Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 14

DWOM 56 So Nokware no Mu Yiye

‘Yere Wo Ho Nyin Wɔ Gyidi No Mu’

‘Yere Wo Ho Nyin Wɔ Gyidi No Mu’

“Momma yɛmfa nyɛ yɛn botae sɛ yɛbɛyere yɛn ho anyin wɔ gyidi no mu.”HEB. 6:1.

NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM

Yɛbɛhwɛ sɛnea Kristoni a ne ho akokwaw susuw nsɛm ho, osisi gyinae pa, na ɔyɛ n’ade ma ɛne Onyankopɔn apɛde hyia.

1. Dɛn na Yehowa pɛ sɛ yɛyɛ?

 ADE baako a ɛma awarefo ani gye paa ne sɛ wɔbɛwo abofra a ɔwɔ apɔwmuden. Ɛwom sɛ abofra no da awofo no koma so de, nanso wɔmpɛ sɛ abofra no yɛ abofra daa. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ abofra no annyin a, ɛbɛhaw wɔn paa. Yɛn nso, sɛ yetu anammɔn bɛyɛ Yesu akyidifo a, ɛma Yehowa ani gye, nanso ɔmpɛ sɛ yɛyɛ mmotafowa daa wɔ ne som mu. (1 Kor. 3:1) Mmom, otu yɛn fo sɛ yɛmmɛyɛ Kristofo a “wɔanyin yiye.”—1 Kor. 14:20.

2. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

2 Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Kristoni bi anyin yiye? Dɛn na yɛyɛ a ɛbɛma yɛn ho akokwaw? Ɔkwan bɛn so na honhom fam aduan a ɛyɛ den boa yɛn ma yɛn ho kokwaw? Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yegye yɛn ho di? Adesua yi mu no, yebenya nsɛmmisa yi ho mmuae.

DƐN NA ƐKYERƐ SƐ KRISTONI BI HO AKOKWAW?

3. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Kristoni bi anyin yiye?

3 Bible mu no, Greek asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “anyin yiye” no, ebetumi nso akyerɛ “ahokokwaw,” “biribi a ewie pɛyɛ” anaa “biribi a edi mu.” a (1 Kor. 2:6) Sɛ yɛankɔ so anyɛ mmofra wɔ Onyankopɔn som mu, na yɛyere yɛn ho ma yɛn ho kokwaw a, ɛkyerɛ sɛ yɛabɛyɛ Kristofo a yɛanyin yiye. Nea ɛwom ne sɛ, sɛ yedu saa botae no ho mpo a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ara pere kɔ yɛn anim. (1 Tim. 4:15) Ɛmfa ho mfe a yɛadi no, yɛn nyinaa betumi ayere yɛn ho ama yɛn ho akokwaw. Ɛnde, dɛn na ɛbɛma yɛahu sɛ Kristoni bi ho akokwaw?

4. Dɛn na ɛma yehu sɛ Kristoni bi ho akokwaw?

4 Sɛ Kristoni bi ho akokwaw a, ɛnyɛ Onyankopɔn mmara a ɔpɛ nko ara na odi so, na mmom odi Onyankopɔn mmara nyinaa so. Ɛwom, esiane sɛ ɔyɛ onipa a bɔne wɔ ne ho nti, obedi mfomso. Nanso da biara, sɛnea osusuw nsɛm ho, ne sɛnea ɔyɛ n’ade no, ɔbɔ mmɔden ma ɛne Onyankopɔn apɛde hyia. Wahyɛ suban foforo no, na daa ɔbɔ mmɔden sɛ obedwen nneɛma ho te sɛ Onyankopɔn. (Efe. 4:​22-24) Wasua sɛnea obegyina Onyankopɔn mmara ne ne nnyinasosɛm so asisi gyinae pa. Wei nti, onhia mmara bebree a ɛbɛkyerɛ no nea ɔnyɛ ne nea ɛnsɛ sɛ ɔyɛ. Sɛ osi gyinae sɛ ɔbɛyɛ biribi na ɛyɛ den ma no mpo a, omia n’ani yɛ.—1 Kor. 9:​26, 27.

