Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 15

Anwanwade Ahorow a Yesu Yɛe No, Dɛn Na Yebetumi Asua Afi Mu?

Anwanwade Ahorow a Yesu Yɛe No, Dɛn Na Yebetumi Asua Afi Mu?

“Okyinkyin asaase no so yɛɛ papa, na ɔsaa . . . yare.”— ASO. 10:38.

DWOM 13 Kristo Yɛ Yɛn Nhwɛsofo

NEA YƐREBESUA a

1. Bere a Yesu yɛɛ n’anwanwade a edi kan no, dɛn na na ɛrekɔ so?

 FA NO sɛ afe 29 Y.B. rekɔ n’awiei bere a Yesu fii ne som adwuma ase no, na wowɔ hɔ. Ná ayeforohyia apontow bi rekɔ so wɔ Kana; ná Kana yɛ akuraa bi a ɛda Yesu kurom Nasaret atifi fam. Ná wɔato nsa afrɛ Yesu ne ne maame Maria ne Yesu asuafo no bi sɛ wɔmmra ase. Ná Maria nim abusua no paa, na ɛbɛyɛ sɛ na ɔreboa ma wɔasom ahɔho no. Nanso bere a ayeforohyia apontow no rekɔ so no, biribi sii a na ebetumi agu awarefo no ne wɔn abusuafo anim ase paa; ɛne sɛ, wɔn nsã sae. b Ahɔho a ɛbae no, ebia na wɔdɔɔso sen nnipa dodow a na wɔrehwɛ wɔn kwan no. Ɛhɔ ara na Maria yɛɛ ntɛm kɔɔ ne ba no hɔ kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Wonni nsã.” (Yoh. 2:1-3) Dɛn na Yesu yɛe? Ɔyɛɛ anwanwade; ɔmaa nsu danee “nsã pa.”—Yoh. 2:9, 10.

2-3. (a) Anwanwade ahorow bɛn na Yesu yɛe? (b) Sɛ yesusuw anwanwade ahorow a Yesu yɛe no ho a, ɛbɛboa yɛn sɛn?

2 Bere a Yesu reyɛ ne som adwuma no, ɔyɛɛ anwanwade afoforo nso. c Ɔde tumi a ɔwɔ no yɛɛ anwanwade boaa nnipa mpempem bebree. Yɛmfa anwanwade mmienu bi a ɔyɛe nyɛ nhwɛso. Nea edi kan no, ɔmaa mmarima 5,000 aduan dii. Nea ɛtɔ so mmienu no nso, ɔmaa mmarima 4,000 aduan dii. Nanso sɛ yɛde mmea ne mmofra a na ɛwɔ hɔ no nyinaa ka ho a, ebia na wɔn dodow bɛboro 27,000. (Mat. 14:15-21; 15:32-38) Mprenu a Yesu maa nkurɔfo aduan dii no, ɔsaa nnipa pii nso yare. (Mat. 14:14; 15:30, 31) Nnipadɔm a Yesu maa wɔn aduan dii na ɔsaa wɔn mu binom yare no, ɛbɛyɛ sɛ wɔn ani gyei paa!

3 Anwanwade a Yesu yɛe no, yebetumi asua nneɛma pii afi mu. Adesua yi mu no, yebesusuw anwanwade no bi ho, na ɛbɛboa yɛn ama yɛanya asuade ahorow a ɛbɛhyɛ yɛn gyidi den. Ɛno akyi no, ahobrɛase ne ayamhyehye a Yesu daa no adi bere a na ɔreyɛ anwanwade no, yɛbɛhwɛ sɛnea yebetumi asuasua.

