Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 34

Wo Som Adwuma Sesa a, Ɛbɛyɛ Dɛn Na W’ani Akɔ So Agye?

Wo Som Adwuma Sesa a, Ɛbɛyɛ Dɛn Na W’ani Akɔ So Agye?

“Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ sɛ ne werɛ befi mo adwuma ne ɔdɔ a modaa no adi wɔ ne din ho.”​—HEB. 6:10.

DWOM 38 Ɔbɛma Woayɛ Den

NEA YƐREBESUA *

1-3. Nneɛma bɛn saa na ɛma ɔsom adwuma a bere nyinaa asomfo yɛ no tumi sesa?

ROBERT ne Mary Jo kaa sɛ: “Bere a yɛde anigye yɛɛ asɛmpatrɛw adwuma mfe 21 akyi no, na yɛn mmienu nyinaa awofo mpɔw mu ayɛ mmerɛw. Ɛwom, na yɛn ani gye ho sɛ yɛbɛkɔ akɔhwɛ wɔn. Nanso, na ɛyɛ yɛn yaw sɛ yebefi baabi a na yɛatena ama yɛn ani aka hɔ no.”

2 William ne Terrie kaa sɛ: “Bere a yehui sɛ yɛn apɔwmuden nyɛ papa nti yɛrentumi nsan nkɔ baabi a na yɛyɛ yɛn som adwuma bio no, yesui. Nea na ɛda yɛn koma so pa ara ne sɛ yɛbɛsom Yehowa wɔ amannɔne, nanso sɛnea ɛkɔbae no, na yɛrentumi nsan nkɔ amannɔne bio.”

3 Aleksey kaa sɛ: “Ná mesom wɔ Betel. Yehui sɛ wɔn a na wɔretaa yɛn no pɛ sɛ wɔde wɔn nsa to Betel so. Nanso, bere a wɔde wɔn nsa too so no, me ho dwiriw me, na ɛbae sɛ, ɛsɛ sɛ yefi Betel.”

4. Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

4 Nea yɛaka yi da nkyɛn a, wɔasesa anuanom a na wɔyɛ adwuma wɔ Betel ne bere nyinaa asomfo foforo mpempem dwumadi. * Ebetumi ayɛ den ama saa anuanom anokwafo yi sɛ wobegyaw ɔsom adwuma a ɛda wɔn koma so saa no ato hɔ. Dɛn na ebetumi aboa wɔn ama wɔahu sɛnea wɔbɛyɛ wɔn ade wɔ nsakrae a aba no ho? Dɛn na wubetumi ayɛ de aboa wɔn? Saa nsɛmmisa no ho mmuae betumi aboa yɛn nyinaa ama yɛahu sɛnea yɛbɛyɛ yɛn ade bere a nsakrae aba yɛn asetena mu.

NSAKRAE BA A, YƐBƐYƐ YƐN ADE SƐN?

Adɛn nti na ebetumi ayɛ den ama bere nyinaa asomfo sɛ wobegyaw wɔn dwumadi ato hɔ? (Hwɛ nkyekyɛm 5) *

