Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASETENAM NSƐM

Masi Me Bo Sɛ Meremma Me Nsam Ngow

Masi Me Bo Sɛ Meremma Me Nsam Ngow

“PAAPA,” “PAPA,” “WƆFA.” Saa ara na mmabun a wɔwɔ Betel no pii taa frɛ me. Madi mfe 89, enti wɔfrɛ me saa a, m’ani gye. Wɔfrɛ me saa a, ɛma mihu sɛ wɔdɔ me, na mefa no sɛ mfe 72 a mede ayɛ bere nyinaa som adwuma no na Yehowa ahwɛ ho ahyira me. Osuahu a manya wɔ Onyankopɔn som mu nti, mitumi fi me komam ma mmabun awerɛhyem sɛ, ‘sɛ moamma mo nsam angow a, mubenya mo adwuma no so akatua.’—2 Be. 15:7.

M’AWOFO NE ME NUANOM

M’awofo fii Ukraine kɔtenaa Canada. Wɔtenaa Rossburn; ɛyɛ kurow a ɛwɔ Manitoba mantam mu. Ná me maame dɔ yɛn. Ɔwoo mmarima 8 ne mmea 8; ntafo nnim. Me na meto so 14. Ná Paapa ani gye Bible ho, enti na ɔkenkan kyerɛ yɛn Kwasida anɔpa biara. Nanso, na ɛyɛ no sɛ nyamesom yɛ ɔkwan a nkurɔfo fa so pɛ sika. Ɛno nti, na ɔtaa de yɛ aseresɛm sɛ “asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma a Yesu yɛe no, hena na na otua no ka?”

Akyiri yi, me nuanom nwɔtwe gyee nokware no; mmarima nnan, mmea nnan. Me nuabea Rose yɛɛ akwampae adwuma kosii sɛ owui. Aka kakra ama wawu no, ɔhyɛɛ obiara nkuran sɛ ontie Onyankopɔn Asɛm. Ná ɔka sɛ, “Mepɛ sɛ mihu mo wɔ wiase foforo no mu.” Kan no, sɛ na me nuabarima panyin Ted reka nyamesɛm a, na hellgya ho asɛm ara na ɔka. Kwasida anɔpa biara na ɔkasa wɔ radio so kyerɛ n’atiefo denneennen sɛ wɔbɛyɛ abɔnefo ayayade daa wɔ ogya a ɛrennum da mu. Nanso, ɔbɛyɛɛ Yehowa somfo nokwafo a ɔyɛ nsi.

SƐNEA MIFII BERE NYINAA SOM ADWUMA ASE

Da koro bi, June 1944 no, bere a mifi sukuu baa fie no, mihuu nhomawa bi a wɔato din The Coming World Regeneration * (Wiase Foforo a Ɛreba) sɛ ɛda pon a esi yɛn adididan mu so. Mekenkan kratafa a edi kan ne nea ɛto so mmienu; afei na mintumi mfa nto hɔ. Bere a mekenkan nhomawa no nyinaa wiei no, na mahu nea mɛyɛ; na mepɛ sɛ mesom Yehowa sɛnea Yesu yɛe no.

Ɛyɛɛ dɛn na nhomawa no bɛdaa yɛn pon so? Me nua panyin Steve kaa sɛ, mmarima mmienu bi a “wɔretɔn” nhoma ne nhomawa na wɔbaa yɛn fie ha. Ɔtoaa so kaa sɛ: “Nea enti a metɔɔ saa nhomawa no ne sɛ, na ne bo yɛ fo.” Mmarima no san bae Kwasida a edi hɔ no. Wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ wɔyɛ Yehowa Adansefo, na wɔde Bible bua nsɛmmisa biara a obi wɔ. Yɛn ani gyee ho, efisɛ na yɛn awofo atete yɛn ama yɛahu sɛ ɛsɛ sɛ yenya obu ma Onyankopɔn Asɛm. Mmarima mmienu no san ka kyerɛɛ yɛn sɛ, ɛrenkyɛ Adansefo no bɛyɛ ɔmantam nhyiam wɔ Winnipeg. Saa kurow no mu na na me nuabea Elsie te. Meyɛɛ m’adwene sɛ mɛkɔ ɔmantam nhyiam no bi.

