Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 34

Wosom Bo Wɔ Yehowa Asafo No Mu!

Wosom Bo Wɔ Yehowa Asafo No Mu!

“Nipadua no yɛ biako nanso ɛwɔ akwaa pii, na sɛnea saa nipadua no akwaa dɔɔso, nanso ne nyinaa yɛ nipadua koro no, saa ara na Kristo nso te.”—1 KOR. 12:12.

DWOM 101 Yɛde Baakoyɛ Bom Yɛ Adwuma

NEA YƐREBESUA *

1. Hokwan bɛn na yɛn mu biara wɔ?

HWƐ hokwan kɛse a yɛanya sɛ yɛka Yehowa asafo no ho. Sɛ yɛne yɛn nuanom a wɔwɔ asafo no bom som Yehowa a, ɛma yɛn asom dwo yɛn na yɛn ani gye paa. Dɛn na woyɛ a ɛboa asafo no?

2. Ɔsomafo Paul de biribi yɛɛ mfatoho wɔ krataa a Onyankopɔn ma ɔkyerɛwee no bi mu. Dɛn na ɔde yɛɛ mfatoho no?

2 Ɔsomafo Paul de biribi yɛɛ mfatoho wɔ krataa a Onyankopɔn ma ɔkyerɛwee no bi mu. Sɛ yesusuw saa mfatoho no ho a, ɛbɛma yɛahu sɛ yɛn ho hia wɔ asafo no mu. Saa nkrataa no mu biara mu no, Paul de asafo no totoo nipadua no ho. Ɔsan de nnipa a wɔwɔ asafo no mu nso totoo nipadua akwaa no ho.—Rom. 12:4-8; 1 Kor. 12:12-27; Efe. 4:16.

3. Nneɛma mmiɛnsa bɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

3 Yɛn mu biara so wɔ mfaso wɔ Yehowa asafo no mu. Yɛn mu biara betumi ahyɛ asafo no mufo den. Ɛmfa ho yɛn kɔla, abusua a yefi mu, sɛnea yɛn sikasɛm te, dibea a yɛwɔ, yɛn amammerɛ anaa sukuu a yɛakɔ no, yɛn mu biara ho hia wɔ asafo no mu. Adesua yi mu no, yebesusuw nneɛma mmiɛnsa bi a ɛho hia a yebetumi asua afi ɔsomafo Paul mfatoho no mu. Nea edi kan, yebehu sɛ yɛn mu biara so wɔ mfaso wɔ Yehowa asafo no mu. Nea ɛto so mmienu, sɛ yɛte nka sɛ yɛn so nni mfaso wɔ asafo no mu a, yɛbɛhwɛ nneɛma bi a yebetumi ayɛ ama aboa yɛn. Nea ɛto so mmiɛnsa, yɛbɛhwɛ nea enti a ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho yɛ adwuma a Onyankopɔn de ahyɛ yɛn nsa wɔ asafo no mu no.

YƐN MU BIARA WƆ DWUMA A ODI WƆ YEHOWA ASAFO NO MU

4. Dɛn na Romafo 12:4, 5 ma yehu?

4 Ade a edi kan a yesua wɔ Paul mfatoho no mu ne sɛ, yɛn mu biara ho hia wɔ Yehowa abusua no mu. Paul refi ne mfatoho no ase no, nea ɔkae ni: “Na sɛnea yɛwɔ akwaa bebree wɔ nipadua koro mu, na akwaa no nyinaa nni dwuma koro no, saa ara na yɛn nso, ɛwom sɛ yɛdɔɔso de, nanso yɛyɛ nipadua koro wɔ Kristo mu, na yɛyeyɛ yɛn ho yɛn ho akwaa.” (Rom. 12:4, 5) Asɛm bɛn na na Paul pɛ sɛ ɔka? Ɛsono dwuma a yɛn mu biara di wɔ asafo no mu de, nanso yɛn mu biara som bo.

