Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wuhu Nea Enti a Ehia sɛ Wunya Nkɔso Wɔ Honhom Fam?

Wuhu Nea Enti a Ehia sɛ Wunya Nkɔso Wɔ Honhom Fam?

“Ma w’ani nku baguam akenkan, afotu, ne ɔkyerɛkyerɛ ho.”​—1 TIM. 4:13.

NNWOM: 45, 70

1, 2. (a) Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yesaia 60:22 abam wɔ awiei bere yi mu? (b) Dɛn na seesei ɛho abehia wɔ Yehowa ahyehyɛde no fã a ɛwɔ asase so no mu?

BIBLE ka sɛ: “Nea ɔyɛ ketewa koraa no bɛdan apem na nea osua adan ɔman kɛse.” (Yes. 60:22) Saa nkɔmhyɛ no renya mmamu wɔ nna a edi akyiri yi mu. Nea enti a yɛreka saa ne sɛ, afe 2015 ɔsom afe no mu no, Ahenni adawurubɔfo 8,220,105 na wɔde nsi ne ahokeka kaa asɛmpa no wɔ wiase nyinaa! Ɛsɛ sɛ Kristoni biara ma saa nkɔmhyɛ no fã a etwa to no ho hia no, efisɛ yɛn soro Agya no ka sɛ: “Me Yehowa, mɛyɛ no ntɛm wɔ ne bere mu.” Ɛte sɛ nea yɛte kar bi a ɛremia ne mmirika mu. Yehu sɛ asuafoyɛ adwuma no renya nkɔso ntɛmntɛm. Dɛn na yɛn mu biara reyɛ wɔ saa nkɔso no ho? So yɛreyɛ nea yebetumi biara sɛ yɛbɛyɛ Ahenni adawurubɔfo a wɔyɛ nsi? Anuanom mmarima ne mmea pii resom sɛ daa akwampaefo anaa akwampaefo aboafo. Sɛ yehu sɛ anuanom bebree atu akɔ mmeae a wohia adawurubɔfo pii, anaa wɔreboa ɔsom adwuma no afã foforo a, yɛn ani nnye anaa?

2 Ne nyinaa akyi no, yehu sɛ yɛda so hia adwumayɛfo pii. Afe biara, yɛtew asafo bɛyɛ 2,000. Sɛ mpanyimfo 5 na ɛbɛhwɛ asafo foforo biara so a, ɛkyerɛ sɛ, afe biara asafo mu asomfo 10,000 na ɛsɛ sɛ wɔbɛyɛ asafo mu mpanyimfo. Wei ma yehu sɛ, ahwehwɛde a ɛma obi fata sɛ wɔpaw no sɛ asafo mu somfo no, ɛsɛ sɛ anuanom mmarima mpempem pii yere wɔn ho du ho. Afei nso, sɛ yɛyɛ anuanom mmarima oo, sɛ yɛyɛ anuanom mmea oo, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa ‘yɛ pii wɔ Awurade adwuma no mu.’​—1 Kor. 15:58.

NEA EHIA SƐ OBI YƐ NA AMA WANYA NKƆSO WƆ HONHOM FAM

3, 4. Sɛ wɔka sɛ yennya nkɔso wɔ honhom fam a, wote ase sɛn?

3 Kenkan 1 Timoteo 3:1. Hela adeyɛ asɛm a wɔkyerɛɛ ase “pɛ sɛ ɔbɛyɛ” no kyerɛ sɛ obi twe ne nsam de so biribi a ɛmmɛn no mu. Ɔsomafo Paulo kaa saa asɛm no de kyerɛe sɛ, ɛsɛ sɛ obi bɔ ne ho mmɔden ansa na wanya nkɔso wɔ honhom fam. Yɛmfa no sɛ onuabarima bi redwinnwen nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ wɔ asafo no mu ho. Ebia seesei ɔnyɛ asafo mu somfo, na ohu sɛ ehia sɛ onya Kristofo su ahorow. Nea edi kan, ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛfata sɛ asafo mu somfo. Bere rekɔ so no, ɔhwɛ kwan sɛ obenya nkɔso wɔ honhom fam ama wɔapaw no sɛ asafo mu panyin. Emu biara mu no, ɔbɔ mmɔden sɛ obedu ahwehwɛde ahorow ho, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛfata ma wɔde asɛyɛde pii ahyehyɛ ne nsa wɔ asafo no mu.

