Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adom Nti Wɔama Moade Mo Ho

Adom Nti Wɔama Moade Mo Ho

‘Ɛnsɛ sɛ bɔne nya mo so tumi, efisɛ mowɔ adom ase.’​—ROM. 6:14.

NNWOM: 2, 61

1, 2. Adɛn nti na Romafo 5:12 ho hia Yehowa Adansefo?

FA NO sɛ wɔaka akyerɛ wo sɛ kyerɛw Bible mu nsɛm a Yehowa Adansefo nim no yiye na wɔtaa de yɛ adwuma. Anka wode Romafo 5:12 bɛka nea wunim paa no ho? Susuw mpɛn dodow a wode asɛm a edi so yi ayɛ adwuma ho: “Ɛnam onipa biako so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae, ma owu trɛw kaa nnipa nyinaa, efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.”

2 Sɛ wohwɛ Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu? nhoma no mu a, wubehu sɛ wɔde saa kyerɛwsɛm no adi dwuma wom mpɛn pii. Sɛ wo ne wo mma anaa nkurɔfo resua saa nhoma no a, ebia mobɛkenkan Romafo 5:12 bere a moresua nea enti a Onyankopɔn bɔɔ asase wɔ ti 3, nea enti a yehia agyede no wɔ ti 5, ne tebea a awufo wom wɔ ti 6. Nanso mpɛn ahe na sɛ wokenkan Romafo 5:12 a, ɛyɛ a wudwen wo ne Yehowa abusuabɔ, wo nneyɛe, ne wo daakye ho?

3. Bɔne ho nokwasɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yegye tom?

3 Nokwasɛm ne sɛ, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa gye tom sɛ yɛyɛ abɔnefo. Da biara da, yedi mfomso. Nanso, Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ, Onyankopɔn kae sɛ yɛyɛ mfutuma, na wayɛ krado sɛ ɔbɛda mmɔborɔhunu adi akyerɛ yɛn. (Dw. 103:13, 14) Bere a Yesu rekyerɛ n’asuafo no sɛnea ɛsɛ sɛ wɔbɔ Onyankopɔn mpae no, ɔde kaa ho sɛ: “Fa yɛn bɔne firi yɛn.” (Luka 11:2-4) Ɛno nti, mfomso a Onyankopɔn de afiri yɛn no, ɛnsɛ sɛ yɛkɔ so dwinnwen ho bio. Ne nyinaa mu no, sɛ yesusuw sɛnea Onyankopɔn de yɛn mfomso firii yɛn ne ɔkwan a ɔfaa so yɛɛ saa ho a, ɛbɛboa yɛn.

WƆNAM ADOM SO DE YƐN BƆNE AFIRI YƐN

4, 5. (a) Dɛn na ɛma yɛte Romafo 5:12 ase yiye? (b) “Adom” bɛn na wɔka ho asɛm wɔ Romafo 3:24 no?

4 Asɛm a ɔsomafo Paulo kae wɔ Romafo 5:12 no, sɛ yɛhwɛ ti ahorow a atwa ho ahyia no mu a, yehu ɛho nsɛm a ɛho hia wɔ hɔ, titiriw wɔ Romafo ti 6. Saa nsɛm no bɛboa yɛn ama yɛate nea ɛma Yehowa tumi de yɛn bɔne firi yɛn no ase. Yɛkenkan wɔ Romafo ti 3 sɛ: “Wɔn nyinaa ayɛ bɔne . . . , na ɛyɛ akyɛde ara kwa sɛ wɔnam Kristo Yesu agyede no so abu wɔn bem wɔ n’adom mu.” (Rom. 3:23, 24) Bere a Paulo kaa “adom” ho asɛm no, dɛn na na ɔrekyerɛ? Hela asɛmfua a Paulo de dii dwuma no, nhwehwɛmu nhoma bi ka sɛ, ɛkyerɛ “biribi a obi yi ne yam yɛ ma afoforo a ɔnhwɛ kwan sɛ wobetua no ka.” Ɛyɛ ade a yɛanyɛ ho adwuma biara, na yɛmfata nso.