Obiara wɔ nea otumi yɛ wɔ asafo no mu, nanso yɛn mu biara ho hia (Hwɛ nkyekyɛm 5-12) *

5. “Akyɛde” bɛn na Yehowa de ama asafo no?

5 Sɛ worehwɛ wɔn a wɔn ho hia wɔ asafo no mu a, ebia wɔn a wɔn ho asɛm bedi kan aba wo tirim ne asafo mu mpanyimfo. (1 Tes. 5:12; Heb. 13:17) Ɛyɛ nokware sɛ Yehowa nam Yesu so ama yɛanya ‘nnipa a wɔyɛ akyɛde’ wɔ asafo no mu. (Efe. 4:8) ‘Nnipa a wɔyɛ akyɛde’ no bi ne Akwankyerɛ Kuw no mufo, Akwankyerɛ Kuw no aboafo, Baa Boayikuw mufo, amansin so ahwɛfo, wɔn a wɔkyerɛ ade wɔ asafo sukuu ahorow mu, asafo mu mpanyimfo ne asafo mu asomfo. Yehowa honhom na ɔde paw saa mmarima yi nyinaa sɛ wɔnhwɛ ne nguan a wɔsom bo ma no no so na wɔnhyɛ asafo no den.—1 Pet. 5:2, 3.

6. Sɛnea 1 Tesalonikafo 2:6-8 kyerɛ no, mmarima a Yehowa de ne honhom paw wɔn no, dɛn na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ?

6 Yehowa de ne honhom paw anuanom ma wɔyɛ nnwuma ahorow wɔ asafo no mu. Sɛnea nipadua akwaa ahorow te sɛ nsa ne nan yɛ adwuma ma nipadua no nya so mfaso no, anuanom a Yehowa de ne honhom paw wɔn no yɛ adwumaden ma asafo mũ no nyinaa nya so mfaso. Ɛnyɛ sɛ wɔpɛ sɛ afoforo kamfo wɔn nti na wɔyɛ adwumaden saa. Mmom wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ wɔn nuanom den. (Kenkan 1 Tesalonikafo 2:6-8.) Yɛda Yehowa ase sɛ wama yɛn anuanom a wɔfata a wɔde afoforo ahiade di kan.

7. Nhyira a bere nyinaa asomfo nya no, ebi ne sɛn?

7 Ebinom a wɔwɔ asafo no mu nya hokwan som sɛ asɛmpatrɛwfo, akwampaefo titiriw anaa daa akwampaefo. Nokwasɛm ne sɛ, wokɔ wiase baabiara a, anuanom pii de wɔn bere nyinaa reyɛ asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no. Ɛwom sɛ mpɛn pii no, ɛyɛ a saa bere nyinaa asomfo yi nni honam fam nneɛma pii de, nanso Yehowa hyira wɔn ma wɔn ani gye wɔ asetena mu. (Mar. 10:29, 30) Anuanom mmarima ne mmea yi som bo ma yɛn na ɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ wɔka asafo no ho!

8. Adɛn nti na ɔdawurubɔfo biara ho hia Yehowa?

8 Asafo mu mpanyimfo ne asomfo ne bere nyinaa asomfo nko ara na wɔn ho hia wɔ asafo no mu anaa? Daabi! Ɔdawurubɔfo biara ho hia Onyankopɔn ne asafo no. (Rom. 10:15; 1 Kor. 3:6-9) Nea enti a ɛte saa ne sɛ, ade baako a ɛho hia asafo no paa ne sɛ ɛbɛboa nkurɔfo ama wɔabɛyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo asuafo. (Mat. 28:19, 20; 1 Tim. 2:4) Adawurubɔfo a wɔabɔ asu ne adawurubɔ a wɔmmɔɔ asu, kyerɛ sɛ, obiara a ɔka asɛmpa no bi biara bɔ mmɔden sɛ ɔbɛma saa adwuma yi ho ahia no paa wɔ n’asetenam.—Mat. 24:14.

