Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 31

Woretwɛn “Kurow a Ɛwɔ Fapem Ankasa” No Anaa?

Woretwɛn “Kurow a Ɛwɔ Fapem Ankasa” No Anaa?

“Na ɔretwɛn kurow a ɛwɔ fapem ankasa a ne kyekyefo ne ne yɛfo ne Onyankopɔn.”—HEB. 11:10.

DWOM 22 Ahenni no Redi Tumi—Ma Ɛmmra!

NEA YƐREBESUA *

1. Nneɛma bɛn na ebinom de abɔ afɔre, na adɛn nti na wɔayɛ saa?

ONYANKOPƆN nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no mu pii de nneɛma abɔ afɔre. Yɛn nuanom mmarima ne mmea pii asi gyinae sɛ wɔrenware. Awarefo binom nso ayɛ wɔn adwene sɛ wɔrenwo mma seesei. Mmusua bi nso atete nneɛma so ayɛ wɔn ho awiɛmfoɔ. Nea enti a wɔn nyinaa asisi saa gyinae no ne sɛ, wɔpɛ sɛ wɔyere wɔn ho yɛ pii wɔ Yehowa som mu. Wɔn ani gye na wogye di paa sɛ Yehowa bɛma wɔn nsa aka nea wohia. Yemmisa sɛ, wɔn nsa besi fam anaa? Daabi! Yɛyɛ dɛn hu saa? Ade baako ne sɛ Yehowa hyiraa Abraham a ɔno nso de nneɛma bɔɔ afɔre no. Bible ka sɛ ɔyɛ wɔn a “wɔwɔ gyidi nyinaa agya.”—Rom. 4:11.

2. (a) Sɛnea Hebrifo 11:8-10, 16 ma yehu no, adɛn nti na anhaw Abraham sɛ obetu afi Ur? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

2 Ɛwom, na Abraham di yiye wɔ Ur kurow no mu nanso anhaw no sɛ obetu afi hɔ. Adɛn ntia? Efisɛ na ɔretwɛn “kurow a ɛwɔ fapem ankasa” no. (Kenkan Hebrifo 11:8-10, 16.) Dɛn ne saa “kurow” no? Ɔhaw bɛn na Abraham hyiae bere a na ɔretwɛn sɛ wɔbɛkyekye saa kurow no? Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Abraham ne anuanom a ɛnnɛ wɔatumi asuasua ne nhwɛso no?

DƐN NE “KUROW A ƐWƆ FAPEM ANKASA” NO?

3. “Kurow” bɛn na na Abraham retwɛn no?

3 Kurow a na Abraham retwɛn no ne Onyankopɔn Ahenni. Yesu Kristo na ɔbɛyɛ saa Ahenni no so Hene, na 144,000 no na wɔne no bedi ade. Paul frɛɛ saa Ahenni no, ‘Onyankopɔn teasefo no kurow, ɔsoro Yerusalem.’ (Heb. 12:22; Adi. 5:8-10; 14:1) Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔmmɔ mpae sɛ saa Ahenni no mmra sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn apɛde bɛyɛ hɔ wɔ asase so te sɛ ɔsoro.—Mat. 6:10.

4. Sɛnea Genesis 17:1, 2, 6 kyerɛ no, dɛn na na Abraham nim fa kurow anaa Ahenni a na Onyankopɔn de ahyɛ no bɔ no ho?

4 Ná Abraham nim Onyankopɔn Ahenni no ho nsɛm pii anaa? Daabi. Nsɛm a na ɛfa saa Ahenni no ho no, na ɛyɛ “ahintasɛm kronkron” a wɔde asie mfe pii. (Efe. 1:8-10; Kol. 1:26, 27) Nanso na Abraham nim sɛ daakye n’asefo bɛyɛ ahemfo efisɛ na Yehowa ahyɛ da aka saa asɛm no akyerɛ no. (Kenkan Genesis 17:1, 2, 6.) Ná Abraham gye Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow no di araa ma wobɛka sɛ gyama ohu onii a Wɔasra No anaa Mesia a na ɔbɛyɛ Onyankopɔn Ahenni no so Hene no. Wei nti Yesu bere so no, ɔka kyerɛɛ Yudafo no sɛ: “Mo agya Abraham dii anidaso a na ɔwɔ sɛ obehu me da no mu ahurusi, na ohu dii ahurusi.” (Yohane 8:56) Enti ɛda adi sɛ, na Abraham nim sɛ daakye n’asefo benya Ahenni bi a Yehowa bɛhyehyɛ no mu kyɛfa. Wei nti, anhaw no sɛ ɔbɛtwɛn akosi sɛ saa bɔhyɛ no bɛba mu.

