Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Johannes Rauthe rekɔ asɛnka, bɛyɛ afe 1920 mfe no mu

TETE WƆ BI KA

“Meretwa Aba De Ayi Yehowa Ayɛ”

“Meretwa Aba De Ayi Yehowa Ayɛ”

AMAN bɛyɛ 30 na ɛde wɔn ho hyɛɛ wiase ko a edi kan no mu. September 1, 1915, Ɔwɛn-Aban no kaa ɔko no ho asɛm sɛ: “Ɔko kɛse a ɛrekɔ so wɔ Europa seesei no sen ɔko biara a asi pɛn.” Ɔko no nti Ɔwɛn-Aban no bɔɔ amanneɛ sɛ: “[Ahenni] adwuma no agu ara ne sa, ne titiriw, wɔ Germany ne France.”

Bere a ɔko no rekɔ so wɔ wiase nyinaa no, na Bible Asuafo no nnya ntee ase papa sɛ ɛnsɛ sɛ Kristofo de wɔn ho hyehyɛ wiase no nsɛm mu. Nanso, na wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛka asɛmpa no. Ná Wilhelm Hildebrandt pɛ sɛ ɔyɛ Ahenni adwuma no, enti ɔkraa The Bible Students Monthly kratawa no bi wɔ France kasa mu. Wankɔ France sɛ ɔrekɔyɛ colporteur (bere nyinaa ɔsɛmpakafo), na mmom ɔkɔɔ hɔ sɛ German sraani. Bere a Francefo no huu Germanni a ɔhyɛ asraafo atade, obi a wobu no sɛ wɔn tamfo, sɛ ɔrekyekyɛ asomdwoe asɛm no, wɔn ho dwiriw wɔn.

Wɔkaa nkrataa a nkurɔfo kyerɛwee mu nsɛm wɔ Ɔwɛn-Aban mu. Nkrataa no mu nsɛm kyerɛe sɛ German Bible Asuafo a na wɔwɔ sraadi mu no bebree hui sɛ ɛsɛ sɛ wɔka Ahenni ho asɛmpa no. Ná Onua Lemke yɛ po so sraani. Ɔbɔɔ amanneɛ sɛ ne mfɛfo asraafo baanum akyerɛ asɛmpa no ho anigye. Ɔkyerɛwee sɛ: “Mewɔ po so hyɛn mu de, nanso meretwa aba de ayi Yehowa ayɛ.”

Georg Kayser kɔɔ akono sɛ ɔsraani, nanso bere a ɔbaa fie no na ɔyɛ nokware Nyankopɔn no somfo. Ɛbaa no sɛn? Ne nsa kaa Bible Asuafo no nhoma bi, na ofi ne koma nyinaa mu gyee Ahenni no ho nokware no toom. Ɛno akyi no, ɔde n’akode guu hɔ. Afei ɔkɔyɛɛ adwuma a ɛmfa akodi ho. Bere a ɔko no baa awiei no, ɔde nsi yɛɛ akwampae adwuma mfe pii.

Ɔfã biara a yennyina wɔ wiase no nsɛm mu no, na Bible Asuafo no nte ase yiye. Nanso, na wɔn suban ne wɔn nneyɛe yɛ papa koraa sen nkurɔfo a wogyee ɔko no toom no. Amanyɔfo ne asɔre mpanyimfo taa wɔn man akyi wɔ ɔko no mu, nanso Bible Asuafo no de, wɔde wɔn ho bɔɔ “Asomdwoe Hene” no. (Yes. 9:6) Ɛwom sɛ Bible Asuafo no bi antwe wɔn ho amfi ɔko no ho koraa de, nanso na wokura Bible Suani Konrad Mörtter adwene no bi. Ɔkae sɛ: “Mihui wɔ Onyankopɔn Asɛm mu pefee sɛ ɛnsɛ sɛ Kristoni di awu.”—Ex. 20:13. *

