Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 31

DWOM 12 Otumfoɔ, Yehowa Nyankopɔn

Nea Yehowa Ayɛ a Ɔde Begye Yɛn Afi Bɔne Mu

Nea Yehowa Ayɛ a Ɔde Begye Yɛn Afi Bɔne Mu

“Onyankopɔn dɔ wiase paa. Ɛno nti, ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae.”YOH. 3:16.

NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM

Yɛbɛhwɛ anammɔn bi a Yehowa atu a ebetumi ama yɛako atia bɔne. Afei nso, yɛbɛhwɛ nhyehyɛe a wayɛ a ɛbɛma yɛatena ase daa a yɛrenyɛ bɔne bio.

1-2. (a) Dɛn ne bɔne, na yɛbɛyɛ dɛn ako atia? (Hwɛ “Asɛm Bi Mu Nkyerɛkyerɛmu” no nso.) (b) Adesua yi, ne adesua afoforo a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi mu no, dɛn na yebesusuw ho? (Asɛm a yɛato din “Akenkanfo Nhyɛ No Nsow” a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi mu no, hwɛ ɛno nso.)

 WOBƐYƐ dɛn ahu sɛ Yehowa Nyankopɔn dɔ wo paa? Ɔkwan baako a wobɛfa so anya saa asɛmmisa no ho mmuae ne sɛ, nea wayɛ a ɔde begye wo afi bɔne ne owu mu no, wubesua ho ade. Bɔne a yɛ ɔtamfo a ne ho yɛ hu, na wo nko ara worentumi nni ne so nkonim. Da biara yɛyɛ bɔne, na bɔne a ɛwɔ yɛn ho nti na yewu. (Rom. 5:12) Nanso, anidaso wɔ hɔ. Yehowa mmoa so nti, yebetumi adi bɔne so nkonim koraa!

2 Bɛyɛ mfe 6,000 ni na Yehowa Nyankopɔn reboa nnipa ama wɔako atia bɔne. Adɛn ntia? Efisɛ ɔdɔ yɛn. Efi bere a ɔbɔɔ yɛn no, wayi ne dɔ adi akyerɛ yɛn, na wayɛ nneɛma pii a ɛbɛboa yɛn ma yɛako atia bɔne. Onyankopɔn nim sɛ bɔne na ɛde owu ba, na ɔmpɛ sɛ yewu. Ɔpɛ sɛ yɛtena ase daa. (Rom. 6:23) Ne pɛ ne sɛ wubenya daa nkwa. Adesua yi mu no, yebesusuw nsɛmmisa mmiɛnsa yi ho: (1) Anidaso bɛn na Yehowa de maa nnipa abɔnefo? (2) Nnipa abɔnefo a wɔn ho asɛm wɔ Bible mu no, sɛn na wɔnyaa Yehowa anim dom? (3) Dɛn na Yesu yɛe de gyee nnipa abɔnefo fii bɔne ne owu mu?

ANIDASO BƐN NA YEHOWA DE MAA NNIPA ABƆNEFO?

3. Ɛyɛɛ dɛn na yɛn awofo a edi kan no bɛyɛɛ abɔnefo?

3 Bere a Yehowa bɔɔ yɛn awofo a wɔdi kan no, na ɔpɛ sɛ wɔn ani gye. Ɔde wɔn tenaa turo fɛfɛɛfɛ bi mu, ɔkaa wɔn boom sɛ awarefo, na ɔmaa wɔn adwuma a ɛma akomatɔyam. Ná ɛsɛ sɛ wɔwo hyɛ asaase so ma, na wɔma asaase nyinaa yɛ sɛ Eden turo no. Ɔmaa wɔn mmara baako pɛ a ɛso di nyɛ den. Ɔbɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ, sɛ wɔtew atua na wɔbu saa mmara no so a, wɔbewu. Yenim nea esii. Ɔbɔfo bi a ɔnnwen wɔn ho na Onyankopɔn ho dɔ nni ne mu bɛdaadaa wɔn sɛ wɔmmu saa mmara no so, na Adam ne Hawa nso tiee ɔbɔfo no. Wɔannye wɔn Agya a na wayi ɔdɔ adi akyerɛ wɔn no anni, na wɔyɛɛ bɔne. Sɛnea yenim no, nea Yehowa kae no baa mu. Efi saa da no rekɔ no, wɔtwaa wɔn bɔne no so aba: nkakrankakra Adam bɔɔ akwakoraa, na Hawa nso bɔɔ aberewa, na ewiee ase no, wɔwuwui.—Gen. 1:​28, 29; 2:​8, 9, 16-18; 3:​1-6, 17-19, 24; 5:5.

