Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 16

“Wo Nua No Bɛsɔre”!

“Wo Nua No Bɛsɔre”!

“Yesu ka kyerɛɛ [Marta] sɛ: ‘Wo nua no bɛsɔre.’”—YOH. 11:23.

DWOM 151 Ɔbɛfrɛ

NEA YƐREBESUA a

1. Sɛn na abarimaa bi kyerɛe sɛ ogye owusɔre no di?

 NÁ ABARIMAA bi a ne din de Matthew yare denneennen, na na ehia sɛ wɔyɛ no oprehyen pii. Bere a odii mfe nson no, na ɔne n’abusua rehwɛ JW Broadcasting® a ɛba bosome biara no. Aka kakra ma wɔahwɛ dwumadi no awie no, nnwom ho video a ɛwom no, wɔhui sɛ wɔn a wɔwom no rema wɔn adɔfo a wɔanyan wɔn aba nkwa mu no akwaaba. b Wɔhwɛɛ dwumadi no wiei no, Matthew kɔɔ n’awofo nkyɛn kosoo wɔn nsam, na ɔkaa sɛ: “Maa ne Daa, moahu? Sɛ miwu mpo a, owusɔre no du so a, mɛsan aba. Mubetumi atwɛn me; biribiara bɛyɛ yiye.” Bere a awofo no hui sɛ wɔn ba no gye owusɔre no di paa no, wohwɛ a ɛbɛka wɔn sɛn?

2-3. Adɛn nti na eye sɛ yedwinnwen owusɔre no ho?

2 Owusɔre a Bible ka sɛ ɛbɛba daakye no, ɛwom ara a ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa dwinnwen ho. (Yoh. 5:28, 29) Adɛn ntia? Efisɛ yennim da a owuyare bi bɛbɔ yɛn anaa da a yɛn dɔfo bi bewu mpofirim. (Ɔsɛnk. 9:11; Yak. 4:13, 14) Sɛ biribi saa si a, owusɔre anidaso a yɛwɔ no betumi aboa yɛn ma yɛagyina ano. (1 Tes. 4:13) Kyerɛwnsɛm no ma yɛn awerɛhyem sɛ yɛn soro Agya no nim yɛn yiye na ɔdɔ yɛn paa. (Luka 12:7) Ɛno nti, Yehowa betumi asan abɔ yɛn de suban ne adwene a na yɛwɔ no ama yɛn pɛpɛɛpɛ. Afei nso, Yehowa dɔ yɛn paa, enti wama yɛanya hokwan sɛ yebetumi atena ase daa. Sɛ yewu mpo a, obetumi anyan yɛn.

3 Adesua yi mu no, yebedi kan ahwɛ nea enti a yebetumi agye owusɔre no adi. Yewie a, Bible mu asɛm a ɛka sɛ: “Wo nua no bɛsɔre” a adesua asɛm yi gyina so no, yebesusuw ho, na ɛbɛhyɛ yɛn gyidi den. (Yoh. 11:23) Ne korakora no, yebehu nea yɛyɛ a ɛbɛma yɛagye adi paa sɛ owusɔre no bɛba.

NEA ENTI A YEBETUMI AGYE OWUSƆRE NO ADI

4. Sɛ obi hyɛ wo bɔ na wubegye no adi a, dɛn na ɛsɛ sɛ wuhu ansa? Ma mfatoho.

4 Sɛ obi hyɛ yɛn bɔ na yebegye no adi a, gye sɛ yehu sɛ ɔwɔ ɔpɛ no ne tumi a ɔde bɛyɛ. Yɛnhwɛ mfatoho yi: Yɛmfa no sɛ mframa kɛse bi abɔ ma asɛe wo fie. Ɛno akyi no, w’adamfo bi baa wo nkyɛn bɛhyɛɛ wo bɔ sɛ, ‘Mɛboa wo ma woasan asi wo fie no.’ Wuhu sɛ nea ɔreka no nyɛ nnaadaa, na ɔpɛ paa sɛ ɔboa wo. Sɛ onim dan si na ɔwɔ nnwinnade a ɔde bɛyɛ a, ɛbɛma woahu sɛ obetumi ayɛ. Enti wubegye no adi. Ɛnde, Onyankopɔn a wahyɛ bɔ sɛ ɔde owusɔre bɛba no nso ɛ? Wohwɛ a, ɔwɔ ɔpɛ ne tumi a ɔde bedi saa bɔhyɛ no so?

