Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 17

Baabi a Ɔbra No Bekyim Wo Akosi Biara, Yehowa Bɛboa Wo

Baabi a Ɔbra No Bekyim Wo Akosi Biara, Yehowa Bɛboa Wo

“Ɔtreneeni amanehunu dɔɔso, nanso Yehowa gye no fi ne nyinaa mu.”—DW. 34:19.

DWOM 44 Mmɔborɔni Mpaebɔ

NEA YƐREBESUA a

1. Awerɛhyem bɛn na yɛwɔ?

 ESIANE sɛ yɛyɛ Yehowa asomfo nti, yenim sɛ ɔdɔ yɛn na ɔpɛ sɛ yɛn ani gye paa wɔ asetena mu. (Rom. 8:35-39) Yegye di nso sɛ, sɛ yɛde Bible nnyinasosɛm yɛ adwuma a, ɛboa yɛn bere nyinaa. (Yes. 48:17, 18) Nanso, sɛ ɔhaw bi a yɛnhwɛ kwan to yɛn a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

2. Ɔhaw bɛn na yebetumi ahyia, na adwene bɛn na ebetumi ama yɛanya?

2 Yehowa somfo biara nni hɔ a wafa ne ho adi; obiara hyia ɔhaw. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, yɛn busuani bi betumi adi yɛn huammɔ. Yare a emu yɛ den betumi abɔ yɛn. Ɛba saa a, ebia yɛrentumi nyɛ pii wɔ Yehowa som mu. Atoyerɛnkyɛm betumi asi ama yɛahwere yɛn agyapade nyinaa. Anaa yɛn gyidi nti, nkurɔfo betumi atan yɛn ani. Sɛ yehyia ɔhaw a ɛtete saa a, ebia yebebisa sɛ: ‘Adɛn nti na biribi saa ato me? Bɔne bɛn na mayɛ? Wei kyerɛ sɛ Yehowa ayi ne nhyira afi me so anaa?’ Woate nka saa pɛn? Sɛ saa a, mma w’abam mmmu. Yehowa asomfo anokwafo pii ate nka saa pɛn.—Dw. 22:1, 2; Hab. 1:2, 3.

3. Dɛn na yebetumi asua afi Dwom 34:19 mu?

3 Kenkan Dwom 34:19. Hyɛ nsɛntitiriw mmienu a ɛwɔ dwom yi mu no nsow: (1) Atreneefo mfaa wɔn ho nnii; wɔn nso hyia ɔhaw. (2) Yɛkɔ sɔhwɛ mu a, Yehowa twitwa gye yɛn. Ɔyɛ no sɛn? Ɔkwan baako a ɔfa so yɛ saa ne sɛ, ɔboa yɛn ma yehu sɛnea asetena te ankasa. Ɛwom sɛ, Yehowa ahyɛ yɛn bɔ sɛ yɛsom no a yɛn ani begye, nanso ɔnhyɛɛ yɛn bɔ sɛ ɔkwan biara so biribiara bɛkɔ tɔɔtee. (Yes. 66:14) Ɔhyɛ yɛn nkuran sɛ, ɛbɔ a wahyɛ yɛn sɛ daakye yebegye yɛn ani afebɔɔ no, ɛno na yɛmfa yɛn adwene nsi so. (2 Kor. 4:16-18) Nanso seesei de, ɔboa yɛn da biara ma yɛkɔ so som no.—Kwa. 3:22-24.

4. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

4 Momma yɛnhwɛ Yehowa asomfo anokwafo bi nhwɛso wɔ Bible mu ne yɛn bere yi so, na yɛnhwɛ nea yebetumi asua afi mu. Sɛnea yebehu no, yebetumi ahyia ɔhaw a yɛnhwɛ kwan. Nanso, sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so a, ɔbɛboa yɛn bere nyinaa. (Dw. 55:22) Sɛ yɛresusuw saa nhwɛso yi mu biara ho a, bisa wo ho sɛ: ‘Me na biribi saa too me a, anka mɛyɛ m’ade sɛn? Ɔkwan bɛn so na saa nhwɛso yi boa me ma minya Yehowa mu gyidi kɛse? Asuade bɛn na ɛwom a metumi de abɔ me bra?’