Hans Hölterhoff de saa trɔk yi bɔɔ The Golden Age no ho dawuru

Wɔn a wɔn ahonim nti wɔnkɔ ɔko no, na mmara biara nni Germany a ɛbɛma wɔafa wɔn ho adi. Bible Asuafo bɛboro 20 a na wɔwɔ hɔ ankɔ sraadi. Wɔkae sɛ wɔn mu binom abɔ dam. Gustav Kujath sei, wɔde no kɔtoo ayaresabea a wɔhwɛ wɔn a wɔwɔ adwenemyare, na wɔmaa no nnuru a ebetumi asɛe n’adwene. Hans Hölterhoff nso ankɔ sraadi, enti wɔde no kɔtoo afiase. Nanso, wɔde no kɔɔ hɔ no, wanyɛ adwuma biara a ɛfa akodi ho. Afiase ahwɛfo no hyɛɛ no atade bi kyekyeree no kosii sɛ ne nan ne ne nsa nyinaa yɛɛ titiritii. Ɛno amma wannyae ne gyidi mu, enti awɛmfo no hyɛɛ da yɛe sɛ wɔrebekum no. Nanso bere a na ɔko no rekɔ so nyinaa, Hans kuraa ne mudi mu.

Wɔhyɛɛ anuanom foforo de wɔn kɔɔ sraadi, nanso wɔanso akode mu. Mmom, wɔkae sɛ wɔbɛyɛ nnwuma a ɛmfa ɔko ho. * Wɔn a wosii saa gyinae no, na Johannes Rauthe ka ho. Enti wɔma ɔkɔyɛɛ adwuma wɔ keteke adwuma mu. Wɔmaa Konrad Mörtter kɔyɛɛ adwuma wɔ ayaresabea sɛ obi a ɔboa ayarefo. Reinhold Weber nso, wɔma ɔkɔyɛɛ adwuma sɛ ɔyarehwɛfo. Ɛyɛɛ August Krafzig dɛ sɛ adwuma a wɔma ɔyɛe no amfa no ankopue akono. Ná Bible Asuafo yi ne afoforo a wɔte sɛ wɔn asi wɔn bo sɛ wɔbɛsom Yehowa. Ɔdɔ a na wɔwɔ ma Yehowa ne nokware a na wobedi ama no ho ntease a na wɔwɔ saa bere no na wogyinaa so sii gyinae.

Sɛnea Bible Asuafo no yɛɛ wɔn ade wɔ ɔko bere no mu nti, aban no de n’ani dii wɔn akyi. Mfe a edi hɔ no, asɛnka adwuma a na Bible Asuafo a wɔwɔ Germany no reyɛ nti, wɔde wɔn kɔɔ asɛnnibea mpɛn mpempem pii. Baa dwumadibea a ɛwɔ Magdeburg, Germany no tew mmara dwumadibea wɔ Betel de boaa anuanom.

Nkakrankakra, ntease a Yehowa Adansefo wɔ no mu bɛdaa hɔ fann sɛ ɛnsɛ sɛ Kristofo de wɔn ho hyehyɛ wiase no nsɛm mu. Ɛno nti wiase ko a ɛto so mmienu no fii ase no, Adansefo no twee wɔn ho fii akodi no ho koraa. Saa a wɔyɛe no ma wobuu wɔn sɛ wɔyɛ Germany Man no atamfo, na wɔtaa wɔn denneennen. Nanso, yɛrenka ɛno ho asɛm seesei. Daakye, yɛbɛka ho asɛm wɔ “Tete Wɔ Bi Ka” bi a ɛbɛba mu.​—Tete wɔ bi ka, Central Europe.

^ nky. 7 Hwɛ nea Bible Asuafo a wɔwɔ Britain yɛe wɔ Wiase Ko I mu ho nsɛm wɔ May 15, 2013, Ɔwɛn-Aban no mu. Asɛmti ne, “Tete Wɔ Bi Ka—Wogyinaa Pintinn wɔ ‘Sɔhwɛ Bere’ Mu.

^ nky. 9 Anuanom gyinaa nyansahyɛ a wɔde mae wɔ Millennial Dawn (1904) nhoma no Po VI no mu so na esisii saa gyinae no. Wɔde saa nyansahyɛ yi nso mae wɔ August 1906, Ɔwɛn-Aban, Germany de no mu. September 1915 Ɔwɛn-Aban no yɛɛ nsakrae wɔ ntease a yɛwɔ mu. Ɛkae sɛ, ɛnsɛ sɛ Bible Asuafo kɔ sraadi. Nanso, saa asɛm yi ampue Germany Ɔwɛn-Aban no mu.