4 Anuanom mmarima ne mmea a wɔpɛ sɛ wɔsom sɛ akwampaefo, Betel adwumayɛfo, anaa Ahenni Asa adansifo atuhoamafo no nso, ehia sɛ wɔyere wɔn ho du wɔn botae ho. Momma yɛnhwɛ sɛnea Onyankopɔn Asɛm no hyɛ yɛn nyinaa nkuran sɛ yennya nkɔso wɔ nokware som mu.

KƆ SO ARA NYA NKƆSO WƆ HONHOM FAM

5. Mmerante ne mmabaa bɛyɛ dɛn de wɔn ahoɔden ayɛ Ahenni adwuma no?

5 Mmerante ne mmabaa wɔ ahoɔden a wɔde bɛyɛ pii wɔ Yehowa som mu. (Kenkan Mmebusɛm 20:29.) Anuanom mmerante ne mmabaa bi a wɔsom wɔ Betel boa ma wotintim Bible ne Bible ho nhoma. Wɔn mu pii nso boa ma wosisi Ahenni Asa, na wɔboa ma wosiesie afoforo nso. Sɛ atoyerɛnkyɛm bi si a, wɔn mu binom ne Adansefo a wɔwɔ osuahu boa wɔn a wɔakɔ ahokyere mu no. Akwampaefo pii a wɔyɛ mmerante ne mmabaa sua kasa foforo anaa wotu kwan kɔka asɛmpa no.

6-8. (a) Ɛyɛɛ dɛn na aberante bi sesaa adwene a na ɔwɔ wɔ Onyankopɔn som adwuma no ho, na dɛn na efii mu bae? (b) Yɛbɛyɛ dɛn ‘aka ahwɛ ahu sɛ Yehowa ye’?

6 Wunim sɛ ehia paa sɛ wufi wo koma nyinaa mu som Onyankopɔn. Na sɛ wote nka sɛnea na onua bi a ne din de Aaron te nka bere bi no nso ɛ? Ɛwom sɛ wɔtetee no Kristofo abusua mu de, nanso ɔka sɛ, “Ná m’ani nnye asafo nhyiam ne asɛnka ho koraa.” Ɛwom, na ɔpɛ sɛ ɔsom Onyankopɔn anigye mu de, nanso na onhu nea enti a n’ani nnye. Dɛn na ɔyɛe wɔ ho?

7 Aaron de nneɛma a ɛfa Onyankopɔn som ho sisii n’ani so. Ebi ne sɛ, ɔkenkan Bible, odii kan suaa nneɛma a wobesusuw ho wɔ asafo nhyiam ase, na ɔmaa mmuae. Nea ɛsen ne nyinaa no, ofii ase bɔɔ mpae daa. Wei maa ɔdɔ a ɔwɔ ma Yehowa no mu yɛɛ den, na onyaa nkɔso wɔ honhom fam. Ɛno akyi no, Aaron yɛɛ akwampae adwuma, ɔne afoforo kɔboaa nkurɔfo a atoyerɛnkyɛm too wɔn, na ɔkɔkaa asɛmpa no wɔ ɔman foforo so. Seesei Aaron som wɔ Betel, na ɔyɛ asafo mu panyin. Ɔte nka sɛn wɔ nea ɔyɛe no ho? Ɔka sɛ, “‘Maka ahwɛ, na mahu sɛ Yehowa ye.’ Esiane sɛ Yehowa ahyira me nti, mahu sɛ ɛsɛ sɛ meda no ase paa. Ɛno kanyan me ma meyɛ pii wɔ ne som adwuma no mu. Na wei ama manya nhyira pii.”

8 Odwontofo no too dwom sɛ: “Wɔn a wɔhwehwɛ Yehowa de, adepa biara remmɔ wɔn.” (Kenkan Dwom 34:8-10.) Nokwasɛm ne sɛ, wɔn a wɔde nsi ne ahokeka som Yehowa no, onni wɔn huammɔ da. Sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara wɔ Yehowa som mu a, na ‘yɛreka ahwɛ na yɛahu sɛ Yehowa ye.’ Sɛ yefi yɛn kra nyinaa mu som Onyankopɔn a, yenya anigye a enni kabea.

YERE WO HO​—MMA W’ABAM MMU

9, 10. Adɛn nti na ehia sɛ wunya ‘ntoboase twɛn’?