Metenaa me sakre so twaa kwan bɛyɛ akwansin 200 (kilomita 320) kɔɔ Winnipeg. Nanso, migyinaa kwan mu wɔ Kelwood; ɛhɔ na na Adansefo mmienu a wɔbaa yɛn fie no te. Bere a mewɔ hɔ no, mekɔɔ asafo nhyiam, na ɛhɔ na mihuu nea wɔka asafo a ɛkyerɛ. Mesan nso behui sɛ, ɛsɛ sɛ ɔbarima biara, ɔbea biara, ne ɔbabun biara yɛ afie afie nkyerɛkyerɛ adwuma no bi sɛnea Yesu yɛe no.

Mihyiaa me nuabarima panyin Jack wɔ Winnipeg. Ná watwa kwan fi Ontario atifi fam aba ɔmantam nhyiam no bi. Nhyiam no da a edi kan no, onua bi maa nkaebɔ sɛ wɔbɛbɔ nkurɔfo asu wɔ nhyiam no ase. Me ne Jack sii gyinae sɛ yɛbɛbɔ asu wɔ saa nhyiam no ase. Ná yɛn mmienu asi yɛn bo sɛ, sɛ yefi nhyiam no ase ara pɛ a, yɛbɛyɛ akwampae adwuma wɔ yɛn asubɔ akyi. Bere a yewiee nhyiam no ara pɛ, Jack de ne ho hyɛɛ bere nyinaa som adwuma mu. Ná madi mfe 16, na na ɛsɛ sɛ mesan kɔ sukuu. Nanso afe a edi hɔ no, me nso mebɛyɛɛ daa kwampaefo.

MISUAA NNEƐMA PII

Me ne Stan Nicolson hyɛɛ akwampae adwuma ase wɔ Souris; ɛyɛ kurow bi a ɛwɔ Manitoba mantam mu. Ankyɛ koraa na mihui sɛ woreyɛ akwampae adwuma a, ɛnyɛ daa na nneɛma bɛkɔ yiye. Yehui sɛ na yɛn sika resa, nanso yɛkɔɔ so kaa asɛmpa no. Da bi, yɛkɔɔ asɛnka da mũ nyinaa. Bere a yɛpɔnee a yɛrekɔ fie no, na kaprɛ mpo nna yɛn bɔtɔ mu; na ɔkɔm nso de yɛn pa ara. Hwɛ sɛnea yɛn ho dwiriw yɛn bere a yehui sɛ kotoku kɛse bi a aduan ahyɛ no mã si yɛn pon ano! Ɛde besi nnɛ, yennim onipa a ɔde besii hɔ. Saa anwummere no, yedidii sɛ ahemfo. Esiane sɛ yɛamma yɛn nsam angow nti, hwɛ akatua a yenyae! Nokwasɛm ne sɛ, bosome no awiei no, na me mu ayɛ duru sen bere biara wɔ m’asetenam.

Abosome kakraa bi akyi no, wɔde yɛn kɔɔ kurow bi a wɔfrɛ no Gilbert Plains; ɛwɔ Souris atifi. Efi Souris rekɔ hɔ bɛyɛ akwansin 150 (kilomita 240). Saa bere no, na asafo biara wɔ akontaabu pon kɛse bi bɔ asɛnka agua so. Ná wɔhyehyɛ asɛnka adwuma a asafo no yɛ bosome biara wɔ so. Bosome bi a asɛnka adwuma no kɔɔ fam no, memaa ɔkasa bi. Misii so dua sɛ, ehia sɛ anuanom yere wɔn ho yɛ pii. Yɛpɔn asafo nhyiam no, onuawa kwampaefo bi a n’ani afi a ne kunu nni nokware no mu baa me nkyɛn. Ɔde nusu ka kyerɛɛ me sɛ, “Mebɔɔ mmɔden biara, nanso nea metumi nyinaa na meyɛe no.” Ɛmaa me nso misui, na mepaa no kyɛw.