5. Sɛ yɛn som adwuma sesa a, ebetumi aka yɛn sɛn?

5 Sɛ yɛsom wɔ Betel oo, sɛ bere nyinaa som adwuma no fã foforo bi na yɛyɛ oo, yebetumi anya ɔdɔ kɛse ama nkurɔfo a wɔwɔ baabi a yɛsom no, na yɛn ani aka hɔ mpo. Nanso sɛ biribi nti, ɛkɔba sɛ ɛsɛ sɛ yefi baabi a yɛwɔ no a, ebetumi ayɛ yɛn yaw pa ara. Ɛba saa a, yɛn ani gyina yɛn nuanom a yɛagyaw wɔn hɔ no, na yedwen wɔn ho. Ɛnkanka, sɛ ɔtaa na ɛma yefii hɔ a, etumi yɛ den ma yɛn pa ara. (Mat. 10:23; 2 Kor. 11:28, 29) Afei nso, sɛ yɛrekɔyɛ ɔsom adwuma no wɔ baabi foforo a, esiane sɛ yennim ɛhɔ amammerɛ nti, yɛn ani so betumi atan yɛn. Sɛ wo kurom mpo na woresan akɔ a, ɛtɔ da a, ebetumi ayɛ den ama wo saa ara. Robert ne Mary Jo kaa sɛ: “Ná yɛn werɛ afi yɛn kurom amammerɛ; yɛn ara yɛn kurom kasa mpo, na ɛyɛ den ma yɛn sɛ yɛde bɛka asɛmpa no akyerɛ nkurɔfo. Ná yɛayɛ ahɔho wɔ yɛn ankasa yɛn kurom.” Sɛ ebinom dwumadi sesa a, ebetumi akɔfa ɛka abɛto wɔn so bere a wɔnhwɛ kwan. Ebia wɔn ani so bɛtan wɔn, ehu bɛka wɔn, na wɔn abam betumi abu mpo. Dɛn na ebetumi aboa wɔn?

Ɛho hia sɛ yɛbɛn Yehowa na yɛde yɛn ho to no so (Hwɛ nkyekyɛm 6-7) *

6. Yɛbɛyɛ dɛn akɔ so abata Yehowa ho?

6 Kɔ so bata Yehowa ho. (Yak. 4:8) Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa? Ɛne sɛ yebegye Yehowa adi sɛ ɔne “mpaebɔ Tiefo.” (Dw. 65:2) Dwom 62:8 ka sɛ, “Munyi mo koma mu nsɛm adi nkyerɛ no.” Yehowa betumi ayɛ ‘ade ama akyɛn nea yɛsrɛ anaa yesusuw koraa.’ (Efe. 3:20) Ɛnyɛ nneɛma pɔtee a yɛbɔ mpae srɛ Yehowa nko ara na ɔyɛ ma yɛn. Obetumi ayɛ nea yɛnhwɛ kwan; biribi a yɛnna nnwenee ho koraa da na ɔbɛyɛ de asiesie yɛn haw ama yɛn.

7. (a) Dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛakɔ so abata Yehowa ho? (b) Sɛnea Hebrifo 6:10-12 kyerɛ no, sɛ yɛkɔ so de nokwaredi som Yehowa a, dɛn na ɛbɛba?

7 Sɛ wubetumi akɔ so abata Yehowa ho a, kenkan Kyerɛwnsɛm no da biara da na dwinnwen ho. Obi a na ɔyɛ ɔsɛmpatrɛwfo kaa sɛ: “Kɔ so ara yɛ abusua som daa, na sua nea yebesusuw ho wɔ asafo nhyiam ase no ansa na woakɔ sɛnea na woyɛ wɔ baabi a na woyɛ wo som adwuma no.” Afei nso, yɛ nea wubetumi nyinaa ka asɛmpa no wɔ asafo foforo a woakɔ mu no mu. Anuanom a wɔkɔ so de nokwaredi som Yehowa no, sɛ wontumi nyɛ nea kan no na wɔyɛ mpo a, Yehowa werɛ remfi wɔn.​—Kenkan Hebrifo 6:10-12.

8. Sɛn na asɛm a ɛwɔ 1 Yohane 2:15-17 no betumi aboa wo ama wode w’ani asi nea ehia pa ara wɔ w’asetenam no so?

8 Fa w’ani si nea ehia pa ara wɔ w’asetenam no so. Ɛnsɛ sɛ woma Satan wiase yi mu dadwen “mia” wo ma wugyae Yehowa som. (Mat. 13:22) Afei nso, ɛnsɛ sɛ woma nkurɔfo a wɔnsom Yehowa anaa wo nnamfo anaa abusuafo a wɔpɛ sɛ wɔboa wo hyɛ wo ma wukodi sika akyi wɔ Satan wiase yi mu sɛ worepɛ asetena pa. (Kenkan 1 Yohane 2:15-17.) Yehowa ahyɛ yɛn bɔ sɛ ɔbɛma yɛn nsa aka nea yehia wɔ “bere a ɛsɛ mu.” Ɔbɛboa yɛn ama yɛn gyidi akɔ so ayɛ den, ɔbɛka yɛn koma ato yɛn yam, na wama yɛn nsa aka honam fam nneɛma a yehia. Enti ɔno na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to no so.​—Heb. 4:16; 13:5, 6.

