Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 30

Hokwan a Wowɔ Wɔ Yehowa Abusua Mu No, Ma Ɛnsom Bo Mma Wo

Hokwan a Wowɔ Wɔ Yehowa Abusua Mu No, Ma Ɛnsom Bo Mma Wo

“Woma ɔbaa fam kakra sen abɔfo, na wode anuonyam ne nidi bɔɔ no abotiri.”—DW. 8:5.

DWOM 123 Brɛ Wo Ho Ase Ma Nyankopɔn Nhyehyɛe

NEA YƐREBESUA *

1. Sɛ yedwinnwen nea Yehowa abɔ nyinaa ho a, nsɛm bɛn na yebetumi abisa?

SƐ YEDWINNWEN nneɛma a Yehowa abɔ nyinaa ho a, ebia yɛbɛte nka sɛ odwontofo Dawid. Ɔbɔɔ mpae bisaa sɛ: “Sɛ mihu ɔsoro nneɛma a woayɛ, wo nsateaa ano adwuma, ɔsram ne nsoromma a woasiesie no a, ɔdasani ne hena a wokae no, na onipa ba ne hena a wudwen ne ho?” (Dw. 8:3, 4) Yɛn nso, sɛ yɛhwɛ nneɛma akɛseakɛse a Yehowa ayɛ, na yɛhwɛ yɛn ho a yehu sɛ yɛnsɛ hwee koraa. Ɛyɛ a ɛyɛ yɛn nwonwa mpo sɛ Yehowa kae yɛn. Nanso sɛnea yebehu no, ɛnyɛ sɛ Yehowa kaee Adam ne Hawa kɛkɛ, na mmom ɔde wɔn bɛkaa n’abusua no ho.

2. Dɛn na na Yehowa pɛ sɛ Adam ne Hawa yɛ?

2 Adam ne Hawa na Yehowa dii kan bɔɔ wɔn wɔ asaase so. Ná Yehowa yɛ wɔn Agya a ɔwɔ soro, na na ɔdɔ wɔn. Ná ɔpɛ sɛ awarefo yi ase trɛw, enti ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monwo na monnɔɔso na monhyɛ asaase so ma na munnya so tumi.” (Gen. 1:28) Ná Onyankopɔn pɛ sɛ wɔwo mma, na wɔhwɛ asaase no so yiye. Sɛ Adam ne Hawa yɛɛ aso tiee Yehowa na wɔyɛɛ n’apɛde a, anka wɔne wɔn asefo remfi Onyankopɔn abusua no mu da.

3. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ Yehowa maa Adam ne Hawa hokwan a nidi wom wɔ n’abusua no mu?

3 Yehowa maa Adam ne Hawa hokwan a nidi wom wɔ n’abusua no mu. Sɛnea Yehowa bɔɔ nipa no, Dawid kaa ho asɛm wɔ Dwom 8:5. Ɔkaa sɛ: “Woma ɔbaa fam kakra sen abɔfo, na wode anuonyam ne nidi bɔɔ no abotiri.” Ɛwom, tumi, nyansa ne nimdeɛ a abɔfo wɔ no, nnipa de nnu ho. (Dw. 103:20) Nanso nnipa ba fam ‘kakraa bi’ pɛ sen abɔfo ahoɔdenfo no. Wei kyerɛ sɛ abɔfo no nsen nnipa ahe biara. Wunhu sɛ ɛhyɛ nkuran paa? Nokwasɛm ne sɛ Yehowa dii yɛn awofo a wodi kan no ni paa.

4. Bere a Adam ne Hawa yɛɛ asoɔden no, dɛn na ɛtoo wɔn wɔ Yehowa abusua no mu, na dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

 4 Nea ɛyɛ awerɛhow ne sɛ, Adam ne Hawa asoɔden nti Yehowa pam wɔn fii n’abusua no mu. Sɛnea yebehu wɔ adesua yi mu no, wei akɔfa ɔhaw ne amanehunu bebree abɛsoɛ wɔn asefo so. Nanso Yehowa atirimpɔw nsesae. Ɔpɛ sɛ nnipa a wotie n’asɛm no bɛyɛ ne mma daa. Nea edi kan no, momma yɛnhwɛ nneɛma bi a Yehowa ayɛ de akyerɛ sɛ odi yɛn ni. Ɛno akyi no, yɛbɛhwɛ nneɛma bi a yebetumi ayɛ seesei de akyerɛ sɛ yɛpɛ sɛ yɛkɔka Onyankopɔn abusua no ho. Ne korakora no, yɛbɛhwɛ nhyira a Yehowa mma a wɔwɔ asaase so no benya daa.