5-6. Adɛn nti na yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa pɛ sɛ onyan awufo?

5 Wohwɛ a, Yehowa pɛ sɛ onyan awufo anaa? Biribiara kyerɛ sɛ ɔpɛ. Ɔmaa Bible akyerɛwfo pii kyerɛw owusɔre a ɛbɛba daakye no ho asɛm. (Yes. 26:19; Hos. 13:14; Adi. 20:11-13) Yehowa nso de, ɛbɔ biara a ɔbɛhyɛ no, ɛba mu. (Yos. 23:14) Nokwasɛm ne sɛ, Yehowa pɛ paa sɛ onyan awufo. Adɛn nti na yebetumi aka saa?

6 Momma yɛnhwɛ adwene a na agya panyin Hiob wɔ. Ná ogye di sɛ, sɛ owu mpo a, Yehowa ani begye ho paa sɛ ɔbɛsan de no aba nkwa mu. (Hiob 14:14, 15) Yehowa asomfo a wɔawuwu nyinaa nso, n’ani agyina wɔn, enti ɔpɛ paa sɛ ɔsan de wɔn ba nkwa mu ma wɔbenya apɔwmuden na wɔn ani gye. Na nnipa ɔpepepem pii a wɔawuwu a wɔannya hokwan ansua Yehowa ho ade no nso ɛ? Wɔn nso, yɛn Nyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ no pɛ sɛ onyan wɔn. (Aso. 24:15) Ɔpɛ sɛ wɔnya hokwan bɛyɛ ne nnamfo na wɔtena asaase so daa. (Yoh. 3:16) Ɛda adi pefee sɛ Yehowa pɛ sɛ onyan awufo.

7-8. Adɛn nti na yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa wɔ tumi a ɔde benyan awufo?

7 Wohwɛ a, Yehowa wɔ tumi nso a ɔde benyan awufo anaa? Ɔwɔ bi dodo! Ɔno ne “ade nyinaa so Tumfo no.” (Adi. 1:8) Enti ɔwɔ tumi a ɔde bedi ɔtamfo biara so, a owu mpo ka ho. (1 Kor. 15:26) Yehu no saa a, ɛhyɛ yɛn den, na ɛkyekye yɛn werɛ. Momma yɛnhwɛ nea ɛtoo Onuawa Emma Arnold. Bere a Wiase Ko a Ɛtɔ So Mmienu no rekɔ so no, ɔne n’abusua hyiaa wɔn gyidi ho sɔhwɛ a emu yɛ den. Nasifo kyeree wɔn adɔfo pii de wɔn koguu afiase maa wɔn mu binom wuwui. Enti bere a Emma pɛ sɛ ɔkyekye ne babea werɛ wɔ nea esii no ho no, ɔkaa sɛ: “Sɛ nnipa bɛka owu aguaa mu afebɔɔ a, ɛnde na owu ho yɛ den sen Onyankopɔn, anaa ɛnte saa?” Ɛda adi pefee sɛ, biribiara nni hɔ, anaa obiara nni hɔ a ne ho yɛ den sen Yehowa! Ade nyinaa so tumfoɔ Nyankopɔn a ɔbɔɔ nkwa no, obetumi asan ama wɔn a wɔawuwu no nkwa.

8 Ade foforo nti a yenim sɛ Onyankopɔn betumi anyan awufo ne sɛ, nea onim no dɔɔso ara ma obiara rentumi mmu ho akontaa. Nsoromma biara, wama no din. (Yes. 40:26) Wɔn a wɔawuwu nso, ɔkae wɔn nyinaa. (Hiob 14:13; Luka 20:37, 38) Wɔn a obenyan wɔn no, obetumi akae wɔn ho biribiara a ɔremmrɛ koraa; sɛnea na wɔn nipadua te, wɔn suban, nea wɔfaa mu wɔ asetena mu, ne nea na wɔnim nyinaa, obetumi akae no pɛpɛɛpɛ.