4. Adɛn nti na Yehowa kyi bɔne, na adɛn nti na ɔboa yɛn ma yɛko tia? (Romafo 8:​20, 21)

4 Saa awerɛhosɛm a esii no, Yehowa ma wɔkyerɛwee wɔ Bible mu sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi asua biribi afi mu. Ɛboa yɛn ma yehu nea enti a Yehowa ani nnye bɔne ho koraa no. Bɔne sɛe yɛne Yehowa ntam, na ɛno na ɛde owu ba. (Yes. 59:2) Wei ma yehu nea enti a Satan ani gye bɔne ho, na ɔhyɛ ho nkuran no. Ɛno nti na ɔkɔdaadaa Adam ne Hawa ma wɔyɛɛ Yehowa so asoɔden no. N’adwene yɛɛ no sɛ wadi nkonim kɛse wɔ Eden turom hɔ. Nanso na onnim sɛ Yehowa dɔ nnipa saa. Onyankopɔn ansesa n’atirimpɔw a na ɔwɔ ma Adam ne Hawa asefo no da. Ɔdɔ nnipa, enti ntɛm ara na ɔyɛɛ nhyehyɛe a ɛbɛma wɔanya anidaso. (Kenkan Romafo 8:​20, 21.) Ná onim sɛ wɔn asefo no bi besi gyinae sɛ wɔbɛsom no na wɔahwehwɛ ne hɔ mmoa de ako atia bɔne. Yehowa a ɔyɛ wɔn Bɔfo no de nhyehyɛe guu akwan mu a na ɛbɛboa wɔn ma wɔanya wɔn ho atetew afi bɔne ho, na wɔatumi abɛn no. Dɛn na na Yehowa bɛyɛ na ama weinom nyinaa atumi ayɛ yiye?

5. Bere bɛn na Yehowa maa nnipa abɔnefo nyaa anidaso? Kyerɛkyerɛ mu. (Genesis 3:15)

5 Kenkan Genesis 3:15. Bere a Yehowa kaa asotwe a ɔde bɛba Satan so no, saa bere no na ɔmaa nnipa nyaa anidaso. Onyankopɔn ka too hɔ sɛ “aseni” bi na ebegye adasamma. Awiei koraa no, saa aseni no bɛsɛe Satan, na nsunsuanso bɔne biara a n’atuatew a ɛkɔɔ so wɔ Eden turom hɔ no kɔfa bae no, aseni no besiesie. (1 Yoh. 3:8) Nanso ansa na aseni no bɛyɛ saa no, na Satan bɛma wahu amane na wakum no. Ná wei bɛyɛ Yehowa yaw paa. Nanso yaw a na aseni no ne Yehowa bɛfa mu no, na ɛrenyɛ kwa, efisɛ na ebegye nnipa bebree afi bɔne ne owu mu.

SƐN NA NNIPA ABƆNEFO A WƆN HO ASƐM WƆ BIBLE MU NO NYAA YEHOWA ANIM DOM?