NEA YEBETUMI ASUA AFI YEHOWA NE YESU HƆ

4. Anwanwade ahorow a Yesu yɛe no, henanom na ɛma yenya wɔn mu gyidi?

4 Anwanwade ahorow a Yesu yɛe no, yebetumi asua nneɛma pii afi mu; ɛnyɛ Yesu nko na ɛma yenya ne mu gyidi na mmom n’Agya nso, efisɛ Yehowa na ɔmaa no tumi ma ɔde yɛɛ anwanwade no. Asomafo Nnwuma 10:38 ka sɛ: “Onyankopɔn de honhom kronkron ne tumi sraa [Yesu], na okyinkyin asaase no so yɛɛ papa, na ɔsaa wɔn a Ɔbonsam ahyɛ wɔn so nyinaa yare, efisɛ na Onyankopɔn ka ne ho.” Afei nso, kae sɛ biribiara a Yesu kae anaa ɔyɛe no, osuasuaa n’Agya pɛpɛɛpɛ. Anwanwade ahorow a ɔyɛe no mpo, sɛnea anka n’Agya bɛyɛ no no, saa ara na ɔyɛe. (Yoh. 14:9) Anwanwade ahorow a Yesu yɛe no, momma yɛnhwɛ nneɛma mmiɛnsa bi a yebetumi asua afi mu.

5. Dɛn na ɛkanyan Yesu ma ɔyɛɛ anwanwade? (Mateo 20:30-34)

5 Nea edi kan, Yesu ne n’Agya dɔ yɛn paa. Bere a Yesu wɔ asaase so no, esiane sɛ na ɔdɔ nnipa paa nti, ɔyɛɛ anwanwade ma ɛboaa wɔn a na wɔrehu amane no. Bere bi, anifuraefo mmienu bi su guu no so sɛ ɔmmoa wɔn. (Kenkan Mateo 20:30-34.) Hyɛ no nsow sɛ ‘ɛyɛɛ Yesu mmɔbɔ,’ enti ɔsaa wɔn yare. Greek adeyɛ asɛm a wɔde adi dwuma wɔ ha a wɔakyerɛ ase ‘ɛyɛɛ no mmɔbɔ’ no, ɛkyerɛ ayamhyehye kɛse a obi nya wɔ ne mu. Saa ayamhyehye kɛse yi ma yehu sɛ na Yesu dɔ nnipa; ɛno nso kaa no ma ɔmaa wɔn a ɔkɔm de wɔn aduan na ɔsaa ɔkwatani bi yare. (Mat. 15:32; Mar. 1:41) Yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa, yɛn Nyankopɔn a ɔwɔ “mmɔborɔhunu” no ne ne Ba no dɔ yɛn paa, na sɛ yehu amane a, ɛyɛ wɔn yaw. (Luka 1:78; 1 Pet. 5:7) Wɔpɛ paa sɛ wɔyi amanehunu ne abɛbrɛsɛ a adasamma refa mu no nyinaa fi hɔ!

6. Tumi bɛn na Onyankopɔn de ama Yesu?

6 Nea ɛtɔ so mmienu, Onyankopɔn ama Yesu tumi a ɔde beyi adasamma haw nyinaa afi hɔ. Ɔhaw a yɛn ankasa yɛrentumi nyi mfi hɔ no, Yesu nam anwanwade a ɔyɛe so kyerɛe sɛ ɔwɔ tumi a ɔde beyi ne nyinaa afi hɔ. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, bɔne a yenya fii awo mu ne ɛso nsunsuanso a ɛne yare ne owu no, ɛno na ɛkɔfaa adasamma haw nyinaa bae. Nanso, Yesu wɔ tumi a ɔde betu ne nyinaa ase ama yɛn ho atɔ yɛn. (Mat. 9:1-6; Rom. 5:12, 18, 19) Anwanwade a ɔyɛe no ma ɛdaa adi sɛ obetumi ‘asa nyarewa ahorow nyinaa bi’ na wanyan awufo mpo. (Mat. 4:23; Yoh. 11:43, 44) Afei nso, ɔwɔ tumi a obetumi de adwudwo mframa gyampantrudu ano na wadi ahonhommɔne so. (Mar. 4:37-39; Luka 8:2) Tumi kɛse a ɛte saa a yɛahu sɛ Yehowa de ama ne Ba no, ɛma yenya akomatɔyam paa!

7-8. (a) Awerɛhyem bɛn na Yesu anwanwade no ma yenya? (b) Anwanwade bɛn na worehwɛ kwan wɔ wiase foforo a ɛreba no mu?