BIBLE MU

Yakob yɛɛ adwumaden mfe 20 maa ne wɔfa daadaafo Laban. Saa mfe 20 no nyinaa, Yehowa hyiraa Yakob

5. Laban nti, ɔhaw bɛn na Yakob hyiae? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi anim no.)

5 Yehowa asomfo a Bible ka wɔn ho asɛm no, wɔhyiaa sɔhwɛ a na wɔnhwɛ kwan. Momma yɛnhwɛ Yakob. Ne papa ka kyerɛɛ no sɛ ɔnkɔware Laban mma mmea no baako, efisɛ na Laban som Yehowa. Ne papa maa no awerɛhyem sɛ, sɛ ɔyɛ saa a Yehowa behyira no paa. (Gen. 28:1-4) Yakob tiee ne papa. Enti ofii Kaanan twaa kwan kɔɔ baabi a na Laban te no. Ná Laban wɔ mma mmea baanu. Ná ɔpanyin no din de Lea, ɛnna akumaa no nso de Rahel. Yakob ani begyee Rahel ho, na ɔpenee so sɛ ɔbɛyɛ adwuma ama Laban mfe nson sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛware Rahel. (Gen. 29:18) Nanso nneɛma ankɔ sɛnea na Yakob hwɛ kwan no. Laban daadaa no ma ɔwaree ne babea panyin Lea mmom. Laban ka kyerɛɛ Yakob sɛ, sɛ ɔbɛpene so asan asom no mfe nson a, ɛnde nnawɔtwe akyi no, ɔde Rahel nso bɛma no. (Gen. 29:25-27) Adwuma a Laban ne Yakob yɛe mu nso, osisii Yakob. Yɛka ne nyinaa bom a, Laban buu Yakob faa so mfe pɔrepɔre 20!—Gen. 31:41, 42.

6. Ɔhaw afoforo bɛn bio na Yakob hyiae?

6 Yakob hyiaa ɔhaw afoforo nso. Ná Yakob abusua no sõ; ɛtɔ da a, na ne mma mmarima no ani nhyia. Wɔn nua Yosef mpo, wɔtɔn no ma ɔkɔyɛɛ akoa. Yakob mma mmarima baanu, Simeon ne Lewi kɔfaa animguase brɛɛ abusua no, na ebi kaa Yehowa. Afei nso, Yakob yere Rahel a na ɔda ne koma so no, owui bere a ɔrewo ne ba a ɔtɔ so mmienu no. Bio nso, ɔkɔm kɛse bi a esii nti, na ɛsɛ sɛ Yakob tu kɔ Egypt wɔ ne nkwakorabere mu.—Gen. 34:30; 35:16-19; 37:28; 45:9-11, 28.

7. Sɛn na Yehowa maa Yakob hui sɛ ne werɛ mfii no?

7 Ɔhaw a Yakob hyiae nyinaa akyi no, na ɔda so ara gye Yehowa ne ne bɔhyɛ ahorow di. Ɛno nti, Yehowa nso ma ohui sɛ ne werɛ mfii no. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, Laban nnaadaa nyinaa akyi no, Yehowa maa Yakob agyapade bebree. Ná ɛyɛ Yakob sɛ Yosef awu dedaadaw, enti bere a ɔsan kohuu no bio no, wo de, hwɛ sɛnea na ɔbɛda Yehowa ase afa! Ayɔnkofa a emu yɛ den a na ɛda Yakob ne Yehowa ntam nti, ɛboaa Yakob ma otumi gyinaa sɔhwɛ a ohyiae nyinaa ano. (Gen. 30:43; 32:9, 10; 46:28-30) Yɛn nso, sɛ yɛbata Yehowa ho denneennen a, baabi a ɔbra no bekyim yɛn akosi biara, yebetumi agyina mu.

8. Dɛn na na Ɔhene Dawid pɛ sɛ ɔyɛ?

8 Ɛnyɛ biribiara a na Ɔhene Dawid pɛ sɛ ɔyɛ wɔ Yehowa som mu no na otumi yɛe. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, na ɛda Dawid koma so paa sɛ obesi asɔrefie ama Onyankopɔn. Ɔkaa nea na ɛda ne koma so no ho asɛm kyerɛɛ odiyifo Natan. Natan nso ka kyerɛɛ no sɛ: “Nea ɛda wo koma so biara, yɛ.” (1 Be. 17:1, 2) Wo de, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ saa asɛm no hyɛɛ Dawid nkuran. Ɛbɛyɛ sɛ ɛhɔ ara na ofii ase yɛɛ saa adwumasono no ho ntotoe.

