Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 15

Woyɛ ‘Nhwɛso Wɔ Ɔkasa Mu’?

Woyɛ ‘Nhwɛso Wɔ Ɔkasa Mu’?

“Yɛ nhwɛso ma anokwafo no wɔ ɔkasa . . . mu.”—1 TIM. 4:12.

DWOM 90 Monhyɛ Mo Ho Nkuran

NEA YƐREBESUA *

1. Ɛyɛɛ dɛn na yetumi kasa?

 SƐNEA yetumi kasa no, ɛyɛ akyɛde a efi yɛn Nyankopɔn a ɔdɔ yɛn no hɔ. Bere a Yehowa bɔɔ Adam, onipa a odi kan no wiei pɛ, otumi ne Yehowa, n’Agya a ɔwɔ soro no kasae. Ná ɔno ara nso betumi anwene nsɛmfua no bi aka ho. Bere a Adam retoto mmoa no nyinaa din no, saa na ɔyɛe. (Gen. 2:19) Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Adam ani gyei bere a edi kan a ɔne ne yere hoɔfɛfo Hawa kasae no!—Gen. 2:22, 23.

2. Tete no, sɛn na ebinom anhwɛ wɔn kasa yiye, na ɛnnɛ nso, sɛn na ebinom nhwɛ wɔn kasa yiye?

2 Akyɛde a ɛne hokwan a yetumi de kasa no, ankyɛ koraa na ebinom sɛee no. Satan Ɔbonsam dii atoro kyerɛɛ Hawa, na ɛkɔfaa bɔne ne sintɔ bɛsoɛɛ nnipa so. (Gen. 3:1-4) Bere a Adam dii mfomso, na ɔde ɛho asodi too Hawa ne Yehowa so no, wankasa yiye. (Gen. 3:12) Bere a Kain kum ne nua Habel, na Yehowa bisaa no ɛho asɛm no, odii atoro. (Gen. 4:9) Akyiri yi, Kain aseni bi a ne din de Lamek hyehyɛɛ anwensɛm bi, na emu nsɛm no ma yehu sɛ saa bere no na basabasayɛ abu so. (Gen. 4:23, 24) Ɛnnɛ nso ɛ, dɛn na yehu? Ɛtɔ da a, amanyɔfo mfɛre sɛ wɔbɛka kasafĩ wɔ baguam. Ɛyɛ den sɛ wobɛhwɛ sini bi awie a obi nka kasafĩ wom. Kasafĩ atu atese wɔ sukuu ne nnwuma mu nyinaa. Awerɛhosɛm ne sɛ, kasafĩ a nkurɔfo ka no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ, nnipa a atwa yɛn ho ahyia no abrabɔ ne wɔn kasa asɛe.

3. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye wɔ ho, na dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

3 Kasafĩ a nkurɔfo ka a daa egyigye yɛn asom no, yɛanhwɛ yiye a, yebefi ase aka bi. Nokware Kristofo de, nea yɛpɛ ne sɛ yɛbɛsɔ Yehowa ani. Enti ɛnsɛ sɛ yɛka kasafĩ, nanso sɛ yɛyɛ saa a na yenwiei. Yɛpɛ sɛ yɛde yɛn kasa yi Onyankopɔn ayɛ. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ sɛnea yebetumi ayɛ saa (1) bere a yɛreyɛ asɛnka adwuma no, (2) bere a yɛwɔ adesua ase, ne (3) bere a yɛne afoforo rebɔ nkɔmmɔ. Nanso, momma yenni kan nhwɛ nea enti a yɛn anom kasa ho hia Yehowa.

