Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 33

Yehowa Hwɛ Ne Nkurɔfo So

Yehowa Hwɛ Ne Nkurɔfo So

“Yehowa hwɛ wɔn a wosuro no no so.”—DW. 33:18.

DWOM 4 “Yehowa Ne Me Hwɛfo”

NEA YƐREBESUA *

1. Adɛn nti na Yesu srɛɛ Yehowa sɛ ɔnhwɛ n’akyidifo so?

 ANADWO a ade rebɛkye ama Yesu awu no, ɔde adesrɛ titiriw bi too ne soro Agya no anim. Ɔsrɛɛ Yehowa sɛ ɔnhwɛ n’akyidifo so. (Yoh. 17:15, 20) Nokwasɛm ne sɛ, daa Yehowa hwɛ ne nkurɔfo so na ɔbɔ wɔn ho ban. Nanso, na Yesu nim sɛ Satan bɛtan n’akyidifo ani denneennen. Afei nso, na Yesu nim sɛ wobehia Yehowa mmoa na wɔatumi ako atia sɔhwɛ a emu yɛ den a Satan de bɛba wɔn so no.

2. Sɛnea Dwom 33:18-20 ma yehu no, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yesuro ɔhaw biara?

2 Ɛnnɛ, Satan wiase no de ɔhaw a emu yɛ den ba nokware Kristofo so. Ɔhaw a yehyia no betumi abu yɛn aba mu, na ebetumi mpo ayɛ den ama yɛn sɛ yebedi Yehowa nokware. Nanso sɛnea adesua yi bɛma yɛahu no, ɛnsɛ sɛ yɛma biribiara bɔ yɛn hu. Yehowa rehwɛ yɛn so; ohu ɔhaw biara a yɛrefa mu, na wayɛ krado sɛ ɔbɛboa yɛn ama yɛagyina ano. Momma yɛnhwɛ Bible mu nhwɛso mmienu bi a ɛma yehu sɛ Yehowa “hwɛ wɔn a wosuro no no so.”—Kenkan Dwom 33:18-20.

BERE A YƐTE NKA SƐ YƐAYƐ ANKONAM

3. Bere bɛn na yebetumi ate nka sɛ yɛayɛ ankonam?

3 Ɛwom sɛ yɛne anuanom bebree na ɛresom Yehowa, nanso ɛtɔ da a yebetumi ate nka sɛ yɛayɛ ankonam. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, sɛ ɔbabun bi nko ara gyina ne sukuufo anim rekyerɛkyerɛ ne gyidi mu a, obetumi ate nka sɛ onni ɔboafo biara. Anaa sɛ ɔne n’abusua rekɔ asafo foforo mu a, obetumi ate nka sɛ wayɛ ankonam. Yɛn mu bi wɔ hɔ a, dadwen betumi ama yɛn werɛ ahow, na yɛate nka sɛ yenni ɔboafo biara. Ebia ɛbɛyɛ den ama yɛn sɛ yɛbɛka yɛn haw akyerɛ afoforo efisɛ sɛnea yɛte nka no, ebia ɛbɛyɛ yɛn sɛ obiara rente yɛn ase. Ɛtɔ mmere bi a, ɛbɛyɛ yɛn sɛ obiara mpo nnwen yɛn ho. Sɛ yɛte nka sɛ yɛayɛ ankonam a, ɛmfa ho nea ɛkɔfa bae biara no, ebetumi ama yɛn ani atutu aka yɛn nsam. Yehowa mpɛ sɛ yɛbɛte nka saa da. Adɛn nti na yɛreka saa?