9. Bere a Natan san baa Dawid nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ ɛnyɛ ɔno na obesi asɔrefie no, ɔyɛɛ n’ade sɛn?

9 Ankyɛ koraa na Yehowa diyifo Natan san baa Dawid nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ ɛnyɛ ɔno na obesi asɔrefie no. “Saa anadwo no ara,” Natan bɛka kyerɛɛ Dawid sɛ, ne ba mmom na obesi asɔrefie no. (1 Be. 17:3, 4, 11, 12) Bere a Dawid tee saa asɛm no, ɔyɛɛ n’ade sɛn? Ɔsesaa nea na esi n’ani so no, na ɔde botae foforo sii n’ani so. Ɔboaboaa sika ne nneɛma a na ne ba Solomon behia de asi asɔrefie no ano.—1 Be. 29:1-5.

10. Ɔkwan bɛn so na Yehowa hyiraa Dawid?

10 Bere a Yehowa ka kyerɛɛ Dawid sɛ ɛnyɛ ɔno na obesi asɔrefie no, ɛhɔ ara na Yehowa ne no yɛɛ apam. Yehowa hyɛɛ no bɔ sɛ, n’aseni bi bedi ade afebɔɔ. (2 Sam. 7:16) Dawid ani begye paa wɔ Mfirihyia Apem Nniso no ase wɔ wiase foforo no mu, efisɛ ɔbɛba abehu sɛ Yesu a ɔyɛ Ahenni no so Hene no fi n’abusua mu. Saa asɛm yi ma yehu sɛ, nea yɛpɛ sɛ yɛyɛ wɔ Yehowa som mu no, sɛ yentumi nyɛ ne nyinaa mpo a, ebia yɛn Nyankopɔn no bɛma yɛanya nhyira foforo a yɛnna nsoo ho dae mpo da.

11. Ɛwom, bere a na tete Kristofo no hwɛ kwan sɛ Ahenni no bɛba no amma, nanso nhyira bɛn na wɔnyae? (Asomafo Nnwuma 6:7)

11 Tete Kristofo no nso, nneɛma bi a na wɔhwɛ kwan ankɔ sɛnea na wɔpɛ. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, na wɔhwɛ kwan denneennen sɛ Onyankopɔn Ahenni no bɛba, nanso na wɔnnim bere a ɛbɛba. (Aso. 1:6, 7) Enti dɛn na wɔyɛe? Wɔyeree wɔn ho yɛɛ asɛmpaka adwuma no. Bere a wɔde asɛmpa no rekɔ mmeaemmeae no, wɔnyaa adanse a ɛkyerɛ paa sɛ Yehowa rehyira wɔn.—Kenkan Asomafo Nnwuma 6:7.

12. Bere a ɔkɔm kɛse bi sii wɔ tete Kristofo no bere so no, dɛn na wɔyɛe?

12 Bere bi, ɔkɔm kɛse bi sii “asaase nyinaa so.” (Aso. 11:28) Ebi kaa tete Kristofo no nso. Wo de, hwɛ sɛnea ɔkɔm no nti wɔhuu amane. Ɛda adi sɛ, ɔkwan a na mmusua ti bɛfa so ama wɔn mmusua nsa akɔ wɔn ano no, na ayɛ wɔn dadwen. Mmerante ne mmabaa a na wɔde asi wɔn ani so sɛ wɔbɛyere wɔn ho aka asɛmpa no nso ɛ? Wohwɛ a, wɔnyaa adwene sɛ ɛsɛ sɛ wɔtwentwɛn so anaa? Ɛmfa ho tebea biara a Kristofo no kɔɔ mu no, bere a wɔhui sɛ mmere adane no, wɔn nso danee wɔn ho. Hokwan biara a wɔnyae no, wɔde kaa asɛmpa no, na biribiara a wɔwɔ no, wɔyii wɔn yam ne wɔn nuanom a ɛwɔ Yudea no kyɛe.—Aso. 11:29, 30.

