Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wunim Nokware a Ɛwɔ Asɛm No Mu?

Wunim Nokware a Ɛwɔ Asɛm No Mu?

“Sɛ obi bua asɛm ansa na wate a, ɛyɛ nkwaseasɛm ne animguase ma no.”—MMEB. 18:13.

NNWOM: 126, 95

1, 2. (a) Dɛn na ehia sɛ yetumi yɛ, na adɛn ntia? (b) Dɛn na yɛbɛka ho asɛm wɔ adesua yi mu?

YƐN a yɛyɛ nokware Kristofo no, ehia sɛ yetumi hwehwɛ asɛm bi mu hu mu yiye na yesisi gyinae pa. (Mmeb. 3:21-23; 8:4, 5) Sɛ yɛantumi anyɛ saa a, ɛrenyɛ den koraa sɛ Satan ne ne wiase no bɛsɛe yɛn adwene. (Efe. 5:6; Kol. 2:8) Sɛ yehu nokware a ɛwɔ asɛm bi mu nkutoo a, ɛnna yebetumi asi gyinae pa. Mmebusɛm 18:13 ka sɛ, “sɛ obi bua asɛm ansa na wate a, ɛyɛ nkwaseasɛm ne animguase ma no.”

2 Sɛ yɛpɛ sɛ yehu nokware a ɛwɔ asɛm bi mu na yesi gyinae pa a, ɛrenyɛ mmerɛw. Yɛbɛhwɛ nea enti a ɛte saa no bi wɔ adesua yi mu. Afei nso, yɛbɛhwɛ Bible mu nnyinasosɛm ne nhwɛso ahorow a ebetumi aboa yɛn ama yɛahwehwɛ asɛm bi mu yiye.

NNYE “NSƐM NYINAA” NNI

3. Adɛn nti na ehia sɛ yɛde Bible nnyinasosɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 14:15 yɛ adwuma? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

3 Ɛnnɛ, sɛ́ nkurɔfo de nsɛm repuapua nnipa ara ni. Intanɛt wɛbsaet, television, ne afoforo a wɔbɔ nsɛm ho dawuru de nsɛm a enni ano to gua. Nnipa pii nso wɔ hɔ a, wɔn nnamfo ne amannifo a wɔpɛ wɔn asɛm de e-mail, text message, ne nsɛm foforo guan wɔn ho. Esiane sɛ nkurɔfo hyɛ da pete nsɛm a ɛnyɛ nokware ne nsɛm a ɛma nkurɔfo adwene tu fra nti, sɛ yɛte asɛm bi a, ehia sɛ yɛyɛ ahwɛyiye na yɛtɔ yɛn bo ase hwehwɛ mu. Bible nnyinasosɛm bɛn na ɛbɛboa yɛn? Mmebusɛm 14:15 ka sɛ: “Ogyimfo gye nsɛm nyinaa di, na onitefo hwɛ n’anammɔn yiye.”

4. Sɛn na Filipifo 4:8, 9 boa yɛn ma yehu asɛm a ɛsɛ sɛ yɛkenkan, na adɛn nti na ehia sɛ yenya nsɛm a ɛyɛ nokware? (Hwɛ adaka a wɔato din “ Baabi a Yebetumi Anya Nsɛm a Ɛyɛ Nokware.”)

4 Sɛ yebetumi asisi gyinae pa a, ehia sɛ yehu asɛm bi mu yiye. Enti, ɛnyɛ biribiara a yɛn nsa bɛka na ɛsɛ sɛ yɛkenkan, na mmom ehia sɛ yɛyɛ nyiyim pa ara. (Kenkan Filipifo 4:8, 9.) Ɛnsɛ sɛ yɛsɛe bere kɔ Intanɛt wɛbsaet a asɛm wɔ ho kɔhwɛ nneɛma anaa kotie nsɛm wɔ hɔ. Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ yɛkenkan nsɛm bi a adanse biara nni ho a nkurɔfo de fa e-mail so brɛ yɛn. Ɛnsɛ sɛ yɛkɔ awaefo wɛbsaet biara. Wɔn botae ara ne sɛ wobebu Onyankopɔn nkurɔfo abam na wɔakyinkyim nokware no. Asɛm a enni nnyinaso bɛma yɛasisi gyinae bɔne. Ɛnsɛ sɛ wunya adwene da sɛ nnaadaasɛm rentumi nsɛe w’adwene ne wo koma.—1 Tim. 6:20, 21.