5 Nhomanimfo John Parkhurst kae sɛ: “Sɛ wɔde [saa Hela asɛmfua no] ka Onyankopɔn anaa Kristo ho asɛm a, ɛtaa kyerɛ adom anaa ayamye mu a wofi gyee nnipa fii bɔne mu.” Enti, ɛfata paa sɛ Wiase Foforo Nkyerɛase no kyerɛɛ saa Hela asɛmfua no ase sɛ “adom.” Nanso, ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn daa saa adom no adi? Ɛno fa anidaso a wowɔ ne wo ne Onyankopɔn abusuabɔ ho sɛn? Momma yɛnhwɛ.

6. Mfaso bɛn na Onyankopɔn adom betumi ama ankorankoro anya?

6 Adam ne “onipa biako” a ɛnam no so maa bɔne ne owu “baa wiase.” Enti “onipa biako no bɔne na ɛmaa owu nam no so dii hene.” Paulo de kaa ho sɛ, ‘Onyankopɔn adom ne trenee akyɛde a ɛboro so no nam obiakofo no, Yesu Kristo, so.’ (Rom. 5:12, 15, 17) Saa adom no de nneɛma pa pii abrɛ nnipa nyinaa. “Obiakofo no [Yesu] setie bɛma nnipa bebree ayɛ treneefo.” Nokwasɛm ne sɛ, Onyankopɔn adom no ‘nam Yesu Kristo so’ bɛma yɛanya “daa nkwa.”​—Rom. 5:19, 21.

7. Adɛn nti na agyede a Onyankopɔn de mae no yɛ ayamye ne adom a wada no adi akyerɛ yɛn?

7 Ná ɛnyɛ nhyɛ sɛ Yehowa ma ne Ba no ba asase so ma ɔde agyede no bɛma. Afei nso, agyede a Onyankopɔn ne Yesu de mae a ɛno so na wɔnam de bɔne firii no, nnipa a yɛyɛ abɔnefo a yɛtɔ sin no mu biara nni hɔ a ɛfata no. Enti yɛn bɔne a wɔde afiri yɛn ne anidaso a wɔama yɛanya sɛ yɛbɛtena ase daa no yɛ ayamye ne adom ara kwa. Ɛsɛ sɛ yɛn ani sɔ Onyankopɔn adom no na yɛma ɛka sɛnea yɛbɔ yɛn bra da biara da.

MOMMA YƐNKYERƐ ONYANKOPƆN ADOM HO ANISƆ

8. Adwene a ɛnteɛ bɛn na nnipa binom wɔ wɔ bɔne a wɔyɛ ho?

8 Esiane sɛ yɛyɛ Adam asefo a yɛtɔ sin nti, yɛtaa di mfomso, yɛtaa yɛ nea enye, na yɛtaa yɛ bɔne. Nanso, ɛbɛyɛ mfomso paa sɛ yebenya adwene sɛ Onyankopɔn adom no nti yebetumi ayɛ bɔne na yɛafa yɛn ho adi. Ɛrenyɛ papa sɛ yebenya adwene sɛ: ‘Sɛ meyɛ biribi a enye, nea ɛyɛ bɔne wɔ Onyankopɔn ani so mpo a, ɛnsɛ sɛ mema ɛhaw me. Yehowa de befiri me.’ Awerɛhosɛm ne sɛ, bere a na asomafo no te ase mpo no, Kristofo binom nyaa adwene a ɛte saa. (Kenkan Yuda 4.) Yɛn ankasa de, ebia yɛrenka asɛm a ɛte saa da; nanso, yebetumi anya adwene a ɛte saa anaa afoforo betumi ama yɛanya adwene a ɛte saa na afi ase anyin.

9, 10. Ɛyɛɛ dɛn na wɔmaa Paulo ne afoforo dee wɔn ho fii bɔne ne owu ho?