9 Bere a worebɔ mmɔden sɛ wubedu wo botae ahorow ho no, ɛsɛ sɛ wunya ‘ntoboase twɛn.’ (Mika 7:7) Yehowa boa n’asomfo anokwafo bere nyinaa. Nanso, ɛtɔ mmere bi a, Yehowa ma n’asomfo twɛn ansa na wɔn nsa aka ɔsom hokwan bi a wɔrehwehwɛ. Saa ara na ɛtɔ da a, ɛho behia sɛ yɛtwɛn ansa na tebea bi a yɛwom asesa. Yehowa hyɛɛ Abraham bɔ sɛ ɔbɛwo ɔbabarima. Nanso, na ɛsɛ sɛ onya Yehowa mu gyidi na ɔtɔ ne bo ase twɛn. (Heb. 6:12-15) Ɛwom sɛ Abraham twɛnee mfe pii ansa na ɔrewo Isak de, nanso Abraham aba mu ammu, na Yehowa nso anni no huammɔ.​—Gen. 15:3, 4; 21:5.

10 Sɛ woretwɛn biribi na ɛmma ntɛm a, ɛhaw adwene paa. (Mmeb. 13:12) Sɛ nneɛma bi ankɔ so sɛnea na yɛhwɛ kwan a, ebetumi ama yɛn abam abu. Sɛ́ anka ebia yebedwen ho pii no, ɛyɛ papa sɛ yɛbɛyɛ nneɛma bi a ɛbɛma yɛn ho akokwaw na ama yɛafata sɛ wɔma yɛn asɛyɛde ahorow. Momma yɛnhwɛ nneɛma mmiɛnsa bi a yebetumi ayɛ.

11. Kristofo su ahorow bɛn na yebetumi anya, na adɛn nti na saa su ahorow no ho hia?

11 Nya Kristofo su ahorow. Sɛ yɛkenkan Onyankopɔn Asɛm no na yedwinnwen ho a, yebetumi anya nyansa, nhumu, nimdeɛ, adwempa, adwenemtew, na aboa yɛn ma yɛasusuw nneɛma ho yiye. Ehia sɛ wɔn a wodi anim wɔ nokware som mu no nya saa su ahorow no. (Mmeb. 1:1-4; Tito 1:7-9) Afei sɛ yɛkenkan yɛn Bible ho nhoma no a, ebetumi ama yɛanya Onyankopɔn adwene wɔ nneɛma pii ho. Da biara da, yehyia nsɛnnennen. Ebi fa anigyede, ntadehyɛ ne ahosiesie, sikasɛm ntotoe, ne sɛnea yɛne afoforo bɛtena ho. Sɛ yɛde nea yesua fi Bible mu no yɛ adwuma a, yebetumi asisi gyinae a ɛsɔ Yehowa ani.

12. Dɛn na asafo no mufo bɛyɛ de ada wɔn ho adi sɛ wɔyɛ anokwafo?

12 Yɛ ɔnokwafo. Sɛ yɛyɛ anuanom mmarima oo, sɛ yɛyɛ anuanom mmea oo, asafo mu dwumadi biara a wɔde bɛma yɛn no, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho yɛ. Bere a Nehemia yɛ amrado no, ɛho behiae sɛ ɔde asɛyɛde hyehyɛ ebinom nsa wɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu. Nnipa bɛn na ɔpaw wɔn? Ɔpaw wɔn a wosuro Onyankopɔn, wɔyɛ anokwafo, na wɔyɛ nsi. (Neh. 7:2; 13:12, 13) Ɛnnɛ nso, “nea wɔhwehwɛ fi ofiehwɛfo hɔ ne sɛ wobehu sɛ odi nokware.” (1 Kor. 4:2) Sɛ obi yɛ nnwuma pa a, ɛbɛda adi ama obiara hu.​—Kenkan 1 Timoteo 5:25.

13. Sɛ afoforo ne wo anni no yiye a, dɛn na wobɛyɛ de asuasua Yosef?

13 Ma Yehowa nsiesie wo. Sɛ afoforo ne wo anni no yiye a, dɛn na wobɛyɛ? Ebia wubetumi asiesie asɛm no wɔ hɔ ara. Nanso, ɛtɔ mmere bi na woyere wo ho sɛ wobɛkyerɛkyerɛ w’asɛm mu a, wobɛsɛe w’asɛm koraa. Yosef nuanom ne no anni no yiye, nanso wamfa wɔn ho asɛm anhyɛ ne mu. Akyiri yi, nkurɔfo twaa atoro too Yosef so na wobuu no atɛnkyea de no too afiase. Nanso, n’ahohia nyinaa mu no, ɔmaa Yehowa kyerɛɛ no kwan. Ekosii sɛn? Bible ka sɛ: ‘Yehowa asɛm siesiee no.’ (Dw. 105:19) Bere a Yosef sɔhwɛ no baa awiei no, na wafata ama adwuma soronko bi. (Gen. 41:37-44; 45:4-8) Sɛ wuhyia nsɛnnennen a, bɔ mpae. Srɛ Onyankopɔn ma ɔnhyɛ wo den na ɔmma wo nyansa a wode bɛkasa na woayɛ w’ade wɔ odwo mu. Woyɛ saa a, Yehowa bɛboa wo.​—Kenkan 1 Petro 5:10.