YƐN ANOM KASA HO HIA YEHOWA

Dɛn na w’anom kasa ma yehu fa nea ɛwɔ wo komam ho? (Hwɛ nkyekyɛm 4-5) *

4. Sɛnea Malaki 3:16 kyerɛ no, adɛn nti na yɛn anom kasa ho hia Yehowa?

4 Kenkan Malaki 3:16. Wɔn a wɔn anom kasa ma ɛda adi sɛ wosuro Yehowa, na wodwinnwen ne din ho no, wunim nea enti a Yehowa bɛkyerɛw wɔn din wɔ ne “nkae nhoma” mu no? Yɛn anom kasa na ɛkyerɛ nea ɛwɔ yɛn komam. Yesu kaa sɛ: “Nea ayɛ koma mã no na ano ka.” (Mat. 12:34) Sɛ yɛdɔ Yehowa paa a, nsɛm a yɛka no na ɛbɛkyerɛ. Yehowa pɛ sɛ wɔn a wɔdɔ no no tena ase daa wɔ wiase foforo no mu, na wɔn ani gye.

5. (a) Yɛn anom kasa fa yɛn som ho sɛn? (b) Sɛnea mfoni no ma yehu no, dɛn na yɛn anom kasa ma ɛda adi?

5 Yɛn anom nsɛm na ɛbɛkyerɛ sɛ Yehowa begye yɛn som atom anaa ɔrennye ntom. (Yak. 1:26) Wɔn a wɔnnɔ Onyankopɔn no, ebinom kasa abufuw ne ahantan so, na wɔn ano yɛ yaw. (2 Tim. 3:1-5) Nnipa a wɔte saa de, yɛmpɛ sɛ yesuasua wɔn koraa. Yɛasi yɛn bo sɛ, yɛde yɛn anom kasa beyi Yehowa ayɛ. Sɛ yɛwɔ Kristofo nhyiam ase anaa yɛwɔ asɛnka mu a, ebia yɛka kasadɛ kyerɛ nkurɔfo, nanso sɛ yebedu fie a obiara nhu yɛn a, ebia wobɛhwɛ na yɛde abufuw rekekaw mu gu yɛn abusuafo so. Yɛyɛ saa a, wohwɛ a Yehowa ani begye yɛn ho?—1 Pet. 3:7.

6. Esiane sɛ na Kimberly anom kasa yɛ dɛ nti, adepa bɛn na efii mu bae?

6 Sɛ yɛn anom kasa yɛ dɛ a, ɛma nkurɔfo hu sɛ yɛyɛ Yehowa asomfo. Ɛma wɔn a atwa yɛn ho ahyia no hu no pefee sɛ nsonsonoe da “nea ɔsom Onyankopɔn ne nea ɔnsom no no ntam.” (Mal. 3:18) Momma yɛnhwɛ sɛnea onuawa bi a ne din de Kimberly * ma ɛdaa adi sɛ saa asɛm yi yɛ nokware. Wɔmaa ɔne ne yɔnko sukuuni bi dwumadi sɛ wɔnyɛ. Bere a wɔboom yɛɛ dwumadi no wiei no, Kimberly yɔnko sukuuni no hui sɛ, ɔyɛ soronko wɔ sukuufo a aka no ho. Ná Kimberly nni nkurɔfo ho nseku, ɔnka kasafĩ, mmom na n’anom kasa yɛ dɛ. Ɛyɛɛ Kimberly yɔnko sukuuni no nwonwa, na ewiee ase no, ɔpenee so sɛ ɔne Kimberly besua Bible no. Sɛ yɛn anom kasa twetwe nkurɔfo ma wosua Yehowa ho ade a, hwɛ sɛnea ɛma n’ani gye!

7. Hokwan a yetumi de kasa a ɛyɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ no, dɛn na woasi wo bo sɛ wode bɛyɛ?

7 Yɛn nyinaa pɛ sɛ yɛde yɛn anom kasa hyɛ Yehowa anuonyam. Afei nso, yɛpɛ sɛ yɛn anom kasa tumi twe yɛn nuanom bɛn yɛn. Enti momma yɛnhwɛ nneɛma pɔtee bi a yebetumi ayɛ na ama yɛakɔ so ayɛ ‘nhwɛso wɔ ɔkasa mu.’

