Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASETENAM NSƐM

Sɛnea Minyaa Ɔma Mu Anigye

Sɛnea Minyaa Ɔma Mu Anigye

BERE a midii mfe 12 no, mihui sɛ mewɔ biribi a ɛsom bo a metumi de ama afoforo. Yɛkɔɔ nhyiam bi, na onua bi bisaa me sɛ mepɛ sɛ mekɔ asɛnka anaa. Ɛwom sɛ na menkɔɔ asɛnka da de, nanso mekae sɛ: “Mɛkɔ.” Yɛkɔɔ asasesin no mu no, ɔmaa me nhomawa ahorow bi a ɛka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm. Ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Kɔka asɛm no kyerɛ wɔn a wɔwɔ hɔ no, na me nso mɛka akyerɛ wɔn a wɔwɔ ha no.” Ná misuro, nanso mifii ase kɔkaa asɛm no wɔ afie afie. Anwonwasɛm ne sɛ, ankyɛ koraa na nhomawa no nyinaa sae. Nokwasɛm ne sɛ, na nnipa pii ani gye asɛm a mereka no ho.

Wɔwoo me afe 1923 wɔ kurow bi a wɔfrɛ no Chatham a ɛwɔ Kent mantam mu wɔ England. Saa bere no, na nnipa pii ayɛ basaa. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, na wɔhwɛ kwan sɛ Ɔko Kɛse no bɛma wiase asetena ayɛ papa, nanso ankosi hwee. Baptist asɔfo nso maa m’awofo abam bui. Wohui sɛ nea na ɛho hia asɔfo no ara ne sɛ wobenya dibea akɛse wɔ asɔre no mu. Midii bɛyɛ mfe nkron no, me maame fii ase kɔɔ baabi a na International Bible Students Association (Bible Asuafo) no hyiam “sua ade.” Ná wɔafa edin Yehowa Adansefo. Onuawa bi ne yɛn a na yɛyɛ mmofra no suaa ade. Ɔde Bible ne The Harp of God nhoma no na ɛkyerɛkyerɛɛ yɛn. Ná m’ani gye nea meresua no ho paa.

ANUANOM A WƆN ANI AFI BOAA ME

Meyɛ abarimaa no, na m’ani gye ho sɛ mede Onyankopɔn Asɛm no bɛboa nkurɔfo ama wɔanya anidaso. Ɛwom sɛ na me nko ara metaa yɛ afie afie asɛnka de, nanso na me ne afoforo nso kɔ bi, na misuaa nneɛma pii fii wɔn hɔ. Sɛ nhwɛso no, da koro bi na me ne onua bi a n’ani afi te sakre so rekɔka asɛm no wɔ asasesin bi mu. Yesian ɔsɔfo bi ho, na mekae sɛ: “Hwɛ, abirekyi bi na ɔrekɔ no.” Onua no gyinae, na ɔka kyerɛɛ me sɛ yɛntena dua bi so. Afei obisaa me sɛ: “Hena na ɔmaa wo tumi sɛ bu obi atɛn sɛ ɔyɛ abirekyi? Ma yɛn ani nnye sɛ yɛanya hokwan reka asɛmpa no akyerɛ nkurɔfo. Atemmu ho asɛm de, ma yennyaw mma Yehowa.” Misuaa nneɛma pii a ɛma mihui sɛ ɔma mu wɔ anigye saa bere no.​—Mat. 25:31-33; Aso. 20:35.

Onua foforo a n’ani afi kyerɛɛ me sɛ, sɛ yɛpɛ sɛ yehu sɛ ɔma mu wɔ anigye a, ehia sɛ ɛtɔ da a, yɛde ntoboase gyina sɔhwɛ ano. Ná onua no yere mpɛ Yehowa Adansefo asɛm. Bere bi, onua no too nsa frɛɛ me sɛ memmra ne fie mmedidi. Yeduu hɔ no, na ne yere bo afuw paa sɛ ne kunu akɔ asɛnka. Ofii ase totoo nneɛma bi boroo yɛn. Onua no bo amfuw, na mmom ɔsesaa nneɛma a ɔtotoe no kosisii hɔ. Mfe bi akyi no, onyaa ne boasetɔ no so akatua. Ne yere no bɔɔ asu bɛyɛɛ Yehowa Dansefo.