5. Amanneɛbɔ a ɛnyɛ nokware bɛn na Israelfo no tee, na ɛkaa wɔn sɛn?

5 Sɛ yegye amanneɛbɔ a ɛnyɛ nokware di a, ebetumi adi yɛn awu. Yɛnhwɛ asɛm bi a esii wɔ Mose bere so. Bere a mmarima 12 a wɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔhwɛ Bɔhyɛ Asase no bae no, wɔn mu 10 amfa amanneɛbɔ pa amma. (Num. 13:25-33) Sɛnea wɔhããhãã wɔn ani guguu nsɛm mu no maa ehu kaa Yehowa nkurɔfo pa ara. (Num. 14:1-4) Adɛn nti na ehu kaa nkurɔfo no saa? Mmarima a wɔsomaa wɔn no, dodow no ara amfa amanneɛbɔ pa amma, enti ɛbɛyɛ sɛ nkurɔfo no adwene yɛɛ wɔn sɛ, wɔn na wɔn asɛm yɛ nokware. Amanneɛbɔ pa a Yosua ne Kaleb a wɔyɛ anokwafo de bae no de, nkurɔfo no antie. (Num. 14:6-10) Sɛ́ anka a wɔbɛhwehwɛ nokware a ɛwɔ asɛm no mu na wɔde wɔn ho ato Yehowa so no, amanneɛbɔ a ɛnyɛ nokware no mmom na wogye dii. Nyansa nnim koraa sɛ wɔyɛɛ saa!

6. Sɛ yɛte sɛ nkurɔfo reka Yehowa asomfo ho asɛm yayaayaw a, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa?

6 Sɛ yɛte Yehowa nkurɔfo ho asɛm bi a, ehia sɛ yɛyɛ ahwɛyiye pa ara. Ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi da sɛ Satan toto Onyankopɔn asomfo anokwafo ano. (Adi. 12:10) Enti, Yesu bɔɔ kɔkɔ sɛ nkurɔfo a wɔmpɛ yɛn asɛm ‘bedi atoro aka asɛmmɔne biara’ ato yɛn so. (Mat. 5:11) Sɛ yɛfa saa kɔkɔbɔ no aniberesɛm, na yɛte sɛ nkurɔfo reka Yehowa asomfo ho asɛm yayaayaw a, ɛrenyɛ yɛn nwonwa.

7. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛde e-mail anaa text message kɔma obi a, dɛn na ehia sɛ yesusuw ho?

7 Woyɛ obi a wotaa de e-mail ne text message kɔma wo nnamfo ne nkurɔfo a wunim wɔn anaa? Sɛ saa a, ɛnde sɛ wuhu asɛm foforo bi a nsɛm ho amanneɛbɔfo de ato gua anaa wote asɛm bi a, anhwɛ a wobɛyɛ w’ade sɛ ɔsɛnkyerɛwfo bi a ɔpɛ sɛ odi kan de asɛm a obiara repɛ atie to gua. Nanso, ansa na wode text message anaa e-mail bɛkɔ akɔma obi no, bisa wo ho sɛ: ‘Migye di pa ara sɛ asɛm a mede rekɔma nkurɔfo yi yɛ nokware? Minim nokware a ɛwɔ asɛm no mu pa ara?’ Sɛ wo tirim nteɛ wo a, anhwɛ a w’ani bɛba wo ho so no na woapete atosɛm wɔ yɛn nuanom mu. Enti, sɛ w’adwene nsi wo pi a, popa, mfa nkɔma obiara.