5. Sɛ Kristoni bi amma ne ho ankokwaw a, asiane bɛn na ebetumi ato no? (Efesofo 4:​14, 15)

5 Nanso sɛ Kristoni bi amma ne ho ankokwaw a, “nnaadaa ne adɛfɛdɛfɛsɛm” a awaefo ne nkurɔfo keka wɔ TV ne sohyia midia so no, ɛnyɛ den koraa sɛ obegye adi. b (Kenkan Efesofo 4:​14, 15.) Ebia wobɛhwɛ na ahoɔyaw rekum no, ɔne afoforo ntam nnwo, na ɛreyɛ ara ni na ne bo afuw. Afei nso, sɛ ohyia sɔhwɛ a, ebia ɛbɛyɛ den sɛ ɔbɛyɛ nea ɛtene.—1 Kor. 3:3.

6. Sɛnea Kristoni ma ne ho kokwaw no, mfatoho bɛn na yebetumi de akyerɛkyerɛ mu? (Hwɛ mfoni no nso.)

6 Sɛnea yɛadi kan aka no, ɔkwan a yɛfa so nyin wɔ Onyankopɔn som mu bɛyɛ Kristofo a yɛn ho akokwaw no, Bible no de toto sɛnea abofra nyin bɛyɛ ɔpanyin no ho. Abofra de, n’adwene mu nnɔ, enti ohia ɔpanyin na wabɔ ne ho ban na wakyerɛ no nea ɔnyɛ. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, sɛ maame bi ne ne ba abaayewa retwa kwan mu a, ebia ɔbɛka akyerɛ no sɛ onso ne nsa. Bere a abaayewa no renyin no, ebia maame no bɛma no kwan ma ɔno nko ara atwa kwan mu, nanso ɔbɛkae no sɛ, ɛyɛ a onni kan nhwɛ benkum ne nifa ansa na wayɛ saa. Sɛ abofra no bɛyɛ ɔpanyin a, ɔno ara hu sɛnea ɔbɛkwati asiane a ɛtete saa. Sɛnea mmofra hia mpanyimfo mmoa na wɔatumi akwati asiane no, Kristofo a wɔn ho nkokwawee nso, mpɛn pii no, wɔhia Kristofo a wɔn ho akokwaw mmoa na wɔatumi asisi gyinae pa, na wɔakwati asiane a ɛbɛsɛe wɔne Yehowa ntam. Nanso Kristoni a ne ho akokwaw de, sɛ ɔpɛ sɛ osi gyinae bi a, osusuw Bible mu nnyinasosɛm ho de hwehwɛ Yehowa adwene. Afei ɔde nea wasua no yɛ adwuma.

Kristofo a wɔn ho nkokwawee no, ɛsɛ sɛ wɔsua sɛnea wɔde Bible nnyinasosɛm besisi gyinae pa (Hwɛ nkyekyɛm 6)


7. Kristofo a wɔn ho akokwaw nso hia afoforo mmoa anaa?

7 Wohwɛ a, wei kyerɛ sɛ Kristofo a wɔn ho akokwaw de, wɔnhia obiara mmoa anaa? Ɛnte saa. Wɔn a wɔn ho akokwaw no nso, ɛtɔ da a ehia sɛ wɔhwehwɛ mmoa fi afoforo hɔ. Nanso obi a ne ho nkokwawee no, ebia ɔbɛpɛ sɛ afoforo kyerɛ no nea ɔnyɛ. Afei nso, gyinae a ɛsɛ sɛ ɔno ara si no, ebia ɔbɛpɛ sɛ afoforo si ma no. Nanso Kristoni a ne ho akokwaw no, sɛ ɔhwehwɛ mmoa fi wɔn a wɔwɔ suahu hɔ a, ɔnhwɛ kwan sɛ wɔbesisi gyinae ama no, efisɛ onim sɛ Yehowa pɛ sɛ ‘obiara soa n’ankasa adesoa.’—Gal. 6:5.

