Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 33

Owusɔre No Ma Yehu Sɛ Yehowa Wɔ Ɔdɔ, Nyansa, Ne Abotare

Owusɔre No Ma Yehu Sɛ Yehowa Wɔ Ɔdɔ, Nyansa, Ne Abotare

“Nnipa bɛsɔre afi awufo mu.”—ASO. 24:15.

DWOM 151 Ɔbɛfrɛ

NEA YƐREBESUA *

1. Adɛn nti na Yehowa bɔɔ nkwa?

BERE bi na Yehowa nko ara na ɔwɔ hɔ, nanso na ɔnyɛ ankonam. Ná enhia sɛ obi bɛka ne ho na ama n’ani agye. Nanso na Onyankopɔn pɛ sɛ afoforo nso ba nkwa mu na wɔn ani gye. Ɔdɔ a Yehowa wɔ nti, ofii ase bɔɔ ade.—Dw. 36:9; 1 Yoh. 4:19.

2. Bere a Yehowa bɔɔ ade no, sɛn na Yesu ne abɔfo no tee nka?

2 Yehowa dii kan bɔɔ ne ba Yesu, na ɔnam ne Ba yi so ‘bɔɔ nneɛma a aka nyinaa’ a abɔfo ɔpepem pii nso ka ho. (Kol. 1:16) Yesu ani gyei paa sɛ ɔne ne Papa boom yɛɛ adwuma. (Mmeb. 8:30) Ɔsoro abɔfo no nso ani gyei paa. Bere a na Yehowa ne Yesu, ne dwumayɛni a ne ho akokwaw no rebɔ ade nyinaa no, na wɔn ani tua nea ɛrekɔ so. Dɛn na abɔfo no yɛe? Bere a Yehowa bɔɔ asase ne nneɛma foforo a aka no, wɔbɔɔ ose. Nanso bere a Yehowa bɔɔ nnipa no de, wɔbɔ gyee so paa. (Hiob 38:7; Mmeb. 8:31) Nneɛma a Yehowa abɔ yi nyinaa ma yehu sɛ ɔwɔ ɔdɔ ne nyansa.—Dw. 104:24; Rom. 1:20.

3. Sɛnea 1 Korintofo 15:21, 22 kyerɛ no, dɛn na Yesu agyede afɔre no ma yenya?

3 Ná Yehowa pɛ sɛ nnipa tena ase daa wɔ asase fɛfɛɛfɛ a ɔbɔe no so. Nanso bere a Adam ne Hawa tew wɔn Agya a ɔdɔ wɔn no so atua no, ɛmaa bɔne ne owu de nnipa yɛɛ nkoa. (Rom. 5:12) Dɛn na Yehowa yɛɛ wɔ ho? Ɛhɔ ara na ɔkaa ɔkwan a ɔbɛfa so agye nnipa. (Gen. 3:15) Yehowa yɛɛ sɛ ɔde ne ba no bɛma sɛ agyede na ama wɔatumi agye Adam ne Hawa mma afi bɔne ne owu mu. Nea ɔyɛe no ma ɛyɛɛ yiye sɛ nnipa biara besi gyinae sɛ ɔbɛsom no na wanya daa nkwa.—Yoh. 3:16; Rom. 6:23; kenkan 1 Korintofo 15:21, 22.

4. Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

4 Onyankopɔn ahyɛ yɛn bɔ sɛ obenyan awufo. Sɛ yesusuw saa asɛm no ho a, ɛma yebisa yɛn ho nsɛm bi. Ebi ne sɛ, sɛn na ebia wobenyan awufo? Sɛ wonyan yɛn adɔfo a wɔawuwu no a, wɔbɛsesa anaa? Sɛn na owusɔre no bɛma yɛn ani agye? Sɛ yedwinnwen owusɔre no ho a, sɛn na ɛma yehu Yehowa dɔ, ne nyansa, ne n’abotare? Afei momma yensusuw nsɛmmisa yi mu biara ho.