9. Adɛn nti na yɛn nuanom mmea no som bo?

9 Yehowa de adwuma a ɛho hia paa ama anuanom mmea wɔ asafo no mu. Anuanom mmea a wɔyɛ awarefo anaa asigyafo, awofo ne akunafo a wɔde nokwaredi resom Yehowa no, wɔda ne koma so paa. Bible ka mmea bi a wɔyɛɛ nea Onyankopɔn pɛ ho asɛm. Ná wɔwɔ nyansa, gyidi, akokoduru, na na woyi wɔn yam boa afoforo. Afei nso, wɔde nsi ne ahokeka yɛɛ nnwuma pa. (Luka 8:2, 3; Aso. 16:14, 15; Rom. 16:3, 6; Filip. 4:3; Heb. 11:11, 31, 35) Yɛda Yehowa ase paa sɛ anuanom mmea a wɔwɔ asafo no mu nso da suban pa a ɛte saa adi.

10. Adɛn nti na wɔn a wɔn mfe akɔ anim no som bo ma yɛn saa?

10 Ɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ anuanom a wɔn mfe akɔ anim pii wɔ asafo no mu. Wokɔ asafo ahorow bi mu a, wobehu anuanom mmarima ne mmea a wɔn mfe akɔ anim a wɔde nokwaredi asom Yehowa abesi nnɛ. Wɔn a wɔn mfe akɔ anim no bi nso wɔ hɔ a, wobehuu nokware no nkyɛe. Sɛ́ wɔbaa asafo no mu akyɛ anaasɛ ɛnkyɛe no, onyin nti wɔn nyinaa hyia ɔhaw. Saa ɔhaw a wɔrehyia yi nti, ɛremma wontumi nyɛ pii wɔ asafo no mu ne asɛnka adwuma no mu. Nanso yɛn nuanom a wɔn mfe akɔ anim yi yɛ nea wɔn ahoɔden betumi nyinaa wɔ asɛnka adwuma no mu. Afei nso, wɔyɛ nea wobetumi biara hyɛ afoforo nkuran na wɔtete wɔn. Yenya wɔn suahu so mfaso. Wɔda Yehowa koma so na wɔsom bo ma yɛn paa.—Mmeb. 16:31.

11-12. Sɛn na mmerante ne mmabea a wo ne wɔn wɔ asafo mu no ahyɛ wo nkuran?

11 Afei, momma yɛnhwɛ mmerante ne mmabea a yɛne wɔn wɔ asafo mu. Wɔrehyia ɔhaw pii efisɛ wiase a wɔte mu no, Satan na odi so na ɔde ne nsusuwii bɔne no ahyɛ mu ma. (1 Yoh. 5:19) Nanso, sɛ yehu sɛ mmerante ne mmabea yi rema mmuae wɔ asafo nhyiam ase, wɔrekɔ asɛnka anaa wɔde akokoduru rekyerɛkyerɛ wɔn gyidi mu a, ɛhyɛ yɛn nkuran paa. Ampa, mmerante ne mmabea nyinaa, mo ho hia paa wɔ Yehowa asafo no mu!—Dw. 8:2.

12 Yɛn nuanom binom wɔ hɔ a, ɛyɛ den ma wɔn sɛ wobegye adi sɛ wɔn ho hia wɔ asafo no mu. Dɛn na ɛbɛboa yɛn mu biara ma yɛahu sɛ yɛn ho hia wɔ asafo no mu? Momma yɛnhwɛ.

HU SƐ WO HO HIA WƆ ASAFO NO MU

13-14. Adɛn nti na ebinom betumi ate nka sɛ wɔn ho nhia wɔ asafo no mu?