Dɛn na Abraham yɛe a ɛkyerɛ sɛ na ogye di sɛ Yehowa bɔhyɛ bɛbam? (Hwɛ nkyekyɛm 5)

5. Yɛyɛ dɛn hu sɛ na Abraham retwɛn “kurow” a Onyankopɔn ankasa akyekye?

5 Dɛn na Abraham yɛ de kyerɛe sɛ na ɔretwɛn “kurow” anaa Ahenni a Onyankopɔn ankasa akyekye? Nea edi kan, Abraham amfa ne ho anhyɛ asase so ahenni biara ase. Ná odi atutena, enti wanhyɛ da antena ɔman baako bi mu sɛ ɔreboa ɛhɔ hene no. Afei nso, ɔno ara ansi ne ho hene. Mmom, ɔkɔɔ so tiee Yehowa na ɔtwɛnee sɛ Yehowa bɛma ne bɔhyɛ aba mu. Nea Abraham yɛe yi ma yehu sɛ na ogye Yehowa di paa. Momma yɛnhwɛ ɔhaw a ohyiae no bi na yɛnhwɛ nea yebetumi asua afi mu?

ƆHAW BƐN NA ABRAHAM HYIAE?

6. Ná Ur kurow no te sɛn?

6 Kurow a Abraham tu fii mu no, na nnipa a wɔte hɔ no ani abue na na wodi yiye. Na ahobammɔ wɔ kurow no mu, na na emufo ho dwo wɔn. Afei nso, na wɔato fasu kɛse atwa kurow no ho ahyia, na na nsu kɛse bi nso atwa ɔfasu no ho ahyia. Ná nnipa a wɔte Ur no nim akyerɛw, na na wonim nkontaa nso. Baabi a tete kurow Ur wɔ no, wɔn a wotutu fam ahu aguadi ho kyerɛwtohɔ ahorow pii wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ, na aguadi kɔ so wɔ hɔ paa. Afie a na nkurɔfo tete mu no, na wɔde birikisi na asi, na na wɔayɛ ho toromtorom de akado aka ho fitaa. Ebi wɔ hɔ a, na ɛyɛ fihyia a adan bɛyɛ 13 anaa 14 na ɛwɔ mu, na wubehu sɛ wɔahyehyɛ abo fɛfɛɛfɛ wɔ fam hɔ nyinaa.

7. Adɛn nti na na ɛsɛ sɛ Abraham gye di sɛ Yehowa bɛbɔ ɔne n’abusua ho ban?

7 Ná ɛsɛ sɛ Abraham gye di sɛ Yehowa bɛbɔ ɔne n’abusua ho ban. Adɛn ntia? Kae sɛ bere a Abraham ne Sara te ne fie wɔ Ur no, na ɔwɔ ahobammɔ na na ne ho tɔ no, nanso ɔne n’abusua tu fii hɔ kɔtenaa ntamadan mu wɔ Kanaan asase so. Ɛhɔ de, na ahobammɔ biara nni hɔ enti na atamfo betumi abɛyɛ wɔn bɔne.

8. Bere bi dɛn na ɛtoo Abraham?

8 Ná Abraham yɛ Onyankopɔn apɛde, nanso eduu bere bi no, na ɛyɛ den sɛ ɔne n’abusua benya aduan adi. Ɔkɔm a ano yɛ den bi baa asase a na Yehowa ama wɔakɔtena so no so. Ná ɔkɔm no ano yɛ den paa, enti Abraham yɛɛ sɛ ɔne n’abusua betu akɔtena Egypt kakra. Bere a wɔkɔɔ hɔ no, Egypt hene Farao bɛfaa Abraham yere Sara fii ne nkyɛn. Ɛbɛyɛ sɛ wei de adwinnwen bɛtoo Abraham so araa kosii sɛ Yehowa maa Farao san de Sara brɛɛ Abraham.—Gen. 12:10-19.

9. Ɔhaw bɛn na Abraham hyiaa wɔ n’abusua mu?

9 Ná nneɛma bi nkɔ yiye wɔ Abraham abusua mu. Ná ne yere Sara a ɔdɔ no no ntumi nwo. Ná wɔadi wei ho awerɛhow mfe pii. Akyiri yi, Sara de n’abaawa Hagar maa Abraham sɛ ɔne no nwo. Nanso bere a Hagar hui sɛ wanyinsɛn no, ofii ase dii Sara ho fɛw. Ná Sara ntumi Hagar ateetee no bio, enti ɔpam no fii fie hɔ.—Gen. 16:1-6.

