Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASETENAM NSƐM

Mafa Sɔhwɛ Mu Anya Nhyira Pii

Mafa Sɔhwɛ Mu Anya Nhyira Pii

KGB * sraani no kae sɛ: “Woyɛ otirimɔdenfo paa. Wo yere a wafa yafunu ne wo babea na woayi wɔn ama yi. Hena na ɔbɛhwɛ wɔn ama wɔn nea wobedi? Gyae wasɔre no na kɔ fie!” Mibuae sɛ: “Woboa, minyii wɔn mmae. Wo na wokyeree me! Dɛn na mayɛ?” Ɔsraani no kae sɛ: “Bɔne foforo biara na woyɛe a anka eye sen sɛ woyɛ Ɔdansefo.”

Saa anobaabae yi kɔɔ so wɔ afiase bi a ɛwɔ Irkutsk wɔ Russia. Ná ɛyɛ afe 1959. Ná me ne me yere Maria ayɛ krado sɛ ‘trenee nti yebehu amane.’ Ma menka nea enti a na yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ saa ne nhyira a yenyae wɔ nokware a yedii ho nkyerɛ wo.​—1 Pet. 3:13, 14.

Wɔwoo me akuraa bi ase afe 1933 wɔ Ukraine. Yɛfrɛ akuraa no Zolotniki. Afe 1937 no, me maame nuabea ne ne kunu a wɔyɛ Adansefo fi France bɛsraa yɛn. Wogyaw yɛn nhoma bi a wɔato din Government ne Deliverance; Ɔwɛn-Aban Asafo no na etintimii. Bere a me papa kenkan nhoma no, ɔsan nyaa Onyankopɔn mu gyidi bio. Awerɛhosɛm ne sɛ, afe 1939 no, yare bi a emu yɛ den bɔɔ no. Ansa na ɔrebewu no, ɔka kyerɛɛ me maame sɛ: “Nokware no ni. Fa kyerɛkyerɛ mmofra no.”

SIBERIA—ASASESIN FOFORO A YƐKAA ASƐM NO WƆ HƆ

April 1951, Adansefo a wɔwɔ USSR atɔe fam no, wotwaa pii asu kɔɔ Siberia. Me ne me maame ne me nuabarima kumaa Grigory nso, wotwaa yɛn asu fii Ukraine Atɔe fam. Bere a yɛforoo keteke na yetwaa akwansin bɛboro 3,700 (kilomita 6,000) no, yekoduu kurow bi a yɛfrɛ no Tulun wɔ Siberia. Nnawɔtwe mmienu akyi no, wɔde me nuabarima Bogdan nso baa adwumayɛban bi a ɛwɔ Angarsk. Ná ɛbɛn baabi a yɛwɔ no. Ná wɔabu no fɔ sɛ ɔnkɔda afiase mfe 25 mfa nyɛ adwumaden.

Me ne me maame ne Grigory kaa asɛmpa no wɔ baabi a ahɔho abɔ wɔn asese wɔ Tulun, nanso na ɛsɛ sɛ yɛfa akwan ahorow so di adanse. Nhwɛso bi ni. Ɛyɛ a yebisa sɛ, “Obi wɔ nantwi a ɔpɛ sɛ ɔtɔn anaa?” Sɛ yenya obi a ɔretɔn ne nantwi a, na yɛma onipa no hu sɛ ɔkwan a Ɔbɔadeɛ no faa so bɔɔ nantwi no yɛ nwonwa paa. Wobehu ara na yɛreka Ɔbɔadeɛ no ho asɛm. Saa bere no, atesɛm krataa bi kyerɛw Adansefo no ho asɛm sɛ, sɛ wɔba wo nkyɛn a, nantwi ho asɛm na wobisa, nanso wobɛhwɛ na wɔrehwehwɛ nguan! Nokwasɛm ne sɛ, yenyaa nnipa a wɔte sɛ nguan! Yɛne nnipa a wɔbrɛ wɔn ho ase na wɔpɛ ahɔhoyɛ suaa Bible no wɔ asasesin a wɔmfa nhyɛɛ obiara nsa mu. Wei maa yɛn ani gyei paa. Ɛnnɛ wokɔ Tulun a, asafo wɔ hɔ; adawurubɔfo no boro 100.

