Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hwehwɛ Biribi a Ɛsom Bo Sen Sika Kɔkɔɔ

Hwehwɛ Biribi a Ɛsom Bo Sen Sika Kɔkɔɔ

Woahu sika kɔkɔɔ pɛn? Nnipa kakraa bi na wɔahu bi da. Nanso, nnipa ɔpepem pii anya biribi a ɛsom bo sen sika kɔkɔɔ. Ɛno ne Onyankopɔn nyansa. Obiara ‘ntumi mfa sika amapa nsesã,’ na saa ara nso na yɛmfa sika ntɔ.​—Hiob 28:12, 15.

YƐBƐKA a, akwan bi so no, Bible asuafo a wɔwɔ komapa te sɛ nkurɔfo a wɔrehwehwɛ sika kɔkɔɔ. Ehia sɛ Bible asuafo a wɔte saa yere wɔn ho na wɔkɔ so tweetwee Kyerɛwnsɛm no mu hwehwɛ nyansa a ɛsom bo. Ɛnde, akwan mmiɛnsa bɛn na nkurɔfo fa so hwehwɛ sika kɔkɔɔ, na dɛn na yebetumi asua afi mu? Momma yensusuw ho.

WOANYA SIKA KƆKƆƆ!

Fa no sɛ wonam asubɔnten bi ho, ɛnna wuhuu ɔbo ketewa hyɛnn bi sɛ ɛda fam. Wobɔɔ wo mu ase fae. Ná ɛyɛ sika kɔkɔɔ, enti w’ani gyei paa. Ná ne kɛse nnu mankyese ti, nanso ɛsom bo koraa sen dɛnkyɛmmo a ne kɛse te saa. Ɛba saa a, nea wobɛyɛ ne sɛ wobɛtoto w’ani ahwɛ sɛ wubenya bi aka ho anaa.

Saa ara na ebia wo nso da bi, Yehowa somfo bi baa wo fie sɛ ɔrebɛka anidaso a ɛwɔ Bible mu ho asɛm akyerɛ wo. Ebetumi aba sɛ Bible mu akorade a edi kan a wuhui no, wo werɛ mfii. Ebia ɛno ne bere a edi kan a wuhui wɔ Bible mu sɛ Onyankopɔn din de Yehowa. (Dw. 83:18) Anaa ebia wuhui sɛ wubetumi abɛyɛ Yehowa adamfo. (Yak. 2:23) Ɛhɔ ara na wuhui sɛ woanya biribi a ɛsom bo sen sika kɔkɔɔ! Ebetumi aba sɛ na wopɛ paa sɛ wunya Bible mu akorade no bi ka ho.

WOANYA BI AKA HO!

Ɛtɔ da a, sika kɔkɔɔ nketenkete boaboa ano wɔ nsuwansuwa ne nsubɔnten mu. Wei yɛ sika kɔkɔɔ a ɛfrafra anhwea mu. Wɔ bere tiaa bi mu no, nkurɔfo a wɔn ani abere rehwehwɛ sika kɔkɔɔ a ɛfrafra anhwea mu no tumi nya bebree a wobetumi atɔn no dɔla mpempem pii.

Bere a wufii ase ne Yehowa Dansefo bi suaa Bible no, ebia wotee nka sɛ obi a ɔrehwehwɛ sika kɔkɔɔ. Obi a ɔte saa horo anhwea pii a sika kɔkɔɔ wom yiyi emu fĩ, na ama ne nsa aka sika kɔkɔɔ no. Bible mu asɛm biara a wobɛkenkan no, ná wudwinnwen ho, na wei maa wunyaa nimdeɛ pii. Ɛboaa wo ma wunyaa nkɔso paa wɔ Onyankopɔn som mu. Wode ahokeka dwinnwenee Bible mu nokware no ho, na wuhuu sɛnea wubetumi abɛn Yehowa. Bio nso, wuhuu ɔkwan a wobɛfa so de wo ho asie Yehowa dɔ mu na ama woanya daa nkwa.​—Yak. 4:8; Yuda 20, 21.

