Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASETENAM NSƐM

Migyaw Biribiara Hɔ Kodii Owura no Akyi

Migyaw Biribiara Hɔ Kodii Owura no Akyi

“Sɛ wunnim na wutu wo nan fi fie ha kɔ asɛnka a, ensi ha bio. Wusi ha a, mebu wo nan mu.” Saa asɛm yi a me papa ka de hunahunaa me nti, meyɛɛ m’adwene sɛ mefi fie. Wei ne bere a mifii ase gyaw nneɛma hɔ kodii Owura no akyi. Saa bere no na madi mfe 16 pɛ.

DƐN na ɛkɔfaa saa asɛm yi bae? Ma menka nkyerɛ wo. Wɔwoo me July 29, 1929; minyinii akuraa bi ase wɔ Bulacan mantam mu wɔ Philippines. Esiane sɛ na sikasɛm nkɔ yiye nti, na nnipa a wɔwɔ hɔ no nni honam fam nneɛma pii. Bere a na meyɛ ɔbabun no, ɔko bi sii. Japan asraafo bɛtow hyɛɛ Philippines so. Nanso, na yɛn akuraa no wɔ akyiri kakra, enti ɔko no annu hɔ. Ná yenni radio ne television; atesɛm nkrataa nso, na yennya bi. Enti ɔko no ho nsɛm a na yɛte no, na yɛte no nkurɔfo ano.

M’awofo mma no, na yɛyɛ nwɔtwe; me na na meto so mmienu. Midii mfe nwɔtwe no, me nananom bɛfaa me kɔtenaa wɔn nkyɛn. Ɛwom sɛ na yɛyɛ Katolekfo deɛ, nanso na me nanabarima mpo ɔsom afoforo nkyerɛkyerɛ. Sɛ na ne nnamfo ma no ɔsom ho nhoma a, na ogye. Mekae sɛ ɔde nhomawa a wɔato din Protection, Safety, ne Uncovered a ɛwɔ Tagalog, * kasa mu, ɛne Bible kyerɛɛ me. Ná m’ani gye Bible akenkan ho, titiriw, Nsɛmpa nnan no. Ɛno maa m’ani begyee ho sɛ medi Yesu akyi.​—Yoh. 10:27.

MEYƐƐ M’ADWENE SƐ MEDI OWURA NO AKYI

Japan asraafo a wobegyee Philippines bɔɔ so no san kɔɔ wɔn kurom afe 1945. Saa bere no, m’awofo kae sɛ mensan mmra wɔn nkyɛn. Me nanabarima nso hyɛɛ me nkuran sɛ menkɔ. Enti mekɔe.

Wei akyi bere tiaa bi, December 1945 no, Yehowa Adansefo bi a wofi Angat bɛkaa asɛmpa no wɔ yɛn akuraa no ase. Ɔdansefo baako a n’ani afi baa yɛn fie, na ɔma yehuu nea Bible ka fa “nna a edi akyiri” no ho. (2 Tim. 3:1-5) Ɔtoo nsa frɛɛ yɛn sɛ yɛmmra baabi a wosua Bible wɔ akuraa bi a ɛbɛn yɛn ase. M’awofo ankɔ, nanso me deɛ, mekɔe. Nnipa bɛyɛ 20 na wohyiaam wɔ hɔ, na wɔn mu bi bisaa Bible mu nsɛm a wɔnte ase.

Mante nea na ɛrekɔ so no biara ase papa, enti meyɛɛ m’adwene sɛ mefi hɔ. Nanso, meyɛe sɛ merefi hɔ no ara na wofii ase sɛ wɔreto Ahenni dwom. Dwom no kaa me koma paa, enti mannya ankɔ. Bere a wɔtoo dwom no wiei na wɔbɔɔ mpae no, wɔtoo nsa frɛɛ yɛn a yɛahyiam wɔ hɔ nyinaa sɛ Kwasida a edi hɔ no, yɛmmra nhyiam bi wɔ Angat.