8. Kristofo a wɔn ho akokwaw no, ɔkwan bɛn so na ɛsono wɔn mu biara?

8 Wɔn a wɔanyin no, ɛsono sɛnea obiara te wɔ nipaduam. Kristofo a wɔn ho akokwaw nso, ɛsono suban a wɔn mu biara bɔ mu mmɔden. Ebinom adwenem dɔ paa, ebinom nso wɔ akokoduru, ebinom yam ye, na ebinom nso wɔ tema paa. Afei nso, sɛ Kristofo mmienu a wɔn ho akokwaw hyia tebea bi a edi nsɛ a, ebia ɛbɛsono gyinae a wɔn mu biara besi, nanso wobɛhwɛ mu no, na emu biara ntia Bible mmara. Mpɛn pii no, sɛ Kristofo de wɔn ahonim resisi biribi ho gyinae a, ɛnna yehu saa nsonsonoe no. Enti sɛ baako ne ne yɔnko gyinaesi anhyia a, ɛnsɛ sɛ obiara bu ne yɔnko atɛn. Mmom ɛsɛ sɛ wɔyere wɔn ho sɛ wɔbɛyɛ baako.—Rom. 14:10; 1 Kor. 1:10.

DƐN NA YƐYƐ A ƐBƐMA YƐN HO AKOKWAW?

9. Wohwɛ a, yefitii ara na yɛabɛyɛ Kristofo a yɛn ho akokwaw anaa? Kyerɛkyerɛ mu.

9 Ade rekye a ade resa nyinaa, yɛnhyɛ da nyɛ hwee, nanso wobɛhwɛ ara na yɛanyin. Nanso ɛba yɛne Yehowa ayɔnkofa de a, ɛnyɛ sɛ yɛtenaa mu ara na atu. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, anuanom a na ɛwɔ Korinto no gyee asɛmpa no dii, wɔbɔɔ asu, wɔnyaa honhom kronkron, na ɔsomafo Paul ankasa nso kyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma pii. (Aso. 18:​8-11) Nanso, wɔn asubɔ akyi mfe pii no, na wɔn mu bebree da so ara yɛ mmotafowa wɔ Yehowa som mu. (1 Kor. 3:2) Dɛn na yɛbɛyɛ na biribi a ɛte saa anto yɛn?

10. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛn ho kokwaw a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? (Yuda 20)

10 Sɛ yɛn ho betumi akokwaw a, ɛsɛ sɛ yedi kan nya ɔpɛ no. Wɔn a ‘wɔpɛ agyimisɛm,’ kyerɛ sɛ, wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkɔ so yɛ mmofra wɔ Onyankopɔn som mu no, wɔn ho rentumi nkokwaw da. (Mmeb. 1:22) Ebinom anyin, nanso daa wɔpɛ sɛ wɔn awofo na esisi gyinae ma wɔn. Yɛmpɛ sɛ yesuasua saafo no. Yɛn de, yɛpɛ sɛ yɛfa to yɛn ho so sɛ yɛbɛma yɛn ho akokwaw wɔ Onyankopɔn som mu. (Kenkan Yuda 20.) Sɛ worebɔ mmɔden sɛ wobɛma wo ho akokwaw a, bɔ Yehowa mpae sɛ ɔmma wo ‘ɔpɛ no ne ahoɔden a wode bɛyɛ.’—Filip. 2:13.

11. Mmoa bɛn na Yehowa de ma yɛn na ama yɛn ho atumi akokwaw? (Efesofo 4:​11-13)

11 Sɛ yɛn ho betumi akokwaw a, Yehowa nim sɛ yehia mmoa. Yehowa ama yɛn ahwɛfo ne akyerɛkyerɛfo wɔ Kristofo asafo no mu; saa mmarima yi ayɛ krado sɛ wɔbɛboa yɛn ama ‘yɛayɛ ɔbarima mua’ wɔ Onyankopɔn som mu, “na yɛadi mu sɛ Kristo pɛpɛɛpɛ.” (Kenkan Efesofo 4:​11-13.) Afei nso, Yehowa de ne honhom kronkron no boa yɛn ma yenya “Kristo adwene.” (1 Kor. 2:​14-16) Bio nso, Yehowa maa ebinom kyerɛw Nsɛmpa nnan no, na aboa yɛn ama yɛahu sɛnea na Yesu dwen, ɔkasa, na ɔyɛ n’ade bere a na ɔreyɛ ne som adwuma wɔ asaase so no. Sɛ wusuasua sɛnea na Yesu dwen na ɔyɛ n’ade a, wubetumi abɛyɛ Kristoni a wo ho akokwaw.