9. Sɛnea Mmebusɛm 22:3, 7 kyerɛ no, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛammɔ bosea basabasa, na dɛn na ebetumi aboa yɛn ama yɛasisi gyinae pa?

9 Mmɔ bosea basabasa. (Kenkan Mmebusɛm 22:3, 7.) Sɛ woretu akɔ baabi a, ebetumi ama woabɔ ka, na ɛrenyɛ den koraa sɛ ɛbɛkɔ akɔfa ɛka kɛse abɛto wo so. Nea ɛbɛyɛ a wommɔ ka pii no, mmɔ bosea mfa ntotɔ nneɛma a wunhia ankasa. Ɛtɔ da a, nneɛma tumi teetee yɛn. Ebi ne bere a yɛrehwɛ yɛn dɔfo bi a ɔyare na ebia ɛho abehia sɛ yɛbɔ bosea. Ɛba saa a, ebetumi ayɛ den sɛ yebehu sika dodow a ɛsɛ sɛ yegye. Wuhyia tebea a ɛte saa a, kae sɛ “mpaebɔ ne nkotɔsrɛ” betumi aboa wo ama woasisi gyinae pa. Yehowa betumi abua wo mpaebɔ na wama wo asomdwoe a ‘ɛbɛbɔ wo koma ne wo adwene nsusuwii ho ban,’ na aboa wo na woampere wo ho ansisi gyinae.​—Filip. 4:6, 7; 1 Pet. 5:7.

10. Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya nnamfo foforo?

10 Fa nnamfo pa. Ka wo komam asɛm ne nsɛnnennen a wuhyia kyerɛ wo nnamfo pa, titiriw wɔn a ebia wɔafa nea worefa mu no mu pɛn. Sɛ woyɛ saa a, ebetumi ama w’asom adwo wo. (Ɔsɛnk. 4:9, 10) Wo nnamfo a wunyae wɔ baabi a na woyɛ wo som adwuma no de, wɔbɛkɔ so ara ayɛ wo nnamfo. Seesei, baabi foforo a wowɔ no, ɛsɛ sɛ wunya nnamfo foforo wɔ hɔ. Sɛ wopɛ sɛ wunya adamfo a, kae sɛ, ɔdɔ kɔ nea ɔdɔ wɔ. Dɛn na wobɛyɛ na ama woanya nnamfo foforo? Ka osuahu a ɛka koma a Yehowa ama woanya kyerɛ afoforo, na ma afoforo nhu sɛ w’ani gye wɔ Yehowa som mu. Sɛ mpo asafo a wowom mufo binom nhu nea enti a w’ani gye bere nyinaa som adwuma no ho saa a, ebia wo nhwɛso bɛtwetwe anuanom binom aba wo nkyɛn na wɔne wo afa adamfo. Nanso, hwɛ na woamma wo ho so anaa woanka nea woayɛ wɔ Yehowa som mu ho asɛm dodo. Afei nso, mfa w’adwene nsi nneɛma a ɛnkɔ yiye so.

11. Dɛn na wubetumi ayɛ na ama w’aware asɔ?

11 Sɛ wo kunu anaa wo yere na ɔyare nti mugyaee bere nyinaa som adwuma a, mmɔ no sobo. Sɛ nso, wo ara na na woyare a, mmu wo ho fɔ, na ɛnsɛ sɛ wunya adwene sɛ woadi wo kunu anaa wo yere huammɔ. Kae sɛ, moyɛ “ɔhonam koro,” na mohyɛɛ Yehowa bɔ sɛ nea ebesi biara no, mo mu biara bɛhwɛ ne yɔnko. (Mat. 19:5, 6) Sɛ nyinsɛn a wonhwɛ kwan nti na wugyaee bere nyinaa som adwuma a, ma wo ba no nhu sɛ ɔsom bo ma wo sen ɔsom adwuma biara a na woyɛ. Ɛyɛ a ka kyerɛ wo ba no sɛ ɔyɛ “akatua” a Onyankopɔn de ama wo. (Dw. 127:3-5) Afei nso, nneɛma a esisii a ɛmaa w’ani gyei wɔ bere nyinaa som adwuma no mu no, ɛyɛ a ka ho asɛm kyerɛ wo ba no. Woyɛ saa a, ebetumi ahyɛ no nkuran ama ɔde ne bere nyinaa asom Yehowa sɛnea woyɛe no, na ama n’ani agye.

