Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wuhu Nea Enti a Ehia sɛ Yɛtete Afoforo?

Wuhu Nea Enti a Ehia sɛ Yɛtete Afoforo?

“Akwankyerɛ pa na mede bɛma mo.”—MMEB. 4:2.

NNWOM: 93, 96

1, 2. Adɛn nti na ehia sɛ yɛtete afoforo ma wɔfata ma asɛyɛde wɔ asafo no mu?

AHENNI ho asɛmpaka adwuma no ne adwuma titiriw a Yesu yɛe. Nanso, ogyee bere tetee ebinom ma wɔbɛyɛɛ ahwɛfo ne akyerɛkyerɛfo. (Mat. 10:5-7) Filipo nso, na ɔyɛ ɔsɛmpakafo a onni adagyew koraa. Nanso, ɔboaa ne mmabaa baanan no ma wotumi kyerɛkyerɛɛ nokware a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu yiye kyerɛɛ nkurɔfo. (Aso. 21:8, 9) Ehia sɛ yɛn nso yɛtete afoforo nnɛ. Adɛn ntia?

2 Nnipa a wɔretie asɛmpa no wɔ wiase nyinaa no redɔɔso. Wɔn a wɔyɛ foforo na wonnya mmɔɔ asu no, ɛsɛ sɛ wohu nea enti a ehia sɛ wɔn ankasa gye bere sua Bible no. Ɛsɛ sɛ yɛboa wɔn ma wɔka asɛmpa no kyerɛ nkurɔfo na wɔkyerɛkyerɛ wɔn nokware no. Yɛn asafo ahorow mu nso, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ anuanom mmarima nkuran ma wɔyere wɔn ho fata sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛpaw wɔn sɛ asafo mu asomfo ne mpanyimfo. Kristofo a wɔn ho akokwaw betumi de “akwankyerɛ pa” ama wɔn a wɔyɛ foforo no ama wɔanya honhom fam nkɔso.—Mmeb. 4:2.

BOA WƆN A WƆYƐ FOFORO MA WONHU SƐ BIBLE BETUMI AHYƐ WƆN DEN AMA WƆANYA NYANSA

3, 4. (a) Asɛm bɛn na Paulo kae a ɛkyerɛ sɛ, sɛ yesua Kyerɛwnsɛm no a, ɛbɛma yɛatumi ayɛ asɛnka adwuma no yiye? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ yedi kan yɛ ansa na yɛaka akyerɛ yɛn Bible asuafo sɛ wɔn ankasa nsua Bible no?

3 Adɛn nti na ɛho hia sɛ yɛn ankasa gye bere sua Kyerɛwnsɛm no? Yebenya mmuae no wɔ asɛm a ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ ne mfɛfo Kristofo a wɔwɔ Kolose no. Ɔkyerɛwee sɛ: “Yennyaee sɛ yɛbɛbɔ mpae ama mo, na yɛasrɛ sɛ [Onyankopɔn] pɛ ho nokware nimdeɛ nhyɛ mo ma wɔ nyansa ne honhom mu ntease nyinaa mu, na moanantew sɛnea ɛsɛ Yehowa na ɛsɔ n’ani koraa, bere a mokɔ so sow aba wɔ adwuma pa biara mu nya Onyankopɔn ho nokware nimdeɛ pii.” (Kol. 1:9, 10) Sɛ Kristofo a wɔwɔ Kolose no nya nokware nimdeɛ a ɛte saa a, na ɛbɛboa wɔn ama ‘wɔanantew sɛnea ɛsɛ Yehowa na ɛsɔ n’ani koraa.’ Ná ɛbɛma wɔakɔ so ‘asow aba wɔ adwuma pa biara mu,’ titiriw no, asɛmpaka adwuma no mu. Sɛ obi betumi asom Yehowa yiye a, ɛsɛ sɛ ogye bere sua Bible no daa. Wei yɛ biribi a ɛsɛ sɛ yɛboa yɛn Bible asuafo ma wɔte ase.

