Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 32

Momma Mo Dɔ Mmoro So

Momma Mo Dɔ Mmoro So

“Nea mekɔ so bɔ ho mpae ne sɛ mo dɔ nkɔ so mmoro so.”​—FILIP. 1:9.

DWOM 106 Momma Yennya Ɔdɔ

NEA YƐREBESUA *

1. Henanom na wɔboa ma wɔtew Filipi asafo no?

BERE a ɔsomafo Paulo, Silas, Luka, ne Timoteo duu Filipi, kurow a na ɛhyɛ Roma tumidi ase no, wonyaa nnipa pii a na wɔpɛ sɛ wotie Ahenni no ho asɛmpa no. Saa anuanom nnan a wɔyɛ nsi no boa ma wɔtew asafo wɔ hɔ, na asuafo no nyinaa fii ase hyiaa mu. Ɛbɛyɛ sɛ na wohyiam wɔ Kristoni bea bi a ɔpɛ ahɔhoyɛ a ne din de Lidia fie.—Aso. 16:40.

2. Wɔtew Filipi asafo no akyi bere tiaa bi no, nsɛnnennen bɛn na asafo no hyiae?

2 Ankyɛ na asafo foforo no hyiaa nsɛnnennen. Asɛnka adwuma a na saa Kristofo anokwafo no reyɛ no, Satan maa nkurɔfo a wɔn ani nnye nokware no ho sɔre tiaa denneennen. Wɔkyeree Paulo ne Silas hwee wɔn, na wɔde wɔn guu afiase. Bere a woyii wɔn fii afiase no, wɔkɔsraa wɔn a na afei na wɔabɛyɛ asuafo no, na wɔhyɛɛ wɔn nkuran. Ɛno akyi no, Paulo, Silas, ne Timoteo fii kurow no mu, nanso Luka de, ɛbɛyɛ sɛ ɔkaa hɔ. Nneɛma kɔɔ sɛn wɔ asafo a na wɔatew no foforo no mu? Yehowa de ne honhom boaa wɔn a na wɔabɛyɛ Kristofo no ma wɔde nsi ne ahokeka kɔɔ so yɛɛ Yehowa som adwuma no. (Filip. 2:12) Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ Paulo de wɔn hoahoaa ne ho!

3. Sɛnea Filipifo 1:9-11 ka no, dɛn na Paulo bɔɔ ho mpae?

3 Bɛyɛ mfe du akyi no, Paulo kyerɛw krataa kɔmaa asafo a ɛwɔ Filipi no. Sɛ wokenkan saa krataa no a, ɛnyɛ den koraa sɛ wubehu sɛ na Paulo dɔ ne nuanom pa ara. Ɔkyerɛwee sɛ: “Ayamhyehye a ɛte sɛ Kristo Yesu de no ara mu na m’ani agyina mo nyinaa.” (Filip. 1:8) Bere a ɔkyerɛw wɔn no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ ɔbɔ mpae ma wɔn. Ɔsrɛɛ Yehowa sɛ, ɔmmoa wɔn mma wɔn dɔ mmoro so, wɔmpɛɛpɛɛ mu nhu nneɛma a ehia koraa no, na wɔnyɛ nkurɔfo a dɛm anaa mfomso biara nni wɔn ho. Afei nso, ɔsrɛ maa wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrento afoforo hintidua, na wɔakɔ so asow trenee aba. Asɛm a Paulo fii ne komam kae no, ɛnnɛ, yɛn nso yebetumi asua nneɛma pii afi mu. Enti momma yɛnkenkan asɛm a Paulo kyerɛw kɔmaa Filipifo no. (Kenkan Filipifo 1:9-11.) Yewie a, yebesusuw nneɛma a Paulo kaa ho asɛm no ho, na yɛahwɛ sɛnea yebetumi de emu biara ayɛ adwuma.

MOMMA MO DƆ MMORO SO

4. (a) Sɛnea 1 Yohane 4:9, 10 ka no, dɛn na Yehowa yɛe de kyerɛe sɛ ɔdɔ yɛn? (b) Sɛn pa ara na ɛsɛ sɛ yɛdɔ Onyankopɔn?

