Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 19

Gyidi a Yɛwɔ Wɔ Wiase Foforo No Mu No, Yɛbɛyɛ Dɛn Ahyɛ Mu Den?

Gyidi a Yɛwɔ Wɔ Wiase Foforo No Mu No, Yɛbɛyɛ Dɛn Ahyɛ Mu Den?

“Sɛ [Yehowa] ka biribi a, ɔrenyɛ anaa?”—NUM. 23:19.

DWOM 142 Momma Yenkura Yɛn Anidaso Mu Den

NEA YƐREBESUA a

1-2. Bere a yɛretwɛn wiase foforo no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

 YEHOWA ahyɛ bɔ sɛ ɔde wiase foforo bi bɛba abesi saa wiase bɔne yi ananmu. Saa bɔhyɛ no som bo ma yɛn paa. (2 Pet. 3:13) Ɛwom sɛ yennim bere a wiase foforo no bɛba, nanso biribiara kyerɛ sɛ adu apon ano.—Mat. 24:32-34, 36; Aso. 1:7.

2 Ɛmfa ho bere tenten a yɛde asom Yehowa no, gyidi a yɛwɔ wɔ saa bɔhyɛ no mu no, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ mu den. Adɛn ntia? Efisɛ gyidi a ɛyɛ den mpo, ebetumi ayɛ mmerɛw. Nokwasɛm ne sɛ, “bɔne a ɛnkyɛ na akyekyere yɛn” a ɔsomafo Paul kaa ho asɛm no, ɛno ne gyidi a obi nni. (Heb. 12:1) Sɛ yɛmpɛ sɛ yɛn gyidi bɛtɔ ape a, adanse a ɛkyerɛ sɛ ɛrenkyɛ wiase foforo no bɛba no, ɛsɛ sɛ yɛtaa susuw ho.—Heb. 11:1.

3. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

3 Gyidi a yɛwɔ wɔ wiase foforo a Yehowa ahyɛ ho bɔ no mu no, adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ akwan mmiɛnsa a yɛbɛfa so ahyɛ mu den: (1) yebedwinnwen agyede no ho, (2) yebedwinnwen Yehowa tumi ho, na (3) yɛayi bere asi hɔ de ayɛ nneɛma a ɛbɛhyɛ yɛne Yehowa ayɔnkofa mu den. Ɛno akyi no, yɛbɛhwɛ sɛnea asɛm a Yehowa ka kyerɛɛ Habakuk no betumi ahyɛ yɛn gyidi den. Nanso, yɛrekasa yi, ebia yɛrehyia tebea ahorow a ebehia sɛ yenya gyidi a emu yɛ den wɔ wiase foforo a ɛreba no mu. Enti, momma yenni kan nsusuw emu bi ho.

TEBEA AHOROW A EBEHIA SƐ YENYA GYIDI A EMU YƐ DEN

4. Gyinaesi ahorow bɛn na ebehia sɛ yenya gyidi a emu yɛ den?

4 Da biara, yesisi gyinae a ehia sɛ yenya gyidi a emu yɛ den. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, gyinae a yesisi no, ebi fa nnamfo a yɛbɛfa, nneɛma a yɛde begye yɛn ani, sukuu a yɛbɛkɔ, aware, abawo, ne adwuma a yɛbɛyɛ ho. Ɛho hia paa sɛ yebisa yɛn ho sɛ: ‘Gyinae a misisi no kyerɛ sɛ migye di paa sɛ, saa wiase yi regye nna awu, na ɛrenkyɛ Onyankopɔn wiase foforo no bɛba abesi saa wiase yi ananmu anaa? Anaa gyinae a nnipa a wɔgye di sɛ yewu a na asa sisi no, ɛno ara bi na misisi?’ (Mat. 6:19, 20; Luka 12:16-21) Sɛ yɛhyɛ yɛn gyidi den, na yehu sɛ wiase foforo no abɛn pɛɛ a, ɛbɛboa yɛn ma yɛasisi gyinae pa.

5-6. Adɛn nti na yehia gyidi a emu yɛ den wɔ ahohia bere mu? Ma mfatoho.