4 Sɛ yɛn ankasa nim mfaso a ɛwɔ Bible a yebesua so a, ɛnna yebetumi aboa afoforo ama wɔn nso asua anya so mfaso. Enti, ehia sɛ yɛn ankasa gye bere sua Bible no daa. Wubetumi abisa wo ho sɛ: ‘Sɛ mekɔ asɛnka na ofiewura bi ka asɛm bi a ɛne Kyerɛwnsɛm no nhyia anaa obisa asɛm bi a ɛkyere adwene a, mitumi de Bible yi ano anaa? Yesu, Paulo, ne afoforo yɛɛ asɛnka adwuma no a wɔamma biribiara ammu wɔn abam. Sɛ mekenkan sɛnea wɔamma biribiara ammu wɔn abam no ho asɛm a, ɛyɛ a midwinnwen sɛnea mɛma ahyɛ me den ama makɔ so ayɛ Yehowa som adwuma no ho?’ Yɛn nyinaa hia nimdeɛ ne afotu a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no. Sɛ yesua Bible no nya so mfaso, na yɛka sɛnea aboa yɛn no ho asɛm kyerɛ afoforo a, ɛbɛhyɛ wɔn nso nkuran ama wɔayere wɔn ho asua Kyerɛwnsɛm no.

5. Wohwɛ a, dɛn na ebetumi aboa obi a wo ne no sua ade ama wagye bere asua Bible daa?

5 Ebia wubebisa sɛ, ‘Mɛyɛ dɛn atete obi a me ne no sua ade ama wasua Bible daa?’ Ade baako ne sɛ, wubetumi akyerɛ no sɛnea obedi kan asua ade a mubesua no. Wubetumi aka akyerɛ no sɛ ɔnkenkan nkekaho a ɛwɔ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma no mu, na ɔnkenkan kyerɛw nsɛm a wɔatwe adwene asi so no nyinaa. Boa no ma onni kan nsua nneɛma a yebesusuw ho wɔ asafo nhyiam ase no, sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi ama mmuae. Hyɛ no nkuran ma ɔnkenkan Ɔwɛn-Aban ne Nyan! biara a ɛbɛba. Sɛ Watchtower Library anaa Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA no bi wɔ ne kasa mu a, wubetumi aboa no ama wahu sɛnea ɔde bebua Bible ho nsɛm a afoforo bisa. Woboa wo Bible suani no saa a, ɛrenkyɛ koraa, n’ani begye Onyankopɔn Asɛm no a ɔno ankasa besua ho.

6. (a) Wobɛyɛ dɛn aboa wo suani ama n’ani agye Bible ho wɔ ne komam? (b) Sɛ Bible suani bi nya Kyerɛwnsɛm no ho anigye paa a, dɛn na ɔbɛyɛ?

6 Ɛnsɛ sɛ yɛhyɛ obi sɛ ɔnkenkan Bible anaa onsua. Mmom, ɛsɛ sɛ yɛde nnwinnade a Yehowa ahyehyɛde no de ama yɛn no boa yɛn suani no ma n’ani begye Bible sua ho. Bere rekɔ so no, ebia osuani a ɔwɔ koma pa no bɛte nka te sɛ odwontofo no. Odwontofo no too dwom sɛ: “Onyankopɔn a mɛbɛn no no ye ma me. Awurade Tumfoɔ Yehowa na mede no ayɛ me guankɔbea.” (Dw. 73:28) Bible suani a ɔte saa no asiesie ne koma na ɔpɛ sɛ ɔbɛn Yehowa. Enti Yehowa honhom bɛboa no.