Yɛn mu pii nantew akwansin nnum (kilomita 8) ansa na yɛredu Cruz abusua no fie; ɛhɔ na yɛyɛɛ nhyiam no. Ná nnipa 50 na wɔahyiam wɔ hɔ. Nea m’ani gyee ho paa ne sɛ, Bible mu nsɛm a emu dɔ a na yɛresusuw ho no, mmofra a na wɔwɔ hɔ no mpo tumi maa mmuae. Mekɔɔ asafo nhyiam kakra no, da koro Onua Damian Santos kae sɛ memmra mmɛda ne fie anadwo bi. Ná ɔyɛ ɔkwampaefo a n’ani afi, na na wayɛ aban kuropɔn sohwɛfo pɛn. Saa anadwo no, yɛbɔɔ Bible ho nkɔmmɔ araa ma, yɛanna ntɛm.

Saa bere no, nokware a ɛwɔ Bible mu a yesuae no, yɛn mu pii gye toom ntɛm ara. Bere a mekɔɔ asafo nhyiam kakra no, anuanom bisaa me ne afoforo sɛ, “Mopɛ sɛ mobɔ asu anaa?” Mekae sɛ, “Aane, mɛbɔ.” Ná minim sɛ mepɛ sɛ ‘mesom Owura Kristo sɛ akoa.’ (Kol. 3:24) Enti February 15, 1946 no, yɛkɔɔ asubɔnten bi a ɛbɛn hɔ ho ma wɔbɔɔ yɛn mu mmienu asu.

Yɛbɔɔ asu bɛyɛɛ Kristofo no, yehui sɛ ɛsɛ sɛ yɛka asɛmpa no daa sɛnea Yesu yɛe no. Saa a meyɛe no, anyɛ me papa dɛ, enti ɔkae sɛ, “Wusua dodo sɛ wobɛka nsɛmpa. Ɛno da nkyɛn a, sɛ wɔde wo hyɛ nsu mu a ɛnkyerɛ sɛ woyɛ ɔsɛmpakafo.” Meka kyerɛɛ no sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ yɛka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no. (Mat. 24:14) Meka kaa ho sɛ, “Mahyɛ Onyankopɔn bɔ, na ehia sɛ midi so.” Sɛnea mekaa ho asɛm mfiase no, saa bere yi na me papa hunahunaa me no. Nokwasɛm ne sɛ, na wawe ataa so sɛ ɔremma menkɔ asɛnka bio. Wei ne bere a edi kan a mifii ase gyaw nneɛma hɔ kɔyɛɛ Onyankopɔn som adwuma.

Cruz abusua no maa me kɔtenaa wɔn nkyɛn wɔ Angat. Wɔsan nso hyɛɛ me ne wɔn babea kumaa, Nora, nkuran sɛ yɛnyɛ akwampae adwuma. November 1, 1947 no, yɛn mmienu nyinaa fii akwampae adwuma ase. Nora kɔyɛɛ akwampae adwuma no wɔ kurow foforo so, na me deɛ, mekɔɔ so ara boa ma wɔyɛɛ asɛnka adwuma no wɔ Angat.

MINYAA HOKWAN FOFORO GYAW BIRIBIARA HƆ

Bere a meyɛɛ akwampae adwuma mfe mmienu ne akyiri no, onua bi a ɔyɛ adwuma wɔ Betel a ne din de Earl Stewart maa ɔkasa wɔ baabi a ɔmanfo hyiam wɔ Angat. Nnipa bɛboro 500 na wotiee ɔkasa no. Ɔmaa ɔkasa no wɔ Borɔfo mu, na ɛno akyi no, mebɔɔ no mua wɔ Tagalog kasa mu. Mekɔɔ sukuu mfe nson pɛ, nanso Borɔfo na na yɛn akyerɛkyerɛfo no taa de kyerɛ yɛn ade. Ade foforo a ɛboaa me ma metee Borɔfo ne sɛ na yenni Bible ho nhoma pii wɔ Tagalog kasa mu. Enti nhoma a misuae no, na emu pii wɔ Borɔfo kasa mu. Wei ma metee Borɔfo kasa no kakra, na ɛno na ɛboaa me ma mitumi kyerɛɛ saa kasa no ase. Akyiri yi, mekyerɛɛ ɔkasa afoforo nso ase.