8. Dɛn na nkurɔfo a wɔmpɛ yɛn asɛm ayɛ wɔ aman bi so? Sɛ yɛamma yɛn ani anna hɔ a, dɛn na yɛbɛyɛ a ɛbɛkyerɛ sɛ yɛreboa wɔn?

8 Asiane wom nso sɛ yɛbɛpere yɛn ho de e-mail anaa text message akɔma afoforo. Aman bi so no, aban no de wɔn nsa ato yɛn adwuma no so anaa wɔabara yɛn. Nkurɔfo a wɔmpɛ yɛn asɛm a wɔwɔ aman a ɛte saa so betumi ahyɛ da akeka nsɛm bi sɛnea ɛbɛyɛ a yɛrennye yɛn ho yɛn ho nni anaa ɛbɛma ehu aka yɛn. Yɛnhwɛ asɛm bi a esii ɔman bi a na wɔfrɛ no Soviet Union mu. Esum ase polisifo a wɔfrɛ wɔn KGB no kekae sɛ anuanom a wɔagye din no bi ayi Yehowa nkurɔfo ama. * Anuanom pii gyee atosɛm a ɛte saa dii, enti wɔtwee wɔn ho fii Yehowa ahyehyɛde no ho. Wei yɛ awerɛhosɛm pa ara! Anigyesɛm ne sɛ, wɔn mu pii san bae, nanso ebinom ansan amma. Wɔn gyidi guu asu anaa ɛyɛɛ mmerɛw. (1 Tim. 1:19) Dɛn na yɛbɛyɛ na asɛmmɔne a ɛte saa anto yɛn? Ɛnsɛ sɛ yɛpete atosɛm anaa asɛm bi a enni nnyinaso. Nnye biribiara nni kɛkɛ anaa mma obiara nnaadaa wo. Hwɛ sɛ wunim nokware a ɛwɔ asɛm no mu.

ASƐM A ƐNYƐ NOKWARE TURODOO

9. Dɛn bio na ebetumi ama ayɛ den sɛ yebehu nokware a ɛwɔ asɛm bi mu?

9 Sɛ asɛm bi nyɛ nokware turodoo anaasɛ wɔakyinkyim no a, ɛno nso betumi ama ayɛ den sɛ yebesisi gyinae pa. Sɛ nokware a ɛwɔ asɛm bi mu yɛ 100 mu nkyekyɛm 10 a, asɛm no yɛ atosɛm. Dɛn na yɛbɛyɛ na asɛm bi a ayɛ sɛ nea nokware bi wom annaadaa yɛn?—Efe. 4:14.

10. Ɛyɛɛ dɛn na anka Israelfo ne wɔn nuanom rekɔko? Dɛn na amma wɔankɔko?

10 Yɛnhwɛ nea ɛtoo Israelfo a na wɔte Asubɔnten Yordan atɔe fam wɔ Yosua bere so. (Yos. 22:9-34) Wɔtee sɛ Israelfo a wɔte Asubɔnten Yordan apuei fam (Ruben ne Gad abusuakuw ne Manase abusuakuw fã) asi afɔremuka kɛse soronko bi wɔ Yordan ho. Ɛyɛ nokware sɛ na wɔasi afɔremuka, nanso na ɛnyɛ asɛm no nyinaa ne no. Saa asɛm yi maa Israelfo a wɔte Yordan atɔe fam no nyaa adwene sɛ wɔn nuanom a wɔwɔ apuei fam no atew Yehowa so atua. Enti Israelfo a wɔte atɔe fam no boaa wɔn ho ano sɛ wɔne Israelfo a wɔte apuei fam no rekɔko. (Kenkan Yosua 22:9-12.) Anigyesɛm ne sɛ, ansa na wɔrebɛkɔ wɔn so no, wɔsomaa mmarima anokwafo bi sɛ wɔnkɔhwehwɛ asɛm no mu nhu nokware a ɛwom. Dɛn na mmarima no hui? Wohui sɛ Israelfo a wofi Ruben ne Gad abusuakuw, ne Manase abusuakuw fã no sii afɔremuka no sɛ wɔde reyɛ nkaedum, na ɛnyɛ sɛ wɔde rebɔ afɔre. Nea enti a wosii ne sɛ daakye ɛbɛma obiara ahu sɛ na wɔn nso yɛ Yehowa asomfo anokwafo. Hwɛ sɛnea saa Israelfo no ani begye pa ara sɛ wɔannyina asɛm a ɛnyɛ nokware turodoo so ankokunkum wɔn nuanom, na mmom wogyee bere hwehwɛɛ nokware a ɛwɔ asɛm no mu!