SƐNEA HONHOM FAM ADUAN A ƐYƐ DEN BOA YƐN MA YƐN HO KOKWAW

12. Dɛn ne “Kristo ho nsɛm a yedii kan suae no”?

12 Sɛ yɛn ho betumi akokwaw a, “Kristo ho nsɛm a yedii kan suae,” anaa mfitiasesɛm no, ɛnsɛ sɛ yɛde so hɔ ara. Saa mfitiasesɛm no, ebi ne adwensakra, gyidi, asubɔ ne owusɔre. (Heb. 6:​1, 2) Saa nkyerɛkyerɛ no, ɛno ne Kristosom fapem. Ɛno nti, bere a na ɔsomafo Petro rekyerɛkyerɛ nnipadɔm no wɔ Pentekoste Afahyɛ no ase no, ɔkaa ho asɛm. (Aso. 2:​32-35, 38) Sɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ Kristo asuafo a, ɛsɛ sɛ yegye saa mfitiasesɛm no tom. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, Paul kaa sɛ, obiara a onnye owusɔre no nni no, ɔrentumi nka sɛ ɔyɛ Kristoni. (1 Kor. 15:​12-14) Nanso sɛ yɛn ho betumi akokwaw a, ɛnyɛ mfitiase nkyerɛkyerɛ no nko ara na ɛsɛ sɛ yehu.

13. Honhom fam aduan a ɛyɛ den a ɛho asɛm wɔ Hebrifo 5:14 no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛanya so mfaso? (Hwɛ mfoni no nso.)

13 Honhom fam aduan a ɛyɛ den no, ɛnte sɛ mfitiase nkyerɛkyerɛ no. Yehowa mmara ne ne nnyinasosɛm na ɛka bom yɛ honhom fam aduan a ɛyɛ den no. Wei boa yɛn ma yehu Yehowa adwene. Sɛ yebenya saa aduan yi so mfaso a, ehia sɛ yesua Onyankopɔn Asɛm no, yedwinnwen ho, na yɛyere yɛn ho sɛ yɛde bɛyɛ adwuma. Yɛyɛ saa a, ɛboa yɛn ma yesua sɛnea yebesisi gyinae a ɛsɔ Yehowa ani. cKenkan Hebrifo 5:14.

Honhom fam aduan a ɛyɛ den boa yɛn ma yehu sɛnea yebesisi gyinae a ɛsɔ Yehowa ani (Hwɛ nkyekyɛm 13) d


14. Ɔkwan bɛn so na Paul boaa Korintofo no maa wɔn ho kokwawee?

14 Kristofo a wɔn ho nkokwawee no, sɛ wɔhyia tebea bi a ehia sɛ wɔsusuw Bible nnyinasosɛm ho na wɔde yɛ adwuma a, mpɛn pii no na ayɛ wɔn dadwen. Tebea a wɔahyia no, sɛ Bible mmara biara nni ho a, ebia wɔn mu bi bɛte nka sɛ wɔbetumi ayɛ nea wɔpɛ biara. Ebia afoforo nso bɛpɛ sɛ obi hyɛ mmara ma wɔn bere a mmara biara ho nhia. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, Kristofo a na ɛwɔ Korinto no, ɛda adi sɛ na wɔpɛ sɛ Paul ka kyerɛ wɔn sɛ nnuan a wɔde abɔ afɔre ama abosom no, wɔbetumi adi anaa wɔrentumi nni. Sɛ́ anka Paul bɛka nea wɔnyɛ akyerɛ wɔn no, ɔma wɔhui sɛ obiara wɔ ‘hokwan sɛ ɔpaw nea ɔpɛ,’ enti obiara mma n’ahonim nkyerɛ no kwan. Ɔne wɔn susuw Bible nnyinasosɛm ahorow bi ho, na ɛboaa obiara ma osii gyinae a ɛrenhaw n’ahonim na ɛrento afoforo nso hintidua. (1 Kor. 8:​4, 7-9) Paul nam wei so boaa Korintofo no sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn ho bɛkokwaw. Nea ɔyɛe no ma wɔhuu sɛnea ‘wɔde wɔn adwene bɛyɛ adwuma,’ na ankɔba sɛ daa obi na ɛsɛ sɛ ɔkyerɛ wɔn nea wɔnyɛ.