6. Dɛn na mmarima anokwafo te sɛ Habel ne Noa yɛe a ɛma wɔtumi bɛn Yehowa?

6 Adam ne Hawa asoɔden no akyi no, sɛnea nnipa abɔnefo betumi abɛn Yehowa no, nkakrankakra ɔmaa emu daa hɔ maa wɔn. Adam ne Hawa mma no, Habel na na ɔtɔ so mmienu. Atuatew a ɛkɔɔ so wɔ Eden no akyi no, ɔno ne onipa a odi kan a ɔkyerɛe sɛ ɔwɔ Yehowa mu gyidi. Ná Habel dɔ Yehowa, na na ɔpɛ sɛ ɔsɔ n’ani na ɔbɛn no, enti ɔbɔɔ afɔre maa no. Ná Habel yɛ oguanhwɛfo, enti okum ne nguan mma no bi de bɔɔ afɔre maa Yehowa. Yehowa huu n’afɔrebɔ no sɛn? ‘N’ani sɔɔ Habel ne n’afɔre no.’ (Gen. 4:4) Nnipa afoforo a na wɔdɔ Yehowa na wɔgye no di te sɛ Noa nso, Yehowa ani sɔɔ wɔn afɔrebɔ. (Gen. 8:​20, 21) Afɔrebɔ a ɛtete saa a Yehowa gye toom no kyerɛ sɛ na nnipa abɔnefo betumi anya n’anim dom na wɔabɛn no. b

7. Ɔpɛ a na Abraham wɔ sɛ ɔde ɔno ara ne ba bɛbɔ afɔre no, dɛn na yesua fi mu?

7 Ná Abraham wɔ gyidi paa; Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ biribi a ɛyɛ den paa. Ɛne sɛ ɔmfa ɔno ara ne ba Isak mmɔ afɔre. Nokwasɛm ne sɛ, Abraham hui sɛ saa adwuma no nna fam koraa. Nanso na wayɛ krado sɛ obetie Yehowa. Bere a ɔyɛe sɛ ɔrebekum no no, ɛhɔ ara na Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ onnyae. Onyankopɔn somfo biara betumi asua biribi afi saa asɛm no mu. Ɛne sɛ, na Yehowa ani begye ho sɛ ɔde ɔno ara ne Dɔba bɛbɔ afɔre ama yɛn. Wei ma yehu sɛ Yehowa dɔ nnipa paa.—Gen. 22:​1-18.

8. Mmoa afɔrebɔ a na Mose Mmara no ka ho asɛm no, dɛn na yesua fi mu? (Leviticus 4:​27-29; 17:11)

8 Mmara a Onyankopɔn de maa Israelfo no mu no, na ɛhwehwɛ sɛ wɔde mmoa bɔ wɔn bɔne ho afɔre sɛnea ɛbɛyɛ a ɔde wɔn bɔne bɛkyɛ wɔn. (Kenkan Leviticus 4:​27-29; 17:11.) Ná saa afɔre ahorow no ma yehu sɛ, daakye Yehowa bɛbɔ afɔre a ɛkyɛn wei de apopa nnipa bɔne korakora. Onyankopɔn maa n’adiyifo no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, aseni a wɔahyɛ ne ho bɔ no bɛyɛ Onyankopɔn Dɔba. Afei nso, na obehu amane na wɔakum no te sɛ oguan a wɔde no rebɔ afɔre. (Yes. 53:​1-12) Susuw ho hwɛ: Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ ɔde ɔno ara ne Dɔba bɛbɔ afɔre de agye obi biara afi bɔne ne owu mu!

DƐN NA YESU YƐE DE GYEE NNIPA ABƆNEFO?

9. Dɛn na Yohane Suboni ka faa Yesu ho? (Hebrifo 9:22; 10:​1-4, 12)

9 Yesu awo akyi bɛyɛ mfe 29 no, Yohane Suboni hui sɛ Yesu a ofi Nasaret no reba ne nkyɛn, na ɔkaa sɛ: “Hwɛ, Onyankopɔn Guammaa no ni, nea oyi wiase bɔne fi hɔ no!” (Yoh. 1:29) Saa asɛm a Onyankopɔn ma ɔkae no ma yehu sɛ Yesu ne aseni a na wɔahyɛ ne ho bɔ fi bere tenteenten no. Ná ɔde ne nkwa bɛbɔ afɔre ama adasamma. Afei de, na hann a ɛma adasamma anidaso no aba, na ebedi bɔne so nkonim korakora.—Kenkan Hebrifo 9:22; 10:​1-4, 12.