4. Adɛn nti na odiyifo Elia kaa sɛ: “Me nko ara na maka”?

4 Momma yɛnhwɛ ɔbarima nokwafo Elia. Ná Yesebel aka ntam sɛ obekum no, enti bɛboro nnafua 40 de, na ɔreguan apere ne nkwa. (1 Ahe. 19:1-9) Eduu baabi no, ɔno nko ara kɔhyɛɛ ɔbodan bi mu na osũ guu Yehowa so sɛ: “Me nko ara [ne odiyifo a] maka.” (1 Ahe. 19:10) Ná adiyifo afoforo wɔ ɔman no mu; na Obadia atumi de adiyifo 100 akosie a Yesebel nsa anka wɔn ankum wɔn. (1 Ahe. 18:7, 13) Ɛnde, adɛn nti na Elia tee nka sɛ aka ɔno nko ara? Wohwɛ a, onyaa adwene sɛ adiyifo a Obadia de wɔn kosiei no nyinaa awuwu anaa? Bere a Yehowa ma ɛdaa adi wɔ Karmel Bepɔw so sɛ Baal nni tumi biara, na ɛno akyi no obiara ammɛka ne ho amma wɔansom Yehowa no, wohwɛ a ɛno nti na ɔtee nka sɛ wayɛ ankonam no anaa? Gyama onyaa adwene sɛ sɛnea ne nkwa da asiane mu no, obiara nnim, anaa gyama ɛyɛɛ no sɛ obiara nnwen ne ho? Sɛnea na Elia te nka no, Bible nka ho asɛm nkɔ akyiri. Nanso nea yenim ne sɛ, sɛnea na Elia te nka no, na Yehowa te ase, na na onim ɔkwan pɔtee nso a ɔbɛfa so aboa no.

Sɛ yɛte nka sɛ yɛayɛ ankonam a, sɛnea Yehowa boaa Elia no, asuade bɛn na ɛwom a ebetumi akyekye yɛn werɛ? (Hwɛ nkyekyɛm 5-6)

5. Sɛn na Yehowa maa Elia awerɛhyem sɛ ɛnkaa ɔno nko ara?

5 Yehowa boaa Elia wɔ akwan pii so. Ɔhyɛɛ no nkuran sɛ ɔnkasa. Obisaa Elia mprenu sɛ: “Dɛn na woreyɛ wɔ ha?” (1 Ahe. 19:9, 13) Emu biara no, bere a Elia reka ne komam asɛm akyerɛ Yehowa no, ɔyɛɛ aso tiei. Yehowa yɛɛ biribi de kyerɛɛ Elia sɛ ɔwɔ hɔ, na ɔwɔ tumi paa. Ɔsan maa Elia nyaa awerɛhyem sɛ Israelfo no bebree wɔ hɔ a wɔda so ara resom no. (1 Ahe. 19:11, 12, 18) Akyinnye biara nni ho sɛ, bere a Elia kaa ne komam asɛm kyerɛɛ Yehowa na ɔyɛɛ aso tiee no no, ne koma tɔɔ ne yam. Yehowa de dwumadi a ɛho hia pii hyɛɛ Elia nsa. Ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnkɔsra Hasael sɛ Siria hene, ɔnsra Yehu sɛ Israel hene, na ɔnsra Elisa nso sɛ odiyifo. (1 Ahe. 19:15, 16) Saa dwumadi ahorow a Yehowa de maa Elia no boaa no ma ɔde n’adwene sii nneɛma pa so. Onyankopɔn maa no ɔyɔnko berɛbo bi nso a ne din de Elisa. Sɛ wote nka sɛ woayɛ ankonam a, wobɛyɛ dɛn na woanya Yehowa mmoa?

6. Sɛ wote nka sɛ woayɛ ankonam a, mpae bɛn na wubetumi abɔ? (Dwom 62:8)

6 Yehowa pɛ sɛ wobɔ no mpae. Onim nea worefa mu, na ɔma wo awerɛhyem sɛ bere biara a wobɛbɔ no mpae no, obetie. (1 Tes. 5:17) Otie n’asomfo mpaebɔ a, ɛma n’ani gye. (Mmeb. 15:8) Sɛ wote nka sɛ woayɛ ankonam a, mpae bɛn na wubetumi abɔ? Sɛnea Elia yɛe no, wo nso ka wo komam asɛm nyinaa kyerɛ Yehowa. (Kenkan Dwom 62:8.) Dadwen biara a ɛda wo so ne sɛnea ɛma wote nka no, ka ho asɛm kyerɛ no. Srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo na hu nea wobɛyɛ de agyina ano. Sɛ woredi adanse wɔ sukuu na wote nka sɛ wunni ɔboafo biara, na wo yam hyehye wo a, srɛ Yehowa sɛ ɔmma wo akokoduru na fa kasa. Wubetumi asrɛ no sɛ, ɔmma wo nyansa a ɛbɛma woatumi de anifere akyerɛkyerɛ wo gyidi mu. (Luka 21:14, 15) Sɛ dadwen bi reteetee wo a, srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo na ka ho asɛm kyerɛ Kristoni bi a ne ho akokwaw. Onii a worekɔka w’asɛm akyerɛ no no, wubetumi asrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa no na ɔnte wo ase. Ka wo komam asɛm nyinaa kyerɛ Yehowa, fa w’ani to fam hwɛ sɛnea obebua wo mpaebɔ no, na gye mmoa a afoforo de bɛma wo no tom. Woyɛ saa a, worente nka sɛ woayɛ ankonam.