MARIA HYIAA NE GYIDI HO SƆHWƐ

Me yere Maria huu nokware no wɔ Ukraine. Saa bere no, na Wiase Ko II no gyina mu denneennen. Bere a Maria dii mfe 18 no, KGB sraani bi fii ase teetee no. Ná ɔpɛ sɛ ɔne Maria bɔ aguaman, nanso Maria ansosɔ so. Da koro, bere a Maria baa fie no, ɔnkɔhwɛ a, ɔsraani yi na ɔda ne mpa so yi. Ɛhɔ ara na Maria de mmirikatɛntɛ guanee. Ɔsraani no bo fuwii, na ohunahunaa no sɛ ɔbɛma wɔakyere Maria atom sɛ ɔyɛ Ɔdansefo. Ampa ne ampa ara, afe 1952 no, wodii Maria asɛm buu ne fɔ sɛ ɔnkɔda afiase mfe du. Ohui sɛ nea wɔde yɛɛ Yosef no, ebi ara na wɔde ayɛ no no. Yosef nokwaredi nti wɔde no too afiase. (Gen. 39:12, 20) Drɔbani a na ɔde Maria fi asɛnnibea rekɔ afiase no ka kyerɛɛ no sɛ: “Nsuro. Nnipa pii kɔda afiase, nanso wɔbɛsan aba no na wɔnsɛee wɔn din.” Saa asɛm no hyɛɛ Maria den.

Efi afe 1952 kosi afe 1956 no, wɔmaa Maria kɔyɛɛ adwuma wɔ adwumayɛban bi a ɛbɛn Gorkiy kurow no (seesei yɛfrɛ kurow no Nizhniy Novgorod) wɔ Russia. Wɔma otutuu nnua; awɔw wom na ewim ayɛ wiridudu mpo a, na wɔma ogyina mu yɛ adwuma. Ɔyaree, nanso wogyaa no afe 1956, na ɔde n’ani kyerɛɛ Tulun.

ME NE ME YERE NE ME MMA NTAM TETEWEE

Onua bi a ɔwɔ Tulun ka kyerɛɛ me sɛ onuawa bi reba baabi a yɛwɔ no. Metenaa sakre so kohyiaa onuawa no wɔ bɔs gyinabea, na migyee onuawa no nneɛma no bi kuraa no. Bere a mihyiaa Maria no, ɛhɔ ara na m’ani gyee ne ho. Mebrɛe paa ansa na ɔno nso de ne koma rema me. Yɛwaree afe 1957. Afe baako akyi no, yɛwoo yɛn babea Irina. Yɛn ani gyei paa, nanso yɛn anigye no anni gyina. Afe 1959 no, wɔkyeree me toom sɛ mitintim Bible ho nhoma. Wɔde me nko ara kɔtoo afiase dan bi mu abosome nsia. Sɛnea ɛbɛyɛ a menya akomatɔyam nti, na mebɔ mpae daa, na na meto Ahenni nnwom nso. Ɔkwan a mɛfa so aka asɛmpa no bere a wɔagyaa me nso, na midwinnwen ho.

Bere a mewɔ adwumayɛban mu, afe 1962

Bere a meda afiase no, wobisabisaa me nsɛm. Nea na ɔrebisabisa me nsɛm no teɛɛm sɛ, “Mo saa nkurɔfo wei, mo deɛ montwɛn, yebetiatia mo so sɛ nkura.” Mibuaa no sɛ, “Yesu kae sɛ WƆBƐKA Ahenni ho asɛmpa no wɔ aman nyinaa mu, na obiara ntumi nsiw ho kwan.” Afei nea ɔrehwehwɛ me nsɛm mu no sesaa n’akwan, na ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛma magyae me som. Saa asɛm yi na mekae mfiase no. Bere a ahunahuna ne nnaadaa no mu biara anyɛ adwuma no, wodii m’asɛm buu me fɔ sɛ menkɔda afiase mfe nson. Wɔde me kɔɔ adwumayɛban bi a ɛbɛn Saransk kurow no sɛ menkɔyɛ adwumaden. Bere a yɛnam kwan so rekɔ no, metee sɛ me yere awo yɛn babea Olga, na ɔno ne yɛn babea a ɔto so mmienu. Ɛwom sɛ na me ne me yere ne yɛn mmabea no ntam atetew deɛ, nanso minyaa awerɛkyekye efisɛ na minim sɛ me ne Maria akɔ so adi Yehowa nokware.

