Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Ɔkwan baako a wɔfa so siw awo ano ne sɛ wɔde IUD (intrauterine device) bɛhyɛ ɔbea awotwaa mu. Ɛnde, awarefo a wɔyɛ Kristofo betumi afa no sɛ wɔfa saa kwan yi so siw awo ano a, Kyerɛwnsɛm no pene so anaa?

aa asɛm yi ho deɛ, okunu ne ɔyere biara betumi asusuw sɛnea IUD (biribi a wɔde hyɛ ɔbea awotwaa mu a ɛremma ɔmfa yafunu) no yɛ adwuma ho, na wɔama Bible nnyinasosɛm aboa wɔn ama wɔasi gyinae. Ɛno betumi ama wɔakɔ so anya ahonim pa wɔ Onyankopɔn anim.

Bere a na nnipa baanu pɛ wɔ wiase (na nsuyiri no akyi nso, ɛkaa nnipa nwɔtwe) no, Yehowa de ahyɛde mae sɛ: “Monwo na monnɔɔso.” (Gen. 1:28; 9:1) Bible nka sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo di saa ahyɛde no so. Enti sɛ awarefo bi pɛ sɛ wɔfa kwan bi so siw awo ano sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenwo bebree anaasɛ ɛbɛboa wɔn ama wɔawo bere a wɔpɛ sɛ wɔwo a, ɛyɛ wɔn ankasa asɛm. Nneɛma bɛn na ɛfata sɛ wosusuw ho?

Ɔkwan biara a Kristofo pɛ sɛ wɔfa so siw awo ano no, ɛsɛ sɛ wɔma nnyinasosɛm a ɛwɔ Bible mu boa wɔn ma wosusuw asɛm no ho yiye. Enti, Kristofo nnye ntom sɛ nyinsɛn a woyi gu yɛ ɔkwan a wɔfa so siw awo ano. Bible ka sɛ yemmu nkwa, enti sɛ obi hyɛ da yi nyinsɛn gu a, na wabu nea Bible ka so. Kristofo renhyɛ da nsɛe nkwa a ebetumi anyin abɛyɛ onipa ama wɔawo no. (Ex. 20:13; 21:22, 23; Dw. 139:16; Yer. 1:5) Na sɛ Kristoni pɛ sɛ ɔde IUD siw awo ano nso ɛ?

Ɔwɛn-Aban a ɛbaa May 15, 1979, Borɔfo deɛ no kratafa 30-31 kyerɛkyerɛɛ saa asɛm yi mu. Saa bere no, IUD a na wɔde hyɛ ɔbea awotwaa mu de siw nyinsɛn ano no, emu dodow no ara rɔba na na wɔde yɛ. Ɔwɛn-Aban no kae sɛ, saa bere no, na wonnim sɛnea IUD no yɛ adwuma ho nsɛm pii. Animdefo pii kae sɛ IUD no ma nsakrae bi ba awotwaa no mu, na ɛmma nkwaboaa a efi ɔbarima ho no ntumi nkɔhyɛ ɔbea badwoa mu ma nkwa mma mu. Sɛ nkwaboaa no antumi ankɔhyɛ badwoa no mu a, ɛnde na nkwa biara amma.

Nanso adanse wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ ɛtɔ da a nkwaboaa no tumi kɔhyɛ badwoa no mu ma nkwa ba mu. Ebetumi aba sɛ badwoa a nkwa aba mu no benyin wɔ badwoa dorobɛn no mu; ɛba saa a nyinsɛn no renyɛ yiye (ectopic pregnancy) anaa badwoa no betumi asian akɔtɔ awotwaa no mu. Sɛ badwoa no kɔtɔ awotwaa no mu bere a IUD no hyɛ hɔ a, ɛremma badwoa a nkwa aba mu no ntumi ntena awotwaa no mu, na ɛremma nyinsɛn no nyin sɛnea ɛsɛ. Sɛ IUD no ma abofra a ɔhyɛ awotwaa mu no nkwa so twa saa a, ɛte sɛ nea obi ayi nyinsɛn agu. Ɔwɛn-Aban no de asɛm no baa awiei sɛ: “Sɛ Kristoni a ɔwɔ koma pa pɛ sɛ ohu sɛ ɛfata sɛ ɔde IUD no yɛ adwuma anaa ɛmfata a, ɛsɛ sɛ ɔma asɛm a Bible ka sɛ yemmu nkwa sɛ ɛyɛ kronkron no boa no ma osusuw asɛm no ho yiye.”​—Dw. 36:9.

Efi afe 1979 a Ɔwɛn-Aban no kaa saa asɛm no, nyansahufo anaa nnuruyɛfo anya nimdeɛ foforo bi?

Efi saa bere no, wɔanya IUD ahorow mmienu aka nea na ɛwɔ hɔ no ho. Eduu afe 1988 no, na IUD baako aba a kɔbere wom, na na wɔde di dwuma paa wɔ United States. Afei nso, IUD baako a epuw ahoɔdennuru gu nipadua mu baa gua so afe 2001. Dɛn na yenim fa sɛnea IUD mmienu yi yɛ adwuma ho?