SƐN NA EBIA WOBENYAN AWUFO?

5. Adɛn nti na yebetumi ahwɛ kwan sɛ wɔrennyan awufo nyinaa mmom?

5 Yehowa nam ne Ba no so benyan nnipa ɔpepem pii. Yebetumi ahwɛ kwan sɛ wɔrennyan wɔn nyinaa mmom. Adɛn ntia? Efisɛ wonyan nnipa pii ba asase so prɛko pɛ saa a, ɛbɛma nneɛma ayɛ basaa. Yehowa nso de, ɔnyɛ nneɛma basabasa saa. Onim sɛ, sɛ asomdwoe bɛtena hɔ a, gye sɛ ɔtoto nneɛma yiye. (1 Kor. 14:33) Ansa na Yehowa Nyankopɔn rebɔ nnipa no, ɔne Yesu yɛɛ adwuma boom siesiee asase no so nkakrankakra, na wei ma yehu sɛ Yehowa wɔ nyansa ne abotare. Mfirihyia Apem Nniso no mu no, Yesu nso bɛda saa suban no bi adi. Ɔne wɔn a wobetwa Harmagedon no bɛbom asiesie asase no so ama wɔn a wobenyan wɔn no.

Wɔn a wobetwa Harmagedon no bɛkyerɛkyerɛ wɔn a wobenyan wɔn no ama wɔahu Onyankopɔn Ahenni no ne nea Yehowa hwehwɛ fi yɛn hɔ (Hwɛ nkyekyɛm 6) *

6. Sɛnea Asomafo Nnwuma 24:15 kyerɛ no, henanom na Yehowa benyan wɔn?

6 Adwuma a ɛho hia paa a wɔn a wobetwa Harmagedon no bɛyɛ ne sɛ, wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn a wobenyan wɔn no Onyankopɔn Ahenni no ho ade. Afei nso, wɔbɛboa wɔn ama wɔahu nea Onyankopɔn hwehwɛ fi yɛn hɔ. Adɛn ntia? Efisɛ wɔn a wobenyan wɔn no, wɔn mu fã kɛse no ara ka “wɔn a wɔnteɛ” a Bible no ka wɔn ho asɛm no ho. (Kenkan Asomafo Nnwuma 24:15.) Ɛsɛ sɛ wɔyɛ nsakrae pii na ama wɔatumi anya Kristo agyede no so mfaso. Wo de hwɛ sɛ worekyerɛkyerɛ nnipa ɔpepem pii a wonni Yehowa ho nimdeɛ biara. Wei bɛyɛ adwumaden paa. Yɛne wɔn mu biara besua ade sɛnea yɛyɛ Bible adesua nnɛ no anaa? Wɔbɛma asuafo foforo yi mu biara akɔ asafo bi mu na wɔatete wɔn ama wɔn nso akyerɛkyerɛ wɔn a wobenyan wɔn akyiri yi no anaa? Edu hɔ a na yebehu. Nanso nea yenim ne sɛ, Kristo Mfirihyia Apem Nniso no mmra awiei no, na ‘Yehowa ho nimdeɛ ahyɛ asase so mã.’ (Yes. 11:9) Mfirihyia apem no mu no, yɛbɛyɛ adwuma paa nanso yɛn ani begye.

7. Sɛ Onyankopɔn nkurɔfo rekyerɛkyerɛ wɔn a wɔanyan wɔn no a, wobenya tema ama wɔn. Adɛn ntia?

7 Kristo Mfirihyia Apem Nniso no mu no, ɛsɛ sɛ Yehowa asomfo nyinaa kɔ so yɛ nsakrae sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛsɔ Yehowa ani. Sɛ wɔreboa wɔn a wobenyan wɔn no ama wɔadi suban bɔne bi so a, wobenya tema ama wɔn. Afei nso, wɔbɛboa wɔn ama wɔde Yehowa akwankyerɛ abɔ wɔn bra. (1 Pet. 3:8) Saa bere no, Onyankopɔn nkurɔfo bɛyɛ ‘wɔn ankasa nkwagye ho adwuma.’ Esiane sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase nti, akyinnye biara nni ho sɛ wɔn a wobenyan wɔn no bɛbɛn wɔn paa.—Filip. 2:12.

