Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 31

“Yɛmpa Abaw”!

“Yɛmpa Abaw”!

“Enti yɛmpa abaw.”​—2 KOR. 4:16.

DWOM 128 Gyina Mu Kosi Awiei

NEA YƐREBESUA *

1. Dɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo yɛ na ama wɔatumi atu nkwa ho mmirika no awie?

KRISTOFO retu nkwa ho mmirika. Sɛ afei ara na yɛafi ase retu mmirika no oo, sɛ nso yefii ase akyɛ oo, ehia sɛ yɛkɔ so tu mmirika no kosi sɛ yebewie. Afotu a ɔsomafo Paulo de maa Kristofo a wɔwɔ Filipi no betumi ahyɛ yɛn nkuran ama yɛatu mmirika no awie. Bere a Filipi asafo no nsa kaa Paulo krataa no, na wɔn mu bi de mfe pii asom Yehowa. Ná wɔretu mmirika no yiye, nanso Paulo kaee wɔn nea enti a ehia sɛ wɔkɔ so mia wɔn ani tu mmirika no. Ná Paulo pɛ sɛ wɔkɔ so suasua no na ‘wɔbɔ mmɔden du botae no ho.’—Filip. 3:14.

2. Afotu a Paulo de maa Filipifo no, adɛn nti na yebetumi aka sɛ ɔde mae wɔ bere a ɛfata mu?

2 Afotu a Paulo de maa Filipifo no, ɔde mae wɔ bere a ɛfata mu. Bere a wɔtew asafo no ara na nkurɔfo fii ase taa wɔn. Afe 50 Y.B. no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Paulo ne Silas sɛ ‘wontwa nkɔ Makedonia.’ Wotiei, enti wɔkɔɔ Filipi kɔkaa asɛmpa no. Saa bere no na ɔtaa no fii ase. (Aso. 16:9) Wɔkɔɔ hɔ no, wohuu ɔbea bi a ne din de Lidia ma ‘otiei, na Yehowa buee ne koma mu fann’ ma ɔyɛɛ aso maa asɛmpa no. (Aso. 16:14) Ntɛm ara na ɔne ne fiefo nyinaa bɔɔ asu. Nanso, Ɔbonsam kɔfaa ɔhaw bae. Mmarima a wɔwɔ kurom hɔ twee Paulo ne Silas kɔɔ ɔman no mpanyimfo anim, na wotwaa atoro too wɔn so sɛ wɔrehaw wɔn kurow no. Ɛno nti, wɔhwee Paulo ne Silas de wɔn guu afiase, na akyiri yi, wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ womfi kurow no mu. (Aso. 16:16-40) Wɔpaa abaw anaa? Dabi, wɔampa abaw! Anuanom a wɔwɔ asafo a na wɔatew no foforo no mu nso ɛ? Anigyesɛm ne sɛ, wɔn nso ampa abaw! Yebetumi aka sɛ nhwɛso pa a Paulo ne Silas yɛ maa wɔn no hyɛɛ wɔn nkuran pa ara.

3. Dɛn na Paulo hui, na nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho?

3 Ná Paulo asi ne bo sɛ obetu mmirika no awie. (2 Kor. 4:16) Nanso, ohui sɛ, sɛ obetumi atu mmirika no awie a, na ɛsɛ sɛ ɔde n’ani si botae no so. Dɛn na yebetumi asua afi Paulo hɔ? Ebinom ayɛ gyidi ho nhwɛso wɔ yɛn bere yi so. Dɛn na ɛma yehu sɛ nea wɔayɛ no bɛboa yɛn ama yɛatumi agyina ɔhaw biara ano? Daakye ho anidaso a yɛwɔ no, sɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛasi yɛn bo sɛ yebetu mmirika no awie?

SƐNEA PAULO NHWƐSO BETUMI ABOA YƐN

4. Ɛmfa ho nea ɛtoo Paulo no, ɛyɛɛ dɛn na otumi yɛɛ ne som adwuma no?