Ɛda a mekyerɛɛ Onua Stewart kasa ase no, ɔbɔɔ yɛn asafo no amanneɛ sɛ akwampaefo mmarima a wɔwɔ asafo no mu no, Betel behia wɔn mu baako anaa mmienu ama wɔakɔyɛ adwuma wɔ hɔ. Ná asɛmpatrɛwfo rebɛkɔ Teokrase Nkɔso Nhyiam wɔ New York, U.S.A., afe 1950. Ná akwampaefo a wɔrefrɛ wɔn akɔ Betel no rekosi wɔn ananmu ayɛ adwuma. Meka wɔn a wɔfrɛɛ wɔn no ho. Mesan gyaw fie ne nnamfo hɔ, na saa bere yi deɛ, na merekɔyɛ adwuma wɔ Betel.

Miduu Betel June 19, 1950, na mifii ase yɛɛ adwuma. Ná Betel sõ, na na ɛyɛ ɔdan dedaw bi a nnua atwa ho ahyia; na esi asase a ne kɛse yɛ ahama mmienu ne fã (hɛkta 1) so. Anuanom mmarima a wɔnwaree bɛyɛ dumien na na wɔyɛ adwuma wɔ hɔ. Anɔpa biara na mekɔyɛ adwuma wɔ gyaade. Afei ɛbɔ bɛyɛ anɔpa nnɔnkron a, na mekɔtow ntade. Edu awia nso a, saa ara. Bere a asɛmpatrɛwfo no san fii amanaman ntam nhyiam bae mpo no, mekɔɔ so yɛɛ adwuma wɔ Betel. Ná mekyekyere nsɛmma nhoma de mena. Ná meyɛ nsɛmma nhoma a nkurɔfo kra nso ho adwuma, na na migye ahɔho nso. Adwuma biara a wɔde maa me sɛ menyɛ no, meyɛe.

MIFII PHILIPPINES KƆƆ GILEAD SUKUU

Afe 1952 no, wɔfrɛɛ me ne anuanom nsia fii Philippines sɛ yɛmmra Gilead Sukuu adesuakuw a ɛto so 20 no bi. M’ani gyei paa. Nneɛma a yehui wɔ United States ne nea yɛfaa mu pii no, na ɛyɛ foforo ma yɛn koraa, na na yenhuu bi da. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ na mede toto nneɛma a ɛwɔ yɛn akuraa ketewaa no ase ho a, na ɛyɛ soronko koraa.

Me ne me mfɛfo sukuufo wɔ Gilead

Ebi ne sɛ, na ɛsɛ sɛ yesua sɛnea yɛde nkyɛnsee ne abɛɛfo mfiri a yɛde yɛ ade wɔ fie a yenhuu bi da di dwuma. Ewim tebea nso a, yɛnna nka, na ɛyɛ soronko koraa! Da koro anɔpa a mesɔree no, menkɔhwɛ a, wiase nyinaa na ayɛ fitaa fɛfɛɛfɛ yi. Wei ne bere a edi kan a mihuu sukyerɛmma. Afei mihui sɛ awɔw wom; na awɔw wom papaapa!

Nanso, mehwɛ ntetee a na merenya wɔ Gilead ne ɛho anigye a, saa nsakrae no deɛ, ɛyɛ nkyene a na ayera mu. Akwan a akyerɛkyerɛfo no faa so kyerɛɛ ade no, na etu mpɔn paa. Yehuu akwan pa a yɛfa so sua ade ne sɛnea yɛyɛ nhwehwɛmu. Anokwa, ntetee a minyae wɔ Gilead no, ɛboaa me ma mebɛn Yehowa paa.