NEA YEHOWA AYƐ A ƐKYERƐ SƐ WADI NNIPA NI

Nneɛma bɛn na Yehowa ayɛ a ɛkyerɛ sɛ wadi yɛn ni? (Hwɛ nkyekyɛm 5-11) *

5. Sɛnea Onyankopɔn bɔɔ yɛn wɔ ne suban so no, dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ ho anisɔ?

5 Yehowa adi yɛn ni sɛ ɔbɔɔ yɛn wɔ ne suban so. (Gen. 1:26, 27) Esiane sɛ Onyankopɔn bɔɔ yɛn wɔ ne suban so nti, yebetumi ada ne su a ɛyɛ fɛ no bebree adi. Ebi ne ɔdɔ, ayamhyehye, nokwaredi ne atɛntrenee. (Dw. 86:15; 145:17) Sɛ yɛda su a ɛte saa adi a, ɛkyerɛ sɛ yedi Yehowa ni, na yɛma ohu sɛ yɛn ani sɔ nea wayɛ ama yɛn no. (1 Pet. 1:14-16) Sɛ yɛbɔ yɛn bra ma ɛsɔ yɛn Agya a ɔwɔ soro no ani a, ɛma yɛn ani gye na yɛn koma tɔ yɛn yam. Afei nso, esiane sɛ Yehowa bɔɔ yɛn wɔ ne suban so nti, yebetumi abɛka n’abusua no ho.

6. Bere a Yehowa bɔɔ asaase no, dɛn na ɔyɛe a ɛkyerɛ sɛ wadi nnipa ni?

6 Yehowa hyɛɛ da yɛɛ baabi papa a yɛbɛtena maa yɛn. Bere tenteenten ansa na Yehowa rebɔ onipa a odi kan no, ɔtɔɔ ne bo ase paa siesiee asaase no. (Hiob 38:4-6; Yer. 10:12) Esiane sɛ Yehowa dwen yɛn ho na ne yam ye nti, wama yɛn nneɛma pa pii a ɛbɛma yɛn ani agye. (Dw. 104:14, 15, 24) Ɛwom ara a, na Yehowa gye bere hwɛ nneɛma a wabɔ no, na na ‘ohu sɛ eye.’ (Gen. 1:10, 12, 31) Nneɛma fɛfɛɛfɛ a wabɔ wɔ asaase so nyinaa, ɔde ‘ahyɛ nnipa nsa’ de akyerɛ sɛ odi yɛn ni. (Dw. 8:6) Nneɛma akɛseakɛse a Onyankopɔn abɔ no, ne pɛ ne sɛ nnipa a bɔne nni wɔn ho de anigye bɛhwɛ so daa. Bɔhyɛ a ɛma yenya anidaso yi, ɛyɛ a wotaa da Yehowa ase wɔ ho?

7. Ɔkwan bɛn so na asɛm a ɛwɔ Yosua 24:15 ma yehu sɛ Yehowa de onipa pɛ ama no?

7 Yehowa de yɛn pɛ ama yɛn. Ɔbra a yɛpɛ biara yebetumi abɔ. (Kenkan Yosua 24:15.) Sɛ yɛka sɛ wɔde obi pɛ ama no a, nea ɛkyerɛ ne sɛ otumi yɛ nea ɔpɛ biara. Sɛ yesi gyinae sɛ yɛbɛsom yɛn Nyankopɔn a ɔdɔ yɛn no a, ɛma n’ani gye. (Dw. 84:11; Mmeb. 27:11) Yɛn pɛ a Onyankopɔn de ama yɛn no, yebetumi de asisi gyinae pa wɔ nneɛma afoforo pii mu nso. Momma yɛnhwɛ nhwɛso baako a ɛma yehu sɛnea Yesu de ne pɛ a Onyankopɔn de maa no no yɛɛ adwuma.