13 Momma yɛnhwɛ ade a ɛto so mmienu a yebetumi asua afi Paul mfatoho no mu. Ɔkaa ɔhaw bi a nnipa pii rehyia nnɛ ho asɛm. Ɛnnɛ ɛyɛ den ma nnipa pii sɛ wobegye atom sɛ wɔn ho hia wɔ asafo no mu. Paul kyerɛwee sɛ: “Sɛ ɛnan ka sɛ: “Menyɛ nsa nti menka nipadua no ho” a, eyi nkyerɛ sɛ ɛnka nipadua no ho. Na sɛ asõ ka sɛ: “Menyɛ aniwa nti menka nipadua no ho” a, eyi nkyerɛ sɛ ɛnka nipadua no ho.” (1 Kor. 12:15, 16) Dɛn na na Paul pɛ sɛ yesua fi asɛm yi mu?

14 Sɛ wode wo ho toto anuanom a wɔwɔ asafo no mu ho a, ebetumi ama woate nka sɛ wo ho nhia wɔ asafo no mu. Ebinom a wɔwɔ asafo no mu tumi kyerɛkyerɛ paa, wɔtoto nneɛma yiye, anaa wotumi kyekye afoforo werɛ hyɛ wɔn nkuran. Ebia wobɛte nka sɛ wommɔ mmɔden te sɛ wɔn. Wei kyerɛ sɛ wobrɛ wo ho ase paa. (Filip. 2:3) Nanso yɛ ahwɛyiye. Sɛ daa wode wo ho toto wɔn a wɔbɔ mmɔden wɔ nneɛma bi mu sen wo ho a, w’abam bebu. Ebetumi ama woate nka sɛ wo ho nhia wɔ asafo no mu. Dɛn na ebetumi aboa wo ama woayi saa adwene no afi wo tirim?

15. Sɛnea 1 Korintofo 12:4-11 kyerɛ no, adwene bɛn na ɛsɛ sɛ yenya wɔ ɔdom akyɛde biara a yɛwɔ ho?

15 Susuw nokwasɛm yi ho: Yehowa maa tete Kristofo no bi nyaa honhom kronkron akyɛde ahorow no, nanso wɔn nyinaa annya akyɛde koro. (Kenkan 1 Korintofo 12:4-11.) Yehowa maa wonyaa akyɛde ahorow nanso na Kristoni biara som bo ma no. Ɛnnɛ, yenni honhom kronkron akyɛde ahorow no, nanso nnyinasosɛm a ɛwom no nsesae. Ɛne sɛ, ɛsono ɔdom akyɛde a yɛn mu biara wɔ, nanso yɛn nyinaa som bo ma Yehowa.

16. Ɔsomafo Paul afotu bɛn na ɛsɛ sɛ yɛde yɛ adwuma?

16 Sɛ anka yɛde yɛn ho bɛtoto yɛn nuanom Kristofo afoforo ho no, momma yɛmfa afotu a Onyankopɔn maa Paul kyerɛwee yi nyɛ adwuma: “Ma obiara nsɔ n’ankasa adwuma nhwɛ, ɛno na obenya biribi de ahoahoa ɔno ara ne ho, na ɛnyɛ sɛ ɔde ne ho bɛtoto obi ho.”—Gal. 6:4.

17. Sɛ yɛde Paul afotu yi yɛ adwuma a, ɛbɛboa yɛn sɛn?

17 Sɛ yɛde afotu a Onyankopɔn maa Paul kyerɛwee no yɛ adwuma na yɛhwɛ nea yetumi yɛ a, ɛbɛboa yɛn ama yɛahu sɛ yɛwɔ ɔdom akyɛde bi a afoforo nni bi. Ɛho nhwɛso bi ni. Ebetumi aba sɛ asafo mu panyin bi gyina asɛnka agua so rekyerɛkyerɛ a entu mpɔn papa, nanso otumi kyerɛkyerɛ yiye paa wɔ asɛnka mu. Anaa ebia, sɛnea asafo mu mpanyimfo bi tumi toto nneɛma yiye no, ontumi nyɛ no saa nanso ebia na wonim no sɛ ɔdɔ afoforo na sɛ adawurubɔfo hia Bible mu afotu a wotumi kɔ ne nkyɛn ma ɔboa wɔn. Ebi nso a na anuanom nim no sɛ obi a ɔpɛ ahɔhoyɛ. (Heb. 13:2, 16) Sɛ yehu ɔdom akyɛde a yɛwɔ ne nea yɛbɔ mu mmɔden a, ɛbɛma yɛn ani agye wɔ nea yetumi yɛ de boa asafo no ho. Ɛba saa a ɛbɛyɛ den sɛ yɛn ani bɛbere yɛn nuanom a wɔwɔ ɔdom akyɛde bi a yenni bi.