Ɔpɛ a na mewɔ sɛ mɛma nkurɔfo anya daakye ho anidaso no mu kɔɔ so yɛɛ den. Enti me ne me maame bɔɔ asu wɔ Dover, March 1940. Britain tuu Germany so sa September 1939. Saa bere no na madi mfe 16 no. June 1940 no, bere a na migyina yɛn fie aboboano no, mihuu asraafo mpempem pii sɛ wogyinagyina lɔre mu retwam a na wɔn werɛ ahow wɔn ho pɔtɔɔ. Ná wɔyɛ asraafo a wɔanya wɔn ti adidi mu wɔ Dunkirk Ɔko no mu. Mehwɛ wɔn anim a, na mihu sɛ wɔn anidaso nyinaa asa. Me yam a, na anka manya wɔn aka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm akyerɛ wɔn. Saa afe no rekɔ n’awiei no, Germany fii ase totoo atopae guu Britain so. Anadwo biara, na mihu sɛ German asraafo de wimhyɛn tu fa baabi a yɛte no. Ná wote atopae a wɔretotow no nnyigyei, na sɛ ɛba saa a, na ehu akyekyere wo. Ade kye na yepue a, yehu sɛ wɔadwiriw afie a ɛwɔ hɔ nyinaa agu. Mibehui paa sɛ m’anidaso nyinaa ne Ahenni no.

MIFII ASE TUU ME HO MAE

Asetena a ama m’ani agye paa yi, afe 1941 paa na mifii ase. Ná meyɛ adwuma wɔ Royal Dockyard wɔ Chatham. Ná misua sɛnea wɔyɛ po so hyɛn. Ná ɛyɛ adwuma a obiara ani bere, na na akatua nso wom. Efi bere tenten na na Yehowa asomfo ate ase sɛ ɛnsɛ sɛ Kristofo boa ɔman bi ma wɔko tia ɔman foforo. Eduu afe 1941 no, yehui sɛ ɛnsɛ sɛ yɛyɛ adwuma wɔ baabi a wɔyɛ akode. (Yoh. 18:36) Meyɛɛ m’adwene sɛ megyae m’adwuma no akɔyɛ bere nyinaa som adwuma, efisɛ na wɔreyɛ po ase akohyɛn wɔ baabi a meyɛ adwuma no. Kurow fɛfɛ bi a wɔfrɛ no Cirencester mu na midii kan kɔyɛɛ asɛmpaka adwuma no. Ná saa kurow no wɔ Cotswolds mmepɔw mu.

Bere a midii mfe 18 no, mamfa me ho anhyɛ sraadi mu, enti wɔde me kɔtoo afiase abosome nkron. Bere a edi kan a wɔde me kɔtoo afiase no, metee nka sɛ mayɛ ankonam. Wɔkaa pon no hwee mu pɛ na me ho mmoa nyinaa guanee. Nanso, ankyɛ na afiase ahwɛfo ne nneduafo no fii ase bisabisaa me nea enti a wɔde me aba hɔ, na mede anigye kyerɛkyerɛɛ me gyidi mu kyerɛɛ wɔn.

Woyii me fii afiase no, wɔma mekɔkaa Leonard Smith * ho ma yɛkaa asɛmpa no wɔ nkurow a ɛwɔ yɛn mantam Kent mu. Efi afe 1944 no, wimhyɛn bɛboro apem a atopae ahyɛ mu ma a nnipa nte mu bɛhwehwee Kent maa atopae no totoe. Europa fã a na Nasifo ako afa no, sɛ wɔde wimhyɛn fi hɔ rebɛtoto atopae wɔ London a, na ɛfa baabi a yɛte no. Wɔtoo atopae a wɔayɛ no sɛ wimhyɛn no din doodlebugs (futukokɔnini). Ná ɛyɛ hu paa, efisɛ sɛ engine no gyae dede yɛ pɛ a, enni gyina koraa, nea wobɛte ara ne bumm, na ahwe fam apae. Ná yɛne abusua bi a emufo yɛ baanum sua Bible no. Ɛtɔ da a, na yɛtena pon bi a wɔde dade ayɛ ase sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ dan no dwiriw gu a, ɛrenkum yɛn. Awiei koraa no, saa abusua no mufo nyinaa bɔɔ asu.