NEA AFOFORO BETUMI AYƐ DE ABOA

12. (a) Wɔn a wɔyɛ bere nyinaa som adwuma no, dɛn na yebetumi ayɛ de aboa wɔn ama wɔakɔ so ayɛ wɔn adwuma no? (b) Dɛn na yebetumi ayɛ de aboa wɔn ama wɔn ani aka baabi foforo a wɔakɔ no?

12 Anigyesɛm ne sɛ, asafo ahorow ne anuanom pii yɛ nea wobetumi biara boa wɔn a wɔyɛ bere nyinaa som adwuma no ma wɔkɔ so yɛ. Nea wɔyɛ ne sɛ, wɔhyɛ wɔn nkuran ma wɔkɔ so yɛ wɔn som adwuma no, wɔma wɔn sika anaa nneɛma foforo, anaa wɔboa wɔn ma wɔhwɛ wɔn abusuafo a wɔyare wɔ wɔn man mu. (Gal. 6:2) Sɛ bere nyinaa somfo bi dwumadi sesa na wɔde no ba asafo a wowom mu a, ɛnsɛ sɛ wunya adwene sɛ gyama wanyɛ n’adwuma yiye anaa odii mfomso bi nti na wɔde no aba hɔ. * Mmom, boa no na nsakrae a aba wɔ n’asetenam no nyɛ mmerɛw mma no. Gye no fɛw so na kamfo no wɔ ɔsom adwuma a wayɛ no ho. Sɛ mpo yare nti ontumi nyɛ pii sɛ kan no a, kamfo no. Bɔ mmɔden sɛ wubehu no yiye. Wanya nimdeɛ pii, wafa ntetee pii mu, na ɔwɔ osuahu pii nso, enti sua biribi fi ne hɔ.

13. Dɛn na yebetumi ayɛ de aboa wɔn a wɔn dwumadi asesa?

13 Mfiase no, ebia ebehia sɛ woboa wɔn a wɔn dwumadi asesa no ma wonya dan a wɔbɛtena mu, wohu baabi a wɔbɛfa kar, bɔs, anaa keteke, ne sɛnea wobenya nneɛma foforo a wohia. Ebi nso a, ebehia sɛ wohu nneɛma a yɛyɛ no da biara da ho nsɛm. Ebi ne ɔkwan a wɔbɛfa so atua tow ne sɛnea wobenya nsiakyibaa (insurance). Nea wohia pa ara ne sɛ yɛbɛte wɔn ase, na ɛnyɛ sɛ yebesu wɔn mmɔbɔ. Ebia na wɔn ankasa anaa wɔn busuani bi yare a wɔredwen ho. Anaa ebia na wɔn dɔfo bi awu ama wɔredi awerɛhow. * Afei nso, ebia wɔn ani agyina wɔn nnamfo a wɔagyaw wɔn wɔ baabi a na wɔyɛ wɔn som adwuma no, na ebia wɔredi ho awerɛhow a yennim. Egye bere ansa na wɔatumi adi ɔhaw a ɛte saa so, na mpɛn pii no, ɛhaw adwene pa ara.