10. Dɛn na esii wɔ Ismael ne Isak asetena mu a ɛsɔɔ Abraham gyidi hwɛe?

10 Akyiri yi, Sara nyinsɛnee na ɔwoo ɔbabarima maa Abraham, na Abraham too ne din Isak. Ná Abraham dɔ Ismael ne Isak nyinaa. Nanso esiane nea Ismael de yɛɛ Isak nti, na ɛsɛ sɛ Abraham pam ɔne ne maame Hagar fi fie hɔ. (Gen. 21:9-14) Mfe bi akyi no, Yehowa ka kyerɛɛ Abraham sɛ ɔmfa Isak mmɔ afɔre mma no. (Gen. 22:1, 2; Heb. 11:17-19) Na wei bɛma Abraham ahwere ne mma no nyinaa, nanso na ɛsɛ sɛ onya gyidi sɛ, sɛnea ɛte biara asɛm a Yehowa aka afa ne mma no ho no bɛbam.

11. Adɛn nti na na ɛsɛ sɛ Abraham nya abotare twɛn Yehowa?

11 Saa bere yi nyinaa na ɛsɛ sɛ Abraham nya abotare twɛn Yehowa. Bere a ɔne n’abusua retu afi Ur no, ɛbɛyɛ sɛ na wadi boro mfe 70. (Gen. 11:31–12:4) Afei, ɔde bɛyɛ mfe ɔha dii atutena, tenaa ntamadan mu wɔ Kanaan asase so. Abraham wui no, na wadi mfe 175. (Gen. 25:7) Ná Yehowa ahyɛ no bɔ sɛ, ɔde asase a ɔte so no bɛma n’asefo, nanso wanhu saa bɔhyɛ no. Afei nso, kurow anaa Onyankopɔn Ahenni a na ɛreba no nso wanhu. Ɛno mpo no, Bible ka sɛ bere a Abraham wui no na ‘wabɔ akwakoraa a ne nna amee no.’ (Gen. 25:8) Ɛwom Abraham hyiaa ɔhaw pii, nanso wamma ne gyidi anhinhim, mmom onyaa abotare twɛnee Yehowa. Nea Abraham faa mu yi nyinaa, dɛn na ɛboaa no ma otumi gyinaa mu? Abraham asetra nyinaa mu no, na Yehowa bɔ ne ho ban, na ɔfaa no sɛ n’adamfo.—Gen. 15:1; Yes. 41:8; Yak. 2:22, 23.

Dɛn na Yehowa asomfo bi yɛ de kyerɛ sɛ wɔwɔ gyidi ne abotare te sɛ Abraham ne Sara? (Hwɛ nkyekyɛm 12) *

12. Yɛn nso dɛn na yɛretwɛn, na dɛn na yɛrebesusuw ho?

12 Yɛn nso yɛretwɛn kurow a ɛwɔ fapem ankasa no. Yɛn de, ɛnyɛ sɛ yɛretwɛn sɛ wɔbɛkyekye kurow a ɛne Onyankopɔn Ahenni no. Onyankopɔn Ahenni no fii ase dii tumi wɔ afe 1914, na afi ase reyɛ adwuma wɔ soro dedaw. (Adi. 12:7-10) Yɛretwɛn sɛ ɛbɛba abedi asase nyinaa so. Bere a yɛretwɛn sɛ Ahenni no bɛba no, ɛsɛ sɛ yegyina ɔhaw ahorow a ɛte sɛ nea Abraham ne Sara hyiae no bi ano. Yehowa asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no bi atumi asuasua Abraham nhwɛso no. Ebinom asetenam nsɛm a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban mu no ma yehu sɛ wosuasuaa gyidi ne abotare a na Abraham ne Sara wɔ no bi. Momma yɛnhwɛ emu bi na yensua biribi mfi mu.