SƐ WONYAN AWUFO A, WƆBƐSESA ANAA?

8. Adɛn nti na yebetumi ahwɛ kwan sɛ, sɛ wonyan yɛn adɔfo a wɔawuwu no a, wɔrensesa?

8 Yɛwɔ nea enti a yebetumi aka sɛ yɛn adɔfo a wobenyan wɔn no rensesa. Sɛ yɛhwɛ nnipa bi a Yehowa nyan wɔn tete no a, ebetumi aba sɛ wɔn a Yehowa benyan wɔn no, ɔbɛyɛ wɔn foforo. Nanso sɛnea na wɔte, wɔn kasa, ne sɛnea na wosusuw nneɛma ho ansa na wɔrewu no de, ɛrensesa. Kae sɛ Yesu de owu totoo nna ho, ɛnna ɔkaa sɛ owusɔre nso te sɛ obi a wada a wɔrenyan no. (Mat. 9:18, 24; Yoh. 11:11-13) Sɛ obi da na onyan a, sɛnea ɔte, ne kasa ne nneɛma onim no, ɛnsesa. Momma yɛnhwɛ bere a wonyan Lasaro no. Owui no, na adi nnannan, na na wafi ase reporɔw. Nanso, bere a Yesu nyan no no, ne nua mmeanom no hui sɛ ɛyɛ ɔno ara, na Lasaro nso, akyinnye biara nni ho sɛ ɔkaee wɔn.—Yoh. 11:38-44; 12:1, 2.

9. Wɔn a wobenyan wɔn no renyɛ pɛ amonom hɔ ara. Adɛn ntia?

9 Yehowa ahyɛ bɔ sɛ, sɛ Yesu redi ade wɔ asase so a, obiara renka sɛ: “Meyare.” (Yes. 33:24; Rom. 6:7) Enti, wɔn a wobenyan wɔn no benya apɔwmuden. Nanso ebegye bere ansa na wɔayɛ pɛ. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, sɛ wɔyɛ pɛ amonom hɔ ara a, ɛbɛyɛ den ama wɔn adɔfo sɛ wobehu wɔn. Kristo Mfirihyia Apem no mu no, nkakrankakra nnipa nyinaa bɛyɛ pɛ. Mfirihyia apem no ba n’awiei a, Yesu bɛsan de Ahenni no ama n’Agya. Sɛ Yesu yɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ Ahenni no ama nnipa ayɛ pɛ na awie n’adwuma.—1 Kor. 15:24-28; Adi. 20:1-3.

OWUSƆRE NO BƐMA YƐN ANI AGYE

10. Sɛ wonyan awufo a, wobɛte nka sɛn?

10 Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ bere a woahyia w’adɔfo a wɔanyan wɔn no. W’ani begye ama woasu anaa anka wobɛserew? Anaa w’ani begye ama woayi Yehowa ayɛ? Ɛno de yennim, nanso nea yenim ne sɛ, owusɔre no bɛma ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn Agya a odwen yɛn ho ne ne ba no ayɛ kɛse.

11. Sɛnea Yesu asɛm a ɛwɔ Yohane 5:28, 29 kyerɛ no, dɛn na wɔn a wɔde Onyankopɔn akwankyerɛ bɔ wɔn bra no benya?

11 Hwɛ anigye a wɔn a wobenyan wɔn no benya bere a wɔregyae wɔn kan abrabɔ na wɔde Onyankopɔn akwankyerɛ rebɔ wɔn bra no. Wɔn a wɔbɛyɛ saa nsakrae no bɛtena ase daa. Nanso wɔn a wɔrentie Onyankopɔn no, wobeyi wɔn afi hɔ na wɔansɛe asomdwoe a ɛwɔ Paradise no.—Yes. 65:20; kenkan Yohane 5:28, 29.

