (Yak. 1:17) Yɛn Agya a ɔwɔ soro no dwen yɛn ho, enti wama yɛn anuanom mmarima ne mmea a ‘wɔdɔ yɛn bere nyinaa.’ (Mmeb. 17:17) Krataa a Paul kyerɛw kɔmaa Kolosefo no, ɔbobɔɔ anuanom bi a wɔboaa no din wom, na ɔkaa sɛ ‘wɔyɛ aboafo a wɔahyɛ no den.’ (Kol. 4:10, 11) Kristo Yesu mpo, na ohia ne nnamfo mmoa, na mmoa a ne nnamfonom a ebi yɛ abɔfo na ebi yɛ nnipa de maa no no, n’ani sɔe.—Luka 22:28, 43.

16. Sɛn na nnamfo anokwafo betumi aboa yɛn ama yɛabɛn Yehowa?

16 Nnamfo anokwafo a Yehowa de wɔn akyɛ yɛn yi, woma wɔboa wo paa? Sɛ yɛka yɛn haw kyerɛ yɛn nua Kristoni bi a ne ho akokwaw a, ɛnkyerɛ sɛ yɛn gyidi nyɛ den. Mmom ebetumi abɔ yɛn ho ban. Hwɛ nea James a yɛaka n’asɛm dedaw no kae: “Kristofo a wɔn ho akokwaw a mefaa wɔn nnamfo no aboa me papaapa. Sɛ nneɛma hyɛ me so a, wɔyɛ aso tie me ma mihu sɛ wɔdɔ me. Wɔda me koma so paa. Sɛnea wɔboa me no ama mahu sɛ Yehowa dɔ me na odwen me ho.” Anokwa, ɛho hia paa sɛ yɛne yɛn nuanom Kristofo fa adamfo denneennen!

TENA YEHOWA DƆ MU

17-18. Hena na ɛsɛ sɛ yetie no, na adɛn ntia?

17 Sɛnea yɛrebɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ nea ɛteɛ no, Satan pɛ sɛ yɛn abam bu na yegyae. Ɔpɛ sɛ yenya adwene sɛ Yehowa nnɔ yɛn na yɛmfata nkwagye. Nanso sɛnea yɛabehu no, ɛnyɛ saa koraa na asɛm no te.

18 Yehowa dɔ wo. Wosom bo ma no paa. Sɛ wutie no a, ‘wobɛtena ne dɔ mu’ daa sɛnea Yesu te ne dɔ mu no. (Yoh. 15:10) Enti ntie Satan, na sɛ wo koma nso daadaa wo sɛ Yehowa nnɔ wo a, nnye ntom. Mmom tie Yehowa. Ɔno de, ohu adepa wɔ yɛn mu biara ho. Ma w’adwene nsi wo pi sɛ Yehowa “ani gye ne man ho,” na wo nso woka ho!

DWOM 141 Nkwa Yɛ Anwonwade

^ nky. 5 Yɛn nuanom bebree wɔ hɔ a, ɛyɛ den paa sɛ wobegye adi sɛ Yehowa dɔ wɔn. Adesua yi mu no, yebehu nea enti a yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa dɔ yɛn mu biara. Afei nso ɛba sɛ yenya adwene sɛ Yehowa nnɔ yɛn a, adesua yi bɛboa yɛn ama yɛahu ɔkwan a yɛbɛfa so ayi saa adwene no afi yɛn tirim.

^ nky. 2 Wɔasesa edin ahorow no bi.

^ nky. 67 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU Kratafa 22: Ansa na Paul resua nokware no, ɔma wɔkyeree Kristofo pii koguu afiase. Bere a afei obegyee nea Yesu ayɛ ama no no toom no, ɔsesae, na ɔhyɛɛ ne nuanom Kristofo nkuran. Ebetumi aba sɛ na wɔn mu binom yɛ wɔn a kan no, ɔtan wɔn ani no abusuafo.