4 Yehowa somaa ne Ba no baa asase so ma obewu maa yɛn bɔne de kyerɛe sɛ ɔdɔ yɛn pa ara. (Kenkan 1 Yohane 4:9, 10.) Sɛnea Onyankopɔn yii ne yam dɔɔ yɛn no ka yɛn koma ma yɛn nso yɛdɔ no bi. (Rom. 5:8) Sɛn pa ara na ɛsɛ sɛ yɛdɔ Onyankopɔn? Yesu maa saa asɛm yi ho mmuae. Ɔka kyerɛɛ Farisini bi sɛ: “Fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’adwene nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.” (Mat. 22:36, 37) Yɛpɛ sɛ yɛde yɛn koma nyinaa dɔ Onyankopɔn, na yɛmpɛ sɛ yɛbɛyɛ no bi ne bi. Enti, yɛpɛ sɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn no mu kɔ so yɛ den da biara da. Paulo ka kyerɛɛ Filipifo no sɛ, wɔmma wɔn “dɔ nkɔ so mmoro so.” Dɛn na yebetumi ayɛ de ahyɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn no mu den?

5. Yɛbɛyɛ dɛn ama yɛn dɔ mu akɔ so ayɛ den?

5 Ɛsɛ sɛ yehu Onyankopɔn na ama yɛatumi adɔ no. Bible ka sɛ: “Nea ɔnnɔ no nnim Onyankopɔn, efisɛ Onyankopɔn ne dɔ.” (1 Yoh. 4:8) Ɔsomafo Paulo kyerɛe sɛ, sɛ yenya Onyankopɔn ho “nokware nimdeɛ ne nhumu nyinaa” a, ɔdɔ a yɛwɔ ma no no mu bɛkɔ so ayɛ den. (Filip. 1:9) Bere a yefii ase suaa Bible no, ɛwom sɛ na yennim Onyankopɔn ho nsɛm pii de, nanso yenyaa ne ho dɔ. Afei bere a yesuaa Yehowa ho ade pii no, ɔdɔ a yɛwɔ ma no no mu yɛɛ den. Ɛno nti, ɛho hia pa ara sɛ yesua Onyankopɔn Asɛm no daa na yedwinnwen ho!​—Filip. 2:16.

6. Sɛnea 1 Yohane 4:11, 20, 21 ka no, dɛn na ɛbɛma yɛn dɔ aboro so?

6 Ɛsɛ sɛ ɔdɔ kɛse a Onyankopɔn ada no adi akyerɛ yɛn no ka yɛn ma yɛdɔ yɛn nuanom. (Kenkan 1 Yohane 4:11, 20, 21.) Ebia yɛn adwene bɛyɛ yɛn sɛ, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ den ma yɛn sɛ yɛbɛdɔ yɛn nuanom. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, yɛsom Yehowa, na yɛbɔ mmɔden sɛ yebesuasua no. Afei nso, yesuasua Yesu a ɔdɔ kɛse a ɔwɔ ma yɛn nti ɔde ne nkwa bɔɔ afɔre maa yɛn no. Nanso ɛtɔ da a, ebetumi ayɛ den ama yɛn sɛ yebedi ahyɛde a ɛne sɛ yɛnnodɔ yɛn ho no so. Yɛnhwɛ asɛm bi a esii wɔ Filipi asafo no mu.

7. Afotu a Paulo de maa Euodia ne Sintike no, dɛn na yesua fi mu?

7 Ná Euodia ne Sintike yɛ anuanom mmea a wɔyɛ nsi. Wɔne ɔsomafo Paulo ‘bɔɔ mu’ yɛɛ ɔsom adwuma no. Nanso, ɛbɛyɛ sɛ na wɔama kwan ama nsɛmnsɛm bi asɛe wɔn ntam. Paulo kyerɛw krataa kɔmaa asafo a na saa mmea mmienu no wom no. Krataa no mu no, ɔhyɛɛ da bɔɔ Euodia ne Sintike din, na otuu wɔn fo tẽẽ sɛ “wonnya adwenkoro.” (Filip. 4:2, 3) Afei nso, Paulo hui sɛ ɛsɛ sɛ otu asafo mũ no nyinaa fo. Ɔkaa sɛ: “Monkɔ so nyɛ biribiara a anwiinwii ne akyinnyegye biara nnim.” (Filip. 2:14) Yebetumi aka pa ara sɛ, ɛnyɛ saa anuanom mmea anokwafo no nko ara na Paulo afotu a emu da hɔ yi boaa wɔn, na mmom ɛboaa asafo no nyinaa ma wɔhyɛɛ ɔdɔ a wɔwɔ ma wɔn ho wɔn ho no mu den.

