Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 32

Brɛ Wo Ho Ase Na Wo Ne Wo Nyankopɔn Nnantew

Brɛ Wo Ho Ase Na Wo Ne Wo Nyankopɔn Nnantew

“Brɛ wo ho ase ne wo Nyankopɔn nnantew.’—MIKA 6:8.

DWOM 31 O Wo ne Onyankopɔn Nnantew!

NEA YƐREBESUA *

1. Sɛnea Yehowa brɛ ne ho ase no, dɛn na Dawid ka faa ho?

YEBETUMI aka paa sɛ Yehowa brɛ ne ho ase anaa? Yiw yebetumi aka. Dawid kaa sɛ: “Wode wo nkwagye kyɛm bɛma me, na w’ahobrɛase na ɛma meyɛ kɛse.” (2 Sam. 22:36; Dw. 18:35) Ɛbɛyɛ sɛ na Dawid redwinnwen da a odiyifo Samuel baa ne papa fie sɛ ɔrebɛsra nea na ɔbɛyɛ Israel hene daakye no ho. Mmarima nwɔtwe a na wɔwɔ fie hɔ no, Dawid na na osua koraa nanso ɔno na Yehowa yii no sɛ obedi Ɔhene Saul ade.—1 Sam. 16:1, 10-13.

2. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

2 Ɛbɛyɛ sɛ na Dawid ne odwontofo a ɔkyerɛw asɛm a ɛwɔ Dwom 113 no yɛ adwene. Ɛhɔ ka sɛ: “Ɔbrɛ ne ho ase hwɛ ɔsoro ne asase so, na ɔma ɔbrɛfo so fi mfutuma mu; Ɔma ohiani so ma ɔtena atitiriw mu.” (Dw. 113:6-8) Adesua yi mu no, yebedi kan ahwɛ sɛnea Yehowa daa ahobrɛase adi na ɛbɛma yɛasua biribi a ɛho hia afa ahobrɛase ho. Afei nso, nneɛma bi kɔɔ so wɔ Ɔhene Saul, odiyifo Daniel ne Yesu asetena mu a ɛma yenya asuade fa ahobrɛase ho. Yebesusuw ɛno nso ho.

SƐ YƐHWƐ NEA YEHOWA YƐE NO A, DƐN NA YEBETUMI ASUA AFI MU?

3. Sɛn na Yehowa ne yɛn di, na dɛn na wei ma yehu fa ne ho?

3 Sɛnea Yehowa ne n’asomfo a wɔto sin di no ma yehu sɛ ɔbrɛ ne ho ase. Ɔsom a yɛde ma no no n’ani sɔ, nanso ɛno da nkyɛn a, ohu yɛn sɛ ne nnamfo. (Dw. 25:14) Yehowa fii ne pɛ mu de ne ba no bɔɔ afɔre maa yɛn. Ɔyɛɛ saa na ama yɛatumi afa no adamfo. Nea ɔyɛe no kyerɛ sɛ yɛn asɛm yɛ no mmɔbɔ.

4. Dɛn na Yehowa de ama yɛn, na adɛn ntia?

4 Yehowa ne ɔbɔadeɛ, enti na anka obetumi abɔ yɛn kwan bi so a, anka yɛrentumi nkyerɛ sɛnea yɛpɛ sɛ yɛbɔ yɛn bra. Nanso wammɔ yɛn saa, mmom ɔbɔɔ yɛn wɔ ne suban so na ɔde yɛn pɛ ama yɛn. Yɛyɛ nnipa a yɛnsɛ hwee nanso ɔpɛ sɛ ɔdɔ a yɛdɔ no nti, yefi yɛn koma mu som no, na yegye tom sɛ yetie no a, ɛbɛboa yɛn. (Deut. 10:12; Yes. 48:17, 18) Ɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ Yehowa brɛ ne ho ase saa!

Mfoni yi mu no, yehu sɛ Yesu wɔ soro. Wɔn a wɔne no bedi ade no bi ka ne ho, na wɔrehwɛ abɔfo no. Abɔfo no bi rekɔ asase so akɔyɛ adwuma a wɔde ahyɛ wɔn nsa. Yehowa ama wɔn a wɔwɔ mfoni yi mu nyinaa tumi (Hwɛ nkyekyɛm 5)

5. Ɔkwan bɛn so na Yehowa kyerɛ yɛn sɛnea yɛbɛbrɛ yɛn ho ase? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi anim no.)