9 Paulo sii so dua sɛ, ɛnsɛ sɛ yenya adwene da sɛ: ‘Onyankopɔn te m’ase. Enti obebu n’ani agu me nnwuma anaa me nneyɛe bɔne so.’ Adɛn ntia? Efisɛ sɛnea Paulo kae no, Kristofo ‘awu ama bɔne.’ (Kenkan Romafo 6:1, 2.) Nanso, ɔkwan bɛn so na na Kristofo no ‘awu ama bɔne’ bere a na wɔda so ara te ase wɔ asase so no?

10 Onyankopɔn de agyede no boaa Paulo ne afoforo a na wɔwɔ Paulo bere so no. Enti Yehowa de wɔn bɔne firii wɔn, ɔde honhom kronkron sraa wɔn, na ɔma wɔbɛyɛɛ ne honhom fam mma. Afei wobenyaa anidaso sɛ wɔbɛkɔ soro. Sɛ na wodi nokware kosi ase a, na wɔne Kristo bɛtena soro na wɔne no adi ade. Nanso bere a na wɔda so ara te ase na wɔresom Onyankopɔn wɔ asase so mpo no, na Paulo betumi aka wɔn ho asɛm sɛ ‘wɔawu ama bɔne.’ Paulo de Yesu yɛɛ nhwɛso. Ɔkyerɛɛ mu sɛ, bere a Yesu rewu no na ɔyɛ onipa, nanso wonyanee no kɔɔ soro sɛ honhom abɔde a ɔwɔ nkwa a owu nnim. Ná owu nni Yesu so tumi bio. Saa ara na Kristofo a wɔasra wɔn no nso, ná wobetumi aka sɛ ‘wɔawu ama bɔne, na wɔte ase ma Onyankopɔn wɔ Kristo Yesu mu.’ (Rom. 6:9, 11) Ná wɔn asetena asesa koraa. Ná wonnni wɔn akɔnnɔ bɔne akyi bio. Ná wɔawu ama wɔn kan abrabɔ no.

11. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ yɛn a yɛwɔ anidaso sɛ yɛbɛtena Paradise daa no ‘awu ama bɔne’?

11 Yɛn nso ɛ? Ansa na yɛrebɛyɛ Kristofo no, na yɛtaa yɛ bɔne. Ebi mpo a, na yennim sɛ nneɛma a yɛyɛ no yɛ bɔne wɔ Onyankopɔn ani so. Ná ‘yɛyɛ nkoa ma efĩ ne mmaratode.’ Yebetumi aka sɛ, na ‘yɛyɛ bɔne nkoa.’ (Rom. 6:19, 20) Afei yɛba behuu nokware a ɛwɔ Bible mu, yɛyɛɛ nsakrae wɔ yɛn asetenam, yehyiraa yɛn ho so maa Onyankopɔn, na yɛbɔɔ asu. Efi saa bere no, yɛanya ɔpɛ sɛ ‘yebefi yɛn koma mu ayɛ osetie’ ama Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ ne ne gyinapɛn. ‘Wɔama yɛade yɛn ho afi bɔne ho,’ na ama ‘yɛabɛyɛ trenee nkoa.’ (Rom. 6:17, 18) Enti yɛn nso, yebetumi aka sɛ ‘yɛawu ama bɔne.’

