Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Montow Mo Dadwen Nyinaa Ngu Yehowa So

Montow Mo Dadwen Nyinaa Ngu Yehowa So

“Montow mo dadwen nyinaa ngu [Yehowa] so, efisɛ odwen mo ho.”​—1 PET. 5:7.

NNWOM: 60, 23

1, 2. (a) Sɛ dadwen bi hyɛ yɛn so a, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.) (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

YƐTE ahokyere bere mu paa. Satan Ɔbonsam bo afuw denneennen, na ‘ɔnenam sɛ gyata a ɔrebobom apɛ obi amene no.’ (1 Pet. 5:8; Adi. 12:17) Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ ɛtɔ da a, dadwen hyɛ yɛn a yɛsom Onyankopɔn mpo so. Dadwen hyɛɛ Yehowa asomfo a wɔtenaa ase bere bi a atwam a na wɔmfa wɔn som nni agorɔ no so. Ɔhene Dawid mpo ‘kra dii aperepere,’ anaa dadwen hyɛɛ ne so. (Dw. 13:2) Kae nso sɛ, “asafo no nyinaa ho adwennwen” hyɛɛ ɔsomafo Paulo so. (2 Kor. 11:28) Sɛ dadwen hyɛ yɛn so a, dɛn na yebetumi ayɛ?

2 Tete no, yɛn soro Agya a ɔwɔ ɔdɔ no boaa n’asomfo. Ɛnnɛ nso, sɛ yɛkɔ ahohia mu anaa dadwen bi bɛtɔ yɛn so a, ɔma yenya ahotɔ pii. Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ: “Montow mo dadwen nyinaa ngu no so, efisɛ odwen mo ho.” (1 Pet. 5:7) Nanso, wobɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa? Ma yɛnhwɛ akwan nnan a wubetumi afa so ayɛ saa. Nea edi kan, wubetumi ayi wo yam abɔ mpae. Nea ɛto so mmienu, wubetumi akenkan Onyankopɔn Asɛm no na woadwinnwen ho. Nea ɛto so mmiɛnsa, wubetumi asrɛ Yehowa sɛ ɔmma wo honhom kronkron. Nea etwa to, wubetumi aka wo komam asɛm akyerɛ obi a wowɔ ne mu ahotoso. Bere a yɛresusuw akwan nnan yi ho no, hwɛ sɛ wubenya nneɛma bi a ehia sɛ wobɔ ho mmɔden anaa.

“DAN W’ADESOA TO YEHOWA SO”

3. Wobɛyɛ dɛn afa mpaebɔ so ‘adan w’adesoa ato Yehowa so’?

3 Ade a edi kan a yebetumi ayɛ ne sɛ yebefi yɛn komam abɔ Yehowa mpae. Sɛ wuhyia tebea bi a ɛma wo ho yeraw wo, ɛma ehu ka wo, anaa egyaw wo adwinnwen a, ka wo koma mu asɛm kyerɛ wo soro Agya a ɔwɔ ɔdɔ no. Odwontofo Dawid srɛɛ Yehowa sɛ: “O Onyankopɔn, yɛ aso ma me mpaebɔ.” Ɔsan kae wɔ saa dwom no ara mu sɛ: “Dan w’adesoa to Yehowa so, na obeso wo mu.” (Dw. 55:1, 22) Sɛ wuhyia ɔhaw bi na woyɛ nea wubetumi biara wɔ ho wie a, fi wo komam bɔ mpae, na ɛno mmom bɛboa wo sen sɛ wubedwinnwen ho pii. Nanso, ɛbɛyɛ dɛn na mpaebɔ aboa wo ama woadi wo mu dadwen ne ahoyeraw so?​—Dw. 94:18, 19.

4. Sɛ dadwen bi bɛtɔ yɛn so a, adɛn nti na ehia paa sɛ yɛbɔ mpae?

4 Kenkan Filipifo 4:6, 7. Sɛ yeyi yɛn yam na yefi yɛn komam de nkotɔsrɛ kɔ Yehowa anim daa a, obetumi ayɛ yɛn abisade no ho biribi ama yɛn. Dɛn na ɔbɛyɛ? Ɔbɛma yɛanya abotɔyam, na ama yɛatumi ayi yɛn adwene afi ɔhaw a yɛrefa mu no so na yɛayi ɔhaw no afi yɛn koma mu nso. Nnipa pii betumi agyina osuahu a wɔn ankasa anya so na wɔaka asi no pi sɛ saa asɛm no yɛ nokware. Bere a ehu ne dadwen bɛtɔɔ nkurɔfo a wɔte saa so no, Onyankopɔn boaa wɔn ma wonyaa asomdwoe a ɛboro nnipa ntease so. Wo nso wubetumi anya osuahu a ɛte saa. “Onyankopɔn asomdwoe” betumi aboa wo ama woadi ɔhaw biara a wubehyia so. Wubetumi anya awerɛhyem paa wɔ Yehowa bɔhyɛ yi mu. Ɔka sɛ: “Mma w’ani nnyɛ wo totɔtotɔ, na mene wo Nyankopɔn. Mɛhyɛ wo den. Mɛboa wo.”​—Yes. 41:10.