9. Owusɔre a Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɛbɛba daakye no, adɛn nti na wugye di?

9 Owusɔre a Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɛbɛba daakye no, nea enti a yebetumi agye adi ne sɛ, yenim sɛ ɔwɔ ɔpɛ no ne tumi a ɔde bɛyɛ. Yɛnhwɛ ade foforo nti a yebetumi agye owusɔre a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ no adi: Yehowa ayɛ bi pɛn. Yɛhwɛ Bible mu a, yebehu sɛ ɔmaa mmarima anokwafo bi tumi ma wɔde nyan awufo; na Yesu nso ka ho. Nnipa a Yesu nyan wɔn no, momma yɛnhwɛ wɔn mu baako a ne ho asɛm wɔ Yohane ti 11.

YESU YƆNKO BERƐBO BI WUI

10. Bere a Yesu reka asɛmpa no wɔ Betania a ɛwɔ Yordan agya no, dɛn na esii, na dɛn na ɔyɛe? (Yohane 11:1-3)

10 Kenkan Yohane 11:1-3. Ɛrekɔ afe 32 Y.B. awiei no, wo de, twa nea ɛkɔɔ so wɔ Betania no ho mfoni hwɛ. Ná Yesu wɔ nnamfo bi wɔ saa akuraa yi ase; wɔne Lasaro ne ne nua mmea Maria ne Marta. (Luka 10:38-42) Nanso Lasaro bɛyaree, na ɛhaw ne nua mmea no, enti wɔtoo Yesu nkra. Saa bere no, na Yesu wɔ Yordan agya, na na efi Betania kɔ hɔ yɛ nnanu kwan. (Yoh. 10:40) Awerɛhosɛm ne sɛ, ɔbɔfo a ɔso nkra no, ɛbɛyɛ sɛ okoduu Yesu nkyɛn ara na Lasaro wui. Ɛwom sɛ na Yesu nim sɛ n’adamfo no wui nkyɛe koraa, nanso ɔsan dii nnanu wɔ baabi a na ɔwɔ no ansa na ɔresim akɔ Betania. Enti bere a Yesu kodui no, na Lasaro awu nnanan. Yesu yɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛyɛ biribi a ɛbɛboa ne nnamfo no na ahyɛ Onyankopɔn anuonyam.—Yoh. 11:4, 6, 11, 17.

11. Ayɔnkofa ho asuade bɛn na yebetumi anya wɔ saa asɛm yi mu?

11 Ayɔnkofa ho asuade bi wɔ saa asɛm yi mu. Bere a Maria ne Marta de nkra kɔmaa Yesu no, wɔanka ankyerɛ no sɛ ɔmmra Betania. Nea wɔkae ara ne sɛ ne yɔnko berɛbo no yare. (Yoh. 11:3) Lasaro wui no, anka Yesu betumi agyina baabi a na ɔwɔ no ara anyan no. Nanso na Yesu pɛ sɛ ɔkɔ Betania kɔkyekye ne nnamfo Maria ne Marta werɛ. Wokɔ ahokyere mu a, wowɔ adamfo bi a sɛ ɔte pɛ a, ɔbɛba abɛboa wo anaa? Sɛ saa a, ɛnde, wunim sɛ “amanehunu bere” mu ɔbɛba abɛboa wo. (Mmeb. 17:17) Momma yensuasua Yesu na yɛmmoa yɛn nnamfo wɔ ahohia bere mu! Afei momma yɛnsan nkɔ asɛm no so na yɛnhwɛ nea esii wɔ ɛno akyi.