8. Hokwan a na Yesu wɔ sɛ ɔyɛ nea ɔpɛ no, dɛn na ɔde yɛe?

8 Yebetumi asuasua Yesu na yɛadi kan ayɛ nea afoforo hia ama wɔn. Bere bi na Yesu ne n’asuafo no abrɛ paa, enti wɔyɛe sɛ wɔrekɔhyɛ baabi a ɛhɔ yɛ komm akɔhome kakra, nanso anyɛ yiye. Nnipadɔm bi huu wɔn, na na wɔpɛ sɛ Yesu kyerɛkyerɛ wɔn. Yesu bo amfuw, mmom nkurɔfo no asɛm yɛɛ no mmɔbɔ. Enti dɛn na Yesu yɛe? “Ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma pii.” (Mar. 6:30-34) Sɛ yesuasua Yesu na yɛde yɛn ahoɔden ne yɛn bere boa afoforo a, ɛhyɛ yɛn Agya a ɔwɔ soro no anuonyam. (Mat. 5:14-16) Afei nso, yɛma Yehowa hu sɛ, yɛpɛ sɛ yɛbɛka n’abusua no ho.

9. Dɛn na ɛsɛ sɛ awofo kae?

9 Yehowa ama nnipa tumi a wɔde wo, na ɔde ahyɛ wɔn nsa nso sɛ wɔnkyerɛkyerɛ wɔn mma ma wɔnnɔ no, na wɔnsom no. Sɛ woyɛ ɔwofo a, ɛyɛ a wokyerɛ akyɛde soronko yi ho anisɔ? Ɛwom sɛ Yehowa ahyira abɔfo no paa de, nanso wamfa hokwan yi amma wɔn. Enti sɛ woyɛ ɔwofo a, ma hokwan a woanya de awo mma no nsom bo mma wo paa. Yehowa de adwuma bi a ɛho hia paa ahyɛ awofo nsa sɛ wɔntete wɔn mma wɔ “Yehowa nteɛso ne ne kasakyerɛ mu.” (Efe. 6:4; Deut. 6:5-7; Dw. 127:3) Nea ɛbɛyɛ na awofo atumi ayɛ saa adwuma yi yiye no, Onyankopɔn ahyehyɛde no de Bible mu nsɛm ayɛ nhoma, video ahorow, nnwom ne Intanɛt so nneɛma pii ama wɔn. Biribiara kyerɛ sɛ yɛn Agya a ɔwɔ soro no ne ne Ba no pɛ mmofra asɛm paa. (Luka 18:15-17) Sɛ awofo de wɔn ho to Yehowa so, na wɔyɛ nea wobetumi biara de hwɛ wɔn mma a wɔsom bo no a, ɛma Yehowa ani gye paa. Awofo a wɔyɛ saa no, ɛma wɔn mma nya hokwan a wɔde bɛba abɛka Yehowa abusua no ho daa!

10-11. Dɛn na Yehowa nam agyede no so ayɛ ama yɛn?

10 Yehowa de ne Ba a ɔsom bo paa no maa yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛsan abɛka n’abusua no ho. Sɛnea yɛkaa wɔ  nkyekyɛm 4 no, Yehowa pam Adam ne Hawa fii n’abusua no mu, na ɛkãã wɔn mma a na wɔbɛwo wɔn no nso. (Rom. 5:12) Esiane sɛ Adam ne Hawa hyɛɛ da yɛɛ Onyankopɔn so asoɔden nti, edi sɛ ɔpam wɔn fii n’abusua no mu. Wɔn asefo nso ɛ, dɛn na na ɛbɛto wɔn? Yehowa dɔ nnipa, enti ɔde nneɛma guu akwan mu a ebetumi ama Adam ne Hawa asefo a wobetie no no abɛka n’abusua no ho. Ɔnam Yesu Kristo, ne Ba a ɔwoo no koro no afɔrebɔ no so na ɛyɛɛ wei ho nhyehyɛe. (Yoh. 3:16; Rom. 5:19) Esiane Yesu afɔrebɔ no nti, Onyankopɔn agye nnipa anokwafo 144,000 de wɔn ayɛ ne mma.—Rom. 8:15-17; Adi. 14:1.