Maria ne yɛn mmabea, Olga ne Irina, afe 1965

Sɛ obi de keteke fi Tulun rekɔ Saransk asan aba a, ebegye no nnafua 12. Nanso, afe biara na Maria ba Saransk pɛnkoro bɛsra me. Ɔreba a, na ɔbrɛ me mpaboa foforo. Ná ɔde Ɔwɛn-Aban a aba foforo hyɛ mpaboa no ase brɛ me. Afe bi deɛ, na Maria nsrahwɛ no yɛ soronko koraa, efisɛ ɔne yɛn mmabea mmienu no na ɛbae. Bere a mihuu wɔn na me ne wɔn dii agorɔ no, wo deɛ hwɛ sɛnea me koma tɔɔ me yam!

YEHYIAA NSƐNNENNEN WƆ MMEAE FOFORO A YƐKƆE

Afe 1966 no, woyii me fii adwumayɛban mu hɔ, na yɛn baanan nyinaa kɔtenaa Armavir a ɛbɛn Ɛpo Tuntum no. Ɛhɔ na yɛwoo yɛn mmabarima Yaroslav ne Pavel.

Ankyɛ koraa na KGB asraafo bɔ wuraa yɛn fie bɛhwehwɛɛ yɛn nneɛma mu sɛ wobehu Bible ho nhoma bi anaa. Wɔhwehwɛɛ baabiara, anantwi aduan mpo, wɔhwehwɛɛ mu. Bere bi deɛ, ɔhyew nti na mfifiri retew asraafo no, na na mfuturu abɔ wɔn ntade mu nyinaa. Wɔn asɛm yɛɛ Maria mmɔbɔ efisɛ asraafo no deɛ, na wɔredi mmara so kɛkɛ. Maria maa wɔn anonne, na ɔbrɛɛ wɔn borɔɔs (brush) a wɔde betwitwiw wɔn ntade mu. Afei nso ɔsaw nsu guu kyɛnsee mu de mpopaho kaa ho brɛɛ wɔn. Akyiri yi, bere a KGB panyin no baa hɔ no, asraafo no kaa ayamye a me yere daa no adi no ho asɛm kyerɛɛ no. Wɔrefi hɔ akɔ no, ɔpanyin no serewee, na ɔyɛɛ yɛn baabae. Yɛn ani gyei paa. Yehui sɛ sɛ ‘yɛkɔ so de papa di bɔne so nkonim’ a, adepa fi mu ba.​—Rom. 12:21.

Ɛmfa ho sɛ na asraafo no bɔ wura yɛn fie no, yɛkɔɔ so kaa asɛm no wɔ Armavir. Adawurubɔfo kakra a na wɔwɔ Kurganinsk a ɛbɛn yɛn no nso, yɛhyɛɛ wɔn den. Ɛnnɛ asafo nsia na ɛwɔ Armavir, ɛnna nnan wɔ Kurganinsk. Wei ama m’ani agye paa.

Ɛtɔ mmere bi a, na yɛn gyidi yɛ mmerɛw. Nanso, yɛda Yehowa ase paa sɛ ɔnam yɛn nuanom anokwafo so tenetenee yɛn na wɔhyɛɛ yɛn gyidi den. (Dw. 130:3) Ade baako nso a ɛsɔɔ yɛn gyidi hwɛe ne sɛ nnipa bi a wɔyɛ adwuma ma KGB no bɛfrafraa yɛn mu wɔ asafo no mu a na yennim. Nnipa ani so deɛ, na wɔyɛ nsi, na na wɔmfa asɛnka nni agorɔ koraa. Ebinom mpo deɛ, wɔde asɛyɛde hyehyɛɛ wɔn nsa wɔ ahyehyɛde no mu. Ewiee ase no, yehuu wɔn nipaban.