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si suban pa a yɛn nuanom wɔ so? (Hwɛ nkyekyɛm 8) *

8. Dɛn na ebetumi ama ayɛ den pa ara sɛ yɛbɛdɔ yɛn nuanom, na dɛn na ebetumi aboa yɛn na yɛakɔ so adɔ wɔn?

8 Ɛtɔ da a, nea enti a ɛyɛ den ma yɛn pa ara sɛ yɛbɛdɔ yɛn nuanom ne sɛ, yɛyɛ nea Euodia ne Sintike yɛe no bi; yɛde yɛn adwene si sintɔ ahorow so. Yɛn nyinaa di mfomso da biara da. Sɛ yɛkɔ so dwinnwen afoforo mfomso ho a, ɛbɛyɛ den ama yɛn pa ara sɛ yɛbɛdɔ wɔn. Yɛnhwɛ asɛm yi. Sɛ onua bi werɛ fi sɛ ɔbɛboa ama yɛasiesie Ahenni Asa so a, ebetumi ama yɛn bo afuw no. Afei sɛ yefi ase dwinnwen mfomso foforo a yenim sɛ yɛn nua no adi nyinaa ho a, ɛbɛma yɛn bo afuw kɛse, na ɛbɛma ɔdɔ a yɛwɔ ma no no so atew. Sɛ ɔhaw bi a ɛte saa wɔ wo ne asafo no muni bi ntam a, ɛbɛyɛ papa sɛ wususuw saa asɛm yi ho: Yehowa hu mfomso ahorow a yedi, na ohu yɛn nua no de nso. Nanso, mfomso yi nyinaa akyi no, Yehowa da so dɔ yɛn nua no, na ɔda so dɔ yɛn nso. Ɛno nti, ɛsɛ sɛ yesuasua Yehowa dɔ no bi, na yɛde yɛn adwene si suban pa a yɛn nuanom wɔ so. Sɛ yɛyere yɛn ho dɔ yɛn nuanom a, yɛhyɛ baakoyɛ a ɛwɔ yɛn ntam no mu den.​—Filip. 2:1, 2.

“NNEƐMA A EHIA KORAA NO”

9. “Nneɛma a ehia koraa” a Paulo kaa ho asɛm wɔ ne krataa a ɔde kɔmaa Filipifo no mu no, ebi ne dɛn?

9 Honhom kronkron na ɛmaa Paulo de akwankyerɛ maa Filipifo ne Kristofo nyinaa sɛ, ‘wɔmpɛɛpɛɛ mu nhu nneɛma a ehia koraa no.’ (Filip. 1:10) Saa nneɛma a ehia no, ebi ne Yehowa din a ɛho bɛtew, n’atirimpɔw a ɛbɛba mu, ne asomdwoe ne baakoyɛ a ɛbɛtena asafo no mu. (Mat. 6:9, 10; Yoh. 13:35) Sɛ yɛma saa nneɛma yi ho hia yɛn pa ara wɔ yɛn asetenam a, yɛda no adi sɛ yɛdɔ Yehowa.

10. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na Yehowa ammu yɛn sɛ dɛm anaa mfomso bi wɔ yɛn ho?

10 Paulo san kaa sɛ ɛnsɛ sɛ yɛma “dɛm biara” ba yɛn ho. Wei nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ pɛ. Yɛrentumi nyɛ pɛ a dɛm anaa mfomso biara nni yɛn ho sɛnea Yehowa Nyankopɔn yɛ pɛ no. Nanso, sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara sɛ yɛbɛma yɛn dɔ mu ayɛ den, na yɛpɛɛpɛɛ mu hu nneɛma a ehia koraa no a, Yehowa bebu yɛn sɛ dɛm anaa mfomso biara nni yɛn ho. Ɔkwan baako a yɛbɛfa so ada yɛn dɔ adi ne sɛ yɛbɛyɛ nea yebetumi biara sɛ yɛrento afoforo hintidua.

11. Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛto afoforo hintidua?

11 Ahyɛde a ɛne sɛ ɛnsɛ sɛ yɛto afoforo hintidua no, ɛyɛ aniberesɛm pa ara. Dɛn na yɛyɛ a ebetumi ato obi hintidua? Nneɛma a yɛde gyigye yɛn ani, yɛn ntadehyɛ, anaa adwuma a yɛyɛ mpo betumi ato obi hintidua. Ebia nea yɛyɛ no, ɛnyɛ bɔne ankasa. Nanso, sɛ nea yɛyɛ no haw obi ahonim na ɛto no hintidua a, ɛyɛ aniberesɛm. Yesu kaa sɛ, sɛ yɛyɛ biribi ma ɛto yɛn nua bi hintidua a, nea ɛbɛba yɛn so no, sɛ wɔde ɔbo kɛse sɛn yɛn kɔn mu tow yɛn too ɛpo mu mpo a, anka eye!​—Mat. 18:6.

12. Dɛn na yesua fi nea awarefo bi a wɔyɛ akwampaefo yɛe no mu?

12 Yɛnhwɛ sɛnea awarefo bi a wɔyɛ akwampaefo de kɔkɔbɔ a Yesu de mae no yɛɛ adwuma. Ná wɔne awarefo bi a wɔbɔɔ asu nkyɛe na ɛwɔ asafo baako mu. Wɔtetee awarefo a na wɔbɔɔ asu nkyɛe no mu biara wɔ abusua a emufo yɛ katee mu. Ná saa awarefo yi susuw sɛ, ɛnyɛ papa sɛ Kristofo bɛkɔ sinidan mu akɔhwɛ sini; sɛ asɛm biara nni sini no ho mpo a, wɔn de, na wɔn adwene ne no. Bere a wohui sɛ awarefo a wɔyɛ akwampaefo no akɔhwɛ sini no, ɛhaw wɔn pa ara. Ɛno akyi no, awarefo a wɔyɛ akwampaefo no ankɔhwɛ sini bio kosii sɛ awarefo a wɔbaa asafo no mu nkyɛe no tumi tetee wɔn ahonim ma wohuu nea ɛfata ne nea ɛmfata. (Heb. 5:14) Nea awarefo a wɔyɛ akwampaefo no yɛe no daa no adi sɛ, ɛnyɛ wɔn ano kɛkɛ na wɔde dɔ wɔn nuabarima ne wɔn nuabea a na wɔyɛ foforo no, na mmom wɔde wɔn nneyɛe nso kyerɛɛ saa.​—Rom. 14:19-21; 1 Yoh. 3:18.

13. Ɔkwan bɛn so na yebetumi apiapia obi ama wayɛ bɔne?

13 Ɔkwan foforo a yebetumi afa so ato obi hintidua ne sɛ yɛbɛyɛ biribi a ebepiapia no ama wayɛ bɔne. Ɛbɛyɛ dɛn na atumi aba saa? Yɛnhwɛ asɛm yi. Yɛmfa no sɛ, na obi a osua Bible we nsã, ɛnna wabɔ mmɔden pa ara agyae nsã nom. Ohui sɛ ɛnsɛ sɛ ɔde nsã ka n’ano bio da. Ɔyɛɛ nsakrae pii wɔ n’asetenam, na ɔbɔɔ asu. Akyiri yi, Kristoni bi de adwempa too nsa frɛɛ onua a ɔbɔɔ asu nkyɛe no kɔɔ apontow bi ase. Kristoni a ɔtoo pon no maa nea ɔbɔɔ asu nkyɛe no nsã. Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Seesei woyɛ Kristoni; Yehowa honhom wɔ wo so. Honhom kronkron ma yenya ahosodi. Sɛ wowɔ ahosodi a, wubetumi anom nsã kakra.” Sɛ onua a ɔbɔɔ asu nkyɛe no tiee saa afotu bɔne no a, wo de, hwɛ nea anka ebetumi asi!