Sɛnea na midi mfomso no, ɛnyɛ den koraa sɛ anuanom mmerante a wɔwɔ ahoɔden betumi ayɛ saa ara, na afei wɔanu wɔn ho. Nanso, mahu sɛ, sɛ wudi mfomso a, ɛnsɛ sɛ woma wo nsam gow, na mmom ɛsɛ sɛ wusua biribi fi mu na wotoa so yɛ wo som adwuma. Sɛ wokɔ so di nokware a, wubenya so akatua.

APEREPEREDI A ƐKƆƆ SO WƆ QUEBEC

Mekɔɔ Gilead Sukuu adesuakuw a ɛto so 14 no bi; yewiee February 1950. Saa bere no, na madi mfe 21; ná wei yɛ hokwan kɛse pa ara! Yɛn adesuakuw no, wɔkyɛ mu nnan a, wɔde emu baako kɔɔ Quebec mantam a ɛwɔ Canada a wɔka France kasa no. Adansefo no som nti, na wɔtaa wɔn denneennen wɔ hɔ. Wɔde me kɔɔ Val-d’Or. Ɛyɛ kurow a na wotu sika kɔkɔɔ wɔ mu. Da bi, yɛkɔɔ asɛnka wɔ akuraa bi a ɛbɛn yɛn a wɔfrɛ no Val-Senneville. Ɔsɔfo a ɔwɔ hɔ no hunahunaa yɛn sɛ, sɛ yɛamfi hɔ ntɛm ara a, obepira yɛn. N’ahunahuna no maa mede asɛm no kɔɔ asɛnnibea. Wɔbɔɔ ɔsɔfo no ka. *

Saa asɛm no ne foforo pii a ɛte saa ka “Apereperedi a Ɛkɔɔ So Wɔ Quebec” no ho. Ná Roma Katolek Asɔre no agye Quebec mantam no abɔ so bɛboro mfe 300. Asɔfo no ne amanyɔfo a wɔwɔ hɔ yɛɛ baako taa Yehowa Adansefo. Ná nneɛma mu yɛ den saa bere no, na na yɛnnɔɔso nso. Nanso, yɛamma yɛn nsam angow. Quebecfo a wɔwɔ koma pa tiee asɛmpa no. Me ne nkurɔfo bebree suaa ade ma wogyee nokware no. Me ne abusua bi a emufo yɛ du suaa Bible. Abusua no mufo nyinaa fii ase som Yehowa. Akokoduru a wɔdaa no adi no hyɛɛ afoforo nkuran ma wogyaee Katolek Asɔre no. Yɛkɔɔ so kaa asɛmpa no, na awiei koraa no, yedii nkonim wɔ apereperedi no mu!

YƐTETEE ANUANOM MMARIMA WƆ WƆN ANKASA KUROM KASA MU

Afe 1956 no, wɔde me kɔɔ Haiti sɛ menkɔsom wɔ hɔ. Ná ɛyɛ den ma asɛmpatrɛwfo a wɔaba hɔ foforo no sɛ wobesua France kasa no, nanso nkurɔfo tiee asɛmpa no. Ɔsɛmpatrɛwfo Stanley Boggus kaa sɛ, “Ɛyɛɛ yɛn nwonwa sɛ ɛhɔfo no yɛɛ nea wobetumi biara sɛ wɔbɛboa yɛn ama yɛasua kasa no.” Mfiase no, na nneɛma kɔ yiye ma me, efisɛ na masua France kasa no wɔ Quebec. Nanso, ankyɛ koraa na yehui sɛ Creole kasa a wɔka wɔ Haiti no nko ara na anuanom a wɔwɔ hɔ dodow no ara ka. Enti sɛ yɛn a yɛyɛ asɛmpatrɛwfo no betumi akyerɛkyerɛ yiye a, na ɛsɛ sɛ yesua ɛhɔ kasa no. Yɛyɛɛ saa, na yɛn brɛ anyɛ kwa.

