Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mmabun—‘Monkɔ So Nyɛ Mo Ankasa Nkwagye Ho Adwuma’

Mmabun—‘Monkɔ So Nyɛ Mo Ankasa Nkwagye Ho Adwuma’

“Sɛnea mutie bere nyinaa . . . no, monkɔ so mfa osuro ne ahopopo nyɛ mo ankasa nkwagye ho adwuma.”​—FILIP. 2:12.

NNWOM: 133, 135

1. Adɛn nti na ɛho hia paa sɛ wobɔ asu? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

AFE biara Bible asuafo mpempem bɔ asu. Bebree yɛ mmabun a wonnya nnii mfe 20, na ebinom mpo deɛ, wonnya nnii mfe 13. Ebia wɔtetee wɔn wɔ nokware no mu. Woka ho bi anaa? Ɛnde, wofata nkamfo. Ɛsɛ sɛ Kristoni biara bɔ asu, na ɛyɛ anammɔn a ehia sɛ obi tu na ama wanya nkwagye.​—Mat. 28:19, 20; 1 Pet. 3:21.

2. Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ wusuro sɛ wobɛbɔ asu anaa wupia to nkyɛn?

2 Wobɔ asu a, ɛma wunya nhyira pii deɛ, nanso asɛyɛde bata ho. Adɛn nti na yɛreka saa? Ɛda a worebɔ asu no, ɔkasafo no bisaa wo asɛm bi ma wuyii ano sɛ yiw. Obisae sɛ, “Yesu Kristo afɔrebɔ no nti, woanu wo ho wɔ wo bɔne ho, na woahyira wo ho so ama Yehowa sɛ wobɛyɛ n’apɛde anaa?” Asu a wobɔe no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ woahyira wo ho so. Wuhyiraa wo ho so no, wufi wo komam hyɛɛ Yehowa bɔ sɛ wobɛdɔ no, na wode n’apɛde bedi kan wɔ biribiara mu. Ɛyɛ bɔhyɛ a emu yɛ duru. Ɛsɛ sɛ wunu wo ho sɛ wohyɛɛ saa bɔ no anaa? Dabi, ɛnsɛ sɛ wunu wo ho da. Sɛ wode wo ho hyɛ Yehowa nsa a, na wontoo wo ho nkyenee koraa. Sɛ nso woamfa wo ho anhyɛ Yehowa nsa a, wo deɛ, hwɛ baabi a anka wowɔ! Obi a onnim Yehowa no, ɔhyɛ Satan nniso ase. Wo nkwagye ho nhia Ɔbonsam. Anokwa, sɛ wokɔka Satan ho na mopo Yehowa tumidi ma daa nkwa bɔ wo a, n’ani begye sɛ.

3. Sɛ wuhyira wo ho so ma Yehowa a, nhyira bɛn na wubenya?

3 Esiane sɛ woankɔ Satan afã na wuhyiraa wo ho so bɔɔ asu bɛyɛɛ Kristoni yi nti, hwɛ nhyira a woanya. Seesei a wode wo ho ama Yehowa no, saa bere yi paa na wubetumi de ahotoso aka sɛ: “Yehowa wɔ m’afã; merensuro. Dɛn na onipa desani betumi ayɛ me?” (Dw. 118:6) Wubenya sɛ wugyina Onyankopɔn afã na woanya n’anim dom? Hokwan biara nni hɔ a ɛsen saa.

ANKORANKORO ASƐYƐDE

4, 5. (a) Adɛn nti na yebetumi aka sɛ, sɛ obi pɛ sɛ ohyira ne ho so a, ɛyɛ ɔno ara n’asɛm? (b) Ɔhaw ahorow bɛn na nnipa nyinaa hyia?

4 Woyɛ Kristoni a woabɔ asu a, wo ne Yehowa abusuabɔ nte sɛ nsu a wonom anaa kanea a wosɔ wɔ fie a w’awofo na wotua ho ka no. Sɛ woda so ne w’awofo na ɛte mpo a, wo nkwagye deɛ, wo ara na ɛsɛ sɛ woyɛ ho adwuma. Adɛn nti na ehia sɛ woma saa asɛm yi tena wo tirim? Efisɛ ɛnyɛ bere nyinaa na wubetumi ahu ɔhaw a ɛbɛba w’akwan mu daakye. Nhwɛso bi ni. Ebia wobɔɔ asu no, na wunnya nnii mfe dumiɛnsa. Sɛ wudu wo mmeranteberem anaa wo mmabaaberem a, wubetumi anya atenka anaa akɔnnɔ foforo, na ɔhaw a wuhyia nso bɛsesa. Ababaa bi kae sɛ: “Sɛ abofra bi kɔ sukuu na obi redi n’awoda na wanni keeki a wɔrekyekyɛ no bi a, ɛntaa mma sɛ ɛno ara nti ne bo befuw sɛ ɔyɛ Yehowa Dansefo. Nanso, mfe kakra akyi sɛ nna ho akɔnnɔ mu yɛ den wɔ ne mu a, saa bere no na ɛsɛ sɛ ogye di paa sɛ, Yehowa mmara a obedi so na ɛbɛma asi no yiye bere nyinaa.”

