Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adesua Ho Nyansahyɛ

Adesua Ho Nyansahyɛ

Kyerɛwnsɛm a wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ Nhoma a Yehowa Adansefo De Yɛ Nhwehwɛmu no mu no, sɛn na ɛreboa wo?

Saa nkyerɛkyerɛmu no betumi aboa wo ma woadɔ Onyankopɔn Asɛm mu asukɔ. Ebia sɛnea na nneɛma te bere a wɔrekyerɛw Bible mu asɛm bi no, ɛbɛma woahu. Ebetumi nso ama woahu nea enti a wɔkyerɛwee, wɔn a wɔkyerɛw maa wɔn, ne nsɛmfua pɔtee anaa ɔkasasin bi mu nkyerɛkyerɛmu.

Nhoma a Yehowa Adansefo De Yɛ Nhwehwɛmu a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA ne JW Library® so no, ebetumi aboa wo ma woayɛ kyerɛwsɛm pɔtee bi mu nhwehwɛmu. Bible biara a ɛwɔ hɔ no, sɛ wobɔ nkyekyɛm bi so na nkyerɛkyerɛmu wɔ ho a, ebebue ama wo.

Sɛ wopɛ sɛ wokenkan nkyerɛkyerɛmu ahorow no a, ɛyɛ a hyɛ sɛnea wɔahyehyɛ no nnidiso nnidiso no nsow. Nkyerɛkyerɛmu a ɛyɛ foforo paa na ɛwɔ soro no. Nea ɛwɔ ase hɔ no, ebia ntease dedaw a na yɛwɔ no, wubehu bi wom.

  • Nhoma a Yehowa Adansefo De Yɛ Nhwehwɛmu no, ɛwɔ Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA no so dedaw.

  • JW Library hɔ de, gye sɛ wotwe. Ɛwom ara na foforo bɛtɔ hɔ a, wubetumi atwe. Sɛ wubue ti biara wɔ Bible mu na wohwɛ nifa so wɔ soro hɔ a, wubetumi atwe.