Miwiee Gilead no, wɔma mekɔyɛɛ ɔkwampaefo titiriw bere tiaa bi wɔ Bronx, New York City. Ɛno ma mitumi kɔɔ Wiase Foforo Asafo Ɔmantam Nhyiam no bi July 1953. Wɔyɛɛ nhyiam no wɔ Bronx hɔ ara. Yewiee nhyiam no, mesan baa Philippines ma wɔmaa me dwumadi foforo.

MIGYAW KUROW KƐSE MU ASETENA PA HƆ

Anuanom a wɔwɔ Betel no ka kyerɛɛ me sɛ, “Seesei wobɛkɔ akɔyɛ ɔmansin sohwɛfo.” Ná ɛno bɛma manya hokwan foforo adi Owura no anammɔn akyi ankasa. Owura no tutuu akwan kɔɔ nkurow akɛse ne nketewa so kɔboaa Yehowa nguan. (1 Pet. 2:21) Wɔma mekɔyɛɛ adwuma wɔ Luzon mfinimfini fam; na ɔmansin no asasesin sõ paa. Luzon na ɛyɛ supɔw a ɛso paa wɔ Philippines. Ná Bulacan, Nueva Ecija, Tarlac, ne Zambales yɛ amantam a ɛka saa ɔmansin no ho. Sɛ mepɛ sɛ mekɔ nkurow no bi so a, na ɛsɛ sɛ meforo Sierra Madre Mmepɔw no; na abo tintim so. Ná bɔs anaa trotro nkɔ hɔ, enti na mesrɛ drɔbafo a wɔde wɔn lɔre akɛse twe nnua ma metena nnua no so. Mpɛn pii no, na wɔma me tena so, nanso na ɛso tena yɛ yaw paa.

Asafo ahorow a ɛwɔ hɔ no, na dodow no ara yɛ foforo, na na adawurubɔfo a ɛwom nnɔɔso. Enti bere a meboaa anuanom ma wɔyɛɛ asafo nhyiam ne asɛnka ho nhyehyɛe yiye no, wɔn ani sɔe paa.

Akyiri yi wɔde me kɔɔ ɔmansin foforo mu. Ná Bicol ɔmantam no nyinaa wɔ saa asasesin no mu. Ná akuw dɔɔso paa wɔ ɔmansin no mu; nsasesin a na wɔnkaa asɛmpa no wɔ hɔ da no, na akwampaefo titiriw reyɛ asɛnka adwuma no wɔ hɔ. Ofie baako a mekɔsoɛɛ mu deɛ, agyananbea baako pɛ a na ɛwɔ hɔ no, na ɛyɛ amena a nnua mmienu gu so. Bere a mitiaa nnua no so no, ebuu me guu mu. Ɛkyɛe paa ansa na meretumi ahohoro me ho akodidi saa anɔpa no!

Bere a meresom saa ɔmansin no na mifii ase dwinnwen Nora ho. Ná Nora afi akwampae adwuma ase wɔ Bulacan. Saa bere yi deɛ, na ɔyɛ ɔkwampaefo titiriw wɔ Dumaguete City, na mekɔɔ hɔ kɔsraa no. Ɛno akyi no, yedii nkitaho kakra, na yɛwaree afe 1956. Nnawɔtwe a edi yɛn ayeforohyia akyi no, yɛkɔsraa asafo bi wɔ Rapu Rapu Island. Ná yɛforo mmepɔw, na na yɛnantew paa. Nanso yɛn ani gyei paa sɛ yɛkɔsom yɛn nuanom a wɔwɔ mmeae a atew ne ho no sɛ awarefo!

WƆSAN FRƐƐ ME KƆƆ BETEL

Bere a me ne me yere yɛɛ ɔmansin adwuma bɛyɛ mfe nnan no, wɔfrɛɛ yɛn ma yɛkɔsomee wɔ Betel. Enti January 1960 na yefii Betel adwuma a yɛde mfe pii ayɛ no ase. Besi nnɛ, masua nneɛma pii afi anuanom a asɛyɛde a emu yɛ duru hyehyɛ wɔn nsa a me ne wɔn ayɛ adwuma no hɔ. Nora nso ayɛ adwuma ahorow pii wɔ Betel.