5 Yehowa nam ɔkwan a ɔfa so ne yɛn di nsɛm so kyerɛ yɛn sɛnea yɛbɛbrɛ yɛn ho ase. Amansan yi mu nyinaa, Yehowa na ɔwɔ nyansa paa nanso sɛ afoforo kyerɛ wɔn adwen a, ogye tom. Ɛho nhwɛso ne sɛ, Yehowa maa ne ba no boaa no ma ɔbɔɔ nneɛma nyinaa. (Mmeb. 8:27-30; Kol. 1:15, 16) Afei nso, ɛmfa ho sɛ Yehowa yɛ ade nyinaa so tumfoɔ no, ɔde adwuma hyɛ afoforo nsa. Ɛho nhwɛso bi ni. Ɔde Yesu asi n’Ahenni no so Hene na nnipa 144,000 a wɔbɛka Yesu ho adi ade no nso, ɔbɛma wɔn tumi. (Luka 12:32) Nanso, ansa na Yesu rebɛyɛ Ɔhene ne Ɔsɔfo Panyin no, Yehowa dii kan tetee no. (Heb. 5:8, 9) Afei nso, ɔtete wɔn a wɔne Yesu bedi ade no nanso adwuma a ɔde ama wɔn no, ɔno ankasa nsan nnye adwuma no nyɛ. Mmom ogye wɔn di sɛ wɔbɛyɛ n’apɛde.—Adi. 5:10.

Sɛ yɛtete afoforo na yɛde adwuma hyɛ wɔn nsa a, na yɛresuasua Yehowa (Hwɛ nkyekyɛm 6-7) *

6-7. Sɛnea Yehowa de adwuma hyɛ afoforo nsa no, dɛn na yebetumi asua afi mu?

6 Sɛ yɛn Agya a ɔwɔ soro a onhia obiara mmoa no mpo de adwuma hyɛ afoforo nsa a, hwɛ sɛnea ɛho hia paa sɛ yɛn nso yɛyɛ saa. Yemmisa sɛ, woyɛ abusua ti anaa asafo mu panyin? Ɛnde fa adwuma hyɛ afoforo nsa fa suasua Yehowa. Na sɛ wode adwuma hyɛ obi nsa nso a, nsan nkogye adwuma no nyɛ. Wusuasua Yehowa na wode adwuma hyɛ afoforo nsa a, ebetumi ama woanya kwan de atete wɔn, ɛbɛboa wɔn ama wɔanya akokoduru na adwuma no nso, wubetumi awie. (Yes. 41:10) Ade foforo bɛn na awofo ne asafo mu mpanyimfo betumi asua afi Yehowa hɔ?

7 Bible ma yehu sɛ Yehowa ani gye ho sɛ obetie abɔfo no adwenkyerɛ. (1 Ahe. 22:19-22) Awofo, mobɛyɛ dɛn asuasua Yehowa? Ɛtɔ da a, mubetumi ama mo mma akyerɛ wɔn adwene wɔ nneɛma bi ho. Na sɛ muhu sɛ ɛyɛ a, mubetumi de nea wɔkae no ayɛ adwuma.

8. Sɛn na Yehowa nyaa Abraham ne Sara ho abotare?

8 Ade foforo a ɛma yehu sɛ Yehowa brɛ ne ho ase ne sɛ ɔwɔ abotare. Ɛho nhwɛso ne sɛ, sɛ Yehowa yɛ n’adwene sɛ ɔbɛyɛ biribi na ne somfo bi fi obu mu kyerɛ n’adwene wɔ ho a, onya ne ho abotare. Bere a Yehowa sii gyinae sɛ ɔbɛsɛe Sodom ne Gomora na Abraham kyerɛɛ n’adwene wɔ ho no, otiee no. (Gen. 18:22-33) Wokae sɛnea Yehowa nyaa Abraham yere Sara ho abotare no? Bere a Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ Sara benyinsɛn wɔ ne mmerewa bere mu no, Sara serewee nanso anhaw Yehowa na ne bo amfuw no. (Gen. 18:10-14) Mmom, odii no ni.