Nea ɛbɛyɛ na yɛakɔ so aboa anuanom no, Akwankyerɛ Kuw no penee so sɛ yɛnkyerɛ Ɔwɛn-Aban ne Bible ho nhoma foforo ase nkɔ Creole kasa a wɔka wɔ Haiti mu. Nnipa dodow a na wɔba asafo nhyiam kɔɔ anim ntɛmntɛm wɔ ɔman no mu nyinaa. Afe 1950 no, na adawurubɔfo 99 na wɔwɔ Haiti, nanso eduu afe 1960 no, na adawurubɔfo no dodow akɔ anim ma wɔboro 800! Saa bere no na wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ menkɔsom wɔ Betel. Afe 1961 no, wɔyɛɛ Ahenni Som Sukuu wɔ hɔ, na meka wɔn a wɔkyerɛɛ ade no ho. Yetumi tetee asafo mu mpanyimfo ne akwampaefo titiriw 40. Ɔmantam nhyiam a yɛyɛe January 1962 no, yɛhyɛɛ anuanom a wɔwɔ hɔ a wɔfata no nkuran sɛ wɔntrɛw wɔn som adwuma mu, na wɔpaw ebinom sɛ akwampaefo titiriw. Wei bae wɔ bere a ɛsɛ mu, efisɛ na ɔsɔretia rebobɔ ba.

January 23, 1962, bere a yɛyɛɛ ɔmantam nhyiam wiei ara pɛ, wɔbɛkyeree me ne ɔsɛmpatrɛwfo Andrew D’Amico wɔ baa dwumadibea hɔ. Wɔfaa January 8, 1962 Nyan! (France kasa mu de) a na yɛwɔ nyinaa. Ná Nyan! nsɛmma nhoma no afa France atesɛm nkrataa mu asɛm bi aka sɛ nkurɔfo som abosom wɔ Haiti. Ebinom ani annye saa asɛm no ho, na wɔkae sɛ, yɛn na yɛkyerɛw saa asɛm no wɔ yɛn baa dwumadibea hɔ. Adapɛn bi akyi no, wɔpamoo asɛmpatrɛwfo no fii ɔman no mu. * Nanso, anuanom a wofi hɔ a yɛatete wɔn no toaa adwuma no so ma ɛyɛɛ nwonwa. Ɛnnɛ, me ne wɔn nyinaa ani agye sɛ wogyinaa pintinn na wɔn gyidi yɛɛ den. Seesei wɔanya Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase mpo wɔ Creole kasa a wɔka wɔ Haiti mu. Ɛyɛ biribi a yɛanna anso ho dae saa bere no.

YESISII ADAN WƆ CENTRAL AFRICAN REPUBLIC

Bere a mesomee wɔ Haiti wiei no, wɔde me kɔɔ Central African Republic sɛ menkɔsom sɛ ɔsɛmpatrɛwfo. Akyiri yi, minyaa hokwan somee wɔ hɔ sɛ ɔhwɛfo kwantufo, na ɛno akyi no, mesomee sɛ baa dwumadibea sohwɛfo.

Saa bere no, na Ahenni Asa pii a ɛwɔ hɔ nni mũ. Misuaa sɛnea wotwa sare wɔ wuram ne sɛnea wɔde bɔ dan so. Sɛ nkurɔfo retwam na wohu sɛnea merebɔ mmɔden sɛ mesua adwuma foforo yi a, na wogyina hwɛ me. Ɛhyɛɛ anuanom nkuran ma wɔboa sii wɔn ankasa Ahenni Asa ahorow, na wosiesiei. Ná ɛhɔnom asɔre mpanyimfo di yɛn ho fɛw, efisɛ na wɔde nkyɛnsee na abɔ wɔn asɔredan ahorow so; yɛn de, sare na na yɛde abɔ Ahenni Asa ahorow so. Wei anhaw yɛn, na yɛkɔɔ so yɛɛ asafo nhyiam wɔ Ahenni Asa ahorow a na yɛde sare abɔ so no so. Bere a ahum kɛse bi tui wɔ Bangui, wɔn ahenkurow no mu no, wogyaee yɛn ho fɛw di. Ahum no tuu nkyɛnsee a ɛbɔ asɔredan bi so kɔhwee ɔkwan kɛse a ɛda kurow no mu so. Sare a na ɛbɔ yɛn Ahenni Asa ahorow so no antu. Nea ɛbɛyɛ na yɛatumi ahwɛ Ahenni adwuma no so yiye no, yɛde abosome nnum pɛ sii baa dwumadibea foforo ne asɛmpatrɛwfo fie. *