10. Dɛn na Yesu yɛe a ɛkyerɛ sɛ ‘ɔbɛfrɛɛ’ abɔnefo?

10 Nnipa a na wɔte nka sɛ wɔn bɔne ayɛ wɔn so adesoa no, wɔn paa na Yesu de n’ani sii wɔn so frɛɛ wɔn sɛ wɔmmedi n’akyi. Ná onim sɛ adasamma amanehunu nyinaa fi bɔne. Enti nnipa a na afoforo bu wɔn sɛ wɔyɛ abɔnefo no, wɔn paa na ɔboaa wɔn. Ɔde mfatoho bi kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Nnipa a wɔwɔ ahoɔden no nhia ɔyaresafo, na mmom wɔn a wɔyare na wohia.” Ɔde kaa ho sɛ: “Mammɛfrɛ atreneefo na mmom nnebɔneyɛfo.” (Mat. 9:​12, 13) Saa pɛpɛɛpɛ na Yesu yɛe. Ɔbea bi a ɔde ne nisu fɔw Yesu nan ho no, Yesu yii ne yam de ne bɔne kyɛɛ no. (Luka 7:​37-50) Bere a Yesu huu Samariani bea bi wɔ abura no ho no, ɛwom sɛ na onim sɛ ɔbea no bu brabɔne, nanso ɔkyerɛkyerɛɛ no nokwasɛm atitiriw bi. (Yoh. 4:​7, 17-19, 25, 26) Afei nso, bɔne nti na nnipa wu. Nanso Onyankopɔn maa Yesu tumi ma ɔde nyan nkurɔfo pii; na mmarima wom, mmea wom, mmofra wom, ɛnna mpanyimfo nso wom.—Mat. 11:5.

11. Adɛn nti na na abɔnefo tumi bɛn Yesu?

11 Ɛnyɛ nwanwa sɛ nnipa a na bɔne aguare wɔn tumi bɛn Yesu. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, ɔdaa ayamhyehye ne tema adi kyerɛɛ wɔn. Enti na ɛnyɛ den mma wɔn sɛ wɔbɛkɔ ne nkyɛn. (Luka 15:​1, 2) Yesu kamfoo nnipa a ɛte saa, na ɔne wɔn dii no yiye efisɛ wɔgyee no dii. (Luka 19:​1-10) Yesu daa n’Agya mmɔborɔhunu no bi adi pɛpɛɛpɛ. (Yoh. 14:9) Yesu nam nsɛm a ɔkae ne nea ɔyɛe so ma yehu sɛ n’Agya a ɔwɔ mmɔborɔhunu ne ayamhyehye no dɔ nnipa, na ɔpɛ sɛ ɔboa wɔn ma wɔdi bɔne so nkonim. Yesu boaa abɔnefo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛsesa wɔn akwan na wɔadi n’akyi.—Luka 5:​27, 28.

12. Dɛn na Yesu maa nkurɔfo hu faa ne wu ho?

12 Ná Yesu nim nea ɛda n’anim. Ɔmaa n’akyidifo no hui sɛ wɔbeyi no ama na wɔasɛn no wɔ dua so. (Mat. 17:22; 20:​18, 19) Sɛnea Yohane ne adiyifo no ka too hɔ no, na Yesu nim sɛ n’afɔrebɔ no beyi bɔne a abɛsoɛ adasamma so no afi hɔ. Yesu kyerɛkyerɛe nso sɛ ne wu akyi no, ɔbɛtwe “nnipa ahorow nyinaa bi” aba ne nkyɛn. (Yoh. 12:32) Ná wɔn a wɔbegye Yesu adi sɛ ɔno ne Awurade, na wɔadi n’anammɔn akyi no betumi asɔ Yehowa ani. Sɛ wɔyɛ saa a, awiei koraa no, ‘wɔbɛde wɔn ho afi bɔne ho.’ (Rom. 6:​14, 18, 22; Yoh. 8:32) Enti Yesu fii ne pɛ mu bewui yayaayaw de gyee nnipa nkwa.—Yoh. 10:​17, 18.