MEKƆKAA ASƐMPA NO WƆ AMANNƆNE

Yɛrebɔ nhyiam bi ho dawuru. Ɛyɛ bere a mifii akwampae adwuma ase wɔ Ireland (ase ha)

Ɔko no baa awiei no, mede mfe mmienu kɔyɛɛ akwampae adwuma wɔ Ireland anafo fam. Ná yennim sɛ ɛsono Ireland, ɛnna ɛsono England. Ɛno nti, yɛn de, yɛkɔɔ afie afie, na yɛka kyerɛɛ nkurɔfo sɛ yɛyɛ asɛmpatrɛwfo enti yɛrehwehwɛ dan. Bio nso, yɛkyekyɛɛ yɛn nsɛmma nhoma no wɔ abɔnten so. Nanso, nea na yɛreyɛ wɔ Katolekfo man mu no, sɛɛ na “ɛmfa kwan mu koraa”! Bere a ɔbarima bi kae sɛ obepira yɛn no, mebɔɔ polisini bi amanneɛ. Nea ɔkae ara ne sɛ: “Anka ɔnyɛ mo dɛn?” Ná yennim sɛ asɔfo no wɔ tumi saa. Sɛ obi gye yɛn nhoma no bi a, na wɔma woyi no adi fi adwumam. Wɔma wotuu yɛn fii baabi a na yɛte mpo.

Ankyɛ koraa na yehui sɛ, sɛ yɛkɔ baabi foforo a, ɛnsɛ sɛ yɛka asɛm no wɔ baabi a yɛte no. Yebehui sɛ ɛyɛ papa sɛ yɛkɔka asɛm no wɔ baabi a ɔsɔfo a ɔwɔ hɔ no nnim yɛn. Ɛno akyi ansa na yɛaka asɛm no akyerɛ wɔn a wɔte bɛn yɛn no. Wɔ Kilkenny no, ɛmfa ho sɛ na nkurɔfo taa hunahuna yɛn no, yɛne aberante bi suaa ade mprɛnsa nnawɔtwe biara. Ná m’ani gye ho paa sɛ mede Bible mu nokware no bɛkyerɛkyerɛ afoforo. Enti mibisaa kwan sɛ mepɛ sɛ mikogye ntetee sɛ ɔsɛmpatrɛwfo wɔ Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu.

Po so hyɛn Sibia mu na yɛtena yɛɛ asɛmpatrɛw adwuma fi afe 1948 kosi 1953 (nifa so)

Yɛde abosome nnum na ɛkɔɔ sukuu no wɔ New York. Yewiei no, wɔde yɛn mu baanan kɔɔ nsupɔw nketewa bi a ɛwɔ Caribbean Po no so. November 1948 no, yɛde po so hyɛn ketewa bi a yɛfrɛ no Sibia a ne tenten yɛ anammɔn 59 (mita 18) fii New York City. Ná mentenaa po so hyɛn mu da, enti na ɛyɛ me dɛ paa. Yɛn mu baako a ne din de Gust Maki no, na onim po so hyɛn ka paa. Ɔkyerɛɛ yɛn sɛnea yɛde po so hyɛn tu kwan ani so kakra. Ɔboaa yɛn ma yehuu sɛnea wɔpagyaw mframatam kɔ soro ne sɛnea wɔde ba fam. Afei nso, ɔkyerɛɛ yɛn sɛnea wɔde kɔmpase yɛ adwuma ne sɛnea wɔdannan ɛhyɛn no bere a mframa a ano yɛ den rebɔ. Ná Gust ho akokwaw, enti otumi de yɛn faa po no so nnafua 30 kosii sɛ yeduu Bahamas. Baabi a na mframa ano yɛ den paa mpo no, otumi de yɛn faa mu.

‘MONKA ASƐM NO WƆ NSUANO AMAN SO’

Yɛde abosome kakra kaa asɛm no wɔ Bahamas nsupɔw nketewa no so. Ɛno akyi no, yɛde yɛn ani kyerɛɛ Leeward Islands ne Windward Islands. Nsupɔw no tenten bɛyɛ akwansin 500 (kilomita 800). Ɛhyɛ ase fi Virgin Islands a ɛbɛn Puerto Rico no, na ɛkɔ araa kosi beae bi a ɛbɛn Trinidad. Yɛde mfe nnum kaa asɛmpa no wɔ nsupɔw a atew ne ho so. Ná Adansefo nni emu biara so. Ɛtɔ da na yɛde yɛn ti hwe mu a, nnawɔtwe pii twam a na yennyaa krataa biara. Saa ara na na yɛn nso yentumi mfa krataa biara mmena. Nanso, Yehowa asɛm a na yɛreka wɔ nsupɔw no so no maa yɛn ani gyei paa!​—Yer. 31:10.

