ƆWƐN-ABAN—NEA ADESUA NSƐM WOM August 2016

Adesua nsɛm a yebesua September 26 kosi October 23, 2016.

ASETENAM NSƐM

Sɛnea Minyaa Ɔma Mu Anigye

Aberante bi a ofi England kɔyɛɛ asɛmpatrɛw adwuma wɔ Puerto Rico maa n’ani gyei.

Aware—Nea Ɔhyehyɛe ne N’atirimpɔw

Adɛn nti na yebetumi aka sɛ aware yɛ Onyankopɔn akyɛde?

Nea Kristofo Bɛyɛ Ama Wɔn Aware Asɔ

Hwehwɛ afotu a mfaso wɔ so.

Hwehwɛ Biribi a Ɛsom Bo Sen Sika Kɔkɔɔ

Yɛnhwɛ akwan mmiɛnsa a yebetumi de Bible asuafo a wɔrepɛ biribi ahu atoto wɔn a wɔrehwehwɛ sika kɔkɔɔ ho.

Wuhu Nea Enti a Ehia sɛ Wunya Nkɔso Wɔ Honhom Fam?

Yɛnhwɛ sɛnea wubetumi anya honhom fam nkɔso.

Wuhu Nea Enti a Ehia sɛ Yɛtete Afoforo?

Botae a ɛho hia bɛn na wubetumi aboa wɔn ama wɔde asisi wɔn ani so?

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Adɛn nti na na nsa ho a wɔhohoro ho asɛm hia Yesu atamfo no saa?

TETE WƆ BI KA

“Meretwa Aba De Ayi Yehowa Ayɛ”

Ɔfã biara a yennyina wɔ wiase no nsɛm mu no, na Bible Asuafo no nte ase yiye wɔ Wiase Ko I no mu. Nanso, wɔn nokwaredi no sow aba pa.