12. Sɛn na Yehowa behyira nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa?

12 Onyankopɔn Ahenni no redi tumi a, Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa behu sɛ asɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 10:22 no yɛ nokware. Ɛka sɛ: “Yehowa nhyira—ɛno na ɛma onipa yɛ ɔdefo, na ɔmfa ɛyaw biara nka ho.” Yehowa de ne honhom bɛboa ne nkurɔfo ama wɔabɛn no paa. Wei kyerɛ sɛ, nkakrankakra wɔn suban ne wɔn nneyɛe bɛyɛ sɛ Kristo na wɔbɛyɛ pɛ. (Yoh. 13:15-17; Efe. 4:23, 24) Daa wobenya ahoɔden foforo. Hwɛ sɛnea yɛn ani begye saa bere no! (Hiob 33:25) Afei yemmisa sɛ, sɛ yedwinnwen owusɔre no ho a, ɛbɛboa yɛn sɛn?

NEA YEHOWA DƆ MA YEHU FA NE HO

13. Dwom 139:1-4 no ma yehu sɛ Yehowa nim yɛn paa. Sɛn na owusɔre no ma yehu sɛ saa asɛm no yɛ nokware?

13 Sɛnea yɛadi kan ahu no, sɛ Yehowa nyan awufo a, nneɛma a wonim dedaw no wɔn werɛ remfi na wɔn suban nso rensesa. Dɛn na wei ma yehu fa Yehowa ho? Ɛma yehu sɛ Yehowa dɔ wo paa ma enti nneɛma a wususuw ho wɔ w’adwenem ne wo komam, nsɛm a woka, ne nea woyɛ nyinaa onim. Enti sɛ ɛsɛ sɛ Yehowa nyan wo a, wo suban rensesa, na nneɛma a na wunim nso, obetumi ama woakae a ɔremmrɛ ho. Ná Ɔhene Dawid nim sɛ yɛn mu biara ho asɛm hia Yehowa. (Kenkan Dwom 139:1-4.) Sɛnea Yehowa nim yɛn yiye no, sɛn na ɛsɛ sɛ ɛma yɛte nka?

14. Sɛnea Yehowa nim yɛn no, sɛ yesusuw ho a, sɛn na ɛsɛ sɛ ɛma yɛte nka?

14 Sɛnea Yehowa nim yɛn no, sɛ yesusuw ho a, ɛsɛ sɛ ɛma yɛn koma tɔ yɛn yam. Adɛn ntia? Kae sɛ Yehowa dwen yɛn ho paa. Suban ahorow a ɛma yɛn mu biara yɛ soronko no, ɛyɛ no fɛ. Nea yɛafa mu wɔ yɛn asetena mu nyinaa onim. Hwɛ sɛnea wei ma yɛn koma tɔ yɛn yam! Ɛnsɛ sɛ yɛte nka sɛ aka yɛn nko ara. Yehowa ka yɛn ho da biara, na ɔpɛ sɛ ɔboa yɛn.—2 Be. 16:9.

NEA YEHOWA NYANSA MA YEHU FA NE HO

15. Sɛn na owusɔre no ma yehu Yehowa nyansa?

15 Satan ne wɔn a wɔtaa n’akyi taa de owu hunahuna nkurɔfo. Wɔtaa ka kyerɛ nkurɔfo sɛ, sɛ wɔanyi wɔn nnamfo amma anaasɛ wɔannyae wɔn gyidi mu a wobekum wɔn. Nanso yɛn de saa ahunahuna no mmɔ yɛn hu. Yenim sɛ, sɛ yɛn atamfo kum yɛn mpo a, Yehowa benyan yɛn aba nkwa mu. (Adi. 2:10) Yegye di paa sɛ, biribiara nni hɔ a wɔbɛyɛ a ebetumi atete yɛne Yehowa ntam. (Rom. 8:35-39) Anokwa, owusɔre ho anidaso a Yehowa de ama yɛn no ma yehu sɛ, ɔwɔ nyansa paa! Esiane owusɔre no nti, Satan ntumi mfa owu nhunahuna yɛn. Afei, ɛma yenya akokoduru, na biribiara mmɔ yɛn hu.