5 Bio nso, yebetumi ahyia sɔhwɛ a ebehia sɛ yenya gyidi a emu yɛ den. Ebia yebehyia ɔsɔretia, yare koankɔ bi betumi abɛtena yɛn so, anaa yebetumi ahyia ɔhaw afoforo a ebetumi ama yɛn abam abu. Ahyɛase no de, ebia yebemia yɛn ani agyina mu. Nanso sɔhwɛ a ɛtete saa mfi yɛn so prɛko pɛ, enti sɛ ɛrekyɛ a, ebehia gyidi a emu yɛ den na yɛatumi akɔ so de anigye asom Yehowa.—Rom. 12:12; 1 Pet. 1:6, 7.

6 Sɛ sɔhwɛ bi reteetee yɛn a, ebia yɛbɛte nka sɛ wiase foforo no remma da. So wei kyerɛ sɛ yɛn gyidi yɛ mmerɛw anaa? Ɛnkyerɛ saa ankasa. Momma yɛnhwɛ mfatoho bi. Sɛ awɔw ba paa a, anhwɛ a ɛbɛyɛ yɛn sɛ ahuhuru remma da. Nanso ɛwom ara a na ahuhuru ayi ne ti. Saa ara na sɛ yɛn abam bu paa a, anhwɛ a ɛbɛyɛ yɛn sɛ wiase foforo no remma da. Nanso sɛ yɛn gyidi yɛ den a, yenim sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ nyinaa bɛba mu. (Dw. 94:3, 14, 15; Heb. 6:17-19) Sɛ yɛwɔ awerɛhyem a ɛte saa a, yebetumi akɔ so de Yehowa som adi kan wɔ yɛn asetena mu.

7. Adwene bɛn na ɛnsɛ sɛ yenya?

7 Ade baako nso a yehia gyidi a emu yɛ den na yɛatumi ayɛ ne asɛnka adwuma no. Wɔn a yɛka wiase foforo a ɛreba no ho “asɛmpa” kyerɛ wɔn no, wɔn mu pii adwene yɛ wɔn sɛ ɛyɛ bɔsrɛmka. (Mat. 24:14; Hes. 33:32) Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye paa na yɛannya adwene a wɔwɔ no bi. Sɛ yebetumi ayɛ saa a, gye sɛ yɛkɔ so hyɛ yɛn gyidi den. Yɛnhwɛ akwan mmiɛnsa a yebetumi afa so ayɛ saa.

DWINNWEN AGYEDE NO HO

8-9. Sɛ yedwinnwen agyede no ho a, ɛbɛboa yɛn sɛn?

8 Ɔkwan baako a yɛbɛfa so ama yɛn gyidi ayɛ den ne sɛ yebedwinnwen agyede no ho. Agyede no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ nyinaa bɛba mu. Onyankopɔn nam agyede no so ahyɛ yɛn bɔ sɛ ɔbɛma yɛn daa nkwa wɔ wiase foforo a ɛreba no mu. Ɛno nti, sɛ yɛto yɛn bo ase dwinnwen nea enti a ɔde agyede no maa yɛn, ne nea ɔfaa mu ansa na ɔde rema yɛn no ho a, gyidi a yɛwɔ sɛ saa bɔhyɛ no bɛbam no, emu bɛyɛ den. Adɛn nti na yebetumi aka saa?

9 Dɛn na Yehowa faa mu ansa na ɔde agyede no rema yɛn? Yehowa abakan a ɔda ne koma so, ne yɔnko berɛbo paa no, oyii ne nkwa fii soro ma wɔwoo no sɛ onipa a bɔne nni ne ho wɔ asaase so. Bere a Yesu wɔ asaase so no, ɔfaa ɔhaw bebree mu. Afei, ohuu amane na owui yayaayaw. Nea Yehowa faa mu no, na emu yɛ yaw paa! Sɛ Yehowa pɛ sɛ yenya asetena pa bere tiaa bi a, wohwɛ a, anka ɔbɛma ne Ba no abehu amane na wawu anaa? Daabida! (Yoh. 3:16; 1 Pet. 1:18, 19) Sɛ Yehowa atumi abɔ afɔre kɛse sei a, ɛnde ɔbɛhwɛ ama yɛanya daa nkwa wɔ wiase foforo no mu.