Obi a ɔrehwehwɛ sika kɔkɔɔ yere ne ho. Wo nso ɛ? Woyere wo ho hwehwɛ Bible mu nokware a ɛsom bo no?

Sɛnea obi a ɔrehwehwɛ sika kɔkɔɔ de n’ani di sika kɔkɔɔ a ɛfrafra anhwea mu akyi no, wo nso ebia woyeree wo ho hwehwɛɛ Bible mu akorade a ɛsom bo no. Bere a wusuaa Bible mu nokware atitiriw no wiei no, ebia ɛkanyan wo ma wuhyiraa wo nkwa so bɔɔ asu.​—Mat. 28:19, 20.

KƆ SO HWEHWƐ!

Obi a ɔrehwehwɛ sika kɔkɔɔ tumi hu abo a sika kɔkɔɔ wom. Abo no bi wɔ hɔ a, sika kɔkɔɔ a ɛwom no dɔɔso. Enti wotu kɔyam yiyi sika kɔkɔɔ no fi mu. Sɛ w’ani bɔ abo no so a, ebia worenhu sɛ sika kɔkɔɔ wom. Adɛn ntia? Efisɛ abo a sika kɔkɔɔ wom paa no, sɛ wɔyam abo a emu duru bɛyɛ tɔn baako a, ɛnna ebia wobenya sika kɔkɔɔ dwetɛbona 0.3 (gram 10) pɛ! Nanso, obi a ɔrehwehwɛ sika kɔkɔɔ de, onim sɛ sɛ otu abo a ɛte saa a, ɔremmrɛ ngu.

Enti sɛ obi sua “Kristo ho mfitiasesɛm no” wie mpo a, ehia sɛ ɔbɔ ne ho mmɔden nya nkɔso. (Heb. 6:1, 2) Sɛ woresua Bible a, ɛho hia sɛ woyere wo ho hwehwɛ nsɛm foforo a wubetumi de abɔ wo bra. Ebetumi aba sɛ wode mfe pii na asua Kyerɛwnsɛm no. Ɛno mpo no, yemmisa sɛ, dɛn na wobɛyɛ na ama woanya Bible a woresua no so mfaso?

Kɔ so ara ma w’ani nnye ade a woresua no ho. Ma w’ani nna hɔ na hwehwɛ nea woresua no mu kɔ akyiri. Yere wo ho na wubenya Kyerɛwnsɛm mu akorade. Ɛno ne Onyankopɔn nyansa ne n’akwankyerɛ. (Rom. 11:33) Nea ɛbɛyɛ na woanya Kyerɛwnsɛm mu nimdeɛ pii no, sɛ nnwinnade a wɔde yɛ nhwehwɛmu no bi wɔ wo kasa mu a, fa yɛ adwuma yiye. Sɛ worehwehwɛ Bible mu akwankyerɛ anaa wonte Bible mu nsɛm bi ase a, fa ntoboase yɛ nhwehwɛmu. Bisa afoforo nso na wɔnkyerɛ wo Bible mu nsɛm bi ne asafo nhoma mu nsɛm bi a aboa wɔn na ahyɛ wɔn nkuran. Sɛ wusua Onyankopɔn Asɛm no na wuhu biribi a w’ani gye ho a, ka ho asɛm kyerɛ afoforo.

Nokwasɛm ne sɛ, ɛnyɛ wo botae ne sɛ wubenya nimdeɛ pii kɛkɛ. Ɔsomafo Paulo bɔɔ kɔkɔ sɛ, “nimdeɛ homan.” (1 Kor. 8:1) Enti, bɔ mmɔden brɛ wo ho ase, na ma wo gyidi nyɛ den. Sɛ woyɛ abusua som na wugye bere sua Bible daa a, ɛbɛboa wo ama wode Yehowa asɛm abɔ wo bra. Wei bɛkanyan wo ama woaboa afoforo nso. Nea ɛsen ne nyinaa no, w’ani begye efisɛ woanya biribi a ɛsom bo sen sika kɔkɔɔ.​—Mmeb. 3:13, 14.