Anuanom a na wɔte Sibia mu yɛ asɛmpatrɛw adwuma (fi benkum kɔ nifa): Ron Parkin, Dick Ryde, Gust Maki, ne Stanley Carter

Sɛ yekogyina mpoano a, na wɔn a wɔtete nkuraa no ase no ho dwiriw wɔn. Ná wobegyina mpoano hɔ hwɛ nnipa kõ a yɛyɛ. Wɔn mu binom wɔ hɔ a, na wonhuu po so hyɛn anaa oburoni da. Ná supɔw no sofo yɛ nyamesomfo a wɔpɛ nnipa. Saa ara nso na na wonim Bible mu yiye. Ná wɔtaa ma yɛn mpataa, paya, ne nkate. Ɛwom sɛ na kwan a ɛwɔ yɛn hyɛn no mu sua de, nanso emu ara na na yɛda, yɛnoa aduan, na yɛhoro yɛn nneɛma.

Ná yefi yɛn hyɛn no mu kɔ mpoano hɔ kɔka asɛm no kyerɛ nkurɔfo no da mũ nyinaa. Ɛyɛ a na yɛka kyerɛ wɔn sɛ yɛbɛma Bible mu ɔkasa. Sɛ edu anwummere a, na yɛbɔ ɛdɔn a ɛwɔ yɛn hyɛn no mu no. Sɛ nkurɔfo no reba a, na ɛyɛ anika kɛkɛ. Ná akanea a ekurakura wɔn no bubu n’ani te sɛ wim nsoromma wɔ mmepɔw no ho. Ɛtɔ mmere bi a na nnipa bɛyɛ ɔha na ɛba. Ná wobisabisa yɛn nsɛm araa kosi ɔdasum. Ná wɔn ani gye nnwom ho paa, enti na yɛkyerɛw Ahenni nnwom no bi mu nsɛm ma wɔn. Yɛn a na yɛn dodow yɛ baanan no bɔɔ mmɔden too nnwom no, na wɔn nso de wɔn nne gyigyee ho ma ɛyɛɛ dɛ. Yɛn ani gyee saa bere no paa!

Sɛ yewie Bible adesua bi a, na asuafo no bi di yɛn akyi kɔ fie foforo a yɛrekɔ mu no kotie adesua a yɛbɛyɛ wɔ hɔ no nso. Sɛ yedi nnawɔtwe wɔ beae bi a na yɛatutu so. Ná yɛtaa ka kyerɛ anigyefo dodow no ara sɛ wɔne afoforo ntoa adesua no so nkosi sɛ yɛbɛsan aba. Wɔn mu binom de nsi yɛɛ adwuma a yɛde hyɛɛ wɔn nsa no ma ɛyɛɛ fɛ paa.

Ɛnnɛ, wɔasisi adan bebree wɔ nsupɔw no pii so ma nsrahwɛfo tumi kɔtena hɔ. Nanso bere a yɛkɔɔ hɔ no de, na nnipa pii nkɔ hɔ. Nea na ɛwɔ hɔ ara ne baka a ani yɛ ahabammono, anhwea, ne mmedua. Anadwo na na yɛtaa fi supɔw baako so kɔ foforo so. Sɛ yɛrekɔ a, na yehu abonsu a wɔredi ahurusi wɔ yɛn hyɛn no ho. Ná nsu no so yɛ dinn. Ná dede a wote ara ne nea yɛn hyɛn no reyɛ. Sɛ bosome no hann tɔ po a ayɛ dinn no so a, na ɛyɛ fɛ paa, na ɛma yehu akyirikyiri.