4 Bere a Paulo kyerɛw krataa kɔmaa Filipifo no, wo de, hwɛ sɛnea na wayere ne ho reyɛ ɔsom adwuma no. Saa bere no, na wɔde no ato afiase wɔ ofie bi mu wɔ Roma. Wei nti, na ontumi nkɔ abɔnten nkɔka asɛmpa no. Nanso, nkurɔfo a wɔkɔsraa no no, ɔyeree ne ho dii wɔn adanse. Ɔkyerɛw nkrataa nso kɔmaa asafo ahorow a na ɛwɔ akyirikyiri no. Saa ara na ɛnnɛ, Kristofo pii a wɔaka dan mu de hokwan biara a wonya ka asɛmpa no kyerɛ wɔn a wɔba wɔn fie. Afei nso, wɔkyerɛw nkrataa a ɛhyɛ nkuran kɔma nkurɔfo a yennya wɔn nka asɛmpa no nkyerɛ wɔn.

5. Sɛnea asɛm a Paulo kaa wɔ Filipifo 3:12-14 kyerɛ no, dɛn na ɛboaa no ma ɔkɔɔ so de n’ani sii botae no so?

5 Paulo amma nneɛma pa anaa nneɛma bɔne a na wayɛ bere bi a atwam antwetwe n’adwene. Ɔkaa sɛ, sɛ obetumi atu mmirika no awie a, gye sɛ ɔma ne “werɛ fi nneɛma a ɛwɔ akyi no” na ‘ɔtwe ne mu du nneɛma a ɛwɔ anim no ho.’ (Kenkan Filipifo 3:12-14.) Nneɛma bɛn saa na na ebetumi atwetwe Paulo adwene? Nea edi kan, na Paulo ayɛ nneɛma pii wɔ Yudasom mu. Nanso, obuu saa nneɛma no nyinaa sɛ “nwura dodow.” (Filip. 3:3-8) Nea ɛto so mmienu, ɛwom sɛ ebia na n’ahonim bu ne fɔ wɔ Kristofo a ɔtaa wɔn no ho de, nanso wamma ɛno ammu n’abam. Nea ɛto so mmiɛnsa, wannya adwene sɛ nea watumi ayɛ ama Yehowa no ara dɔɔso. Paulo tumi yɛɛ pii wɔ asɛnka adwuma no mu, nanso ohyiaa sɔhwɛ bebree. Sɔhwɛ a ohyiae no bi ni. Wɔde no too afiase, wɔhwee no, wosiw no abo, ɔtenaa po so hyɛn mu ma ebutuwii, na aduan ne ntade ho yɛɛ den maa no. (2 Kor. 11:23-27) Nanso, ɛmfa ho nneɛma a na Paulo atumi ayɛ ne ɔhaw a wafa mu no, na onim sɛ ɛsɛ sɛ ɔyere ne ho som Yehowa. Saa pɛpɛɛpɛ na ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ.

6. “Nneɛma a ɛwɔ akyi” a ɛsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi no, ebi ne dɛn?

6 Paulo maa ne werɛ fii “nneɛma a ɛwɔ akyi” no. Yɛbɛyɛ dɛn asuasua no? Yɛn mu bi wɔ hɔ a, bɔne a yɛyɛe bere bi a atwam nti, yɛn ahonim bu yɛn fɔ, na ebehia sɛ yedi sɛnea yɛte nka no so. Sɛ saa a, ɛnde adɛn nti na wunnye bere nsua Kristo agyede afɔre no ho ade? Sɛ yesua agyede no ho ade dwinnwen ho na yɛbɔ ho mpae a, ɛbɛhyɛ yɛn nkuran, na ɛbɛboa yɛn pa ara na yɛn ahonim ammu yɛn fɔ sɛnea ɛnsɛ. Sɛ yɛyɛ saa a, ebia yɛn ahonim renteetee yɛn bio wɔ bɔne a Yehowa de akyɛ yɛn no ho. Yɛnhwɛ ade foforo a yebetumi asua afi Paulo hɔ. Ebia ebinom agyae adwuma bi a anka ebetumi ama wɔanya sika pii sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde Ahenni no bedi kan. Sɛ saa a, yebeyi yɛn adwene afi ahonyade a anka yebetumi anya no so de akyerɛ sɛ yɛama yɛn werɛ afi nneɛma a ɛwɔ akyi no anaa? (Num. 11:4-6; Ɔsɛnk. 7:10) Nea yɛatumi ayɛ wɔ Yehowa som mu anaa sɔhwɛ ahorow a yegyinaa ano bere bi a atwam nso betumi aka “nneɛma a ɛwɔ akyi” no ho. Sɛ yɛkaakae sɛnea yɛn Agya Yehowa ahyira yɛn na waboa yɛn bere bi a atwam nso a, ebetumi ama yɛabɛn no pa ara. Nanso, yɛmpɛ sɛ yɛbɛtew ada na yɛanya adwene sɛ nea yɛayɛ ama Yehowa no ara dɔɔso.—1 Kor. 15:58.