11 Bio nso, anokwafo ɔpepem pii nso reyɛ Onyankopɔn apɛde. Wɔwɔ anidaso sɛ Mfirihyia Apem no awiei no, sɛ wodi nkonim wɔ sɔhwɛ a etwa to no mu a, wɔbɛba abɛka Onyankopɔn abusua no ho. (Dw. 25:14; Rom. 8:20, 21) Saa anidaso no nti, ɛnnɛ mpo wotumi frɛ Yehowa, wɔn Bɔfo no sɛ “Agya.” (Mat. 6:9) Wɔn a wobenyan wɔn no nso benya hokwan ahu nea Yehowa pɛ sɛ wɔyɛ. Wɔn a wɔbɛyɛ osetie no, awiei koraa no, wɔn nso bɛba abɛka Onyankopɔn abusua no ho.

12. Asɛmmisa bɛn na yebenya ho mmuae?

12 Sɛnea yɛahu no, Yehowa adi kan ayɛ nneɛma pii de akyerɛ sɛ odi nnipa ni. Wadi kan agye Kristofo a wɔasra wɔn no de wɔn ayɛ ne mma. Afei nso, wama “nnipakuw kɛse” no anya anidaso sɛ wobetumi abɛyɛ ne mma wɔ wiase foforo no mu. (Adi. 7:9) Dɛn na yebetumi ayɛ nnɛ ama Yehowa ahu sɛ yɛpɛ sɛ yɛbɛka n’abusua no ho afebɔɔ?

MA YEHOWA NHU SƐ WOPƐ SƐ WOBƐKA N’ABUSUA NO HO

13. Dɛn na yɛyɛ a ebetumi ama yɛabɛka Onyankopɔn abusua no ho? (Marko 12:30)

13 Fa wo koma nyinaa som Yehowa fa kyerɛ sɛ wodɔ no. (Kenkan Marko 12:30.) Onyankopɔn ayi ne yam ama yɛn nneɛma pii. Ɛkame ayɛ sɛ emu baako a ehia paa ne sɛnea yetumi som no no. Nea yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛdɔ Yehowa ne sɛ “yebedi n’ahyɛde so.” (1 Yoh. 5:3) Ahyɛde a Yehowa pɛ sɛ yedi so no, emu baako ne nea ɔnam Yesu so hyɛɛ yɛn sɛ yɛnyɛ nkurɔfo asuafo na yɛmmɔ wɔn asu no. (Mat. 28:19) Bio nso, ɔhyɛɛ yɛn sɛ yɛnnodɔ yɛn ho. (Yoh. 13:35) Wɔn a wɔyɛ aso tie Yehowa no, ɔbɛma wɔabɛka n’asomfo a wɔwɔ wiase nyinaa no ho.—Dw. 15:1, 2.

14. Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yɛdɔ afoforo? (Mateo 9:36-38; Romafo 12:10)

14 Dɔ afoforo. Ɔdɔ ne Yehowa su titiriw. (1 Yoh. 4:8) Yehowa dii kan dɔɔ yɛn koraa ansa na yɛrebehu no. (1 Yoh. 4:9, 10) Sɛ yɛn nso yɛdɔ afoforo a, na yɛresuasua no. (Efe. 5:1) Seesei a wiase yi nkɔɔ n’awiei no, ade baako a eye paa a yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛdɔ nkurɔfo ne sɛ yɛbɛboa wɔn ma wɔasua Yehowa ho ade. (Kenkan Mateo 9:36-38.) Sɛ yɛyɛ saa a, wobetumi anya hokwan abɛka Onyankopɔn abusua no ho. Sɛ obi bɔ asu mpo a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so dɔ no, na yɛkyerɛ sɛ yebu no. (1 Yoh. 4:20, 21) Yɛbɛyɛ no sɛn? Ade baako ne sɛ, sɛ ɔyɛ biribi na yɛante ase mpo a, ɛsɛ sɛ yegye no di; ɛnsɛ sɛ yedwen adwemmɔne ma no. Mmom, yebedi yɛn nua no ni, na yɛabu no sɛ ɔkyɛn yɛn.—Kenkan Romafo 12:10; Filip. 2:3.