Wohwehwɛ akwan a wobɛfa so ayɛ pii wɔ asɛnka adwuma no mu, na ɛyɛ a wo ne afoforo bom yɛ anaa? (Hwɛ nkyekyɛm 7)

7. Dɛn na wusua fi Mauricio hɔ?

7 Yehowa ama yɛn nyinaa adwuma a ɛma yɛn koma tɔ yɛn yam. Dwumadi biara a woyɛ wɔ asafo no mu, ne asɛnka adwuma a woyɛ no, wubetumi anya awerɛhyem sɛ ohu, na n’ani sɔ. (Dw. 110:3) Wote nka sɛ woayɛ ankonam a, saa adwuma yi a wobɛyere wo ho ayɛ no bɛboa wo sɛn? Momma yɛnhwɛ onua aberantewa bi a ne din de Mauricio. * Mauricio bɔɔ asu akyi bere tiaa bi no, ne yɔnko berɛbo bi de nkakrankakra fii nokware no mu. Mauricio ka sɛ: “M’adamfo no gyaee Yehowa som no, m’abam bui. Ɛyɛɛ me sɛ ɛbɔ a mahyɛ Yehowa sɛ mɛsom no, na makɔ so atena n’asafo no mu no, merentumi nni so. Ná mete nka sɛ mayɛ ankonam, na na ɛyɛ me sɛ obiara rente me ase.” Dɛn na ɛboaa Mauricio? Ɔka sɛ: “Meyeree me ho yɛɛ asɛnka adwuma no. Ɛno boaa me ma miyii m’adwene fii me haw no so, na mehwɛɛ nea metumi ayɛ de aboa afoforo. Sɛ me ne afoforo nam asɛnka mu a, na ɛmma mente nka sɛ mayɛ ankonam, na na ɛma m’ani gye.” Nokwasɛm ne sɛ, sɛ yentumi ne yɛn mfɛfo agyidifo mmɔ anan nkɔ asɛnka mpo, na sɛ yetumi ne wɔn bom fa nkrataakyerɛw ne tɛlefon so di adanse a, ɛhyɛ yɛn den. Dɛn bio na ɛboaa Mauricio? Ɔde ka ho sɛ: “Meyeree me ho nso wɔ asafo no mu. Sɛ wɔma me asuafo dwumadi a, na meyere me ho sua no yiye yɛ no kama. Saa dwumadi ahorow yi ma metee nka sɛ mesom bo ma Yehowa ne afoforo.”

BERE A YƐTE NKA SƐ SƆHWƐ REBU YƐN KƆN MU

8. Sɛ yehyia sɔhwɛ a emu yɛ den a, sɛn na ebetumi ama yɛate nka?

8 Yɛhwɛ kwan sɛ yebehyia sɔhwɛ wɔ awiei mmere yi mu. (2 Tim. 3:1) Nanso, sɔhwɛ ko ne bere a ɛbɛba no betumi afu yɛn mu. Prɛko pɛ ebia yɛn sikasɛm bɛyɛ basaa, ebia dɔkta bɛka akyerɛ yɛn sɛ yare a ɛyɛ hu bi abɔ yɛn, anaa yɛn dɔfo bi betumi awu. Mmere a ɛte saa mu no, ebia yɛbɛte nka sɛ sɔhwɛ rebu yɛn kɔn mu, ɛnkanka bere a sɔhwɛ no aba atoatoa so anaa aba abom. Nanso kae sɛ Yehowa rehwɛ yɛn so, na ne mmoa nti, yebetumi anya awerɛhyem sɛ, sɔhwɛ biara a ɛbɛto yɛn no, yebetumi agyina ano.