TETE WƆN A WƆYƐ FOFORO MA WƆNKA ASƐMPA NO NA WƆNKYERƐKYERƐ

7. Ɔkwan bɛn na Yesu faa so tetee wɔn a na wɔka asɛmpa no? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

7 Sɛ yɛkan Mateo ti 10 a, yehu akwankyerɛ a Yesu de maa n’asomafo 12 no. Wamfa n’asɛm no anwonnwan, na mmom ɔde akwankyerɛ pɔtee maa wɔn. [1] Bere a Yesu rekyerɛkyerɛ asomafo no sɛnea wobetumi aka asɛmpa no yiye no, wɔyɛɛ aso tiee no. Afei wɔkɔkaa asɛmpa no. Esiane sɛ asomafo no huu sɛnea Yesu kaa asɛmpa no nti, ankyɛ koraa na wotumi kyerɛkyerɛɛ nokware a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm mu no mu yiye. (Mat. 11:1) Yebetumi atete yɛn Bible asuafo ama wɔabɛyɛ asɛmpakafo a wotumi kyerɛkyerɛ yiye. Momma yɛnhwɛ akwan mmienu a yebetumi afa so aboa wɔn.

8, 9. (a) Sɛ Yesu kɔto obi wɔ asɛnka mu a, ɔkwan bɛn na na ɔfa so ne no bɔ nkɔmmɔ? (b) Dɛn na yɛbɛyɛ de aboa adawurubɔfo a wɔyɛ foforo ama wɔne nkurɔfo abɔ nkɔmmɔ sɛnea Yesu yɛe no?

8 Wo ne nkurɔfo mmɔ nkɔmmɔ. Ná Yesu taa ka Ahenni no ho asɛm kyerɛ ankorankoro. Nhwɛso bi ni. Bere bi, ɔne ɔbea bi bɔɔ nkɔmmɔ wɔ Yakob abura no ho wɔ baabi a ɛbɛn Sikar kurow no. Nkɔmmɔ a wɔbɔe no kɔɔ yiye na ɛsow aba. (Yoh. 4:5-30) Ɔne towgyeni bi a wɔfrɛ no Mateo Lewi nso bɔɔ nkɔmmɔ. Nsɛmpa no nka saa nkɔmmɔ a wɔbɔe no ho asɛm pii. Nanso bere a Yesu kae sɛ Mateo mmedi n’akyi no, wampopo ne ti. Mateo too pon wɔ ne fie na ɔtoo nsa frɛɛ Yesu ne afoforo baa hɔ. Yesu ne wɔn bɔɔ nkɔmmɔ paa.—Mat. 9:9; Luka 5:27-39.

9 Bere bi nso, ɛwom sɛ na Natanael nni Nasaretfo ho adwempa de, nanso Yesu ne no bɔɔ nkɔmmɔ sɛ n’adamfo. Nkɔmmɔ no kaa Natanael ma ɔsesaa n’adwene. Ɛwom sɛ na Yesu fi Nasaret de, nanso Natanael yɛɛ n’adwene sɛ obetie no. (Yoh. 1:46-51) Wei kyerɛ sɛ, ehia sɛ yɛtete adawurubɔfo a wɔyɛ foforo ma wohu sɛnea wɔbɛtɔ wɔn bo ase ne nkurɔfo abɔ nkɔmmɔ te sɛ nea wɔyɛ wɔn nnamfo. [2] Sɛ yɛtete wɔn a wɔyɛ foforo wɔ saa kwan yi so ma wɔkyerɛ nkurɔfo ho anigye na wɔne wɔn kasa yiye a, ɛbɛma komapafo ani agye asɛm a wɔka no ho. Ɛba saa a, wɔn a yɛatete wɔn no nso ani begye wɔ asɛnka mu.

10-12. (a) Sɛ obi kyerɛ asɛmpa no ho anigye a, dɛn na na Yesu yɛ? (b) Ɔkwan bɛn so na yebetumi aboa adawurubɔfo a wɔyɛ foforo ama wɔatumi akyerɛkyerɛ nokware a ɛwɔ Bible mu no mu yiye akyerɛ nkurɔfo?