12. Asɛm bɛn na Yesu ka kyerɛɛ Marta, na adɛn nti na na obetumi agye adi? (Yohane 11:23-26)

12 Kenkan Yohane 11:23-26. Bere a Marta tee sɛ Yesu abɛn Betania no, ɛhɔ ara na ɔyɛɛ ntɛm kohyiaa no, na ɔkaa sɛ: “Awurade, sɛ wowɔ ha a, anka me nua no anwu.” (Yoh. 11:21) Ɛwom, na anka Yesu betumi asa Lasaro yare, nanso na Yesu pɛ sɛ ɔyɛ biribi a ɛsen saa koraa. Ɔkaa sɛ: “Wo nua no bɛsɔre.” Ɔsan kaa asɛm foforo kyerɛɛ Marta a na ɛbɛma wagye nea na ɔreka no adi. Ɔkaa sɛ: “Mene owusɔre ne nkwa.” Wei kyerɛ sɛ na Onyankopɔn ama no tumi a ɔde benyan awufo. Abeawa bi wui no, ankyɛ koraa na Yesu nyan no. Aberantewaa bi nso wui no, ɛbɛyɛ sɛ saa da no ara na onyan no. (Luka 7:11-15; 8:49-55) Nanso obi a na wawu nnanan na n’amu no afi ase reporɔw no, wohwɛ a na obetumi anyan no?

“LASARO, PUE BRA!”

Yesu nnamfo a na wɔredi awerɛhow no, wɔn asɛm yɛɛ no mmɔbɔ paa (Hwɛ nkyekyɛm 13-14)

13. Sɛnea Yohane 11:32-35 kyerɛ no, bere a Yesu hui sɛ Maria ne afoforo resu no, dɛn na ɔyɛe? (Hwɛ mfoni no nso.)

13 Kenkan Yohane 11:32-35. Susuw nea esii wɔ ɛno akyi no ho hwɛ. Lasaro nuabea Maria nso kohyiaa Yesu. Ɔno nso kaa asɛm a Marta kae no ara bi. Ɔkaa sɛ: “Awurade, sɛ wowɔ ha a, anka me nua no anwu.” Ná awerɛhow ahyɛ ɔne afoforo a ɛka ne ho no ma. Bere a Yesu hui sɛ wɔresu no, ne werɛ howee paa. Esiane ayamhyehye a na ɔwɔ ma ne nnamfo no nti, osui. Onim sɛ, sɛ obi dɔfo wu a, ɛyɛ yaw paa. Enti na ɔpɛ sɛ ɔyɛ biribi ma wɔpopa wɔn nisu.

14. Nea Yesu yɛe bere a na Maria resu no, dɛn na ɛma yesua fa Yehowa ho?

14 Nea Yesu yɛe bere a na Maria resu no, ɛma yehu sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn a ɔwɔ ayamhyehye. Adɛn nti na yebetumi aka saa? Adesua a edi wei anim mu no, yehui sɛ Yesu suasua sɛnea n’Agya yɛ n’ade pɛpɛɛpɛ. (Yoh. 12:45) Enti sɛ yɛkan Bible no na yehu sɛ Yesu nnamfo a na wɔredi awerɛhow no, wɔn asɛm yɛɛ no mmɔbɔ ara ma osui a, ɛnde yebetumi aka sɛ, yɛn nso, sɛ yɛresu di awerɛhow a, ɛyɛ Yehowa yaw paa. (Dw. 56:8) Wunhu sɛ, ɛsɛ sɛ wei ka wo ma wotwe bɛn yɛn Nyankopɔn a ɔwɔ ayamhyehye no?

Yesu kyerɛe sɛ ɔwɔ owu so tumi (Hwɛ nkyekyɛm 15-16)