ONYANKOPƆN ASƐM NO MA YENYA ABOTƆYAM

5. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn Asɛm no betumi ama yɛanya abotɔyam?

5 Ade a ɛto so mmienu a ebetumi ama yɛanya abotɔyam ne sɛ yɛbɛkenkan Bible mu nsɛm na yɛadwinnwen ho. Adɛn nti na ehia sɛ yɛyɛ saa? Onyankopɔn ama yɛn akwankyerɛ wɔ Bible mu a ebetumi aboa wo ama woagyae adwinnwen, ama w’adwinnwen so atew, anaa ama woatumi agyina ano. Mma wo werɛ mmfi sɛ Ɔbɔadeɛ Nyankopɔn ankasa nyansa na ɛwɔ n’Asɛm no mu. Enti ebetumi aboa wo ama woanya abotɔyam. Bere a wususuw Onyankopɔn adwene ho awia anaa anadwo, na wudwinnwen ɔkwan pa a wubetumi de Bible akwankyerɛ ayɛ adwuma ho no, ɛbɛhyɛ wo den paa. Yehowa aka pefee sɛ, sɛ yɛkenkan n’Asɛm no a, ‘yɛn bo bɛyɛ duru, na yɛn ho bɛyɛ den. Yɛrensuro na yɛremmɔ hu’ nso.​—Yos. 1:7-9.

6. Ɔkwan bɛn so na asɛm a Yesu kae no betumi aboa wo?

6 Sɛ yɛhwɛ Onyankopɔn Asɛm no mu a, yebehu awerɛkyekye nsɛm a Yesu kae wom. Nsɛm a ɔkae ne ne nkyerɛkyerɛ maa wɔn a wotiee no no nyaa ɔhome anaa wɔn bo tɔɔ wɔn yam. Nnipadɔm pii kɔɔ Yesu nkyɛn, efisɛ ne nsɛm no maa nkurɔfo a wɔn koma atu bo tɔɔ wɔn yam, ɛhyɛɛ wɔn a wɔabrɛ den, na ɛmaa wɔn a wɔn abam abu nyaa awerɛkyekye. (Kenkan Mateo 11:28-30.) Yesu susuw afoforo honhom fam ne honam fam ahiade ho, na ɔhyɛɛ wɔn nkuran kyekyee wɔn werɛ. (Mar. 6:30-32) Yesu hyɛɛ n’asomafo a na ɔne wɔn nam no bɔ sɛ ɔbɛboa wɔn, na ɔbɛboa yɛn nso nnɛ. Enhia sɛ obi kɔ baabi a Yesu wɔ ansa na watumi aboa no. Yesu redi hene wɔ soro, nanso ɔda so ara nya tema ma afoforo. Enti sɛ adwinnwen bi bɛtɔ wo so a, obetumi afi mmɔborɔhunu mu “atwitwa agye” wo, na ‘waboa wo bere a ɛsɛ mu.’ Nokwasɛm ne sɛ, Yesu betumi aboa wo ama woagyina ahohia ano, na obetumi nso ama woanya anidaso ne akokoduru.​—Heb. 2:17, 18; 4:16.

ONYANKOPƆN HONHOM MA YENYA SUBAN PA

7. Sɛ wosrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmma wo honhom kronkron na ɔde ma wo a, mfaso bɛn na wubenya?

7 Yesu hyɛɛ bɔ sɛ yɛn Agya a ɔwɔ soro no de honhom kronkron bɛma wɔn a wobisa no. (Luka 11:10-13) Wei de yɛn kɔ ade a ɛto so mmiɛnsa a ebetumi aboa wo paa ma w’adwinnwen so atew no so. Ɛno ne honhom no aba. Honhom no, anaa tumi a Onyankopɔn de yɛ adwuma no ma yɛsow aba, kyerɛ sɛ, ɛma yenya suban pa a ade nyinaa so tumfoɔ Nyankopɔn wɔ no bi. (Kenkan Galatifo 5:22, 23; Kol. 3:10) Sɛ wosow saa honhom aba no a, wo ne afoforo ntam bɛyɛ kama. Enti wubehu sɛ tebea ahorow pii a anka ebetumi agyaw wo adwinnwen remma w’akwan mu koraa. Ma yɛnhwɛ sɛnea honhom aba no betumi aboa wo.