14. Dɛn na anuanom a wɔwɔ asafo bi mu yɛe de boaa onuawa bi a ne dwumadi sesae a ɔbaa wɔn asafo mu maa n’ani kae?

14 Sɛ wo ne wɔn kɔ asɛnka na woyɛ nhwɛso pa ma ɛhyɛ wɔn nkuran a, wubetumi aboa wɔn ama wɔn ani aka. Onuawa bi de mfe pii somee wɔ amannɔne. Ɔkaa sɛ: “Baabi a na mewɔ no, da biara da na minya nkurɔfo ne wɔn sua Bible. Nanso, baabi foforo a wɔde me kɔe no de, sɛ mekɔ asɛnka a, na ɛyɛ den sɛ menya obi akenkan Bible akyerɛ no anaa mayi video akyerɛ no. Nanso, na anuanom a wɔwɔ asafo a mekɔɔ mu no ne me kɔyɛ wɔn sankɔhwɛ ne Bible adesua ahorow. Sɛnea na anuanom de nsi ne ahokeka yɛ Bible adesua ahorow no maa asasesin no mu adwuma yɛɛ me dɛ. Misuaa sɛnea mefi ase ne nkurɔfo abɔ nkɔmmɔ wɔ asasesin foforo no mu. Wei nyinaa boaa me maa m’ani san gyei bio.”

KƆ SO YƐ WO SOM ADWUMA!

Hwehwɛ akwan a wubetumi afa so atrɛw w’asɛnka adwuma mu wɔ wo man mu (Hwɛ nkyekyɛm 15-16) *

15. Sɛ woanya dwumadi foforo a, dɛn na wobɛyɛ na akɔ yiye ama wo?

15 Wubetumi ayɛ dwumadi foforo a wɔde ama wo no ama akɔ yiye. Ɛnsɛ sɛ wunya adwene sɛ woanyɛ w’adwuma yiye nti na wɔama wo dwumadi foforo. Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ wunya adwene sɛ gyama wo so nni mfaso sɛ kan no. Dwinnwen nneɛma a Yehowa reyɛ de aboa wo nnɛ no ho na kɔ so ka asɛmpa no. Suasua Kristofo anokwafo a wɔtenaa ase wɔ asomafo no bere so no. Baabiara a na wɔwɔ biara no, ‘wokyin asase no so kaa asɛmpa no.’ (Aso. 8:1, 4) Sɛ wokɔ so ka asɛmpa no a, biribi pa betumi afi mu aba. Ɛho nhwɛso bi ni. Wɔpamoo akwampaefo bi fii ɔman bi mu ma wɔkɔɔ ɔman bi a ɛbɛn hɔ mu. Kasa a saa akwampaefo no ka no, na wohia adawurubɔfo a wɔka saa kasa no denneennen wɔ saa man no mu. Enti, abosome kakraa bi mu no, wotumi tew adesua akuw foforo wɔ kasa a saa akwampaefo no ka mu ma enyaa nkɔso ntɛmntɛm.

16. Wobɛyɛ dɛn anya anigye wɔ baabi foforo a woakɔ no?

16 Bible ka sɛ: “Yehowa mu anigye ne mo abannennen.” (Neh. 8:10) Sɛ dwumadi a wɔde ama yɛn no, ɛno na ɛda yɛn koma so mpo a, ade titiriw a ɛsɛ sɛ ɛma yɛn ani gye ne Yehowa a yɛresom no, na ɛnyɛ ɔsom adwuma kõ a yɛyɛ no. Enti kɔ so ne Yehowa nnantew, srɛ no sɛ ɔmma wo nyansa, ɔnkyerɛ wo kwan, na ɔmmoa wo. Kae sɛ, nea ɛmaa w’ani begyee ɔsom adwuma a na woyɛ kan no ho ne sɛ wufi wo koma nyinaa mu boaa nkurɔfo a wɔwɔ hɔ no. Fi wo koma nyinaa mu boa nkurɔfo wɔ baabi foforo a woakɔ no, na hwɛ sɛnea Yehowa bɛboa wo ama w’ani agye.​—Ɔsɛnk. 7:10.

17. Ɔsom adwuma a yɛyɛ no seesei no, dɛn na ɛsɛ sɛ yehu fa ho?