YƐ NHWƐSO PA BERE A WOREYƐ ASƐNKA ADWUMA NO

Sɛ yɛamfa abufuw ankasa ankyerɛ nkurɔfo wɔ asɛnka mu a, ɛsɔ Yehowa ani (Hwɛ nkyekyɛm 8-9)

8. Sɛnea Yesu kasae bere a ɔreyɛ asɛnka adwuma no, yɛbɛyɛ dɛn asuasua no?

8 Sɛ obi hyɛ wo abufuw a, wo ne no nkasa wɔ nidi mu. Bere a Yesu reyɛ ne som adwuma no, nkurɔfo kasa tiaa no sɛ ɔyɛ kɔwensani, odidifo, ɔyɛ adwuma ma Ɔbonsam, onni Homeda, na ɔka abususɛm mpo tia Onyankopɔn. (Mat. 11:19; 26:65; Luka 11:15; Yoh. 9:16) Nanso Yesu amfa abufuw ankeka bi ankyerɛ wɔn. Sɛnea Yesu yɛe no, yɛn nso, sɛ obi de abufuw kasa tia yɛn a, ɛnsɛ sɛ yɛyɛ no bi tua ka da. (1 Pet. 2:21-23) Nea yɛreka yi nkyerɛ sɛ ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛhyɛ yɛn ho so. (Yak. 3:2) Ɛnde, dɛn na ebetumi aboa yɛn?

9. Sɛ yɛreyɛ asɛnka adwuma no a, dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛahwɛ yɛn kasa yiye?

9 Sɛ woreyɛ asɛnka adwuma no, na obi ne wo ankasa yiye a, mfa w’adwene nkɔ so. Onua bi a ne din de Sam ka sɛ, “Ɛyɛ a mema ɛtena m’adwene mu sɛ ehia paa sɛ onii no te asɛmpa no, na obetumi asesa.” Ɛtɔ da a, nea enti a onii no bo fuw ara ne sɛ, bere a yɛkɔɔ hɔ no nye mma no. Sɛ obi de abufuw hyia yɛn a, yebetumi asuasua nea ɛyɛ a onuawa bi a ne din de Lucia yɛ no. Yebetumi abɔ mpae tiawa, na yɛasrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa yɛn mma yɛnhyɛ yɛn ho so, na yɛankasa antia onii no, anaa yɛammu no animtiaa.

10. Sɛnea 1 Timoteo 4:13 kyerɛ no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛde yɛ yɛn botae?

10 Yere wo ho ma wo nkyerɛkyerɛ ntu mpɔn. Ná Timoteo yɛ Kristoni a otumi kyerɛkyerɛ yiye, nanso na ehia sɛ ɔkɔ so tu mpɔn wɔ ne nkyerɛkyerɛ mu. (Kenkan 1 Timoteo 4:13.) Yɛbɛyɛ dɛn atumi akyerɛkyerɛ yiye wɔ asɛnka mu? Ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho yiye. Yehowa ahyehyɛde no adaworoma, yɛwɔ nnwinnade pii a ebetumi aboa yɛn ama yɛatumi akyerɛkyerɛ yiye. Sɛ yɛhwɛ nhomawa a yɛato din Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho no mu, ne Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma no, ɔfã a yɛato din “Ma W’ani Nku Asɛnka Ho” no a, yebenya nsɛm pii wom a ɛbɛboa yɛn. Ɛyɛ a wode nea yɛreka ho asɛm yi di dwuma anaa? Sɛ yesiesie yɛn ho yiye a, ɛremma yɛn yam nhyehye yɛn pii, na yebetumi de ahotoso akasa.