8-12. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn honhom kronkron aba no betumi aboa wo ama woagyina tebea ahorow a ɛhaw adwene ano anaa woakwati koraa?

8 “Ɔdɔ, anigye, asomdwoe.” Sɛ wobɔ mmɔden sɛ wobɛda obu adi akyerɛ afoforo a, wubehu sɛ w’adwinnwen so bɛtew. Ɛbɛyɛ dɛn na aba saa? Sɛ woda onuadɔ ne ayamhyehye adi na wudi afoforo ni a, wobɛkwati tebea ahorow a ebetumi agyaw wo adwinnwen.​—Rom. 12:10.

9 “Abodwokyɛre, ayamye, papayɛ.” Sɛ wode Bible afotu a edi hɔ yi yɛ adwuma a, ɛbɛboa ama asomdwoe aba wo ne afoforo ntam. Ɛka sɛ: “Mo ne mo ho nni wɔ ayamye ne ayamhyehye so, na mumfi mo pɛ mu mfa bɔne mfirifiri mo ho.” (Efe. 4:32) Sɛ wode afotu yi yɛ adwuma a, ɛremma nsɛmnsɛm a ebetumi agyaw wo adwinnwen mma wo ne afoforo ntam. Afei nso, sɛ nnipa sintɔ nti nsɛmnsɛm bi sɔre wɔ wo ne afoforo ntam a, wubetumi adi ho dwuma wɔ ɔkwan a ɛfata paa so.

10 “Gyidi.” Ɛnnɛ, sika ne ahonyade na ɛtaa gyaw yɛn adwinnwen paa. (Mmeb. 18:11) Nokwasɛm ne sɛ, sɛ wugye di paa sɛ Yehowa dwen wo ho a, ebetumi aboa ma woatumi agyina dadwen ano anaasɛ ɛremma wonnwinnwen koraa. Ɛbɛyɛ dɛn na atumi ayɛ yiye saa? Sɛ wutie afotu a Onyankopɔn maa ɔsomafo Paulo de mae sɛ ‘yɛmma nea yɛwɔ no ara nnɔɔso mma yɛn’ no a, wubetumi akwati adwinnwen pii. Paulo de kaa ho sɛ: “Na [Onyankopɔn aka] sɛ: ‘Merennyaw wo na merempa wo nso da.’ Ɛma yenya akokoduru ka sɛ: ‘Yehowa ne me boafo; merensuro. Dɛn na onipa betumi ayɛ me?’”​—Heb. 13:5, 6.

11 “Odwo, ahosodi.” Sɛ woda saa suban yi adi a, ebetumi aboa wo paa. Ɛbɛma woakwati nneyɛe bi a ebetumi agyaw wo adwinnwen. Sɛ wukwati ‘menasepɔw ne abufuw ne bobɔne ne nkekawmu ne kasatia’ a, ɛbɛboa wo paa.​—Efe. 4:31.

12 Nokwasɛm ne sɛ, ebehia sɛ wunya ahobrɛase na ama wode wo ho ahyɛ “Onyankopɔn nsa a tumi wom” no ase na ‘woatow wo dadwen nyinaa agu no so.’ (1 Pet. 5:6, 7) Nanso, sɛ wobrɛ wo ho ase a, wobɛyɛ nneɛma a ɛbɛma woanya Onyankopɔn anim dom ne ne mmoa. (Mika 6:8) Wunya hu nneɛma a wubetumi ayɛ ne nea wuntumi nyɛ a, wode wo ho bɛto Onyankopɔn so, na adwinnwen renhyɛ wo so.