MINYAA ƆHOKAFO A ƆYƐ NSI NE NO BƆƆ BRA

Yɛn ayeforohyia da

Afe 1976 no, wɔbaraa Ahenni adwuma no wɔ Central African Republic, na wɔde me kɔɔ Chad a ɛbɛn hɔ no ahenkurow N’Djamena mu. Biribi pa fii mu bae; ɛhɔ na mihyiaa Happy. Ná ɔyɛ ɔkwampaefo titiriw mmɔdenbɔfo a ofi Cameroon. Yɛwaree April 1,1978. Saa bosome no ara na ɔmanko sii, na sɛnea nkurɔfo pii yɛe no, yɛn nso yeguan kɔɔ ɔman no anafo fam. Bere a ɔko no baa awie a yɛsan kɔɔ yɛn akyi no, yekohui sɛ atuatewfo dɔm bi de yɛn fie no ayɛ wɔn asoɛe. Yɛn nhoma a na ɛwɔ hɔ, atade a Happy hyɛ de yɛɛ ayeforo, ne nneɛma a yɛwaree nkurɔfo de bɛkyɛɛ yɛn nyinaa, na ne nyinaa ayera. Nanso, yɛamma yɛn nsam angow. Ná yɛn mmienu nyinaa te nkwa mu, na na yɛhwɛ kwan sɛ yɛbɛkɔ so ayɛ ɔsom adwuma no.

Bɛyɛ mfe mmienu akyi no, woyii nsa a wɔde too yɛn adwuma no so wɔ Central African Republic no. Yɛsan kɔɔ hɔ kɔyɛɛ akwantu adwuma. Ná kar bi na ɛyɛ yɛn fie. Nneɛma a na ɛwom yɛ mpa a wɔbobɔ, ankora a etumi fa nsu galɔn 53 (lita 200), frigye ne sutof a ɛde mframagya yɛ adwuma. Ná akwantu yɛ den. Da bi a yɛretu kwan no, polisifo hwehwɛɛ yɛn nneɛma mu bɛyɛ mpɛn 117.

Ná ewim tumi yɛ hyew kodu digrii Celsius 50. Yɛreyɛ amansin nhyiam a, ɛtɔ da a, na ɛyɛ den sɛ yebenya nsu abɔ asu. Enti na anuanom tutu nsubura wɔ nsubon a emu nsu ayow mu. Afei na wɔsesaw nsu no nkakrankakra ma wonya nea wɔde bɛbɔ asu; ná wɔtaa bɔ asu wɔ ankora mu.

YƐKƆƆ AFRIKA AMAN FOFORO SO KƆYƐƐ ƆSOM ADWUMA

Afe 1980 no, wɔde yɛn kɔɔ Nigeria. Yedii mfe mmienu ne fã wɔ hɔ. Yɛboa ma wɔyɛɛ baa dwumadibea foforo a na wɔrebesi ho nhyehyɛe. Ná anuanom atɔ adekoradan bi. Ná ɛyɛ abansoro dan a na wobetutu akɔhyehyɛ asi yɛn asase no so. Da koro anɔpa, meforo kɔɔ ɔdan no soro pa ara sɛ merekɔboa ama wɔatutu. Ɛreyɛ abɔ awia dumienu no, meyɛe sɛ merefa baabi a mefa foroe no asi fam. Nanso, esiane sɛ na yɛretutu ɔdan no nti na nneɛma asesa. Enti mituu me nan no, mannya baabi amfa ansi, na mehwee ase. Bere a wokotwaa me mfoni hwɛe no, dɔkota no ka kyerɛɛ Happy sɛ: “Nsuro. Ne ntini bi na emu atetew kɛkɛ, na bɛyɛ nnawɔtwe baako akyi, ne ho bɛtɔ no.”