10 Kyerɛ nkurɔfo ho anigye. Ná bere a Yesu de bɛka asɛmpa no sua. Nanso, sɛ nkurɔfo kyerɛ asɛmpa no ho anigye a, na onya bere ma wɔn. Ɛho nhwɛso ni. Yesu gyinaa ɔkorow mu kyerɛkyerɛɛ nnipadɔm bi, na ɔyɛɛ anwonwade. Ɔmaa Petro yii mpataa pii saa da no, na ɔka kyerɛɛ Petro sɛ: “Efi saa bere yi rekɔ no wubeyi nnipa.” Asɛm a Yesu kae ne nea ɔyɛe no, dɛn na efii mu bae? Petro ne wɔn a wɔka ne ho no ‘san de akorow no baa asase so, na wogyaw biribiara hɔ dii Yesu akyi.’—Luka 5:1-11.

11 Ná Nikodemo yɛ Sanhedrin no muni. N’ani gyee Yesu nkyerɛkyerɛ ho. Ná ɔpɛ sɛ otie pii, nanso na osuro sɛ, sɛ ɔne Yesu kasa wɔ baguam a, nkurɔfo bɛka ho asɛm. Enti Nikodemo kɔɔ Yesu nkyɛn anadwo bere a na dɔm nni hɔ. Esiane sɛ na Yesu wɔ nnipa ho adagyew nti onyaa bere maa no. (Yoh. 3:1, 2) Dɛn na yebetumi asua afi saa nsɛm no mu? Ɛne sɛ, Onyankopɔn Ba no gyee bere boaa ankorankoro maa wɔn gyidi yɛɛ den. Yɛn nso ɛ? Munnye nni sɛ ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho yɛ sankɔhwɛ na yɛbɔ mmɔden ne wɔn a wɔkyerɛ asɛm no ho anigye sua Bible no anaa?

12 Sɛ yɛne adawurubɔfo a wɔyɛ foforo kɔ asɛnka a, wɔn ho betumi akokwaw ama wɔakyerɛkyerɛ nokware a ɛwɔ Bible mu no. Yebetumi aboa wɔn ama sɛ obi kyerɛ asɛm no ho anigye ketewaa bi mpo a, wɔde wɔn ani adi akyi. Sɛ yɛrekɔyɛ sankɔhwɛ anaa Bible adesua a, yebetumi ama adawurubɔfo a wɔyɛ foforo no bi aka yɛn ho. Yɛtete wɔn saa na yɛhyɛ wɔn nkuran a, ɛbɛboa wɔn. Afei sɛ nkurɔfo kyerɛ asɛm no ho anigye a, wobedi akyi na wɔn ankasa ne wɔn akosua Bible. Wobehu sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔpa abaw ntɛm, na mmom ɛsɛ sɛ wonya ntoboase wɔ asɛnka mu.—Gal. 5:22; hwɛ adaka a wɔato din, “ Wampa Abaw” no.

TETE WƆN A WƆYƐ FOFORO MA WƆMMOA WƆN MFƐFO GYIDIFO

13, 14. (a) Bible ka ebinom a wɔde nneɛma bɔɔ afɔre maa afoforo ho asɛm. Nea wɔyɛe no ka wo sɛn? (b) Akwampa bɛn na wubetumi afa so atete adawurubɔfo a wɔyɛ foforo ne mmofra ama wɔadɔ wɔn nuanom?

13 Bible ma yehu sɛ yɛwɔ hokwan sɛ yɛda “onuadɔ” adi na yɛsonsom yɛn ho. (Kenkan 1 Petro 1:22; Luka 22:24-27.) Onyankopɔn Ba no de nea ɔwɔ nyinaa bɔɔ afɔre de som afoforo. Ɔde ne nkwa mpo kaa ho. (Mat. 20:28) Dorka nso, “ná nnwuma pa ne adɔe ayɛ no ma.” (Aso. 9:36, 39) Onuawa bi a na ɔwɔ Roma a ne din de Maria nso ‘yɛɛ adwumaden’ boaa asafo no mufo. (Rom. 16:6) Yɛbɛyɛ dɛn aboa wɔn a wɔyɛ foforo ama wɔahu sɛ ɛho hia sɛ wɔboa wɔn nuanom?