13. Nhyira ahorow bɛn na Kristofo no nyae wɔ ɔkɔm bere no mu?

13 Nhyira ahorow bɛn na Kristofo no nyae wɔ ɔkɔm bere no mu? Wɔn a wɔnyaa mmoa no huu Yehowa nsa wɔ wɔn asetena mu. (Mat. 6:31-33) Wɔn mfɛfo Kristofo a ɛbɛboaa wɔn no, ɛbɛyɛ sɛ ɛno maa ayɔnkofa a na ɛda wɔn ntam no mu yɛɛ den. Afei nso, wɔn a wɔyii sika ne wɔn a ɛboae wɔ akwan foforo so no, wɔn ani gyei efisɛ Bible ka sɛ ɔma mu wɔ anigye. (Aso. 20:35) Yehowa hyiraa wɔn nyinaa, efisɛ mmere danee no, wɔn nso danee wɔn ho.

14. Dɛn na ɛtoo Barnaba ne ɔsomafo Paul, na dɛn na efii mu bae? (Asomafo Nnwuma 14:21, 22)

14 Ná tete Kristofo no taa hyia ɔsɔretia; ɛtɔ mmere bi a, na etumi ba prɛko pɛ. Momma yɛnhwɛ nea ɛtoo Barnaba ne ɔsomafo Paul bere a na wɔreka asɛmpa no wɔ Listra mpɔtam hɔ no. Mfiase no, wɔn a wɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn no gyee wɔn fɛw so. Nanso akyiri yi, atamfo “bɛsɛee nnipadɔm no adwene.” Afei, wɔn a mfiase no wɔgyee Barnaba ne ɔsomafo Paul fɛw so no, wɔn mu bi siw Paul abo na wɔgyaa no too hɔ susuw sɛ wawu. (Aso. 14:19) Nanso Paul ne Barnaba ampa abaw; wɔkɔkaa asɛmpa no wɔ baabi foforo. Dɛn na efii mu bae? “Wonyaa asuafo dodow bi,” na nsɛm a wɔkae ne wɔn nhwɛso hyɛɛ wɔn mfɛfo gyidifo no den. (Kenkan Asomafo Nnwuma 14:21, 22.) Ɛwom, prɛko pɛ na atamfo sɔre tiaa Barnaba ne Paul, nanso wɔampa abaw, na nea wɔyɛe no boaa afoforo pii. Yɛn nso, sɛ yɛampa abaw wɔ adwuma a Yehowa de ama yɛn sɛ yɛnyɛ no mu a, obehyira yɛn.

YƐN BERE YI SO

15. Dɛn na wusua fi Onua A. H. Macmillan nhwɛso no mu?

15 Afe 1914 rebobɔ ba no, na Yehowa nkurɔfo rehwɛ kwan denneennen sɛ nsɛm bi besisi. Momma yɛmfa Onua A. H. Macmillan asɛm no nyɛ nhwɛso. Saa bere no, na anuanom bebree gye di sɛ ɛrenkyɛ koraa na wɔanya wɔn soro akatua; ná Onua Macmillan nso wɔ saa adwene no ara. Ɛno nti, ɔkasa bi a ɔmae wɔ September 1914 no, ɔkaa sɛ: “Ebia wei bɛyɛ baguam ɔkasa a etwa to a mɛma.” Nanso amma saa. Akyiri yi, Onua Macmillan kyerɛwee sɛ: “Ɛbɛyɛ sɛ yɛn mu binom nyaa adwene ntɛm dodo sɛ, yɛrebɛkɔ soro amonom hɔ ara.” Ɔde kaa ho sɛ: “Nea na ɛho hia ne sɛ yɛbɛyere yɛn ho wɔ Awurade adwuma no mu.” Wei nti, Onua Macmillan yeree ne ho. Wamfa ɔsom adwuma no anni agorɔ koraa. Anuanom a wɔankɔ sraadi nti wɔde wɔn guu afiase no, onyaa hokwan hyɛɛ wɔn mu pii nkuran. Ne nkwakorabere mu mpo, wantoto adesuakɔ mu. Bere a na Onua Macmillan retwɛn n’akatua na ɔyeree ne ho som Yehowa no, ɛboaa no sɛn? Aka kakra ama wawu wɔ afe 1966 no, ɔkyerɛwee sɛ: “Ɛnnɛ ne nnɛ nyinaa, me gyidi yɛ den paa; ɛte sɛ nea na ɛte no ara.” Wei yɛ nhwɛso pa paa a ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa suasua, ɛnkanka sɛ yɛde bere tenteenten na agyina sɔhwɛ ano a.—Heb. 13:7.