“MUNNNWINNWEN”

13. Bere a Yesu kae sɛ: “Munnnwinnwen” no, na ɔkyerɛ sɛn?

13 Yesu afotu a ɛka koma a ɛne sɛ: “Munnnwinnwen” no wɔ Mateo 6:34 (kenkan). Nanso, ebia yebetumi anya adwene bi sɛ ɛbɛyɛ den sɛ yɛde saa afotu yi bɛyɛ adwuma. Ɛnde, bere a Yesu kae sɛ, “Munnnwinnwen” no, na ɔkyerɛ sɛn? Ɛda adi sɛ, ɛnyɛ nea na Yesu reka ne sɛ adwinnwen renhyɛ Onyankopɔn somfo bi so da wɔ n’asetenam. Yɛadi kan ahu sɛ Dawid ne Paulo mpo, dadwen hyɛɛ wɔn so. Ná Yesu reboa n’asuafo no ma wɔahu sɛ adwinnwen a ɛho nhia, anaa adwinnwen ntraso ntumi nyi ɔhaw mfi hɔ. Ɛda biara wɔ ne dadwen. Enti enhia sɛ Kristofo de nsɛm bi a esisii mmere bi a atwam anaa nea ebesi daakye ho adwinnwen ka nea egu wɔn so seesei no ho na wɔsoa. Wobɛyɛ dɛn de Yesu afotu yi ayɛ adwuma ama adwinnwen a ɛrebu wo kɔn mu no so atew?

14. Wobɛyɛ dɛn adi nsɛm bi a esisii bere bi a atwam ho adwinnwen so?

14 Nneɛma bi a obi yɛe bere bi a atwam anaa mfomso a odii tumi gyaw no adwinnwen. Ebia mfe pii mpo atwam, nanso onii no ahonim betumi akɔ so abu no fɔ wɔ nea ɔyɛe no ho. Ɛtɔ da a, na Ɔhene Dawid te nka sɛ ne ‘mfomso aboro ne ti so.’ Ɔkae sɛ: “Me koma apinisi nti, mebobom.” (Dw. 38:3, 4, 8, 18) Bere a Dawid kɔɔ saa tebea no mu no, dɛn paa na na nyansa wom sɛ ɔyɛ? Dɛn na ɔyɛe? Onyaa ahotoso sɛ Yehowa behu no mmɔbɔ na ɔde ne bɔne afiri no. Ɔde ahotoso kae sɛ: “Anigye ne onipa a wɔde ne mmarato afiri no.”​—Kenkan Dwom 32:1-3, 5.

15. (a) Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ woma tebea a wowɔ mu ho adwinnwen hyɛ wo so? (b) Akwan bɛn na wubetumi afa so atew w’adwinnwen so? (Hwɛ adaka a wɔato din, “ Akwan Pa Bi a Wubetumi Afa So Atew Adwinnwen So.”)

15 Ɛtɔ da a, tebea a wowɔ mu betumi agyaw wo adwinnwen. Nhwɛso bi ni. Bere a Dawid kyerɛw Dwom 55 no, na osuro sɛ anhwɛ a obi bekum no. (Dw. 55:2-5) Nanso, wamma adwinnwen ansɛe Yehowa mu ahotoso a na ɔwɔ no. Dawid bɔɔ mpae denneennen de ne haw too Yehowa anim, nanso ohui sɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ nea ɛde adwinnwen abɛto ne so no ho biribi. (2 Sam. 15:30-34) Momma yensua biribi mfi nea Dawid yɛe no mu. Sɛ́ anka wobɛma adwinnwen ahyɛ wo so no, yɛ nea ato wo no ho biribi. Afei dan w’adesoa no to Yehowa so na nya ahotoso sɛ ɔbɛyɛ ho biribi ama wo.

16. Ɔkwan bɛn so na nea Onyankopɔn din no kyerɛ hyɛ wo gyidi den?

16 Sɛ Kristoni bi dwinnwen ɔhaw a obetumi ahyia daakye ho a, ɛtaa kɔfa dadwen a ɛho nhia bɛto no so. Nanso, ɛnsɛ sɛ woma biribi a ennya nsii ho dadwen anaa adwinnwen hyɛ wo so. Adɛn ntia? Efisɛ, nneɛma ntaa nkɔ bɔne sɛnea ɛyɛ a yesusuw sɛ ɛbɛyɛ no. Afei nso, adesoa biara nni hɔ a sɛ wodan to Onyankopɔn so a, ɔrentumi mmoa wo. Yenim sɛ, ne din no nkyerɛase ne “Nea Ɔma Ɛyɛ Hɔ.” (Ex. 3:14) Onyankopɔn din no nkyerɛase mu dɔ, na ɛma yenya awerɛhyem sɛ, obetumi ama n’atirimpɔw a ɔwɔ ma n’asomfo no abam. Wubetumi anya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn betumi ahyira n’anokwafo na waboa wɔn ama wɔatumi agyina nneɛma bi a atwam ho dadwen, dadwen a ɛda wɔn so nnɛ, ne nea ɛbɛba daakye ho dadwen biara a ɛda wɔn so ano.

