Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yohane Suboni—Ne Nhwɛso Betumi Aboa Ama Yɛn Ani Akɔ So Agye

Yohane Suboni—Ne Nhwɛso Betumi Aboa Ama Yɛn Ani Akɔ So Agye

ASAFO mu dwumadi bi wɔ hɔ a wunyae a anka wobɛyɛ pa ara, nanso seesei worentumi nyɛ anaa? Ebia ɛyɛ asɛyɛde bi a ɛhyɛ obi foforo nsa. Anaa ebia ɛyɛ ɔsom hokwan bi a na wowɔ bere bi a atwam. Nanso, ebia wo mfe a akɔ anim, yare, sikasɛm mu ahokyere, anaa abusua mu asɛyɛde mma wuntumi nyɛ nea kan no na woyɛ no. Anaa nsakrae a ahyehyɛde no ayɛ nti, ebia asɛyɛde bi a na ɛhyɛ wo nsa mfe pii no, ɛkɔbae sɛ ɛsɛ sɛ wode to hɔ. Ɛmfa ho sɛnea asɛm no te biara no, ebia wobɛte nka sɛ ɛnyɛ nea wubetumi ayɛ wɔ Onyankopɔn som mu nyinaa na woreyɛ no. Biribi a ɛte saa si na ɛtɔ da na w’abam bu a, ntease wom. Sɛ saa mpo a, dɛn na wobɛyɛ na nsusuwii biara a ebetumi ama w’abam abu, ahyɛ wo awerɛhow, anaa ama wode nsɛm ahyɛ wo mu no, woatumi ayi afi hɔ? Dɛn na wobɛyɛ na w’anigye ansɛe?

Sɛ yesusuw Yohane Suboni nhwɛso no ho a, yebetumi ahu nea yɛbɛyɛ na ama yɛn ani akɔ so agye. Yohane nyaa hokwan pii wɔ Yehowa som mu, nanso sɛnea nneɛma kɔe no, ɛbɛyɛ sɛ ɛnyɛ saa na na ɔhwɛ kwan. Ebia Yohane anna annwen ho da sɛ ɔbɛda afiase bere tenten asen bere tenten a ɔde yɛɛ ne som adwuma no. Ne nyinaa mu no, Yohane ani kɔɔ so gyei, na wamma biribiara ansɛe n’anigye ne nkwa nna a aka nyinaa. Dɛn na ɛboaa no? Yehyia tebea ahorow a ebu abam mpo a, yɛbɛyɛ dɛn akɔ so anya anigye?

ƆSOM ADWUMA A ƐMAA N’ANI GYEI

Bɛyɛ April afe 29 Y.B. no, Yohane fii ne som adwuma ase siesiee kwan mu maa Mesia no. Ɔkaa sɛ: “Monsakra mo adwene, na ɔsoro ahenni no abɛn.” (Mat. 3:2; Luka 1:12-17) Nnipa pii tiee no. Nnipa bebree fii akyirikyiri betiee n’asɛm no. Ɛkaa wɔn mu pii koma ma wɔsakraa wɔn adwene, na wɔbɔɔ asu. Nyamesom akannifo a na wɔayɛ wɔn ho treneefo no, Yohane de akokoduru bɔɔ wɔn nso kɔkɔ sɛ, sɛ wɔansakra wɔn adwene a, atemmu da hɔ retwɛn wɔn. (Mat. 3:5-12) Yohane yɛɛ ade a ɛho hia pa ara wɔ ne som adwuma mu bɛyɛ October afe 29 Y.B.; ɔbɔɔ Yesu asu. Efi saa bere no, Yohane kyerɛɛ nkurɔfo sɛ wonni Yesu a ɔyɛ Mesia a wɔahyɛ ne ho bɔ no akyi.—Yoh. 1:32-37.

Esiane sɛ adwuma a Yohane yɛe no yɛ soronko nti, Yesu kaa sɛ: “Wɔn a mmea awo wɔn mu no, obiara nsɔree a ɔyɛ kɛse sen Yohane Suboni.” (Mat. 11:11) Yebetumi aka pa ara sɛ, nhyira a Yohane nyae no maa n’ani gyei pa ara. Ɛnnɛ, nnipa bebree nso anya Onyankopɔn nhyira pii te sɛ Yohane. Yɛnhwɛ onua bi a ne din de Terry. Terry ne ne yere Sandra de bɛboro mfe 50 ayɛ bere nyinaa som adwuma. Terry kaa sɛ: “Manya ɔsom hokwan pii ama m’ani agye. Mayɛ akwampae adwuma, masom wɔ Betel, masom sɛ ɔkwampaefo titiriw, mayɛ ɔmansin sohwɛfo ne ɔmantam sohwɛfo, na seesei mesan som sɛ ɔkwampaefo titiriw.” Sɛ yenya hokwan wɔ Onyankopɔn som mu a, ɛma yɛn ani gye. Nanso, Yohane asɛm no bɛma yɛahu sɛ, sɛ nneɛma sesa wɔ yɛn asetenam a, egye mmɔdenbɔ na ama yɛn ani akɔ so agye.