Nkwa ho mmirika a yɛretu no, ɛnsɛ sɛ yɛma nneɛma twetwe yɛn adwene, na mmom ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ani si yɛn botae no so (Hwɛ nkyekyɛm 7)

7. Sɛnea 1 Korintofo 9:24-27 ka no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛatumi atu nkwa ho mmirika no awie? Ma ɛho nhwɛso.

7 Yesu kaa sɛ: “Monyere mo ho denneennen.” Paulo tee saa asɛm no ase yiye. (Luka 13:23, 24) Ná Paulo nim sɛ, ɛsɛ sɛ ɔyere ne ho kosi ase sɛnea Kristo yɛe no. Enti, ɔde Kristofo asetena totoo mmirikatu ho. (Kenkan 1 Korintofo 9:24-27.) Sɛ mmirikatufo bi resi akan a, ɔmma nneɛma ntwetwe n’adwene, na mmom ɔde si n’ani so sɛ obewie mmirika a ɔretu no. Ɛho nhwɛso ni. Ɛnnɛ, sɛ mmirikatufo resi akan wɔ nkurow akɛse mu a, baabi a wotu mmirika no fa no, ebia wobehu sotɔɔ pii ne nneɛma foforo a ebetumi atwetwe wɔn adwene. Wohwɛ a, obi a ɔretu mmirika no begyina sɛ ɔrehwɛ nneɛma a wɔahyehyɛ wɔ sotɔɔ ahorow mu no? Sɛ ɔpɛ sɛ odi nkonim a, ɔrenyɛ saa da! Yɛn nso, nkwa ho mmirika a yɛretu no, ɛnsɛ sɛ yɛma nneɛma twetwe yɛn adwene. Sɛ yɛde yɛn ani si yɛn botae no so, na yɛyere yɛn ho denneennen sɛnea Paulo yɛe no a, yebenya nkonimbo no!

YƐBƐYƐ DƐN AGYINA ƆHAW AHOROW A EBETUMI ASƐE YƐN GYIDI ANO?

8. Ɔhaw mmiɛnsa bɛn na yebesusuw ho?

8 Afei, momma yɛnhwɛ ɔhaw mmiɛnsa a ebetumi ama yɛn abam abu. Ɛno ne nneɛma a yɛrehwɛ kwan a ennya mmaa mu, yɛn ahoɔden a ɛso retew, ne sɔhwɛ a ɛto ntwa da. Sɛ yɛhwɛ sɛnea afoforo atumi agyina ɔhaw a ɛte saa ano a, yebetumi asua biribi afi mu.—Filip. 3:17.

9. Nneɛma a yɛrehwɛ kwan a ennya mmaa mu no, sɛn na ebetumi aka yɛn?

9 Nneɛma a yɛrehwɛ kwan a ennya mmaa mu. Yɛn yam a anka yɛn nsa aka nneɛma pa a Yehowa ahyɛ ho bɔ no. Nokwasɛm ne sɛ, bere a na Yehowa diyifo Habakuk reka no denneennen sɛ Yehowa mma abɔnefosɛm mmra awiei wɔ Yuda no, Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ ‘ɔntwɛn.’ (Hab. 2:3) Nanso, sɛ nneɛma a yɛhwɛ kwan sɛ ɛbɛbam no reyɛ akyɛ wɔ yɛn ani so a, ebetumi ama nsi ne ahokeka a yɛde resom Yehowa no ano abrɛ ase. Ebetumi ama yɛn abam abu mpo. (Mmeb. 13:12) Bɛyɛ afe 1914 no, saa na ɛtoo anuanom bi. Saa bere no, na Kristofo a wɔasra wɔn no pii hwɛ kwan sɛ wɔbɛkɔ soro afe 1914. Nanso, bere a amma saa no, dɛn na anokwafo no yɛe wɔ nea na wɔhwɛ kwan a amma mu sɛnea na wɔhwɛ kwan no ho?