7 Nea ɛtɔ so mmiɛnsa, yebetumi anya awerɛhyem paa sɛ, bɔhyɛ a ɛne sɛ Onyankopɔn Ahenni de nhyira bɛbrɛ yɛn daakye no bɛba mu. Anwanwade a Yesu yɛe bere a na ɔwɔ asaase so no, ɛma yehu nneɛma akɛseakɛse a ɔbɛyɛ esiane sɛ ɔyɛ Onyankopɔn Ahenni no so Hene nti. Ɛrenkyɛ, Kristo Ahenni no mu bɛtrɛw adu asaase yi so ama yɛanya nhyira pii. Momma yɛnhwɛ nhyira no bi. Yebenya apɔwmuden a edi mu, efisɛ obeyi yare ne dɛmdi biara a ɛreteetee adasamma no afi hɔ. (Yes. 33:24; 35:5, 6; Adi. 21:3, 4) Ɔkɔm renne yɛn da na atoyerɛnkyɛm biara nso remma yenhu amane bio. (Yes. 25:6; Mar. 4:41) Yɛn adɔfo a wɔwɔ “nkae ada” mu nyinaa, yɛn ani begye sɛ yɛbɛma wɔn akwaaba. (Yoh. 5:28, 29) Anwanwade bɛn na worehwɛ kwan paa wɔ wiase foforo a ɛreba no mu?

8 Sɛ Yesu reyɛ anwanwade a, na ɔda ahobrɛase ne ayamhyehye adi paa. Wei yɛ suban a ɛsɛ sɛ yesuasua. Momma yɛnhwɛ ɛho nhwɛso mmienu. Yebedi kan aka ayeforohyia apontow a ɛkɔɔ so wɔ Kana no ho asɛm.

SƐNEA YƐBƐBRƐ YƐN HO ASE

9. Adɛn nti na Yesu yɛɛ anwanwade wɔ ayeforohyia apontow no ase? (Yohane 2:6-10)

9 Kenkan Yohane 2:6-10. Bere a nsã no sae wɔ ayeforohyia apontow no ase no, kyenkyen ara a, na ɛsɛ sɛ Yesu yɛ ho biribi anaa? Daabi. Nkɔmhyɛ biara nni hɔ a ɛkaa sɛ, na Mesia no bɛyɛ anwanwade ama nsã aba. Nanso fa no sɛ wo na woreyɛ ayeforo, ɛnna nsã a ɛwɔ hɔ asa, anka wobɛte nka sɛn? Ɛbɛyɛ sɛ Yesu nyaa tema maa abusua no, ɛnkanka ayeforo ne ayeforokunu no, na na ɔmpɛ sɛ wɔn anim begu ase. Enti sɛnea yɛkaa no mfiase no, ɔyɛɛ anwanwade. Ɔmaa nsu bɛyɛ galɔn 103 danee nsã papa paa. Ebia nea enti a ɔyɛɛ no bebree ne sɛ, wɔde bi besie na aboa wɔn daakye, anaa wɔbɛtɔn bi de aboa ayeforo no ne ne kunu no. Wo de, hwɛ sɛnea ayeforo no ne ne kunu no koma bɛtɔ wɔn yam afa!

Suasua Yesu; mfa nea woatumi ayɛ nhoahoa wo ho (Hwɛ nkyekyɛm 10-11)) e

10. Kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Yohane ti 2 no, nsɛntitiriw bɛn na ɛwom? (Hwɛ mfoni no nso.)

10 Momma yɛnhwɛ nsɛntitiriw bi a ɛwɔ kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Yohane ti 2 no mu. Nsuhina a wɔde abo ayɛ no, wohyɛɛ no nsow sɛ ɛnyɛ Yesu ankasa na ɔde nsu guguu mu? Ná Yesu mpɛ sɛ nkurɔfo adwene ba no so, enti asomfo a ɛwɔ hɔ no mmom na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmfa nsu ngugu nhina no mu. (Nkyekyɛm 6, 7) Afei nso, bere a Yesu danee nsu no ma ɛyɛɛ nsã no, ɛnyɛ ɔno ankasa na ɔde bi kɔmaa nea ɔhwɛ apontow no so no. Mmom, asomfo no na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ saa. (Nkyekyɛm 8) Yesu amfa nsa no bi angu kuruwa mu amma so ankogyina ahɔho no anim anhoahoa ne ho sɛ, ‘Monka nsa a meyɛɛ no seesei ara no bi nhwɛ!’