Yehowa ahyɛ yɛn bɔ sɛ ɔbɛma yɛn nea yehia. Gyinae a yesisi wɔ asetena mu no kyerɛ sɛ yegye saa bɔhyɛ yi di anaa?(Hwɛ nkyekyɛm 16) *

16. Nsɛm bɛn na wubetumi abisa wo ho, na sɛn na mmuae no betumi ama woahu sɛ wowɔ Yehowa mu ahotoso anaa wunni ne mu ahotoso?

16 Sɛ Yehowa atamfo de owu hunahuna wo a, wubetumi anya Yehowa mu ahotoso sɛ obenyan wo? Dɛn na ɛbɛma woahu sɛ wowɔ Yehowa mu ahotoso ampa? Nea edi kan, bisa wo ho sɛ, ‘Gyinae nketenkete a misisi no daa no kyerɛ sɛ mede me ho to Yehowa so anaa?’ (Luka 16:10) Afei, san bisa wo ho sɛ, ‘Yehowa ahyɛ bɔ sɛ, sɛ mehwehwɛ n’Ahenni no kan a, ɔde nea mihia bɛma me. Sɛnea mebɔ me bra no kyerɛ sɛ migye saa asɛm yi di anaa?’ (Mat. 6:31-33) Sɛ wutumi bua saa nsɛmmisa yi mu biara sɛ yiw a, ɛnde na ɛkyerɛ sɛ wowɔ Yehowa mu ahotoso. Woyɛ saa a, sɔhwɛ biara a wubehyia no, wubetumi agyina ano.—Mmeb. 3:5, 6.

NEA YEHOWA ABOTARE MA YEHU FA NE HO

17. (a) Sɛn na owusɔre no ma yehu sɛ Yehowa wɔ abotare? (b) Dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ Yehowa abotare?

17 Yehowa ahyɛ da ne bere pɔtee a ɔbɛsɛe wiase bɔne yi. (Mat. 24:36) Sɛ bere a wahyɛ no nsoe a, ɔrempere ne ho nyɛ biribiara. Yehowa pɛ sɛ onyan awufo, nanso wato ne bo ase retwɛn. (Hiob 14:14, 15) Ɔretwɛn akosi sɛ bere a wahyɛ no bɛso ansa na wanyan wɔn aba nkwa mu. (Yoh. 5:28) Yɛwɔ nea enti paa a ɛsɛ sɛ yɛda Yehowa ase sɛ ɔwɔ yɛn ho abotare. Wo de, susuw ho hwɛ, esiane Yehowa abotare nti, wama yɛne afoforo bere ama ‘yɛanya adwensakra.’ (2 Pet. 3:9) Yehowa pɛ sɛ nnipa pii nya daa nkwa. Enti momma yɛnkyerɛ sɛ yɛn ani sɔ sɛ Yehowa anya yɛn ho abotare. Yɛbɛyɛ dɛn ayɛ saa? Ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara hwehwɛ “wɔn a wɔpɛ daa nkwa,” na yɛboa wɔn ma wɔdɔ Yehowa na wɔsom no. (Aso. 13:48) Yetumi yɛ saa a, ɛbɛboa wɔn ma wɔanya Yehowa abotare no so mfaso sɛnea yɛn nso yɛanya no.

18. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yenya afoforo ho abotare?