Afe 1978, bere a na Maria adi mfe 45 no, onyinsɛnee. Ná Maria wɔ komayare, enti na dɔkotafo suro sɛ anhwɛ a obewu, na wɔyɛe ara sɛ wɔbɛma wayi nyinsɛn no agu. Nanso Maria ampene. Ɛno nti baabiara a na Maria bɛfa wɔ ayaresabea hɔ biara no, na dɔkotafo no bi de paane di n’akyi sɛ wɔde bɛwɔ no ama wawo amonoamono. Maria guan fii ayaresabea hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛbɔ ne ba a ɔhyɛ yafunum no ho ban.

KGB asraafo no ka kyerɛɛ yɛn sɛ yemfi kurow no mu. Yefii hɔ kɔɔ akuraa bi a ɛbɛn Tallinn wɔ Estonia. Saa bere no na Estonia ka USSR ho. Ɛmfa ho nea dɔkotafo kae no, bere a yɛkɔɔ Tallinn no, Maria woo ɔbabarima a ɔte apɔw. Yɛtoo ne din Vitaly.

Akyiri yi, yefii Estonia kɔɔ Nezlobnaya wɔ Russia anafo fam. Ɛhɔ yɛ baabi a ahɔho abɔ wɔn asese. Yɛde anifere kaa asɛmpa no wɔ nkurow a ɛbɛn yɛn mu. Ná ɛyɛ mmeae a nkurɔfo kogye wɔn ahome wɔ hɔ. Ná nkurɔfo fi ɔman no afã nyinaa ba hɔ. Ná wɔba hɔ bɛpɛ ayaresa, nanso ebinom befi hɔ akɔ no, na wɔanya daa nkwa ho anidaso!

YƐTETEE YƐN MMA MA WƆDƆƆ YEHOWA

Yɛbɔɔ mmɔden sɛ yɛbɛboa yɛn mmabarima ne yɛn mmabea no ama wɔadɔ Yehowa na wɔafi wɔn komam asom no. Ná yɛtaa to nsa frɛ anuanom a yɛn mma no betumi asua nneɛma pa afi wɔn hɔ ba yɛn fie. Wɔn mu baako a na ɔtaa bɛsra yɛn ne me nuabarima Grigory. Ɔyɛɛ ɔmansin sohwɛfo fii afe 1970 kosii afe 1995. Sɛ ɔbɛsra yɛn a, na abusua no ani gye paa efisɛ na ne ho yɛ anika, na na oyi aseresɛm. Sɛ yenya ahɔho a, na yɛtaa di agorɔ a wɔde Bible mu nsɛm ahyehyɛ. Enti yɛn mma no nyinyinii no, na wɔn ani gye Bible mu abakɔsɛm ho.

Me mmabarima ne wɔn yerenom.

Efi benkum kɔ nifa, akyi: Yaroslav, Pavel, Jr., Vitaly

Anim: Alyona, Raya, Svetlana

Afe 1987 no, yɛn babarima Yaroslav tu kɔɔ Riga wɔ Latvia. Ɛhɔ deɛ, na otumi ka asɛmpa no wɔ baguam. Nanso, bere a ɔkae sɛ ɔrenkɔ sraadi no, wobuu no fɔ de no too afiase afe baako ne fã. Wɔde no kɔɔ afiase ahorow nkron mu. Ná maka nea mafa mu wɔ afiase akyerɛ no, na ɛno boaa no ma otumi gyinaa nea ohyiae no ano. Akyiri yi, ɔbɛyɛɛ ɔkwampaefo. Afe 1990, bere a yɛn babarima Pavel dii mfe 19 no, na ɔpɛ sɛ ɔkɔyɛ akwampae adwuma wɔ Sakhalin. Ɛyɛ supɔw bi a ɛda Japan atifi fam. Mfiase no, na yɛmpɛ sɛ ɔkɔ. Ná adawurubɔfo 20 pɛ na wɔwɔ supɔw no so. Afei nso, efi baabi a yɛwɔ no rekɔ supɔw no so tenten bɛboro akwansin 5,500 (kilomita 9,000). Nanso, ewiee ase no, yɛpenee so, na yehui sɛ ɛyɛ gyinae pa. Supɔw no sofo tiee Ahenni ho asɛmpa no. Mfe kakraa akyi no, wonyaa asafo nwɔtwe wɔ hɔ. Pavel yɛɛ akwampae adwuma wɔ Sakhalin kosii afe 1995. Saa bere no, na yɛn babarima kumaa, Vitaly, nko ara na ɔne yɛn te. Efi ne mmofraase nyinaa na ɔpɛ Bible akenkan paa. Odii mfe 14 no, ofii ase yɛɛ akwampae adwuma, na me ne no yɛɛ akwampae adwuma mfe mmienu. Yɛn ani gyei saa bere no paa. Bere a Vitaly dii mfe 19 no, ɔkɔyɛɛ ɔkwampaefo titiriw.