DWINNWEN YEHOWA TUMI HO

10. Sɛnea Efesofo 3:20 ma yehu no, dɛn na Yehowa tumi yɛ?

10 Ade a ɛtɔ so mmienu a yɛyɛ a ɛbɛma yɛn gyidi ayɛ den ne sɛ yebedwinnwen Yehowa tumi ho. Biribiara a wahyɛ ho bɔ no, obetumi ama aba mu. Ɛbɔ a wahyɛ sɛ yebenya daa nkwa wɔ wiase foforo no mu no, ebetumi ayɛ nnipa pii sɛ ɛyɛ anansesɛm. Nanso Yehowa taa hyɛ nneɛma a nnipa ntumi nyɛ da ho bɔ. Ade yi, ɔno ne ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no. (Hiob 42:2; Mar. 10:27) Enti sɛ ɔhyɛ bɔ akɛseakɛse a, ɛnyɛ nwanwa.—Kenkan Efesofo 3:20.

11. Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow a ɛyɛ nwanwa no, ma ɛho nhwɛso. (Hwɛ adaka a yɛato din “ Onyankopɔn Bɔhyɛ Ahorow a Ɛyɛ Nwanwa a Abam No Bi.”)

11 Nneɛma a nnipa ani so no, na asɛ ɛrentumi nyɛ yiye a tete no Yehowa de hyɛɛ ne nkurɔfo bɔ no, momma yensusuw emu bi ho. Ɛwom sɛ na Abraham abɔ akwakora na na ne yere Sara nso abɔ aberewa, nanso Yehowa ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔbɛwo ɔbabarima. (Gen. 17:15-17) Afei nso, ɔka kyerɛɛ Abraham sɛ ɔde Kaanan asaase no bɛma n’asefo. Mfe pii a Israelfo a na wɔyɛ Abraham asefo yɛ nkoa wɔ Egypt no, nnipa ani so no, na asɛ saa bɔhyɛ no rentumi mma mu da. Nanso ɛbaa mu. Akyiri yi, Yehowa ka kyerɛɛ Elisabet a na wabɔ aberewa no sɛ ɔbɛwo ba. Bio nso, ɔka kyerɛɛ Maria a na ɔyɛ ɔbaabun no sɛ ɔbɛwo Onyankopɔn Ba. Ná ɛno bɛma ɛbɔ a Yehowa hyɛɛ no mfe mpempem pii wɔ Eden turom hɔ no aba mu!—Gen. 3:15.

12. Dɛn na Yosua 23:14 ne Yesaia 55:10, 11 ma yehu fa Yehowa tumi ho?

12 Sɛ yedwinnwen ɛbɔ ahorow a Yehowa hyɛe ne sɛnea ɛbaa mu no ho a, ɛma yehu sɛ ɔwɔ tumi paa, na ɛma yenya gyidi paa sɛ wiase foforo a wahyɛ ho bɔ no bɛba. (Kenkan Yosua 23:14; Yesaia 55:10, 11.) Wei boa yɛn paa ma yetumi boa afoforo ma wɔhu sɛ wiase foforo a Yehowa ahyɛ ho bɔ no nyɛ adaeso anaa anansesɛm. Yehowa ankasa aka sɛ ɔkwan biara so ɔsoro foforo ne asaase foforo no bɛba, efisɛ Bible ka sɛ, ‘saa asɛm no yɛ nokware, na ɛrenni huammɔ.’—Adi. 21:1, 5.

YƐ NNEƐMA A ƐBƐMA WO NE YEHOWA AYƆNKOFA MU AYƐ DEN

ASAFO NHYIAM

Sɛn na asafo nhyiam betumi ama wo gyidi ayɛ den? (Hwɛ nkyekyɛm 13)

13. Ɔkwan bɛn so na asafo nhyiam betumi ahyɛ yɛn gyidi den? Kyerɛkyerɛ mu.