9. Ka sɔhwɛ a Hiob hyiae no bi ho asɛm.

9 Yɛnhwɛ sɛnea Yehowa boaa ɔbarima nokwafo Hiob. Sɔhwɛ a emu yɛ den pii totoo Hiob bere tiaa bi mu. Da bi awerɛhosɛm a ani yɛ nyan paa too Hiob. Wɔbɛka kyerɛɛ no sɛ atoyerɛnkyɛm bi asi ma wahwere ne nyɛmmoa nyinaa, na akunkum n’asomfo. Nea ɛsɛee asɛm no koraa ne sɛ, ekunkum ne mma nso. (Hiob 1:13-19) Ɛno akyi pɛɛ a awerɛhow no ntetew Hiob ani so no, yare a ɛyɛ yaw na ɛsɛe nipadua nso bɔɔ no. (Hiob 2:7) Nea ɛtoo Hiob no, na ani soso paa, enti ɔkaa sɛ: “Me nkwa afono me; mempɛ sɛ mekɔ so tena ase bio.”—Hiob 7:16.

Ná Yehowa pɛ sɛ Hiob hu sɛ odwen ne ho, enti ɔfaa akwan pii so ne Hiob kasae ma ohui sɛ oyi ne yam hwɛ n’abɔde (Hwɛ nkyekyɛm 10)

10. Dɛn na Yehowa yɛ de boaa Hiob ma otumi gyinaa ne sɔhwɛ no ano? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi anim no.)

10 Ná Yehowa rehwɛ Hiob so. Esiane sɛ na Yehowa dɔ Hiob nti, ɔmaa no nea ɛbɛboa no ama watumi agyina ne sɔhwɛ no ano. Yehowa ne Hiob kasae, na ɔma ohui sɛ oyi ne yam hwɛ n’abɔde. Ɔkaa mmoa a wɔn ho yɛ hu bebree ho asɛm. (Hiob 38:1, 2; 39:9, 13, 19, 27; 40:15; 41:1, 2) Afei nso, Yehowa nam aberante nokwafo bi a ne din de Elihu so hyɛɛ Hiob den, na ɔkyekyee ne werɛ. Elihu maa Hiob nyaa awerɛhyem sɛ, Yehowa somfo biara a omia n’ani gyina sɔhwɛ mu no, ohyira no. Nanso Yehowa maa Elihu teɛɛ Hiob adwene nso. Elihu boaa Hiob ma osusuw nneɛma ho kɔɔ akyiri; ɔkaee no sɛ Yehowa ne amansan Bɔfo no, na sɛ yɛde yɛn ho toto no a, yɛyɛ nkyene a na yɛayera mu. (Hiob 37:14) Yehowa maa Hiob adwuma bi nso sɛ ɔnyɛ; ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmmɔ mpae mma ne nnamfo mmiɛnsa a wɔayɛ bɔne no. (Hiob 42:8-10) Ɛnnɛ, sɛ yɛn nso yehyia sɔhwɛ a emu yɛ den a, dɛn na Yehowa yɛ de boa yɛn?