11. (a) Ɛyɛɛ dɛn na wobuu Mefiboset atɛnkyea? (b) Dɛn na anka Dawid betumi ayɛ na wammu saa atɛnkyea yi?

11 Yɛn nso, sɛ nkurɔfo keka yɛn ho nsɛm a ɛnyɛ nokware turodoo a, ebia yɛbɛte nka sɛ wɔne yɛn anni no yiye. Yɛnhwɛ Ɔhene Dawid ne Mefiboset asɛm no. Dawid daa ayamye adi kyerɛɛ Mefiboset, na ɔyɛɛ no adɔe san de ne nanabarima Saul asase nyinaa san maa no. (2 Sam. 9:6, 7) Nanso, akyiri yi, Dawid tee Mefiboset ho asɛm bi a ɛnyɛ nokware. Dawid anhwehwɛ asɛm no mu, ɛnna ogyee Mefiboset agyapade nyinaa fii ne nsam. (2 Sam. 16:1-4) Bere a akyiri yi Dawid ne Mefiboset kasae no, Dawid huu ne mfomso, na ɔsan de Mefiboset agyapade no fã bi maa no. (2 Sam. 19:24-29) Sɛ Dawid tɔɔ ne bo ase hwehwɛɛ nokware a ɛwɔ asɛm no mu, ɛnna wampere ne ho annyina asɛm a ɛnyɛ nokware turodoo so ansi gyinae a, anka wammu saa atɛnkyea no.

12, 13. (a) Yesu yɛɛ n’ade sɛn bere a wɔkaa ne ho atosɛm no? (b) Sɛ obi keka yɛn ho atosɛm a, dɛn na yebetumi ayɛ?

12 Na sɛ obi asɛe wo din nso ɛ? Biribi a ɛte saa too Yesu ne Yohane Osuboni no. (Kenkan Mateo 11:18, 19.) Yesu yɛɛ n’ade sɛn bere a nkurɔfo kaa ne ho atosɛm no? Wansɛe ne bere ne n’ahoɔden nyinaa amfa anyi ne ho ano. Mmom, ɔhyɛɛ nkurɔfo nkuran sɛ wɔnhwɛ nea ɔyɛe ne nea ɔkyerɛkyerɛe, efisɛ ɛno na na ɛbɛma wɔahu nokware a ɛwɔ asɛm no mu. Sɛnea Yesu kae no, “nyansa nam ne nnwuma so di bem.”—Mat. 11:19.

13 Yebetumi asua biribi titiriw afi saa asɛm no mu. Ɛtɔ da a, nkurɔfo bɛka yɛn ho asɛmmɔne anaa wɔbɛkasa atia yɛn. Ebia yɛn yam a anka asɛm no mu nokware ada adi, na yenyae a anka yɛayɛ biribi de apopa dimmɔne no. Nanso, biribi wɔ hɔ a yebetumi ayɛ. Sɛ obi keka yɛn ho atosɛm a, sɛnea yɛbɔ yɛn bra no betumi ama obiara ahu sɛ saa asɛm no nyɛ nokware. Yesu asɛm no ma yehu sɛ, sɛ obi ka yɛn ho atosɛm anaa asɛm a ɛnyɛ nokware turodoo fa yɛn ho, na sɛ yɛbɔ yɛn bra sɛ Kristofo a, ɛbɛma nokware no ada adi.

