Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wokae?

So Wokae?

Woatɔ wo bo ase akenkan Ɔwɛn-Aban a aba nnansa yi? Ɛnde, hwɛ sɛ wubetumi abua nsɛmmisa a edidi so yi anaa:

Sɛ awofo a wɔyɛ atukɔfo reboa wɔn mma ama wɔasom Onyankopɔn a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ wosusuw kasa a wɔde bɛyɛ saa ho?

Mmofra no betumi asua kasa a wɔka wɔ ɔman a wɔte mu no wɔ sukuu ne mpɔtam a wɔte no. Sɛ abofra te kasa dodow bi a, mfaso wɔ so. Ɛsɛ sɛ awofo susuw ho hwɛ sɛ asafo a ɛka ɔman a wɔte mu no kasa anaa nea ɛka awofo no kurom kasa na wɔbɛkɔ, na wɔatumi aboa wɔn mma a wɔyɛ mmabun ama wɔate nokware no ase yiye na wɔanya nkɔso wɔ Onyankopɔn som mu. Awofo a wɔyɛ Kristofo ma nkɔso a wɔn mma benya wɔ Onyankopɔn som mu ho hia wɔn sen nneɛma a wɔn ankasa ani gye ho.—w17.05, kr. 9-11.

Bere a Yesu bisaa Petro sɛ: “Wodɔ me sen eyinom anaa?” no, na asɛmfua “eyinom” no kyerɛ sɛn? (Yoh. 21:15)

Ɛbɛyɛ sɛ na mpataa a egu nkyɛn hɔ baabi anaa mpataayi adwuma no anaa ne mmienu nyinaa na na ɔreka ho asɛm. Yesu wu akyi no, Petro san kɔyɛɛ adwuma a na ɔyɛ kan no; mpataayi adwuma no. Enti ɛsɛ sɛ Kristofo hwɛ sɛ anyanyanbiara wɔmmaa honam fam adwuma nnyee wɔn adwene.—w17.05, kr. 22-23.

Adɛn nti na Abraham ka kyerɛɛ ne yere sɛ ɔnka sɛ ɔyɛ ne nuabea? (Gen. 12:10-13)

Nokwasɛm ne sɛ, na Sara yɛ Abraham papa ba. Sɛ Sara kae sɛ ne kunu ne Abraham a, ebia anka wobekum Abraham. Sɛ ɛbaa saa a, anka ɔrentumi nwo aseni a na Onyankopɔn ahyɛ no bɔ sɛ ɔbɛwo no no.—wp17.3, kr. 14-15.

Ɔkwan a eye paa bɛn na Elias Hutter faa so boaa wɔn a wɔpɛ sɛ wosua Hebri kasa no?

Ná ɔpɛ sɛ ɔboa sukuufo no ma wotumi hu nsonsonoe a ɛwɔ Hebri nsɛmfua a ɛwɔ Bible mu ne nkyerɛwde a wɔde di nsɛmfua anim anaa nea wɔde di nsɛmfua akyi ntam. Ɛno nti, Hebri nsɛmfua a otintimii no, na ntokuru nni nkyerɛwde no mu. Nanso nkyerɛwde a ɛyɛ nsianim anaa nsiakyiri no de, na ntokuru deda mu. Yehu biribi a ɛte saa wɔ New World Translation of the Holy Scriptures—With References asehɔ nsɛm mu.wp17.4, kr. 11-12.

Sɛ Kristoni bi pɛ sɛ ɔde tuo bɔ ne ho ban fi nnipa ho a, nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ osusuw ho?

Ebi ni: Onyankopɔn bu nkwa sɛ ɛsom bo. Yesu anhyɛ n’akyidifo nkuran sɛ wɔmfa nkrante mmɔ wɔn ho ban. (Luka 22:36, 38) Ɛsɛ sɛ yɛde yɛn nkrante yɛ nsɔw. Nkwa som bo koraa sen honam fam nneɛma. Yebu afoforo ahonim, na yɛpɛ sɛ yɛyɛ nhwɛso pa. (2 Kor. 4:2)—w17.07, kr. 31-32.

Yesu mmofraase ho asɛm a Mateo ne Luka kyerɛwee no, adɛn nti na nsonsonoe wom?

Mateo de n’adwene sii Yosef so. Yosef ho nsɛm a ɔkyerɛw no bi ne nea Yosef yɛe bere a ɔtee sɛ Maria anyinsɛn no. Ɛnna nea ɔyɛe bere a Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ ɔne n’abusua nguan nkɔ Egypt ne bere a ɔkae sɛ wɔnsan mfi hɔ nkɔ wɔn kurom no. Luka deɛ, ɔde n’adwene sii Maria so titiriw. Ɛho nhwɛso ni. Ɔkyerɛw bere a Maria kɔsraa Elisabet no ho asɛm; ɛne nea Maria yɛe bere a na Yesu yɛ abarimaa na ɔkɔkaa asɔrefie hɔ no.—w17.08, kr. 32.

Tebea ahorow a Bible afa mu no, ebi ne dɛn?

Nsɛmfua a wɔde kyerɛw Bible no, bere rekɔ so no, ne ntease tumi sesa. Nsakrae a ɛba amanyɔsɛm mu tumi ma kasa a nnipa dodow no ara ka sesa. Nkurɔfo asɔre atia Bible no a wɔbɛkyerɛ ase akɔ kasa a nnipa dodow no ara ka mu.—w17.09, kr. 19-21.

Yɛn mu biara wɔ ɔbɔfo a ɔbɔ ne ho ban?

Dabi. Yesu kae sɛ n’asuafo no abɔfo hwɛ Onyankopɔn anim. (Mat. 18:10) Nea na Yesu kyerɛ ne sɛ abɔfo dwen n’asuafo no ho, na ɛnyɛ sɛ abɔfo rebɔ asuafo no mu biara ho ban anwonwakwan so.—wp17.5, kr. 5.

Sɛ yɛka ɔdɔ mu ɔdɔ a, ɛne dɛn?

a·gaʹpe gyina nnyinasosɛm papa so a, ɛno na yɛbɛka sɛ ɛyɛ ɔdɔ mu ɔdɔ. Ebetumi akyerɛ sɛ obi pɛ obi asɛm. Nanso ade titiriw a ɛma yehu ne sɛ obi beyi ne yam ayɛ nneɛma pa ama afoforo.—w17.10, kr. 7.