5 Nokwarem no, ɛnyɛ mmabun nko na wohyia ɔhaw foforo. Wɔn a wɔbɔɔ asu na wɔanyinyin mpo no, wohyia wɔn gyidi ho sɔhwɛ pii a wɔnhwɛ kwan. Ebi yɛ aware mu deɛ, ebi fa apɔwmuden anaa adwuma ho. Nokwasɛm ne sɛ, ɛmfa ho mfe a obi adi no, obiara behyia tebea ahorow bi a ebehia sɛ odi Yehowa nokware.​—Yak. 1:12-14.

6. (a) Sɛ woahyira wo ho so sɛ wobɛsom Yehowa a, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ biribi foforo biara ma wosan w’akyi? (b) Asɛm a ɛwɔ Filipifo 4:11-13 no, dɛn na wubetumi asua afi mu?

6 Mma wo werɛ mmfi da sɛ woahyɛ Yehowa bɔ sɛ nea ebesi biara wobɛkɔ so asom no. Ɛno kyerɛ sɛ woaka akyerɛ amansan Hene no sɛ, sɛ mpo wo nnamfo anaa w’awofo gyae Yehowa som a, wo deɛ wobɛkɔ so asom no. (Dw. 27:10) Tebea biara mu no, wubetumi asrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo mma wunni ɛbɔ a woahyɛ sɛ wobɛsom no no so.​—Kenkan Filipifo 4:11-13.

7. “Osuro ne ahopopo” a wode bɛyɛ w’ankasa nkwagye ho adwuma no kyerɛ sɛn?

7 Yehowa pɛ sɛ ɔfa wo adamfo. Nanso, gye sɛ wobɔ wo ho mmɔden na ama woakɔ so ayɛ Yehowa adamfo, na woatumi ayɛ w’ankasa nkwagye ho adwuma. Nokwarem no, Filipifo 2:12 ka sɛ: “Monkɔ so mfa osuro ne ahopopo nyɛ mo ankasa nkwagye ho adwuma.” Saa asɛm no kyerɛ sɛ, ehia sɛ wuhu nea wobɛyɛ na ama wo ne Yehowa adamfofa no akɔ so ayɛ kama, na woakɔ so adi no nokware ɛmfa ho nea ɛbɛba biara. Ɛnsɛ sɛ wugye wo ho di dodo. Onyankopɔn asomfo bi a wɔde mfe pii asom no mpo atwe wɔn ho afi ne ho. Enti, dɛn na wobɛyɛ na aboa wo ama woayɛ w’ankasa nkwagye ho adwuma?

EHIA SƐ WUSUA BIBLE

8. Sɛ woresua ade a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? Adɛn nti na ɛho hia?

8 Yɛne Yehowa adamfofa yɛ baanu nkɔmmɔ; yetie no, na yɛne no kasa. Ɔkwan titiriw a yɛfa so tie Yehowa ne sɛ yɛn ankasa besua Bible. Nea ɛkyerɛ ne sɛ, yɛbɛkenkan Onyankopɔn Asɛm ne Bible ho nhoma adwinnwen ho na ama yɛanya nimdeɛ. Nanso, kae sɛ woresua Bible a, ɛnyɛ ɛno ara ne sɛ wobɛkyere nsɛm agu wo tirim. Ɛnsɛ sɛ wofa no sɛ worekyere nsɛm agu wo tirim akɔkyerɛw sukuu sɔhwɛ. Adesua a mfaso wɔ so te sɛ nea woretu kwan akɔhwehwɛ Yehowa ho nsɛm bi a wunnim. Woyɛ saa a, ɛbɛboa wo ama woabɛn Onyankopɔn, na ɔno nso bɛbɛn wo.​—Yak. 4:8.