Tete wɔn a wɔyɛ foforo ma wɔnna ɔdɔ adi nkyerɛ wɔn mfɛfo gyidifo (Hwɛ nkyekyɛm 13, 14)

14 Adansefo a wɔn ho akokwaw betumi ato nsa afrɛ wɔn a wɔyɛ foforo ama wɔne wɔn akɔsrasra wɔn a wɔyare, ne wɔn a wɔn mfe akɔ anim. Sɛ ɛfata a, awofo betumi ne wɔn mma akɔ nsrahwɛ a ɛte saa. Asafo mu mpanyimfo betumi ne afoforo abom ahwɛ sɛ yɛn nuanom a wɔn mfe akɔ anim a wɔda yɛn koma so no wɔ nnuan pa a wodi. Wɔn afie nso, wobetumi ahwɛ ama wɔasiesie no kama. Sɛ ɛba saa a, mmofra ne wɔn a wɔyɛ foforo besua sɛnea wɔyɛ nnwuma pa ma afoforo. Ná asafo mu panyin bi kɔ asɛnka wɔ nkuraase a, ɔde bere kakra kɔsrasra Adansefo a wɔwɔ hɔ hwɛ sɛnea wɔn ho te. Aberante bi a na ɔtaa ne ɔpanyin no kɔ nsrahwɛ no behui sɛ, ehia sɛ yɛma asafo no mufo nyinaa hu sɛ yɛdɔ wɔn.​—Rom. 12:10.

15. Adɛn nti na ehia sɛ asafo mu mpanyimfo ma mmarima a wɔwɔ asafo no mu nkɔso ho hia wɔn?

15 Mmarima na Yehowa ma wɔkyerɛkyerɛ wɔ asafo no mu. Enti ehia sɛ wɔbɔ wɔn ho mmɔden wɔ ɔkasa mu. Woyɛ ɔpanyin a, wubetumi ama asafo mu somfo bi abobɔ ɔkasa a ɔbɛma so akyerɛ wo? Sɛ woboa no a, obetumi atu mpɔn na wakyerɛkyerɛ Onyankopɔn Asɛm mu yiye.​—Neh. 8:8. [3]

16, 17. (a) Dɛn na Paulo yɛ de kyerɛe sɛ Timoteo nkɔso ho hia no? (b) Dɛn na asafo mu mpanyimfo bɛyɛ de atete anuanom mmarima yiye ama wɔabɛyɛ ahwɛfo wɔ asafo no mu daakye?

16 Yehia ahwɛfo pii wɔ Kristofo asafo no mu, enti ehia sɛ yɛkɔ so tete wɔn a daakye wɔbɛyɛ saa adwuma no. Paulo ma yehu ɔkwan a yɛbɛfa so atete anuanom. Ɔka kyerɛɛ Timoteo sɛ: “Me ba, kɔ so nya tumi wɔ adom a ɛwɔ Kristo Yesu mu no mu, na nea wote fii m’anom, a nnipa pii adi ho adanse no, ɛno na fa hyɛ nnipa anokwafo nsa na ama wɔn nso wɔafata sɛ wɔkyerɛkyerɛ afoforo.” (2 Tim. 2:1, 2) Timoteo ne ɔsomafo Paulo a na ɔyɛ asafo mu panyin no yɛɛ adwuma, na osuaa nneɛma pii fii ne hɔ. Afei Timoteo de nea osua fii Paulo hɔ no yɛɛ adwuma wɔ asɛnka ne ɔsom adwuma no afã foforo mu.​—2 Tim. 3:10-12.