MA W’ANI NSƆ ƆSOM HOKWAN A WOWƆ BERE NYINAA

Ade titiriw a ɛmaa Yohane Suboni ani gyei bere nyinaa ne sɛ, ɔmaa n’ani sɔɔ ɔsom hokwan a na ɔwɔ no. Ma yɛnhwɛ ɛho nhwɛso bi. Bere a Yesu bɔɔ asu akyi no, nnipa a na wodi Yohane akyi no so fii ase tewee, na nnipa a na wodi Yesu akyi no dodow fii ase dɔree. Ná asɛm no haw Yohane asuafo no, enti wɔkɔɔ Yohane nkyɛn kɔkaa sɛ: “Hwɛ, ɔrebɔ asu na nnipa nyinaa rekɔ ne nkyɛn.” (Yoh. 3:26) Yohane ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nea ayeforo no wɔ no no, ɔno ne ayeforokunu no. Na ayeforokunu no adamfo de, sɛ ogyina hɔ tie na ɔte ayeforokunu no nne a, n’ani gye paa. Enti anigye a mewɔ yi ayɛ mã.” (Yoh. 3:29) Yohane anyɛ n’adwene sɛ ɔbɛma ne ho so asen Yesu. Saa ara nso na Yohane annya adwene sɛ, esiane adwuma kɛse a Yesu reyɛ nti, adwuma a ɔno reyɛ no so nni mfaso. Mmom, Yohane ani kɔɔ so gyei, efisɛ adwuma a na ɔreyɛ sɛ “ayeforokunu no adamfo” no, na n’ani sɔ.

Ɛwom, na adwuma a Yohane reyɛ no nna fam, nanso adwene a na ɔwɔ wɔ ho no boaa no maa n’ani kɔɔ so gyei. Ɛho nhwɛso bi ni. Bere a wɔwoo Yohane nyinaa na ɔyɛ Nasirini, enti na onni hokwan sɛ ɔnom nsã. (Luka 1:15) Yesu kaa sɛ, “Yohane bae, wannidi na wannom”; nea na Yesu rekyerɛ ne sɛ, Yohane de nneɛma pii kamee ne ho. Nanso, Yesu ne n’asuafo no de, nneɛma a na Nasirifo de kame wɔn ho no, wɔamfa bi ankame wɔn ho, enti na wɔbɔ wɔn bra sɛ nnipa a aka nyinaa. (Mat. 11:18, 19) Afei nso, Yohane anyɛ anwonwade biara de, nanso na onim sɛ Yesu asuafo no ne wɔn a bere bi na anka wodi ɔno Yohane akyi no tumi yɛ anwonwade. (Mat. 10:1; Yoh. 10:41) Nsonsonoe a ɛwɔ Yohane akyidifo ne Yesu akyidifo ntam no, Yohane amma anhaw no, mmom ɔkɔɔ so de nsi ne ahokeka yɛɛ adwuma a na Yehowa de ama no no.

Yɛn nso, sɛ yɛn ani sɔ adwuma a Yehowa de ama yɛn wɔ ne som mu a, ɛbɛma yɛn ani akɔ so agye. Terry a yɛadi kan aka ne ho asɛm no kaa sɛ: “Mede m’adwene sii dwumadi biara a wɔde maa me so.” Sɛ otwa n’ani hwɛ nea wayɛ wɔ bere nyinaa som adwuma no mu a, ɔka sɛ, “Minnuu me ho, na nneɛma pii wɔ hɔ a mekaakae a, na m’ani agye.”

Nea ɛma dwumadi anaa asɛyɛde bi a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn som mu som bo pa ara no, sɛ yedwinnwen ho a, ebetumi ama yɛn ani agye pii. Ɛno ne hokwan a yɛanya sɛ “Onyankopɔn mfɛfo adwumayɛfo” no. (1 Kor. 3:9) Sɛ yɛwɔ agyapade anaa agude bi a ɛsom bo na sɛ yesiesie anaa yetwitwiw ho bere nyinaa a, ɛbɛkɔ so ayɛ fɛ anaa ahyerɛn. Saa ara na sɛ yedwinnwen hokwan kɛse a yɛanya resom Onyankopɔn no ho a, ɛbɛma yɛn ani akɔ so agye. Ɛremma yɛmfa nea yɛyɛ wɔ Onyankopɔn som mu ntoto nea afoforo yɛ ho. Yɛremfa no sɛ ɔsom hokwan a afoforo anya som bo sen yɛn de.—Gal. 6:4.