18. Yɛbɛyɛ dɛn ama yɛn nkyerɛkyerɛ atu mpɔn?

18 Ɛmfa ho nea yetumi yɛ wɔ asafo no mu biara no, momma yɛn nyinaa mmɔ mmɔden sɛ yebetu mpɔn wɔ ɔsom a yɛde ma Yehowa ne yɛn nkyerɛkyerɛ mu. Nea ɛbɛboa yɛn ma yɛatu mpɔn no, Yehowa nam n’ahyehyɛde no so tete yɛn. Ɛho nhwɛso ne sɛ, nhyiam a yɛyɛ no nnawɔtwe no mfinimfini no, yenya akwankyerɛ a ɛbɛboa yɛn ama yɛn nkyerɛkyerɛ atu mpɔn wɔ asɛnka mu. Worebɔ mmɔden sɛ wode saa akwankyerɛ no bɛyɛ adwuma anaa?

19. Dɛn na ebetumi aboa wo ama woakɔ Ahenni Asɛmpakafo Sukuu no bi?

19 Ade foforo a wɔde tete yɛn ne Ahenni Asɛmpakafo Sukuu no. Anuanom mmarima ne mmea a wɔyɛ bere nyinaa som adwuma no a wɔadi fi mfe 23 kosi 65 na wobetumi akɔ saa sukuu yi bi. Ebia wubenya adwene sɛ wo de worentumi nkɔ saa sukuu yi bi. Nanso sɛ anka wubedwinnwen nea enti a ɛyɛ wo sɛ worentumi nkɔ bi ho no, fa w’adwene si nea enti a wopɛ sɛ wokɔ bi no so. Afei toto wo nneɛma yiye na ama woatumi afata sɛ wokɔ sukuu no bi. Sɛ woyere wo ho a Yehowa bɛboa wo na ade a wususuw sɛ worentumi nyɛ no, wubetumi ayɛ.

FA WO DOM AKYƐDE HYƐ ASAFO NO DEN

20. Dɛn na yebetumi asua afi asɛm a ɛwɔ Romafo 12:6-8 no mu?

20 Ade a ɛto so mmiɛnsa a yebetumi asua afi mfatoho a Paul mae no mu wɔ Romafo 12:6-8. (Kenkan.) Ɛha nso, Paul ma yehu sɛ obiara a ɔwɔ asafo no mu biara wɔ akyɛde soronko. Nanso osii so dua sɛ akyɛde biara a yɛwɔ no, yɛmfa mmoa asafo no na yɛmfa nhyɛ anuanom den.

21-22. Dɛn na yesua fi Robert ne Felice asɛm no mu?

21 Momma yɛnhwɛ onua bi a wɔfrɛ no Robert. Bere bi a atwam no, na ɔyɛ ɔsom adwuma no wɔ ɔman foforo so. Nanso akyiri yi, wɔma no kɔsom wɔ Betel a ɛwɔ ɔman a ofi mu so. Ɛwom wɔmaa no awerɛhyem sɛ ɛnyɛ mfomso bi a wadi nti na wɔasesa ne dwumadi. Nanso ɔkaa sɛ: “Abosome pii twaam a na m’ani nnye efisɛ minyaa adwene sɛ manyɛ m’adwuma yiye. Ɛtɔ da a, na ɛyɛ me sɛ minnyae Betel adwuma no.” Ɛyɛɛ dɛn na ɔsan nyaa anigye? Asafo mu panyin bi maa no huu sɛ, hokwan a na yɛwɔ bere bi a atwam no, Yehowa de tetee yɛn na ama yɛatumi ayɛ adwuma foforo a ɔde ahyɛ yɛn nsa no yiye. Robert hui sɛ na ɛnsɛ sɛ ɔde n’adwene si nneɛma a atwam no so, na mmom ɛsɛ sɛ ɔde n’ani si nea na obetumi ayɛ seesei no so.