13 Ɔkwan a ɛtɔ so mmiɛnsa a yebetumi afa so ahyɛ yɛn gyidi den ne sɛ, yɛbɛyɛ nneɛma a ɛbɛma yɛne Yehowa ayɔnkofa mu ayɛ den. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, momma yɛnhwɛ sɛnea asafo nhyiam boa yɛn. Anna de mfe bebree ayɛ bere nyinaa som adwuma no afa ahorow pii. Ɔka sɛ: “Asafo nhyiam boa me ma me gyidi yɛ den. Sɛ ɔkasafo bi ntumi nkyerɛkyerɛ yiye anaa sɛ wanka biribi titiriw biara mpo wɔ ne kasa no mu a, mpɛn pii no mete biribi a ɛboa me ma mete Bible no ase yiye, na ɛma me gyidi yɛ den.” b Afei nso, mmuae a ɛhyɛ nkuran a yɛn nuanom ma no nso tumi hyɛ yɛn gyidi den.—Rom. 1:11, 12; 10:17.

ASƐNKA ADWUMA

Sɛn na asɛnka adwuma no betumi ama wo gyidi ayɛ den? (Hwɛ nkyekyɛm 14)

14. Sɛn na asɛnka adwuma no hyɛ yɛn gyidi den?

14 Sɛ yɛyɛ asɛnka adwuma no bi a, ɛno nso hyɛ yɛn gyidi den. (Heb. 10:23) Barbara a wasom Yehowa bɛboro mfe 70 no ka sɛ: “Mahu sɛ asɛnka adwuma no hyɛ me gyidi den bere nyinaa. Mpɛn dodow a meka ɛbɔ a Yehowa ahyɛ yɛn no ho asɛm kyerɛ afoforo no, mpɛn dodow no ara na me gyidi yɛ den.”

KOKOAM ADESUA

Sɛn na kokoam adesua betumi ama wo gyidi ayɛ den? (Hwɛ nkyekyɛm 15)

15. Ɔkwan bɛn so na kokoam adesua hyɛ yɛn gyidi den? (Hwɛ mfoni no nso.)

15 Momma yɛnhwɛ ade foforo nso a ɛhyɛ yɛn gyidi den. Ɛno ne kokoam adesua. Susan ahu sɛ, sɛ oyi bere si hɔ de sua ade a, ɛboa no. Ɔka sɛ: “Kwasida biara, misua Ɔwɛn-Aban adesua asɛm a yebesua no nnawɔtwe a edi hɔ no. Dwoda ne Benada nso, misiesie me ho ma nnawɔtwe mfinimfini adesua no. Nna a aka no nso, me ara mede sua m’ade.” Esiane sɛ Susan wɔ nhyehyɛe pɔtee a ɔde sua ade na odi so nti, bere nyinaa na ne gyidi reyɛ den. Irene a ɔde mfe pii ayɛ adwuma wɔ wiase nyinaa adwumayɛbea ti no ahu sɛ, sɛ osua Bible nkɔmhyɛ a, ɛma ne gyidi yɛ den. Ɔka sɛ: “Nkɔm a Yehowa hyɛ no, sɛnea ɛbam pɛpɛɛpɛ no, ɛyɛ a na ɛyɛ me nwanwa.” c

“ƆKWAN BIARA SO ƐBƐBA MU”

16. Awerɛhyem a Yehowa de maa Habakuk no, ɛnnɛ nso, sɛn na ɛboa yɛn? (Hebrifo 10:36, 37)

16 Yehowa asomfo bi wɔ hɔ a, wɔde mfe pii atwɛn sɛ wiase yi bɛba awiei. Nnipa ani so de, ebia wiase awiei no akyɛ dodo. Yehowa nim saa, enti ɔka kyerɛɛ ne diyifo Habakuk sɛ: “Anisoadehu no retwɛn sɛ ne bere bɛso, na ɛrepɛ ntɛm aba mu, na ɛrenni atoro. Sɛ ɛkyɛ mpo a, kɔ so ara twɛn. Efisɛ ɔkwan biara so ɛbɛba mu. Ɛrenka akyi.” (Hab. 2:3) Saa asɛm no, wohwɛ a, Habakuk nko ara na Onyankopɔn de hyɛɛ no nkuran? Anaa wohwɛ a, ɛfa yɛn nso yɛn ho? Kristofo a wɔretwɛn wiase foforo no denneennen no, Yehowa maa ɔsomafo Paul faa saa asɛm no kae de hyɛɛ wɔn nkuran. (Kenkan Hebrifo 10:36, 37.) Enti yɛn nso, sɛ yɛte nka sɛ yɛn nkwagye no reyɛ akyɛ mpo a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ, “ɔkwan biara so ɛbɛba mu. Ɛrenka akyi.”