Nea na Royal ne Pearl Spatz hwɛ kwan sɛ ɛbɛbam afe 1914 no amma mu, nanso wɔkɔɔ so de nokwaredi som Yehowa mfe pii (Hwɛ nkyekyɛm 10)

10. Bere a nea awarefo bi rehwɛ kwan amma mu sɛnea na wɔhwɛ kwan no, dɛn na wɔyɛe?

10 Yɛnhwɛ anokwafo mmienu bi a wɔamma wɔn abam ammu. Onua Royal Spatz bɔɔ asu afe 1908; na wadi mfe 20. Ná ɔwɔ ahotoso pa ara sɛ ɛrenkyɛ na wakɔ soro. Enti afe 1911, bere a ɔka kyerɛɛ onuawa bi a wɔfrɛ no Pearl sɛ ɔbɛware no no, ɔde kaa ho sɛ: “Wunim nea ebesi afe 1914. Sɛ yɛbɛware a, ɛnde yɛnhwɛ nyɛ no ntɛm!” Bere a awarefo a wɔyɛ Kristofo yi ankɔ soro afe 1914 no, wogyaee nkwa ho mmirika a na wɔretu no anaa? Dabi. Ná nea ehia wɔn pa ara ne sɛ wɔbɛkɔ so ayɛ Onyankopɔn apɛde, na na ɛnyɛ ɔsoro a wɔbɛkɔ. Ná wɔasi wɔn bo sɛ wobemia wɔn ani atu mmirika no awie. Nokwasɛm ne sɛ, Royal ne Pearl kɔɔ so de nokwaredi som Yehowa mfe pii kosii sɛ wowiee wɔn som adwuma wɔ asase so. Yebetumi aka pa ara sɛ, wo nso wohwɛ kwan sɛ wubehu bere a Yehowa bɛtew ne din ho na wama obiara ahu sɛ ne tumidi na ɛfata, na wama ne bɔhyɛ nyinaa abam. Nya awerɛhyem sɛ Yehowa bere sõ a, weinom nyinaa bɛbam. Enkosi saa bere no, momma yɛnyere yɛn ho nsom Onyankopɔn, na mommma nneɛma a yɛrehwɛ kwan a ennya mmaa mu no mmmu yɛn abam.

Bere a Arthur Secord mfe kɔɔ anim mpo no, na ɔpɛ sɛ ɔkɔ so yɛ nea obetumi biara ma Yehowa. (Hwɛ nkyekyɛm 11)

11-12. Sɛ mpo yɛn ahoɔden so atew a, adɛn nti na yebetumi akɔ so de nokwaredi asom Yehowa? Ma ɛho nhwɛso.

11 Bere a yɛn ahoɔden so retew. Mmirikatufo a osi akan no, sɛ wannya ahoɔden a, ɔrentumi ntu mmirika no. Nanso wo de, enhia sɛ wunya saa ahoɔden no ansa na woatumi anya Yehowa mu gyidi kɛse na wode nsi ne ahokeka asom no. Nea ɛte ne sɛ, nnipa pii a wɔn ahoɔden so atew asi wɔn bo pa ara sɛ wɔbɛkɔ so ayɛ nea wobetumi biara wɔ Yehowa som mu. (2 Kor. 4:16) Yɛnhwɛ Onua Arthur Secord. * Bere a odii mfe 88 no, na wasom wɔ Betel mfe 55; na ne mfe akɔ anim, na na wayɛ mmerɛw. Da bi, anuanom a wɔhwɛ no no baako kɔɔ ne nkyɛn kɔhwɛɛ no. Onuawa no hwɛɛ n’anim kaa asɛm bi a ɛka koma kyerɛɛ no. Onuawa no kaa sɛ: “Onua Secord, wayere wo ho asom Yehowa pa ara.” Nanso, Arthur amfa n’adwene ansi nea na wayɛ wɔ Yehowa som mu no so. Onua Arthur hwɛɛ onuawa no anim serewee, na ɔkaa sɛ: “Ɛyɛ Ampa. Nanso, ɛnyɛ nea yɛayɛ na ehia. Mmom, nea ehia ne sɛ yɛbɛkɔ so adi nokware.”

12 Ebia woasom Yehowa mfe pii, nanso seesei wuhu sɛ yare nti wuntumi nyɛ pii te sɛ kan no. Sɛ saa na ɛte a, mma w’abam mmmu. Nya awerɛhyem sɛ Yehowa kae nea woayɛ de asom no bere a atwam no, na n’ani sɔ. (Heb. 6:10) Seesei de, kae sɛ, ɛnyɛ pii anaa kakra a yetumi yɛ wɔ Yehowa som mu na ɛkyerɛ sɛ yefi yɛn kra nyinaa mu resom no. Mmom, sɛ yenya adwempa na yɛyɛ nea yɛn ahoɔden betumi nyinaa a, yɛma Yehowa hu sɛ yɛdɔ no pa ara. (Kol. 3:23) Yehowa nim nea yebetumi ayɛ ne nea yɛrentumi nyɛ, na ɔnhwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ nea ɛboro yɛn ahoɔden so.​—Mar. 12:43, 44.