11. Dɛn na Kristofo binom ayɛ ama wɔn nkyerɛkyerɛ atu mpɔn?

11 Wɔn a wonim nkyerɛkyerɛ wɔ asafo no mu no, sɛ yesuasua wɔn a, ɛbɛma yɛn nkyerɛkyerɛ atu mpɔn. Sam a yɛadi kan aka ne ho asɛm no, ɛyɛ a obisa ne ho sɛ, ‘Dɛn na ɛma Kristofo binom tumi kyerɛkyerɛ yiye saa?’ Afei ɔto ne bo ase hwɛ sɛnea wɔkyerɛkyerɛ no, na osuasua wɔn. Sɛ anuanom a wonim nkyerɛkyerɛ rema baguam ɔkasa a, onuawa bi a ne din de Talia de n’ani to fam hwɛ sɛnea wɔyɛ no no. Wei nti, nsɛm a nkurɔfo taa bisa wɔ asɛnka mu no, wasua sɛnea obetumi ne wɔn asusuw ho.

YƐ NHWƐSO PA BERE A WOWƆ ADESUA ASE

Sɛ yefi yɛn komam to dwom wɔ adesua ase a, eyi Yehowa ayɛ (Hwɛ nkyekyɛm 12-13)

12. Dɛn na ɛyɛ den ma ebinom sɛ wɔbɛyɛ?

12 Sɛ yɛn nyinaa bom to dwom, na yɛma mmuae a ɛtɔ asom a, ɛbɛma adesua no akɔ yiye. (Dw. 22:22) Ɛyɛ den ma ebinom sɛ wɔbɛto dwom anaa wɔbɛma mmuae wɔ baguam. Wo nso, ɛyɛ den ma wo anaa? Sɛ saa a, w’ani begye ho sɛ wubehu nea aboa ebinom ama wɔatumi adi ɔhaw a ɛte saa so.

13. Dɛn na ɛbɛboa wo ma woatumi afi wo komam ato dwom wɔ adesua ase?

13 Fi wo komam to dwom. Ade titiriw nti a yɛto Ahenni nnwom ne sɛ yɛde beyi Yehowa ayɛ. Onuawa bi a ne din de Sara te nka sɛ onnim nnwom to papa. Nanso ɔpɛ sɛ ɔto nnwom yi Yehowa ayɛ. Ɛno nti, sɛ ɔresua nea yebesua wɔ adesua ase no a, ohu sɛ, sɛ osua nnwom a yɛbɛto no nso ka ho a, ɛboa no. Ɔbobɔ nnwom no so, na ɔhwɛ sɛnea emu nsɛm no fa nea yebesua no ho. Ɔka sɛ, “Wei nti, sɛ mereto dwom no a, ɛmma memfa m’adwene nkɔ sɛnea mɛto no no so, mmom ɛma mede m’adwene si emu nsɛm no so.”

14. Sɛ wofɛre ade anaa ehu wɔ wo mu a, dɛn na ɛbɛboa wo ma woama mmuae wɔ adesua ase?

14 Ɛyɛ a taa ma mmuae. Nokwasɛm ne sɛ, wei betumi ayɛ den ama ebinom. Talia a yɛadi kan aka ne ho asɛm no kyerɛ mu sɛ, “Sɛ merekasa wɔ nnipa mu a, me yam tumi hyehye me paa. Nanso esiane sɛ me nne mpopo nti, nkurɔfo nhu. Enti sɛ merebɛma mmuae a, na ayɛ me so dadwen.” Ne nyinaa mu no, Talia yere ne ho ma mmuae. Sɛ ɔresua nea yebesua wɔ adesua ase no a, ɔma ɛtena n’adwene mu sɛ mmuae a edi kan no, ɛsɛ sɛ ɛyɛ tiawa, na eyi asɛmmisa no ano tẽẽ. Ɔka sɛ: “Wei kyerɛ sɛ, sɛ me mmuae no yɛ tiawa, na ɛma asɛntitiriw no yi ne ho a, eye, efisɛ nea ɔrehwɛ adesua no so no, ɛno ne mmuae a ɔhwɛ kwan sɛ yɛbɛma.”