11. Dɛn na yebetumi asua afi anwanwade a Yesu yɛe no mu?

11 Anwanwade a Yesu yɛ maa nsu danee nsa no, dɛn na yebetumi asua afi mu? Yebetumi asua ahobrɛase. Yesu amfa anwanwade a ɔyɛe no anhoahoa ne ho. Nokwasɛm ne sɛ, wamfa nea ɔyɛe mu biara anhoahoa ne ho da. Mmom, bere biara na ɔbrɛ ne ho ase de biribiara ho anuonyam ma n’Agya. (Yoh. 5:19, 30; 8:28) Sɛ yesuasua Yesu na yɛbrɛ yɛn ho ase a, yɛremfa nea yɛatumi ayɛ biara nhoahoa yɛn ho. Nea yebetumi ayɛ wɔ Yehowa som mu biara, mommma yɛmmfa nnhoahoa yɛn ho, mmom momma yɛnhoahoa yɛn ho sɛ yɛanya hokwan resom Onyankopɔn. (Yer. 9:23, 24) Momma yɛmfa anuonyam a ɛfata no no mma no. Ade yi, sɛ Yehowa nsa nnim a, dɛn paa na anka yebetumi ayɛ?—1 Kor. 1:26-31.

12. Ɔkwan foforo bɛn na yebetumi afa so asuasua Yesu ahobrɛase? Ma ho nhwɛso.

12 Momma yɛnhwɛ ɔkwan foforo a yebetumi afa so asuasua Yesu ahobrɛase. Susuw wei ho hwɛ: Asafo mu somfo aberantewaa bi rebɛma ne baguam kasa a edi kan, na asafo mu panyin bi de bere pii aboa no ma wasua. Ɛno nti, onua aberantewaa no kasa no hyɛɛ anuanom nkuran na wɔn ani gyei. Bere a wɔpɔn adesua no, obi baa ɔpanyin no nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: ‘Wunhu sɛ Onua Asomasi maa ɔkasa no paa?’ Wohwɛ a, ɛsɛ sɛ ɔpanyin no ka sɛ: ‘Yiw, me ara na meboaa no?’ Anaa ɛsɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase ka sɛ: ‘Yiw, ɔyɛɛ ade paa. Wabɔ mmɔden.’ Sɛ yɛwɔ ahobrɛase na sɛ yɛyɛ biribi ma afoforo a, yɛrennye ho anuonyam no. Nim a yenim sɛ Yehowa hu nea yɛyɛ na ɛsom bo ma no no, ɛno ara dɔɔso ma yɛn. (Fa toto Mateo 6:2-4; Heb. 13:16 ho) Ampa, sɛ yesuasua Yesu na yɛbrɛ yɛn ho ase a, ɛma Yehowa gye yɛn tom.—1 Pet. 5:6.

SƐNEA YEBENYA AYAMHYEHYE

13. Aka kakra ma Yesu adu Nain no, dɛn na ohui, na dɛn na ɔyɛe wɔ ho? (Luka 7:11-15)

13 Kenkan Luka 7:11-15. Bere a Yesu hyɛɛ ne som adwuma ase bɛyɛ mfe mmienu no, hwɛ asɛm bi a esii. Ɔkɔɔ Nain, Galileafo kurow bi a ɛbɛn Sunem. Sunem hɔ na odiyifo Elisa nyanee ɔbea bi babarima bɛyɛ mfe 900 a na atwam no. (2 Ahe. 4:32-37) Bere a Yesu bɛn Nain kurow no pon ano no, ohui sɛ nkurɔfo so ɔbarima bi de no repue afi kurow no mu akosie no. Ná nea ɛrekɔ so no yɛ awerɛhow paa, efisɛ ɔbarima a na wɔrekosie no no, na ne maame yɛ okunafo na na odi no bakoro. Nanso ɛnyɛ okunafo no nko ara na na ɔresu ne ba no; na nnipadɔm bi a efi kurow no mu nso ka ne ho. Yesu ka kyerɛɛ wɔn a wɔrekosie ɔbarima no sɛ wɔnnyina. Afei, Yesu yɛɛ adekɛse bi maa okunafo a na ɔredi awerɛhow no; onyanee ne ba no! Nnipa mmiɛnsa a Yesu nyanee wɔn a ɛho asɛm wɔ Nsɛmpa no mu no, wei ne nea odi kan.