14. Sɛn na Kristofo nhyiam boa yɛn ma yɛde ahyɛde a ɛwɔ Filipifo 1:10 no yɛ adwuma?

14 Kristofo nhyiam ahorow boa yɛn ma yɛde ahyɛde a ɛwɔ Filipifo 1:10 no yɛ adwuma akwan pii so. Nea edi kan, nea yesua wɔ asafo nhyiam ase no ma yehu nea Yehowa bu no sɛ ɛho hia pa ara. Nea ɛto so mmienu, yehu ɔkwan a yɛbɛfa so de nea yesua no ayɛ adwuma na dɛm anaa mfomso biara amma yɛn ho. Nea ɛto so mmiɛnsa, wɔkanyan yɛn ‘kɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu.’ (Heb. 10:24, 25) Sɛ yɛn nuanom hyɛ yɛn nkuran a, ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn ne yɛn nuanom no mu bɛkɔ so ayɛ den pa ara. Sɛ yɛde yɛn koma nyinaa dɔ Onyankopɔn ne yɛn nuanom a, yɛbɛyɛ nea yebetumi biara na yɛanto yɛn nuanom hintidua.

MONKƆ SO MMA ‘TRENEE ABA NHYƐ MO MÃ’

15. Bible ka sɛ ‘trenee aba nhyɛ yɛn mã’ a, ɛkyerɛ sɛn?

15 Paulo bɔɔ mpae denneennen sɛ “trenee aba” nhyɛ Filipifo no mã. (Filip. 1:11) Akyinnye biara nni ho sɛ, ɔdɔ a na Filipifo no wɔ ma Yehowa ne ne nkurɔfo ka saa “trenee aba” no ho. Nea ɛka ho nso ne Yesu mu gyidi a wɔanya ne anidaso papa bi a wɔwɔ ho asɛm a na wɔbɛka akyerɛ nkurɔfo. Filipifo 2:15 de mfatoho foforo yɛ adwuma. Ɛka sɛ ‘yɛnhyerɛn sɛ akanea wɔ wiase.’ Saa mfatoho yi fata, efisɛ Yesu frɛɛ n’asuafo no “wiase hann.” (Mat. 5:14-16) Yesu san ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ ‘wɔnyɛ asuafo,’ na ɔkaa sɛ n’asuafo no ‘bedi adanse de akɔ asase ano nohoa.’ (Mat. 28:18-20; Aso. 1:8) Sɛ yɛyere yɛn ho yɛ adwuma a ɛho hia pa ara yi bi a, na yɛresow “trenee aba.”

Bere a Paulo da afiase wɔ ne fie wɔ Roma no, ɔkyerɛw krataa kɔmaa asafo a ɛwɔ Filipi no. Saa bere no, Paulo de hokwan biara a onyae kaa asɛmpa no kyerɛɛ awɛmfo a wɔwɛn no ne nkurɔfo a wɔbɛsraa no (Hwɛ nkyekyɛm 16)

16. Sɛn na Filipifo 1:12-14 ma yehu sɛ yebetumi ahyerɛn sɛ akanea wɔ tebea ahorow a emu yɛ den mpo mu? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi anim no.)

16 Tebea biara a yɛwom no, yebetumi ahyerɛn sɛ akanea. Ɛtɔ da a, ɛte sɛ nea nneɛma bi resiw asɛmpaka adwuma a yɛyɛ no kwan, nanso wobɛhwɛ no, na abue kwan bi a yɛde bɛka asɛmpa no. Yɛnhwɛ ɔsomafo Paulo. Bere a ɔkyerɛw krataa kɔmaa Filipifo no, na ɔda afiase wɔ ne fie wɔ Roma. Ɛwom sɛ na nkɔnsɔnkɔnsɔn gu ne nsa de, nanso ɔkɔɔ so kaa asɛmpa no kyerɛɛ awɛmfo no ne nkurɔfo a wɔbɛsraa no. Paulo de nsi ne ahokeka kaa asɛmpa no wɔ tebea a ɛte saa mu, na saa a ɔyɛe no maa anuanom nyaa ahotoso ne akokoduru ‘de kaa Onyankopɔn asɛm a wɔansuro.’​—Kenkan Filipifo 1:12-14; 4:22.