11. Sɛ yehyia sɔhwɛ a, sɛn na Bible kyekye yɛn werɛ?

11 Yehowa ne yɛn nkasa tee sɛnea ɔne Hiob kasae no, mmom, ɔnam n’Asɛm Bible no so na ɛkasa kyerɛ yɛn. (Rom. 15:4) Wama yɛanya anidaso sɛ daakye nneɛma bɛyɛ yiye, na ɛno kyekye yɛn werɛ. Momma yɛnhwɛ Bible mu nsɛm bi a ebetumi akyekye yɛn werɛ bere a yɛrehyia sɔhwɛ no. Yehowa ma yɛn awerɛhyem wɔ Kyerɛwnsɛm no mu sɛ biribiara, a sɔhwɛ a emu yɛ den mpo ka ho, ‘rentumi ntew yɛn mfi ne dɔ ho.’ (Rom. 8:38, 39) Ɔsan ma yɛn awerɛhyem sɛ ‘ɔbɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa.’ (Dw. 145:18) Yehowa ka kyerɛ yɛn sɛ, sɛ yɛde yɛn ho to no so a, yebetumi agyina sɔhwɛ biara mu, na sɛ yɛrehu amane mpo a, yɛn ani betumi agye kakra. (1 Kor. 10:13; Yak. 1:2, 12) Onyankopɔn Asɛm kae yɛn sɛ sɔhwɛ a yehyia no, ɛyɛ tiawa na ɛnkyɛ, efisɛ sɛ yɛde toto daa nkwa a ɔde bɛma yɛn no ho a, ennu ho hwee. (2 Kor. 4:16-18) Yehowa ma yɛn anidaso sɛ ɔbɛsɛe Satan Ɔbonsam ne wɔn a wosuasua n’akwammɔne no, efisɛ ɔhaw a yɛrefa mu nyinaa no, wɔn na akɔfa aba. (Dw. 37:10) Bible mu nsɛm a ɛkyekye yɛn werɛ a ebetumi aboa yɛn ma yɛagyina sɔhwɛ a yebehyia daakye ano no, woakyere bi agu wo tirim anaa?

12. Sɛ yɛpɛ sɛ yenya Bible no so mfaso kɛse a, dɛn na Yehowa pɛ sɛ yɛyɛ?

12 Yehowa pɛ sɛ yeyi bere si hɔ de sua Bible daa, na yedwinnwen nea yɛkenkan no ho. Sɛ yɛde nea yesua no yɛ adwuma a, ɛma yɛn gyidi yɛ den, na yɛbɛn yɛn soro Agya no paa. Ɛba saa a, ɛhyɛ yɛn den ma yetumi gyina sɔhwɛ ano. Afei nso, wɔn a wɔde wɔn ho to Bible so no, Yehowa de ne honhom kronkron no boa wɔn. Sɔhwɛ biara a ɛbɛba yɛn so no, honhom kronkron betumi ama yɛn “tumi a ɛboro nnipa de so” ma yɛde agyina ano.—2 Kor. 4:7-10.

13. Honhom fam aduan a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no de ma yɛn no, sɛn na ɛboa yɛn ma yetumi gyina sɔhwɛ ano?

13 Yehowa boa “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ma ɔma yɛn honhom fam aduan pii. Ebi ne nhoma, video, ne nnwom. Wei boa yɛn ma yɛn gyidi yɛ den, na yɛbɛn Yehowa. (Mat. 24:45) Ehia sɛ yedi honhom fam nnuan a ɛte saa a ɔde ma yɛn yi nyinaa. Nnansa yi ara, onuawa bi a ɔwɔ United States kyerɛe sɛ n’ani asɔ honhom fam aduan a yɛn nsa ka no nyinaa. Ɔkaa sɛ: “Mfe 40 a mede asom Yehowa no, mahyia me gyidi ho sɔhwɛ pii.” Ohyiaa sɔhwɛ a emu yɛ den bebree; drɔbani bi a wabow de kar kum ne nanabarima, yare-bɔne bi kum n’awofo, na kansa yɛɛ no mprenu. Dɛn na ɛboaa no ma otumi gyinaa mu? Ɔkyerɛɛ mu sɛ: “Daa Yehowa hwɛ me. Honhom fam aduan a Yehowa nam akoa nokwafo ne ɔbadwemma no so de ma yɛn no, ɛno na aboa me ama matumi agyina mu. Ɛno nti, metumi aka Hiob asɛm no bi. Ɔkaa sɛ: ‘Mɛkɔ so ama m’abrabɔ adi mu akosi sɛ mewu!’”—Hiob 27:5.