Ɛmfa ho sɛ Anatoly ne Lidiya Melnik faa sɔhwɛ pii mu no, wɔkɔɔ so de nokwaredi som Yehowa (Hwɛ nkyekyɛm 13)

13. Yɛagyina sɔhwɛ pii ano mpo a, sɛn na nea ɛtoo Anatoly ne Lidiya no betumi ahyɛ yɛn nkuran ama yɛakɔ so asom Yehowa?

13 Sɔhwɛ a ɛto ntwa da. Yehowa asomfo binom agyina sɔhwɛ ne ɔtaa ano mfe pii. Wɔn mu baako ne Anatoly Melnik. * Bere a Anatoly dii mfe 12 pɛ na wɔkyeree ne papa too afiase, na afei wotwaa no asu de no kɔɔ Siberia. Efi Moldova, baabi a na n’abusua wɔ rekɔ Siberia no boro akwansin 4,000 (kilomita 7,000). Afe baako akyi no, wotwaa Anatoly, ne maame, ne ne nananom nso asu de wɔn kɔɔ Siberia. Eduu bere bi no, na wotumi kɔ asafo nhyiam wɔ akuraa foforo bi ase, nanso na wɔfa sukyerɛmma mu nantew twa akwansin 20 (kilomita 30). Ná awɔw no ano yɛ den papaapa. Akyiri yi, wɔde Onua Melnik too afiase mfe mmiɛnsa; ná ɔmmɛn ne yere Lidiya ne ne babea a na wadi afe baako no. Ɛmfa ho sɔhwɛ a Anatoly ne n’abusua faa mu no, wɔkɔɔ so de nokwaredi som Yehowa. Seesei Anatoly adi mfe 82, na ɔka ɔman bi a ɛwɔ Asia Mfinimfini Baa Boayikuw ho. Momma yensuasua Anatoly ne Lidiya, na yɛnyɛ nea yebetumi nyinaa wɔ Yehowa som mu, na sɛnea yɛakɔ so agyina mu no, yɛnkɔ so ara nyɛ no saa.​—Gal. 6:9.

DAAKYE HO ANIDASO A YƐWƆ NO HYƐ YƐN NKURAN

14. Dɛn na Paulo hui sɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ na ama wadu ne botae ho?

14 Ná Paulo wɔ ahotoso sɛ obewie mmirika a ɔretu no, na ama wadu ne botae ho. Paulo yɛ Kristoni a na wɔasra no, enti na ɔhwɛ kwan sɛ obenya “nkonimbo a ɛne ɔsoro frɛ a efi Onyankopɔn hɔ” no. Nanso, ohui sɛ gye sɛ ‘ɔbɔ mmɔden’ ansa na watumi adu saa botae no ho. (Filip. 3:14) Paulo de biribi yɛɛ mfatoho kama maa Filipifo no na aboa wɔn ama wɔakɔ so de wɔn ani asi wɔn botae no so.

15. Paulo hyɛɛ Kristofo a na wɔwɔ Filipi no nkuran sɛ wɔnkɔ so ‘mmɔ mmɔden.’ Sɛn na ɔde obi a ɔyɛ ɔman ba yɛɛ wei ho mfatoho?

15 Paulo kaee Kristofo a na wɔwɔ Filipi no sɛ wɔyɛ ɔman mma wɔ soro. (Filip. 3:20) Adɛn nti na na ɛsɛ sɛ wɔkae sɛ wɔyɛ ɔman mma wɔ soro? Saa bere no, sɛ na obi yɛ Roma man ba a, na ɛyɛ ade a ɛsom bo pa ara. * Nanso, Kristofo a wɔasra wɔn no de, na wɔyɛ ɔman mma wɔ soro, enti na wɔsen Roma man no mma koraa, na na wobenya nneɛma pa pii. Enti, sɛ wode obi a ɔyɛ ɔman ba wɔ soro toto obi a ɔyɛ Roma man ba ho a, na Romani no nsɛ hwee! Wei nti, Paulo hyɛɛ Kristofo a wɔwɔ Filipi no nkuran sɛ ‘wɔmma wɔn abrabɔ mfata Kristo asɛmpa no.’ Asɛm a wɔkyerɛɛ ase “momma mo abrabɔ mfata” no kyerɛ sɛ wɔbɛbɔ wɔn bra sɛ ɔman mma. (Filip. 1:27) Ɛnnɛ, Kristofo a wɔasra wɔn no yɛ nhwɛso pa; wɔbɔ mmɔden sɛ wobedu wɔn botae a ɛne sɛ wɔbɛtena ase daa wɔ ɔsoro no ho.