Suasua Yesu; da ayamhyehye adi kyerɛ wɔn a wɔn biribi awu no (Hwɛ nkyekyɛm 14-16)

14. Kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Luka ti 7 no, nsɛntitiriw bɛn na ɛwom? (Hwɛ mfoni no nso.)

14 Momma yɛnhwɛ nsɛntitiriw bi a ɛwɔ kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Luka ti 7 no mu. Wohyɛɛ no nsow sɛ, ɛyɛ bere a Yesu “huu” okunafo a ɔredi awerɛhow no, ɛnna “ɔyɛɛ no mmɔbɔ”? (Nkyekyɛm 13) Enti, ɛbɛyɛ sɛ bere a Yesu hui sɛ okunafo no resu ne ba a wɔrekosie no no, ɔyɛɛ no mmɔbɔ. Yesu ante nka amma okunafo no kɛkɛ, na mmom ɔyɛɛ biribi de kyerɛe sɛ ɔwɔ mmɔborɔhunu. Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Gyae su.” Ɛda adi sɛ sɛnea ɔkaa no no maa okunafo no koma tɔɔ ne yam. Afei, Yesu fii ne pɛ mu yɛɛ biribi de boaa no. Onyanee ne babarima no, na ‘ɔde no maa no.’—Nkyekyɛm 14, 15.

15. Dɛn na yebetumi asua afi anwanwade a Yesu yɛe no mu?

15 Anwanwade a Yesu yɛ de nyanee okunafo no babarima no, dɛn na yebetumi asua afi mu? Nea yesua ne sɛ, wɔn a wɔn biribi awu ama wɔredi awerɛhow no, ɛsɛ sɛ yenya ayamhyehye ma wɔn. Ɛwom, yɛrentumi nnyan awufo sɛnea Yesu yɛe no. Nanso, sɛ yesuasua Yesu na yɛde yɛn ani to fam a, yebetumi akyekye wɔn a ade atɔ wɔn ani no werɛ. Yebetumi aka nsɛm anaa yɛayɛ nea yebetumi de aboa wɔn na yɛakyekye wɔn werɛ. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ ayamhyehye. d (Mmeb. 17:17; 2 Kor. 1:3, 4; 1 Pet. 3:8) Nneɛma nketenkete bi a yɛbɛyɛ ne nsɛm tiawa bi a yɛbɛka de akyerɛ sɛ yedwen wɔn ho no, ebetumi ahyɛ wɔn nkuran paa.

16. Sɛnea yehu wɔ mfoni no mu no, maame bi a na ne ba wui nkyɛe no, dɛn na wubetumi asua afi ne hɔ?

16 Momma yɛnhwɛ asɛm bi a esii. Mfe bi a atwam no, bere a wɔreto dwom wɔ adesua ase no, onuawa bi twaa n’ani hui sɛ maame bi resu. Ná dwom no mu nsɛm no bi fa owusɔre anidaso no ho, na na maame no babea kumaa wui nkyɛe. Onuawa no huu no saa no, ntɛm ara na ɔkɔɔ maame no nkyɛn de ne nsa kɔtoo ne kɔn mu, na ɔne no too dwom no wiei. Akyiri yi, maame no kaa sɛ: “Ɔdɔ a mewɔ ma anuanom no yɛɛ kɛse.” Ɛyɛɛ no dɛ sɛ ɔkɔɔ adesua. Ɔkaa sɛ: “Ahenni Asa so hɔ na yenya mmoa.” Wɔn a wɔn biribi awu ama “wɔn koma abubu” no, nneɛma nketenkete a yɛyɛ ma wɔn de kyerɛ sɛ yɛwɔ ayamhyehye ma wɔn no, Yehowa hu, na ɛsom bo ma no.—Dw. 34:18.