SƐN NA WUHU WO HO?

14, 15. Sɛ yɛde yɛn ho to yɛn ankasa ntease so a, adɛn nti na ebetumi asum yɛn afiri?

14 Sɛ yebetumi asi gyinae pa wɔ asɛm bi ho a, ehia sɛ yehu nokware a ɛwom. Nanso, nokware a ɛwɔ asɛm bi mu a yebehu no yɛ ɔhaw baako pɛ. Yɛn sintɔ nso yɛ ɔhaw kɛse pa ara. Na sɛ yɛde mfe pii asom Yehowa nokwarem nso ɛ? Ebia yetumi susuw nneɛma ho yiye na yɛwɔ nhumu. Esiane sɛ yetumi kyerɛ yɛn adwene wɔ nneɛma ho pa ara nti, ebia nkurɔfo bu yɛn pa ara. Wei nso betumi asum yɛn afiri anaa?

15 Aane, sɛ yɛde yɛn ho to yɛn ankasa ntease so dodo a, ebetumi asum yɛn afiri. Anhwɛ a sɛnea yɛte nka wɔ asɛm bi ho anaa adwene a yɛwɔ wɔ ho na ɛbɛkyerɛ yɛn nea yɛnyɛ. Anhwɛ a yebefi ase anya adwene sɛ yebetumi ahwɛ asɛm bi ani so kɛkɛ na yɛate ase, bere mpo a yennim nokware a ɛwɔ asɛm bi mu nyinaa. Wei yɛ hu pa ara! Bible bɔ yɛn kɔkɔ sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn ho to yɛn ankasa ntease so.—Mmeb. 3:5, 6; 28:26.

16. Asɛm a ɛnyɛ nea esii ankasa yi mu no, dɛn na ɛkɔɔ so wɔ adidibea bi, na adwene bɛn na Tom nyae ntɛm ara?

16 Twa asɛm yi ho mfoni wɔ w’adwenem; wei nyɛ asɛm a esii ankasa. Tom yɛ asafo mu panyin a ne ho akokwaw. Da bi anwummere ɔkɔɔ adidibea bi. Ɔnkɔhwɛ a, ɔpanyin foforo a ne din de John na ɔne ɔbea bi a ɔnyɛ ne yere te pon bi ho yi; ne ho dwiriw no pa ara. Tom hui sɛ wɔn mmienu reserew, wɔn ani agye wɔn ho pa ara, na wɔabam wɔn ho denneennen. Asɛm no haw Tom pa ara. Enti ɔkaa wɔ ne tirim sɛ, wei de awaregyae bɛba anaa? Ɛba saa a, John yere bɛyɛ dɛn? John mma nso ɛ? Tom ahu awerɛhosɛm a ɛte saa pɛn. Sɛ wo na wuhuu nea ɛkɔɔ so no a, anka wobɛte nka sɛn?

17. Asɛm a ɛnyɛ nea esii ankasa yi mu no, dɛn na akyiri yi Tom hui, na dɛn na yebetumi asua afi mu?

17 Nanso wo de, susuw asɛm no ho kakra hwɛ. Ɛwom sɛ Tom peree ne ho nyaa adwene sɛ John anni ne yere nokware de, nanso wohwɛ a, na onim nokware a ɛwɔ asɛm no mu pa ara? Saa anwummere no ara, Tom frɛɛ John wɔ tɛlɛfon so. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Tom koma tɔɔ ne yam bere a ohui sɛ, sɛɛ na ɔbea no yɛ John nuabea a ofi kurow foforo so abɛsra no. Ná mfe pii atwam a wɔn mmienu nhyiae. Esiane sɛ na John nuabea no retwam akɔ baabi na obedi nnɔnhwerew kakra bi nti, nea John tumi yɛe ara ne sɛ obehyia ne nuabea no na ɔne no akodidi wɔ adidibea. John yere antumi ammɛka wɔn ho. Nea eye ne sɛ, adwene a ɛnteɛ a Tom nyae no, na ɔnka nkyerɛɛ obiara. Dɛn na yebetumi asua afi mu? Sɛ yɛyɛ Kristofo a yɛn ho akokwaw sɛ dɛn ara mpo a, yɛn ho a akokwaw no nko ara nkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ yɛhwehwɛ nokware a ɛwɔ asɛm bi mu.