Wo ne Yehowa di nkitaho yiye? (Hwɛ nkyekyɛm 8-11)

9. Nneɛma bɛn na wode asua ade ama aboa wo?

9 Yehowa ahyehyɛde no ayɛ nneɛma pii a ɛbɛboa wo ama woatumi asua ade yiye. Ebi ni. Wohwɛ “Dwumadi a Yɛde Sua Bible” a ɛwɔ jw.org “Mmabun” afã hɔ a, ebetumi aboa wo ama woanya asuade pii afi Bible mu nsɛm mu de abɔ wo bra. Afei nso, wohwɛ jw.org Borɔfo afã hɔ a, wɔayɛ nneɛma a ɛma yetumi de “Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?” nhoma no sua ade yiye. Ebetumi aboa wo ama w’adwene asi wo pi wɔ nneɛma a wugye di ho. Saa nneɛma a yɛde sua ade no betumi aboa wo ama woahu sɛnea wobɛkyerɛkyerɛ nea wugye di mu akyerɛ afoforo. Sɛ wohwɛ Nyan!, April 2009, Borɔfo deɛ no mu a, wubenya adesua ho nyansahyɛ foforo. Asɛm bi wɔ hɔ a wɔato din “Young People Ask . . . How Can I Make Bible Reading Enjoyable?” (Mmofra Bisa Sɛ . . . Mɛyɛ Dɛn Ama Me Bible Akenkan Ayɛ Anigye?) Sɛ wusua ade dwinnwen ho a, ɛbɛboa wo paa ama woayɛ w’ankasa nkwagye ho adwuma.​—Kenkan Dwom 119:105.

EHIA SƐ WOBƆ MPAE

10. Adɛn nti na ehia sɛ Kristoni a wabɔ asu bɔ mpae?

10 Ɔkwan baako a yɛfa so tie Yehowa ne sɛ yɛn ankasa besua ade, na mpaebɔ nso yɛ ɔkwan a yɛfa so ne no kasa. Ɛnsɛ sɛ Kristoni bi nya adwene sɛ mpaebɔ yɛ adeyɛ bi a mfaso nni so; saa ara na ɛnsɛ sɛ ɔfa no sɛ ɛyɛ ‘bansere anaa sɛbɛ bi a ɛbɔ nnipa ho ban’ a ɛbɛma nea ɔyɛ biara asi no yiye. Mmom, mpaebɔ yɛ ɔkwan ankasa a yɛfa so ne Ɔbɔadeɛ no di nkitaho. Yehowa sɛ ɔte wo nka. (Kenkan Filipifo 4:6.) Dadwen biara a ɛbɛba abɛtɔ wo so no, afotu pa a Bible de ma wo ne sɛ “dan w’adesoa to Yehowa so.” (Dw. 55:22) Wugye saa asɛm no di paa? Anuanom mmarima ne mmea ɔpepem pii betumi aka akyerɛ wo sɛ saa afotu no aboa wɔn. Wo nso, ebetumi aboa wo!

11. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ woda Yehowa ase bere nyinaa?

11 Ɛnyɛ bere a yehia Yehowa mmoa nko ara na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae. Bible ka sɛ: “Monkyerɛ nneɛma ho anisɔ.” (Kol. 3:15) Ɛtɔ da a ɔhaw a yɛrehyia betumi ahyɛ yɛn so araa ma anhwɛ a yɛrenhu mpo sɛ yɛwɔ nhyira pii. Adɛn nti na womfa nyɛ wo botae sɛ anyɛ yiye koraa no da biara wubedwinnwen nneɛma mmiɛnsa a wubetumi akyerɛ ho anisɔ ho? Afei, bɔ mpae na da Yehowa ase wɔ saa nneɛma no ho. Abigail yɛ ababaa a ɔbɔɔ asu no na wadi mfe 12. Ɔka sɛ: “Mete nka sɛ Yehowa na ɛfata sɛ yɛda no ase sen obiara wɔ amansan yi mu. Ɛsɛ sɛ yɛda no ase bere biara wɔ nneɛma a ɔde akyɛ yɛn no ho. Bere bi metee asɛm bi a m’ani gyee ho paa. Ɛne sɛ: Sɛ yɛbɛda asɔre ɔkyena na nneɛma a yɛanna Yehowa ase wɔ ho nnɛ no nyinaa nni hɔ a, dɛn na anka ɛbɛka ama yɛn?”

OSUAHU SO MFASO

12, 13. Yehowa papayɛ a w’ankasa woaka ahwɛ no, adɛn nti na ehia sɛ wudwinnwen ho?