12. Gyinae bɛn na ɛsɛ sɛ yɛn mu biara si?

12 Afei fa asɛm a Paulo kae yi hwehwɛ wo mu hwɛ. Ɔkyerɛwee sɛ: “Mommma bɔne nnkɔ so nnni hene wɔ mo nipadua a ebewu no so, na munntie n’akɔnnɔ.” (Rom. 6:12) Yɛpɛ a, yɛbɛyɛ nea yɛn nipadua a ɛtɔ sin no pɛ sɛ yɛyɛ biara na ‘ama bɔne akɔ so adi hene.’ Esiane sɛ yebetumi “ama” bɔne adi hene anaa yɛremma ɛnyɛ saa nti, asɛm no ne sɛ, Yɛn komam paa no, dɛn na yɛpɛ sɛ yɛyɛ? Bisa wo ho sɛ: ‘Ɛtɔ da a, ɛyɛ a mema me nipadua anaa m’adwene a ɛtɔ sin no twetwe me kɔ nneɛma bɔne ho ma mekɔyɛ bɔne? Anaa mawu ama bɔne? Mete ase ma Onyankopɔn wɔ Kristo Yesu mu anaa?’ Anisɔ ankasa a yɛwɔ ma yɛn bɔne a Onyankopɔn nam n’adom so de afiri yɛn no na ɛbɛkyerɛ sɛnea yɛbɛyɛ yɛn ade.

ƆKO A WUBETUMI ADI MU NKONIM

13. Dɛn na ɛma yenya ahotoso sɛ yebetumi atwe yɛn ho afi bɔne ho?

13 Yehowa nkurɔfo atwe wɔn ho afi ‘aba a na wɔsow’ ansa na wɔrebehu Onyankopɔn, adɔ no, na wɔasom no no ho. Kan no, ebia na wɔyɛ “nneɛma a seesei ɛyɛ [wɔn] aniwu.” Ná saa nneɛma no de wɔn bɛkɔ owu mu. (Rom. 6:21) Nanso wɔsakrae. Saa na na Korintofo a Paulo kyerɛw wɔn no mu pii te. Ná wɔn mu binom yɛ abosonsomfo, awaresɛefo, mmarima a wɔne mmarima da, akorɔmfo, asabofo, ne nea ɛtete saa. Nanso, ‘woguaree wɔn kama,’ na ‘wɔtew wɔn ho.’ (1 Kor. 6:9-11) Ɛbɛyɛ sɛ saa na na ebinom a na wɔwɔ Roma asafo no mu nso te. Onyankopɔn de honhom kaa Paulo ma ɔkyerɛw wɔn sɛ: “Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ mode mo akwaa ma bɔne sɛ amumɔyɛ akode, na mmom momfa mo ho mma Onyankopɔn sɛ wɔn a wɔanyan afi awufo mu, na momfa mo akwaa mma Onyankopɔn sɛ trenee akode.” (Rom. 6:13) Ná Paulo gye di paa sɛ saa anuanom no betumi ama wɔn ho akɔ so atew wɔ honhom fam, na ama wɔakɔ so anya Onyankopɔn adom so mfaso.

14, 15. Dɛn na ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho wɔ ‘yɛn koma mu a yebefi ayɛ osetie no’ ho?

14 Ɛnnɛ nso, saa ara na ɛte. Anuanom mmarima ne mmea binom wɔ hɔ a kan no, na wɔyɛ bɔne a Korintofo no yɛe no bi. Nanso, wɔn nso sakrae. Wogyaee nneɛma bɔne no yɛ, na ‘woguaree wɔn kama.’ Ɛmfa ho baabi a woayɛ nsakrae akodu no, saa bere yi Onyankopɔn hu wo sɛn? Seesei a Onyankopɔn adom ne ne bɔne fafiri wɔ hɔ no, woasi wo bo sɛ woremfa ‘w’akwaa mma bɔne’ bio anaa? Wode ‘wo ho bɛma Onyankopɔn sɛ obi a wanyan afi awufo mu’ anaa?

15 Sɛ yebetumi ayɛ saa a, ɛnsɛ sɛ yɛyɛ bɔne a emu yɛ duru a na ebinom a wɔwɔ Korinto yɛ no. Sɛ yɛankwati bɔne a ɛte saa a, yɛrentumi nka sɛ yɛagye Onyankopɔn adom atom, na afei ‘bɔne nni yɛn so tumi’ bio. Nanso, so yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ nea yebetumi biara sɛ yɛbɛkwati bɔne ahorow a ebinom bu no sɛ emu nyɛ duru de akyerɛ sɛ ‘yefi koma mu reyɛ osetie’ anaa?​—Rom. 6:14, 17.