Yɛde mfe nnum kaa asɛmpa no wɔ nsupɔw no so. Ɛno akyi no, yɛkɔɔ Puerto Rico sɛ yɛrekɔsesa yɛn hyɛn no agye nea engine dodow bi wom. Bere a yeduu hɔ no, mihyiaa onuawa ɔsɛmpatrɛwfo hoɔfɛfo bi a ne din de Maxine Boyd. Metew tɔɔ ne dɔ mu. Ná ɔde nsi aka asɛmpa no fi ne mmofraase. Akyiri yi, ɔkɔyɛɛ asɛmpatrɛw adwuma wɔ Dominican Republic kosii sɛ Katolek aban no pam no fii ɔman no mu afe 1950. Esiane sɛ na meka anuanom a yɛde po so hyɛn ka asɛmpa no ho nti, na bosome baako pɛ na na metumi de atena Puerto Rico. Ná ɛrenkyɛ koraa na yɛasan akɔyɛ asɛnka adwuma wɔ nsupɔw no so. Na na yebedi mfe kakra ansa na yɛasan aba yɛn akyi. Enti mekae wɔ me tirim sɛ, ‘Ronald, sɛ w’ani gye ababaa yi ho a, yɛ no ntɛm.’ Nnawɔtwe mmiɛnsa akyi no, mede too n’anim sɛ mɛware no, na nnawɔtwe nsia akyi no, yɛwaree. Wɔmaa me ne Maxine yɛɛ asɛmpatrɛw adwuma wɔ Puerto Rico. Enti mantena po so hyɛn foforo no mu da.

Afe 1956 no, mebɛyɛɛ ɔmansin sohwɛfo, na yefii ase srasraa asafo ahorow. Ná anuanom pii yɛ ahiafo, nanso sɛ yɛkɔsra wɔn a, na yɛn ani gye paa. Sɛ nhwɛso no, wɔ akuraa bi a ɛde Potala Pastillo ase no, na Adansefo mmusua mmienu bi wɔ hɔ a wɔwɔ mma pii. Ná mebɔ atɛntɛbɛn de gyigye wɔn ani. Meka kyerɛɛ mmaayewa no baako, Hilda, sɛ ɔmma yɛnkɔ asɛnka. Ɔkae sɛ: “Minyae a anka mɛkɔ, nanso merentumi ne mo nkɔ, efisɛ minni mpaboa.” Yɛtɔɔ mpaboa maa no, na ɔne yɛn kɔɔ asɛnka. Mfe bi akyi, afe 1972 no, me ne Maxine kɔɔ Brooklyn Betel. Onuawa bi a na wawie Gilead Sukuu foforo bekyiaa yɛn. Ná ɔrebɛkɔ Ecuador akɔyɛ asɛmpatrɛw adwuma. Ɔkae sɛ: “Minnye nni sɛ mokae me. Me ne abaayewa a ofi Pastillo a na onni mpaboa no.” Ná ɛyɛ Hilda! Yɛn ani gyei araa ma yesui!

Afe 1960 no, wɔma yɛkɔyɛɛ adwuma wɔ Puerto Rico baa dwumadibea. Ná ɛwɔ abansoro ketewaa bi so wɔ Santurce, San Juan. Mfiase no, na me ne Lennart Johnson na na ɛyɛ adwuma no fã kɛse no ara. Ɔne ne yere na wɔbɛyɛɛ Yehowa Adansefo a wodi kan wɔ Dominican Republic. Afe 1957 no, wɔde wɔn kɔɔ Puerto Rico. Akyiri yi, Maxine yɛɛ nsɛmma nhoma a nkurɔfo kra ho adwuma. Nnawɔtwe biara, na ɔyɛ bɛboro apem. N’ani gyee adwuma no ho paa, efisɛ na onim sɛ saa nkurɔfo a wɔakra bi no nyinaa nsa bɛka honhom fam aduan.

M’ani gye Betel som ho paa, efisɛ ɛyɛ atuhoama adwuma. Nanso, ɛwɔ ne haw. Sɛ nhwɛso, afe 1967 no, wɔyɛɛ amanaman ntam nhyiam a edi kan wɔ Puerto Rico. Mihui sɛ adwuma no boro me so. Nathan Knorr baa Puerto Rico. Ɔno na na odi Yehowa Adansefo anim saa bere no. Ɛwom sɛ na mayɛ akwantu ho nhyehyɛe ama asɛmpatrɛwfo a wɔreba nhyiam no de, nanso n’adwene yɛɛ no sɛ mabu m’ani agu nneɛma so. Akyiri yi, ɔkaa m’anim yayaayaw sɛ manhwɛ antoto nneɛma yiye. Na ɔkae sɛ wadi me ho yaw paa. Ná mempɛ sɛ me ne no yiyi nsɛm ano, nanso mihui sɛ ɔne me anni no yiye. Me bo fuwii paa, nanso ankyɛ na migyaee asɛm no mu. Wei nyinaa akyi no, bere foforo a me ne Maxine huu Onua Knorr no, ɔtoo nsa frɛɛ yɛn kɔɔ ne dan mu, na ɔnoaa aduan maa yɛn.

