ƆWƐN-ABAN—NEA ADESUA NSƐM WOM December 2017

Adesua nsɛm a yebesua January 29 kosi February 25, 2018.

‘Minim sɛ Ɔbɛsɔre’

Adɛn nti na yebetumi agye adi paa sɛ daakye awufo bɛsɔre?

“Mewɔ Anidaso Wɔ Onyankopɔn Mu”

Adɛn nti na owusɔre yɛ nkyerɛkyerɛ a Kristofo gyidi gyina so paa?

So Wokae?

Woakenkan Ɔwɛn-Aban a aba nnansa yi? Ɛnde, nsɛmmisa a egyina Bible so no, hwɛ emu dodow a wubetumi abua.

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Tete Israel no, obiara a na Mesia no bɛfa no so aba no, na ɛsɛ sɛ ɔyɛ abakan anaa?

Awofo—Mommoa Mo Mma Ma ‘Wonhu Nyansa Nkɔ Nkwagye Mu’

Awofo a wɔyɛ Kristofo pii wɔ hɔ a, sɛ wɔn babarima anaa wɔn babea pɛ sɛ ohyira ne ho so na ɔbɔ asu a, etumi gyaw wɔn adwinnwen? Wɔbɛyɛ dɛn aboa wɔn ba no ama wanyin akɔ nkwagye mu?

Mmabun—‘Monkɔ So Nyɛ Mo Ankasa Nkwagye Ho Adwuma’

Asubɔ yɛ aniberesɛm, nanso ɛnsɛ sɛ mmabun suro anaa wopia to nkyɛn.

ASETENAM NSƐM

Migyaw Biribiara Hɔ Kodii Owura no Akyi

Bere a Felix Fajardo yɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛyɛ Kristo suani no, na wadi mfe 16 pɛ. Bɛboro mfe 70 ni, onnuu ne ho sɛ wadi Owura no akyi akɔ baabiara a Owura no aka sɛ nkɔ.

Nsɛm a Wɔahyehyɛ​—Afe 2017 Ɔwɛn-Aban

Nsɛm a wɔahyehyɛ yi bɛboa wo ama woahu nsɛm a ɛbaa afe 2017 Ɔwɛn-Aban mu.