13. Ɔkwan bɛn na Yesu faa so wui, na dɛn na ne wu no ma yehu fa Yehowa Nyankopɔn ho? (Hwɛ mfoni no nso.)

13 Yesu asuafo no baako yii no mae, atamfo kyeree no, wɔdidii no atɛm, wɔsɛee ne din, wɔbuu no kumfɔ, na wɔyɛɛ no ayayade. Afei asraafo kɔbɔɔ no asɛndua mu. Yesu miaa n’ani gyinaa ɛyaw ne amanehunu yi nyinaa ano. Nanso bere a Yehowa hui sɛ ne Ba no rehu amane no, ɛyaw a ɔfaa mu no, na Yesu de no koraa mma. Ná Yehowa wɔ tumi a obetumi de agye Yesu, nanso wanyɛ saa. Adɛn ntia? Wohwɛ a, dɛn na ɛbɛma Yehowa atwentwɛn so sɛ ɔde ne tumi begye ne Dɔba no? Ɛyɛ dɔ a ɔdɔ yɛn ntia. Yesu kaa sɛ: “Onyankopɔn dɔ wiase paa. Ɛno nti, ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no ansɛe, na mmom wanya daa nkwa.”—Yoh. 3:16.

Bere a Yehowa maa kwan ma wɔkum ne Ba no, ɔfaa yaw mu paa sɛnea ɛbɛyɛ a obegye yɛn afi bɔne ne owu mu (Hwɛ nkyekyɛm 13)


14. Dɛn na Yesu afɔrebɔ no ma wuhu fa Yehowa ho?

14 Yesu afɔrebɔ no yɛ adanse kɛse a ɛkyerɛ sɛ Yehowa dɔ Adam ne Hawa asefo. Ɛma wuhu sɛ Yehowa dɔ wo paa. Ɔde ne Ba a ɔsom bo ma no sen biara no bɔɔ afɔre maa wo; wei ma ɔfaa yaw pii mu. Nanso ɔyɛɛ saa sɛnea ɛbɛyɛ a obegye wo afi bɔne ne owu mu. (1 Yoh. 4:​9, 10) Nokwasɛm ne sɛ, ɔpɛ sɛ ɔboa yɛn mu biara ma yedi bɔne so nkonim!

15. Yesu agyede afɔrebɔ no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛanya so mfaso?

15 Yesu agyede afɔre no nti, Onyankopɔn betumi de yɛn bɔne akyɛ yɛn. Nanso sɛ Onyankopɔn de yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ biribi. Ɛyɛ dɛn? Yohane Suboni ne Yesu Kristo ankasa ma yehu nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Wɔkaa sɛ: “Monsakra mo adwene, na ɔsoro Ahenni no abɛn.” (Mat. 3:​1, 2; 4:17) Enti sɛ yɛpɛ paa sɛ yɛko tia bɔne na yɛbɛn yɛn soro Agya a ɔdɔ yɛn no a, adwensakra ho hia paa. Dɛn ne adwensakra, na ɔkwan bɛn so na ɛboa yɛn ma yɛko tia bɔne? Yebenya wei ho mmuae wɔ adesua a edi hɔ no mu.

DWOM 18 Agyede no Som Bo Ma Yɛn

a ASƐM BI MU NKYERƐKYERƐMU: Bible mu no, asɛmfua “bɔne” betumi akyerɛ Yehowa mmara a yebebu so. Ebetumi nso akyerɛ bɔne anaa sintɔ a yenya fii Adam hɔ. Bɔne a yenya fii Adam hɔ nti na yewu.

b Afɔre a na Yesu Kristo bɛbɔ daakye de agye nnipa afi bɔne ne owu mu no, ɛno na Yehowa hwɛɛ ho de gyee anokwafo a wɔtenaa ase tete no afɔrebɔ toom.—Rom. 3:25.