12 Ɔhene Dawid a ɔtenaa ase tete no faa sɔhwɛ a emu yɛ den pii mu, nanso Yehowa gyee no. Dawid na ɔkaa asɛm a edi hɔ yi: “Monka nhwɛ na munhu sɛ Yehowa ye; anigye ne ɔbarima a oguan toa no.” (Dw. 34:8) Saa kyerɛwsɛm no ma yehu sɛ mfaso wɔ so sɛ w’ankasa wobɛka Yehowa papayɛ ahwɛ. Sɛ wokenkan Bible ne yɛn Bible ho nhoma ahorow na wokɔ Kristofo nhyiam a, wuhu anaa wote sɛnea Onyankopɔn aboa afoforo ama wɔakɔ so adi nokware ho nsɛm a ɛhyɛ nkuran pii. Nanso, bere a wo gyidi reyɛ den wɔ Yehowa som mu no, ehia sɛ wutumi hu sɛnea Yehowa reboa wo. W’ankasa woaka Yehowa papayɛ ahwɛ anaa?

13 Kristofo nyinaa aka Yehowa papayɛ ahwɛ wɔ ɔkwan bi so. Ɛne sɛ Onyankopɔn ato nsa afrɛ yɛn sɛ yɛmmra ɔne ne Ba no nkyɛn. Yesu kae sɛ: “Obiara ntumi mma me nkyɛn gye sɛ Agya a ɔsomaa me no twe no.” (Yoh. 6:44) Wuhu sɛ saa asɛm no fa wo ho anaa? Ebia aberante anaa ababaa bi bɛka sɛ, ‘M’awofo na Yehowa twee wɔn, na me deɛ, midi wɔn akyi kɛkɛ.’ Nanso, bere a wuhyiraa wo ho so maa Yehowa na wobɔɔ asu no, wodaa no adi sɛ wo ne no abenya abusuabɔ a edi mũ. Enti seesei Yehowa nim wo paa. Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Sɛ obi dɔ Onyankopɔn a, ɔno nso nim no.” (1 Kor. 8:3) Hokwan a Yehowa de ama wo wɔ n’ahyehyɛde mu no, ma w’ani nsɔ na ɛnsom bo mma wo bere nyinaa.

14, 15. Ɔkwan bɛn so na asɛnka adwuma no betumi aboa wo ama woahyɛ wo gyidi den?

14 Ɔkwan foforo wɔ hɔ a wubetumi afa so aka Yehowa papayɛ ahwɛ. Ɛne sɛ, ɔbɛhyɛ wo den ama woaka wo gyidi ho asɛm akyerɛ afoforo. Sɛ wowɔ asɛnka mu oo, sukuu mu oo, obetumi aboa wo ama woayɛ saa. Ɛyɛ den ma ebinom sɛ wɔbɛka asɛmpa no akyerɛ wɔn atipɛnfo wɔ sukuu mu. Ebia woahu nea enti a ɛte saa, efisɛ wunnim sɛnea wo sukuufo no bɛyɛ wɔn ade. Ebetumi ayɛ den paa sɛ wobɛka asɛmpa no akyerɛ nnipadɔm bi asen sɛ wobɛka akyerɛ sukuuni baako. Dɛn na ebetumi aboa wo?

15 Nea edi kan, nea enti a wugye di paa sɛ wo gyidi wɔ nnyinaso no, dwinnwen ho. Nneɛma a yɛde sua ade a ɛwɔ jw.org no, ebi wɔ wo kasa mu anaa? Sɛ wunnim a, tɔ wo bo ase hwehwɛ. Wɔayɛ no sɛnea ɛbɛboa wo ama woadwinnwen nea wugye di ho, nea enti wugye di, ne sɛnea wubetumi akyerɛkyerɛ nea wugye di no mu akyerɛ afoforo. Sɛ w’adwene si wo pi paa wɔ nea wugye di ho na wunim sɛnea wobɛkyerɛkyerɛ mu yiye a, ɛbɛkanyan wo ama woadi Yehowa din ho adanse.​—Yer. 20:8, 9.