17 Ɛsɛ sɛ yehu sɛ ɔsom adwuma a yɛyɛ no seesei no, yɛbɛyɛ no bere tiaa bi. Nanso, Yehowa de, yɛbɛsom no daa. Yɛkɔ wiase foforo no mu a, ebia yɛn nyinaa dwumadi bɛsesa. Aleksey a yedii kan kaa ne ho asɛm no ka sɛ ne dwumadi a ɛsesa no reboa no ama wasiesie ne ho ama nsakrae a ɛbɛba daakye. Aleksey kaa sɛ: “Ná minim pa ara sɛ Yehowa wɔ hɔ na wiase foforo no bɛba. Nanso ɔkwan bi so no, na ɛyɛ me sɛ Yehowa mmɛn me, na wiase foforo no nso nnya mmae. Seesei, mihu sɛ mebɛn Yehowa pɛɛ, na wiase foforo no aba ara ne sa.” (Aso. 2:25) Enti, ɛmfa ho ɔsom adwuma no fã biara a yɛyɛ no, nea ehia pa ara ne sɛ yɛbɛkɔ so ne Yehowa anantew. Ɔrennyaw yɛn da, na mmom baabiara a yɛwɔ no, ɔbɛboa yɛn ama yɛayɛ nea yebetumi biara wɔ ne som mu ama yɛn ani agye.​—Yes. 41:13.

DWOM 90 Monhyɛ Mo Ho Nkuran

^ nky. 5 Ɛtɔ da a, ebia ebehia sɛ anuanom a wɔyɛ bere nyinaa som adwuma no de to hɔ, anaa ebia wɔbɛma wɔn ɔsom adwuma foforo. Adesua yi bɛma yɛahu nsɛnnennen a wohyia ne nea ɛbɛboa wɔn ama wɔahu sɛnea wɔbɛyɛ wɔn ade wɔ tebea foforo a wɔakɔ mu no mu. Afei nso, ɛbɛma yɛahu nea afoforo betumi ayɛ de ahyɛ wɔn nkuran na wɔaboa wɔn. Ɛbɛsan ama yɛahu sɛnea Bible betumi aboa yɛn nyinaa bere a nsakrae bi aba yɛn asetena mu.

^ nky. 4 Saa ara na bere a anuanom mmarima pii a asɛyɛde hyehyɛ wɔn nsa nyin duu baabi no, wɔdan ɔsom hokwan ahorow a na wɔwɔ maa anuanom mmarima a wonnyinii pii. Hwɛ asɛm a wɔato din “Kristofo a Mo Mfe Akɔ Anim—Mo Nokwaredi Som Bo Ma Yehowa,” a ɛbaa September 2018 Ɔwɛn-Aban mu, ne asɛm a wɔato din “Sɛ W’asetena Sesa Mpo a, Kɔ So Nya Asomdwoe,” a ɛbaa October 2018 Ɔwɛn-Aban mu no.

^ nky. 12 Ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo a wɔwɔ asafo a kan no na onipa no wom no kyerɛw krataa ntɛm de kɔka ne ho asɛm kyerɛ asafo foforo a wakɔ mu no mu mpanyimfo, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛkɔ so asom sɛ ɔkwampaefo, asafo mu panyin, anaa asafo mu somfo ntɛm ara.

^ nky. 13 Hwɛ asɛm a wɔato din “Nea Ɛbɛboa Wɔn a Wɔn Biribi Awu” a ɛbaa afe 2018 Nyan! No. 3 mu no.

^ nky. 57 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Ɛho behiae sɛ awarefo bi gyae asɛmpatrɛw adwuma a wɔyɛ wɔ amannɔne. Wɔne asafo a wɔwom mufo redi nkra, na wɔretew nusu.

^ nky. 59 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Awarefo no asan akɔ wɔn man mu, na wɔbɔ Yehowa mpae bere nyinaa sɛ ɔmmoa wɔn mma wontumi nnyina nsɛnnennen a wɔrefa mu no ano.

^ nky. 61 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Yehowa aboa awarefo no ama wɔresan ayɛ bere nyinaa som adwuma. Wɔde kasa a wosuae bere a na wɔyɛ asɛmpatrɛwfo no reka asɛmpa no akyerɛ nkurɔfo a wofi aman foforo so aba wɔn asafo foforo no asasesin mu.