Afe 1952 no, KGB sraani bi ka kyerɛɛ Maria sɛ: “Gyae w’asɔre no, anyɛ saa a wobɛda mu mfe du. Wubefi afiase aba no, na woabɔ aberewa, na wobɛyɛ ankonam.” Nanso, amma saa koraa. Yehui sɛ yɛn Nyankopɔn Yehowa a ɔyɛ ɔnokwafo no dɔ yɛn, na yɛn mma ne nnipa a yɛaboa wɔn ama wɔabehu nokware no nso dɔ yɛn. Mmeae a yɛn mma no ayɛ asɛmpaka adwuma wɔ hɔ pɛn no, me ne Maria kɔsrasraa hɔ maa yɛn ani gyei. Yɛkɔɔ hɔ no, yehui sɛ nkurɔfo a yɛn mma no aboa wɔn ama wɔabehu Yehowa no wɔ anisɔ paa.

YƐN ANI ASƆ PAPA A YEHOWA AYƐ YƐN

Afe 1991 no, aban no gyee Yehowa Adansefo toom wɔ mmara mu. Wei ma yenyaa ahoɔden foforo de kaa asɛmpa no. Yɛn asafo no tɔɔ bɔs mpo a yebetumi de akɔka asɛmpa no wɔ nkurow ne nkuraa a ɛbɛn hɔ Memeneda ne Kwasida biara.

Me ne me yere, afe 2011

Yaroslav ne ne yere Alyona, ne Pavel ne ne yere Raya, yɛ adwuma wɔ Betel. Vitaly ne ne yere Svetlana nso reyɛ ɔmansin adwuma. Yɛn babea panyin Irina ne n’abusua te Germany. Irina kunu Vladimir ne wɔn mmabarima baasa nyinaa yɛ asafo mu mpanyimfo. Yɛn babea Olga nso te Estonia, na ɔtaa frɛ me. Awerɛhosɛm ne sɛ, me yere a ɔda me koma so, Maria, wui afe 2014. Mehwɛ kwan paa sɛ mɛsan ahu no bio wɔ owusɔre mu! Seesei mete Belgorod, na anuanom a wɔwɔ ha no nsi me fam koraa.

Mfe pii a mede asom Yehowa no ama mahu sɛ, sɛ wopɛ sɛ wudi Yehowa nokware a, woremfa no ahogono. Nanso Yehowa bɛma woanya akomatɔyam, na wubehu sɛ woanya agyapade a ɛsom bo paa. Me ne Maria dii nokware, na ɛso nhyira a yɛanya deɛ, yɛanna anso ho dae da! Ansa na USSR regu afe 1991 no, na adawurubɔfo a wɔwɔ hɔ bɛyɛ 40,000 ne akyiri. Ɛnnɛ, aman a kan no na ɛbom yɛ Soviet Union no, adawurubɔfo a ɛwɔ hɔ boro 400,000! Seesei madi mfe 83, na meda so yɛ asafo mu panyin. Yehowa aboa me ama makɔ so adi nokware bere nyinaa. Anokwa, Yehowa ahyira me pii.​—Dw. 13:5, 6.

^ nky. 4 Russia kasa mu no, KGB gyina hɔ ma Soviet Ɔman Bammɔ Agyinatukuw.