15. Henanom na ɛsɛ sɛ yɛda mmɔborɔhunu ne ayamye adi kyerɛ wɔn?

15 Da mmɔborɔhunu ne ayamye adi kyerɛ nnipa nyinaa. Sɛ yɛmpɛ sɛ yefi Yehowa abusua no mu a, ɛnde ɛsɛ sɛ yɛde Bible mu asɛm bɔ yɛn bra. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, Yesu kyerɛkyerɛɛ yɛn sɛ, yɛnna mmɔborɔhunu ne ayamye adi nkyerɛ nnipa nyinaa, a yɛn atamfo mpo ka ho. (Luka 6:32-36) Nanso ɛtɔ da a, na ayɛ asɛm. Ɛba saa a, ɛsɛ sɛ yesuasua Yesu. Sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara tie Yehowa, na yesuasua Yesu a, yɛma yɛn Agya a ɔwɔ soro no hu sɛ yɛawe ahinam so sɛ yɛremfi n’abusua no mu da.

16. Yɛbɛyɛ dɛn na Yehowa abusua no din ansɛe?

16 Hwɛ na woamma Yehowa abusua no din ansɛe. Abusua biara mu no, ɛyɛ a nea odi akyi no taa sua nea odi anim no nantew. Ɔkwan bɛn so? Sɛ nea ɔyɛ panyin wɔ mmofra no mu no de Bible nnyinasosɛm bɔ ne bra a, nkumaa no nso besua. Nanso, sɛ ɔpanyin no twa sa bɔne a, anhwɛ a nkumaa no nso bedi n’akyi. Yehowa abusua no mu nso, biribi a ɛte saa tumi si. Sɛ Kristoni bi bɛyɛ ɔwaefo anaa obu brabɔne a, ebetumi atwetwe afoforo ama wɔakodi n’akyi. Wɔn a wɔyɛ saa no sɛe Yehowa abusua no din. (1 Tes. 4:3-8) Wɔn a wɔyɛ nhwɛso bɔne no, ɛnsɛ sɛ yesuasua wɔn, na ɛnsɛ sɛ yɛma biribiara sɛe yɛne yɛn Agya a ɔwɔ soro no ntam.

17. Adwene bɛn na ɛnsɛ sɛ yenya, na adɛn ntia?

17 Fa wo ho to Yehowa so na ɛnyɛ ahonyade. Yehowa ahyɛ yɛn bɔ sɛ, sɛ yɛde n’Ahenni no di kan, na yɛde n’akwankyerɛ bɔ yɛn bra a, ɔbɛma yɛn nea yebedi, nea yɛbɛhyɛ ne baabi a yɛde yɛn ti bɛto. (Dw. 55:22; Mat. 6:33) Sɛ yɛkae wei a, ɛremma yennya adwene sɛ wiase ahonyade bɛma yɛanya ahobammɔ ne akomatɔyam. Yenim sɛ ade baako pɛ a ebetumi ama yɛanya asomdwoe a edi mu ne sɛ yɛbɛyɛ Yehowa apɛde. (Filip. 4:6, 7) Sɛ yɛwɔ sika a yɛde bɛtotɔ nneɛma pii mpo a, ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho sɛ, ɛyɛ nneɛma a yehia ankasa, na yebenya bere ne ahoɔden de ahwɛ so anaa de asiesie? Afei nso, sɛ yɛyɛ atotɔatotɔ a, ɛbɛma yɛde yɛn werɛ ahyɛ ahonyade a yɛwɔ mu anaa? Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ, Onyankopɔn ama yɛn adwuma bi wɔ n’abusua no mu a ɔpɛ sɛ yɛyere yɛn ho yɛ. Enti ɛnsɛ sɛ yɛma biribiara yi yɛn adwene fi saa adwuma no so. Yɛmpɛ sɛ yɛbɛyɛ sɛ aberante a n’ahonyade nti, ɔpoo hokwan a onyae sɛ ɔde bɛsom Yehowa no. Nea ɔyɛe no nti, hokwan a anka obenya sɛ Onyankopɔn begye no de no ayɛ ne ba no bɔɔ no!—Mar. 10:17-22.