NYA NKƆSO WƆ ASƐNKA ADWUMA NO MU

14, 15. (a) Adɛn nti na ɛsɛ sɛ ‘yɛma yɛn ani ba’ ɔkwan a yɛfa so ka asɛmpa no so “bere nyinaa”? (b) Sɛ nneɛma sesa a, wobɛyɛ dɛn ayɛ nsakrae wɔ wo som adwuma mu? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no, ne adaka a wɔato din, “ W’ani Gye Ho sɛ Wobɛsɔ Ɔkwan Foforo Ahwɛ?”)

14 Paulo hyɛɛ Timoteo nkuran sɛ: “Ma w’ani nku baguam akenkan, afotu, ne ɔkyerɛkyerɛ ho. . . . Ma w’ani mmra wo ho ne wo nkyerɛkyerɛ so bere nyinaa.” (1 Tim. 4:13, 16) Ná Timoteo yɛ Ahenni sɛmpakafo a ne ho akokwaw. Nanso, sɛ na n’asɛnka adwuma betu mpɔn a, gye sɛ ‘ɔma n’ani ba’ ne nkyerɛkyerɛ so “bere nyinaa.” Ná ɛnsɛ sɛ ɔyɛ n’adwene sɛ, sɛ ɔka asɛmpa no sɛnea ɔyɛ no daa no a, nkurɔfo betie. Sɛ na asɛmpa a Timoteo ka no bɛkɔ so aka nkurɔfo koma a, na ɛsɛ sɛ ɔma ne nkyerɛkyerɛ no fa wɔn ahiade ho. Yɛn nso, yɛyɛ Ahenni adawurubɔfo, enti sɛ yɛreka asɛmpa no a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa ara.

15 Sɛ yɛkɔ afie afie asɛnka a, yɛntaa nto nkurɔfo wɔ fie. Mmeae bi wɔ hɔ a, wɔato afasu atwa afie bi ho, na awɛmfo tete apon ano. Ɛno nti yentumi nkɔka asɛmpa no wɔ hɔ. Sɛ afie a ɛte saa wɔ w’asasesin mu a, adɛn nti na womfa akwan foforo so nka asɛmpa no?

16. Ɔkwan bɛn so na baguam adansedi betumi aboa?

16 Baguam adansedi yɛ ɔkwampa a yɛfa so trɛw asɛmpa no mu. Adansefo pii redi adanse wɔ baguam, na ɛresow aba. Woyi bere bi si hɔ de kɔ nkurɔfo nkyɛn wɔ keteke ne bɔs gyinabea, gua so, mmeae a nkurɔfo tena gye wɔn ahome, ne mmɔnten so. Sɛ Ɔdansefo bi de n’ani to fam a, obetumi afi ase ne nkurɔfo abɔ nkɔmmɔ. Nea obetumi ayɛ no bi ne sɛ ɔbɛka biribi afa asɛm bi a nsɛm ho amanneɛbɔfo de ato gua ho, anaa ɔbɛkamfo onipa a ɔpɛ sɛ ɔne no bɔ nkɔmmɔ no mma. Afei nso, obetumi abisa asɛm bi afa adwuma a onipa a ɔpɛ sɛ ɔne no bɔ nkɔmmɔ no yɛ ho. Bere a nkɔmmɔ no rekɔ so no, ɔdawurubɔfo no betumi de Kyerɛwnsɛm mu asɛm bi abam. Ɛno akyi no, obetumi abisa asɛm bi ama nea ɔne no rebɔ nkɔmmɔ no ama ho mmuae. Nea onii no bɛka no, ɛtaa ma wotumi toa Bible mu nkɔmmɔbɔ no so.

17, 18. (a) Wobɛyɛ dɛn anya akokoduru kɛse de ayɛ baguam adansedi? (b) Sɛ woreyɛ asɛnka adwuma a, dɛn na wubetumi ayɛ de asuasua ɔkwan a Dawid faa so yii Yehowa ayɛ no?