ADESUA A ƐBƐMA YƐN GYIDI AYƐ DEN

17. Dɛn na yɛasua?

17 Anwanwade ahorow a Yesu yɛe a Bible ka ho asɛm no, sɛ yesua ho ade a, ɛbɛma yɛn gyidi ayɛ den. Ɛma yehu sɛ Yehowa ne Yesu dɔ yɛn paa. Afei nso, ɛma yehu sɛ Yesu wɔ tumi a ɔde beyi adasamma haw nyinaa afi hɔ. Bio nso, ɛma yehu sɛ ɛbɔ a Bible no ahyɛ sɛ Ahenni no de nhyira pii bɛba nnansa yi ara no, yebetumi agye adi paa. Bere a yɛresusuw kyerɛwtohɔ a ɛtete saa ho no, yebetumi ahwɛ sɛnea yebesuasua Yesu. Anwanwade afoforo a Yesu yɛe no, wubetumi de ayɛ wo kokoam adesua anaa mubetumi de ayɛ Abusua Som. Nneɛma a mubesua nyɛ asɛm ketewa, na mubetumi nso aka ho asɛm akyerɛ afoforo. Moyɛ saa a, mubetumi ne afoforo abɔ nkɔmmɔ a ɛhyɛ nkuran paa!—Rom. 1:11, 12.

18. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

18 Nnipa mmiɛnsa a Yesu nyanee wɔn no, aka kakra ama ne som adwuma no aba awiei no na onyanee nea ɔtɔ so mmiɛnsa no. Ná saa owusɔre yi yɛ soronko, efisɛ onyanee ne yɔnko berɛbo bi a na wawu nnanan. Saa anwanwade a Bible ka ho asɛm no, dɛn na yebetumi asua afi mu? Afei nso, owusɔre anidaso a yɛwɔ no, yɛbɛyɛ dɛn ahyɛ mu den? Adesua a edi hɔ no bɛma yɛanya saa nsɛmmisa no ho mmuae.

DWOM 20 Wode Wo Dɔba no Maa Yɛn

a Ɔmaa ahum bi a ɛretu yɛɛ dinn, ɔsaa ayarefo yare, na onyanee awufo. Anwanwade ahorow a Yesu yɛe no, sɛ yɛkan ɛho asɛm a, ɛma yɛn ani gye sɛ! Wɔakyerɛw wei nyinaa wɔ Bible no mu sɛnea ɛbɛyɛ a yebesua biribi afi mu, na ɛnyɛ sɛ yɛde begyigye yɛn ani. Yebesusuw anwanwade no bi ho, na yɛasua biribi afa Yehowa ne Yesu ho a ɛbɛhyɛ yɛn gyidi den. Afei nso, ɛbɛma yɛahu suban pa a ɛsɛ sɛ yenya.

b Bible ho ɔbenfo bi kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ná ahɔhoyɛ yɛ asɛde a ɛho hia yiye wɔ tete Israel ne aman a na ɛbemmɛn hɔ no. Ɛnyɛ nea ɛbɛso ahɔho no kɛkɛ na na ɛsɛ sɛ wɔde besisi wɔn anim. Sɛ wɔresom nkurɔfo hɔho, ɛnkanka wɔ ayeforohyia apontow ase a, na ɛsɛ sɛ biribiara bu so.”

c Nsɛmpa no ka Yesu anwanwade bɛboro 30 ho asɛm. Afei nso, ɛtɔ da a, ɛka anwanwade dodow bi bom, na ɛnka ho asɛm mmaako mmaako. Bere bi, kurow bi “mufo nyinaa” baa ne nkyɛn na “ɔsaa nnipa pii a wɔwɔ nyarewa ahorow yare.”—Mar. 1:32-34.

d Sɛ wopɛ nsɛm a wubetumi aka anaa nea wubetumi ayɛ de akyekye wɔn a wɔn biribi awu no werɛ a, hwɛ asɛm a yɛato din “Kyekye Wɔn a Wɔn Biribi Awu no Werɛ Sɛnea Yesu Yɛe No.” Ɛwɔ January 1, 2011, Ɔwɛn-Aban mu.

e MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Yesu na ogyina akyi hɔ no, na ayeforo ne ayeforokunu no ne wɔn a ɛbaa apontow no ase no na wɔrenom nsã pa no.