NKƆMMƆ A ƐKA KOMA

17, 18. Ɔkwan bɛn so na nkɔmmɔ a ɛhyɛ nkuran betumi aboa ama woagyina wo dadwen ano?

17 Ade a ɛto so nnan a ɛbɛboa wo ma woagyina dadwen ano ne sɛ wobɛka wo komam asɛm akyerɛ obi a wowɔ ne mu ahotoso. Wo kunu anaa wo yere, w’adamfo paa, anaa asafo mu panyin bi betumi aboa wo ama woate wo tebea no ase yiye. Bible ka sɛ: “Onipa koma mu awerɛhow botow no, na asɛmpa ma edi ahurusi.” (Mmeb. 12:25) Sɛ wufi wo komam ne afoforo bɔ nkɔmmɔ na woka wo nsɛm pefee a, ebetumi aboa wo paa ama woate wo haw no ase na woatumi agyina ano. Bible ka sɛ: “Wɔkwati atirimsɛm a tirimbɔ yɛ ɔkwa, na agyinatufo dodow mu na ebegyina.”​—Mmeb. 15:22.

18 Yehowa nam Kristofo nhyiam a nnawɔtwe biara yɛkɔ no so nso boa yɛn ma yetumi gyina yɛn dadwen ano. Wokɔ Kristofo nhyiam a, wubetumi ne wo mfɛfo Kristofo a wodwen wo ho na wɔn mu biara pɛ sɛ ɔhyɛ ne yɔnko nkuran abɔ. (Heb. 10:24, 25) ‘Nkuranhyɛ a obiara benya afi ne yɔnko hɔ’ no bɛhyɛ wo den ama woatumi agyina dadwen biara a ɛda wo so ano.​—Rom. 1:12.

ABUSUABƆ A WO NE ONYANKOPƆN WƆ BETUMI AHYƐ WO DEN

19. Adɛn nti na wubetumi anya ahotoso sɛ abusuabɔ a wo ne Onyankopɔn wɔ no betumi ahyɛ wo den paa?

19 Momma yɛnhwɛ sɛnea asafo mu panyin bi a ɔwɔ Canada huu mfaso a ɛwɔ so sɛ ɔde ne dadwen bɛto Yehowa so. Ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo ne ofotufo wɔ sukuu bi mu. Adwuma no ma ɔbrɛ paa. Yare bi a ɛma ne ho yeraw no nso wɔ ne so. Onua yi yɛ dɛn tumi gyina ɔhaw yi ano? Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Nea ɛsen ne nyinaa no, mahu sɛ, sɛ meyere me ho ma me ne Yehowa abusuabɔ yɛ kama a, ɛhyɛ me den paa ma mitumi gyina adwenemhaw no ano yiye. Mihu sɛ mfaso wɔ mmoa a me nnamfo pa ne me nuanom Kristofo de ma me bere a me ho hiahia me paa no so. Memfa biribiara nsie me yere. Meka me komam asɛm kyerɛ no pefee. Me mfɛfo mpanyimfo ne yɛn mansin sohwɛfo boaa me paa ma metee me haw no ase yiye. Mesan hwehwɛɛ mmoa fii nnuruyɛfo hɔ. Miyii bere sii hɔ a mede gye m’ahome ne nea mede teɛteɛ m’apɔw mu. Nkakrankakra, mihui sɛ nneɛma rekɔ yiye. Nea mintumi nyɛ ho hwee no, medan to Yehowa so.”

20. (a) Yɛbɛyɛ dɛn atow yɛn dadwen agu Onyankopɔn so? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

20 Sɛ yɛbɔ asɛm no nyinaa mua a, yɛabehu sɛ mfaso wɔ so sɛ yɛtow yɛn dadwen gu Onyankopɔn so. Nea ɛkyerɛ ne sɛ, ɛsɛ sɛ yefi yɛn komam bɔ Onyankopɔn mpae, yɛkenkan n’Asɛm no na yedwinnwen ho. Yɛasan nso ahu sɛ mfaso wɔ so sɛ yɛsow honhom no aba, yɛka yɛn komam asɛm kyerɛ obi a yɛwɔ ne mu ahotoso, na yɛma Kristofo fekubɔ hyɛ yɛn den. Adesua a edi hɔ no, yebesusuw sɛnea Yehowa nam akatua a ɔde ahyɛ yɛn bɔ no so hyɛ yɛn den no ho.​—Heb. 11:6.