NEA YEHOWA MMA BENYA AFEBƆƆ

18. Hokwan kɛse ne nhyira bɛn na wɔn a wotie Onyankopɔn no benya afebɔɔ?

18 Nnipa a wɔyɛ aso tie Onyankopɔn no benya hokwan a ɛso bi nni. Wobenya hokwan adɔ Yehowa na wɔasom no afebɔɔ! Wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asaase so no nso, asaase fɛfɛ a Yehowa ahyɛ da asiesie no yiye sɛ wɔntena so no, wɔde anigye bɛhwɛ so. Ɛrenkyɛ, Onyankopɔn Ahenni besiesie asaase yi ne biribiara a ɛwɔ so ama asan afa ne ntama pa afura. Bere a Adam ne Hawa fii Onyankopɔn abusua no mu no, ɔhaw a ɛkɔfa bae no, Yesu besiesie ne nyinaa. Yehowa benyan nnipa ɔpepem pii aba asaase a adan paradise no so. Ɔbɛma wɔanya hokwan atena ase daa a wɔwɔ apɔwmuden. (Luka 23:42, 43) Yehowa abusua a ɛwɔ asaase so no, nkakrankakra sɛ bɔne ne sintɔ nyinaa fi wɔn ho a, wɔn mu biara benya “anuonyam ne nidi” a Dawid kaa ho asɛm no bi.—Dw. 8:5.

19. Dɛn na ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi?

19 Sɛ woka “nnipakuw kɛse” no ho a, wowɔ anidaso bi a ɛso bi nni. Onyankopɔn dɔ wo, na ɔpɛ sɛ wobɛka n’abusua no ho. Enti yɛ nea wubetumi nyinaa ma onnye wo ntom. Dwinnwen Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow no ho da biara. Hokwan a woanya de resom yɛn soro Agya a ɔdɔ yɛn no, ma w’ani nsɔ. Afei nso, hokwan a wubenya de ayi no ayɛ daa no, ma ɛnsom bo mma wo!

DWOM 107 Ɔdɔ Ho Nhwɛso

^ nky. 5 Sɛ biribiara bɛkɔ yiye wɔ abusua bi mu a, ɛsɛ sɛ obiara a ɔwɔ abusua no mu no hu nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ, na obiara boa ne yɔnko. Agya no yi ne yam di abusua no anim, ɛna no boa no, na mmofra no nso tie wɔn awofo asɛm. Yehowa abusua mu nso, saa ara na ɛte. Atirimpɔw bi nti na Onyankopɔn bɔɔ yɛn, na sɛ yɛbɔ yɛn bra sɛnea Yehowa pɛ a, yɛbɛba abɛka n’abusua no ho afebɔɔ.

^ nky. 55 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Esiane sɛ Onyankopɔn bɔɔ nnipa wɔ ne suban so nti, awarefo bi reyɛ biribi de akyerɛ sɛ wɔn mu biara wɔ ɔdɔ ne ayamhyehye ma ne yɔnko na wɔwɔ bi ma wɔn mma no nso. Awarefo no dɔ Yehowa. Tumi a wɔde awo mma no ama wɔanya hokwan sɛ wɔbɛtete wɔn mma no ama wɔadɔ Yehowa na wɔasom no. Awofo no reyi video akyerɛ mmofra no de akyerɛkyerɛ wɔn nea enti a Yehowa maa Yesu de ne nkwa bɛyɛɛ agyede maa yɛn. Afei nso, wɔrekyerɛkyerɛ wɔn sɛ, sɛ yɛkɔ Paradise a, yɛbɛhwɛ asaase no ne mmoa a ɛwɔ so no so afebɔɔ.