Dɛn na yebetumi ayɛ de aboa afoforo wɔ asafo no mu? (Hwɛ nkyekyɛm 14)

14. Sɛn na Yehowa fa yɛn nuanom Kristofo so boa yɛn bere a yɛrehyia sɔhwɛ? (1 Tesalonikafo 4:9)

14 Yehowa akyerɛkyerɛ ne nkurɔfo sɛ wɔnnodɔ wɔn ho na wɔnkyekye wɔn ho werɛ wɔ amanehunu bere mu. (2 Kor. 1:3, 4; kenkan 1 Tesalonikafo 4:9.) Yɛn nuanom Kristofo nso suasua Elihu, enti sɛ yehyia ɔhaw bi a, wɔayɛ krado sɛ wɔbɛboa yɛn ma yɛakɔ so adi nokware. (Aso. 14:22) Yɛnhwɛ ɛho nhwɛso bi. Bere a yare kɛse bi bɔɔ Diane kunu no, asafo a Diane wom no mufo hyɛɛ Diane nkuran, na wɔboaa no maa ne gyidi kɔɔ so yɛɛ den. Diane kaa sɛ: “Ná ɛnna fam. Nanso, yehui sɛ Yehowa yii ne dɔ adi kyerɛɛ yɛn na ɔkyekyee yɛn werɛ. Yɛn asafo no yɛɛ nneɛma pii de boaa yɛn. Wɔbɛsraa yɛn, wɔfrɛɛ yɛn wɔ fon so, na wɔyɛɛ yɛn atuu; ne nyinaa boaa yɛn ma yetumi gyinaa mu. Esiane sɛ minnim kar ka nti, bere biara a na mepɛ sɛ mekɔ adesua anaa asɛnka no, na anuanom yɛ nhyehyɛe ma mitumi kɔ.” Worennya sɛ woda abusua a ɔdɔ wom sei mu!

YƐN ANI SƆ SƐNEA YEHOWA YI NE YAM HWƐ YƐN NO

15. Adɛn nti na yegye di sɛ yebetumi agyina amanehunu ano?

15 Ɛnyɛ dɛn ara a sɔhwɛ bi bɛto yɛn mu biara. Nanso, sɛnea yɛahu no, sɛ yehyia sɔhwɛ bi a, ɛnsɛ sɛ yenya adwene da sɛ ɛbɛka yɛn nko ara. Yehowa te sɛ agya a ɔdɔ ne mma, enti daa ɔhwɛ yɛn so. Ɔka yɛn ho, na wayɛ krado sɛ obetie yɛn sufrɛ na waboa yɛn. (Yes. 43:2) Yegye di sɛ amanehunu biara a yebehyia no, yebetumi agyina mu, efisɛ Yehowa ayi ne yam ama yɛn biribiara a ɛbɛboa yɛn. Wama yɛn hokwan a yɛde bɔ no mpae, wama yɛn Bible, ne honhom fam aduan pii. Afei nso, wama yɛn anuanom a wɔboa yɛn wɔ ahohia bere mu.

16. Dɛn na yɛyɛ a ɛbɛma Yehowa ayi ne yam ahwɛ yɛn so?

16 Ɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ yɛn soro Agya no hwɛ yɛn so! “Ne mu na yɛn koma di ahurusi.” (Dw. 33:21) Nhyehyɛe a Yehowa de agu akwan mu a ɛboa yɛn no, sɛ yɛde ne nyinaa yɛ adwuma a, ɛbɛkyerɛ sɛ yɛn ani sɔ sɛnea ɔhwɛ yɛn so no. Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ yɛn fam de na ama Yehowa akɔ so ahwɛ yɛn so. Wei kyerɛ sɛ, sɛ yɛkɔ so yɛ nea yebetumi biara tie Yehowa na yɛyɛ nea ɛteɛ wɔ n’ani so a, ɔbɛhwɛ yɛn so daa!—1 Pet. 3:12.

DWOM 30 M’agya, Me Nyankopɔn, ne M’adamfo

^ Ɔhaw a yehyia no, yehia Yehowa mmoa na yɛatumi agyina ano. Adesua yi bɛma yɛanya awerɛhyem sɛ Yehowa hwɛ ne nkurɔfo so. Ɔhaw a yɛn mu biara refa mu no, n’ani tua, na ɔma yɛn nea yehia a ɛbɛma yɛatumi agyina ano.

^ Wɔasesa edin no bi.