16. Yɛyɛ dɛn hu sɛ, ɛnyɛ bɔne a emu yɛ duru nkutoo na ɛsɛ sɛ Kristoni kwati?

16 Susuw ɔsomafo Paulo ho hwɛ. Bɔne a emu yɛ duru a wɔaka ho asɛm wɔ 1 Korintofo 6:9-11 no, yebetumi aka sɛ na Paulo nyɛ bi. Nanso, ɔkae sɛ ɔyɛ ɔbɔnefo. Ɔkyerɛwee sɛ: “Meyɛ ɔhonam muni a wɔatɔn me ahyɛ bɔne ase. Na nea meyɛ no, minnim. Efisɛ nea mepɛ no, ɛnyɛ ɛno na meyɛ; na mmom nea mikyi na meyɛ.” (Rom. 7:14, 15) Ɛno ma yehu sɛ, nneɛma foforo bi wɔ hɔ a na Paulo bu no sɛ ɛyɛ bɔne, na na ɔreko atia saa bɔne ahorow no nso. (Kenkan Romafo 7:21-23.) Momma yensuasua ɔsomafo Paulo na yɛnyere yɛn ho ‘mfi koma mu nyɛ osetie.’

17. Adɛn nti na wopɛ sɛ wudi nokware?

17 Ma yɛmfa nokwaredi nyɛ nhwɛso. Nokwaredi yɛ su titiriw a ɛsɛ sɛ Kristoni biara da no adi. (Kenkan Mmebusɛm 14:5; Efesofo 4:25.) Satan yɛ “atoro agya.” Atorodi na ɛmaa Anania ne ne yere hweree wɔn nkwa. Yɛmpɛ sɛ yesuasua wɔn a wɔte saa, enti yenni atoro. (Yoh. 8:44; Aso. 5:1-11) Nanso, ɛhɔ ara na yɛn nokwaredi kɔsõ anaa? Nea ɛwom ne sɛ, sɛ yɛn ani sɔ adom a Onyankopɔn de adom yɛn no paa a, yebedi nokware wɔ biribiara mu.

18, 19. Sɛ yɛanni atoro a, ɛno nko ara nkyerɛ sɛ yedi nokware. Adɛn ntia?

18 Sɛ obi di atoro a, ɛkyerɛ sɛ waka asɛm bi a ɛnyɛ nokware. Nanso, Yehowa mpɛ sɛ ne nkurɔfo ka nokware kɛkɛ. Ɔpɛ sɛ wɔyɛ nea ɛsen saa. Ɔka kyerɛɛ tete Israelfo no sɛ: “Monyɛ kronkron, efisɛ me Yehowa mo Nyankopɔn, meyɛ kronkron.” Afei ɔkyerɛɛ wɔn nneɛma a wɔyɛ a ɛbɛma wɔayɛ kronkron. Nea Onyankopɔn kae no bi ne sɛ: “Mommmɔ korɔn, monnnaadaa obiara, na munntwa mo yɔnko nkontompo.” (Lev. 19:2, 11) Awerɛhosɛm ne sɛ, obi a wasi ne bo sɛ ɔrenni atoro da betumi adaadaa afoforo, na watwa wɔn nkontompo.

Yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛkwati atorodi ne nnaadaa nyinaa anaa? (Hwɛ nkyekyɛm 19)