15. Yudafo a na wɔabɛyɛ Kristofo no, ɔkwan bɛn so na Paul boaa wɔn maa wɔn ho kokwawee?

15 Nea Paul kyerɛw kɔmaa Yudafo a na wɔabɛyɛ Kristofo no, asuade titiriw bi wom ma yɛn. Ná ebinom atɔ ape wɔ Onyankopɔn som mu. Nea ɛwom paa ne sɛ, na ‘wɔatew kɔ wɔn akyi abɛyɛ nnipa a wohia nufusu, ɛnyɛ honhom fam aduan a ɛyɛ den.’ (Heb. 5:12) Nkyerɛkyerɛ a na Yehowa de rema asafo no nkakrankakra no, na wɔnsua, enti na wɔntumi ne asafo no mmɔ anan. (Mmeb. 4:18) Yɛbɛyɛ nhwɛso a, mfe 30 a na atwam no, na Yesu wu no ama Mose Mmara no aba awiei. Nanso na Yudafo a wɔabɛyɛ Kristofo no da so ara kura Mose Mmara no mu denneennen. (Rom. 10:4; Tito 1:10) Momma yɛnka, mfe 30 de, na ɛdɔɔso sɛ ɛbɛboa Yudafo a na wɔabɛyɛ Kristofo no ma wɔahu sɛ Mose Mmara no atwam! Obiara a wakenkan krataa a Onyankopɔn maa Paul kyerɛw kɔmaa Hebrifo no, obetumi adi adanse sɛ ɛyɛ honhom fam aduan a ɛyɛ den. Paul krataa no boaa saa Kristofo no ma wɔhui sɛ, ɔkwan foforo a Yehowa pɛ sɛ yɛfa so som no a egyina Yesu so no, ɛkorɔn koraa sen Yudasom a na wɔagye agyina mu no. Afei nso, ɛma wɔnyaa akokoduru kaa asɛmpa no ɛmfa ho sɛ na Yudafo no sɔre tia wɔn no.—Heb. 10:​19-23.

NNYE WO HO NNI

16. Sɛ yɛn ho kokwaw mpo a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so yɛ?

16 Ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho ma yɛn ho kokwaw, nanso ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛantew ankɔ yɛn akyi. Sɛ yebetumi ayɛ saa a, ɛnsɛ sɛ yegye yɛn ho di. (1 Kor. 10:12) Ɛsɛ sɛ ‘yɛkɔ so sɔ yɛn ho hwɛ’ sɛ yɛda so ara repere kɔ yɛn anim anaa.—2 Kor. 13:5.

17. Krataa a Paul kyerɛw kɔmaa Kolosefo no, ɔkwan bɛn so na ɛma yehu sɛ ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ma yɛn ho kokwaw?

17 Krataa a Paul kyerɛw kɔmaa Kolosefo no mu no, ɔsan sii so dua sɛ, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ma yɛn ho kokwaw. Ɛwom sɛ na Kolosefo no yɛ Kristofo a wɔn ho akokwaw, nanso Paul bɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ wɔnhwɛ yiye na wiase adwene annaadaa wɔn. (Kol. 2:​6-10) Epafra nso, ɛda adi sɛ na onim asafo no mufo yiye, enti daa na ɔbɔ mpae ma wɔn sɛ ‘wɔnkɔ so nnyina pintinn,’ anaa wɔnkɔ so mma wɔn ho nkokwaw. (Kol. 4:12) Dɛn na yesua fi mu? Ná Paul ne Epafra nyinaa nim sɛ, sɛ yebetumi akɔ so ama yɛn ho akokwaw a, ɛsɛ sɛ yɛn ankasa yere yɛn ho, na yɛma Onyankopɔn nso boa yɛn. Ɛmfa ho ɔhaw a na Kolosefo no rehyia no, na Paul ne Epafra pɛ sɛ wɔkɔ so ma wɔn ho kokwaw na wɔyɛ Kristofo a wɔanyin yiye.