15. Sɛnea asɛm a ɛwɔ Yohane 11:41-44 ma yehu no, dɛn na esii wɔ baabi a wɔkosiee Lasaro no? (Hwɛ mfoni no nso.)

15 Kenkan Yohane 11:41-44. Yesu kɔɔ baabi a wɔsiee Lasaro no, na ɔkaa sɛ wɔnyi ɔbo a ɛda ano no. Nanso Marta kaa sɛ, sesɛɛ de, wabɔn. Yesu kaa sɛ: “Manka ankyerɛ wo sɛ wugye di a, wubehu Onyankopɔn anuonyam?” (Yoh. 11:39, 40) Afei Yesu maa n’ani so hwɛɛ soro bɔɔ mpae maa obiara hui. Nea na ɔrebɛyɛ no, na ɔpɛ sɛ ɔde ɛho anuonyam nyinaa ma Yehowa. Ɛno akyi no, Yesu teɛɛm sɛ: “Lasaro, pue bra!” Wɔnkɔhwɛ a, Lasaro na wapue reba yi! Nea na ebinom susuw sɛ ɛrentumi nyɛ yiye no, ɛno na Yesu ayɛ yi.—Hwɛ asɛm a yɛato din, “Dɛn nti na egyee Yesu nnanan ansa na ɔrekodu Lasaro ɔboda no ho?” no. Ɛwɔ January 1, 2008, Ɔwɛn-Aban mu.

16. Owusɔre anidaso a yɛwɔ no, sɛn na asɛm a ɛwɔ Yohane ti 11 no hyɛ mu den?

16 Asɛm a ɛwɔ Yohane ti 11 no, ɛhyɛ owusɔre anidaso a yɛwɔ no mu den. Ɔkwan bɛn so? Kae asɛm a Yesu ka kyerɛɛ Marta no: “Wo nua no bɛsɔre.” (Yoh. 11:23) Yesu te sɛ n’Agya, enti ɔno nso wɔ ɔpɛ no ne tumi a ɔde bedi saa bɔhyɛ no so. Nisu a ɔtewee no ma yehu sɛ, ɔpɛ paa sɛ oyi owu ne awerɛhow a ɛde ba no nyinaa fi hɔ. Afei nso, nyan a Yesu nyan Lasaro no ma ɛdaa adi bio sɛ Yesu wɔ tumi a ɔde benyan awufo. Bio nso, susuw asɛm a Yesu ka kyerɛɛ Marta yi ho: “Manka ankyerɛ wo sɛ wugye di a, wubehu Onyankopɔn anuonyam?” (Yoh. 11:40) Yɛwɔ adanse a edi mu a yebetumi agyina so agye adi sɛ ɛbɔ a Onyankopɔn ahyɛ sɛ obenyan awufo no bɛba mu. Ɛnde, owusɔre anidaso a yɛwɔ no, yɛbɛyɛ dɛn ahyɛ mu den?

SƐNEA YƐBƐHYƐ OWUSƆRE ANIDASO A YƐWƆ NO MU DEN

17. Sɛ yɛrekan owusɔre bi ho asɛm wɔ Bible mu a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae?

17 Owusɔre a ɛho asɛm wɔ Bible mu no, kenkan na dwinnwen ho. Wokan Bible a, wubehu sɛ wɔnyan nnipa nwɔtwe bi baa nkwa mu ma wɔsan bɛtenaa asaase so. c Wubetumi ato wo bo ase asua emu biara ho ade akɔ akyiri. Bere a woreyɛ saa no, kae sɛ wɔyɛ mmarima, mmea ne mmofra a wɔtenaa ase ankasa. Afei, hwɛ nea wubetumi asua afi mu. Wɔn mu biara a wubesua ne ho ade no, dwinnwen ho kɔ akyiri na wubehu sɛ Onyankopɔn wɔ ɔpɛ no ne tumi a ɔde benyan awufo. Nea ɛsen ne nyinaa no, dwinnwen Yesu wusɔre a ɛho hia paa no ho. Afei nso, kae sɛ nnipa bebree dii ne wusɔre no ho adanse, na wei ma gyidi a yɛwɔ wɔ owusɔre no mu no yɛ den​—1 Kor. 15:​3-6, 20-​22.