Yɛte “lɔre” mu rekɔ ɔmansin nhyiam

Afe 1986 no, wɔde yɛn kɔɔ Côte d’Ivoire ma yɛkɔyɛɛ akwantu adwuma. Ná yɛsom asafo ahorow no ara kodu Burkina Faso. Manna annwen ho da sɛ mfe bi akyi no, na yɛbɛkɔ akɔtena Burkina kakra.

Bere a na yɛreyɛ akwantu adwuma no, kar na na yɛde ayɛ yɛn fice

Mifii Canada afe 1956. Mfe 47 akyi no, afe 2003 no, wɔsan de me kɔɔ Canada; saa bere yi de, me ne Happy na ɛkɔe, na yɛkɔsomee wɔ Betel. Nkrataa so de, na yɛyɛ Canadafo, nanso na yɛte nka sɛ yefi Afrika.

Me ne obi resua Bible wɔ Burkina Faso

Afei afe 2007, bere a na madi mfe 79 no, yɛsan kɔɔ Afrika bio! Wɔde yɛn kɔɔ Burkina Faso. Mekɔkaa ɔman boayikuw a ɛwɔ hɔ no ho. Akyiri yi, wɔde ɔfese no yɛɛ baabi a wɔkyerɛ kasa ase. Ɛhyɛ Benin baa dwumadibea ase. August 2013 no, wɔde yɛn kɔɔ Benin Betel.

Me ne Happy, bere a na yɛresom wɔ Benin baa dwumadibea

Minni ahoɔden, nanso asɛnka adwuma no da so ara da me koma so. Mfe mmiɛnsa a atwam no, asafo mu mpanyimfo ayi wɔn yam aboa me, na me yere nso de ɔdɔ ataa m’akyi; m’ani agye sɛ mahu sɛ me Bible asuafo mmienu, Gédéon ne Frégis, abɔ asu. Seesei wɔde nsi resom Yehowa.

Afei, wɔde me ne me yere kɔɔ South Africa baa dwumadibea; Betel abusua no ayi wɔn yam rehwɛ me yare. South Africa yɛ ɔman a ɛto so nson wɔ Africa a manya hokwan asom wɔ hɔ. Afei October 2017 no, yenyaa nhyira kɛse bi. Wɔrehyira wiase nyinaa adwumayɛbea ti no so wɔ Warwick, New York no, yetumi kɔɔ bi. Wei yɛ biribi a yɛn werɛ remfi da!

Afe 1994 Yearbook no ka wɔ kratafa 255 sɛ: “Anuanom a mode nokwaredi asom mfe pii no, yetu mo nyinaa fo sɛ: ‘Momma mo bo nyɛ duru, na mommma mo nsam nngow, efisɛ mubenya mo adwuma no so akatua.’—2 Be. 15:7.” Me ne Happy asi yɛn bo sɛ yebetie saa afotu yi na yɛahyɛ afoforo nkuran sɛ wɔn nso nyɛ saa ara.

^ nky. 9 Yehowa Adansefo na wotintimii wɔ afe 1944. Seesei de, wɔagyae tintim.

^ nky. 18 Hwɛ asɛm bi a epuee November 8, 1953, Nyan!, Borɔfo de no mu, kr. 3-5. N’asɛmti ne “Quebec Priest Convicted for Attack on Jehovah’s Witnesses” (Wɔabu Quebec Sɔfo Bi Fɔ Sɛ Ɔtow Hyɛɛ Yehowa Adansefo So).

^ nky. 23 Wɔaka wei ho nsɛm pii wɔ afe 1994 Yearbook of Jehovah’s Witnesses mu, kr. 148-150.

^ nky. 26 Hwɛ asɛm bi a epuee May 8, 1966, Nyan! Borɔfo de no mu, kr. 27. N’asɛmti ne “Building on a Solid Foundation” (Ɔdan a Wɔto Sii Fapem a Ɛyɛ Den So).