18. Sɛ yɛne obi ani nhyia a, ɔkwan bɛn so na ɛremma yentumi nsusuw nneɛma ho yiye?

18 Sɛ yɛne obi ani nhyia wɔ asafo no mu a, ɛno nso betumi ama ayɛ den sɛ yɛbɛhwehwɛ asɛm bi a ɛfa ne ho mu yiye. Sɛ yɛkɔ so de yɛn adwene si wontwiwontwi a ɛwɔ yɛne yɛn nua bi ntam so a, ebia ɛremma yennye no nni. Enti sɛ yenya te asɛmmɔne bi fa saa onua no ho pɛ a, anhwɛ a yebegye adi ntɛm ara. Dɛn na yebetumi asua afi asɛm yi mu? Sɛ yɛde yɛn nuanom ho abufuw hyɛ yɛn mu a, ebetumi ama yɛagyina asɛm biara a enni nnyinaso so anya wɔn ho adwene a ɛnteɛ. (1 Tim. 6:4, 5) Sɛ yɛamma anibere ne ahoɔyaw annye ntini wɔ yɛn komam a, yebetumi asusuw nneɛma ho yiye. Sɛ́ anka yebenya wɔn ho adwene a ɛnteɛ no, momma yɛnkae sɛ ɛyɛ yɛn asɛde sɛ yɛdɔ yɛn nuanom na yefi yɛn komam de wɔn bɔne kyɛ wɔn korakora.—Kenkan Kolosefo 3:12-14.

BIBLE NNYINASOSƐM BƐBOA YƐN

19, 20. (a) Bible nnyinasosɛm bɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛahwehwɛ asɛm bi mu yiye? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

19 Ɛnnɛ, esiane sɛ yɛtɔ sin, na nsɛm a yɛte dodow no ara nni mũ, na ɛnyɛ nokware turodoo nti, ɛyɛ den sɛ yebehu nokware a ɛwɔ asɛm bi mu na yɛasusuw nsɛm ho yiye. Ɛwom sɛ ɛyɛ den de, nanso dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛatumi ayɛ wei? Ɛsɛ sɛ yehu Bible nnyinasosɛm na yɛde yɛ adwuma. Nnyinasosɛm baako ne sɛ, sɛ obi bua asɛm ansa na wate a, ɛyɛ nkwaseasɛm ne animguase ma no. (Mmeb. 18:13) Bible nnyinasosɛm foforo nso kae yɛn sɛ ɛnsɛ sɛ yegye nsɛm nyinaa di bere a yɛrenhwehwɛ mu. (Mmeb. 14:15) Nea etwa to, sɛ yɛyɛ Kristofo a yɛn ho akokwaw sɛ dɛn ara mpo a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛamfa yɛn ho anto yɛn ankasa ntease so. (Mmeb. 3:5, 6) Sɛ yɛpɛ sɛ yɛde nsɛm bi a yenya fii baabi a yegye di sɛ nsɛm a ɛwɔ hɔ yɛ nokware sisi gyinae pa a, Bible mu nnyinasosɛm bɛboa yɛn.

20 Nanso ɔhaw foforo wɔ hɔ. Ɛne sɛ, yɛtaa gyina nea yɛn ani hu so sisi nneɛma ho gyinae. Adesua a edi hɔ no, yɛbɛhwɛ nneɛma bi a ɛma yɛyɛ saa, na yɛahwɛ nea ɛbɛboa yɛn na yɛanyɛ saa.

^ nky. 8 Hwɛ afe 2004 Yearbook of Jehovah’s Witnesses, kr. 111-112, ne afe 2008 Yearbook, kr. 133-135.