Yɛ nea wubetumi biara ka asɛmpa no kyerɛ afoforo (Hwɛ nkyekyɛm 17) *

17. Ma nhwɛso bi a ɛkyerɛ sɛnea anuanom bi tumi kɔ so ka asɛmpa no nnɛ wɔ tebea ahorow a emu yɛ den mu.

17 Anuanom pii tumi da akokoduru a Paulo daa no adi no bi adi. Aman a wɔte mu no, wontumi nyi wɔn anim nka asɛmpa no wɔ baguam anaa afie afie. Ɛno nti, wɔfa akwan foforo so ka asɛmpa no. (Mat. 10:16-20) Ɔman baako a ɛte saa mu no, ɔmansin sohwɛfo bi hyɛɛ adawurubɔfo no nkuran sɛ obiara mfa n’abusuafo, nkurɔfo a ɔne wɔn te mpɔtam, ne sukuufo, ne mfɛfo adwumayɛfo, ne n’amannifo nyɛ “n’asasesin.” Edii bɛyɛ mfe mmienu no, na asafo ahorow a ɛwɔ ɔmansin no mu dodow akɔ anim pa ara. Ebia yɛn de, ɔman a yɛte mu no, yetumi ka asɛmpa no wɔ baabiara. Nanso, yebetumi asua biribi titiriw afi akwan a yɛn nuanom no fa so ka asɛmpa no mu: Sɛ woyɛ nea wubetumi biara ka asɛmpa no kyerɛ afoforo a, sɛnea ɛte biara Yehowa bɛboa wo ama woatumi akɔ so aka asɛmpa no wɔ tebea ahorow a emu yɛ den mpo mu.​—Filip. 2:13.

18. Dɛn na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ?

18 Paulo krataa a ɔde kɔmaa Filipifo no, ɛnnɛ pa ara na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛde emu afotu bɛyɛ adwuma. Enti, ɛsɛ sɛ yɛpɛɛpɛɛ mu hu nneɛma a ehia koraa no, na yɛyɛ nkurɔfo a dɛm anaa mfomso biara nni yɛn ho, na ɛnsɛ sɛ yɛto afoforo hintidua. Afei nso, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so sow trenee aba. Yɛyɛ saa a, yɛn dɔ bɛboro so, na yɛbɛhyɛ yɛn Agya Yehowa a ɔdɔ yɛn no anuonyam.

DWOM 17 ‘Mepɛ na Mɛyɛ’

^ nky. 5 Ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ yɛhyɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn nuanom mu den sen bere biara. Sɛ ɛyɛ den ma yɛn sɛ yɛbɛda ɔdɔ adi mpo a, krataa a Paulo kyerɛw kɔmaa Filipifo no boa yɛn ma yehu sɛnea yebetumi ama yɛn dɔ akɔ so aboro so.

^ nky. 54 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Anuanom resiesie Ahenni Asa so. Onua bi a ne din de Joe agyae adwuma a ɔreyɛ no, na ɔne onua bi ne ne babarima rebɔ nkɔmmɔ. Wei ahyɛ onua baako a ne din de Mike a ɔrepra no abufuw. Ɛyɛ no sɛ, ‘Ɛsɛ sɛ Joe gyae nkɔmmɔ a ɔrebɔ no na ɔyɛ adwuma no.’ Akyiri yi, Mike ahu sɛnea Joe atɔ ne bo ase reboa onuawa bi a ne mfe akɔ anim. Ade a ɛka koma a Joe ayɛ no ama Mike ahu sɛ suban pa a Joe wɔ na ɛsɛ sɛ ɔde n’adwene si so pa ara.

^ nky. 58 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onua bi de anifere reka Ahenni no ho asɛmpa akyerɛ ne mannifo wɔ ɔman bi mu. Saa ɔman no mu no, Adansefo no ntumi nyi wɔn anim nka asɛmpa no wɔ baguam. Akyiri yi, onua no regye n’ahome wɔ adwumam, na ɔredi ne yɔnko dwumayɛni bi adanse.