17 Paulo ammu n’ani angu ntetee a na ɛsɛ sɛ ɔde ma Timoteo no so. Ɔne aberante Timoteo tutuu akwan. (Aso. 16:1-5) Asafo mu mpanyimfo betumi asuasua nea Paulo yɛe no. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, wobetumi ne asafo mu asomfo a wɔfata akɔsrasra wɔn nuanom. Asafo mu mpanyimfo yɛ saa a, wɔboa asafo mu asomfo no ma wohu sɛnea Kristofo asafo mu mpanyimfo kyerɛkyerɛ, wɔda gyidi, abotare, ne ɔdɔ adi. Sɛ wɔfa saa kwan yi so a, ɛboa ma wɔtete ahwɛfo a daakye wɔbɛhwɛ “Onyankopɔn nguankuw” no.​—1 Pet. 5:2.

EHIA SƐ YƐTETE AFOFORO

18. Afoforo a yɛbɛtete wɔn wɔ Yehowa som mu no, adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɛho hia yɛn?

18 Nnipa pii reba asafo no mu abɛsom Yehowa. Enti, ehia sɛ yɛtete wɔn ma wotumi yɛ asɛnka adwuma no yiye. Afei nso, ɛsɛ sɛ anuanom mmarima hwɛ ma wɔtoto nneɛma yiye wɔ asafo no mu. Akwan a Yesu ne Paulo faa so de ntetee mae no, mfaso da so ara wɔ so. Yehowa pɛ sɛ yɛtete n’asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ ma wotumi yɛ wɔn som adwuma yiye. Onyankopɔn ma yenya hokwan de boa wɔn a wɔn ho nkokwawee pii no ma wotumi hwɛ toto nneɛma yiye wɔ asafo no mu. Bere a wiase yi mu asetena ayɛ bisibasaa no, yɛanya hokwan pii a yɛde bɛka asɛmpa no akyerɛ nkurɔfo. Enti ɛho abehia sɛ yɛde ntetee a ɛte saa ma, na ɛsɛ sɛ yɛyɛ no ntɛm.

19. Sɛ woyere wo ho tete afoforo wɔ Yehowa som mu a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ wunya ahotoso sɛ ebewie yiye?

19 Nokwasɛm ne sɛ, egye bere ne mmɔdenbɔ na ama yɛatumi atete afoforo. Nanso, Yehowa ne ne Dɔba no bɛboa yɛn, na wɔbɛma yɛn nyansa a ɛbɛma yɛatumi atete afoforo. Sɛ yehu sɛ wɔn a yɛboaa wɔn no ‘reyɛ adwumaden na wɔreyere wɔn ho’ a, yɛn ani begye. (1 Tim. 4:10) Momma yɛn ankasa nso nkɔ so nnya nkɔso wɔ honhom fam mfa nyɛ Yehowa som adwuma no.

^ [1] (nkyekyɛm 7) Akwankyerɛ a Yesu de mae no bi ni: (1) Ɔkyerɛɛ wɔn asɛm pɔtee a ɛsɛ sɛ wɔka. (2) Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, wɔmma wɔn ani nsɔ nneɛma a Onyankopɔn bɛma wɔn nsa aka no. (3) Ɛnsɛ sɛ wɔne afiewuranom gye akyinnye. (4) Sɛ wohyia ɔsɔretia a, wɔmfa wɔn ho nto Onyankopɔn so. (5) Ɛnsɛ sɛ wɔbɔ hu.

^ [2] (nkyekyɛm 9) Akwankyerɛ pa a ebetumi ama yɛne nkurɔfo abɔ nkɔmmɔ wɔ asɛnka mu wɔ Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua So Mfaso nhoma no, kr. 62-64.

^ [3] (nkyekyɛm 15) Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua So Mfaso nhoma no kr. 52-61 ma yehu su ahorow bi a ɛboa yɛn ma yetumi ma baguam kasa a etu mpɔn.