FA W’ADWENE SI NNEƐMA A ƐHO HIA YEHOWA SO

Ebia na Yohane nim sɛ ɔrenyɛ ne som adwuma no nkyɛ, nanso ɛbɛyɛ sɛ na ɔnhwɛ kwan sɛ ɛbɛba awiei prɛko pɛ saa. (Yoh. 3:30) Bere a Yohane bɔɔ Yesu asu akyi bɛyɛ abosome nsia no, afe 30 Y.B. no, Ɔhene Herode de Yohane too afiase. Nanso, Yohane yɛɛ nea obetumi biara kɔɔ so kyerɛkyerɛɛ nokware no. (Mar. 6:17-20) Nea Yohane faa mu nyinaa no, dɛn na na ɛbɛboa no ama n’ani akɔ so agye? Ɔkɔɔ so de n’adwene sii nneɛma a ɛho hia Yehowa so.

Bere a na Yohane da afiase no, ɔtee sɛ Yesu som adwuma mu retrɛw. (Mat. 11:2; Luka 7:18) Ná Yohane nim pa ara sɛ Yesu ne Mesia no. Nanso, ɛbɛyɛ sɛ na ontumi nhu ɔkwan a nea Kyerɛwnsɛm no aka afa Mesia no ho nyinaa bɛfa so abam wɔ Yesu so. Esiane sɛ na Yohane nim sɛ Mesia no bɛyɛ ɔhene nti, ɛbɛyɛ sɛ obisaa ne ho sɛ, ɛrenkyɛ na Yesu adi hene anaa? Ɛbɛyɛ sɛ na ɔredwinnwen ho nso sɛ Yesu beyi no afi afiase anaa? Ná Yohane pɛ pa ara sɛ ohu adwuma a Yesu bɛyɛ ho nsɛm pii, enti ɔsomaa n’asuafo mmienu ma wokobisaa Yesu asɛm bi. N’asuafo no bisaa Yesu sɛ: “So wone Nea Ɔreba no anaasɛ yɛnhwɛ obi foforo kwan?” (Luka 7:19) Bere a Yohane asuafo no san kɔɔ ne nkyɛn no, ɛbɛyɛ sɛ ɔyɛɛ aso tiee wɔn. Wɔkaa yare a Yesu sae wɔ anwonwakwan so ne asɛm a Yesu somaa wɔn sɛ wɔnkɔka nkyerɛ Yohane no kyerɛɛ no sɛ: “Anifuraefo hu ade, mmubuafo nantew, akwatafo ho fi na asotifo te asɛm, wonyan awufo, na wɔka asɛmpa kyerɛ ahiafo.”—Luka 7:20-22.

Yebetumi aka sɛ saa asɛm yi hyɛɛ Yohane den pa ara. Amanneɛbɔ no maa Yohane hui pa ara sɛ na nkɔmhyɛ a ɛfa Mesia no ho no rebam wɔ Yesu so. Ɛwom sɛ Yesu bae no wanyi Yohane amfi afiase de, nanso na Yohane nim sɛ ne som adwuma no renyɛ kwa. Ɛmfa ho nea na Yohane refa mu no, na ɔwɔ nea enti pa ara n’ani betumi agye.

Sɛ yɛde yɛn adwene si amanneɛbɔ pa a ɛfa asɛnka adwuma a yɛreyɛ wɔ wiase nyinaa ho so a, ebetumi aboa ama yɛn ani akɔ so agye

Sɛ yɛde yɛn ani si Yehowa som so sɛnea Yohane yɛe no a, nea ɛbɛto yɛn biara no, yɛbɛkɔ so anya abotare na yɛde anigye asom Yehowa. (Kol. 1:9-11) Sɛ yɛkenkan Bible na yedwinnwen ho a, yebetumi ayɛ saa. Wei bɛboa yɛn ama yɛahu sɛ adwuma a yɛyɛ wɔ Onyankopɔn som mu no renyɛ kwa da. (1 Kor. 15:58) Sandra kaa sɛ: “Sɛ mekenkan Bible mu nhoma bi ti baako da biara a, ɛboa ma mebɛn Yehowa kɛse. Ɛboa me ma mede m’adwene si Yehowa so, na ɛnyɛ m’ankasa so.” Afei nso, amanneɛbɔ a ɛfa Ahenni adwuma no ho no, yebetumi de yɛn adwene asi so. Ɛno betumi aboa yɛn ma yɛde yɛn adwene asi nea Yehowa reyɛ so sen sɛ yebedwen yɛn nko ara ho. Sandra san kaa sɛ: “JW Broadcasting® so dwumadi a ɛba bosome biara no boa yɛn ma yehu Yehowa ahyehyɛde no yiye. Afei nso, ɛboa yɛn ma yɛn ani kɔ so gye wɔ yɛn som adwuma mu.”

Bere tiaa a Yohane Suboni de yɛɛ ne som adwuma no, ɔde “Elia honhom ne ne tumi” na ɛyɛe. Ná Yohane te sɛ Elia, enti na ‘ɔyɛ onipa a ɔwɔ nkate te sɛ yɛn ara.’ (Luka 1:17; Yak. 5:17) Adwuma a Yehowa de maa Yohane no, na Yohane ani sɔ, na ɔde n’adwene sii Yehowa som so. Yɛn nso, sɛ yesuasua Yohane a, nea ɛbɛba biara no, yɛn ani bɛkɔ so agye wɔ Ahenni adwuma no mu.