16. Ɔhaw bɛn na Onua Herbert Jennings ne ne yere hyiae a na wɔnhwɛ kwan? (Yakobo 4:14)

16 Yehowa asomfo pii wɔ hɔ a, yare bi a na wɔnhwɛ kwan abɛtena wɔn so. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, bere a Onua Herbert Jennings b reka n’asetenam nsɛm no, ɔkyerɛɛ mu sɛ ɔne ne yere kɔyɛɛ asɛmpatrɛw adwuma wɔ Ghana, na wɔn ani gyei paa. Nanso eduu baabi no, adɔktafo kaa sɛ wanya adwenemhaw. Onua Jennings faa Yakobo 4:14 mu asɛm kae, na ɔkyerɛɛ mu sɛ ɔhaw foforo no yɛ “‘ɔkyena’ a na yɛnhwɛ kwan.” (Kenkan.) Ɔkyerɛwee sɛ: “Bere a yegyee tebea no toom no, yɛyɛɛ nhyehyɛe fii Ghana gyaw yɛn nnamfonom a wɔwɔ hɔ no san kɔɔ Canada [sɛ yɛrekɔhwehwɛ ayaresa].” Ɛmfa ho ɔhaw a Onua Jennings ne ne yere hyiae no, Yehowa boaa wɔn ma wɔkɔɔ so de nokwaredi som no.

17. Sɛn na Onua Jennings suahu no aboa ne mfɛfo agyidifo?

17 Onua Jennings asetenam nsɛm a ɔkae a wamfa biribiara ansie no aboa afoforo paa. Onuawa bi kaa sɛ: “Menkenkan asɛm bi ma ɛnkaa me koma kɛse saa da sɛ saa asɛm yi. . . . Bere a mekenkan sɛnea na ɛsɛ sɛ onua Jennings de ne dwumadi to hɔ na ɔkɔhwɛ ne ho yare no ho asɛm no, ɛboaa me ma minyaa me tebea no ho adwene a ɛfata.” Onua bi nso kaa biribi saa ara. Ɔkyerɛwee sɛ: “Bere a mesomee sɛ asafo mu panyin mfe du akyi no, ɛho behiae sɛ mede ɔsom hokwan no to hɔ esiane adwenemyare bi a minyae nti. Metee nka sɛ madi nkogu ara ma na ɛyɛ den ma me mpɛn pii sɛ mɛkenkan afoforo asetram nsɛm. . . . Nanso animia a Onua Jennings de asom no ahyɛ me den yiye, na makenkan n’asɛm no mpɛn pii.” Wei kyerɛ sɛ, sɛ yehyia ɔhaw bi a yɛnhwɛ kwan na yemia yɛn ani gyina mu a, ebetumi ahyɛ afoforo nkuran. Sɛ ɔbra no kyim yɛn kosi baabi a yɛmpɛ mpo a, yebetumi amia yɛn ani agyina mu. Ɛba saa a, afoforo betumi asuasua yɛn gyidi.—1 Pet. 5:9.

Sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so a, ɔhaw a yehyia wɔ asetenam no, ebetumi atwe yɛn abɛn no (Hwɛ nkyekyɛm 18)

18. Okunafo bi a ɔwɔ Nigeria no, sɛ wohwɛ mfoni no a, dɛn na wusua fi ne hɔ?

18 Ɔhaw bi te sɛ COVID-19 nsanyare no ateetee Yehowa asomfo pii. Ɛho nhwɛso ni. Ná okunafo bi a ɔwɔ Nigeria sika ne n’aduan asa ara ne sa. Ná aduan a aka a ɔne ne babea bedi nyinaa yɛ ɛmo konko baako pɛ. Da koro anɔpa bi, ne babea no bisaa no sɛ, sɛ wɔnoa ɛmo no di wie a, ɛhe na wɔbenya aduan foforo adi. Yɛn nuabea no ka kyerɛɛ ne babea no sɛ, wɔn sika ne wɔn aduan nyinaa asa, enti wɔbesuasua okunafo a na ɔwɔ Sarefat no; wɔbɛnoa wɔn aduan a aka no adi na wɔde wɔn werɛ nyinaa ahyɛ Yehowa mu. (1 Ahe. 17:8-16) Wɔnnya nnwenee nea wɔbedi awia ho mpo no, wɔn nuanom Kristofo bɛkyɛɛ wɔn nnuan ne ɛho akade; ná ɛbɛso wɔn aboro nnawɔtwe mmienu. Onuawa no kaa sɛ, nea ɔka kyerɛɛ ne babea no, na onnim sɛ sɛɛ Yehowa ayɛ aso retie ne nyinaa. Anokwa, sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so a, ɔhaw a yehyia wɔ asetenam no, ebetumi atwe yɛn abɛn no.—1 Pet. 5:6, 7.