Kɔbere: Sɛnea yɛadi kan aka no, ɛte sɛ nea IUD ma ɛyɛ den sɛ nkwaboaa a efi ɔbarima ho no bɛfa awotwaa no mu akodu baabi a badwoa no da. Afei nso, ɛte sɛ nea kɔbere a ɛwɔ IUD no mu no yɛ awuduru ma nkwammoaa no, na etumi kum wɔn. * Bio nso, wɔkyerɛ sɛ ade a edura awotwaa no mu no, IUD no tumi ma nsakrae ba mu.

Ahoɔdennuru: IUD ahorow bi wɔ hɔ a, ahoɔdennuru a ɛwɔ mu no, ɛte sɛ nea ɛwɔ nnuru (pills) a wɔnom de siw awo ano no mu. Saa IUD ahorow no puw ahoɔdennuru gu awotwaa no mu. Ɛte sɛ nea saa IUD no mma mmea bi nto nkesua anaa mmadwoa. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ ɔbea bi anto mmadwoa a, ɛnde biribiara nni hɔ a nkwaboaa a efi ɔbarima ho no bɛkɔ akɔhyɛ mu ama nkwa aba mu. Nea yɛaka yi nyinaa akyi no, wɔkyerɛ sɛ ahoɔdennuru a ɛwɔ saa IUD no mu no, ɛma ade a edura awotwaa mu no yɛ hatahata. * Afei nso, ɛma amamman a ɛwɔ awotwaa no ano dɔɔso, enti esiw nkwaboaa a efi ɔbea anan mu rekɔ awotwaa no mu no kwan. Adwuma a IUD weinom yɛ no sen adwuma a nea wɔde rɔba ayɛ no yɛ koraa.

Sɛnea yɛadi kan ahu no, ɛte sɛ nea IUD foforo mmienu no nyinaa ma nsakrae bi ba ade a edura awotwaa mu no mu. Na ɛkɔba sɛ ɔbea no tow kesua anaa badwoa na nkwaboaa a efi ɔbarima ho kɔhyɛ mu ma nkwa ba mu nso ɛ? Ebetumi akɔtɔ awotwaa no mu, nanso ebia ɛrentumi ntena mu efisɛ ade a edura awotwaa no mu no ayɛ hatahata. Ɛba saa a, ɛbɛma nyinsɛn no asɛe mfiase no ara. Nanso, wɔkyerɛ sɛ enya bɛtɔ awotwaa no mu a, ɛnyɛ bere nyinaa na nyinsɛn no sɛe, sɛnea ɛtɔ bere bi a wɔn a wɔnom nnuru (pills) de siw awo ano no nso, etumi tow fa ho no.

Enti, obiara nni hɔ a obetumi asi no pi sɛ IUD a kɔbere anaa nea ahoɔdennuru wom no hyɛ obi a ɔrentumi nyinsɛn da. Nanso nyansahufo kyerɛ sɛ esiane nneɛma a IUD foforo no tumi yɛ a yɛaka ho asɛm no nti, sɛ obi hyɛ IUD a ɛte saa no bi a ɛntaa nsi sɛ obenyinsɛn.

Sɛ awarefo a wɔyɛ Kristofo resusuw ho sɛ wɔde IUD bi bɛyɛ adwuma a, wobetumi ne oduruyɛfo bi a onim IUD no ho adwuma asusuw ho, na wakyerɛ wɔn nea wobenya wɔ baabi a wɔte no. Afei nso, obetumi akyerɛ wɔn ɛso mfaso ne ɔhaw a ebetumi de aba ɔbea no so. Ɛnsɛ sɛ awarefo no hwɛ kwan sɛ obi bɛkyerɛ wɔn nea wɔnyɛ, saa ara na ɛnsɛ sɛ wɔma obi anaa oduruyɛfo mpo kyerɛ wɔn nea wɔnyɛ. (Rom. 14:12; Gal. 6:4, 5) Ɛyɛ awarefo no ankasa na ɛsɛ sɛ wosi ho gyinae. Sɛ awarefo no resi gyinae a, ɛsɛ sɛ wɔde si wɔn ani so sɛ wobesi gyinae a ɛsɔ Onyankopɔn ani na ama wɔakɔ so anya ahonim pa wɔ n’anim.​—Fa toto 1 Timoteo 1:18, 19; 2 Timoteo 1:3 ho.

^ nky. 4 England Man no Apɔwmuden Asoɛe bɔ amanneɛ sɛ: “Sɛ kɔbere no dɔɔso wɔ IUD no mu a, ɛkame ayɛ sɛ etumi yɛ adwuma yiye a enni huammɔ. Enti afe biara mmea 100 a wɔhyɛ IUD no, bɛyɛ emu baako pɛ na obenyinsɛn. Sɛ kɔbere no nnɔɔso wɔ IUD no mu a, ɛrentumi nyɛ adwuma yiye.

^ nky. 5 IUD a ahoɔdennuru wom no ma ade a edura awotwaa mu no yɛ hatahata. Enti mmea awarefo ne wɔn a wɔnwaree a wobu wɔn nsa a mogya tu wɔn kɛse paa no, ɛtɔ da a nnuruyɛfo ka kyerɛ wɔn sɛ wobetumi ahyɛ bi.