16. Yɛn anidaso ne sɛ yɛbɛtena soro oo, asase so oo, sɛnea Filipifo 4:6, 7 ka no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so yɛ?

16 Sɛ yɛn anidaso ne sɛ yebenya daa nkwa wɔ soro oo, paradise wɔ asase so oo, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so bɔ mmɔden du saa botae no ho. Tebea biara a yɛwom no, ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ nneɛma a ɛwɔ akyi no; saa ara nso na ɛnsɛ sɛ yɛma biribiara siw yɛn kwan ma yegyae Yehowa som. (Filip. 3:16) Ebia yɛahwɛ kwan bere tenten sɛ yebehu sɛ Yehowa bɔhyɛ ahorow bɛbam, anaa ebia yɛn ahoɔden so retew. Ebia yɛagyina sɔhwɛ ne ɔtaa ano mfe bebree. Tebea biara a wowom no, ‘nnwinnwen biribiara nhaw wo ho.’ Mmom, fa nkotɔsrɛ so ma w’adesrɛ nnu Onyankopɔn anim, na ɔbɛma wo asomdwoe a ɛboro w’adwene ne wo ntease so.​—Kenkan Filipifo 4:6, 7.

17. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

17 Sɛnea mmirikatufo retu mmirika na ɔrebewie a, ɔyere ne ho no, momma yɛn nso yɛmfa yɛn ani nsi nkwa ho mmirika a yɛretu no so na ama yɛatumi awie. Sɛnea yɛn ahoɔden ne yɛn tebea bɛma yɛn kwan no, yɛpɛ sɛ yɛyere yɛn ho yɛ nea yebetumi nyinaa na yɛkɔ so twe yɛn mu du nneɛma a ɛwɔ yɛn anim no ho. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛatumi akɔ yɛn anim sɛnea yɛn ahoɔden betumi? Adesua a edi hɔ no bɛboa yɛn ama yɛahu nneɛma a ehia sɛ yɛde di kan wɔ yɛn asetenam na ama ‘yɛapɛɛpɛɛ mu ahu nneɛma a ehia koraa no.’​—Filip. 1:9, 10.

DWOM 79 Boa Ma Wɔnnyina Hɔ Pintinn

^ nky. 5 Ɛmfa ho bere tenten a yɛde asom Yehowa no, yɛpɛ sɛ yenya nkɔso na yɛma yɛn ho kokwaw sɛ Kristofo. Ɔsomafo Paulo hyɛɛ ne nuanom Kristofo nkuran sɛ ɛnsɛ sɛ wɔpa abaw! Krataa a Paulo kyerɛw kɔmaa Filipifo no, nkuranhyɛsɛm bi wom a ɛbɛboa yɛn ama yɛakɔ so amia yɛn ani atu nkwa ho mmirika no. Adesua yi bɛboa yɛn ama yɛahu sɛnea yɛde asɛm a Onyankopɔn maa Paulo kyerɛwee no bɛyɛ adwuma.

^ nky. 11 Hwɛ Onua Secord asetenam nsɛm a ɛbaa June 15, 1965 Ɔwɛn-Aban, Borɔfo de mu. Asɛmti ne “My Part in Advancing Right Worship” (Nea Mayɛ De Aboa Ama Nokware Som Anya Nkɔso).

^ nky. 13 Hwɛ Onua Melnik asetenam nsɛm a ɛbaa October 22, 2004 Nyan! Borɔfo de mu. Asɛmti ne, “Taught From Childhood to Love God” (Wɔakyerɛkyerɛ Me Fi Me Mmofraase Ama Madɔ Onyankopɔn).

^ nky. 15 Ná Filipi kurow no hyɛ Roma tumidi ase. Enti ɔkwan bi so no, na nnipa a wɔwɔ Filipi no yɛ Roma man no mma. Wei nti, anuanom a wɔwɔ Filipi no tee Paulo mfatoho no ase.