22 Onua Felice Episcopo nso hyiaa tebea bi a na ɛte sɛ Robert de no. Afe 1956 na ɔne ne yere wiee Gilead. Ɛno akyi no, ɔkɔsomee sɛ ɔmansin sohwɛfo wɔ Bolivia. Afe 1964 no ne yere nyinsɛn woo ɔbabarima. Felice ka sɛ: “Ná yɛn ani gye adwuma no ho paa enti na ɛyɛ den sɛ yebefi hɔ. Asɛm no haw me ara ma bɛyɛ afe baako na meda so di ho awerɛhow. Nanso Yehowa mmoa so nti mesesaa m’adwene na megye toom sɛ seesei de mabɛyɛ ɔwofo.” Woahyia tebea bi a ɛte sɛ Robert ne Felice de no anaa? Esiane sɛ ɔsom hokwan a wowɔ wɔ asafo no mu asesa nti, ɛtɔ da a ɛma w’abam bu anaa? Sɛ saa a, nea ebetumi aboa wo ama w’ani agye paa ne sɛ wode w’adwene besi nea wobetumi ayɛ seesei de asom Yehowa ne wo nuanom so. Yɛ pii na fa ɔdom akyɛde a wowɔ no boa afoforo. Woyɛ saa a, ɛbɛhyɛ wo nuanom a wɔwɔ asafo no mu den na ɛbɛma w’ani agye.

23. Dɛn na ɛsɛ sɛ yegye bere yɛ, na dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

23 Yɛn mu biara som bo ma Yehowa na ɔpɛ sɛ yɛka n’abusua no ho. Sɛ yegye bere susuw nea yebetumi ayɛ de ahyɛ yɛn nuanom den na yɛyere yɛn ho yɛ saa a, ɛremma yennya adwene sɛ yɛn ho nhia asafo no! Afei yemmisa sɛ, yɛn nuanom a yɛne wɔn wɔ asafo mu no, adwene bɛn na yɛwɔ wɔ wɔn ho? Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛdɔ wɔn na yebu wɔn paa? Saa asɛm yi ho hia paa, enti yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu.

DWOM 24 Bra Yehowa Bepɔw So

^ nky. 5 Yɛn nyinaa pɛ sɛ yɛte nka sɛ yɛsom bo ma Yehowa. Nanso ɛtɔ da a, yebetumi anya adwene sɛ yɛn so nni mfaso. Adesua yi bɛboa yɛn ama yɛahu sɛ yɛn mu biara ho hia wɔ asafo no mu.

^ nky. 61 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Mfoni mmiɛnsa no ma yehu nea ɛkɔ so ansa na asafo nhyiam afi ase, bere a nhyiam no rekɔ so, ne bere a yɛapɔn nhyiam no. Mfoni 1: Asafo mu panyin bi ate n’anim rekyia ɔhɔho bi a waba Ahenni Asa so. Onua aberante bi reyɛ akasam no ho adwuma, na onuawa bi nso ne onuawa a ne mfe akɔ anim rebɔ nkɔmmɔ. Mfoni 2: Wɔreyɛ Ɔwɛn-Aban adesua, na mpanyin ne mmofra nyinaa pɛ sɛ wɔma mmuae. Mfoni 3: Awarefo bi reboa ama wɔasiesie Ahenni Asa so. Maame bi reboa ne ba ama wayi ntoboa. Onua aberante bi rehwɛ nhoma no so, na onua bi nso rehyɛ onuawa bi a ne mfe akɔ anim nkuran.