Merema ɔkasa wɔ nhyiam ase; onua bi rekyerɛ ase akɔ Cebuano mu

Esiane sɛ mesom wɔ Betel nti, manya nhyira efisɛ mahu nkɔsɔ kɛse a aba Onyankopɔn som mu wɔ Philippines. Mebaa Betel foforo a meyɛ aberante a menwaree no, ɔman mũ no nyinaa na adawurubɔfo bɛyɛ 10,000 na wɔwɔ mu. Ɛnnɛ, adawurubɔfo bɛboro 200,000 na wɔwɔ Philippines. Anuanom 435 nso reyɛ adwuma wɔ Betel de aboa adwuma a ɛho hia a ɛne asɛnka adwuma no.

Bere rekɔ so no, adwuma no mu trɛwee. Afei na anuanom a wɔyɛ adwuma wɔ Betel no akyere so wɔ hɔ. Ɛno nti, Akwankyerɛ Kuw no ka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛmpɛ asase na yensi Betel foforo a ɛso sen kan deɛ no. Me ne onua a ɔhwɛ beae a wotintim nhoma so no kɔɔ afie a ɛwɔ Betel mpɔtam hɔ. Yebisaa wɔn sɛ obi wɔ asase anaa adan a ɔretɔn anaa. Ná obiara nni hɔ a ɔretɔn ne deɛ. Asasewura baako mpo deɛ, ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ: “Yɛn Chinafo deɛ, yɛtɔ na yɛntɔn.”

Merekyerɛ Onua Albert Schroeder kasa ase

Nanso da koro a yɛn ani nna no, asase wura bi bisaa yɛn sɛ yɛbɛtɔ n’asase anaa; na ɔretu akɔ United States. Wei maa nsɛm foforo sisii a na ɛyɛ nwonwa. Obi foforo a ɔte mpɔtam hɔ yɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛtɔn ne deɛ, na ɔka kyerɛɛ afoforo a wɔwɔ mpɔtam hɔ sɛ wɔn nso nyɛ saa ara. Ɔbarima a ɔkae sɛ “Yɛn Chinafo deɛ, . . . yɛntɔn” no mpo, yetumi tɔɔ n’asase no. Bere tiaa mu no, na Betel asase no abu abɔ ho bɛboro mmiɛnsa. Migye di paa sɛ Yehowa Nyankopɔn na ɔmaa yɛn nsa kaa weinom nyinaa.

Afe 1950 no, anuanom a wɔwɔ Betel nyinaa, me na na misua koraa. Ɛnnɛ, me ne me yere na yɛanyin paa wɔ hɔ. Minnuu me ho sɛ madi Owura no akyi akɔ baabi a ɔkae sɛ menkɔ. Ɛwom, m’awofo pam me fii fie, nanso Yehowa ama manya abusua kɛse a emufo yɛ me nuanom Kristofo. Migye di paa sɛ, ɛmfa ho adwuma biara a Yehowa de bɛhyɛ yɛn nsa no, ɔbɛma yɛn nsa aka nea yehia biara. Me ne Nora da Yehowa ase paa wɔ nneɛma a wayi ne yam de ama yɛn no ho, na yɛhyɛ afoforo nkuran sɛ wɔn nso nsɔ Yehowa nhwɛ.​—Mal. 3:10.

Bere bi Yesu too nsa frɛɛ towgyeni bi a ne din de Mateo a wɔsan frɛ no Lewi. Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Bedi m’akyi.” Dɛn na Mateo yɛe? “Ogyaw biribiara hɔ sɔre dii [Yesu akyi].” (Luka 5:27, 28) Me nso manya hokwan a ɛte saa, na mede anigye hyɛ afoforo nkuran sɛ wɔn nso nyɛ saa ara na wonnya nhyira pii.

Ɛyɛ me anigye sɛ nkɔso a aba Philippines no, merenya mu kyɛfa

^ nky. 6 Yehowa Adansefo na wotintimii nanso seesei de, wɔagyae tintim.