WƆN A WOSUASUAA ABRAHAM NHWƐSO NO

Bill fii ne pɛ mu de nneɛma bɔɔ afɔre, na Yehowa hyiraa no

13. Dɛn na wusua fi Onua Walden suahu no mu?

13 Fi wo komam fa nneɛma bɔ afɔre. Sɛ yebetumi de Onyankopɔn kurow a ɛne N’ahenni no adi kan wɔ yɛn asetenam a, ɛsɛ sɛ yesuasua Abraham na yefi yɛn komam de nneɛma bɔ afɔre. (Mat. 6:33; Mar. 10:28-30) Momma yɛnhwɛ Onua bi a ne din de Bill Walden. * Afe 1942 mu na ofii ase ne Yehowa Adansefo suaa ade. Saa bere no, na aka kakra ma wabɔ digrii wɔ adansi mu wɔ sukuupɔn bi a ɛwɔ U.S. Bill akyerɛkyerɛfo no bi hwehwɛɛ adwuma a sɛ owie sukuu a ɔbɛyɛ too hɔ maa no nanso wanyɛ. Ɔkyerɛɛ mu sɛ, ɔpɛ sɛ ɔde ne bere pii som Onyankopɔn nti na wanyɛ adwuma a anka ɛbɛma wanya sika pii no. Ɛno akyi no, ankyɛ koraa na aban no nso hyɛɛ Bill sɛ ɔnkɔ sogya, nanso ɔde obu kaa sɛ ɔrentumi nkɔ. Wei nti, wɔbɔɔ no ka dɔla 10,000, na wɔde no too afiase mfe nnum. Mfe mmiɛnsa akyi na wogyaa no. Akyiri yi, wɔtoo nsa frɛɛ no kɔɔ Gilead Sukuu na ɔkɔyɛɛ ɔsɛmpatrɛwfo wɔ Afrika. Ɛno akyi no, Bill waree Eva, na wɔde nneɛma bɔɔ afɔre ma wotumi kɔsomee wɔ Afrika. Awiei koraa no, wɔsan kɔɔ United States kɔhwɛɛ Bill maame. Bill twa n’ani hwɛ n’akyi a, ɔka sɛ: “Sɛ mehwɛ hokwan akɛse a manya ne sɛnea Yehowa de me adi dwuma bɛboro mfe 70 yi a, na m’ani ataataa nisu. Daa meda no ase sɛ ɔboaa me ma mede ne som sii m’ani so.” Wo nso, wubetumi de bere nyinaa som adwuma no asi w’ani so?

Eleni ne Aristotelis Apostolidis hui sɛ Yehowa hyɛɛ wɔn den

14-15. Dɛn na wusua fi Onua ne Onuawa Apostolidis suahu no mu?

14 Hwɛ kwan sɛ wubehyia ɔhaw wɔ w’asetenam. Nea Abraham faa mu no ma yehu sɛ, wɔn a wɔde wɔn bere nyinaa som Yehowa no mpo hyia ɔhaw. (Yak. 1:2; 1 Pet. 5:9) Onua Aristoteli Apostolidis * nhwɛso no ma yehu sɛ saa asɛm no yɛ nokware. Ɔbɔɔ asu afe 1946 wɔ Greece na afe 1952 no, ɔne onuawa bi a ne din de Eleni yɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛware efisɛ na wɔn mmienu nyinaa pɛ sɛ wɔyɛ pii wɔ Yehowa som mu. Nanso Eleni yaree, na dɔkota kaa sɛ biribi ahon ne tirim, enti wɔyɛɛ no oprehyɛn maa ne ho tɔɔ no. Wɔwaree wiei mfe kakra bi akyi no, yare no san baa bio. Enti wɔsan yɛɛ no oprehyɛn foforo nanso ɛmaa Eleni fã dwudwoe, na na ontumi nkasa yiye. Ɛmfa ho Eleni yare no ne ɔtaa a aban no de baa Yehowa Adansefo so saa bere no, ɔkɔɔ so yeree ne ho som Yehowa.

15 Onua Aristotelis de mfe 30 hwɛɛ ne yere no. Saa bere no nyinaa na ɔyɛ asafo mu panyin, na na ɔsom sɛ nhyiam boayikuw muni. Afei nso, ɔboa ma wosii Nhyiam Asa. Afe 1987 bere a na Eleni wɔ asɛnka mu no, opirae paa ma enti ɔkɔɔ kooma anaa ɔtɔree mum mfe mmiɛnsa ansa na ɔrewu. Aristotelis hwɛ nea asisi wɔ n’asetenam a, ɔka sɛ: “Mfe a abɛsen kɔ no, mahyia ɔhaw pii na emu bi wɔ hɔ a, ɛtoo me mpofirim. Enti mihui sɛ, ɛsɛ sɛ migyina mu na ɛnsɛ sɛ mema biribiara bu m’abam. Ne nyinaa mu no, na Yehowa ma me ahoɔden ma mitumi de gyina ɔhaw no ano.” (Dw. 94:18, 19) Anuanom a wɔrehyia ɔhaw nanso wɔyɛ nea wobetumi biara de som Yehowa no, ɔdɔ wɔn paa!