18. Yɛn nnwom a ɛfa owusɔre anidaso no ho no, wobɛyɛ dɛn anya so mfaso kɛse? (Hwɛ ase hɔ asɛm no nso.)

18 “Nnwom kronkron” a ɛka owusɔre anidaso no ho asɛm no, wobɛyɛ dɛn anya so mfaso kɛse? d (Efe. 5:19) Owusɔre anidaso a yɛwɔ no, saa nnwom yi hyɛ mu den, na ɛma yehu sɛ ɔkwan biara so ɛbɛba. Enti ɛyɛ a bɔ tie, na sua to. Afei sɛ moreyɛ abusua som a, munsusuw emu nsɛm no ho. Kyere emu nsɛm no gu wo tirim na dwinnwen ho, na ɛbɛhyɛ wo gyidi den. Ɛba saa na wo gyidi nti wɔde owu hunahuna wo anaa wo dɔfo bi wu a, Yehowa honhom bɛboa wo ma woakaakae nnwom yi mu nsɛm ma akyekye wo werɛ, na ahyɛ wo gyidi den.

19. Sɛn na yebetumi adwinnwen owusɔre no ho? (Hwɛ adaka a yɛato din “ Dɛn Na Wubebisa Wɔn?” no.)

19 Fa w’adwene bu. Sɛnea Yehowa bɔɔ yɛn nti, yebetumi de yɛn adwene atwa wiase foforo no ho mfoni ahu yɛn ho wɔ hɔ. Onuawa bi ka sɛ: “Mede bere pii adwinnwen wiase foforo no ho ara ma asɛ mete nhwiren a ɛwɔ Paradise no hua mpo.” Fa w’adwene bu sɛ woahyia mmarima ne mmea anokwafo a Bible ka wɔn ho asɛm no. Hena na worehwɛ kwan sɛ wubehyia no? Nsɛm bɛn na wubebisa no? Afei fa w’adwene bu sɛ wo ne w’adɔfo a wɔwuwui asan ahyia. Dwinnwen nsɛm a ebia wubedi kan aka, sɛnea wobɛyɛ wɔn atuu, ne sɛnea w’ani begye afa no ho.

20. Dɛn na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ?

20 Yɛda Yehowa ase paa sɛ wahyɛ yɛn bɔ sɛ awufo bɛsɔre! Yebetumi anya awerɛhyem sɛ saa bɔhyɛ no bɛbam, efisɛ Yehowa wɔ ɔpɛ no ne tumi a ɔde bɛyɛ. Momma yensi yɛn bo sɛ, yɛbɛkɔ so ama saa anidaso yi ahyɛ yɛn gyidi den. Yɛyɛ saa a, ade rekye a ade resa nyinaa na yɛrebɛn Onyankopɔn, efisɛ ɔkwan bi so no, ɔhyɛ yɛn mu biara bɔ sɛ, ‘W’adɔfo bɛsɔre!’

DWOM 147 Daa Nkwa Bɔhyɛ

a Sɛ wo dɔfo bi awu a, ɛnde, yegye di sɛ owusɔre anidaso no rekyekye wo werɛ paa. Sɛ saa a, wobɛyɛ dɛn akyerɛkyerɛ mu akyerɛ afoforo ma wɔahu nea enti a wugye di sɛ owusɔre no bɛba? Afei nso, owusɔre anidaso a wowɔ no, wobɛyɛ dɛn ahyɛ mu den? Owusɔre anidaso a yɛwɔ no, adesua yi bɛboa yɛn nyinaa ma yɛahyɛ mu den.

b Nnwom ho video a yɛato din, Aba Mu Awie no, ɛbaa November 2016 JW Broadcasting® mu.

c Hwɛ adaka a yɛato din “Bible Ka Nnipa Nwɔtwe a Wɔnyanee Wɔn Ho Asɛm.” Ɛwɔ August 1, 2015, Ɔwɛn-Aban mu, kr. 4.

d Hwɛ nnwom a edidi so yi wɔ ‘Momfa Anigye Nto Dwom’ Mma Yehowa nhoma no mu: “Fa W’ani Bu Wiase Foforo No” (Dwom 139), “Fa W’ani Si Botae no So!” (Dwom 144) ne “Ɔbɛfrɛ” (Dwom 151). Afei nso, nnwom a edidi so yi a enni yɛn nnwom nhoma no mu no, hwɛ ɛno nso wɔ jw.org/tw: “Aba Mu Awie,” “Wiase Foforo No Mu” ne “Fa W’ani Bɛhwɛ Bi.”