17. Sɛn na onuawa bi de afotu a Yehowa de maa Habakuk no yɛɛ adwuma?

17 Yehowa afotu a ɛne sɛ “kɔ so ara twɛn” no, n’asomfo pii de ayɛ adwuma mfe bebree. Louise sei, afe 1939 na ofii ase som Yehowa. Ɔka sɛ: “Saa bere no, na ɛyɛ me sɛ Armagedon bɛba ansa na mawie ntoaso sukuu. Nanso amma saa. Mfe pii ni, makenkan Noa, Abraham, Yosef ne afoforo pii ho asɛm wɔ Bible mu ma aboa me. Wɔn nso na ɛsɛ sɛ wɔde bere tenten twɛn kosi sɛ Yehowa de akatua a ɔde hyɛɛ wɔn bɔ no bɛma wɔn. Esiane sɛ bere nyinaa meretwɛn sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ bɛbam nti, ama me ne afoforo anya gyidi paa sɛ ɛrenkyɛ na wiase foforo no aba.” Yehowa asomfo a wɔde mfe pii asom no no, wɔn mu bebree ne onuawa no yɛ adwene.

18. Sɛ yedwinnwen adebɔ ho a, sɛn na ɛbɛboa yɛn ama gyidi a yɛwɔ wɔ wiase foforo a ɛreba no mu no ayɛ den?

18 Ɛyɛ ampa sɛ wiase foforo no mmae. Nanso nneɛma bi te sɛ nsoromma, nnua, mmoa ne nnipa atwa yɛn ho ahyia. Ɛwom, bere bi na saa nneɛma yi nni wiase, nanso ɛnnɛ, obiara nni hɔ a obetumi agye kyim sɛ saa nneɛma yi nni hɔ. Nea enti a ɛwɔ hɔ ne sɛ, Yehowa na ɔbɔɔ ne nyinaa. (Gen. 1:1, 26, 27) Onyankopɔn ahyɛ bɔ nso sɛ, ɔde wiase foforo bi bɛba, na ɔbɛma saa bɔhyɛ no aba mu. Wiase foforo no mu no, nnipa benya akwahosan pa na wɔagye wɔn ani afebɔɔ. Onyankopɔn bere a wahyɛ no so a, wiase foforo no bɛba ama yɛde yɛn ani ahu.—Yes. 65:17; Adi. 21:3,4.

19. Wobɛyɛ dɛn ahyɛ wo gyidi den?

19 Ɛnkosi sɛ wiase foforo no bɛba no, fa hokwan biara a wubenya hyɛ wo gyidi den. Kɔ so ma agyede no ho anisɔ a wowɔ no nyɛ kɛse. Dwinnwen Yehowa tumi ho. Yɛ nneɛma a ɛbɛma wo ne Yehowa ayɔnkofa mu ayɛ den. Woyɛ saa a, “wɔn a wɔnam gyidi ne abotare so nya bɔhyɛ ahorow no,” wobɛka wɔn ho.—Heb. 6:11, 12; Rom. 5:5.

DWOM 139 Fa W’ani Bu Wiase Foforo No

a Wiase foforo a Bible ahyɛ ho bɔ no, ɛnnɛ nnipa bebree nnye nni. Ɛyɛ wɔn sɛ ɛyɛ adaeso, anansesɛm anaa bɔsrɛmka. Nanso yɛn de, yegye di paa sɛ Yehowa bɔhyɛ nyinaa bɛba mu. Ɛno koraa no, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so hyɛ yɛn gyidi den. Yɛbɛyɛ no sɛn? Adesua yi bɛma yɛahu.

b Wɔasesa edin no bi.

c Nhoma a Yehowa Adansefo De Yɛ Nhwehwɛmu no, sɛ wohwɛ asɛmti a ɛne “Nkɔmhyɛ” ase a, wubehu nsɛm pii a ɛfa Bible nkɔmhyɛ ho. Sɛ wopɛ wei ho nhwɛso a, hwɛ asɛm a yɛato din, “Nea Yehowa Ka Biara Ba Mu” a ɛwɔ January 1, 2008, Ɔwɛn-Aban mu no.