18. Dɛn na ebetumi ato Kristoni a ne ho akokwaw? (Hwɛ mfoni no nso.)

18 Paul bɔɔ Yudafo no kɔkɔ sɛ, sɛ Kristoni a ne ho akokwaw anhwɛ yiye a, Onyankopɔn ne no betwa ayɔnkofa mu afebɔɔ. Kristoni koma betumi asi kyekye ara ma ɔrentumi nsakra n’adwene mpo na Onyankopɔn de ne bɔne akyɛ no. Anigyesɛm ne sɛ, na Yudafo no nkɔɔ tebea a ɛte saa mu. (Heb. 6:​4-9) Ɛnnɛ nso, ebinom a bere bi wɔgyaee asɛnkakɔ anaa wɔtuu wɔn no, yɛrekasa yi, wɔayɛ nsakrae. Wɔn nso ɛ? Sɛnea wɔabrɛ wɔn ho ase ayɛ nsakrae no kyerɛ sɛ wɔnte sɛ wɔn a Paul kaa wɔn ho asɛm no. Nanso sɛ wɔsan ba Yehowa nkyɛn a, wɔbehia ne mmoa. (Hes. 34:​15, 16) Ebia mpanyimfo no bɛyɛ nhyehyɛe ma onua bi a ne ho akokwaw aboa wɔn ma wɔasan agyina wɔn nan so wɔ Yehowa som mu.

Wɔn a ehia sɛ wɔsan gyina wɔn nan so wɔ Yehowa som mu no, ɔboa wɔn (Hwɛ nkyekyɛm 18)


19. Botae bɛn na ɛsɛ sɛ yɛde si yɛn ani so?

19 Sɛ wo botae ne sɛ wobɛba abɛyɛ Kristoni a wo ho akokwaw a, nya awerɛhyem sɛ wubetumi adu ho! Kɔ so di honhom fam aduan a ɛyɛ den, na yere wo ho sɛ daa wobɛma w’adwene ne Yehowa de ahyia. Na sɛ wo ho akokwaw nso a, hwɛ na woantew ankɔ w’akyi. Kɔ so ara yɛ Kristoni a woanyin yiye.

WUBEBUA SƐN?

  • Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Kristoni bi ho akokwaw?

  • Dɛn na yɛyɛ a ɛbɛma yɛn ho akokwaw?

  • Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛannye yɛn ho anni?

DWOM 65 Kɔ W’anim!

a Yɛhwɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu a, ɛnka obi a ne ho akokwaw ne obi a ne ho nkokwawee ho asɛm tee, nanso nsɛm bi wom a ɛma yehu obi a ne ho akokwaw ne obi a ne ho nkokwawee. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, Mmebusɛm nhoma no de aberante bi a onni suahu ne obi a onim nyansa na ɔwɔ ntease yɛ ntotoho.—Mmeb. 1:​4, 5.

b Hwɛ asɛm a yɛato din, “Hwɛ Yiye Na Woannye Nsɛm Nyinaa Anni” no. Ɛwɔ nsɛm a ɛba toatoa so a yɛato din “Nsɛm Foforo a Wubenya” afã hɔ. Wubehu wɔ jw.org ne JW Library® so.

c Hwɛ asɛm a yɛato din “Nea Wubetumi Asua Ho Ade” a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi mu no.

d MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Nnyinasosɛm a onua bi asua afi Onyankopɔn Asɛm mu no, ɛreboa no ama wahu nea ɛsɛ sɛ ɔde gyigye n’ani.