15. Mmuae a yɛma no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae wɔ ho?

15 Kristofo a fɛre anaa ehu nni wɔn mu mpo, ɛtɔ da a, wɔtwentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛma mmuae. Adɛn ntia? Onuawa bi a ne din de Juliet kyerɛ mu sɛ, “Ɛtɔ da a, metwentwɛn me nan ase sɛ mɛma mmuae, efisɛ ɛyɛ a mete nka sɛ me mmuae no mu mpiw, na ɛntɔ asom papa.” Nanso, kae sɛ nea Yehowa pɛ ne sɛ yebefi yɛn koma mu ama mmuae biara a yebetumi. * Sɛ yɛamma ehu ankyekyere yɛn, na yɛyere yɛn ho yi no ayɛ wɔ adesua ase a, n’ani sɔ paa.

YƐ NHWƐSO PA BERE A WO NE AFOFORO REBƆ NKƆMMƆ

16. Nsɛm bɛn na ɛnsɛ sɛ epue fi yɛn anom?

16 Mma “abususɛm” anaa kasafĩ biara mmpue mmfi w’anom. (Efe. 4:31) Sɛnea yɛadi kan aka no, ɛnsɛ sɛ kasafĩ pue fi Kristoni anom. Nanso nsɛm a yɛka no bi wɔ hɔ a, anhwɛ a yɛrenhu sɛ ɛyɛ kasafĩ. Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na nsɛm a ɛte saa nso ampue amfi yɛn anom. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, sɛ yɛreka nnipa a ɛsono wɔn amammerɛ, abusua ne ɔman a wofi mu ho asɛm a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛankasa antia wɔn. Afei nso, ɛnsɛ sɛ yɛka nsɛm bi a ɛbɛkyerɛ sɛ yɛredidi nkurɔfo atɛm. Onua bi ka sɛ: “Ɛtɔ da a, ɛyɛ a meka nsɛm a ɛyɛ yaw de di obi ho agorɔ. Me de, ɛyɛ a mefa no sɛ agorɔ na me no redi, na asɛm biara nni nea mekae no ho, nanso nokwasɛm paa ne sɛ, ɛyɛ a etumi haw onii no. Me yere aboa me paa mfe bebree ni. Sɛ meka asɛm bi a ɛnyɛ dɛ na ɛhaw ɔne afoforo a, ɛka me ne ɔno nko ara a, ɔka ho asɛm kyerɛ me.”

17. Sɛnea Efesofo 4:29 kyerɛ no, dɛn na yebetumi ayɛ de ahyɛ afoforo den?

17 Ma wo kasa nhyɛ afoforo den. Yere wo ho kamfo afoforo sen sɛ wobɛkasa atia wɔn. (Kenkan Efesofo 4:29.) Ná Yehowa ayɛ nneɛma pii ama Israelfo no a anka ɛsɛ sɛ wɔda no ase, nanso daa na wonwiinwii. Sɛ yɛtaa nwiinwii a, afoforo nso besuasua. Wobɛkae a, amanneɛbɔ a etu koma a mmarima du a wɔkɔhwɛɛ Bɔhyɛ Asaase no de bae no, ɛmaa “Israelfo nyinaa . . . nwiinwii tiaa Mose.” (Num. 13:31–14:4) Nanso sɛ yɛkamfo nkurɔfo a, ebetumi ama wɔn ani agye. Yebetumi aka sɛ, kamfo a na Israel mmabaa kɔkamfo Yefta babea no nti, ɛhyɛɛ no nkuran paa ma otumi kɔɔ so yɛɛ n’adwuma. (Atem. 11:40) Sara a yɛadi kan aka ne ho asɛm no ka sɛ, “Sɛ yɛkamfo nkurɔfo a, ɛma wɔte nka sɛ Yehowa dɔ wɔn, na wɔn ho hia wɔ n’ahyehyɛde no mu.” Enti hwehwɛ hokwan a ɛbɛma woayi wo yam akamfo afoforo.

18. Sɛ yɛhwɛ asɛm a ɛwɔ Dwom 15:1, 2 no a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛka nokware, na dɛn nso na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ?