Bere a yɛwɔ Puerto Rico no, na yɛtaa kɔ England kɔsra m’abusuafo. Bere a me ne me maame gyee nokware no, me papa de, wamfa ne ti annye. Nanso, sɛ akasafo a wofi Betel no ba yɛn asafo mu a, na me maame ma wɔtaa bɛtena yɛn fie. Me papa hui sɛ, saa ahwɛfo a wofi Betel no brɛ wɔn ho ase paa. Ná wɔnte sɛ asɔfo a na wɔn ho yɛ no ahi no. Awiei koraa, afe 1962 no, wɔbɔɔ no asu sɛ Yehowa Dansefo.

Me ne Maxine wɔ Puerto Rico wɔ yɛn aware akyi bere tiaa bi. Afei mfe 50 akyi, afe 2003, yɛrekae yɛn ayeforohyia da

Me yere a medɔ no, Maxine wui afe 2011. Merehwɛ kwan paa sɛ mɛsan ahu no bio wɔ owusɔre no mu. Ɛbɛyɛ anigye sɛ! Mfe 58 a me ne Maxine tenae no, yehui sɛ Yehowa Adansefo a wɔwɔ Puerto Rico a na wɔn dodow yɛ 650 no anya nkɔanim akodu 26,000! Afei, afe 2013 no, wɔde Puerto Rico baa dwumadibea no kɔkaa United States de no ho. Wɔma mekɔyɛɛ adwuma wɔ Wallkill, New York. Esiane sɛ midii mfe 60 wɔ supɔw no so nti, na mabɛyɛ Puerto Riconi ara ne sa, te sɛ coquí. Coquí yɛ apɔtorɔ bi a ɔtetare nnua ho wɔ Puerto Rico a sɛ edu anwummere a osu ko-kee, ko-kee. Nanso, mɛyɛ no dɛn, na bere aso sɛ mekɔ m’anim.

“ONYANKOPƆN DƆ NEA ƆTEW N’ANIM MA”

Meda so ara de anigye resom Onyankopɔn wɔ Betel. Seesei madi mfe 90 ne akyi. Adwuma a meyɛ ne sɛ mehyɛ Betel abusua no mufo nkuran. Efi bere a mebaa Wallkill no, wɔkyerɛ sɛ anuanom a masra wɔn bɛboro 600. Wɔn a wɔba me nkyɛn no, ɛyɛ a wɔn mu binom pɛ sɛ me ne wɔn bɔ wɔn ankasa anaa wɔn abusua mu nsɛnnennen ho nkɔmmɔ. Afoforo nso bisa nea wɔyɛ a ɛbɛma wɔatumi akɔ so asom wɔ Betel. Wɔn a wɔwaree nkyɛe no, wobegye afotu a ɛbɛboa wɔn ama wɔn aware asɔ. Wɔama ebinom afi Betel rekɔyɛ akwampae adwuma. Mitie wɔn a wɔba me nkyɛn no nyinaa, na sɛ ɛfata a, metaa ka kyerɛ wɔn sɛ: “‘Onyankopɔn dɔ nea ɔtew n’anim ma.’ Enti ma w’ani nnye w’adwuma no ho. Woreyɛ ama Yehowa.”​—2 Kor. 9:7.

Sɛ wopɛ sɛ w’ani gye wɔ Betel, anaa baabi foforo biara a wowɔ a, fa w’adwene si nea enti a nea woreyɛ no ho hia so. Adwuma biara a yɛyɛ wɔ Betel no, yɛyɛ ma Onyankopɔn. Ɛboa “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ma ɔde honhom fam aduan ma anuanom a wɔwɔ wiase nyinaa. (Mat. 24:45) Baabiara a yɛbɛsom Yehowa no, yenya hokwan de yi no ayɛ. Nea ɔbɛka biara, momma yɛmfa anigye nyɛ, efisɛ “Onyankopɔn dɔ nea ɔtew n’anim ma.”

^ nky. 13 Leonard Smith asetenam nsɛm baa April 15, 2012 Ɔwɛn-Aban mu.