Audrey Hyde de n’adwene sii nhyira a na obenya daakye no so

16. Afotu pa bɛn na Onua Knorr de maa ne yere?

16 Fa w’ani si nea ɛbɛba daakye so. Abraham de n’adwene sii nneɛma a na Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔde bɛma no daakye no so, na wei boaa no ma otumi gyinaa ɔhaw a ohyiae ano. Ma yɛnhwɛ Onuawa Audrey Hyde. Ɛwom sɛ kokoram kum ne kunu a odi kan Nathan H. Knorr, na ne kunu a ɔto so mmienu Glenn Hyde nso nyaa yare bi a wɔfrɛ no Alzheimer’s, nanso ɔbɔɔ mmɔden de n’adwene sii nhyira a na obenya daakye no so. * Ɔka sɛ, aka nnawɔtwe kakra ama Onua Knorr awu no, ɔkaa asɛm bi kyerɛɛ no na ɛno na ɛboaa no. Ɔka sɛ: “Nathan ka kyerɛɛ me sɛ: ‘Sɛ yewu mpo a, sɛnea ɛte biara nea yɛn ani da so no bɛbam, na yɛrenhu amane bio.’ Afei ɔsan ka kyerɛɛ me sɛ: ‘Hwɛ w’anim, na fa w’ani si nhyira a ɛbɛba daakye no so.’ . . . Ɔde kaa ho sɛ: ‘Yere wo ho yɛ pii, na tu wo ho ma yɛ nneɛma ma afoforo. Wei bɛboa wo ama w’ani agye.’” Saa afotu yi yɛ afotu pa! Sɛ yetu yɛn ho ma boa afoforo na ‘yedi ahurusi anidaso no mu’ a, ɛbɛboa yɛn paa.—Rom. 12:12.

17. (a) Adɛn nti na ɛfata sɛ yɛde yɛn adwene si nea yebenya daakye no so? (b) Sɛ yɛde asɛm a ɛwɔ Mika 7:7 no yɛ adwuma a, sɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛanya nhyira daakye?

17 Ɛnnɛ paa na ɛfata sɛ yɛde yɛn adwene si nhyira a yebenya daakye no so. Nneɛma a ɛresisi no ma yehu pefee sɛ yɛwɔ wiase yi nna a edi akyiri no awiei. Ɛrenkyɛ Onyankopɔn Ahenni bedi wiase nyinaa so. Nhyira a yebenya no bi ne sɛ, wobenyan yɛn adɔfo a wɔawuwu ama yɛasan ahu wɔn. Gyidi ne abotare a Abraham daa no adi nti, Yehowa behyira no. Obenyan ɔne n’abusua aba asase so bio. Wobɛka wɔn a wɔbɛma wɔn akwaaba no ho anaa? Sɛ wubetumi ayɛ saa a, gye sɛ woyɛ w’adwene sɛ Onyankopɔn Ahenni nti wode nneɛma bɛbɔ afɔre. Afei nso, kɔ so kura wo gyidi mu ɛmfa ho ɔhaw biara a wubehyia, na nya abotare twɛn Yehowa te sɛ Abraham.—Kenkan Mika 7:7.

DWOM 74 To Ahenni Dwom no Bi!

^ nky. 5 Sɛ yɛretwɛn sɛ Onyankopɔn bedi ne bɔhyɛ ahorow bi so a, ebetumi asɔ yɛn abotare ahwɛ, na ɛtɔ da mpo a, etumi sɔ yɛn gyidi hwɛ. Dɛn na Abraham yɛe a ebetumi aboa yɛn ama yɛanya abotare atwɛn sɛ Yehowa bɔhyɛ nyinaa bɛbam? Na nhwɛso pa bɛn na Yehowa asomfo bi a wɔwɔ hɔ nnɛ ayɛ?

^ nky. 14 Onua Apostolidis asetenam nsɛm baa Ɔwɛn-Aban a ɛbae February 1, 2002, kr. 24-28 mu.

^ nky. 16 Onuawa Hyde asetenam nsɛm wɔ Ɔwɛn-Aban a ɛbaa July 1, 2004 no mu, kr. 23-29.

^ nky. 56 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Awarefo bi a wɔn mfe akɔ anim kɔ so som Yehowa nokware mu ɛmfa ho sɛ wɔrehyia ɔhaw. Nhyira a Yehowa ahyɛ ho bɔ na wɔde wɔn ani asi so, na wei ama wɔn gyidi ayɛ den.