9. Dɛn na awofo ne asafo mu mpanyimfo betumi asua afi nea Yehowa yɛe no mu?

9 Awofo ne asafo mu mpanyimfo, dɛn na mubetumi asua afi nea Yehowa yɛe no mu? Sɛ woka asɛm bi na wo mma anaa asafo no mufo bi ne wo anyɛ adwene a, sɛn na ɛyɛ a woyɛ w’ade? Ɛyɛ a wopere wo ho bɔ nea wɔaka no gu, anaa ɛyɛ a wobɔ mmɔden sɛ wobɛte nea wɔreka no ase? Sɛ awofo ne asafo mu mpanyimfo suasua Yehowa a, ɛma wɔn mmusua ne asafo a wɔwɔ mu no mufo ani gye. Seesei yɛasusuw Yehowa nhwɛso ho, na ama yɛahu sɛnea yɛbɛbrɛ yɛn ho ase. Afei momma yɛnhwɛ sɛnea yebesua ahobrɛase afi nnipa bi a Bible no ka wɔn ho asɛm hɔ.

SƐ YESUSUW AFOFORO NHWƐSO HO A, DƐN NA YEBETUMI ASUA AFI MU?

10. Sɛn na Yehowa fa nea ebinom ayɛ so kyerɛkyerɛ yɛn?

10 Nea ɛbɛyɛ na yɛn “Kyerɛkyerɛfo Kunini” Yehowa akyerɛkyerɛ yɛn no, wama yɛn nhwɛso wɔ n’Asɛm no mu. (Yes. 30:20, 21) Bible ka nnipa bi a na wɔwɔ ahobrɛase ho asɛm. Sɛ yedwinnwen nea wɔyɛe no ho a, ɛboa yɛn ma yesua ahobrɛase. Afei nso, ebinom ammrɛ wɔn ho ase na ɛmaa asɛm too wɔn. Sɛ yɛhwɛ nea ɛtoo wɔn no a, yetumi sua biribi fi mu.—Dw. 37:37; 1 Kor. 10:11.

11. Dɛn na yebetumi asua afi nhwɛso bɔne a Saul yɛe no mu?

11 Momma yensusuw nea ɛtoo Ɔhene Saul no ho. Ne mmeranteberem no, na ɔbrɛ ne ho ase, na na onim sɛ ɛnyɛ biribiara na obetumi ayɛ. Bere bi mpo a na wɔrema no dibea no, ɔtwetwee ne ho. (1 Sam. 9:21; 10:20-22) Nanso bere rekɔ so no, ɔbɛyɛɛ ahantan. Obedii Hene no, ankyɛ na ofii ase daa saa suban bɔne yi adi. Bere bi wannya abotare antwɛn odiyifo Samuel. Sɛ anka Saul bɛbrɛ ne ho ase na wanya Yehowa mu awerɛhyem sɛ obetumi agye ne nkurɔfo no, ɔno ara bɔɔ ɔhyew afɔre no. Nanso na onni hokwan sɛ ɔyɛ saa. Nea Saul yɛe no nti, ɔhweree Yehowa anim dom na awiei koraa no ahenni no bɔɔ no. (1 Sam. 13:8-14) Nyansa wom sɛ yesua biribi fi nea ɛtoo Ɔhene Saul no mu na yɛanyɛ biribi a yenni hokwan sɛ yɛyɛ.

12. Dɛn na Daniel yɛe a na ɛkyerɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase?

12 Momma yɛnhwɛ nhwɛso pa a odiyifo Daniel yɛe no. Ɔno de, na ne suban nte sɛ Saul. Daniel asetena nyinaa mu no na ɔbrɛ ne ho ase na ɔhwehwɛɛ Yehowa akwankyerɛ. Ɛho nhwɛso bi ni. Bere a Yehowa boaa Daniel ma ɔkyerɛɛ Nebukadnesar dae ase no, Daniel annye ho anuonyam no. Mmom esiane sɛ na Daniel brɛ ne ho ase nti, ɔde ho anuonyam nyinaa maa Yehowa. (Dan. 2:26-28) Dɛn na yesua fi wei mu? Sɛ anuanom ani gye yɛn kasa ho anaa yetumi boa nnipa pii wɔ asɛnka mu a, ɛsɛ sɛ yɛkae de ho anuonyam nyinaa ma Yehowa. Ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase na yegye tom sɛ, sɛ Yehowa ammoa yɛn a, yɛrentumi nyɛ saa nneɛma yi nyinaa. (Filip. 4:13) Sɛ yɛyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ Yesu nhwɛso fɛfɛ a ɔyɛe no, yɛn nso yɛresuasua. Adɛn nti na yɛreka saa?