18 Ka nokware. Sɛ yɛyɛ nnipa a yɛnka nokware a, yɛrentumi nsɔ Yehowa ani. Okyi atoro biara. (Mmeb. 6:16, 17) Ɛnnɛ, nnipa bebree bu atorodi sɛ mfomso biara nni ho, nanso yɛn de, yekyi, efisɛ Yehowa kyi. (Kenkan Dwom 15:1, 2.) Ɛwom, atoro fitaa de yɛrenni, nanso ɛnsɛ sɛ yɛboapa katakata nokwasɛm bi a ehia sɛ afoforo hu so.

Sɛ obi redi nseku na yɛkɔfa asɛm a ɛhyɛ nkuran bɛbom a, ɛhyɛ Yehowa anuonyam (Hwɛ nkyekyɛm 19)

19. Dɛn bio na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye wɔ ho?

19 Hwɛ na woanni nseku. (Mmeb. 25:23; 2 Tes. 3:11) Juliet a yɛadi kan aka ne ho asɛm no kyerɛ mu sɛ, nseku tumi haw no. Ɔka sɛ: “Sɛ obi di obi ho nseku kyerɛ me a, etumi teetee me paa. Ɛba saa a, onii a obedii nseku no, ɛmma minnye no nni bio. Sɛ watumi abedi obi ho nseku akyerɛ me a, dɛn na ɛkyerɛ sɛ ɔrenkodi me nso me ho nseku?” Sɛ wuhu sɛ nkɔmmɔ bi reyɛ adan nseku a, bɔ mmɔden kɔfa nkɔmmɔ bi a ɛhyɛ nkuran bɛbom.—Kol. 4:6.

20. Dɛn na woasi wo bo sɛ wode w’anom kasa bɛyɛ?

20 Wiase a yɛte mu yi, nnipa bebree anom kasa nyɛ dɛ. Enti ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho paa ma yɛn anom kasa sɔ Yehowa ani. Kae sɛ, hokwan a yetumi de kasa no yɛ akyɛde a efi Yehowa hɔ, enti yɛn anom kasa ho hia no. Sɛ yɛyere yɛn ho ka kasadɛ wɔ asɛnka mu, adesua ase, ne yɛne afoforo nkɔmmɔbɔ mu a, Yehowa behyira yɛn. Sɛ Yehowa sɛe wiase a bɔne adonnɔn no yi a, ɛrenyɛ den koraa sɛ yɛde yɛn anom kasa beyi no ayɛ. (Yuda 15) Nanso seesei de, si wo bo sɛ wobɛma ‘w’anom nsɛm’ ahyɛ Yehowa anuonyam.—Dw. 19:14.

DWOM 121 Yehia Ahosodi

^ nky. 5 Yehowa ama yɛn akyɛde nwonwaso bi. Ɛno ne sɛnea yetumi kasa. Nanso, awerɛhosɛm ne sɛ, sɛnea Yehowa pɛ sɛ nnipa kasa no, ɛnyɛ saa na nnipa dodow no ara yɛ. Dɛn na ebetumi aboa yɛn ama yɛn kasa ho atew, na ahyɛ Yehowa anuonyam wɔ wiase bɔne yi mu? Sɛ yɛreyɛ asɛnka adwuma no, yɛwɔ adesua ase, anaa yɛne afoforo rebɔ nkɔmmɔ a, yɛbɛyɛ dɛn ama yɛn kasa ahyɛ Yehowa anuonyam? Adesua yi bɛma yɛanya saa nsɛmmisa no ho mmuae.

^ nky. 6 Wɔasesa edin no bi.

^ nky. 15 Sɛ wopɛ mmuaema ho nsɛm foforo a, hwɛ asɛm a yɛato din “Yi Yehowa Ayɛ Wɔ Asafo Mu” a ɛbaa January 2019 Ɔwɛn-Aban mu no.

^ nky. 61 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Obi bo afuw onua bi wɔ asɛnka mu, na ɔno nso de ahyia no; wɔreto dwom wɔ adesua ase, na onua bi gyina hɔ a ɔnto bi; onuawa bi nso redi nseku.