16. Dɛn na ebetumi aboa wo ama woanya akokoduru de aka wo gyidi ho asɛm akyerɛ afoforo?

16 Nanso nea wugye di no, sɛ wubetumi akyerɛkyerɛ mu yiye mpo a, ebia wobɛtwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛka ho asɛm akyerɛ afoforo. Onuawa bi a wadi mfe 18 bɔɔ asu no na wadi mfe 13. Ɔka sɛ: “Minim nea migye di, nanso ɛtɔ da a ɛyɛ den sɛ mɛkyerɛkyerɛ mu.” Dɛn na ɔyɛ de di saa ɔhaw no so? Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɛyɛ a mempere me ho. Ɛnyɛ den mma me sukuufo sɛ wɔbɛbɔ nneɛma a wɔyɛ ho nkɔmmɔ. Me nso, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ den ma me sɛ mɛyɛ saa. Enti sɛ wɔrebɔ nkɔmmɔ a, na maka asɛm bi atwam. Ɛyɛ a meka asɛm bi te sɛ, ‘Nnaano na mereka Bible mu asɛm akyerɛ obi, ɛnna . . .’ Afei na matoa m’asɛm so. Ɛwom, asɛm a ɛyɛ a midi kan ka no, ɛmfa Bible ho. Nanso mpɛn pii no, ɛyɛ a afoforo pɛ sɛ wohu sɛ, sɛ mereka Bible mu asɛm akyerɛ obi a, meyɛ no sɛn. Ɛtɔ da a wɔtow nsɛmmisa bi ma me. Bere a merefa saa kwan yi so nyinaa na ɛreyɛ mmerɛw ma me. Ɛno akyi no, ɛyɛ a m’ani gye paa!”

17. Adwene a wowɔ wɔ nea wugye di ho no, ɔkwan bɛn so na ɛbɛboa wo ama woaka ho asɛm akyerɛ afoforo?

17 Sɛ woma afoforo hu sɛ wubu wɔn na wudwen wɔn ho a, ɛrenyɛ den sɛ wɔn nso bɛyɛ saa. Olivia adi mfe 17; ɔbɔɔ asu no na onnya nnii mfe 13. Nea ɔkae ni: “Bere nyinaa ɛyɛ a misuro sɛ, sɛ me ne nkurɔfo rebɔ nkɔmmɔ na mede Bible ho asɛm ba mu a, wɔbɛka sɛ Bible adi me ti.” Nanso Olivia sesaa n’adwene; wamma ehu ankyekyere no. Mmom ɔkae sɛ: “Mmabun pii nnim Yehowa Adansefo ho hwee. Wonnim Adansefo foforo biara ka yɛn ho. Enti sɛnea yɛbɛyɛ yɛn ade no na ɛbɛkyerɛ sɛ wobetie asɛm a yɛka no anaasɛ wɔrentie. Sɛ fɛre anaa ehu nti, ɛyɛ den ma yɛn sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ nea yegye di mu akyerɛ afoforo anaa yɛrekasa a na yɛn ho repopo nso ɛ? Ɛba saa a, ebia wobenya adwene sɛ yɛfɛre sɛ yɛyɛ Adansefo. Esiane sɛ yenni ahotoso nti, anhwɛ a wɔbɛkasa atia yɛn mpo. Nanso, sɛ yɛtɔ yɛn bo ase de ahotoso ka yɛn gyidi ho asɛm kyerɛ wɔn, na yɛkasa sɛnea yɛbɔ nkɔmmɔ daa a, ɛbɛma ayɛ mmerɛw sɛ wobebu yɛn.”

KƆ SO YƐ W’ANKASA NKWAGYE HO ADWUMA

18. Dɛn na ehia sɛ woyɛ na ama woayɛ w’ankasa nkwagye ho adwuma?

18 Sɛnea yɛahu no, w’ankasa nkwagye ho adwuma a wobɛyɛ no yɛ asɛyɛde a emu yɛ duru. Nea ehia sɛ woyɛ no bi ne sɛ wobɛkenkan Onyankopɔn Asɛm adwinnwen ho, abɔ Yehowa mpae, na woadwinnwen sɛnea Yehowa ahyira wo no ho. Sɛ woyɛ saa nneɛma yi a, ɛbɛboa wo ama woanya ahotoso paa sɛ Yehowa yɛ w’adamfo. Ɛba saa a, ɛbɛkanyan wo ama woaka nea wugye di ho asɛm akyerɛ afoforo.​—Kenkan Dwom 73:28.

19. Adɛn nti na mfaso wɔ so sɛ wobɔ mmɔden yɛ wo nkwagye ho adwuma?

19 Yesu kae sɛ: “Sɛ obi pɛ sɛ odi m’akyi a, ma ɔmpa ne ho akyi na ɔmfa n’asɛndua na onni m’akyi daa.” (Mat. 16:24) Yɛahu paa sɛ, sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ Kristo suani a, ɛsɛ sɛ ohyira ne ho so ma Yehowa na ɔbɔ asu. Ɔyɛ saa a, ɛbɛma wanya nhyira pii nnɛ, na ama wanya daa nkwa wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu. Enti, yɛ nea wubetumi biara sɛ wobɛkɔ so ayɛ w’ankasa nkwagye ho adwuma!