19 Nhwɛso bi ni. Ebia ɔbarima bi bɛka akyerɛ n’adwumam panyin anaa ne mfɛfo adwumayɛfo sɛ, ade kye a, ɔrentumi mma adwuma, anaa ɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ ɛsɛ sɛ ɔpɔn ntɛm efisɛ ɔbɛkɔ “ayaresabea.” Nanso, wobɛhwɛ no, ebia na “ayaresabea” a ɔreka sɛ ɔbɛkɔ no yɛ aduru bi kɛkɛ na ɔbɛkɔ akɔtɔ wɔ adutɔnbea, anaa ɔde bere tiaa bi bɛbɔ afa ayaresabea hɔ akotua ɛka bi a ɔde. Nanso nea enti paa a wankɔ adwuma ne sɛ, ɔpɛ sɛ ɔde saa bere no boaboa ne ho tu ne kwan bi anaa ɔpɛ sɛ ɔne n’abusua kogye wɔn ani wɔ mpoano. Ebia na nokware ketewaa bi wɔ ka a ɔkae sɛ ɔbɛkɔ “ayaresabea” no mu. Nanso, wobɛka sɛ odii nokware paa? Anaasɛ na ɔredaadaa n’adwumamfo no? Ebia wo nso wunim ebinom a wɔhyɛ da paa daadaa afoforo. Ebia wɔyɛ saa sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrentwe wɔn aso anaa sɛnea ɛbɛyɛ a wobedidi afoforo ho. Sɛ onipa no anhyɛ da antwa atoro mpo a, Onyankopɔn ahyɛde a ɛne sɛ: “Monnnaadaa obiara” no nso ɛ? Afei susuw Romafo 6:19 nso ho hwɛ. Ɛhɔ ka sɛ: “Momfa mo akwaa nyɛ nkoa mma trenee nkɔ ahotew mu.”

20, 21. Nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn adom kanyan yɛn ma yɛyɛ?

20 Asɛm no ne sɛ, yɛn ani a yɛbɛma asɔ Onyankopɔn adom no kɔ akyiri sen awaresɛe, asabow, anaa bɔne afoforo a na ebinom yɛ wɔ Korinto no nko ara a yɛbɛkwati. Sɛ yegye Onyankopɔn adom tom a, ɛnyɛ aguamammɔ nko ara na yɛbɛkwati, na mmom yɛbɛko atia biribiara a ɛbɛma yɛde anigyede a ɛkanyan nna ho akɔnnɔ agyigye yɛn ani. Sɛ yɛde yɛn akwaa yɛ nkoa ma trenee a, ɛnyɛ asabow nko na yɛbɛkwati, na mmom, yɛrennom nsã araa nkosi sɛ ɛbɛba yɛn ani so. Gye sɛ yɛyere yɛn ho paa ansa na yɛatumi ako atia nneyɛe bɔne a ɛtete saa. Nanso, ɛyɛ ɔko a yebetumi adi mu nkonim.

21 Ɛsɛ sɛ yɛde yɛ yɛn botae sɛ yɛbɛkwati bɔne a emu yɛ duru ne bɔne nketenkete nyinaa. Esiane sɛ yɛnyɛ pɛ nti, ɛtɔ mmere bi a, yebetumi afom. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho ko tia bɔne biara sɛnea Paulo nso yɛe no. Ɔka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: “Mommma bɔne nnkɔ so nnni hene wɔ mo nipadua a ebewu no so, na munntie n’akɔnnɔ.” (Rom. 6:12; 7:18-20) Sɛ yɛko tia bɔne biara a, ɛkyerɛ sɛ yɛn ani sɔ Onyankopɔn adom a ɔnam Kristo so ada no adi akyerɛ yɛn no.

22. Dɛn na ɛda hɔ retwɛn wɔn a wɔkyerɛ anisɔ ma Onyankopɔn adom no?

22 Onyankopɔn adom nti, wɔde yɛn bɔne afiri yɛn na wɔbɛkɔ so de afiri yɛn. Enti momma yɛmfa anisɔ nyɛ nea yebetumi biara nko ntia biribiara a ɛbɛma yɛagyae yɛn ho mu akɔyɛ bɔne a ebinom bu no sɛ ɛyɛ bɔne nketenkete no. Paulo sii akatua a ɛda hɔ retwɛn yɛn no so dua sɛ: “Afei, esiane sɛ wɔma modee mo ho fii bɔne ho na mobɛyɛɛ Onyankopɔn nkoa nti, moresow aba wɔ kronkronyɛ kwan so, na n’awiei yɛ daa nkwa.”​—Rom. 6:22.