13. Sɛnea Yohane 5:19, 30 kyerɛ no, dɛn na Yesu yɛe a na ɛkyerɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase?

13 Ɛwom na Yesu yɛ Onyankopɔn ba a ɔyɛ pɛ, nanso ɔde ne ho too Yehowa so. (Kenkan Yohane 5:19, 30.) Amma n’adwenem da sɛ obegye n’Agya a ɔwɔ soro no tumi afi ne nsam. Filipifo 2:6 ma yehu sɛ, Yesu annya “adwene sɛ ɔbɛpere biribi, sɛ ɔne Onyankopɔn bɛyɛ pɛ.” Yesu bu n’Agya na ɔbrɛ ne ho ase hyɛ ne tumi ase, enti na onim sɛ ɛnyɛ biribiara na ɔwɔ hokwan sɛ ɔyɛ.

Ná Yesu gye tom sɛ ɛnyɛ biribiara na ɔwɔ hokwan sɛ ɔyɛ (Hwɛ nkyekyɛm 14)

14. Bere a nnipa bi ka kyerɛɛ Yesu sɛ ɔnyɛ biribi a na onni hokwan sɛ ɔyɛ no, dɛn na ɔyɛe?

14 Bere bi Yesu asuafo mmienu, Yakobo ne Yohane ne wɔn maame bisaa Yesu sɛ ɔnyɛ biribi mma wɔn. Nanso na Yesu nni hokwan sɛ ɔyɛ. Enti dɛn na ɔyɛe? Wɔn ano sii ara na Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, n’Agya a ɔwɔ soro no nko ara na obetumi akyerɛ nea ɔbɛtena Yesu nsa nifa ne ne nsa benkum so wɔ Ahenni no mu. (Mateo 20:20-23) Yesu maa ɛdaa adi sɛ ɛnyɛ biribiara na ɔwɔ hokwan sɛ ɔyɛ. Ná ɔbrɛ ne ho ase. Ɔnyɛɛ biribi a Yehowa nka nkyerɛɛ no sɛ mma ɔnyɛ da. (Yoh. 12:49) Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Yesu nhwɛso pa yi?

Yɛbɛyɛ dɛn asuasua sɛnea na Yesu brɛ ne ho ase no? (Hwɛ nkyekyɛm 15-16) *

15-16. Yɛbɛyɛ dɛn de afotu a ɛwɔ 1 Korintofo 4:6 no ayɛ adwuma?

15 Sɛ yɛde afotu a ɛwɔ 1 Korintofo 4:6 no yɛ adwuma a na yɛresuasua sɛnea Yesu brɛ ne ho ase no. Ɛhɔ ka sɛ: “Monnyɛ ade nntra nea wɔakyerɛw.” Enti sɛ obi repɛ afotu a, ɛnyɛ nea yɛn adwene kyerɛ yɛn na yɛbɛka akyerɛ no. Afei nso, ɛnsɛ sɛ yɛbɔ yɛn tirim ka biribi kyerɛ no. Mmom afotu a ɛwɔ Bible no ne asafo nhoma ahorow mu na ɛsɛ sɛ yɛtwe n’adwene kɔ so. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ yegye tom sɛ ɛnyɛ biribiara na yenim. Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase saa a, yɛhyɛ Yehowa anuonyam efisɛ ɔno na ɔde ‘ahyɛde a ɛteɛ’ no ama yɛn.—Adi. 15:3, 4.

16 Besi ha yi, yɛahu sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase a ɛhyɛ Yehowa anuonyam. Nanso nneɛma foforo wɔ hɔ a, ɛno nti ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase. Afei momma yɛnhwɛ sɛnea yɛbrɛ yɛn ho ase a ɛbɛma yɛn ani agye ne sɛnea ɛbɛboa ama yɛne afoforo atena asomdwoe mu.

YƐBRƐ YƐN HO ASE A, YENYA SO MFASO

17. Adɛn nti na wɔn a wɔbrɛ wɔn ho ase no ani gye?

17 Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase a ebetumi ama yɛn ani agye. Adɛn ntia? Sɛ yegye tom sɛ nneɛma bi wɔ hɔ a, yɛrentumi nyɛ na sɛ afoforo boa yɛn a, ɛma yɛn ani gye paa. Ɛho nhwɛso ni. Susuw bere a Yesu saa akwatafo du no yare no ho. Wɔn mu baako pɛ na ɔsan n’akyi bɛdaa Yesu ase sɛ wama wade ne ho afi yare bɔne yi ho. Ná ɔbarima no rentumi nsa ne ho yare da. Ɔbarima a ɔbrɛ ne ho ase no ani sɔɔ mmoa a onyae no, enti ɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam.—Luka 17:11-19.

18. Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase a, sɛn na ɛbɛboa ama yɛne afoforo atena asomdwoe mu? (Romafo 12:10)

18 Nnipa a wɔbrɛ wɔn ho ase no tumi ne afoforo tena asomdwoe mu na wotumi ne afoforo fa adamfo. Adɛn ntia? Efisɛ wogye tom sɛ afoforo nso wɔ suban pa na wonya wɔn mu ahotoso. Sɛ wɔn a wɔbrɛ wɔn ho ase hu sɛ afoforo rebɔ mmɔden wɔ dwumadi biara a wɔde ama wɔn mu a, ɛma wɔn ani gye. Afei nso, ɛnyɛ wɔn den koraa sɛ wɔbɛkamfo afoforo na wɔadi wɔn ni.—Kenkan Romafo 12:10.

19. Nneɛma bɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ ahantan?

19 Wɔn a wɔyɛ ahantan no, wɔpɛ sɛ afoforo kamfo wɔn nanso ɛyɛ den sɛ wɔbɛkamfo afoforo. Wɔtaa de wɔn ho toto afoforo ho na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛma afoforo ate nka sɛ wɔkyɛn wɔn. Sɛ anka wɔbɛtete afoforo na wɔde adwuma ahyɛ wɔn nsa no, nea ɛyɛ a wɔka ne sɛ wopɛ sɛ adwuma bi kɔ yiye a, gye sɛ wo ara woyɛ w’ade. Sɛ obi yɛ ahantan a ɛyɛ a obu ne ho sɛ ne ho hia sen afoforo, na sɛ afoforo bɔ mmɔden wɔ biribi mu sen no a, ɛyɛ a n’ani bere wɔn. (Gal. 5:26) Mpɛn pii no, nnipa a wɔte saa no nnya nnamfo pa. Sɛ yehu sɛ yɛreyɛ ayɛ ahantan a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae na yɛsrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa yɛn na ‘yennya adwensakra’ na saa suban bɔne yi annidi yɛn mu.—Rom. 12:2.

20. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase?

20 Yɛn ani sɔ nhwɛso a Yehowa ayɛ no paa. Yehu n’ahobrɛase wɔ sɛnea ɔne n’asomfo di nsɛm no mu, na yɛpɛ sɛ yesuasua no. Afei nso, yɛpɛ sɛ yesuasua wɔn a wɔbrɛɛ wɔn ho ase som Yehowa a wɔn nhwɛso wɔ Bible mu no. Momma yɛmfa nnidi ne anuonyam a ɛfata Yehowa no mma no daa. (Adi. 4:11) Yɛyɛ saa a, yɛn nso yebenya hokwan ne yɛn Agya a ɔwɔ soro a ɔdɔ ahobrɛasefo no anantew.

DWOM 123 Brɛ Wo Ho Ase Ma Nyankopɔn Nhyehyɛe

^ nky. 5 Obi a ɔbrɛ ne ho ase hu nnipa mmɔbɔ na ne yam hyehye no ma afoforo. Enti sɛ yɛka sɛ Yehowa brɛ ne ho ase a, ɛyɛ ne kwan so. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nea Yehowa yɛe a ɛkyerɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase na aboa yɛn ama yɛasua ahobrɛase. Afei nso, nneɛma bi kɔɔ so wɔ Ɔhene Saul, odiyifo Daniel ne Yesu asetena mu a ɛma yenya asuade fa ahobrɛase ho, yebesusuw ɛno nso ho.

^ nky. 58 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Asafo mu panyin bi anya adagyew retete onua kumaa bi ama wahwɛ asafo no asasesin so. Asafo mu panyin no rensan nkogye adwuma a ɔde ahyɛ onua kumaa no nsa nyɛ, mmom ɔma onua kumaa no ara yɛ adwuma no.

^ nky. 62 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Wɔato nsa afrɛ onuawa bi sɛ ɔmmra ayefohyia wɔ asɔredan mu. Onuawa no rebisa asafo mu panyin bi sɛ obetumi akɔ anaa. Asafo mu panyin no mmɔ ne tirim nkyerɛ n’adwene na mmom ɔne no resusuw Bible nnyinasosɛm ahorow ho.