17 Sɛ ɛyɛ den ma wo sɛ wubedi adanse wɔ baguam a, mpa abaw. Eddie yɛ ɔkwampaefo wɔ New York City. Ná ɛyɛ den ma no sɛ ɔne nkurɔfo bɛbɔ nkɔmmɔ wɔ baguam. Nanso bere bi akyi no, onyaa ahotoso. Dɛn na ɛboaa no? Ɔka sɛ: “Sɛ yɛreyɛ abusua som a, me ne me yere yɛ nhwehwɛmu de pɛ nsɛm a nkurɔfo bisa ne nea wɔka de yi wɔn ho ano ho mmuae. Yɛsan bisa Adansefo foforo adwene.” Seesei Eddie ho pere no sɛ bere bɛso ama wakodi adanse wɔ baguam.

18 Bere a wo ho rekokwaw wɔ asɛnka adwuma no mu na worenya ahotoso no, wo honhom fam nkɔso bɛda adi. (Kenkan 1 Timoteo 4:15.) Nokwasɛm ne sɛ, ɛbɛka wo ama woakamfo yɛn soro Agya no sɛnea Dawid yɛe no. Dawid too dwom sɛ: “Mehyira Yehowa bere nyinaa; n’ayeyi rempa m’anom da. Yehowa mu na me kra bɛhoahoa ne ho; ahobrɛasefo bɛte na wɔadi ahurusi.” (Dw. 34:1, 2) Ebetumi aba sɛ asɛnka adwuma a woyɛ no bɛma ahobrɛasefo bi de anigye aba nokware som mu.

NYA HONHOM FAM NKƆSO FA HYƐ ONYANKOPƆN ANUONYAM

19. Sɛ biribi nti Yehowa somfo nokwafo bi ntumi nyɛ pii mpo a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔma n’ani gye?

19 Dawid san too dwom sɛ: “O Yehowa, wo nnwuma nyinaa bɛkamfo wo, na w’anokwafo behyira wo. Wɔbɛka w’ahenni anuonyam ho asɛm, na wɔbɛka wo kɛseyɛ nso akyerɛ, na ama nnipa mma ahu wo nnwuma akɛse ne w’ahenni anuonyam hyerɛn.” (Dw. 145:10-12) Asɛm a ɛda Yehowa Adansefo anokwafo nyinaa koma so na Dawid kae no. Na sɛ yare anaa onyin ama wuntumi nyɛ asɛnka adwuma no pii nso ɛ? Mma wo werɛ mfi sɛ, sɛ woka asɛmpa no kyerɛ ayarehwɛfo anaa nnuruyɛfo a, na worehyɛ yɛn Nyankopɔn a ne yam ye no anuonyam. Sɛ wo gyidi nti wɔde wo to afiase, na woka nokware no ho asɛm kyerɛ afoforo sɛnea wubetumi a, woma Yehowa koma tɔ ne yam. (Mmeb. 27:11) Sɛ wowɔ abusua bi a emufo nni ɔsom baako mu, na wokɔ so som Onyankopɔn yiye a, wo nso woma Yehowa koma tɔ ne yam. (1 Pet. 3:1-4) Sɛ wowɔ tebea a emu yɛ den mu mpo a, wubetumi ayi Yehowa ayɛ na woanya nkɔso wɔ honhom fam.

20, 21. Sɛ wɔma wo asɛyɛde pii wɔ Yehowa ahyehyɛde no mu a, dɛn na wobɛyɛ ama afoforo anya so mfaso?

20 Sɛ wokɔ so nya nkɔso wɔ honhom fam a, Yehowa behyira wo. Woyɛ nsakrae kakra wɔ wo bere nhyehyɛe anaa w’asetena mu a, wubetumi aka nokware a ɛsom bo a efi Onyankopɔn hɔ no ho asɛm akyerɛ nnipa pii a wonni anidaso. Afei nso, nkɔso a wubenya wɔ honhom fam no ne ahofama a woda no adi no betumi aboa wo mfɛfo gyidifo paa. Sɛ wobɔ wo ho mmɔden wɔ asafo no mu a, afoforo a wɔdɔ Yehowa bɛdɔ wo, wɔn ani bɛsɔ nea woyɛ ma wɔn no, na wɔaboa wo.

21 Sɛ yɛde mfe pii na asom Yehowa oo, sɛ abosome kakraa bi na yɛde asom oo, yɛn nyinaa betumi akɔ so atu mpɔn. Nanso, ɔkwan bɛn so na Kristofo a wɔn ho akokwaw betumi aboa wɔn a wɔyɛ foforo ama wɔanya nkɔso wɔ honhom fam? Yebesusuw ɛno ho wɔ adesua edi hɔ no mu.