19. Ɔsɔretia bɛn na Aleksey Yershov hyiae?

19 Mfe kakra a abɛsen kɔ no, yɛn nuanom bebree ahyia ɔsɔretia a ɛbɛyɛ sɛ wɔanna anso ho dae mpo da. Momma yɛnhwɛ Onua Aleksey Yershov a ɔte Russia no. Bere a ɔbɔɔ asu wɔ 1994 no, na Yehowa asomfo a ɛwɔ hɔ wɔ ahofadi kakra. Nanso mfe bi akyi no, tebea a ɛwɔ Russia no sesae. Afe 2020 no, apolisifo bɔ wuraa ne fie kotuu hɔ nneɛma hwehwɛɛ hɔ, na wɔfaa ne nneɛma pii. Abosome kakra akyi no, aban no bɔɔ no kwaadu sɛ ɔyɛ ɔsɛmmɔnedifo. Nea ɛsɛee asɛm no koraa ne sɛ, wɔgyinaa video bi so na ɛbɔɔ no kwaadu. Obi a na wayɛ ne ho sɛ n’ani gye Bible adesua ho na ɔyɛɛ saa. Ɔkaa sɛ Onua Yershov ne no nsua ade. Bɛboro afe baako a na wɔresua ade no nyinaa, na ɔretwa no video. Ɛno na ɔde kodii adanse tiaa Onua Yershov. Momma yɛnka, akoa yi tirim yɛ sum!

20. Dɛn na Onua Yershov ayɛ de ahyɛ ɔne Yehowa ayɔnkofa mu den?

20 Ɔsɔretia a Onua Yershov hyiae no, adepa bi afi mu aba anaa? Yiw. Ɔne Yehowa ayɔnkofa mu ayɛ den. Ɔka sɛ: “Me ne me yere bom bɔ mpae mpɛn pii. Mahu sɛ, sɛ Yehowa nsa nnim a, me ara m’ahoɔden rentumi.” Ɔde ka ho sɛ: “Kokoam adesua boa me ma meko tia abasamtu. Yehowa asomfo a wɔde nokwaredi som no tete no, ɛyɛ a midwinnwen wɔn nhwɛso no ho. Kyerɛwtohɔ pii wɔ Bible mu a ɛma yehu sɛ, ehia paa sɛ yɛka yɛn koma to yɛn yam, na yɛde yɛn ho to Yehowa so.”

21. Dɛn na adesua yi ama yɛahu?

21 Dɛn na adesua yi ama yɛahu? Wiase a yɛte mu yi de, ɛtɔ mmere bi a, nea yɛnhwɛ kwan betumi ato yɛn. Ne nyinaa mu no, sɛ Yehowa asomfo de wɔn ho to no so a, ɔboa wɔn. Sɛnea kyerɛwsɛm a adesua yi gyina so no ka no, “ɔtreneeni amanehunu dɔɔso, nanso Yehowa gye no fi ne nyinaa mu.” (Dw. 34:19) Yɛrefa ɔhaw mu de, nanso mommma yɛmmfa yɛn adwene nnsi so, mmom momma yɛmfa yɛn adwene nsi sɛnea Yehowa hyɛ yɛn den no so. Ɛba saa a, asɛm a ɔsomafo Paul kae no, yɛn nso yebetumi aka bi. Ɔkaa sɛ: “Nea ɔhyɛ me den no adaworoma, minya ahoɔden wɔ biribiara mu.”—Filip. 4:13.

DWOM 38 Ɔbɛma Woayɛ Den

a Wiase a yɛte mu yi de, ɛtɔ mmere bi a, ɔhaw a yɛnhwɛ kwan betumi ato yɛn. Nanso, yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa bɛboa n’asomfo anokwafo. Tete no, sɛn na Yehowa boaa ne nkoa? Ɛnnɛ nso ɛ, sɛn na ɔreboa yɛn? Yɛbɛhwɛ nhwɛso ahorow bi a ɛwɔ Bible mu ne yɛn bere yi so. Yɛyɛ saa a, ɛbɛboa yɛn paa ma yɛahu sɛ, yɛn nso, sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so a, ɔbɛwowaw yɛn.