18 Yehowa abotare nti, ɔrenhwɛ kwan sɛ nnipa bɛyɛ pɛ ansa na mfirihyia apem no aba n’awiei. Enkosi saa bere no, Yehowa bɛkɔ so de yɛn bɔne akyɛ yɛn. Ne saa nti, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si suban pa a afoforo wɔ so na yenya wɔn ho abotare. Momma yɛnhwɛ onuawa bi. Ná adwennwen taa hyɛ ne kunu so, enti ɛmaa ne kunu gyaee asafo nhyiam kɔ. Ɔka sɛ: “Asɛm yi yɛɛ me yaw paa. Nhyehyɛe a na yɛn abusua no ayɛ nyinaa dan butuwii.” Nanso ne nyinaa mu no, ɔyere a ɔdɔ ne kunu yi nyaa ne ho abotare. Ɔde ne ho too Yehowa so na wamma n’abam ammu. Sɛ anka ɔde n’adwene besi nneɛma a ɛnkɔ yiye so no, osuasuaa Yehowa na ɔde n’adwene sii suban pa a ne kunu wɔ no so. Ɔka sɛ: “Me kunu wɔ suban pa na ɔreyɛ nea obetumi biara sɛ obedi ɔhaw a ɔrehyia no so.” Yɛn abusuafo ne wɔn a yɛne wɔn wɔ asafo mu a wɔrebɔ mmɔden sɛ wobedi ɔhaw ahorow a wɔrehyia so no, ɛho hia paa sɛ yenya wɔn ho abotare!

19. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛn mu biara si ne bo sɛ ɔbɛyɛ?

19 Bere a wɔbɔɔ asase no, Yesu ne abɔfo no ani gyei. Nanso, nnipa a wɔyɛ pɛ a woyi wɔn yam som Yehowa hyɛ asase so ma a, Yesu ne abɔfo no ani begye paa. Sɛ wɔn a wɔbɛka Kristo ho adi ade wɔ soro no hu sɛnea nnipa renya wɔn adwuma no so mfaso a, wɔn ani begye paa. (Adi. 4:4, 9-11; 5:9, 10) Afei nso, sɛ yɛn su dan serew na yare, awerɛhow, ne owu nni hɔ a, yɛn ani begye paa. (Adi. 21:4) Enkosi saa bere no, fa yɛ wo botae sɛ wubesuasua w’Agya a ɔwɔ ɔdɔ, nyansa, ne abotare no. Sɛ woyɛ saa a, wobɛkɔ so anya anigye ɛmfa ho sɔhwɛ biara a wubehyia. (Yak. 1:2-4) Yɛda Yehowa ase paa sɛ wahyɛ yɛn bɔ sɛ ‘bere bi bɛba a awufo bɛsɔre’!—Aso. 24:15.

DWOM 141 Nkwa Yɛ Anwonwade

^ nky. 5 Yehowa yɛ Agya a ɔwɔ ɔdɔ, nyansa, ne abotare. Sɛ yɛhwɛ nneɛma a wabɔ na yesusuw bɔ a wahyɛ sɛ obenyan awufo no ho a, ɛma yehu sɛ ɔwɔ saa suban ahorow yi ampa. Adesua yi mu no, yebesusuw nsɛmmisa bi a ɛfa owusɔre no ho. Afei nso ɛbɛma yɛahu sɛnea yɛbɛkyerɛ Yehowa dɔ, ne nyansa, ne n’abotare ho anisɔ.

^ nky. 59 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Wɔanyan Amerikani bi a owui mfe ɔhaha pii wɔ Kristo Mfirihyia Apem Nniso no mu. Onua bi a otwaa Harmagedon de anigye rekyerɛkyerɛ ɔbarima a wɔanyan no no, sɛnea ɛbɛyɛ a obehu nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ na wanya Kristo agyede no so mfaso.

^ nky. 61 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onua bi reka akyerɛ n’adwumawura sɛ, nnawɔtwe no mu no, nna bi wɔ hɔ a, sɛ wɔpɔn adwuma a ɔrentumi nka mu nyɛ adwuma. Ɔreka akyerɛ n’adwumawura no sɛ, ɔde saa bere no bɛsom Yehowa. Nanso, ɛba sɛ wohia no bere foforo a, ɛno de ɔbɛka mu ayɛ adwuma.